Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie. Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ. Na ɔhunuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ. Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kaa sɛ: Hwɛ yɛn! Na ɔhwɛɛ wɔn komm susuu sɛ ɔrebɛnya wɔn hɔ biribi. Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante! Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den. Na ɔhuri gyinae, na ɔnantee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔnam, ɔrehurihuri na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. Na ɔman no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam, na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ; na wɔnim sɛ ɔno ne deɛ adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefie Pono Fɛfɛ no ano no, na deɛ ayɛ no no yɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwiri koraa. Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa. Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi? Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam. Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo. Na nkwa hene no deɛ, mokumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu; ɛho adansefoɔ ne yɛn. Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim. Na afei, anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ, sɛ mo mpanimfoɔ ara. Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa. Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwoɔ nna afiri Awurade anim aba, na wasoma deɛ wɔayi no asi hɔ ama mo dada no, Yesu Kristo no a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu. Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa. Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifoɔ no no, wɔbɛsɛe no afiri ne man mu. Na adiyifoɔ nyinaa a ɛfiri Samuel so, ne wɔn a wɔdi soɔ no, dodoɔ a wɔkasaeɛ, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm. Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa. Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so. Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu, na wɔkyeree wɔn de wɔn kɔsiee sɛ adeɛ nkye; ɛfiri sɛ na enwunu adwo. Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem, na Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne dodoɔ a wɔfiri ɔsɔfo panin abusua mu no ka ho. Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei? Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitire ne mpanimfoɔ! Sɛ nnɛ wɔbisa yɛn ɔyarefoɔ yi yieyɛ ho asɛm, sɛ ɛdeɛn na ama no adi mu a, mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi. Oyi ne ɔboɔ a mo abantofoɔ ammuo no, na abɛdi ntweaso ti. Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu. Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ. Na wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yadeɛ a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn. Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri dwa mu hɔ mfiri adi no, wɔtuu wɔn mu agyina sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a wɔnam wɔn so ayɛ; sɛ ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yɛntumi nsane. Na deɛ ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛ ɔman no mu ne sɛ: Ateatea na yɛbɛteatea wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio. Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa. Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn! Na yɛn deɛ, yɛntumi, gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ. Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa nsɛnkyerɛnneɛ yi wɔ ne ho no adi boro mfirinhyia aduanan. Na wɔgyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ara wɔn fekuo mu, na wɔbɛkaa deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa. Na wɔteeɛ no, wɔde akoma korɔ maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’akoa no ano kaa sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susu ade hunu? Asase so ahemfo sɔre gyina, na atitire hyia faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo no. Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman, sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa. Na afei deɛ, Awurade, hwɛ wɔn ateatea, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm, berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi. Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm. Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ. Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ dii Awurade Yesu wusɔreɛ ho adanseɛ, na adom kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa so. Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae de bɛguu asomafoɔ no nan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛdeɛ ɛhia no. Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no ba bɛguu asomafoɔ no nan ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbarima bi a ne din de Anania ne ne yere Safira kɔtɔnee asase bi, na ɔyii tiri adeɛ no bi sieeɛ, a ne yere nso nim, na ɔde ɔfa bi brɛɛ asomafoɔ no. Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie? Ɛwɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea? Na wotɔneeɛ no nso, ɛnni wo ara wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn. Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so. Na mmeranteɛ no sɔre kyekyeree no, na wɔde no firii adi kɔsiee no. Na ɛbaa sɛ ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyiri no, ne yere a na ɔnnim deɛ asie no baa mu. Na Petro bisaa no sɛ: Motɔn asase no gyee saa anaa? Ka kyerɛ me! Na ɔse: Aane, saa ara. Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi. Na amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wui. Na mmeranteɛ no ba bɛhunuu no sɛ wawuo no, wɔsoaa no firii adi kɔsiee no ne kunu nkyɛn. Na ehu kɛseɛ kaa asafo mu no nyinaa ne wɔn a wɔtee yeinom nyinaa. Na wɔnam asomafoɔ no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Salomo abrannaa so. Na wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn ho, nanso ɔman no buu wɔn kɛseɛ. Na nnipa bebree a wɔgye diiɛ, mmarima ne mmaa bebree bɛkaa Awurade asafo no ho. Na ɛmaa wɔde ayarefoɔ firii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsum atɔ wɔn mu bi so. Na nkuro a atwa ahyia Yerusalem ho no mu nnipa pii nso bɛhyiaa Yerusalem, de ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho a wɔfiri Sadukifoɔ fekuo mu no nyinaa sɔreeɛ, na anibereɛ nti, wɔto hyɛɛ asomafoɔ no so de wɔn kɔguu kwasafo afiase. Na Awurade bɔfoɔ bɛhinii afiase no apono anadwo, na ɔde wɔn firi adi kaa sɛ: Monkɔ nkɔgyina asɔrefie nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no. Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra. Na asomfoɔ no kɔɔ hɔ na wɔanhu wɔn afiase hɔ no, wɔsane bɛkaa sɛ: Afiase no deɛ, yɛhunuu sɛ wɔato mu yie pɛpɛɛpɛ, na awɛmfoɔ no gyina akyire apono no ano; nanso yɛhiniiɛ no, yɛanhunu obiara wɔ mu. Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie? Na obi ba bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, mmarima a mode wɔn guu afiase no gyina asɔrefie rekyerɛkyerɛ ɔman no. Ɛnna ɔsafohene ne asomfoɔ no firi hɔ kɔ kɔfaa wɔn baeɛ, ɛnyɛ anibereɛ so, ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no sɛ anyɛ a wɔbɛsi wɔn aboɔ. Na wɔde wɔn ba bɛgyinaa wɔn dwa no mu, na ɔsɔfo panin no bisaa wɔn sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ. Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa. Yɛn agyanom Nyankopɔn nyanee Yesu a mosɛnee no dua so kumm no no; ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ. Aane, yɛn, yɛyɛ yeinom ho adansefoɔ, na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtie no no yɛ. Na wɔteeɛ no, ɛtwii wɔn na wɔtuu agyina sɛ wɔbɛku wɔn. Na badwafoɔ no mu baako a ɔyɛ Farisini, a ne din de Gamaliel, a ɔyɛ mmarakyerɛni, a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛɛ sɛ wɔmfa nnipa no mfiri adi kakra. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yie nnipa yi ho wɔ deɛ mo ne wɔn rebɛdie yi ho. Na ɛnkyɛree na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔreeɛ, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wɔkumm no, na wɔn a wɔtiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa. Oyi akyiri no, Galileani Yuda sɔree berɛ a na wɔrekan nnipa no mu, na ɔtwee nkurɔfoɔ bebree dii n’akyi; na ɔno nso wuiɛ, na wɔn a wɔtiee no nyinaa bɔ hweteeɛ. Na afei deɛ, mese mo sɛ: Monyi mo ho mfiri nnipa yi ho, na monnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi firi nnipa a, ɛbɛsɛe. Na sɛ nso ɛfiri Onyankopɔn a, montumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn mpo na ɛreko. Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn. Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. Na wɔannyae sɛ daa nyinaa wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu sɛ Yesu ne Kristo no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu. Na dummienu no frɛɛ asuafokuo no bae, na wɔkaa sɛ: Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Nyankopɔn asɛm akɔsom apono soɔ. Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so; na yɛn deɛ, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu. Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani. Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so. Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafoɔ no dɔree pii wɔ Yerusalem, na asɔfoɔ no mu pii nso yɛɛ setie maa gyidie no. Na Stefano a gyidie ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ɔman no mu. Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ, nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano. Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛ maa wɔkaa sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Onyankopɔn. Na wɔhwanyann ɔman no ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu, na wɔbaa ne so bɛkyeree no twee no kɔɔ dwa mu. Na wɔde adansekurumfoɔ bɛgyinaa hɔ a wɔse: Onipa yi nnyaee abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no. Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no. Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔsɔfo panin no bisaa sɛ: Nsɛm yi te saa anaa? Na Stefano buaa sɛ: Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Animuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham berɛ a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Firi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ woɔ no so! Ɛnna ɔfirii Kaldeafoɔ asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wuo akyiri no, ɔmaa no firii hɔ bɛtenaa asase yi a mote soɔ nnɛ yi so. Na wamma no agyapadeɛ wɔ mu, wamma no anammɔn baako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefoɔ a wɔdi n’akyire sɛ wɔmfa nyɛ wɔn deɛ, nanso na ɔnnya nnyaa ɔba. Na deɛ Onyankopɔn kaeɛ ne sɛ: N’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ ananafoɔ asase so, na wɔde wɔn ayɛ nkoa, na wɔayɛ wɔn bɔne mfirinhyia ahanan. Na ɔman a wɔbɛsom wɔn sɛ nkoa no na Onyankopɔn kaa no wɔn ho sɛ: Mɛbu wɔn atɛn, na ɛno akyiri no, wɔafiri hɔ abɛsom me wɔ ha. Na ɔmaa no twetiatwa apam. Na ɔwoo Isak, na ne nnawɔtwe soɔ no, ɔtwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanimfoɔ dummienu no. Na agyanom mpanimfoɔ no de nitan tɔnn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi. Na ɔyii no firii n’amanehunu nyinaa mu na ɔmaa no adom ne nyansa Farao a ɔyɛ Misraim hene no anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fie nyinaa so amrado. Na ɛkɔm baa Misraim ne Kanaan asase nyinaa so, ɛne ahohia kɛseɛ nso, na yɛn agyanom nnya aduane. Na Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa yɛn agyanom kane. Na deɛ ɛtɔ so mmienu no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso hunuu Yosef abusuafoɔ. Na Yosef soma maa wɔkɔhyiaa n’agya Yakob ne n’abusua nyinaa a wɔyɛ nnipa aduɔson nnum no bae. Na Yakob kɔɔ Misraim, na ɔno ne yɛn agyanom wuwui, na wɔde wɔn baa Sekem bɛtotoo ɛda a Abraham de sika tɔ firii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu. Na ɛbɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no berɛ reduru no, ɔman no dɔree, na wɔyɛɛ bebree wɔ Misraim kɔsii sɛ ɔhene foforɔ bi a ɔnnim Yosef sɔreeɛ. Ɔno na ɔde aniteɛ hyɛɛ yɛn nkurɔfoɔ soɔ, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔmaa wɔtotoo wɔn mma nkɔkoaa gui, na ama wɔannya nkwa. Ɛberɛ no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Nyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no abosome mmiɛnsa n’agya fie. Na wɔtoo no tweneeɛ no, Farao babaa kɔfaa no, na ɔtetee no de no yɛɛ ne ba. Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfoɔ nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛɛ mu. Na ɔdii mfirinhyia aduanan no, ɛbaa n’akomam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no. Na ɔhunuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ɔgyee ne ti, na ɔtɔɔ deɛ wɔrehyɛ no soɔ no were kumm Misraimni no. Na ɔsusuu sɛ anuanom no bɛhunu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebɛgye wɔn; nanso wɔanhunu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kaa sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moreyɛ mo ho bɔne? Na deɛ ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no summ no kaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so panin ne temmufoɔ? Wopɛ sɛ wokum me, sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa? Na asɛm yi nti Mose dwaneeɛ, na ɔkɔyɛɛ ɔhɔhoɔ Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ. Na mfirinhyia aduanan duruiɛ no, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ no wɔ serɛ so, Sinai bepɔ ho, wɔ wura bi gyaframa mu. Na Mose hunuiɛ no, anisoadeɛ no yɛɛ no nwanwa; na ɔtwe bɛnee sɛ ɔrekɔhwɛ no, Awurade nne baa sɛ: Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoeɛ, na wansi ne bo ankɔhwɛ. Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Yi wo nan mu mpaboa; na deɛ wogyina yi yɛ asase kronkron. Hunu na mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisie, na masiane sɛ merebɛgye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim! Mose yi ara a wɔpaa no sɛ: Hwan na ɔde wo sii ɔpanin ne ɔtemmufoɔ no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ wura no mu no nsa soɔ somaa no sɛ ɔpanin ne ɔgyefoɔ. Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan. Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo. Oyi ne deɛ na ɔne ɔbɔfoɔ no wɔ asafo no mu ɛserɛ so hɔ a ɔbɔfoɔ no ne no ne yɛn agyanom kasaa Sinai bepɔ soɔ, na ɔgyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no. Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wɔtie no, na wɔsumm no twenee, na wɔdanee wɔn akoma kɔɔ Misraim, na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn firi Misraim baeɛ yi deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no. Ɛnna wɔyɛɛ nantwie ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho. Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn maa sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛdeɛ wɔatwerɛ adiyifoɔ nwoma no mu sɛ: Israel fiefoɔ, mode mmoa ne nnuane bɔɔ afɔdeɛ maa me mfirinhyia aduanan ɛserɛ so anaa? Mmom mofaa Molok ntomadan ne onyame Refan nsoromma, ahoni a moyɛeɛ sɛ mobɛsom wɔn; na mɛsoa mo akɔ Babel akyiri nohoa. Yɛn agyanom nyaa adanseɛ ntomadan no wɔ ɛserɛ so, sɛdeɛ deɛ ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no sɛdeɛ adeɛ a ɔhunuiɛ no teɛ no. Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so. Ɔno na ɔnyaa Nyankopɔn anim adom, na ɔsrɛɛ sɛ wɔmma no nsi efie mma Yakob Nyankopɔn. Nanso Salomo na ɔsii efie no maa no. Mmom deɛ ɔwɔ sorosoro no nte deɛ wɔde nsa ayeyɛ mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ: Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɔdan bɛn na mobɛsi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea? Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa? Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ. Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no, mo a monyaa mmara no sɛdeɛ abɔfoɔ hyɛeɛ no, nanso moanni soɔ. Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so. Nanso ɔno deɛ, na Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhwɛɛ soro dinn hunuu Nyankopɔn animuonyam ne Yesu sɛ ɔgyina Nyankopɔn nifa, na ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Nyankopɔn nifa. Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu, na wɔsisii wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔto hyɛɛ ne so, na wɔsunsumm no firii kuro no mu kɔsii no aboɔ. Na adansefoɔ no de wɔn ntoma guguu aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo nan ase. Na wɔresi Stefano aboɔ no, ɔsrɛɛ sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom! Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko. Nso nnipa nyamesurofoɔ bi siee Stefano, na wɔsuu no pii. Na Saulo deɛ, ɔhaa asafo no, hyɛnehyɛnee afie mu, kɔtwee mmarima ne mmaa, na ɔde wɔn kɔguu afiase. Ɛnna wɔn a wɔhweteeɛ no kyinkyini kɔkaa asɛmpa no. Na Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ, na wɔhunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Filipo yɛeɛ no, wɔde akoma korɔ yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkaeɛ no. Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛseɛ teaa mu firii adi, na mmubuafoɔ ne mpakye pii ho sanee wɔn. Na anigyeɛ kɛseɛ baa kuro no mu. Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kuro no mu a akane no na ɔyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛseɛ maa Samariafoɔ no ho dwirii wɔn. Ɔno na wɔn nyinaa, ɛfiri nketewa soɔ kɔsi akɛseɛ soɔ tie no ka sɛ: Oyi ne Nyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛseɛ no. Wɔtiee no, ɛfiri sɛ na ɔde nkonyaayie no ama wɔn ho adwiri wɔn akyɛ. Na wɔgyee Filipo a ɔka Nyankopɔn ahennie ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no diiɛ no, mmarima ne mmaa no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na Simon no ara nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ɔhunuu nsɛnkyerɛnneɛ ne ahoɔdenneɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no, ne ho dwirii no. Na asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. Na wɔbaeɛ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn sɛ wɔnnya Honhom Kronkron; ɛfiri sɛ na ɔmmaa wɔn mu biara so, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu. Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ, na wɔnyaa Honhom Kronkron. Na Simon hunuu sɛ ɛnam asomafoɔ no nsa a wɔde gu obi soɔ no so na wɔde Honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kaa sɛ: Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa bɛgu ne soɔ no, wanya Honhom Kronkron. Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne wo sika nyinaa nyera, ɛfiri sɛ woasusu sɛ wɔde sika na ɛnya Nyankopɔn akyɛdeɛ. Wonni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyadeɛ, ɛfiri sɛ w’akoma ntene Nyankopɔn anim. Enti sakyera w’adwene firi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde w’akoma mu adwene no bɛkyɛ wo. Ɛfiri sɛ mahunu sɛ wowɔ bɔnwoma nwononwono mu, na amumuyɛ homa akyekyere wo. Na Simon buaa sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na deɛ moaka yi mu biara amma me so. Na wɔn deɛ, wɔdii adanseɛ na wɔkaa Awurade asɛm no, wɔsane kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase. Na Awurade bɔfoɔ kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafoɔ fam kwan a ɛsiane firi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan. Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake piani tumfoɔ a wɔasa no, a ɔhwɛ ne sika nyinaa soɔ ni; waba Yerusalem abɛsɔre, na ɔresane akorɔ, na ɔte ne teaseɛnam mu rekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma. Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twe kɔ teaseɛnam yi ho! Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no, ɔbisaa no sɛ: Wote deɛ worekenkan yi ase anaa? Na ɔse: Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn. Nso atwerɛ no mu asɛm a ɔrekenkan no nie: Wɔde no kɔɔ sɛ odwanten a wɔrekɔku no, na sɛ adwammaa tɔ ne yifoɔ anim mum no, sɛ nso wammue n’ano ne no. N’ahobrɛaseɛ mu wɔbuu no ntɛnkyea. N’abusua nso hwan na ɔbɛtumi akyerɛ? Ɛfiri sɛ wɔyii ne nkwa firii asase so. Na opiani no buaa Filipo sɛ: Mesrɛ wo, hwan ho asɛm na odiyifoɔ no reka yi? Ɔno ara anaa obi ho asɛm? Na Filipo buee n’ano, na ɔgyinaa twerɛsɛm no ara so kaa Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no. Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan? [Na Filipo se: Sɛ wode w’akoma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan saa. Na ɔbuaa sɛ: Megye medi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba.] Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu siane kɔɔ nsuo no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu. Na wɔfiri nsuo no mu reba no, Awurade honhom hwimm Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwan. Na Filipo deɛ, ɔkɔfirii Asoto; na ɔretwa mu no, ɔkaa asɛmpa no nkuro no nyinaa mu de kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafoɔ soɔ no kɔɔ ɔsɔfo panin nkyɛn kɔsrɛɛ ne nkyɛn nwoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ɔhunu nnipa bi saa gyidie kwan no mu a, mmarima oo, mmaa oo, ɔde wɔn homa mu aba Yerusalem. Na ɔnam nam no, ɛbaa sɛ ɔbɛnee Damasko, na mpofirim, hann a ɛfiri soro bɛhyerɛn twaa ne ho hyiae. Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me? Ɛnna ɔse: Ɛyɛ wo hwan a, Awurade? Na ɔse: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ. Na mmarima a wɔne no nam no atotɔre mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no deɛ, nanso wɔanhunu obiara. Na Saulo sɔre firii fam, na ɔbuee n’ani no, wanhunu hwee. Na wɔkurakuraa ne nsa de no kɔɔ Damasko. Na nnansa na ɔnhunu adeɛ, nso ɔnnidi na ɔnnom. Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehunu mu sɛ: Anania! Na ɔse: Hwɛ, meni, Awurade! Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ, na wahunu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehunu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato ne so sɛ ɔnhunu adeɛ. Na Anania buaa sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afiri nnipa bebree anomu sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefoɔ wɔ Yerusalem, na ɛha yi nso wanya tumi afiri asɔfoɔ mpanimfoɔ no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa. Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim. Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu. Na Anania kɔ kɔhyɛnee ɔdan no mu, na ɔde ne nsa kɔguu ne so kaa sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo kwan a wonam so reba ha no, wasoma me sɛ hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma. Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon firii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ɔhunuu adeɛ, na ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. Na ɔdidiiɛ no, ne ho yɛɛ no den. Na ɔdii asuafoɔ a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra. Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no. Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔse: Ɛnyɛ oyi ne deɛ na ɔsɛe wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na yei nti ɔbaa ha sɛ ɔrebɛfa wɔn homa mu akɔma asɔfoɔ mpanimfoɔ no anaa? Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafoɔ a wɔte Damasko no ho yeraa wɔn, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo no. Na nna bebree akyiri no, Yudafoɔ no pamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no. Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛnee kuro no apono ano awia ne anadwo sɛ wɔbɛku no. Na n’asuafoɔ no faa no anadwo, de no too kɛntɛnku mu, faa ɔfasuo so, twetwee no sii fam. Na ɔduruu Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafoɔ no ho; nanso na wɔn nyinaa suro no, ɛfiri sɛ wɔannye anni sɛ ɔyɛ osuani. Na Barnaba faa no ne no kɔɔ asomafoɔ no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɔhunuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛdeɛ ɔde akokoɔduro kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko. Na ɔne wɔn dii ahyemfire wɔ Yerusalem, na ɔde nnam kaa Awurade din ho asɛm. Na ɔkasa kyerɛɛ Helenifoɔ no, na ɔne wɔn gyee akyinnyeɛ; na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔku no. Na anuanom no teɛɛ no, wɔde no siane kɔɔ Kaesarea, na wɔgyaa no kwan maa no kɔɔ Tarso. Ɛnna asafo no nyaa asomdwoeɛ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa, na wɔnyini kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekyerɛ mu dɔree. Na ɛbaa sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa soɔ no, ɔbaa ahotefoɔ a wɔte Lida no nso nkyɛn. Na ɔbɛhunuu onipa bi a ne din de Aenea a wadi mfirinhyia nwɔtwe ne kɛtɛ so, a ɔyare mmubuo wɔ hɔ. Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara. Na wɔn a wɔte Lida ne Saron nyinaa hunuu no, na wɔdane baa Awurade nkyɛn. Nso na osuani baa bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka. Ɔbaa yi na nnwuma pa ne mmɔborɔhunu adeɛ a ɔyɛeɛ no ayɛ no ma. Na ɛbaa sɛ nna no mu no, ɔyaree, na ɔwuiɛ; na wɔdwaree no de no kɔtoo abansoro dan mu. Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafoɔ no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn. Na Petro sɔre ne wɔn kɔeɛ. Na ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntadeɛ ne ntoma a na Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛeɛ no kyerɛe. Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn. Na wɔtee no wɔ Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii. Na ɔtenaa Yopa kyɛree kakra wɔ Simon nwomahyɛni bi nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin. Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa. Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio! Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim. Na afei soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro. Ɔte Simon, nwomahyɛni bi a ne fie wɔ mpoano no nkyɛn. Na ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔeɛ no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ɔfiri wɔn a wɔsom no daa no mu, na ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn no, ɔsomaa wɔn kɔɔ Yopa. Na adeɛ kyeeɛ na wɔnam kwan so rebɛn kuro no no, Petro kɔɔ aban atifi kɔbɔɔ mpaeɛ, ɛbɛyɛ awia dummienu. Na ɛkɔm de no sɛ, na ɔpɛɛ sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduane no, n’ani wiaa no maa ɔkɔɔ tebea foforɔ mu. Na ɔhunuu soro sɛ abue, na adeɛ bi a ɛte sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan resiane aba ne soɔ, na wɔregyaa mu ato fam. Emu na asase so ntɔteboa ne wɔn a wɔwea ne wiem ntakraboa nyinaa bi wɔ. Na ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Petro, sɔre kum di! Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da. Na ɛnne no sane baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ! Na yei yɛɛ mprɛnsa, na wɔfaa adeɛ no kɔɔ soro bio. Na Petro regye ne mu akyinnyeɛ sɛ anisoadeɛ a ɔhunuiɛ no ase ne sɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fie kwan, gyinagyina aboboano refrɛ, na wɔbisaa sɛ: Simon a wɔfrɛ no Petro no te ha anaa? Na Petro redwene anisoadeɛ no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa bi rehwehwɛ wo; na sɔre si fam, na wo ne wɔn nkɔ; nnye akyinnyeɛ, na me na mesomaa wɔn. Na Petro siane kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kaa sɛ: Hwɛ, mene deɛ morehwehwɛ no no; ɛdeɛn nti na mobaeɛ? Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm. Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa fie yɛɛ wɔn hɔhoɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, Petro ne wɔn firi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔduruu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn. Petro fitiiɛ ara pɛ na Kornelio kɔhyiaa no hwee ne nan ase sɔree no. Na Petro maa no so kaa sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa. Na ɔne no redi nkɔmmɔ no, ɔhyɛnee mu, na ɔkɔhunuu nnipa bebree a wɔahyia hɔ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim sɛdeɛ Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho, anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me deɛ, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa biara sɛ ɔmfra, anaasɛ ne ho nte. Enti nso na mosoma maa wɔbɛhyiaa me no, manyi ano na maba yi. Afei merebisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me. Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu, na merebɔ nnɔnmmiɛnsa mu mpaeɛ wɔ me fie; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhran bɛgyinaa m’anim, na ɔse: Kornelio, wɔate wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborɔhunu adeɛ no Nyankopɔn anim. Enti soma kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro; ɔte nwomahyɛni Simon fie wɔ mpoano. Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yie sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Nyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Onyankopɔn ahyɛ woɔ nyinaa. Na Petro buee n’ano kaa sɛ: Nokorɛ mu na mahunu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu deɛ ɔsuro no, na ɔyɛ ade tenenee no, ɔpɛ sɛ ɔgye no. Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura. Mo ara monim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, ɛfirii aseɛ Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no, Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho. Na yɛne nnoɔma a ɔyɛɛ no Yudafoɔ soɔ ne Yerusalem nyinaa ho adansefoɔ; ɔno nso na wɔsɛnee no dua so kumm no. Ɔno na Onyankopɔn nyanee no da a ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔmaa no yii ne ho pefee kyerɛe, ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ; na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yɛnni adanseɛ sɛ ɔno ne ateasefoɔ ne awufoɔ temmufoɔ a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no. Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ. Na Petro gu so reka nsɛm yi no, Honhom Kronkron bɛguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so. Na agyidifoɔ a wɔfiri twetiatwafoɔ mu a wɔne Petro baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛdeɛ no agu amanaman mufoɔ nso soɔ; ɛfiri sɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkyerɛma foforɔ rekasa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buaa sɛ: Obi bɛtumi asi nsuo ho kwan sɛ wɔmmmɔ yeinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa? Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Awurade din mu. Ɛnna wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nnansa bi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na asomafoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufoɔ no nso agye Nyankopɔn asɛm. Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafoɔ no ne no gyee akyinnyeɛ sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafoɔ mu, na wo ne wɔn akɔdidie yi? Na Petro firii aseɛ bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmaako mmaako sɛ: Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn. Na megyenee m’ani mehwɛɛ mu no, mehunuu asase so ntɔteboa ne anwonanwonammoa ne wɔn a wɔwea ne wiem ntakraboa wɔ mu. Na metee sɛ ɛnne bi ka kyerɛɛ me sɛ: Petro, sɔre kum di! Na mese: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ biribiara a wɔkyire, anaa ɛho nteɛ nkɔɔ m’anomu da. Na ɛnne no firi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ. Yei yɛɛ mprɛnsa, na wɔtwetwee ne nyinaa kɔɔ soro bio. Na amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn firi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina efie a mewɔ mu no ano. Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na mennye hwee ho akyinnyeɛ. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fie. Na ɔkaa yɛn sɛdeɛ ɔhunuu ɔbɔfoɔ sɛ ɔgyina ne fie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro. Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fie nyinaa nam so bɛnya nkwagyeɛ akyerɛ woɔ. Na mefirii aseɛ sɛ merekasa no, Honhom Kronkron bɛguu wɔn so, sɛdeɛ mfitiaseɛ no, ɛbɛguu yɛn so no ara. Na mekaee Awurade asɛm a ɔkaa sɛ: Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu. Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛdeɛ korɔ no ara sɛ yɛn nso a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no a, mene hwan a mɛtumi masi Onyankopɔn kwan? Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu. Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano soɔ no nti wɔhweteeɛ no kyinii kɔduruu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafoɔ nko. Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no. Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdane baa Awurade nkyɛn. Na wɔn ho asɛm yi duruu asafo a ɛwɔ Yerusalem no aso mu, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkɔduru Antiokia. Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho. Na ɔyɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidie ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfoɔ bebree bɛkaa Awurade ho. Na ɔfiri hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo; na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ. Na nna no mu no, adiyifoɔ bi firi Yerusalem baa Antiokia. Na wɔn mu baako a ne din de Agabo sɔree nam Honhom so kyerɛɛ sɛ ɛkɔm kɛseɛ rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio berɛ soɔ no. Na asuafoɔ no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmaako mmaako de biribi bɛmane anuanom a wɔte Yudea no, sɛdeɛ wɔn mu biara bɛtumi, na wɔde ahwɛ wɔn. Wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa mpanimfoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ. Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo. Na ɔhunuu sɛ ɛsɔɔ Yudafoɔ ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna; na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no. Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no. Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so. Na hwɛ, Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa ne nkyɛn, na ɛdan no mu hɔ hrann; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyanee no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no firii ne nsa gui. Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ w’abɔsoɔ na hyɛ wo mpaboa! Na ɔyɛɛ saa. Na ɔsee no sɛ: Fira wo ntoma na di m’akyi! Na ɔfirii adi dii n’akyi; na na ɔnnim sɛ deɛ ɔbɔfoɔ no yɛeɛ no yɛ ampa, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ ɔrehunu n’ani so adeɛ. Na wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi kan ne wɔn a wɔtɔ so mmienu ho no, wɔduruu dadeɛ pono a ɛde kɔ kuro no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wɔfirii adi twaa mu borɔno baako so, na ntɛm ara ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ. Na Petro ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Afei na mahunu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfoɔ abɛyi me afiri Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ man retwɛn nyinaa mu. Na ɔresusu ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fie; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ano rebɔ mpaeɛ. Na ɔrebɔ aboboano pono no mu no, abaawa bi a ne din de Rode ba bɛtiee. Na ɔtee Petro nne no, anigyeɛ nti wammue ɛpono no, na ɔtutuu mmirika kɔkaa sɛ Petro gyina ɛpono no akyi. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kaa sɛ ɛte saa. Na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ne bɔfoɔ! Na Petro da so rebɔ pono no mu ara; na wɔbueeɛ no, wɔhunuu no, na wɔn ho dwirii wɔn. Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, ahoyera a ɛbaa asraafoɔ no mu nyɛ adewa, sɛ ɛdeɛn ara na ayɛ Petro. Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ. Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane. Na da a wɔhyɛeɛ duruiɛ no, Herode hyɛɛ n’ahentadeɛ, na ɔtenaa asɛnnie adwa so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn. Na ɔman no huroo sɛ: Onyame bi nne nie, na ɛnyɛ onipa deɛ. Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfoɔ bɛbɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ. Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛe. Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wɔsane firii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo. Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu. Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan. Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wɔsii mu kɔɔ Seleukia, na wɔfiri hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro. Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ. Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu. Ɔno na na ɔka Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ na ɔrepɛ Nyankopɔn asɛm atie. Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho. Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa? Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan. Ɛberɛ a amrado no hunuu deɛ asie no, ɔgye diiɛ, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiri. Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem. Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase. Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka! Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie! Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ. Na ɛbɛyɛ mfirinhyia aduanan na ɔkuraa wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ danedanee wɔn, ɛserɛ so. Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn. Na ɛno akyiri bɛyɛ mfirinhyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufoɔ de bɛsii Odiyifoɔ Samuel so. Na ɛfiri ɔno soɔ no, wɔbisaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene; na Onyankopɔn de Saulo, Kis ba a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu maa wɔn mfirinhyia aduanan. Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa. Oyi asefoɔ mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ soɔ yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa. Nso Yohane kaa adwensakyera asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba. Na Yohane reyɛ awie ne dwumadie no, ɔkaa sɛ: Mosusu sɛ mene hwan? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne nan ase mpaboa. Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn. Na ɛsiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim no ne adiyifoɔ nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wɔbuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu. Na wɔanhunu adeɛ biara a ɛfata owuo wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wɔnku no. Na wɔwiee deɛ wɔatwerɛ ne ho nyinaa no, wɔyii no firii dua no ho de no kɔtoo ɛda mu. Na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu, na nna bebree, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔne no firi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefoɔ ma ɔman no. Na yɛn deɛ, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa sɛ Onyankopɔn ama no aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyane Yesu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Dwom a ɛtɔ so mmienu no mu sɛ: Wone me ba, ɛnnɛ na mawo woɔ. Na sɛ ɔnyanee no firii awufoɔ mu, na ɔrensane nkɔ porɔ mu bio no, ɔkaa no wɔ saa kwan yi so sɛ: Mede Dawid adonneɛ a ɛsi hɔ pintinn no bɛma mo. Enti nso ɔkaa no Dwom foforɔ mu sɛ: Woremma wo kronkronni no nhunu porɔeɛ. Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ; nanso deɛ Onyankopɔn nyanee no no anhunu porɔeɛ. Enti, anuanom, monhunu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔne fakyɛ kyerɛ mo; na nnoɔma a montumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ɔgye die no di ho bem. Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ: Monhwɛ, mo fɛdifoɔ, na ɛnyɛ mo nwanwa na monyera; ɛfiri sɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo berɛ so, adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nnie. Na wɔfiri hyiadan mu hɔ firii adie no, wɔsrɛɛ sɛ homeda foforɔ wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio. Na wɔn a wɔahyia mu no paepaee mu no, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ nyamesurofoɔ no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Nyankopɔn adom no mu. Na homeda foforɔ duruiɛ no, ɛkaa kumaa, na anka kuro mu no nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm. Na Yudafoɔ no hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, anibereɛ nti, wɔkasakasa tiaa deɛ Paulo reka no gyee no akyinnyeɛ, na wɔkaa abususɛm. Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn. Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano. Na amanaman mufoɔ no teeɛ no, wɔn ani gyee, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no animuonyam. Na dodoɔ a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii. Na Awurade asɛm no trɛɛ asase no nyinaa so. Na Yudafoɔ no hwanyann mmaa nyamesurofoɔ a wɔwɔ din ne kuro no mu atitire, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpamm wɔn firii wɔn asase so. Ɛnna wɔporoporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn soɔ, na wɔbaa Ikonium. Na asuafoɔ no deɛ, anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ. Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne. Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ. Nanso kuro mu hɔfoɔ no mu paee, ɔfa wɔ Yudafoɔ no afa, na ɔfa nso wɔ asomafoɔ no afa. Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no, wɔhunui, na wɔdwane kɔɔ Likaonia nkuro Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so; na wɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no. Na ɔbarima bi wɔ Listra a ɔntumi nnyina ne nan soɔ, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuani firi ne na yam, na ɔnnantee da. Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa, enti ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ɔhurihurii, na ɔnanteeɛ. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asianesiane aba yɛn nkyɛn! Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso, wɔfrɛɛ no Hermes, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔka asɛm. Na Seus a n’asɔredan wɔ kuro no anim no sɔfoɔ de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekyerɛ baa kuro no aboboano pɛɛ sɛ ɔne nkurɔfoɔ akuakuo no de bɛbɔ afɔdeɛ. Na asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ no, wɔsunsuanee wɔn ntoma mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuo no mu teaa mu sɛ: Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Ɔno na tete berɛ a atwa mu no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ara wɔn akwan soɔ; nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam. Na nsɛm a wɔkaeɛ yi nyinaa akyi mpo, wɔbrɛɛ ansa na wɔretumi ama nkurɔfoɔ akuakuo no agyae wɔn afɔdeɛ no bɔ. Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu. Na asuafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre kɔɔ kuro no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe. Na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kuro mu hɔfoɔ na wɔdanee nnipa bebree asuafoɔ no, wɔsane kɔɔ Listra ne Ikonium ne Antiokia hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu. Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa. Na wɔtwaa mu wɔ Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. Na wɔkaa asɛm no wɔ Perge no, wɔbɛduruu Atalia. Na wɔfirii hɔ faa nsuo ani baa Antiokia, faako a wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa adwuma a wɔakɔwie no. Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no. Na wɔne asuafoɔ no tenaa hɔ kyɛree.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ. Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem. Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ. Na wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ ne mpanimfoɔ no gyee wɔn, na wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn. Na ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie sɔree, na wɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no soɔ. Na asomafoɔ ne mpanimfoɔ no bɛhyiaa sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi. Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni. Na Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no dii wɔn adanseɛ maa wɔn Honhom Kronkron sɛdeɛ ɔmaa yɛn nso no; na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu. Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔnnua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafoɔ no kɔn soɔ? Na Awurade Yesu adom so mmom na yɛgye di sɛ wɔnam bɛgye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso. Na nnipakuo no nyinaa yɛɛ komm, na wɔtiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no amanaman no mu. Na wɔn ano siiɛ no, Yakobo buaa sɛ: Anuanom, montie me! Simeon aka sɛdeɛ kane Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no, sɛ ɔreyi wɔn mu nnipa ama ne din. Yei so na adiyifoɔ no nsɛm sie, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Yeinom akyiri no mɛsane mabɛsi Dawid ntomadan a ahwe ase no bio, na masi deɛ wɔadwirie no bio, na mama so bio. Na nnipa a aka no ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa ahwehwɛ Awurade akyiri kwan Awurade a ɔma wɔhunuu yeinom nyinaa firi wiase asefire no na ɔka. Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnha wɔn a wɔfiri amanaman no mu adane aba Nyankopɔn nkyɛn no; na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho. Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda. Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire, na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no. Ɛsiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi firi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani, aha mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti, yɛde nokorɔ hyiaeɛ no, ɛyɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ sɛ yɛyi nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo, nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn. Enti yɛasoma Yuda ne Silas a wɔde ano nso bɛka nsɛm no ara. Na ɛsɔɔ Honhom Kronkron ne yɛn ani sɛ, wɔmfa adesoa bi nto mo soɔ, gye deɛ ɛhia yi ara, ɛne sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie! Na afei wɔgyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiaeɛ no, wɔyii nwoma no mae. Na wɔkenkaneeɛ no, awerɛkyekyerɛ no nti wɔn ani gyee. Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifoɔ no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den. Na wɔkyɛree hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn. [Nanso ɛyɛɛ Silas sɛ ɔntena hɔ ara.] Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no. Na nna bi twaa mu no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsane nkɔhwɛ anuanom no nkuro a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ. Na Barnaba kaa sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho. Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho. Ɛnna akasakasa a emu yɛ den baeɛ, na ɛmaa wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsuo ani kɔɔ Kipro; na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Nyankopɔn adom nsa no, ɔsii mu kɔe. Na ɔkɔtwaa mu Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani. Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa. Ɔno na Paulo pɛɛ sɛ ɔne no korɔ, na Yudafoɔ a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani. Na wɔretwa mu nkuro no mu no, wɔde mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no hyɛɛ sɛ wɔnni soɔ no maa wɔn. Ɛnna asafo ahodoɔ no yɛɛ den gyidie mu, na wɔkɔɔ so dɔree daa. Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia. Na wɔduruu Misia ntentensoɔ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. Enti wɔsianee Misia ho baa Troa. Na anadwo no, Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa mu bra Makedonia bɛboa yɛn! Na ɔhunuu anisoadeɛ no ara pɛ na yɛpɛɛ sɛ yɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn ampa sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn. Ɛnna yɛsii suhyɛn mu tu firii Troa de mmirika tene baa Samotrake. Na adeɛ kyeeɛ no, yɛbaa Neapoli. Na yɛfirii hɔ kɔɔ Filipi a ɛyɛ Makedonia mansini kuropɔn mu. Na yɛdii kuro yi mu nna kakra. Na homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asuo bi ho baabi a yɛsusuu sɛ wɔbɔ mpaeɛ hɔ. Na yɛtenaa aseɛ no, yɛkasa kyerɛɛ mmaa a wɔabɛhyia hɔ no. Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no. Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe. Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ bɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom bɛhyiaa yɛn; nso na ɔde nkɔmhyɛ ama ne wuranom anya wɔn ho sɛ. Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan. Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi. Na ne wuranom hunuu sɛ wɔn mfasoɔ abɔ wɔn no, wɔsɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ edwa mu mpanimfoɔ anim, na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔretane yɛn kuro yi ani, na wɔkyerɛ amanneɛ bi a yɛnni ho kwan sɛ yɛgyeɛ anaasɛ yɛyɛ, ɛfiri sɛ yɛyɛ Romafoɔ. Na nkurɔfokuo no nso sɔre tiaa wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntadeɛ hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn kɔguu afiase hyɛɛ ofiasehwɛfoɔ no nsa sɛ ɔmfa wɔn nsie yie. Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn kɔguu afiase a ɛwɔ mfimfini no mu, na ɔde wɔn nan bobɔɔ dua mu. Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ. Na mpofirim ara asasewosoɔ kɛseɛ maa afiase no nnyinasoɔ wosoe, na amonom hɔ ara apono no nyinaa buebuee, na wɔn nyinaa ahoma sanesanee. Na ofiasehwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛdi ne ho awu, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no adwane. Na Paulo de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha. Na ɔbisaa kanea de mmirika bae, na ɔde ahopopoɔ bɛhwɛɛ Paulo ne Silas anim, na ɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa? Na wɔse: Gye Awurade Yesu di, na wɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nkwa. Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne fie nyinaa. Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuro no, na ɔmaa wɔbɔɔ ɔne wɔn a wɔyɛ ne fiefoɔ nyinaa asu amonom hɔ ara. Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn. Na adeɛ kyeeɛ no, asafohene no somaa asraafoɔ baa sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ. Na ofiasehwɛfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wɔnnyaa mo mma monkɔ; enti afei momfiri adi nkɔ dwoodwoo. Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn atɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafoɔ edwa mu, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wopamo yɛn kodɛɛ anaa? Dabi da, na ma wɔn ara wɔmmɛyi yɛn. Na asraafoɔ no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ. Na wɔba bɛpaa wɔn kyɛw maa wɔn dibem, na wɔyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ. Na wɔfirii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Na wɔhunuu anuanom no, wɔkyekyeree wɔn werɛ, na wɔfiri hɔ kɔeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ. Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no. Na wɔn mu binom gye dii, na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho, wɔne Helafoɔ nyamesurofoɔ no mu pii ne mmaa mpanimfoɔ no mu fa kɛseɛ. Na Yudafoɔ no ani bereeɛ, na wɔfaa ahuhufoɔ no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfoɔ no bɔɔ bum bɛhyiae, na wɔdanee kuro no ani butui, na wɔkɔtwaa Yason dan ho hyiaeɛ, hwehwɛɛ sɛ wɔyi wɔn firi adi de wɔn kɔma nkurɔfoɔ no. Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom no bi kɔmaa kuro no mu mpanimfoɔ, na wɔteateaa mu sɛ: Yeinom a wɔadane wiase ani abutuo no aba ha nso! Na Yason agye wɔn. Nso wɔn nyinaa bu Kaesare mmara no so ka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu. Na nkurɔfoɔ no ne ɔman mpanimfoɔ no tee yei no, ɛhaa wɔn pa ara. Na Yason ne wɔn a aka no dii agyinamu maa wɔn no, wɔgyaa wɔn ma wɔkɔe. Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa. Enti wɔn mu bebree gye dii, wɔne Helafoɔ mmaa a wɔwɔ din ne mmarima no mu fa kɛseɛ ara. Na Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Nyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso. Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ. Na wɔn a wɔkɔgyaa Paulo no de no kɔɔ Atene. Ɔkraa wɔn sɛ Silas ne Timoteo mmra ne nkyɛn ntɛmntɛm no, wɔsii mu kɔe. Na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene na ɔhunuu sɛ kuro no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometeɛ pa ara. Enti hyiadan mu, na ɔne Yudafoɔ ne nyamesurofoɔ no yɛɛ nhwehwɛmu dendeenden, na edwa mu nso, daa na ɔne wɔn a ɔbɛto wɔn no dii anobaebaeɛ. Na Epikurofoɔ ne Stoafoɔ anyansapɛfoɔ bi nso ne no di anobaebaeɛ. Ebinom kaa sɛ: Ɔpɔtɔni yi se deɛn nie? Na ebinom se: Wayɛ sɛdeɛ ɔka abosom ahɔhoɔ bi ho asɛm. (Na ɔreka wɔn Yesu ne owusɔreɛ ho asɛmpa no.) Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kaa sɛ: Wobɛtumi akyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ foforɔ yi ase? Ɛfiri sɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn aso mu asɛm foforɔ. Enti yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ ɛkyerɛ. Nso Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforɔ bie. Na Paulo gyinaa Areopago mfimfini kaa sɛ: Atene mmarima, mahunu sɛ mowɔ gyidie wɔ nnoɔma pii mu dodo. Ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi. Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu, nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛ deɛ ɛhia no biribie. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne ade nyinaa; na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn sɛ wɔnhwehwɛ Awurade sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ: Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn. Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie. Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni. Na wɔtee awufoɔ sɔreɛ no, ebinom dii fɛw, na ebinom kaa sɛ: Yɛbɛtie wo wɔ asɛm yi ho bio. Enti Paulo firii wɔn nkyɛn kɔeɛ. Nso nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wɔgye diiɛ; wɔn mu bi ne Dionisio a ɔka Areopago kuo ho ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne ebinom a wɔka wɔn ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom akyiri no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɛnam sɛ ɔne wɔn yɛ adwuma baako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; ɛfiri sɛ wɔyɛ ntomadanyɛfoɔ. Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ. Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no. Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu. Ɛnna ɔfirii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn. Na hyiadan mu panin Krispo ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ, na Korintofoɔ mu bebree a wɔteeɛ no nso gye dii maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehunu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano! Ɛfiri sɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfoɔ pii kuro yi mu. Na ɔtenaa hɔ afe ne abosome nsia kyerɛkyerɛɛ Nyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu. Na Galio di Akaia amrado no, Yudafoɔ no de anokorɔ sɔre tiaa Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnnie adwa anim kaa sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Onyankopɔn. Na Paulo yɛɛ sɛ ɔrebɛbue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Yudafoɔ, sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛntene anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ metie mo; na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi deɛ a, ɛnneɛ mo ara monhwɛ! Na me deɛ, merenyɛ saa nsɛm yi temmufoɔ. Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ. Na Helafoɔ no nyinaa faa hyiadan mu panin Sostene hwee no asɛnniiɛ hɔ, nanso Galio ammu yeinom biara. Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛree kakra ara yie no, ɔkraa anuanom no, ɔfirii hɔ faa nsuo ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na ɔyii ne ti wɔ Kenkrea; ɛfiri sɛ na wadi nseɛ. Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden. Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛre kakra no, wampene. Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani. Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia. Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den. Na Yudani bi a ne din de Apolo, a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano ateɛ na ɔyɛ nam wɔ twerɛsɛm no mu, baa Efeso. Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan soɔ; na ɔyɛ hye honhom mu nti, ɔkasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yie, nso Yohane asubɔ nkutoo na na ɔnim. Ɔfirii aseɛ de akokoɔduro kasaa hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila teeɛ no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ. Na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛsene akɔ Akaia no, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔtwerɛɛ nwoma kɔsrɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnnye no. Na ɔduruu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam adom so agye adie no pii. Na ɔde n’asɛm kaa Yudafoɔ no gui wɔ badwam, nam twerɛsɛm so kyerɛɛ pefee sɛ Yesu ne Kristo no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no, ɔbisaa wɔn sɛ: Mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn mpo sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛeɛ? Na wɔse: Yohane asubɔ mu. Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakyera asu mmom, ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔnnye deɛ ɔdi n’akyiri reba a ɔne Yesu no nni. Na wɔteeɛ no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu. Na Paulo de ne nsa guu wɔn soɔ no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔkaa kasa ahodoɔ pii, na wɔhyɛɛ nkɔm. Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dummienu. Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi. Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa. Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm. Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenneɛ a wɔnka, na ɛmaa wɔde ne ho nnuku anaa nsɛnanimu mpo bɛguu ayarefoɔ so, na nyarewa no firii wɔn so, na ahonhommɔne firii wɔn mu. Ɛnna Yudafoɔ bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔ wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so. Yudani sɔfo panin Skewa mma baason bi na wɔyɛɛ saa. Na honhommɔne no buaa sɛ: Menim Yesu, na menim Paulo, na mone hwannom? Na onipa a honhommɔne no wɔ ne mu no to hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagya ne pira dwane firii efie no mu. Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔte Efeso nyinaa teeɛ no, ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse. Na wɔn a wɔagye adie no mu pii ba bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn nkokoam nsɛm. Na wɔn a na wɔyɛ asumanneɛ no mu bebree de wɔn nwoma ba bɛhyee no wɔ nnipa nyinaa anim; na wɔbuu ne boɔ ano hunuu sɛ ɛsi nnwetɛbena ɔpeduonum. Sɛdeɛ Awurade asɛm nam ahoɔden so nyiniiɛ na ɛyɛɛ den ne no. Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso. Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra. Ɛberɛ no ara mu sakasaka a ɛbaa Ɔkwan no ho nyɛ adewa. Ɛne sɛ, dwetɛdwumfoɔ bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛsoɔ ma adwumfoɔ nya mfasoɔ kɛseɛ boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bie no ano kaa sɛ: Awuranom, monim sɛ adwinnie yi mu na yɛnya yɛn ho. Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame. Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛeɛ, na mmom ɔbosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie rekɔyɛ sɛ wɔmmu no hwee bio, na n’animuonyam kɛseɛ a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no. Na wɔteeɛ no, wɔn bo fui pa ara, na wɔteateaa mu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ! Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no. Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔhyɛne nkurɔfokuo no mu, nanso asuafoɔ no amma no kwan. Na Asia mpanimfoɔ bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛeɛ hɔ. Na afei ebinom retea mu sɛɛ, na afoforɔ retea mu sɛɛ, ɛfiri sɛ na badwa no mu ayɛ sakasaka, na na ɔfa kɛseɛ no ara nnim adekodeɛ a enti wɔbɛhyiaeɛ. Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no. Nanso wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teaa mu bɛyɛ nnɔnhwereɛ mmienu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ! Na ɔtwerɛfoɔ no pataa nkurɔfokuo no sɛ: Efesofoɔ, onipa bɛn mpo na ɔnnim sɛ Efesofoɔ kuro yɛ Artemi kɛseɛ asɔrefie ne ohoni a ɛfiri Seus bɛduruiɛ so hwɛfoɔ? Na obiara nnye yei ho akyinnyeɛ nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuo nnyɛ biribiara. Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefie ho fi, na wɔnkaa yɛn bosombaa ho abususɛm. Enti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne amradofoɔ wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro. Na sɛ morehwehwɛ nsɛm foforɔ ho biribi a, wɔbɛdi no badwa a wɔhyia mu daa sɛdeɛ mmara no teɛ. Na anhwɛ a, yɛbɛnya nnɛ sakasaka yi ho amane, ɛfiri sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yɛnni asɛm biara a yɛde bɛtumi akyerɛ gyegyeegye yi aseɛ. Na ɔkaa saa no, ɔmaa edwa no tui.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia. Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela. Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, na Yudafoɔ retɛ no nti, ɔpatu sane bɛfaa Makedonia. Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho. Yeinom dii kan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa. Na yɛn nso, Apiti nna twaa mu no, yɛfirii Filipi faa nsuo ani, na yɛde nnanum bɛduruu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yɛdii nnanson. Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu. Na nkanea bebree wɔ abansoro faako a yɛahyia mu hɔ. Na aberanteɛ bi a ne din de Eutiko te mpomma ano ada hatee, na ɛsiane sɛ Paulo kasa kyɛreeɛ nti, ɔtɔɔ nko firii aborɔsansa no so hwee ase, na wɔmaa no soɔ no, na wawu. Na Paulo siane kɔbutuu ne so, na ɔyɛɛ no atuu kaa sɛ: Monnha mo ho, na nkwa da so ara wɔ ne mu. Na ɔforo bae, na ɔbubuu paanoo, na ɔdiiɛ no, ɔtoaa so kasae ara kɔsii adekyeeɛ, na ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na wɔde abɔfra no baa wɔ anikan so, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekyerɛ kɛseɛ. Na yɛdii kan kɔɔ suhyɛn mu faa nsuo ani kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛdeɛ ɔhyehyɛeɛ ne no, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ. Na ɔne yɛn hyiaa Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene. Na yɛtu firii hɔ, na adeɛ kyeeɛ no, yɛbɛduruu Kio ntentensoɔ; na adeɛ kyee bio no, yɛbɛduruu Samo; na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Mileto. Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da. Na ɔfiri Mileto soma kɔɔ Efeso kɔhyiaa asafo no mu mpanimfoɔ. Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu, na mede ahobrɛaseɛ adwene nyinaa ne nisuo pii, sɔhwɛ a ɛbaa me soɔ Yudafoɔ pɔ bɔne a wɔbɔɔ no me ho mu mesom Awurade. Na mansi deɛ ɛyɛ mfasoɔ mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo edwam ne afie mu, na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ. Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ, gye sɛ Honhom Kronkron di me adanseɛ nkuro nyinaa mu ka sɛ ɛkyerɛ ne amaneɛ retwɛn me. Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ. Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio. Enti nnɛ medi mo adanseɛ sɛ, me ho afiri mo nyinaa mogya ho; ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo. Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie. Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa. Nso mo ara mo mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyire. Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da. Na afei deɛ, mede mo hyɛ Onyankopɔn nsa ne n’adom asɛm mu; ɔno na ɔbɛtumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapadeɛ wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa mu. M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atadeɛ. Mo ara monim sɛ, deɛ ɛhiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, me nsa yi ano adwuma na mede menyaeɛ. Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ. Na ɔkaa saa no, ɔkotoo ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpaeɛ. Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano. Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ yɛne wɔn dii ntetemu no, yɛsii mu nam nsuo ani tee baa Ko, na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Rode, na yɛfirii hɔ baa Patara. Na yɛhunuu suhyɛn bi a ɛrekɔ Foinike no, yɛkɔɔ mu, na yɛtui. Na yɛn ani tua Kipro no, yɛgya too benkum kɔɔ Siria, na yɛkɔsii fam Tiro; ɛfiri sɛ ɛhɔ na na suhyɛn no rekɔyi n’adesoa aguo. Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ. Na yɛkrakraa yɛn ho no, yɛkɔɔ suhyɛn no mu, na wɔsane kɔɔ fie. Na yɛfiri Tiro faa nsuo ani bɛduruu Ptolemai; na yɛkɔkyeaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro. Na adeɛ kyeeɛ no, yɛfiri hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ Ɔsɛmpakani Filipo a ɔka baason no ho fie kɔtenaa ne nkyɛn. Na ɔwɔ mma, mmaabunu baanan a wɔhyɛ nkɔm. Na yɛdii hɔ nna kakra no, odiyifoɔ bi a ne din de Agabo firi Yudea bae; na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: Sɛdeɛ Honhom Kronkron seɛ ni: Ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no, Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekyere no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa. Na yɛtee yeinom no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ. Na ɔmpene so mma yɛn no, yɛgyaee kaa sɛ: Deɛ Awurade pɛ nyɛ hɔ. Na nna no akyiri no, yɛboaboaa yɛn ho kɔɔ Yerusalem. Na Kaesarea asuafoɔ no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnason, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dada, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ. Na yɛduruu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛ so. Na adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakobo nkyɛn, na mpanimfoɔ no nyinaa baa hɔ bi. Na ɔkyeaa wɔn no, ɔkaa deɛ Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu no mmaako mmaako kyerɛɛ wɔn. Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden. Na wɔate wo ho asɛm sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wɔnnya Mose, na woka sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia, na wɔnnni amanneɛ no so. Afei yɛnyɛ no dɛn? Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛte sɛ woaba. Enti yɛ deɛ yɛreka akyerɛ woɔ yi: Yɛwɔ mmarima baanan bi a wɔadi nseɛ. Fa wɔn, na wo ne wɔn nkɔdwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wɔnyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhunu sɛ, wo ho nsɛm a wɔteeɛ no biara nnim, na mmom wo ara nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so. Na amanaman a wɔagye adie no ho deɛ, yɛatwerɛ, na yɛabua sɛ wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afɔdeɛ ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wɔwuiɛ ne adwamammɔ ho. Ɛnna Paulo faa mmarima no, na adeɛ kyeeɛ a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie sɛ ɔrekɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wɔbɛwie no, na wɔabɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn nyinaa mmaako mmaako. Na nnanson no reyɛ aduru no, Yudafoɔ a wɔfiri Asia hunuu no asɔrefie no, wɔhwanyanee nnipa a ahyia hɔ no nyinaa maa wɔsɔɔ no mu teaa mu sɛ: Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafoɔ nso aba asɔrefie, de efi abɛka kronkronbea ha yi. Nso wɔhunuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kuro mu hɔ kane, enti wɔdwenee sɛ gyama Paulo de no akɔ asɔrefie hɔ. Na kuro no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfoɔ no de mmirika bɛboaa ano; na wɔsɔɔ Paulo mu twee no firii asɔrefie hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apono no mu. Na wɔrehwehwɛ aku no no, asɛm no kɔduruu asraafoɔ apem so safohene no aso mu sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka. Na ntɛm ara ɔfaa asraafoɔ ne ɔha so mpanimfoɔ, na ɔde mmirika kɔtoaa wɔn. Na wɔhunuu ɔsafohene ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ. Ɛnna ɔsafohene no kɔ kɔsɔɔ ne mu, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no, na ɔbisaa onipa ko a ɔyɛ, ne deɛ wayɛ. Na nkurɔfokuo no mu binom teaa mu sɛɛ, na ebinom nso teaa mu sɛɛ. Na sakasaka no nti ɔntumi nhunu mu nokorɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu. Na ɔduruu ntwedeɛ no soɔ no, ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kitikiti nti, asraafoɔ no soaa no. Na ɔman no mu nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi teaa mu sɛ: Yi no hɔ! Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ: Mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ woɔ? Na ɔse: Wonim Hela kasa anaa? Ɛnyɛ wone Misraimni a nnaano ɔyɛɛ sakasaka, na ɔde mmarima awudifoɔ mpemnan kɔɔ serɛ soɔ no? Na Paulo kaa sɛ: Meyɛ Yudani a mefiri Tarso, Kilikia kuro a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no. Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi! Na wɔtee sɛ ɔrekasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ɔse: Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi. Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owuo mu. Mekyekyeree mmarima ne mmaa, na meyii wɔn maa wɔde wɔn kɔguu afiase, sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso. Na ɛbaa sɛ menam kwan so na mebɛnee Damasko no, ɛbɛyɛ awigyina no, mpofirim, hann kɛseɛ bi firi soro hyerɛn bɛtwaa me ho hyiae. Na mehwee fam, na metee nne bi a ɛsee me sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me? Na mebuaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no. Na wɔn a wɔne me nam no hunuu hann no deɛ, nanso wɔante deɛ na ɔne me rekasa no nne. Na mekaa sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo adeɛ a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm. Na hann no animuonyam amma manhunu adeɛ nti, wɔn a wɔne me nam no sosɔɔ me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko. Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni, sɛdeɛ mmara no teɛ, a Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa baa me nkyɛn bɛgyinaa hɔ ka kyerɛɛ me sɛ: Onua Saulo, hunu adeɛ! Na ɛdɔn no ara mu no memaa m’ani soɔ mehunuu no. Na ɔkaa sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hunu ne pɛ a ɔpɛ, na hunu Ɔteneneeni no, na te nankasa ne nne. Na wobɛyɛ ne danseni, na woadi deɛ woahunu, na woateɛ ho adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa. Na afei, adɛn na worekyinkyim wo ho? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din! Na ɛbaa sɛ mesane baa Yerusalem na merebɔ mpaeɛ asɔrefie no, m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na mehunuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, ɛfiri sɛ wɔrennye w’adanseɛ a wobɛdi no me ho no. Na mekaa sɛ: Awurade, wɔn ara wɔnim sɛ wɔn a wɔgye wo die no, mede wɔn meguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu. Na wɔrehwie wo danseni Stefano mogya aguo no, na me nso megyina hɔ, na mepenee so, na mehwɛɛ wɔn a wɔrekum no no ntadeɛ so. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafiri ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu. Na wɔtiee no bɛduruu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi firi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase! Na wɔreteatea mu na wɔreto wɔn ntoma guo tu mfuturo gu ahunum no, ɔsafohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu, na ɔkaa sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na ɔnhunu adekodeɛ a enti wɔbom gu ne soɔ yi. Na wɔde nhoma kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panin a ɔgyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wɔmmuu no fɔ mpire anaa? Na ɔha so panin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdeɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani. Na ɔsafohene no ba bɛbisaa no sɛ: Woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na Paulo se: Aane. Na ɔsafohene no buaa sɛ: Me deɛ, ɔmanbayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔeɛ. Na Paulo se: Me deɛ, wɔde woo me. Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebɛbisa no no firii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, ɔsuroo sɛ wakyekyere no. Na adeɛ kyeeɛ no, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu adekodeɛ a enti Yudafoɔ totoo n’ano no mu nokorɛ nti, ɔsanee no firii ne nkyehoma mu, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne wɔn badwafoɔ nyinaa mmra, na ɔmaa wɔde Paulo ba bɛgyinaa wɔn anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi. Na Ɔsɔfopanin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyina ne ho sɛ wɔmmɔ n’ano so. Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ na Onyankopɔn bɛbɔ woɔ, wo ɔfasuo a wɔahoa ho; na wote hɔ rebu me atɛn sɛdeɛ mmara no teɛ, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me? Na wɔn a wɔgyina hɔ no kaa sɛ: Nyankopɔn sɔfo panin na woya no yi? Ɛnna Paulo kaa sɛ: Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Nka wo man panin ho asɛm bɔne! Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi. Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam, na nnipakuo no mu paee. Ɛfiri sɛ Sadukifoɔ ka sɛ awufoɔ sɔreɛ, anaa ɔbɔfoɔ, anaa honhom nni hɔ, na Farisifoɔ deɛ, wɔgye ne nyinaa di. Na wɔteateaa mu kɛseɛ, na Atwerɛfoɔ a wɔwɔ Farisifoɔ afa no sɔre kasakasaa sɛ: Yɛnhunu bɔne biara wɔ onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no ɛ? Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroo sɛ ebia wɔbɛtete Paulo mu nti, ɔhyɛɛ asraafoɔ no sɛ wɔnsiane mmɛhwim no mfiri wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu. Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma. Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa. Na wɔn a wɔbɔɔ mu pamm ne tiri soɔ yi bɛboro aduanan. Na wɔbaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa. Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no. Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛ no, ɔkɔ kɔhyɛnee aban no mu kɔyii Paulo asotire. Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ: Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no. Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kaa sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo. Na ɔsafohene no sɔɔ ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wowɔ ka kyerɛ me? Na ɔse: Yudafoɔ apam sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo asiane aba edwam sɛdeɛ wɔrebɛbisa ne ho asɛm mu yie. Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛ no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan. Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotire! Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu. Na wɔnsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so, mfa no dwoodwoo nkɔma Amrado Felike. Na ɔtwerɛɛ nwoma a emu asɛm se: Klaudio Lisia de yei kyea amrado pa Felike. Ɔbarima yi a Yudafoɔ kɔfaa no sɛ anka wɔbɛkum no na me ne dɔm kɔ kɔhwimm no no, mate sɛ ɔyɛ Romani. Na mepɛɛ sɛ anka mehunu adekodeɛ a wɔde reto ne soɔ no, mede no mekɔɔ wɔn dwa mu; na mehunuu sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkuro, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owuo anaa ɔkyerɛ anto no so. Nanso wɔayi me asotire sɛ, nnipa bi retɛ ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfoɔ no nso sɛ wɔmmɛka deɛ wɔwɔ wɔ ne ho no wɔ w’anim. Ɛnna asraafoɔ no faa Paulo, sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔmaa apɔnkɔfoɔ no ne no kɔe, na wɔsane baa aban no mu bio. Na wɔn deɛ, wɔduruu Kaesarea na wɔyii nwoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kɔgyinaa n’anim. Na amrado no kenkan nwoma no wieeɛ, na ɔbisaa ɔman ko a ɔfiri mu, na ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no, ɔkaa sɛ: Wo nkurobɔfoɔ no ba a, na mɛtie woɔ. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ne nnannum soɔ no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo kwaadu kyerɛɛ amrado no. Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo firii aseɛ bɔɔ nkuro sɛ: Ɛsiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoeɛ bebree ne ntotoeɛ a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti, Felike, onimuonyamfoɔ, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa. Na mempɛ sɛ yɛsɛe wo berɛ pii nti, mesrɛ wo, fa wo ara w’ayamyie no tie yɛn kakraa bi. Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin. Na ɔsɔ hwɛɛ sɛ ɔde efi bɛka asɔrefie nso na yɛkɔkyeree no. [Na anka yɛpɛɛ sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no atɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de aniɛden bɛgyee no yɛn nsam de no kɔe, na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkuro no sɛ wɔmmra wo nkyɛn;] enti wo ara wobisa no a, wobɛhunu deɛ enti a yɛne no rebɔ nkuro yi nyinaa. Na Yudafoɔ no nso foaa no so sɛ nsɛm yi te saa. Na amrado no nyamm Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔbuaa sɛ: Ɛsiane sɛ menim sɛ wofiri yɛɛ ɔman yi temmufoɔ adi mfirinhyia pii nti, mede akoma pa mereyi m’ano. Wobɛtumi ahunu sɛ ɛmmoroo dadu nnammienu na mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔsɔre. Na wɔanhu me asɔrefie anaa hyia adan mu anaa kuro mu hɔ sɛ me ne obi rekasa, anaasɛ merehwanyan nkurɔfoɔ no mu, nanso wɔrentumi nkyerɛ me nnoɔma a enti wɔretoto m’ano yi ase. Na yei deɛ, mepae mu meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuo no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na megye nnoɔma a wɔatwerɛ no mmara ne adiyifoɔ mu nyinaa medi. Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba. Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa. Na mfirinhyia bebree akyiri no, mebaa sɛ mede ayɛyɛdeɛ merebrɛ me man na mabɛbɔ afɔdeɛ; ɛno mu na wɔhunuu me sɛ meredwira me ho asɔrefie hɔ, nso ɛnyɛ me ne nkurɔfokuo, anaasɛ meyɛɛ gyegyeegye biara. Na ɛyɛ Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia, wɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔba w’anim ha, na sɛ wɔwɔ me ho asɛm bi a, wɔne me abɛbɔ nkuro. Anaasɛ ma wɔnka sɛ megyina badwafoɔ no anim no, wɔhunuu me ho adeɛ a ɛntene bi anaa, gye asɛm baako yi a megyina wɔn mu no, meteaa mu mekaa sɛ: Awufoɔ sɔreɛ ho na morebu me atɛn nnɛ yi. Na Felike nim Ɔkwan no ho asɛm no mu yie nti, ɔkaa sɛ montwentwɛn so kakra na sɛ: Ɔsafohene Lisia ba a, na mɛtie asɛm no mu yie. Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribiara, na ne ho nnipa bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no. Na nna bi akyiri no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na wɔtiee Kristo Yesu mu gyidie no ho asɛm. Na ɔreka tenenee ne anidahɔ ne atemmuo a ɛreba no ho asɛm no, Felike suroe, na ɔkaa sɛ: Seesei deɛ, kɔ, na menya adagyeɛ a, mɛma wɔabɛfrɛ wo. Na n’ani da so nso sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no; enti na daa ɔma wɔkɔfrɛ no, na ɔne no bɔ nkɔmmɔ. Na mfirinhyia mmienu duruiɛ no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu; na Felike pɛɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei Festo baa ne man a ɔdi so amrado no mu, na nnansa akyiri no, ɔfiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem. Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ no bɛbɔɔ Paulo ho kwaadu kyerɛɛ no, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnom wɔn, na ɔnsoma nkɔfa no mmra Yerusalem; na anka wɔatɛ no kwan so akum no. Na Festo buaa sɛ Paulo ntena Kaesarea, na ɛrenkyɛ na ɔno ara akɔ hɔ. Na ɔkaa sɛ: Enti momma mo mu atitire ne me nkɔ, na sɛ ɔbarima yi ho wɔ asɛm bi a, wɔne no nkɔbɔ nkuro. Na ɔdii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu no, ɔsiane kɔɔ Kaesarea. Na adeɛ kyeeɛ a ɔkɔtenaa asɛnnie adwa soɔ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo mmra. Na ɔbaeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no bɛtwaa ne ho kanko, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wɔantumi ankyerɛ aseɛ. Na Paulo yii ano sɛ: Menyɛɛ Yudafoɔ mmara anaa asɔrefie anaa Kaesare ho bɔne biara. Na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔbisaa Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem, na wɔabu wo nnoɔma yi ho atɛn m’anim wɔ hɔ? Na Paulo kaa sɛ: Kaesare asɛnnie adwa anim na megyina, na ɛha na ɛsɛ sɛ wɔbu me atɛn, na Yudafoɔ deɛ, menyɛɛ wɔn bɔne biara, sɛdeɛ wo nso wonim yie. Na sɛ medi fɔ anaasɛ mayɛ biribi a ɛsɛ owuo a, menhwehwɛ sɛ owuo no bɛpare me; na sɛ nnoɔma a wɔde rebɔ me kwaadu yi mu biara nyɛ nokorɛ a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wɔn nsa. Ɛnneɛ mede asɛm no medane Kaesare. Ɛnna Festo ne abadwafoɔ no kasaeɛ no, ɔbuaa sɛ: Sɛ wode akɔdane Kaesare a, ɛnneɛ Kaesare anim na wobɛkorɔ. Na nna bi twaa mu no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo. Na wɔkyɛree hɔ nti, Festo kaa Paulo ho asɛm no kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Ɔbarima bi wɔ hɔ a Felike agya no mpokyerɛ mu; na mekɔɔ Yerusalem no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔɔ no kwaadu kyerɛɛ me, srɛɛ me sɛ memmu no atɛn. Na mebuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafoɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyi onipa bi ama, gye sɛ nkurobɔfoɔ no ne deɛ wɔne no wɔ nkuro no hyia, na ɔnya kwan yi deɛ wɔde ato no soɔ no ano ansa. Enti wɔbɛhyiaa ha no, mantwe asɛm no anto hɔ, na adeɛ kyeeɛ no, mekɔtenaa asɛnnie adwa so, na mehyɛɛ sɛ wɔmfa onipa no mmra. Na ne nkurobɔfoɔ no bɛgyinaa ne ho no, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so, na mmom wɔn ara nyamesom ho akyinnyeɛ bi na wɔne no gyeeɛ, ɛne Yesu bi a wawu a Paulo ka sɛ, ɔte aseɛ. Na ɛnam sɛ menhunu sɛdeɛ mɛhwehwɛ saa akyinnyegyeɛ yi mu nti, mebisaa no sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem na wɔakɔbu no nsɛm yi ho atɛn anaa? Na Paulo srɛɛ sɛ wɔmfa no nhyɛ afiase ntwɛn Ɔhempɔn no ano asɛm. Yei nti mehyɛɛ sɛ wɔmfa no nsie kɔsi sɛ mede no bɛkɔ Kaesare anim. Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Anka me nso mepɛ sɛ metie onipa no. Na ɔse: Ɔkyena wobɛtie no. Enti adeɛ kyeeɛ no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔ bae, na wɔne asafohene ne kuro mu hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ faako a wɔtie asɛm no, na Festo hyɛeɛ no, wɔde Paulo bae. Na Festo kaa sɛ: Ɔhene Agripa ne mmarima a mo ne yɛn wɔ ha yi nyinaa, moahunu deɛ Yudafoɔ nyinaa de n’asɛm aba m’anim Yerusalem ne ɛha yi, na wɔka sɛ ɛnsɛ no sɛ ɔtena ase bio no. Mahunu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ wuo, nanso ɔno ara de asɛm no akɔdane Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ. Nanso menni ne ho asɛm titire bi a mɛtwerɛ makɔma me wura; enti na mede no maba mo anim, ne titire no, Ɔhene Agripa anim, na sɛ wɔnya hunu asɛm no mu a, manya biribi matwerɛ. Na ɛyɛ me sɛ nyansa biara nnim sɛ mema wɔde ɔdeduani bɛkorɔ, na menkyerɛ asɛm ko a wɔde ato ne soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo tenee ne nsa yii ano sɛ: Mebu no sɛ ɛyɛ akwannya ma me sɛ merebɛyi m’ano nnɛ wɔ wo Ɔhene Agripa anim, wɔ nnoɔma a Yudafoɔ de toto m’ano nyinaa ho, ne titire no, wonim amanneɛ nyinaa ne akyinnyesɛm a ɛwɔ Yudafoɔ mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me. M’asetena a ɛfiri me mmɔfraase no deɛ, sɛdeɛ ɛfirii aseɛ na ɛteɛ me manfoɔ mu wɔ Yerusalem no, Yudafoɔ nyinaa nim. Na wɔnim me firi mfitiaseɛ dada, nso sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi ɛho adanseɛ a, wɔnim me sɛ mefraa fekuo a wɔdi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu, mebɔɔ me bra sɛ Farisini. Na afei megyina ha, na wɔrebu me atɛn Nyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no ho anidasoɔ nti. Ɛno ara na yɛn mmusuakuo dummienu no de awia ne anadwo som, a emu yɛ den, ma wɔn ani da so sɛ wɔbɛnya. Ɔhene, saa anidasoɔ yi nti na Yudafoɔ toto m’ano yi. Adɛn nti na mobu yei asɛm a wɔnnye nnie sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ? Ɛwɔ mu sɛ ɛyɛɛ me ara nso sɛ, ɛsɛ me sɛ meyɛ nnoɔma pii metia Yesu Nasareni no din; ɛno nso na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa asɔfoɔ mpanimfoɔ nkyɛn tumi no, mede ahotefoɔ bebree meguu afiase. Na wɔrekum wɔn a, mede m’ano meto mu bi. Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn maa wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so papaapa nti, metaa wɔn kɔduruu ananafoɔ nkuro so. Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ama me tumi ne ɛho kwan. Na awigyina, ɔhene, ɛkwan so no, mehunuu hann bi a ɛkyɛne owia hran sɛ ɛfiri soro abɛtwa me ne wɔn a wɔne me nam no ho ahyia. Na yɛn nyinaa hwehwee aseɛ no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafoɔ poma ano dadeɛ kotie. Na mese: Ɛyɛ wo hwan a, Awura? Na Awurade kaa sɛ: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. Na sɔre gyina wo nan so; na yei nti na meyii me ho mekyerɛɛ woɔ, sɛ mɛyi wo mayɛ wo nnoɔma a woahu me wɔ mu ne deɛ merebɛyi me ho makyerɛ wo wɔ mu no ho somfoɔ ne danseni. Na mɛgye wo mafiri ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam. Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu. Enti, Ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro adeɛ a wɔyi kyerɛɛ me no ho asoɔden, na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kane, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, na wɔnnane mmra Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakyera. Yei nti na Yudafoɔ bɛkyeree me asɔrefie hwehwɛɛ sɛ wɔku me. Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no: Sɛ Kristo no bɛhunu amane, na wadi awufoɔ sɔreɛ mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufoɔ no. Na ɔyii n’ano saa no, Festo de nne kɛseɛ kaa sɛ: Paulo, woabɔ dam, nwomanim bebrebe abɔ wo dam. Na ɔse: Memmɔɔ dam, Onimuonyamfoɔ Festo, na meka nokorɛ ne anidahɔ nsɛm. Na ɔhene a mede nnam meka mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na megye medi sɛ yeinom biara nhuntaa no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ yei kokoa mu. Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ di anaa? Menim sɛ wogye di. Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode ɛberɛ kakraa bi ma me dane bɛyɛ Okristoni anaa? Na Paulo se: Anka mepɛ Nyankopɔn fam sɛ, kakraa bi oo, bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu. Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔreeɛ, na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wɔsesee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribi a ɛsɛ wuo anaa ɛkyerɛ. Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdane Kaesare a, anka wɔbɛtumi agyaa no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu. Na yɛkɔɔ Adramitio suhyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yɛtui, na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika ka yɛn ho. Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no. Na yɛtu firii hɔnom no, yɛfaa Kipro aseɛ aseɛ, ɛfiri sɛ mframa hyiaa yɛn. Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po soɔ no, yɛkɔgyinaa Likia kuro Mira ho. Ɛhɔ na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu Aleksandria suhyɛn bi a ɛrekɔ Italia no, ɔde yɛn kɔguu mu. Na nnafua bebree na yɛnam brɛɛ, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Kreta aseɛ aseɛ sianee Salmone ho. Na yɛnam ano ano resiane ho no, yɛbrɛɛ mu ansa na yɛreduru baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn-Agyinayie a Lasea kuro bɛn ho. Na ɛsiane sɛ na berɛ kɔ pii, na Abuadadie atwa mu dada ma akwantuo no ayɛ hu nti, Paulo tuu wɔn fo see wɔn sɛ: Mmarima, mehunu sɛ akwantuo yi rekɔyɛ sɛ deɛ amaneɛ ne adesɛeɛ bebree bɛba mu, ɛnyɛ adwadeɛ ne suhyɛn yi fam nko ara, na yɛn nkwa nso ka ho bi. Nanso asraafoɔ ɔha so panin no gyee suhyɛn kwankyerɛfoɔ ne suhyɛn wura no diiɛ kyɛnee deɛ Paulo kaeɛ no. Na ɛsiane sɛ suhyɛn gyinaberɛ hɔ nna hɔ yie, sɛ wɔbɛdi awɔ berɛ wɔ hɔ nti, wɔn mu bebree kaa sɛ wɔbɛtu afiri hɔ nso akɔhwɛ sɛ wɔbɛtumi akɔduru Foinike a ɛyɛ Kreta suhyɛn gyinaberɛ a ɛda kɔ atifi ne atɔeɛ ntam, ɛne anafoɔ ne atɔeɛ ntam, na wɔakɔdi awɔ berɛ no wɔ hɔ. Na anafoɔ mframa firii aseɛ bɔeɛ no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka deɛ wɔde sii wɔn anim no, na wɔtuu sɛkyɛ no nam ano ano a wɔbɛnee Kreta. Na ankyɛ, na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Atifi-Apueeɛ-Mframa faa Kreta so bɛbɔeɛ; na ɛkyeree hyɛn no, na ɛntumi nhyia mframa no, yɛmaa no twee yɛn. Na yɛde mmirika kɔfaa supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda aseɛ no, yɛbɔɔ mmɔden ansa na yɛresosɔ kodoɔ no mu. Na wɔmaa soɔ no, wɔboa maa wɔkyekyeree hyɛn no; na wɔsuro sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wɔhwann hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa. Na mframa no bɔɔ dendeenden de yɛn kyinkyiniiɛ, na adeɛ kyeeɛ no, wɔtotoo hyɛn no mu nnoɔma bi gui. Na ne nnansa soɔ no, wɔde wɔn ara nsa totoo hyɛn no ho nnoɔma no twenee. Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpueeɛ, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagyeɛ ho anidasoɔ nyinaa yerae. Na nna bebree twaa mu a wɔnnidie no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfimfini kaa sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka motie me, na yɛamfiri Kreta ammɛhunu amane ne adesɛeɛ yi. Na afei metu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara renhwere ne nkwa, gye suhyɛn yi nko na ɛbɛsɛe. Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne dea na mesom no no bɔfoɔ bɛgyinaa me nkyɛn kaa sɛ: Paulo, nsuro! Ɛtwa sɛ wokɔgyina Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo. Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na megye Onyankopɔn medi sɛ ɛbɛyɛ hɔ sɛdeɛ wɔaka akyerɛ me no; nanso ɛtwa sɛ yɛkɔgu supɔ bi soɔ. Na dadu nnanan duruiɛ na yɛredi akɔneaba Adria po soɔ no, ɛbɛyɛ dasuo mu na suhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no hunuu sɛ wɔrebɛn asase bi. Na wɔtoo susuhoma, na wɔhunuu sɛ ɛsi abasam aduonu; na wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, wɔtoo bio, na wɔhunuu no abasam dunum. Na wɔsuroo sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan bi so nti, wɔtoo asɛkyɛ nnan firii hyɛn no to twɛnee adekyeeɛ. Na ɛsiane sɛ na suhyɛn mu adwumayɛfoɔ no rehwehwɛ adwane afiri suhyɛn no mu nti, wɔgyaa kodoɔ no mu too po mu, yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto sɛkyɛ afiri hyɛn no tiri nso no, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ ɔha so panin ne asraafoɔ no sɛ: Sɛ yeinom antena hyɛn yi mu deɛ a, morennya nkwa. Ɛnna asraafoɔ no twaa kodoɔ no ntampehoma no, na wɔmaa no kɔeɛ. Na adeɛ rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi, na ɔkaa sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano. Enti mesrɛ mo sɛ monnidi, na ɛno nso bɛgye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi baako mpo rentu mfiri ne tiri so ntɔ. Na ɔkaa saa na ɔfaa paanoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na ɔbubu firii aseɛ diiɛ. Na wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, na wɔn nso faa bi diiɛ. (Na yɛn a yɛwɔ suhyɛn no mu nyinaa yɛ nnipa ahanu aduɔson nsia.) Na wɔdidi meeɛ no, wɔtoo aduane no guu po mu maa suhyɛn no mu yɛɛ hare. Na adeɛ kyeeɛ no, na wɔnnim asase no. Na wɔhunuu dɔnnɔn bi a ne mpoano da fam; ɛno mu na wɔsusuu sɛ wɔbɛtumi a, wɔbɛtwe suhyɛn no akorɔ. Na wɔtwaa asɛkyɛ no ahoma mu gyaa mu guu po mu, na wɔsanee akyerɛkyerɛkwan no ahoma, na wɔsii hyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔeɛ no pia kɔɔ mpoano. Na wɔkɔpemm nsuo mu anweatam bi no, wɔde suhyɛn no kɔtaee, na etire kɔtimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛtoɔ deɛ, asorɔkyeɛ a na ɛrebɔ denden no bubui. Na asraafoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum nneduafoɔ no, na obi annware annwane. Nanso asraafoɔ ɔha so panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nti, wamma wɔanyɛ deɛ wɔsusuiɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ mfa wɔn ho ngu po mu kane nsi fam. Na wɔn a aka no deɛ, ebinom butubutuu ntaaboɔ so, na ebinom nso butubutuu suhyɛn nnua asinasini no bi so. Na sɛdeɛ ɛyɛeɛ na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yɛfirii mu firiiɛ no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔ no Malta. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛɛ yɛn adɔeɛ kɛseɛ; na osuo a ɛretɔ ne awɔ no nti, wɔsɔɔ ogya maa yɛn gyee yɛn nyinaa fɛ so. Na Paulo boaboaa mmabowa ano de guu ogya no soɔ no, ɔhyeɛ no nti, ahuritia bi firii mu bɛbankyeree ne nsa ho. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no hunuu aboa no sɛ ɔsɛne ne nsa ho no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudini a wanya nkwa afiri ɛpo mu deɛ, nanso aweretɔ nti, ɛremma no nnya nkwa. Na ɔpetee aboa no too ogya mu, nso hwee anyɛ no. Na wɔn deɛ, na wɔn ani da so sɛ Paulo rebɛhonhono anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛeɛ na wɔhunuu sɛ biribiara anyɛ no no, wɔsesaa wɔn adwene kaa sɛ gyama ɔyɛ onyame bi. Nso ɛhɔnom ara na supɔ no so otitire a ne din de Publio no asase wɔ; na ɔgyee yɛn, yɛɛ yɛn hɔhoɔ nnansa, hwɛɛ yɛn yie. Na ɛbaa sɛ na Publio n’agya da hɔ yare huraeɛ ne konkurowa; enti Paulo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ. Yei akyiri no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔ no soɔ no bae, maa ɔsaa wɔn yadeɛ. Wɔdii yɛn ni pii, na yɛfiri hɔ rekorɔ no, wɔde nnoɔma a ɛhia yɛn no brɛɛ yɛn. Na abosome mmiɛnsa akyiri no, yɛfaa Aleksandria suhyɛn bi a ɛbɛdii awɔ berɛ supɔ no so a ne nsɛnkyerɛnneɛ ne Ata-ne-Ata no mu kɔe. Na yɛkɔgyinaa Sirakuse no, yɛdii hɔ nnansa. Ɛhɔ na yɛfiri konton kɔduruu Regio, na dafua akyiri no, anafoɔ mframa bɔe, na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Puteoli. Ɛhɔ na yɛhunuu anuanom bie, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Na yɛfiri hɔ kɔduruu Roma. Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no firi bɛhyiaa yɛn Apia dwa mu ne akuraa bi a ɛde Nsadan-Mmiɛnsa, na Paulo hunuu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam. Na yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena faako a ɔpɛ. Na ɛbaa sɛ nnansa akyiri no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafoɔ atitire no hyiae; na wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, manyɛ biribi mantia ɔman anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa. Na wɔn nso, wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔgyaa me, ɛfiri sɛ menyɛɛ adeɛ biara a ɛfata okum. Nanso Yudafoɔ kasa tiaeɛ nti, na ɛtwa sɛ mede m’asɛm mekɔdan Kaesare; na ɛnyɛ sɛ me ne me man wɔ nkuro bi. Afei yei nti na mefrɛɛ mo, sɛ mɛhu mo, na makasa makyerɛ mo; ɛfiri sɛ Israel anidasoɔ nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnnyaa wo ho nwoma bi mfirii Yudea, nanso anuanom no mu biara mma mmɛbɔɔ kaseɛ, anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi. Na yɛpɛ sɛ yɛtie deɛ wo ara wodwene, na fekuo yi deɛ, yɛnim sɛ wɔkasa tia wɔ mmaa nyinaa. Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ. Na ebinom gyee deɛ ɔkaeɛ no dii, na ebinom nso annye anni. Na wɔn ano ankɔ bɛnkorɔ mu nti, wɔkɔe, berɛ a Paulo kaa asɛm baako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ: Kɔ ɔman yi nkyɛn, na kɔka sɛ: Ɛteɛ deɛ, mobɛte, na morente aseɛ, na ehunu nso, mobɛhunu, na morenhunu mu. Na ɔman yi akoma apirim, na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yie, na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ, na wɔamfa wɔn aso ante asɛm, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane amma me nkyɛn na mansa wɔn yadeɛ. Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte. [Na ɔkaa nsɛm yi no, Yudafoɔ no kɔe, na wɔgyegye akyinnyeɛ pii wɔn mu.] Na mfeɛ mmienu kusuu na ɔde tenaa ɔno ara ne fie a ɔtua ka no mu, na ɔgyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnoɔma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obiara ansi no kwan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn nie. Montie yei, mo mpanimfoɔ, na monyɛ aso, mo asase sofoɔ nyinaa. Saa adeɛ yi aba mo berɛ so anaa mo agyanom berɛ so pɛn? Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma, na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma, na wɔn mma, nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no. Deɛ aketekyire adi aka no, ntutummɛ adi. Na deɛ ntutummɛ adi aka no, mfuntie adi. Na deɛ mfuntie adi aka no, mmɛbɛ adi. Mo nsabofoɔ, monnyane na monsu, na mo nsanomfoɔ nyinaa, montwa adwo, nsamono nti, ɛfiri sɛ wɔatwa afiri mo anomu. Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so, wɔn ho yɛ den na wɔn dodoɔ nni ano; wɔn se te sɛ gyata se, na wɔwɔ gyatabereɛ nnyepi. Wɔasɛe me bobe pasaa, na wɔapempane me borɔdɔma mman; wɔawaewae ho hono agu, na ne mman ho ahoa fitafitaa. Twa adwo sɛ ababaa a ɔfira ayitoma ma ne mmabaaberɛ mu kunu. Wɔatwa aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa afiri AWURADE fie; asɔfoɔ no, AWURADE asomfo no, di abooboo. Mfuo asɛe, asase di abooboo, na aduane asɛe, nsamono awe, ngo so ate. Akuafoɔ, mo ani nwu, O nturoyɛfoɔ, ayuo ne atokoɔ nti montwa adwo, ɛfiri sɛ mfuo mu aduanetwa asɛe. Obobe akusa, na borɔdɔma atwam, atoaa aba, abɛ nso ne aprɛ. Petee mu nnua nyinaa akusa, ampa, anika atu afiri nnipa mma mu. Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena, afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo, me Nyankopɔn asomfoɔ, mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa! na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fie ba. Monyɛ abuadadie kronkron, mompae asɔfoɔ nhyiamu, mommoa mpanimfoɔ ano, asase sofoɔ nyinaa mmra AWURADE mo Nyankopɔn fie, na monsu mfrɛ AWURADE. Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn. Wɔantwa aduane amfiri yɛn anim, na anigyeɛ ne ahosɛpɛ amfiri yɛn Nyankopɔn fie anaa? Aba a wɔadua aporɔ ne nkofie mu, aduanekora adan ada mpan, asan abubu, na ayuo asɛe. Hwɛ sɛ mmoadoma penepene, anantwikuo rebrɛ, ɛfiri sɛ wɔnni adidibea; nnwankuo nso tiri ato. Wo, AWURADE, na mesu mefrɛ woɔ, na ogya ahye ɛserɛ so wira mono, na ogyaframa ahye petee mu nnua nyinaa. Ewiram mmoa nso repere frɛ wo, na nsuwansuwa awewe, na ogya ahye ɛserɛ so wira mono.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion, na mommɔ ose me bepɔ kronkron no so. Ma asase sofoɔ nyinaa ho mpopo, ɛfiri sɛ AWURADE da no redu, na abɛn, esum ne kusuuyɛ da, mununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no firi teteete, na n’akyiri nso ebi renyɛ sɛ ɛno awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mfeɛ mu reyerɛ sɛ adekyeeɛ yerɛ mmepɔ soɔ no. Ogya hye di wɔn anim, na ogyaframa tafere di wɔn akyi; wɔn anim asase te sɛ Eden turo, na wɔn akyiri deɛ yɛ ɛserɛ pradada, na biribiara remfiri wɔn anim nkɔ. Wɔn ho te sɛ apɔnkɔ ho, na wɔtu mmirika sɛ apɔnkɔsotefoɔ. Wɔhurihuri sɛ nteaseɛnam kitikitiyɛ mmepɔ atifi, sɛ ogyaframa a ɛhye nkyɛnkyɛmma turiturie, sɛ ɛdɔm a ɛyɛ den a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Aman ho dwiri wɔn wɔn anim, nnipa nyinaa anim sinsiam. Wɔtu mmirika sɛ nnɔmmarima, wɔforo ɔfasuo sɛ akofoɔ; wɔnenam wɔn akwan so, na wɔnte wɔn santen mu; nanso obi nsum ne yɔnko, wɔn nyinaa nenam wɔn atempɔn so, na sɛ wɔhwehwe akodeɛ ntam a, wɔmpira; wɔyɛ kuro mu manyamanya, wɔtutu ɔfasuo so mmirika, wɔforo ba afie mu, wɔfa mpomma mu ba sɛ owifoɔ. Asase woso wɔn anim, ɔsoro hinhim, owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma kame ne haran. Na AWURADE ma ne nne so, ne dɔm no anim, na ne nsraban no so sɛ, na deɛ ɔdi n’asɛm soɔ no ho yɛ den. Na AWURADE da no so na ɛyɛ hu sɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano? Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ, monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu. Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu, na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so, na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho. Ebia, obi nnim, ɔbɛsane na wasakyera n’adwene, na wagya n’akyiri nhyira, a ɛyɛ aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa a wɔde bɛkyɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion, monyɛ abuadadie kronkron, momfrɛ nhyiamu kronkron. Mommoa ɔman no ano, monyɛ ɔman nhyiam kronkron, monhyia nkɔkoraa, mommoa mmɔfra ne nufoɔ ano mma ano. Ayeforɔkunu mfiri ne pia mu, na ayeforɔ mfiri ne dabekyire mfiri adi. Ma asɔfoɔ, AWURADE asomfo no, nsu wɔ ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam, nka sɛ: O AWURADE, dodo wo man ho, na mfa w’agyapadeɛ mma ahohora, na amanaman nnnidi wɔn atɛm. Adɛn nti na wɔnka no aman mu sɛ: Ɛhe na wɔn Nyankopɔn no wɔ? Na afei AWURADE twee n’asase ho ninkunu, na ɔhunuu ne man mmɔbɔ. Na AWURADE bua see ne man sɛ: Hwɛ, merebrɛ mo aduane, nsamono ne ngo, na moamee, na meremfa mo memma ahohora amanaman mu bio. Na atifi fam dɔm no, mɛyi wɔn afiri mo so akɔ akyirikyiri, na mapamo wɔn akɔ asase pradada so, na wɔn twafoɔ akɔ anim fam po no mu, na wɔn kyidɔm akɔ apueeɛ fam po no mu, na wɔn bɔn bɛsɔre, na wɔn nyaanyane bɛsɔre, ɛfiri sɛ wɔadi bɔne kɛseɛ. O Asase, nsuro, di ahurisie na w’ani nnye, ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ adeɛ kɛseɛ. Ewiram mmoa, monnsuro, na ɛserɛ so wira mono refefɛ, na nnua reso n’aba, borɔdɔma ne bobe reyi n’ahoɔden ama. Na mo, Sion mma, monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata, na ɔma osuo tɔ ma mo, asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa. Na ayuo bɛyɛ porebea amaama, na nsa ne ngo ayeyɛ kyi- amena amaama abu so. Na mfirinhyia a ntutummɛ, mfuntie, mmɛbɛ ne nketekyire, me dɔm kɛseɛ a mesomaa wɔn baa mo mu no diiɛ no, mɛhyɛ no ananmu. Na moadidi amee, na moakamfo AWURADE mo Nyankopɔn din, sɛ ɔne mo adi anwanwasɛm; na me man ani renwu da biara da. Na mobɛhunu sɛ me na mewɔ Israel mu, na mene AWURADE mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ bio, na me man ani renwu da biara da. Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ, na nkoa ne mfenaa nso so na nna no mu mɛhwie me honhom maguo. Na mɛma anwanwadeɛ aba ɔsoro ne asase so, mogya, ogya ne wisie kumoo. Owia bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wɔbɛgye no nkwa; na sɛdeɛ AWURADE aka no, bepɔ Sion so ne Yerusalem na nnipa a wɔafiri mu afire ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn afiri wɔn a aka no mu bɛtena.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na hwɛ, nna no ne berɛ a mede Yuda ne Yerusalem nnommum bɛsane aba no mu no, mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn bɛsiane aba Yehosafat bonhwa no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapadeɛ Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti. Ɛfiri sɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee odwamamfoɔ, na wɔtɔn abaayewa gyee nsa nomee. Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi. Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinneɛ a ɛsɔ ani a ɛyɛ no kɔɔ mo asɔrefie. Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri. Hwɛ, merenyane wɔn na wɔafiri deɛ motontɔn wɔn kɔeɛ hɔ, na mede deɛ moayɛ bɛsane abua mo atifi, na matontɔn mo mmabanin ne mo mmammaa mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafoɔ, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka. Mompae yei amanaman mu, monnwira ɔsa ho, monnyane nnɔmmarima, akofoɔ nyinaa ntwe mpini, wɔmforo mmra. Momfa mo nsɔ mmobɔ mfena, na momfa mo nnerɛ mmobɔ mpea. Deɛ wahodwo nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima. Monyɛ ntɛm mmra ɛ, mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa, mommɛhyia! Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra. Amanaman nsɔre ntu mmra Yehosafat bonhwa no mu; na ɛhɔ na mɛtena ase abu amanaman a wɔfiri afa nyinaa atɛn. Momfa kantankrankyi nhyɛ mu, na deɛ wɔtwa ahoa. Mommra mmɛtiatia so, na nsa-kyi-amena no ayɛ ma, ntɛɛpo no abu so, na wɔn bɔne adɔɔso. Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmuo bonhwa no mu; ɛfiri sɛ AWURADE da no abɛn, atemmuo bonhwa no mu. Owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma agyae haran. Na AWURADE firi Sion bobom na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowoso; nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma. Na mobɛhunu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔ kronkron no so, na Yerusalem bɛdane kronkronbea, na ananafoɔ rentwa mu hɔ bio. Na ɛda no, mmepɔ bɛsosɔ nsamono, na nkokoɔ asene nufosuo, na nsuo asene Yuda mmonhwa nyinaa mu; na nsuo aniwa bɛfiri AWURADE fie asene na akɔfɔ Sitim bonhwa no. Misraim bɛdane amamfo, na Edom adane nkyɛkyerɛ afo, ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti, ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so. Na Yuda deɛ, wɔbɛtena hɔ daa, na Yerusalem atena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na mɛtɔ wɔn mogya so were a mentɔeɛ no, na AWURADE bɛtena Sion ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fiefoɔ na ɛbaeɛ. Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, Benyamin, Dan, Naftali, Gad ne Aser. Na nnipa a wɔfiri Yakob asene mu nyinaa yɛ aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada. Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn berɛ sofoɔ no nyinaa wuwui. Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma. Na ɔhene foforɔ bi sɔree Misraim a na ɔnnim Yosef. Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sene yɛn. Momma yɛmfa nyansa kwan bi so ne wɔn nni, na wɔannɔɔso, na sɛ ɛsa bi ba a, wɔankɔka yɛn atamfoɔ ho ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ. Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao. Nanso dodoɔ a wɔhyɛɛ wɔn soɔ no, dodoɔ no ara na wɔdɔreeɛ, na wɔtrɛe. Na Misraimfoɔ suroo Israelfoɔ no. Na wɔde nyadie yaya dii Israelfoɔ. Wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔteɛ ne ntaayaa ho adwuma a ɛyɛ den ne afuom adwumayɛ ahodoɔ ne nnwuma ahodoɔ nyinaa mu nyadie yaya a wɔde dii wɔn mu. Na Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn mu baako din de Sifra, na ɔbaako din de Pua no sɛ: Sɛ mokɔgye Hebrifoɔ mmaa awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima a, monku no; na sɛ ɔyɛ ɔbaa deɛ a, momma no ntena ase. Na awogyefoɔ no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛdeɛ Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wɔgyee mmabanin no nkwa. Na Misraimhene frɛɛ awogyefoɔ no bisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ saa, na momma mmarima no tena aseɛ? Na awogyefoɔ no buaa Farao sɛ: Hebrifoɔ mmaa nte sɛ Misraimfoɔ mmaa, ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔyɛ pirimpirim; awogyefoɔ no nnya nnuruu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dada. Enti Onyankopɔn ne awogyefoɔ no dii no yie. Na nkurɔfoɔ no dɔɔso ara, na wɔyɛɛ den yie. Na ɛsiane sɛ awogyefoɔ no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afie mu yɛɛ yie. Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔto no ntwene asubɔnten no mu, na mmammaa nyinaa deɛ, momma wɔntena ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewi babaa bi. Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin; na ɔhunuu sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siee abosome mmiɛnsa. Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra no too mu, na ɔde kɔsii wira mu wɔ asuo no ano. Na ne nuabaa kɔgyinaa akyirikyiri sɛ ɔrehwɛ deɛ ɛbɛyɛ no. Na Farao babaa siane baa asuo no ano adwareɛ, na ne mmaawa repasa asuo no nsunoa. Berɛ a Farao babaa hunuu adaka no wɔ wira no mu no, ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra. Na ɔbuee soɔ no, ɔhunuu akɔkoaa no, na hwɛ, na ɔyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔse: Hebrifoɔ mma no bi nie. Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ Farao babaa no sɛ: Menkɔ menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no mu nufomafoɔ bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akɔkoaa no nufoɔ mma wo anaa? Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ! Na ababaa no kɔ kɔfrɛɛ abɔfra no na bae. Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa abɔfra yi kɔ kɔma no nufoɔ ma me, na mɛtua wo ka. Na ɔbaa no faa abɔfra no kɔmaa no nufoɔ. Na abɔfra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babaa no, na ɔdanee ne ba. Na ɔtoo no din Mose, ɛfiri sɛ ɔse: Nsuo mu na meyii no firiiɛ. Na Mose nyiniiɛ no, da bi ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ɔhunuu sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini. Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ɔhunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no kumm no, na ɔde no siee anwea mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii adi, na hwɛ, na Hebrifoɔ baanu reko. Na ɔbisaa deɛ ɔdi fɔ no sɛ: Adɛn nti na woboro wo yɔnko? Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue! Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔrehwehwɛ Mose aku no, nanso Mose dwane firii n’anim kɔtenaa Midian asase so wɔ subura bi ho. Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom. Na nnwanhwɛfoɔ bi ba bɛpamm wɔn; na Mose sɔre boaa wɔn, na ɔmaa wɔn nnwan no nomee. Na wɔbaa wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ, moaba ntɛm seyie? Na wɔbuaa sɛ: Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam, na ɔtoo nsuo mpo maa yɛn, na ɔmaa nnwan no nomee. Na ɔbisaa ne mmammaa no sɛ: Na ɔwɔ he? Adɛn nti na mogyaa ɔbarima no hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi. Na Mose penee sɛ ɔne Midian sɔfoɔ no bɛtena. Na ɔde ne babaa Sipora maa Mose awareɛ. Na ɔwoo ɔbabanin, na Mose too no din Gersom, ɛfiri sɛ ɔse: Mayɛ hɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so. Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim. Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no. Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, ɔhunuu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Berɛ bi a Mose rehwɛ n’ase Yetro, Midian sɔfoɔ nnwan no, ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ ɛserɛ no akyiri nohoa, kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho. Na AWURADE bɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfimfini gyaframa mu, na Mose hwɛe, na hwɛ, na nkyɛkyerɛ no redɛre, nanso na nhye. Na Mose kaa sɛ: Yei deɛ, mɛmane makɔhwɛ ahwɛdeɛ kɛseɛ yi, adekodeɛ a enti nkyɛkyerɛ no nhyeɛ. Na AWURADE hunuu sɛ wamane rehwɛ no, ɔfiri nkyɛkyerɛ no mu frɛɛ sɛ: Mose, Mose! Na ɔbuaa sɛ: Menie! Ɛnna AWURADE kaa sɛ: Ntwe mpini ha! Yi wo nan ase mpaboa, na faako a wogyina hɔ yɛ asase kronkron. Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn. Na AWURADE kaa sɛ: Ampa ara, mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfoɔ nti wɔsu frɛ no, mate. Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ. Na afei, hwɛ, Israelfoɔ no sufrɛ no aduru m’anim, na mahunu ɔhaw a Misraimfoɔ de ha wɔn no nso. Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim. Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Hwan ne me a merekɔ Farao nkyɛn makɔyi Israelfoɔ afiri Misraim? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛdi w’akyi; na yei bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ sɛ me na mesomaa woɔ. Wonya yi ɔman no firi Misraim ba a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ bepɔ yi so. Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn? Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn. Na yei ne me din de kɔsi daa, na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Kɔ, na kɔboaboa Israel mpanimfoɔ ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Hwɛ na mabɛhwɛ mo ne deɛ wɔreyɛ mo wɔ Misraim no. Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no. Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ. Na me deɛ, menim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraimhene mpo a, ɔremma mo kwan mma mo nkɔ; enti mɛtene me nsa de m’anwanwadeɛ a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabɔ Misraim, na ɛno akyiri na ɔbɛma moakɔ. Na mɛma ɔman yi anim aba nyam wɔ Misraimfoɔ anim, na ɛbɛba sɛ morekɔ a, morenkɔ no nsapan. Na mmaa mmisabisa wɔn afipamfoɔ ne wɔn afitenafoɔ nkyɛn dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne ntoma, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmammaa, na Misraimfoɔ nnoɔma no nyɛ mo asadeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ! Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam yi? Na ɔse: Poma. Na ɔse: To twene fam! Na ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ. Na Mose dwane firii ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa sɔ ne dua mu. Na ɔtenee ne nsa kyeree no, na ɛdanee poma wɔ ne nsam. Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ AWURADE, wɔn nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na ayi ne ho akyerɛ wo ne no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no bio sɛ: Fa wo nsa hyɛ wo kokom! Na ɔde ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyii, na hwɛ, na ɛho agu kwata fitaa sɛ sukyerɛmma. Na ɔse: Fa wo nsa sane hyɛ wo kokom! Na ɔsane de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyi firii ne kokom no, na adane sɛ ne honam ara. Na sɛ wɔannye wo anni na wɔammu kane nsɛnkyerɛnneɛ no a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi. Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi anni na wɔantie wo nne a, ɛnneɛ kɔsa Asubɔntene Nil mu nsuo kɔhwie gu asase pɛsɛɛ so. Na nsuo a wosaa no asuo no mu no bɛdane mogya wɔ asase pɛsɛɛ no so. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hwan na ɔyɛ emum anaa ɔsotifoɔ, ɔdehunufoɔ anaa onifirani? Ɛnyɛ me AWURADE ara? Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka. Na Mose kaa sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma obi foforɔ biara a wopɛ. Ɛnna AWURADE bo fuu Mose, na ɔse: Adɛn mennim sɛ Aaron wo nua Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafiri adi rebɛhyia wo, na sɛ ɔhu wo a, n’akoma bɛtɔ ne yam. Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n’anomu; na me deɛ, mɛdi w’ano ne n’ano akyi, na makyerɛ mo deɛ monyɛ. Na ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no, na ɔbɛdane w’ano, na woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no. Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ no, fa kura. Na Mose sane kɔɔ n’ase Yetro nkyɛn, na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma mensane menkɔ me nuanom a wɔwɔ Misraim no nkyɛn menkɔhwɛ sɛ wɔda so tete ase anaa. Na Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose wɔ Midian sɛ: Sane kɔ Misraim, ɛfiri sɛ nnipa a na wɔrehwehwɛ wo aku woɔ no nyinaa awuwu. Na Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so, na ɔsane baa Misraim asase so. Na Mose faa Nyankopɔn poma no kurae. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosane kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwanwadeɛ a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me deɛ, mɛpirim n’akoma, na ɔremma ɔman no nkɔ. Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: M’abakan ne Israel. Na mese wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma no ankɔ a, hwɛ, me deɛ, mɛkum w’abakan. Na AWURADE bɛtoaa no ɔkwan so asoɛeɛ bi pɛɛ sɛ ɔku no. Ɛnna Sipora faa twerɛboɔ de twaa ne ba no twetia, na ɔto twenee ne nan ase kaa sɛ: Woyɛ mogya ayeforɔkunu ma me! Ɛnna ɔgyaa no. Ɛno na twetiatwa no nti Sipora kaa sɛ: Mogya ayeforɔkunu ne wo. Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Kɔ ɛserɛ so kɔhyia Mose. Na ɔkɔ kɔtoo no wɔ Nyankopɔn bepɔ no ho, na ɔfee n’ano. Na Mose kaa AWURADE nsɛm a ɔde asoma no no nyinaa ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔde ahyɛ ne nsa no nyinaa kyerɛɛ Aaron. Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ano. Na Aaron kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no wɔ ɔman no anim. Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so. Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ. Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ, na wamfa owuyadeɛ anaa nkrantɛ ammɛtua yɛn. Na Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo, Mose ne Aaron, moyi ɔman no firi wɔn nnwuma ho? Monkɔ mo adwumaden no so. Na Farao kaa sɛ: Monhwɛ, afei a nnipa no adɔɔso wɔ asase no so, na morepɔn wɔn afiri wɔn adwumayɛ mu yi! Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no sɛ: Mommma ɔman no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntaayaa no bio sɛ akane no; wɔn ara wɔnkɔboaboa ɛserɛ ano mfa. Na ntaayaa dodoɔ a na wɔyɛ daa no, monnye wɔn, monnyi so bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ anihafoɔ, enti na wɔsu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ no. Momma wɔn adwuma a emu yɛ den na wɔnyɛ, na wɔantie nsenhunu. Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao seɛ nie: Meremma mo ɛserɛ bio. Mo ara monkɔ nkɔpɛ ɛserɛ wɔ deɛ mobɛnya bie; na mo adwuma no nso wɔrente so hwee. Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa ayuo ntwakaeɛ ano de yɛɛ ɛserɛ mehemehe no. Na akafoɔ no piapiaa wɔn kaa sɛ: Monwie mo da koro adwuma wɔ ne berɛ mu, sɛ berɛ a na ɛserɛ wɔ hɔ no. Na wɔhwee Israelfoɔ ahwɛfoɔ a Farao adwumayɛ so ahwɛfoɔ de asisi wɔn soɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn nti na moanwie ntaayaa a wɔahyɛ mo nnɛ ne nnora no nyinaa sɛ akane no? Ɛnna Israelfoɔ ahwɛfoɔ no ba bɛsu kyerɛɛ Farao sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne wo nkoa redi no saa? Wɔmmaa wo nkoa ɛserɛ biara, nso wɔse yɛnyɛ ntaayaa; na hwɛ, wɔahwe wo nkoa, nso ɛyɛ wo ara wo nkurɔfoɔ no mfomsoɔ. Na Farao buaa sɛ: Anihafoɔ, anihafoɔ na moyɛ. Enti na mose: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ AWURADE afɔdeɛ. Enti monkɔ nkɔyɛ adwuma, na ɛserɛ deɛ, wɔremma mo, nso ntaayaa no dodoɔ deɛ, mobɛma ara. Na wɔkaa sɛ: Monnyi mo da koro adwuma mu ntaayaa no so ara da, na Israelfoɔ adwumayɛ so ahwɛfoɔ no hunuu sɛ amaneɛ na ato wɔn. Na wɔfiri Farao nkyɛn reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron a wɔgyina hɔ rebɛhyia wɔn, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn. Na Mose sane baa AWURADE nkyɛn bɛkaa sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sei? Adɛn na wosomaa me yi? Na ɛfiri berɛ a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din ne no kasaeɛ no, Farao ayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wonnyee wo man!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo. Na Onyankopɔn ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, a meyii me ho mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no deɛ, mamma wɔamfa anhu me. Nanso mama m’apam a me ne wɔn pameeɛ no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔhoɔ no bɛma wɔn. Nanso mate Israelfoɔ a Misraimfoɔ di wɔn nya no apinisie, na makae m’apam no. Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo. Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ Onyankopɔn ama mo, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii Misraim nkoasom mu. Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE. Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfoɔ no; nanso ahometeɛ ne nkoasom denden no nti wɔantie no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ, kɔka kyerɛ Misraimhene Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ mfiri n’asase so nkɔ. Na Mose kasae wɔ AWURADE anim sɛ: Hwɛ, Israelfoɔ ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me a meyɛ ano mu momonoto yi. Na AWURADE ne Mose ne Aaron kasae, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Israelfoɔ ne Misraimhene Farao nkyɛn nkɔyi Israelfoɔ no mfiri Misraim asase so. Yeinom ne wɔn nananom afie mu atitire: Israel abakan Ruben mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi; yeinom ne Ruben mmusua. Na Simeon mma ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ɔyɛ Kanaanni baa bi ba; yeinom ne Simeon mmusua. Na yeinom ne Lewi mma din wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu: Gerson, Kohat ne Merari. Na Lewi mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson. Na Gerson mma ne: Libni ne Simei wɔ wɔn mmusua ahodoɔ mu. Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar, Hebron ne Usiel. Na Kohat mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa. Na Merari mma ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ. Na Amram faa n’agya nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfeɛ a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduasa nson. Na Ishar mma ne: Kora, Nefeg ne Sikri. Na Usiel mma ne: Misael, Elsafan ne Sitri. Na Aaron faa Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar maa no. Na Kora mma ne: Asir, Elkana ne Abiasaf; yeinom ne Kora mma mmusua. Na Aaron ba Eleasa faa Putiel mma mu bi waree, na ɔwoo Pinehas maa no. Yeinom ne Lewifoɔ nananom atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yeinom ne Aaron ne Mose a AWURADE ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi Israelfoɔ mfiri Misraim asase so sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ no. Wɔne wɔn a wɔne Misraimhene Farao kasaa sɛ wɔbɛyi Israelfoɔ afiri Misraim akorɔ no, Mose ne Aaron korɔ no ara nie. Na da a AWURADE ne Mose kasaa Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, ka deɛ mɛka makyerɛ woɔ nyinaa kyerɛ Misraimhene Farao. Na Mose kaa no AWURADE anim sɛ: Hwɛ, ano mu momonoto ne me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao bɛtie me?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madane wo Onyankopɔn ama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifoɔ. Wo deɛ, wobɛka deɛ mehyɛ woɔ nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ mfiri n’asase so nkɔ. Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so. Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu. Na sɛ metene me nsa wɔ Misraim so na meyi Israelfoɔ firi wɔn mu a, na Misraimfoɔ bɛhunu sɛ mene AWURADE. Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no, saa ara na wɔyɛeɛ. Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirinhyia aduɔwɔtwe mmiɛnsa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ. Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdanee ɔwɔ. Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne ntafowayifoɔ bae. Na Misraim akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdanedanee awɔ, nanso Aaron poma no memenee wɔn mpoma no. Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao akoma yɛ den, ɔmpene sɛ ɔman no bɛkorɔ. Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; berɛ a ɔrefiri adi akɔ Asuo Nil ano; na kɔgyina asubɔnten no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura. Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me ɛserɛ so, na hwɛ, wontiee de abɛduru sɛsɛɛ. Sɛ AWURADE seɛ nie: Yei na wode bɛhunu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mekura yi merebɔ nsuo a ɛwɔ Nil mu, na ɛbɛdane mogya. Na mpataa a ɛwɔ asuo no mu bɛwuwu, na nsuo no bɛbɔn na Misraimfoɔ bɛkyiri sɛ wɔbɛnom asuo no mu nsuo. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na tene wo nsa wɔ Misraim nsuo so, wɔn nsubɔntene, wɔn asuasu ne wɔn ntareɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnanedane mogya; na mogya bɛba Misraim asase nyinaa so, nnua ne aboɔ nsuhina mu. Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron maa poma no so, na ɔde bɔɔ nsuo a ɛwɔ asubɔntene no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim; na nsuo a ɛwɔ asuo no mu nyinaa danee mogya. Na mpataa a ɛwɔ asuo no mu wuwui, na asuo no bɔnee, na Misraimfoɔ antumi annom asuo no mu nsuo, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so. Na Misraim akɔmfoɔ de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Na Farao danee ne ho kɔɔ ne fie, na wamfa yei nso anto n’akomam. Na Misraimfoɔ nyinaa tutuu asuo no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsuo anom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom asubɔntene no mu nsuo. Na nnanson a AWURADE danee asuo no bɛtwaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mponkyerɛne bɛha w’asase nyinaa. Na asuo no bɛdɔre mponkyerɛne pii, na wɔafoforo aba wo fie ne wo dabekyire, wo mpa so, wo nkoa afie, wo nkurɔfoɔ mu, w’afononoo mu ne wo mmɔre nkodoɔ mu. Na wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so na mponkyerɛne no bɛforo aba. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no, na tene wo nsa wɔ nsubɔntene, asuasu, ne ntareɛ so, na ma mponkyerɛne mmra Misraim asase nyinaa so. Na Aaron tenee ne nsa wɔ Misraim nsuo so, na mponkyerɛne ba bɛkataa Misraim asase nyinaa so. Na akɔmfoɔ no de wɔn asumansɛm no yɛɛ saa ara maa mponkyerɛne foro baa Misraim asase so. Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mompa AWURADE kyɛw na ɔnyi mponkyerɛne no mfiri me ne me man so, na mɛma ɔman no akɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE. Na Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: Wo ara kyerɛ me da ko a ɛnkɔsie na mempa kyɛw memma wo ne wo nkoa ne wo man, na wɔnyi mponkyerɛne no mfiri wo ne wo fie so, na wɔnka asuo no nko ara mu. Na ɔbuaa sɛ: Ɔkyena. Na Mose kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ deɛ woaka no, na woahunu sɛ obiara biara nni hɔ a ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na mponkyerɛne no bɛfiri wo ne wo fie ne wo nkoa ne wo man so; asuo no mu nko ara na wɔbɛka. Na Mose ne Aaron firii Farao anim kɔe. Na Mose teaa mu frɛɛ AWURADE wɔ mponkyerɛne a ɔde aba Farao soɔ no ho. Na AWURADE yɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na mponkyerɛne no wuwui, afie mu ne adihɔ ne wiram. Na wɔboaboaa wɔn ano akuakuo, na asase no so bɔnee. Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Tene wo poma no bɔ asase so mfuturo na ɛnnane edwie wɔ Misraim asase nyinaa so. Na wɔyɛɛ saa, na Aaron tenee ne nsa de poma no bɔɔ asase so mfuturo, na ɛdanee edwie wɔ nnipa ne mmoa so. Na asase so mfuturo nyinaa danee edwie Misraim asase nyinaa so. Na akɔmfoɔ no de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara sɛ wɔrema edwie aba, nanso wɔantumi. Na edwie no baa nnipa ne mmoa so. Ɛnna akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Nyankopɔn nsateaa nie. Na Farao akoma pirimii ara na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim; berɛ a ɔrefiri adi aba nsuo no ano; na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ na wɔnkɔsom me. Na sɛ woremma me man no nkɔ a, hwɛ, mɛma nwansena ahodoɔ aba wo ne wo nkoa ne wo man ne w’afie so, na nwansena no bɛyɛ Misraimfoɔ afie mu ne asase a wɔte soɔ no so amaama. Na mɛhyɛ Gosen asase a me man te soɔ no nso da no, na nwansena no amma hɔ, na wode ahunu sɛ mene AWURADE wɔ asase nyinaa so. Na mede ɔhyeɛ bɛto me man ne wo man ntam; ɔkyena na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛba. Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fie ne ne nkoa afie ne Misraim asase nyinaa so. Na nwansena no nti asase no so sɛee. Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Monkɔ nkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Nyankopɔn wɔ asase yi so. Na Mose kaa sɛ: Ɛmfata sɛ wɔyɛ no saa, ɛfiri sɛ Misraim akyiwadeɛ na yɛde bɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. Hwɛ, sɛ yɛde Misraim akyiwadeɛ bɔ afɔdeɛ wɔ wɔn anim a, wɔrensi yɛn aboɔ anaa? Yɛbɛnante nnansa kwan akɔ ɛserɛ so, na yɛakɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no. Na Farao kaa sɛ: Me deɛ, mɛma mo kwan na moakɔbɔ afɔdeɛ ama AWURADE mo Nyankopɔn wɔ ɛserɛ so, na akyirikyiri nko na monnkorɔ; mompa kyɛw mma me. Na Mose kaa sɛ: Hwɛ, merebɛfiri wo nkyɛn makɔ makɔpa AWURADE kyɛw na nwansena no afiri Farao ne ne nkoa ne ne man so ɔkyena; na nkontompo nko ara na Farao nntwa bio sɛ ɔremma ɔman no nkɔ nkɔbɔ afɔdeɛ mma AWURADE. Ɛnna Mose firii Farao anim kɔ kɔpaa AWURADE kyɛw. Na AWURADE yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no, na ɔyii nwansena no firii Farao ne ne nkoa ne ne man so; anka baako mpo. Na Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma ɔman no ankɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a, hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wiram so, na ɔde owuo a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan so. Na AWURADE de nsonsonoeɛ bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na deɛ ɛyɛ Israelfoɔ dea no mu biara renwu. Na AWURADE hyɛɛ da sɛ: Ɔkyena na AWURADE bɛyɛ yei wɔ asase soɔ. Na adeɛ kyeeɛ no, AWURADE yɛɛ saa adeɛ no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israel mmoa no mu baako mpo anwu. Na Farao soma maa wɔkɔhwɛe, na hwɛ, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo nwui. Nanso Farao akoma yɛɛ den ara, na wamma ɔman no ankɔ. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momfa fononoo mu nso nsa ma, na Mose nto mpete ahunum wɔ Farao anim, na ɛnnane Misraim asase nyinaa so tutuo, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro Misraim asase nyinaa so. Na wɔsesaa fononoo mu nso, na wɔkɔgyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdanee nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro. Na mpɔmpɔ no nti akɔmfoɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no asisi akɔmfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa. Na AWURADE pirim Farao akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man nkɔ nkɔsom me. Na afei deɛ, merema me haw nyinaa aba w’akoma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahunu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so. Na afei sɛ matene me nsa na mede owuyadeɛ mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afiri asase so. Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so. Woda so ma wo ho so na wosi me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ. Hwɛ, ɔkyena sɛsɛɛ mɛma ɔsoro aboɔ a emu yɛ duro pa a ɛso bi mmaa Misraim da firi da a wɔhyɛɛ aseɛ de abɛduru nnɛ yi atɔ. Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wiram mmra ntɛm; onipa biara afieboa biara a wɔbɛhu no wiram na wɔamfa no amma fie no, sɛ ɔsoro aboɔ no gu wɔn so a, wɔbɛwuwu. Farao nkoa mu, deɛ ɔsuro AWURADE asɛm no de ne nkoa ne ne mmoa dwane baa fie; na deɛ wammu AWURADE asɛm no deɛ, ɔgyaa ne nkoa ne ne mmoa wɔ wiram. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na ɔsoro aboɔ ntɔ Misraim asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne wiram nhahan nyinaa so wɔ Misraim asase so. Na Mose tenee ne poma no kɔɔ ahunum, na AWURADE maa aprannaa ne ɔsoro aboɔ bae, na ogya pore guu asase so, na AWURADE maa ɔsoro aboɔ tɔɔ Misraim asase so. Na ɔsoro aboɔ ne ogya a ɛdɛre framfram toatoam a ɛfra ɔsoro aboɔ no mu a ano yɛ den pii pa a ɛso bi mmaa Misraim asase nyinaa so da firi da a ɛyɛɛ ɔman no bae. Na ɔsoro aboɔ no guu Misraim asase nyinaa so, deɛ ɛwɔ wiram nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na ɔsoro aboɔ no guu wiram nhahan nyinaa so, na ɛbubuu wiram nnua nyinaa. Gye Gosen asase a Israelfoɔ wɔ soɔ no so nko na ɔsoro aboɔ no bi antɔ. Ɛnna Farao soma maa wɔbɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔteneneeni, na me ne me man ne abɔnefoɔ. Mompa AWURADE kyɛw, na Nyankopɔn aprannaa ne ɔsoro aboɔ no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio. Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mefiri adi mefiri kuro no mu ara pɛ a, mɛtrɛ me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to bɛtwa, na ɔsoro aboɔ no antɔ bio, na woahunu sɛ AWURADE na asase wɔ no. Na wo ne wo nkoa deɛ, menim sɛ monnya nsuroo AWURADE Nyankopɔn. Na ɛguu asaawa ne atokoɔ so, nso na atokoɔ no ayɛ mmɛtem, na asaawa no nso reyɛ agu nhyerɛne. Na ayuo ne kɔkɔte deɛ, angu so bi, ɛfiri sɛ ɛno ka akyi. Na Mose firii Farao nkyɛn, na ɔfirii kuro no mu kɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ AWURADE, na aprannaa ne ɔsoro aboɔ no to twae, na osuo no gyaee asase no so guo. Na Farao hunuu sɛ osutɔ ne ɔsoro aboɔ ne aprannaa no to atwa no, ɔsane yɛɛ bɔne bio, na ɔpirimm n’akoma, ɔno ne ne nkoa. Na Farao akoma pirimii ara, na wamma Israelfoɔ no ankɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn, na mapirim ɔne ne nkoa akoma, na mayi me nsɛnkyerɛnneɛ yi adi wɔ wɔn mu, na woaka deɛ meyɛeɛ wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyii no adie wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba aso mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma me man ankɔ a, hwɛ, ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asase so, na wɔabɛkata ani a obi renhunu asase ani, na wɔabɛdi nnikaeɛ a ɔsoro aboɔ no gya maa no ka maa mo no, na wɔabɛdi nnua a ɛrefefɛ ama mo wɔ mfuo mu no nyinaa, na wɔabɛyeyɛ w’afie mu ne wo nkoa nyinaa afie mu ne Misraimfoɔ nyinaa afie mu amaama, sɛdeɛ wo nananom ne wɔn nananom nhunuu bi pɛn firi da a wɔbaa asase soɔ bɛduru nnɛ. Na ɔdanee ne ho firii Farao nkyɛn. Ɛnna Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn ara na oyi nteetee yɛn ara nkɔsie? Ma nnipa no nkɔ nkɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Wonnya nhunuu sɛ Misraim resɛe anaa? Na wɔde Mose ne Aaron sane baa Farao anim bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE mo Nyankopɔn. Ɛhefoɔ ne wɔn a wɔbɛkɔ no? Na Mose se: Yɛde yɛn mmɔfra ne yɛn mpanin na ɛrekorɔ; yɛde yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛrekorɔ, ɛfiri sɛ yɛwɔ fa bi hyɛ ma AWURADE. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: A, ɛnneɛ AWURADE nni mo akyi ɛ, sɛ merema mo ne mo mma akorɔ yi! Mahunu sɛ bɔne na mopɛ sɛ moyɛ yi. Dabi da! Mo mmarima na monkɔ nkɔsom AWURADE, na ɛno ara na mohwehwɛ. Na wɔpamm wɔn firii Farao anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ntutummɛ no nti tene wo nsa wɔ Misraim asase so, na wɔmmra Misraim asase so, na wɔmmɛwe asase no so nhahan nyinaa, deɛ ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no nyinaa. Na Mose tenee ne poma no wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apueeɛ mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, apueeɛ mframa no de ntutummɛ no bae. Na ntutummɛ no baa Misraim asase no so nyinaa, na wɔbɛguu Misraim nyinaa, na wɔdɔɔso pii. Ebi nnii wɔn anim mmaa pɛn a ɛte sɛ wɔn, na wɔn akyiri nso ebi remma saa bio. Na wɔkataa asase no nyinaa ani maa esum duruu asase no so, na wɔdii asase no so nhahan nyinaa ne nnua a ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ mono wɔ nnua mu ne mfuo mu nhahan mu wɔ Misraim asase no so nyinaa. Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma maa wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne. Na afei, fa me bɔne kyɛ me prɛko yi nko ara, na mompa AWURADE mo Nyankopɔn kyɛw, na ɔnyi owuo yi nko mfiri me so. Na ɔfirii Farao nkyɛn kɔ kɔpaa AWURADE kyɛw. Na AWURADE maa atɔeɛ mframa a ano yɛ den pii bae, na ɛbɛfaa ntutummɛ no kɔe, na ɛde wɔn kɔguu Mmɛwa Po mu; ntutummɛ no baako mpo anka Misraim asase nyinaa so. Na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no ankɔ. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie. Na Mose tenee ne nsa kɔɔ ahunum, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa. Obiara anhunu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfoɔ nyinaa deɛ, wɔnyaa hann wɔ deɛ na wɔteɛ hɔ. Ɛnna Farao frɛɛ Mose sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE; mo nnwan ne mo anantwie nko ara na wɔmfa nsie ha; mo mma nso ne mo nkɔ. Na Mose kaa sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔdeɛ a wɔkum na wɔhyeɛ nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn mmoa nso ne yɛn bɛkɔ, ɛrenka tɔte mpo; na ɛnonom bi na yɛde rekɔsom AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛde bɛsom AWURADE gye sɛ yɛaduru ansa. Na AWURADE pirim Farao akoma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ. Na Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Firi me so kɔ, hwɛ wo ho yie, na mma m’anim bio; na da a wobɛba m’anim no, wobɛwu. Na Mose buaa sɛ: Aane mate! Meremma w’anim bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw baako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyiri no, ɔbɛma moafiri ha akɔ koraa; pamo mpo na ɔbɛpamo mo afiri ha. Afei kasa ma ɔman no nte sɛ: Mmarima ne mmaa mmisabisa wɔn nnamfonom hɔ dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ. Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam wɔ Misraimfoɔ anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛseɛ pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim. Na Mose kaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Anadwo dasuo mu no, mɛfiri adi mafa Misraim, na Misraim asase so mmakan nyinaa bɛwuwu, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi afenaa a ɔwɔ oyuyammoɔ akyire abakan ne mmoa mmakan nyinaa so. Na osu kɛseɛ a ɛso bi mmaa da, na ɛso bi nso remma bio bɛba Misraim asase nyinaa so. Na Israel mma nyinaa deɛ, ɔkraman mpo rentwe ne tɛkyerɛma ntia wɔn, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na moahunu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam. Na wo nkoa yi nyinaa bɛsiane aba me nkyɛn abɛkoto me aka sɛ: Firi adi kɔ, wo ne ɔman a ɛdi w’akyire no nyinaa. Na ɛno akyiri no mɛfiri makɔ. Na ɔde abufuhyeɛ firii Farao nkyɛn kɔe. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m’anwanwadeɛ adɔɔso wɔ Misraim asase so. Na Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no amfiri n’asase so ankɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ: Momfa bosome yi nyɛ abosome ti, na ɛnyɛ mo afe mu bosome a ɛdi kan. Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Bosome yi da a ɛtɔ so du no, wɔmfa nnwammaa mmaako mmaako, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teteɛ; efie baako adwammaa baako. Na sɛ efie no mufoɔ nnɔɔso sɛ wɔbɛdi adwammaa a, ma no ne deɛ ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛdeɛ akra no dodoɔ teɛ. Monkan adwammaa so nnipa sɛdeɛ ɛbɛso wɔn die. Adwammaa a ɔnni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nnwanten anaa mmirekyie mu. Na momfa no nsie nkɔduru bosome yi da a ɛtɔ so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkɔku wɔn anwummerɛ. Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wɔbɛdi wɔ mu no aponnwa mmienu ne aponnwatifi no ho. Na wɔnni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwononwono nni. Monnni no amono, na mommfa nsuo nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto no mua a, ne ti ne n’asrɛ ne n’ayamdeɛ nyinaa ka ho. Na monnnya bi nnsie na adeɛ nnkye so. Na sɛ ebi ka na adeɛ kye so a, momfa ogya nhye. Na sɛdeɛ monni no nie: Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so: Ɛyɛ AWURADE twam. Na merebɛtwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na mɛbu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE. Na mogya no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma mo, afie a mowowɔ mu no mu, na sɛ mehunu mogya no a, masiane mo ho, na merebɔ Misraim asase a, ɔyaredɔm biara amma mo so ammɛsɛe mo. Na ɛda yi nyɛ mo nkaeɛ, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awoɔ ntoatoasoɔ mu; monyɛ no afahyɛ, daa atorɔmudeɛ. Nnanson na monni apiti. Da a ɛdi kan no ara na monyi mmɔreka nyinaa mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi mmɔreka paanoo firi da a ɛdi kan no de akɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel mu. Na da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye deɛ obiara bɛdie nko ho adwuma na monyɛ. Na monhyɛ apiti fa no, ɛfiri sɛ saa da yi ara na meyii mo dɔm no firii Misraim asase soɔ. Ɛno nti monni da yi mo awoɔ ntoatoasoɔ mu nyɛ no daa atorɔmudeɛ. Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ no momfiri apiti die ase nkɔsi bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako anwummerɛ. Nnanson na mommma wɔnnhunu mmɔreka wɔ mo afie mu, ɛfiri sɛ obiara a ɔbɛdi paanoo a emu aka no, ɔhɔhoɔ oo, deɛ wɔwoo no asase no soɔ oo, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri Israel asafo mu. Monnni biribiara a emu aka. Monni apiti mo tenabea nyinaa. Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi nnwan mfa, sɛdeɛ mo mmusua teɛ, na monkum twam aboa no. Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa. Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo. Na monni asɛm yi so, na ɛnyɛ ahyɛdeɛ mma wo ne wo mma nkɔsi daa. Na sɛ moduru asase a AWURADE de bɛma mo sɛdeɛ ɔkaeɛ no so a, monni ɛsom yi so. Na sɛ mo mma bisa mo sɛ: Mo som yi aseɛ ne sɛn a, monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔdeɛ a yɛbɔ ma AWURADE a ɔsianee Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfoɔ na ɔyii yɛn afie firii mu. Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no. Na anadwo dasuo mu no, AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri Farao abakan a ɔtena n’adwa soɔ so de kɔsi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so ne afieboa mmakan nyinaa. Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfoɔ nyinaa, na esu kɛseɛ baa Misraim, ɛfiri sɛ na efie biara nni hɔ a efunu nni mu. Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kaa sɛ: Monsɔre mfiri me man mu, mo ne Israelfoɔ no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛdeɛ mokaeɛ no. Mo nnwan ne mo anantwie nso, momfa wɔn, sɛdeɛ mokaeɛ no, na monkɔ, na monhyira me nso. Na Misraimfoɔ piapiaa ɔman no sɛ wɔnyɛ ntɛm mfiri asase no so, ɛfiri sɛ wɔse: Yɛn nyinaa rewuwu. Na ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛreka, kyekyeree wɔn mmɔre nkodoɔ wɔ wɔn ntoma mu de sisii wɔn kɔn ho. Na Israelfoɔ no yeyɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wɔbisabisaa Misraimfoɔ hɔ dwetɛ nnwinneɛ, sika nnwinneɛ ne ntoma. Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam, Misraimfoɔ anim, na wɔde deɛ wɔbisaeɛ maa wɔn. Na wɔfaa Misraimfoɔ agyapadeɛ no kɔe. Na Israelfoɔ no sii mu firii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam, mpem ahansia, wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Na afrafrafoɔ pii nso ne wɔn kɔe, ne nnwan ne anantwie, mmoa pii pa ara. Na wɔde mmɔre a wɔde firi Misraim baeɛ no totoo apiti ɔfam, na na ɛnkae, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ no pamm wɔn, a wɔantwentwɛn wɔn nan ase, na wɔannya kwan nso ansiesie akwansoduane. Na Israelfoɔ tena a wɔtenaa Misraim no yɛ mfirinhyia ahanan aduasa. Na mfeɛ ahanan aduasa no awieeɛ no, ɛda no ara na AWURADE asafo no nyinaa firii Misraim asase soɔ. Ɛyɛ anadwo a AWURADE ankasa dii Israelfoɔ no afoofi na ɔyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔhyɛ ho fa de ma AWURADE wɔ Israelfoɔ nyinaa mu wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne twam no ho ahyɛdeɛ: Ɔnanani biara nnni bi. Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi. Mo nkyɛn tenafoɔ ne ɔpaani nnni bi. Efie baako mu na wɔnnie, wɔmmfa nam no bi mmfiri fie hɔ mmfiri adi, na mommmu ne dompe bi. Israel asafo nyinaa nyɛ saa. Na sɛ obi abɛyɛ wo nkyɛn hɔhoɔ na ɔpɛ sɛ ɔdi twam ma AWURADE a, ma wɔntwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmpinkyɛ mmɛdie, na ɔnyɛ sɛ deɛ wɔwoo no asase no soɔ; na momonoto biara deɛ, ɔnnni bi. Mmara koro nna hɔ mma okuromani ne ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu. Na Israelfoɔ nyinaa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no; saa ara na wɔyɛeɛ. Na da no ara AWURADE yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so, sɛdeɛ wɔn asafo teɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea. Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo. Ɛnnɛ da yi, bosome Abib mu na morefiri Misraim. Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu. Nnanson na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no, hyɛ fa ma AWURADE. Wɔnni apiti nnanson no, na mma wɔnnhunu wo nkyɛn mmɔreka paanoo anaa mmɔreka w’asase baabiara. Na ɛda no, bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Deɛ AWURADE yɛɛ me berɛ a mefirii Misraim no ntira. Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim. Enti di atorɔmudeɛ yi so wɔ ne berɛ mu afe daa. Na sɛ AWURADE de wo duru Kanaanfoɔ asase so, sɛ deɛ ɔkaa wo ne wo nananom ntam, na ɔde ma wo a, yi adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ma AWURADE, na w’afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wɔbue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE. Na mfunumu mmakan nyinaa deɛ, fa odwan sesa, na sɛ woansesa a, bu ne kɔn mu. Na nnipa mmakan a wɔwɔ wo mmammarima mu nyinaa deɛ, sesa gye wɔn. Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu. Na Farao pirim n’akoma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakorɔ no, AWURADE kumm Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa mmakan so kɔsi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ɛbue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔdeɛ, nanso me mma mu mmakan nyinaa deɛ, mesesa agye wɔn. Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim. Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifoɔ asase so kwan a ɛnwareɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankɔhyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansane ankɔ Misraim. Enti Onyankopɔn de ɔman no konton faa ɛserɛ so kwan a ɛda Mmɛwa Po ho no so. Na Israelfoɔ no kaa ntoa firii Misraim asase so kɔe. Na Mose faa Yosef nnompe no, ɛfiri sɛ Yosef aka Israelfoɔ ntam sɛ: Hwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfiri ha nkɔ. Na wɔsii mu firii Sukot kɔkyeree nsraban wɔ Etam, wɔ ɛserɛ no ano. Na AWURADE dii wɔn anim, awia, mununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔnante awia ne anadwo. Na mununkum dum no antwe ne ho na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfiri ɔman no anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ no ma wɔnnane nkɔkyere nsraban wɔ Pihahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baalsefon anim; ne ntentensoɔ na monkyere nsraban no wɔ po no ano. Na Farao bɛka no Israelfoɔ ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, ɛserɛ aka wɔn atom. Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa. Na wɔka kyerɛɛ Misraimhene sɛ ɔman no adwane kɔ. Na Farao ne ne nkoa akoma sakyerae wɔ ɔman no ho, na wɔse: Ɛdeɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som korɔ yi? Na ɔsiesiee ne teaseɛnam, na ɔfaa ne man kaa ne ho, na ɔfaa nteaseɛnam a wɔayie ahansia ne Misraim nteaseɛnam nyinaa ne nteaseɛnam no nyinaa so asahene. Na AWURADE pirim Misraimhene Farao akoma maa no tii Israelfoɔ no, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no de ahosɛpɛ kɛseɛ na ɛfiri kɔeɛ. Na Misraimfoɔ tii wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n’apɔnkɔfoɔ ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔakyere nsraban wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim. Na Farao bɛneeɛ no, Israelfoɔ no memaa wɔn ani so, na hwɛ, na Misraimfoɔ di wɔn akyiri reba. Na Israelfoɔ no suroo pii, na wɔsu frɛɛ AWURADE. Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Adamena a ɛnni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ yi? Ɛdeɛn nti na woayɛ yɛn sɛɛ yi, sɛ woyii yɛn firii Misraim baeɛ yi? Ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no nie? Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu ɛserɛ so. Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio. AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm! Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Adɛn na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ ma wɔnkɔ wɔn anim. Na wo deɛ, ma wo poma no so, na tene wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfoɔ no nnante asase pɛsɛɛ so mfa po no mfimfini. Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so, na Misraimfoɔ no ahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mahyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so. Ɛnna Nyankopɔn bɔfoɔ a ɔdi Israel dɔm anim no twee ne ho bɛdii wɔn akyire, na mununkum dum no firii wɔn anim bɛgyinaa wɔn akyi, na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa. Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee. Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum. Na Misraimfoɔ tii wɔn, na wɔdii wɔn akyiri kɔɔ ɛpo no mfimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ nyinaa. Na anɔpa nsraberɛ mu no AWURADE faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn, na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfoɔ no so. Ɛnna Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na adeɛ rekye anɔpa no, ɛpo no sanee n’akyi bɛsenee sɛdeɛ na ɛteɛ, na Misraimfoɔ no dwane bɛhyiae. Na AWURADE kaa wɔn guu po no mfimfini. Na nsuo no sanee akyire bɛkataa Farao dɔm, nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ a wɔtii wɔn baa ɛpo no mu no nyinaa so, wɔn mu baako mpo anka. Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum. Na AWURADE gyee Israel nkwa da no firii Misraim nsam, na Israel hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu gu ɛpo no ano. Na Israel hunuu nsa kɛseɛ a AWURADE de kyerɛɛ Misraim soɔ no, na ɔman no suroo AWURADE, na wɔgyee AWURADE ne n’akoa Mose diiɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu. M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so. AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din. Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, wato wɔn agu ɛpo mu, na n’akofoɔ a wɔayi wɔn no, wɔamemmem Mmɛwa Po mu. Ebunu akata wɔn so, wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ. AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no. Na wo tumi a ɛso no ara na wode butu wɔn a wɔsɔre tia woɔ no. Wosoma w’abufuhyeɛ ba, ɛhye wɔn sɛ nkyɛnkyɛmma. Na wo hwene mu ahome mu na nsuo no ano boaeɛ; asorɔkyeɛ gyinaa sɛ ekuo; abunu kyekyeree ɛpo yam. Ɔtamfoɔ no kaa sɛ: Mɛti wɔn, mɛto wɔn, mɛkyɛ asase no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrantɛ, me nsa bɛsɛe wɔn. Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu. Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ. Wotenee wo nifa, asase menee wɔn. Wode w’adɔeɛ gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea. Aman tee, na wɔn ho wosoe, ahopopoɔ kaa wɔn a wɔte Filistia. Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn, Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn, Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe. Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam. Wode wɔn bɛba, na woabɛtɛ wɔn w’agyapadeɛ bepɔ no so, AWURADE, faako a wode hɔ ayɛ wo tenabea, kronkronbea a, AWURADE, wo nsa asiesie no. AWURADE bɛdi hene de bɛkɔ akɔsi daa daa. Na Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ baa ɛpo no mu, na AWURADE maa ɛpo no sane bɛkataa wɔn so, na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini. Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi. Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu. Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo. Na wɔduruu Mara no, na wɔntumi nnom Mara nsuo, ɛfiri sɛ ɛyɛ nwono. Enti wɔtoo hɔ din Mara. Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom? Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ, na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no. Na wɔduruu Elim a nsubura dummienu ne akyiresua aduɔson wɔ no. Na wɔkyeree nsraban wɔ nsuo no ho hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no. Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron ɛserɛ so hɔ. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduane afiri soro atɔ ama mo, na ɔman no mfiri adi da biara nkɔtase deɛ ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaasɛ wɔrenni so. Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔresiesie deɛ wɔfa no a, nyɛ deɛ wɔtase daa no mmɔho. Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: Anwummerɛ na mobɛhunu sɛ AWURADE na ɔyii mo Misraim asase soɔ; na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn? Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Montwe mpini AWURADE anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no. Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfoɔ anwiinwii no. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na anwummerɛ no, mmoko maa wɔn ho so ba bɛkataa nsraban no so; na anɔpa no, obosuo guu nsraban no ho hyiae. Na obosuo a ɛguiɛ no gyaeɛ no, na hwɛ, na biribi nkorowankorowa nketenkete gugu ɛserɛ no ani, nketenkete te sɛ fam bosuo nkyenkyeneeɛ. Na Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn nie? Ɛfiri sɛ na wɔnnim adekodeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei ne aduane a AWURADE de ama mo sɛ monnie no. Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Montase bi sɛdeɛ obiara bɛdie, bɛyɛ olonka mmaako mmaako; sɛdeɛ mo nnipa dodoɔ teɛ na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntomadan mu no. Na Israelfoɔ no yɛɛ saa; na wɔtasee, ebinom deɛ pii, ebinom deɛ kakraa bi. Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnya bi mmma adeɛ nnkye so. Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaa bi ma adeɛ kyee so; na ɛdɔree mmoaa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuu wɔn. Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛdeɛ ɔbɛdie; na owia mu yɛ den a, na anane. Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee aduane no mmɔho, ɔbaako deɛ olonka dummienu. Na asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Mose. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa. Na wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no; na ammɔn, nso na mmoaa biara nni mu. Na Mose kaa sɛ: Monni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wɔdi ma AWURADE; ɛnnɛ morenhunu bi wiram. Nnansia na montase, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda, ɛda no deɛ, ebi rentɔ. Na da a ɛtɔ so nson no, nkurɔfoɔ no mu bi firii adi sɛ wɔrekɔtase, nanso wɔannya bi. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛpo m’ahyɛdeɛ ne me mmara so die akɔsi da bɛn? Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no. Ɛnna ɔman no homee da a ɛtɔ so nson no. Na Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana”; nso ɛte sɛ wisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu. Na Mose kaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Momfa ebi nhyɛ olonka ma mfa nsie awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba mo akyire no, na wɔahunu aduane a mede memaa mo diiɛ wɔ ɛserɛ soɔ berɛ a meyii mo Misraim asase soɔ no. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana olonka ma gu mu, fa si AWURADE anim, na wɔmfa nsie mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanseɛ no anim sɛ wɔde resie. Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ. Nso olonka yɛ efa du mu baako.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ. Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ? Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi? Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ. Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim. Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba. Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim. Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam. Na Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no, ne Amalek kɔkoe, na Mose, Aaron ne Hur foroo kokoɔ no kɔɔ atifi. Na sɛ Mose ma ne nsa so a, Israel di nim, na sɛ ɔgyaa ne nsam a, Amalek di nim. Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔboɔ de too n’ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur sosɔɔ ne nsa no mu, ɔbaako wɔ ha, na ɔbaako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kɔsii sɛ owia tɔeɛ. Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so. Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa), na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no. Na Yetro, Mose ase no, faa Mose yere Sipora a wama no asane korɔ no ne ne mmabanin baanu no, ɔbaako din de Gersom, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mayɛ amannɔne hɔhoɔ), na ɔbaako no nso din de Eliesa, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: M’agya Nyankopɔn ne me boafoɔ, na wayi me afiri Farao nkrantɛ ano). Na Yetro, Mose ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a wabɛkyere nsraban hɔ, Nyankopɔn bepɔ no ho. Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w’ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn. Na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔkotoo no fee n’ano, na wɔkyeakyeaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntomadan mu. Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase. Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ ɔyii wɔn firii Misraimfoɔ nsam no nyinaa ho. Na Yetro kaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a ɔyii mo firii Misraimfoɔ ne Farao nsam no. Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm. Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim. Na adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔresiesie ɔmanfoɔ no ntam asɛm; na ɔman no gyinaa Mose ho firi anɔpa kɔsii anwummerɛ. Na Mose ase no hunuu deɛ ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ woreyɛ ɔman no yi? Adɛn nti na wo nko ara wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho firi anɔpa abɛduru anwummerɛ yi? Na Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ. Sɛ wɔnya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mesiesie onipa ne ne yɔnko ntam, na mekyerɛ wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne ne mmara. Na Mose ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Deɛ woyɛ yi nyɛ. Brɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma yi yɛ den dodo ma wo, na wo nko ara rentumi nyɛ. Afei tie me nne, mɛtu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi: Wo deɛ, gyina Nyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn, na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara ahodoɔ no mu, na ma wɔnhunu kwan ko a wɔmfa soɔ ne deɛ wɔnyɛ. Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin. Na wɔnsiesie ɔman no mu nsɛm berɛ nyinaa mu; na asɛnkɛseɛ biara deɛ, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa deɛ, wɔn ara wɔnni, na ama no ayɛ wo so hare, na wɔne wo asɔ mu. Sɛ woyɛ yei sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛ wo yi a, ɛno na wobɛtumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo. Ɛnna Mose tiee n’ase asɛm no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa. Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin. Na wɔsiesie ɔman no mu nsɛm nyinaa, na nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa deɛ, wɔn ara dii. Na Mose kɔgyaa n’ase kwan, na ɔkɔɔ ɔno ara n’asase so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Da a Israelfoɔ sii mu firii Misraim asase soɔ no, ne bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa so pɛpɛɛpɛ na wɔduruu Sinai serɛ so. Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ. Na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn nkyɛn, na AWURADE firi bepɔ no so frɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Yakob fie, na ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi. Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ m’agyapadeɛ a ɛsom boɔ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no. Na Mose ba bɛfrɛɛ ɔman no mpanimfoɔ, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim. Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ; na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so. Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo; nsa biara nnka no, aboɔ na wɔnsi no anaasɛ agyan na wɔntoto no; aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa: Sɛ wɔhyɛne totorobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔ no. Na Mose siane firii bepɔ no so baa ɔman no nkyɛn, na ɔdwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ. Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho. Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe. Na Mose de ɔman no firii adi firii nsraban no mu kɔhyiaa Onyankopɔn, na wɔkɔgyinagyinaa bepɔ no ase. Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri. Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so. Na AWURADE siane baa Sinai bepɔ so wɔ n’atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔ no atifi, na Mose foro kɔe. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ. Na asɔfoɔ nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE anto anhyɛ wɔn so. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔ so, ɛfiri sɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔ no ho hyeban na yɛ no kronkron. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Siane kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfoɔ no ne ɔman no ntra hyeban no mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wanto anhyɛ wɔn so. Na Mose siane baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ: Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no. Nnya anyame foforɔ nka me ho. Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn. Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ, na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ. Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ. Kae homeda, na yɛ no kronkron. Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa; na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu. Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron. Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so. Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni wo yɔnko ho adansekurumu. Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea. Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri. Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu. Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne. Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twe pinii esum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfoɔ nie: Mo ara moahunu sɛ mefiri ɔsoro na me ne mo akasa. Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa. Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn. Na sɛ worebɛyɛ aboɔ afɔrebukyia ama me a, mfa aboɔ a wɔatwa nsi; na sɛ woma w’adwinneɛ so bɔ so a, woagu ho fi. Na mforo atwedeɛ nkɔ m’afɔrebukyia so, na w’adagya anna adi wɔ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim: Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa. Sɛ ɔno nko na ɔbaeɛ a, ɔno nko na ɔnkorɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefoɔ a, ne yere no ne no nkɔ. Sɛ ne wura ama no ɔyerɛ, na wawo mmabanin anaa mma mmaa ama no a, ɔbaa no ne ne mma no nyɛ ne wura dea, na ɔno nko nkɔ. Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mekɔdie a, ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra Nyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɛpono ho anaa aponnwa ho, na ne wura no mfa fitiiɛ mfiti n’aso mu, na ɔnsom no daa. Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa kɔyɛ afenaa a, ɛnneɛ ɔmmfa ne ho nnkɔdi sɛ nkoa no. Sɛ ɔnsɔ ne wura a ɔtɔɔ no sɛ ɔreware no ani a, ɔmma wɔmmɛgye no, na ɔnni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, ɛfiri sɛ wadaadaa no. Na sɛ ɔgye no awareɛ ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔbabaa. Sɛ agya no ware ɔbaa foforɔ ka ne ho a, ɔmmma n’anoduane, ne nkataho ne n’awadeɛ asɛdeɛ so nnhwan. Na sɛ wanyɛ adeɛ mmiɛnsa yi amma no a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ kwa, sika biara nni mu. Deɛ ɔbɔ onipa ma no wuo no, kum na wɔnku no. Na sɛ wantɛ no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnneɛ mɛyi baabi mama wo, na wadwane akɔ hɔ. Sɛ obi hyɛ da kɔtoa ne yɔnko ku no aniteɛ mu a, yi no m’afɔrebukyia ho na ɔnwu. Deɛ ɔbɔ n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no. Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no. Deɛ ɔdome n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no. Sɛ mmarima reko, na obi bɔ ne yɔnko boɔ anaasɛ kuturuku, na wanwu, na ɛka no to mpa so a, sɛ ɔsɔre bio sɔ ne poma mu nante firi adi a, ɛnneɛ deɛ ɔbɔɔ no no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ, ne mmerɛ a wasɛe no nko ho ka na ɔntua, na sa na ɔmma wɔnsa no yadeɛ. Na sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa abaa na ɔtɔ ne nsa ano a, wɔntɔ no so were. Nanso sɛ ɔtena hɔ da koro anaa nnanu a, wɔnntɔ no so were, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne sika. Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfoɔ, na ɔba no firi, na bɔne bi amma akyire a, gyeɛ na wɔnnye no deɛ ɔbaa no kunu de bɛto no soɔ no, na ɔmma sɛdeɛ atemmufoɔ no bɛkyerɛ. Na sɛ bɔne bi ba akyire a, ɛnneɛ ma ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu, ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ ananmu, apirakuro nsi apirakuro ananmu, ntampeɛ nsi ntampeɛ ananmu. Na sɛ obi bɔ n’akoa ani anaa n’afenaa ani na ɛsɛe a, n’ani no nti akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi. Na sɛ ɔtu n’akoa se anaa n’afenaa se a, ne se no nti ɔmma akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi. Sɛ nantwie pem ɔbarima anaa ɔbaa ma no wu a, ɛnneɛ wɔnsi nantwie no aboɔ, na wɔnnni ne nam, na nantwie no wura no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ. Na sɛ nantwie no yɛ apempem dada, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakɔkum ɔbarima anaa ɔbaa a, wɔnsi nantwie no aboɔ, na ne wura no nso, wɔnku no. Sɛ wɔbɛgye no mpata a, ɔmma adeɛ biara a wɔbɛgye no mfa nnye ne kra. Ɔbabanin na ɔpem no oo, ɔbabaa na ɔpem no oo, atɛn yi ara na wɔmfa mmu no. Sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔmma akoa anaa afena wura dwetɛ, nnwetɛbena aduasa, na wɔnsi nantwie no aboɔ. Na sɛ obi kɔbue abura ano anaasɛ obi kɔtu amena na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔhwe mu a, amena no wura no nhyɛ ananmu, na ɔmma wɔn wura no sika, na efunu no nyɛ ne dea. Na sɛ obi nantwie pem ne yɔnko nantwie na ɔwu a, wɔntɔn nantwie nikanfoɔ no na wɔnkyɛ ne tiriadeɛ no mu, na efunu no nso wɔnkyɛ. Anaasɛ, sɛ wɔnim sɛ nantwie no yɛ apempem dada na ne wura no anhwɛ no so a, ɔmfa nantwie nikanfoɔ nsi nantwie no ananmu, na efunu no nyɛ ne dea.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwie nnum nsi nantwie baako no ananmu, ne nnwan nnan nsi odwan baako no ananmu. Sɛ wɔhunu owifoɔ sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no na ɔwu a, wɔnni ne mogya ho fɔ; na sɛ owia pue ne so deɛ a, wɔbɛdi ne mogya ho so. Ananmu na ɔnsie; sɛ ɔnni biribi a, ne korɔno no nti wɔntɔn no. Sɛ wɔhunu akorɔnneɛ wɔ ne nsam, sɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, na ɔyɛ anikan a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nsi ananmu. Sɛ obi ma n’aboa di afuo anaa bobe turo bi mu adeɛ anaa ɔgyaa no ma no kɔdi obi afuo mu adeɛ a, ɔmfa ɔno ara n’afuo mu nnepa ne ne bobe turo mu nnepa bi na ɛnsi ananmu. Sɛ ogya dɛre na ɛkɔsɔ nkasɛɛ mu, na ɛhye ayuo afiafi kuo anaa ayuo a ɛgyina hɔ anaa afuo a, hyɛ na deɛ ɔsɔɔ gya no nhyɛ ananmu. Sɛ obi de sika anaa nnoɔma ma ne yɔnko asie na wɔwia wɔ onipa no fie na wɔhunu owifoɔ no a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nhyɛ ananmu. Sɛ wɔanhunu owifoɔ no a, wɔmfa efiewura no mmra Nyankopɔn anim mmɛhwɛ sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no adeɛ no anaa. Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu. Sɛ obi de afunumu, sɛ nantwie, sɛ odwan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na aboa no wu anaa ɔpira anaasɛ wɔka no to wiram na obi anhunu a, AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko aboa no. Na ɔdenadeɛ no mpene na ɔbaako no nsi no ananmu. Na sɛ wia na ɔwiaa no ne nkyɛn a, ɔnsi ɔdenadeɛ no ananmu. Sɛ teteɛ na aboa bi tetee no a, ɔmfa mmra mmɛdi adanseɛ. Na ɔnnsi deɛ wɔatete no no ananmu. Sɛ obi kɔfɛm biribi ne yɔnko nkyɛn na aboa no pira anaasɛ ɔwu, na ɔdenadeɛ no ho nnim ho bi a, ɔnii ko no nhyɛ ananmu. Sɛ ɔdenadeɛ no nim ho bi a, ɔnnsi ananmu; sɛ wɔbɔɔ no paa a, na ne paadie na ɛmaa no baeɛ. Sɛ obi kɔdaadaa ababaa a wɔnnyee no awadeɛ ne no da a, ma no mma tiriadeɛ na ɔnware no. Sɛ n’agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛdeɛ wɔma mmaa bunu tiriadeɛ no. Mma ɔbaa ntafowayifoɔ nntena ase. Obiara a ɔne aboa bɛda no, kum na wɔnku saa onipa no. Deɛ ɔbɛbɔ afɔdeɛ ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnseɛ no korakora. Na ɔhɔhoɔ deɛ, mmɔ no atirimuɔden, nso nhyɛ no so, ɛfiri sɛ mo nso moakɔyɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn. Monnhyɛ ɔbaakunafoɔ anaa awisiaa biara so. Sɛ wohyɛ wɔn so, na wɔsu frɛ me pɛ a, tie na mɛtie wɔn sufrɛ no, na m’abufuo ano ayɛ den, na mede nkrantɛ maku mo, na mo yerenom adanedane akunafoɔ, na mo mma ayeyɛ nwisiaa. Sɛ wofɛm me man mu mmɔborɔni bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, ɛnyɛ no sɛ ɔpempensifoɔ; monnnye no nsiho. Sɛ wogye wo yɔnko ntoma awowa a, sane fa ma no ansa na owia akɔtɔ, ɛfiri sɛ ɛno nko ara ne ne nkataho, ne honam ntoma. Ɛdeɛn na ɔmfa nna? Na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mmɔborɔhunufoɔ ne me. Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no. Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me. Saa ara na yɛ w’anantwie ne wo nnwan; nnanson na ɔne ne na ntena, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me. Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na monnni nam bi a wɔatete mu wɔ wiram; monto ntwene mma akraman.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ. Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani. Na mmɔborɔni nso, nhwɛ n’anim wɔ n’asɛm mu. Sɛ wokɔto wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wafom kwan a, fa no sane brɛ no. Sɛ wohunu deɛ ɔkyiri woɔ afunumu sɛ ɔhyɛ n’adesoa ase a, hwɛ yie na woannya no amma no, sane na wo ne no nsane no. Nnane wo mmɔborɔni asɛm ani wɔ atemmuo mu. Twe wo ho firi atorosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum deɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremmu ɔbɔnefoɔ bem. Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm. Na nhyɛ ɔhɔhoɔ so, na mo ara monim ɔhɔhoɔ kra, ɛfiri sɛ mo nso moayɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn. Mfeɛ nsia na dua w’asase so aduane, na boaboa nnɔbaeɛ no ano sie; na deɛ ɛtɔ so nson no so deɛ, ma asase no nhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafoɔ nni, na deɛ wɔbɛgya no, wiram mmoadoma mmɛdi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo. Nnansia na fa yɛ w’adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne w’afunumu nhome, na w’afenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ. Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu. Mprɛnsa na hyɛ fa ma me afirinhyia mu. Di apiti nnapa no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu berɛ a wɔahyɛ no, ɛfiri sɛ ɛno mu na wofirii Misraim baeɛ; nso obiara mmfa nsapan mmmɛpue m’anim. Di otwa afahyɛ no, na fa w’adeɛ a woduaa no w’afuo mu no aba a ɛdi kan no brɛ me. Afei nso di anoboaboa afahyɛ no, afe awieeɛ a woaboaboa w’adwumadeɛ ano afiri mfuo mu no. Wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn anim mprɛnsa afirinhyia. Mfa m’afɔdeɛ mogya mmɔ afɔdeɛ ngu mmɔreka so, na mma adeɛ nnkye m’afahyɛ mu sradeɛ so. W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu. Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no. Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu. Na sɛ ampa ara wotie ne nne na woyɛ deɛ meka nyinaa a, ɛnneɛ mɛyɛ w’atamfo tamfoɔ na mahiahia w’ahohiahiafoɔ ho. Na me bɔfoɔ no bɛdi w’anim de wo akɔduru Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu, na matu wɔn agu. Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum. Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu. Worenhunu deɛ ɔpɔn anaa obonini wɔ w’asase so; wo nna dodoɔ no mɛma no adu. Mɛma me ho hu adi w’anim, na mama aman a wobɛduru wɔn soɔ nyinaa agyigya, na mama w’atamfo nyinaa adane wɔn akyi akyerɛ wo. Na mɛsoma nkotokurodu adi w’anim na wɔapam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ no wɔ w’anim. Merempamo wɔn w’anim afe koro, na asase no annane amamfo, na wiram mmoadoma ammɛdɔɔso antia wo; nkakrankakra na mɛpamo wɔn w’anim akɔsi sɛ wobɛdɔɔso na woagye asase no. Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim. Ɛne wɔn ne wɔn anyame mmpam. Mma wɔnntena w’asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo fidie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri. Na Mose nko ntwe mpini AWURADE, na wɔn deɛ, wɔnntwe mmpini na ɔman no ne no mmforo mmma. Na Mose ba bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose twerɛɛ AWURADE nsɛm no nyinaa. Na ɔtuaa nhema sii afɔrebukyia bepɔ no ase, ne adum dummienu sɛ Israel mmusuakuo dummienu no ano teɛ. Na ɔsomaa Israelfoɔ no mu mmeranteɛ, na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na Mose de mogya no fa guguu nyaawa mu, na mogya no fa no nso ɔhwie guu afɔrebukyia no so. Na ɔfaa apam nwoma no, na ɔkenkan guu ɔman no aso mu. Ɛnna wɔse: Deɛ AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yɛbɛtie. Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ɔse: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa soɔ no mogya nie. Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ. Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara. Na wantene ne nsa anka Israelfoɔ mu atitire no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wɔdidii na wɔnomee. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔ no so bɛtena ha, na mɛma wo aboɔpono ne mmara ne ahyɛdeɛ a matwerɛ, na woakyerɛkyerɛ wɔn. Na Mose sɔree, ɔne n’abɔfra Yosua, na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn bepɔ no so. Na ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mo deɛ, montena ha ntwɛn yɛn nkɔsi sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma no mmra wɔn nkyɛn. Na Mose foro kɔɔ bepɔ no so, na mununkum bɛkataa bepɔ no so. Na AWURADE animuonyam bɛtenaa Sinai bepɔ so, na mununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose. Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim. Na Mose kɔɔ mununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔ no so; na Mose dii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmɛma me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. Obiara a n’akoma pɛ no nkyɛn na monnye me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. Na yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a monnye no wɔn nkyɛn no: Sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, asaawa fufuo, mmirekyie nwi, adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman nwoma ne okuo nnua; kanea ho ngo, ɔsra ngo ne nnuhwam a wɔhyeɛ ho aduro, apopobibire aboɔ ne aboɔ a wɔde bɛsisi asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu no. Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu. Sɛdeɛ me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nnoɔma nyinaa tebea no, saa ara na monyɛ no. Na wɔmfa okuo nyɛ adaka a ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Na fa sika amapa dura ho, emu ne ɛho nyinaa na dura, na yɛ sika hankra twa ho hyia. Na gu sika nkaa nnan, na fa tuatua ne nan nnan no ho; nkaa mmienu nni fa ha, na nkaa mmienu nni fa ha. Na fa okuo sene mpoma, na fa sika dura ho. Na fa poma no wurawura nkaa no mu wɔ adaka no nkyɛn mu, na wɔmfa nsoa adaka no. Mpoma no nwurawura adaka no ho nkaa no mu; wɔnnyiyi mmfiri mu. Na fa Adanseɛ a mede bɛma woɔ no hyɛ adaka no mu. Na fa sika amapa yɛ mpata adwa, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Na sika a waboro na fa yɛ Kerubim mmienu no, na fa sisi mpata adwa no tiri mmienu no so. Na yɛ kerub baako wɔ etire ha ne kerub baako wɔ etire ha. Mpata adwa no mu na momma kerubim no nyi adie wɔ ne tiri mmienu so soɔ. Na kerubim no ntrɛtrɛ wɔn ntaban mu ɔsoro mfa wɔn ntaban no nkata mpata adwa no so, na wɔn ani nkyerɛkyerɛ wɔn ho; mpata adwa no so na kerubim no ani nkyerɛkyerɛ. Na fa mpata adwa no si adaka no so, na adaka no mu na fa Adanseɛ a mede bɛma woɔ no hyɛ. Na ɛhɔ na me ne wo bɛhyia, na mafiri mpata adwa no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ adaka no soɔ no ntam maka wo nnoɔma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa. Na fa okuo yɛ ɛpono, ne tentene basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn baako ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Na fa sika amapa dura ho, na fa sika hankra twa ho hyia. Na yɛ ɛho mfemfamho a ne trɛ te sɛ nsam hyia, na fa sika hankra twa mfemfamho no ho hyia. Na yɛ sika nkaa nnan, na fa nkaa no sisi ntweaso nnan a ɛwowɔ ne nan ho no so. Mfemfamho no ase pa ara na nkaa no nnie, na ɛnyɛ deɛ wɔde mpoma bɛwurawura mu de asoa ɛpono no. Na fa okuo sene mpoma no, na fa sika duradura ho, na wɔde asoa ɛpono no. Na yɛ ɛso nyowa ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde bɛhwie; sika amapa na fa yɛ. Na fa kyerɛ paanoo sisi ɛpono no so wɔ m’anim daa. Na fa sika amapa a waboro yɛ kaneadua; ne nan ne ne dua; ɛho nhwiren nkuramu, ne kukuduuduu ne ne nhwiren no mfiri ɛno ara mu. Na nsa nsia ntuatua ho, kaneadua no nsa mmiɛnsa ntuatua fa ha, na kaneadua no nsa mmiɛnsa nso ntuatua fa ha. Nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho. Na kaneadua no ho nhwiren nkuramu a ɛte sɛ sorɔno deɛ nnan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Na kukuduuduu nsisi nsa mmienu mmienu a ɛtuatua ho no ase, wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no mu no ase. Ɛho kukuduuduu ne ɛho nsa no mfiri mu ara; ne nyinaa na wɔmfa sika amapa a waboro nyɛ no baako. Na yɛ ɛso nkanea nson, na wɔmfa ne nkanea no nsisi so, na ɛnnɛre wɔ anim nkyerɛ fa hɔ. Na ɛho daawa ne ɛho nso nkuruwa nyɛ sika amapa. Sika amapa dwetikɛseɛ baako na wɔmfa nyɛ, ne ɛho nnoɔma yi nyinaa. Na hwɛ na yɛ no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔde akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini. Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunan, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu. Ntoma no nyinaa nsusuiɛ nyɛ baako. Wɔmfa ntoma no nnum ntoatoa so, baako ntoa baako so; na ntoma nnum nso ntoatoa so, baako ntoa baako so. Na fa bibire bobɔ ntoma baako mmuano so kantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no so. Saa ara na yɛ wɔ ntoma a ɛdi akyire no mmuano so ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ. Nkantankoraa aduonum na bobɔ wɔ ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na bobɔ wɔ ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no nni mmɔanim. Na yɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no yɛ ma ntoma no baako ntoa baako so, na tenabea no nyɛ baako. Na fa mmirekyie nwi yɛ ntoma, na fa yɛ tenabea no so ntomadan. Yɛ no ntoma dubaako. Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunum, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛ nyɛ baako. Na fa ntoma no mu nnum toatoa so yɛ no baako, na fa nsia nso toatoa so yɛ no baako, na buka ntoma a ɛtɔ so nsia no ma no nkata ntomadan no so wɔ anim. Na bobɔ nkantankoraa aduonum wɔ ntoma baako a ɛdi akyire no mmuano so wɔ ntoaeɛ no so, ne nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so. Na yɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no sosɔ nkantankoraa no mu, na ma ntomadan no ntoa nyɛ baako. Na ntomadan no ntoma nkaeɛ a ɛboro soɔ no, ntoma fa no a aka no, nsensɛne tenabea no akyi. Na ntomadan no ntoma no tentene no mu anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha ne anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha no nsensɛne tenabea no nkyɛn mu wɔ ha ne ha nkata so. Na fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntomadan no nkatasoɔ, na fa sukraman nwoma yɛ ɛno so nkatasoɔ. Na fa okuo yɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ. Taaboɔ baako tentene nyɛ basafa nnum, na taaboɔ biara tɛtrɛtɛ nyɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Nan mmienu ntuatua taaboɔ baako ase, na biribi nsosɔ nan baako ne baako mu; saa na yɛ tenabea no ntaaboɔ no nyinaa ho. Sei na yɛ tenabea no ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu nni anafoɔ fam nkyerɛ nifa. Na yɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, nnyinasoɔ mmienu mmienu nhyehyɛ ntaaboɔ no mmaako mmaako ase mma ne nan mmienu mmienu no. Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ntaaboɔ aduonu na ɛnni hɔ, ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, ntaaboɔ no mmaako mmaako ase nnyinasoɔ mmienu mmienu. Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, fa ntaaboɔ nsia yɛ hɔ. Na yɛ tenabea no akyiri ntweaso mmienu no so ntaaboɔ mmienu. Na ɛmpam ho mfiri fam nkɔ, nanso ɛnyɛ mu nkɔduru ne hini so wɔ deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ. Saa ara na ne mmienu nyinaa nyɛ, na ɛnni ntweaso mmienu no soɔ. Na ɛnyɛ ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia, taaboɔ baako ase nnyinasoɔ mmienu, ne taaboɔ baako no ase nnyinasoɔ mmienu. Na fa okuo yɛ mmeamu; enum nyɛ tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ, na mmeamu nnum no nso nyɛ tenabea no nkyɛn baako no ntaaboɔ no deɛ, na mmeamu nnum nso nyɛ tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ. Na mfimfini mmeamu a ɛfa ntaaboɔ no mfimfini no ntwam mfiri tire nkɔduru tire. Na ntaaboɔ no, fa sika duradura ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma no nyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso. Na si tenabea no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔayi akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no. Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ ntwamutam. Ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no. Na fa sɛne okuo adum nnan a wɔaduradura ho sika ho; ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na ɛnsisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so. Na fa ntwamutam no sɛne nkoamu no ase, na fa Adanseɛ adaka no bɛsi ntwamutam no akyi, na ntwamutam no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo. Na fa mpata adwa no si Adanseɛ adaka no so wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ. Na fa ɛpono no si ntwamutam no anim, na kaneadua no nni ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu anafoɔ fam, na fa ɛpono no si nkyɛn mu atifi fam. Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano. Na fa okuo adum nnum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na fa kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnum gu aseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na fa okuo yɛ afɔrebukyia no: Ne tentene basafa mmienu ne fa ne ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu ne fa; afɔrebukyia no nyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ nso nyɛ basafa baako ne fa. Na yɛ ne mmɛn sisi ne ntwea nnan so. Emu ara na ne mmɛn no mfire, na fa kɔbere mfrafraeɛ dura ho. Na yɛ ɛho nsenawa a wɔde ne nso bɛgu mu ne ne sofi ne ne nkoraa ne ne wɔeɛ ne ne nsramma kukuwa, ɛho nnoɔma nyinaa, kɔbere mfrafraeɛ na fa yɛ. Na fa kɔbere mfrafraeɛ nwono ntentan wɔ ho, sɛdeɛ wɔnwono atena, na yɛ atena no so kɔbere mfrafraeɛ nkaa nnan wɔ ne ntwea nnan no so. Na fa si afɔrebukyia no bamma ho wɔ aseɛ, na atena no nnuru afɔrebukyia no mfimfini. Na sensene afɔrebukyia no ho mpoma, okuo mpoma, na fa kɔbere mfrafraeɛ duradura ho. Na wɔmfa mpoma no nwurawura nkaa no mu, na mpoma no nhyehyɛ afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa. Fa ntaaboɔ yɛ, na emu nna kwan. Sɛdeɛ wɔakyerɛ wo bepɔ no soɔ no, saa ara na wɔnyɛ no. Na yɛ tenabea no adihɔ: Na adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono a ne tentene yɛ basafa aduonum nni hɔ wɔ fa baako wɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa, ne n’adum aduonu ne ne nnyinasoɔ aduonu a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ; na adum no mprɛngo ne ne mmeamu nyɛ dwetɛ. Saa ara nso na atifi fam tentene mu no, ntwamutam a ne tentene basafa aduonum ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu nnie; na adum no mprɛngo ne mmeamu no nyɛ dwetɛ. Na adihɔ no tɛtrɛtɛ a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no, ntwamutam basafa aduonu nnum nni hɔ; n’adum du ne ne nnyinasoɔ du. Na adihɔ no tɛtrɛtɛ a ɛdi anim fam a ɛkyerɛ apueeɛ nyɛ basafa aduonu nnum. Nkyɛn ha ntwamutam no nyɛ basafa nson ne fa n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa. Na nkyɛn ha nso ntwamutam no nyɛ basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa. Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan. Adum no a ɛtwa adihɔ no ho hyia nyinaa mmeabeaeɛ a ɛbeabea ho nyɛ dwetɛ, na ne nkɔtɔkorɔ nso nyɛ dwetɛ, na ne nnyinasoɔ ayɛ kɔbere mfrafraeɛ. Adihɔ no tentene nyɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduonu nnum, na ne korɔn nso basafa mmienu ne fa; ntwamutam no nyɛ nwera a wɔafira n’asaawa, na ne nnyinasoɔ nyɛ kɔbere mfrafraeɛ. Tenabea no ho som nyinaa mu adwinneɛ, ne ne mpɛɛwa nyinaa ne adihɔ no ho mpɛɛwa nyinaa nyɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na wo nso, hyɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie anya mu ngo korɔgyenn, na wɔmfa nsɔ kanea no, na nkanea no nsisi so daa. Na Aaron ne ne mma nhwɛ so, ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam a ɛkata Adanseɛ no anim no akyi, mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ a Israelfoɔ nni so wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. Na pam kronkronyɛ ntadeɛ ma wo nua Aaron, animuonyam ne fɛ so. Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntadeɛ no, na wɔmfa nyɛ no kronkron na ɔnni me sɔfoɔ. Na ntadeɛ a wɔmpam nie: Adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ. Na wɔmfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa nyɛ. Na wɔmfa ntomanwono mu anyansadwuma so mfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no. Ɛnnya mmatire mmienu a ɛtoa ano ano, na wɔmfa ntoa. Na asɔfotadeɛ fɛfɛ no nkyekyeremu mfiri mu ara, sɛdeɛ ne yɛbea no teɛ, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira. Na fa apopobibireboɔ mmienu, na kurukyire Israel mma no din wɔ so. Wɔn din no nsia nkɔ ɔboɔ baako so, na wɔn din nsia a aka no nso nkɔ ɔboɔ baako so, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ. Abodwumfoɔ adwuma, nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ na fa kurukyire aboɔ mmienu no soɔ, sɛdeɛ Israel mma no din teɛ; na fa sika mfefaano twa ho hyia. Na fa aboɔ mmienu sisi asɔfotadeɛ no mmatiri so, na ɛnyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israelfoɔ no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmatiri mmienu so nkɔ AWURADE anim mfa nyɛ nkaeɛ. Na yɛ sika mfefaano ne sika ntweaban mmienu; wɔ no mmɛsa yɛ no sɛ nhoma, na fa ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa no hyehyɛ mfefaano no so. Na yɛ atemmuo adaaboɔ, ntomanwono mu anyansadwuma, yɛ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no yɛbea teɛ: Sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ. Ɛnyɛ ahinanan, na wɔmmuka nto so; ne tentene nyɛ saama, na ne trɛ nyɛ saama. Na fa aboɔ sisi mu, aboɔ kyerɛpɛn nnan. Kyerɛpɛn a ɛdi kan nyɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa no nyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan no nyɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no, sika mfefaano ntwa ho nhyia. Na aboɔ no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano teɛ, dummienu, sɛ wɔn din no teɛ; ɛnyɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛ mmusuakuo dummienu no teɛ. Na fa sika amapa yɛ adaaboɔ no so ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa sɛ nhoma. Na yɛ adaaboɔ no so sika nkaa mmienu, na fa nkaa mmienu no hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu so. Na fa sika mmɛsa mmienu no toatoa adaaboɔ no ntwea so nkaa no mu. Na mmɛsa mmienu no ano mmienu a aka no, fa toatoa mfefaano mmienu no mu, na fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no mmatiri mmienu no so anim fam. Na yɛ sika nkaa mmienu fa hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so, ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotadeɛ no. Na yɛ sika nkaa mmienu bio fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ no, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so. Na wɔmfa bibire nhoma nkyekyere adaaboɔ no nkaa no nsosɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu, na ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no ansane amfiri asɔfotadeɛ no so. Na Aaron nsoa Israel mma din atemmuo adaaboɔ no mu n’akoma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkaeɛ daa. Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa. Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotadeɛ no ase batakari. Na tokuro nna mfimfini wɔ n’atifi, na wɔmfa ntomaban a wɔanwono mmare tokuro no ano nhyia te sɛ adaaboɔ mu tokuro, na ansuane. Na mmuano no so no, wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan nyɛ atoaa aba nsɛsoɔ ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛne ntam ntam nhyia. Sika adɔmma ne atoaa aba, ntwa batakari no mmuano ho nhyia. Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛne kronkronbea hɔ AWURADE anim na ɔfiri adi a, wɔate ne nnyegyeeɛ, na wanwu. Na boro sika amapa traatraa, na kurukyire so sɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE. Na fa fam bibire homa so, na ntena abotire no so; abotire no anim na ɛmfam. Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusuo biara a aba akronkronneɛ a Israelfoɔ yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛdeɛ kronkron nyinaa mu no; na ntena ne moma so daa, na AWURADE ani asɔ wɔn. Na nwono nwera damedame atadeɛ yuu no, na yɛ nwera abotitene, na yɛ ntomanwono mu adwini abɔsoɔ. Na Aaron mma no nso, yɛ ntadeɛ ne aboomu ma wɔn, na yɛ abotire bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ. Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ. Na yɛ nwera twakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagya so mfiri asene nkɔsi nsrɛkyire. Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔrebukyia no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔammɔ mmusuo na wɔanwu; ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma no ne n’asefoɔ a wɔbɛdi n’akyire no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei na yɛ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm, ne apiti paanoo ne taterɛ a wɔagu mu ngo, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo; ayuosiam na fa yɛ. Na fa gu kɛntɛn baako mu, na ɛngu kɛntɛn no mu na fa bra, ɛne nantwinini ne adwennini mmienu no. Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn. Na fa ntadeɛ no hyɛ Aaron, atadeɛ yuu ne asɔfotadeɛ ase batakari ne asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no, na fa asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔ ne mu, na fa abotitene no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no fam abotitene no anim, na fa sra ngo hwie gu n’atifi fa sra no. Na fa ne mma no nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ yuu. Na fa aboomu bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmudeɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ. Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwie no atifi. Na kum nantwie no AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na fa nantwie no mogya no bi, na fa wo nsateaa bɔ mu sra afɔrebukyia no mmɛn no ho; na hwie mogya no nyinaa gu afɔrebukyia no ase. Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so. Nantwie no nam ne ne nwoma ne n’agyanan deɛ, fa ogya hye no nsraban no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. Na fa odwennini baako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia. Na twitwa odwennini no asinasini, na hohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho, na fa gu n’asinasini no ne ne tiri so. Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. Na fa odwennini baako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. Na kum odwennini no na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ano, ne wɔn nan nifa kokurobetie ano, na fa mogya no pete afɔrebukyia no ho hyia. Na fa afɔrebukyia no so mogya no bi ne sra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntadeɛ so, ne ne mma no ne ne mma ntadeɛ nso so, na ɛnnwira no ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no nso. Na afei fa odwennini no sradeɛ ne ne sradeɛ dua no ne sradeɛ a ɛkata n’ayamdeɛ ho ne deɛ ɛsensɛne ne mmerɛboɔ ho ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa no, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini, ne paanoo mua baako ne paanoo taterɛ a wɔde ngo afɔre baako ne ɔfam baako firi apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu, na fa ne nyinaa gu Aaron ne ne mma no nsam him di akɔneaba yɛ AWURADE anim ehim afɔdeɛ. Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyi hwa hwanhwam, AWURADE anim: Ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. Na fa Aaron asɔfohyɛ dwennini no yan, na him yɛ ehim afɔdeɛ ma AWURADE, na ɛnyɛ wo kyɛfa. Na ma Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwennini him yan ne mmasoɔ srɛ a wɔahim na wɔama soɔ no nyɛ kronkron, na ɛnyɛ Aaron ne ne mma dea, daa atorɔmudeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmasoɔ afɔdeɛ. Ɛnyɛ mmasoɔ afɔdeɛ a Israelfoɔ de firi wɔn asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu bɔ, wɔn mmasoɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE. Na Aaron ntadeɛ kronkron no nyɛ ne mma deɛ wɔ n’akyi, na wɔnsra wɔn ngo wɔ mu, na wɔmfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ. Ne mma mu deɛ ɔbɛsi n’ananmu adi sɔfoɔ no nhyɛ no nnanson ansa na waba ahyiaeɛ ntomadan no mu abɛsom kronkronbea hɔ. Na fa asɔfohyɛ dwennini no, na noa ne nam no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron. Na Aaron ne ne mma no nni odwennini no nam ne paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔnni nnoɔma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfoɔ na wɔde dwiraa wɔn no, nanso asɔfoɔ nko ara na wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, ɛnneɛ fa ogya hye deɛ ɛkaeɛ no; wɔnnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. Na sei na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛdeɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa. Nnanson na fa hyɛ wɔn asɔfoɔ. Na fa nantwinini bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na ɛnyɛ mpata. Na sɛ wɔrepata afɔrebukyia no so a, prapra ɛho bɔne, na sra no ngo fa yɛ no kronkron. Nnanson na pata afɔrebukyia no soɔ yɛ no kronkron, na afɔrebukyia no ayɛ akronkronneɛ mu kronkron; obiara a ɔka afɔrebukyia no nyɛ kronkron. Na yei ne afɔdeɛ a bɔ wɔ afɔrebukyia no soɔ: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔdeɛ daa. Fa odwan ba no baako bɔ afɔdeɛ anɔpa, na fa odwan ba baako no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ; na fa esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo toa baako ne ɛfa agu soɔ ne bobesa toa baako ne ɛfa ahwiesa ka adwammaa baako ho. Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu a mommɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, deɛ me ne mo bɛhyia na me ne wo akasa hɔ. Na ɛhɔ na me ne Israelfoɔ bɛhyia, na wɔafa m’animuonyam so ayɛ kronkron. Na mɛma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔayɛ me asɔfoɔ. Na mɛtena Israelfoɔ no mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ sɛ mɛtena wɔn mu no, mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yɛ aduhwamhyeɛ bukyia, okuo na fa yɛ. Ne tentene nyɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ anammɔn baako ne fa, na ɛnyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nyɛ basafa baako, na ne mmɛn nso ntuatua mu ara. Na fa sika amapa dura ɛso ne ɛho ne ne mmɛn no ho hyia; na yɛ sika hankra twa ho hyia. Na yɛ ɛho sika nkaa mmienu wɔ ne hankra no ase, wɔ n’afanu, na wɔmfa mpoma nwurawura mu, na wɔde asoa. Na fa okuo sene mpoma no, na duradura ho sika. Na fa si ntwamutam a ɛwɔ Adanseɛ adaka no ho no anim wɔ mpata adwa a ɛsi Adanseɛ no soɔ no anim, deɛ me ne wo bɛhyia hɔ no. Aaron nhye so aduhwam daa anɔpa; ɔsiesie nkanea no a, ɔnhye aduhwam no. Na sɛ Aaron de nkanea no sisi so anwummerɛ a, ɔnhye aduhwam no: Ɛyɛ daa aduhwam a wɔnhye no AWURADE anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Monnhye so aduhwam foforɔ biara, ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ; na monnhwie ahwiesa nso nngu so. Na daa afirinhyia mu prɛko na Aaron mfa bɔne ho mpata afɔdeɛ mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no soɔ; daa afe ɔmpata wɔ so prɛko, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wobu Israelfoɔ ano hwehwɛ wɔn dodoɔ a, wɔn kan yi mu no, wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata adeɛ mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyadeɛ bi amma wɔn mu. Deɛ wɔmma nie: Obiara a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbena fa, sɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ, (dwetɛbena baako yɛ gera aduonu), dwetɛbena fa sɛ AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. Obiara a wadi mfeɛ aduonu ne akyire a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma AWURADE. Sɛ wɔde mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no rema AWURADE de apata ama mo kra a, ɔdefoɔ nnto so, na ohiani nso nnte dwetɛbena fa no so. Na gyegye mpata sika no Israelfoɔ no nsam, na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa yaawa yɛ kuduo nso a n’ase nso yɛ yaawa, na wɔadware mu, na fa si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na gu mu nsuo. Na Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. Sɛ wɔrekɔhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu a, wɔmfa nsuo nhohoro wɔn ho, na wɔanwuwu; anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no abɛsom abɛbɔ ogya afɔdeɛ ama AWURADE a, wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu; na ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma wɔn, ɔno ne n’asefoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo nso fa nnuhwam mu atitire, kurobo a anene nnwetɛbena ahanum ne dupapo hwanhwam saa fa, ahanu aduonum ne mmetire hwanhwam ahanu aduonum ne bɛwewonua hwanhwam ahanum, kronkronbea dwetɛbena so, ne ngodua ngo susutoa baako, na fa yɛ sra ngo kronkron, adufra a wɔafra no adufrafoɔ nyansa mu, na ɛnyɛ sra ngo kronkron. Na fa sra ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no, ne ɛpono no ne ɛho nnoɔma no nyinaa ne kaneadua no ne ɛho nnoɔma no ne aduhwamhyeɛ bukyia no, ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo no ne ne ntaaseɛ no ho; na dwira ho ma no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron; obiara a ɔka no nyɛ kronkron. Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wɔnni me asɔfoɔ. Na ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yei nyɛ sra ngo kronkron mma me, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; wɔnnhwie nngu onipa honam so; na monnsusu so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, enti ɛnyɛ kronkron mma mo. Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhwam, aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwanhwam ne ohwamfufuo korɔgyenn, (wɔnsusu ne nyinaa pɛ), na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ, adufrafoɔ nyansa so adufra a wɔaposa a ɛyɛ korɔgyenn ne kronkron. Na si bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanseɛ no anim ahyiaeɛ ntomadan no mu, deɛ me ne wo bɛhyia no: Ɛnyɛ mo akronkronneɛ mu ade kronkron. Na aduhwam a worebɛyɛ yi, monnsusu so nnyɛ bi mmfa nyɛ wo kronkron mma AWURADE. Obiara a ɔbɛyɛ bie a ɛte sɛ ɛno ahua ahwɛ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu din mafrɛ no, na mede Nyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhunumu ne nimdeɛ ne adwinnie ahodoɔ nyinaa mu, sɛ ɔmfa nnwene ho ne tirim na ɔnni sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ, ne aboɔ a wɔsene sisi adeɛ mu ne nnuasene mu adwini, na ɔnni adwinhodoɔ nyinaa. Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn akoma mu na wɔayɛ deɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa; ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no ne mpata adwa no a ɛsi soɔ no ne ntomadan no ho ade nyinaa; ne ɛpono no ne ɛho nnoɔma ne kaneadua a ɛho teɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne aduhwamhyeɛ bukyia no; ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo ne ne ntaaseɛ no ne mmasoɔ ntadeɛ ne Ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron no ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no; ne sra ngo no ne kronkronbea aduhwam a wɔhyeɛ no. Wɔnyɛ no sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na wo nso ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Me home da no ara na monnie; na ɛyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na moahunu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron. Enti monni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a ɔbɛgu ho fi no, kum na wɔbɛku no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wɔbɛtwa saa kra no afiri ne man mu atwene. Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, kum na wɔbɛku no. Enti Israelfoɔ no nhwɛ homeda no na wɔnni, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, sɛ daa apam. Me ne Israel ntam nsɛnkyerɛnneɛ ne no de kɔsi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛtɔ so nson no ɔhomee na ɔdwodwoo ne ho. Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔ soɔ no, ɔmaa no adanseɛ apono mmienu, aboɔpono a wɔde Nyankopɔn nsateaa atwerɛ soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no. Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi sika nkaa a ɛwowɔ mo yerenom ne mo mmabanin ne mo mmammaa aso mu mfa mmrɛ me. Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn aso mu no de brɛɛ Aaron. Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no. Na Aaron hunuu sɛ wɔn ani gye ho no, ɔsii afɔrebukyia wɔ n’anim; na ɔpaee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ. Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne; wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na afei ma me kwan na me bo nhuru ntia wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛseɛ. Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no? Adɛn nti na Misraimfoɔ nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na ɔbɛyii wɔn kɔeɛ sɛ ɔrekɔkum wɔn mmepɔ soɔ na wapra wɔn afiri asase ani? Sane firi w’abufuhyeɛ no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo ya. Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no. Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho. Na Mose danee ne ho siane firii bepɔ no so, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam, aboɔpono a wɔatwerɛ n’afanu, wɔatwerɛ so ɛha ne ha. Na apono no yɛ Nyankopɔn adwuma, na atwerɛ no yɛ Nyankopɔn atwerɛ a wɔakurukyire no apono no soɔ. Na Yosua tee sɛ ɔman no rebɔ ose na wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔko gyegyeegye wɔ nsraban no mu. Na ɔse: Ɛnyɛ nkonimdie ho sebɔ gyegyeegye na ɛnyɛ nkoguo ho nteamu gyegyeegye, na mmom ɛdwontoɔ gyegyeegye na meteɛ yi. Na ɛbaa sɛ Mose bɛn nsraban no na ɔhunuu nantwie ba ne asa no ara pɛ, ne bo fui, na ɔtoo apono a ɛwɔ ne nsam no gui maa no bobɔe wɔ bepɔ no ase. Na ɔfaa nantwie ba a wɔyɛeɛ no de gya hyee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsuo ani maa Israelfoɔ no nomee. Na Mose bisaa Aaron sɛ: Ɛdeɛn na ɔman yi yɛɛ woɔ a wode bɔne kɛseɛ aba wɔn soɔ yi? Ɛnna Aaron buaa sɛ: Mma me wura bo mmfu, wo ara wonim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim. Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firi Misraim asase so baeɛ no, yɛnnim deɛ ayɛ no. Na mesee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ sika bie no, wɔnyi. Na wɔde maa me, na meto guu gya mu, na nantwie ba yi firi mu bae. Na Mose hunuu sɛ ɔman no agye nsam no (Aaron na ama ɔman no nneyɛɛ agye nsam ama wɔabɔ wɔn ho adapaa, w’atamfo anim no), ɔgyinaa nsraban no tia kaa sɛ: Deɛ ɔwɔ AWURADE afa mmra me nkyɛn. Na Lewifoɔ nyinaa boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momfa mo nkrantɛ mmobɔ mo asene, na montwa nkɔ, na monsane mmra, mfiri nsraban no tia nkɔ tia, na monkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ. Na Lewifoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ɛda no ɔman no mu nnipa bɛyɛ mpensa totɔe. Na Mose kaa sɛ: Moayɛ mo ho kronkron ama AWURADE nnɛ, sɛ obiara bɛsɔre atia ne ba ne ne nua mpo, na mode nhyira aba mo so nnɛ. Na adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo deɛ, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia mɛtumi mapata ama mo bɔne no. Na Mose sane kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkaa sɛ: Ao, bɔne kɛseɛ na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa. Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bɛkyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, pepa me nso firi wo nwoma a woatwerɛ no mu ɛ! Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Deɛ wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpepa no mafiri me nwoma mu. Na afei kɔ, na kɔgya ɔman no kɔ deɛ maka makyerɛ woɔ no; hwɛ, me bɔfoɔ bɛdi w’anim; nanso da a mɛba abɛhwɛ wɔn no, mɛtua wɔn wɔn bɔne so ka. Na sɛ wɔayɛ nantwie ba a Aaron yɛeɛ no nti, AWURADE haa ɔman no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim firi ha kɔ, wo ne ɔman a wokɔyii wɔn firi Misraim baeɛ no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no so. Na mɛsoma ɔbɔfoɔ adi w’anim, na matu Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no. Kɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so; na me deɛ merenni wo mu nkɔ, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asene, na mammene wo ɔkwan no mu. Na ɔman no tee asɛmmɔne yi no, wɔdii abooboo, na obiara anhyɛ n’ahokekadeɛ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Moyɛ ɔman a mo kɔn asene; sɛ medi mo mu kakraa bi ne mo kɔ a, anka mɛhye mo. Na afei monyi mo ho ahokekadeɛ, na menhunu deɛ mɛyɛ mo. Ɛnna Israelfoɔ no yiyii wɔn ho ahokekadeɛ firi bepɔ Horeb ho hɔ ara. Na Mose taa fa ntomadan no de kɔsi nsraban no akyi akyirikyiri, na ɔfrɛɛ no ahyiaeɛ ntomadan. Na obiara a ɔhwehwɛ AWURADE no firi adi kɔ ahyiaeɛ ntomadan no a ɛwɔ nsraban no akyiri no ho. Na sɛ Mose firi kɔ ntomadan no ho a, ɔman no nyinaa sɔresɔre kɔgyinagyina wɔn ntomadan ano, na wɔde Mose akyiri hwɛ ara kɔsi sɛ ɔhyɛne ntomadan no mu. Na sɛ Mose hyɛne ntomadan no mu a, mununkum dum no siane bɛgyina ntomadan no ano, na AWURADE ne Mose kasa. Na ɔman no nyinaa hunu mununkum dum no sɛ ɛgyina ntomadan no ano a, ɔman no nyinaa sɔresɔre, na obiara koto sɔre wɔ ne ntomadan ano. Na AWURADE ne Mose di nhwɛanim kasa sɛ onipa ne ne yɔnko kasa. Na ɔsane ba nsraban no mu a, ne somfoɔ Nun ba Yosua a ɔyɛ aberanteɛ no deɛ, ɔmfiri ntomadan no mu. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, wo ara na woaka akyerɛ me sɛ: Fa ɔman yi kɔ, nanso womma menhunu deɛ wobɛsoma no na ɔne me akorɔ. Nanso wo ara na woaka sɛ: Mede wo din menim wo, na woanya m’anim animuonyam nso. Enti mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, ma menhunu wo kwan ɛ, na mahu wo, na hunu sɛ nkurɔfoɔ yi yɛ wo man a! Na AWURADE kaa sɛ: Me ara ankasa mɛdi wo anim ne wo akɔ, na mama woakɔhome. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ankasa ne yɛn ankɔ deɛ a, ɛnneɛ mfa yɛn mfiri ha nkɔ. Na ɛdeɛn na wɔde bɛhunu wɔ ha sɛ me ne wo man yi anya w’anim adom, ɛnyɛ wo korɔ a wo ne yɛn bɛkorɔ no? Na me ne wo man yi ada nso wɔ aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din menim wo. Na Mose kaa sɛ: Ɛnneɛ, ma menhunu w’animuonyam. Na ɔse: Mɛma me papa nyinaa asene w’anim, na mɛpae me din YHWH (AWURADE) wɔ w’anim; na medom deɛ medom no, na mehunu deɛ mehu no mmɔbɔ no mmɔbɔ. Na ɔse: Wontumi nhunu m’anim, ɛfiri sɛ onipa renhunu m’anim nnya nkwa. Na AWURADE se: Hwɛ, ɔkwan wɔ me nkyɛn ha, na gyina ɔbotan no so; na sɛ m’animuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔboɔ tokuro mu, na mede me nsa makata wo so masene ansa, na mayi me nsa, na woahunu m’akyi fam; na m’anim deɛ, worenhunu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na mentwerɛ kane apono a wobobɔeɛ no so nsɛm no wɔ so. Na siesie wo ho sie anɔpa, na foro bra Sinai bepɔ so anɔpa, na gyina hɔ twɛn me bepɔ no atifi. Mma obiara nnka wo ho mmforo mmma, na mma wɔnnhunu obiara nso bepɔ no so baabiara, na mma nnwan anaa anantwie mmmɛdidi bepɔ no ho. Na Mose senee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na ɔtuaa nhema foro kɔɔ Sinai bepɔ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa aboɔpono mmienu no kuraa ne nsam. Na AWURADE nam mununkum mu sianee, na ɔne no bɛgyinaa hɔ, na ɔpaee n’ankasa ne din YHWH (AWURADE) din. Na AWURADE bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH, (AWURADE, AWURADE), Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, deɛ n’abodwoɔ kyɛre na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii, deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem, na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ, na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie, ɔtua nananom amumuyɛ so ka fa mma ne mma mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so. Na Mose yɛɛ ntɛm kotoo fam sɔree; na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, me deɛ, merepam apam: Wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa soɔ ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wowɔ wɔn mu no nyinaa ahunu AWURADE nnwuma, na adeɛ a merebɛyɛ woɔ no bɛyɛ hu. Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim. Hwɛ wo ho yie na wo ne deɛ ɔte asase a worekɔ soɔ no soɔ no ampam, na wɔammɛdane wo mu fidie; na mmom mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn ɔboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ Asera ngu. Na nsɔre onyame foforɔ biara, ɛfiri sɛ AWURADE a ne din ne oninkunfoɔ no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ; na wo ne deɛ ɔte asase no soɔ no ampam, na wɔdi wɔn anyame akyi bɔ adwaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔdeɛ a, obi ammɛfrɛ wo na woankɔdi n’afɔrebɔdeɛ no bi, na woanware ne mmammaa no bi amma wo ba, na ne mma mmaa no anni wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankɔdi wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman. Nyɛ anyame a wɔaguo mfa. Di apiti nnapɔnna no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na wofiri Misraim baeɛ. Adeɛ biara a ɛbue ɔyafunu ano no ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwie oo, odwan oo, me dea. Na afunumu abakan deɛ, fa odwan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnneɛ bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmɛpue m’anim. Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, home, funtum berɛ mu ne otwa berɛ mu na home. Na hyɛ wo nnapɛn fa no, ayuotwa berɛ mu adekan deɛ no, ɛne anoboa afahyɛ no, afeda mu. Afe mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim. Na mɛtu amanaman no afiri w’anim, na matrɛ w’ahyeɛ mu; na woreforo akɔpue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirinhyia mu mprɛnsa no a, obiara ani remmere w’asase. Mfa mmɔreka nka w’afɔdeɛ a wobɔ no mogya ho, na mma adeɛ nnkye twam afahyɛ afɔdeɛ no so. W’asase so adekan a ɛbɛba kane no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ nsɛm yi fa, ɛfiri sɛ nsɛm yi so na magyina me ne wo ne Israelfoɔ no apam. Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔtwerɛɛ apam nsɛm no, nsɛm du no, apono no so. Na Mose firi Sinai bepɔ so resiane no, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam; na ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, na Mose nnim sɛ ɔne AWURADE kasaeɛ nti, n’anim wedeɛ ahyerɛn. Na Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa hunuu Mose no, na hwɛ, n’anim wedeɛ hyerɛn; na wɔsuroo sɛ wɔbɛbɛn no. Na Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne asafo no mu mpanimfoɔ no nyinaa sane baa ne nkyɛn, na Mose ne wɔn kasae. Na ɛno akyiri no, Israelfoɔ no nyinaa twe bae, na ɔhyɛɛ wɔn deɛ AWURADE ka kyerɛɛ no Sinai bepɔ soɔ no nyinaa. Na Mose ne wɔn wiee kasa no, ɔde nkatanimu kataa n’anim. Na daa sɛ Mose rekɔ AWURADE anim ne no akɔkasa a, ɔyi nkatanimu no de kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie; na ɔfiri adi a ɔbɛka deɛ wɔahyɛ no no kyerɛ Israelfoɔ no. Na sɛ Israelfoɔ no hunu Mose anim sɛ n’anim wedeɛ no ahyerɛn; na Mose de nkatanimu no sane kata n’anim kɔsi sɛ ɔkɔ mu ne no kɔkasa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose hyiaa Israelfoɔ asafo no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. Nsɛm a AWURADE ahyɛ sɛ monni soɔ nie: Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wɔbɛku no. Monnsɔ gya mo tenaberɛ nyinaa homeda. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Monyi mmasoɔ afɔrebɔdeɛ wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a n’akoma pɛ no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ, ne bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, ne asaawa fitaa ne mmirekyie nwi. Deɛ ɛka ho ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman nwoma, okuo nnua, kanea no ho ngo, nnuhwam a wɔde bɛyɛ sra ngo, ɔhyeɛ aduhwam, apopobibire aboɔ, nsisimu aboɔ a wɔde bɛyɛ asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no. Na mo mu akoma mu anyansafoɔ nyinaa mmra mmɛyɛ adeɛ a AWURADE ahyɛ nyinaa, tenabea no, ntomadan ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ ne ne ntaaboɔ a ɛsisi ho, ne mmeamu, n’adum ne ne nnyinasoɔ; adaka no ne ne mpoma, mpata adwa no ne ntwamutam a ɛtwa mu no, ɛpono no ne ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kyerɛ paanoo no. Bio, kaneadua no ne ɛho nnoɔma ne ne nkanea ne ɛho ngo, ne aduhwamhyeɛ bukyia no ne ne mpoma ne sra ngo no ne hyeɛ aduhwam no ne tenabea no ano nkataano no; ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ne kɔbere mfrafraeɛ ntentan no, ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa, kuduo no ne ne ntaaseɛ. Deɛ ɛka ho ne adihɔ no ho ntwamutam no, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano no, tenabea no ho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma; ɔsom ntadeɛ a wɔde som kronkronbea hɔ, Ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron no ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no. Na Israelfoɔ asafo no nyinaa firii Mose anim kɔe. Na wɔbae, obiara a n’akoma kanyan no ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛho som nnoɔma nyinaa ne ntadeɛ kronkron no. Na mmarima ne mmaa nyinaa, dodoɔ a wɔn akoma pɛ nyinaa bae, na wɔde nkapo ne nsomuadeɛ ne mpɛtea ne krakyere ne sika nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika ohim afɔdeɛ brɛ AWURADE, ne obiara a ne nsam wɔ bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa ne mmirekyie nwi ne adwennini nwoma kɔkɔɔ ne sukraman nwoma no de bae; obiara a ɔkura dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ma AWURADE de bae, na obiara a ne nsam wɔ okuo nnua a wɔde bɛyɛ ɔsom nnoɔma no biara nso de bae. Na mmaa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde deɛ wɔtoeɛ no bae, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa; na mmaa a wɔn akoma pɛ de wɔn nyansa mu nyinaa too mmirekyie nwi asaawa. Na mpanimfoɔ no de apopobibire aboɔ ne nsisimu aboɔ a wɔde bɛyɛ asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no bae. Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛyɛ nkanea ngo ne sra ngo ne ɔhyeɛ aduhwam no nso bae. Na Israelfoɔ mu mmarima ne mmaa nyinaa a wɔn akoma pɛ wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu, na ɔde Nyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa, nhunumu, nimdeɛ ne adwinnie nyinaa mu, sɛ ɔnni adwini ahodoɔ; sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ, ne nsisimu aboɔ mu nkurukyireeɛ, nnuasene ne adwini ahodoɔ, na ɔde ahyɛ n’akomam sɛ ɔnkyerɛ ebinom nso. Ɔno ne Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu no. Wɔn na ɔde akoma mu nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wɔnni adwini ahodoɔ nyinaa, sikadwumfoɔ, duadwumfoɔ, ɔnwomfoɔ a ɔdi bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini ne ntomanwomfoɔ deɛ; wɔn a wɔdi adwini biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwini ahodoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a AWURADE ama wɔn nimdeɛ ne nhunumu sɛ wɔnhunu adeɛ no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no. Na Mose frɛɛ Besalel, Oholiab ne animdefoɔ a AWURADE de nyansa ahyɛ wɔn akoma mu nyinaa, wɔn a wɔn akoma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa. Na wɔgyee mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de baa sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ no daa anɔpa. Na adwumfoɔ a wɔyɛ kronkronbea no ho adwuma nyinaa firi wɔn nnwuma a wɔreyɛ no ho ba bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman no ama deɛ wɔde ba no adɔɔso sene deɛ ɛbɛso adwuma a AWURADE hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no. Na Mose hyɛ maa wɔpaee no nsraban no mu sɛ: Ɔbarima oo, ɔbaa oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho mmasoɔ afɔrebɔdeɛ bio. Ɛnna ɔman no de gyaee ba. Ɛfiri sɛ na deɛ wɔanya no dɔɔso ma adwuma no nyinaa sɛ wɔde bɛyɛ ama ebi aka. Na wɔn a wɔyɛ adwuma no animdefoɔ nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛɛ ntoma du, kerubim a ɛyɛ ntomanwono mu adwini na wɔde yɛeɛ. Ntoma biara tentene yɛ basafa dunan, na ntoma biara tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma no nyinaa nsusuiɛ yɛ bafua. Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so maa baako toaa baako so, na ɔde ntoma no nnum nso toatoaa so maa baako toaa baako so. Na ɔde bibire bobɔɔ ntoma baako mmuano so nkantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no mmuano so wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no so; nkantankoraa aduonum na ɔbobɔɔ no ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na ɔbobɔɔ no ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no dii mmɔanim. Na ɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na ɔde nkɔtɔkorɔ no koakoaa ntoma no, na tenabea no yɛɛ fua. Na ɔyɛɛ mmirekyie nwi ntoma de yɛɛ ntomadan wɔ tenabea no so; ntoma dubaako na ɔyɛeɛ. Ntoma baako tentene yɛ basafa dunum, na ntoma baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛm yɛ pɛ. Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so yɛɛ no bafua, na ɔde nsia nso toatoaa so yɛɛ no bafua. Na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum, ntoma a ɛdi akyire no mmuano so, wɔ ntoaeɛ no so, na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so. Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa ntomadan no na ayɛ bafua. Na ɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ ntomadan no nkatasoɔ, na ɔde sukraman nwoma yɛɛ ɛno so nkatasoɔ. Na ɔde okuo yɛɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ no. Taaboɔ baako tentene yɛ basafa nnum, na taaboɔ baako tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Ɛnan mmienu tuatua taaboɔ baako ase, na biribi sosɔ ɛnan baako ne baako mu. Saa na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no nyinaa ho. Na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu di anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa. Na ɔyɛɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan; nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro ase ma ne nan mmienu no, na nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro nso ase ma ne nan mmienu no. Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ɔde ntaaboɔ aduonu kɔsisii hɔ, ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, taaboɔ koro ase nnyinasoɔ mmienu, na koro nso ase nnyinasoɔ mmienu. Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, ɔde ntaaboɔ nsia kɔsisii hɔ. Na ɔde ntaaboɔ mmienu kɔsisii tenabea no akyiri ntwea no so, na ɛpam ho firi fam de rekorɔ, nanso ɛyɛ mu kɔduru ne hini so, deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ: Saa na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa ntwea mmienu no soɔ. Na ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia na ɛwɔ hɔ, taaboɔ biara ase nnyinasoɔ mmienu. Na ɔde okuo yɛɛ mmeamu, tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ enum, ne tenabea no nkyɛn baako no nso ntaaboɔ no mmeamu enum no ne tenabea no akyi, atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ, mmeamu nnum. Na ɔde mfimfini mmeamu no beaa ntaaboɔ no mfimfini de twaa mu firi tire kɔduruu tire. Na ɔde sika duraduraa ntaaboɔ no ho, na ɔde sika yɛɛ ɛho nkaa no sɛ ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na ɔde sika duraduraa mmeamu no ho. Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ ntwamutam; ɔyɛɛ no ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu. Na ɔyɛɛ ɛho okuo adum nnan, na ɔde sika duraduraa ho; ne mprɛngo yɛ sika. Na ɔde dwetɛ nnyinasoɔ nnan guu aseɛ. Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo nkyeremu de yɛɛ ntomadan no ano nkataano. Na ɔyɛɛ ɛho adum nnum ne mprɛngo, na ɔde sika duraduraa n’atifi ne ne mmeamu ho, na ne nnyinasoɔ nnum yɛ kɔbere mfrafraeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Besalel de okuo yɛɛ adaka no, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Na ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho, na ɔyɛɛ sika hankra twaa ho hyiae. Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan de tuatuaa ne nan nnan no ho, nkaa mmienu wɔ ɔfa ha, na nkaa mmienu wɔ ɔfa ha. Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho. Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu, adaka no nkyɛn mu, na wɔde asoa adaka no. Na ɔde sika amapa yɛɛ mpata adwa no, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ sika kerubim mmienu maa no firi mpata adwa no tiri mmienu no mu. Ɔyɛɛ kerub baako wɔ etire ha, na ɔyɛɛ kerub baako nso wɔ etire ha; mpata adwa no mu na ɔmaa kerubim no firii ne tiri mmienu no soɔ. Na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata adwa no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na wɔn anim kyerɛkyerɛ mpata adwa no so. Na ɔde okuo yɛɛ ɛpono no, ne tentene basafa baako, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn baako ne fa, na ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. Na ɔde sika amapa duraa ho, na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae. Na ɔyɛɛ ɛho mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ te sɛ nsam hyiae, na ɔyɛɛ mfemfamho no ho sika hankra hyiae. Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan, na ɔde nkaa no sisii ntwea nnan a ɛwɔ ne nan nnan ho no so. Mfemfamho no ase pa ara na nkaa a ɛyɛ mpoma a wɔde bɛsoa ɛpono no wurabea no wɔ. Na ɔde okuo senee mpoma no, na ɔde sika duraduraa ho, na wɔde asoa ɛpono no. Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛpono no so nnoɔma, ne nyowa ne ne nyowaa ne ne nkuruwa ne ne nkoraa a wɔde bɛhwie. Na ɔde sika amapa a wɔaboro na wɔde yɛɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho kuruwa, ne kukuduuduu ne ne nhwiren firi ɛno ara mu. Na nsa nsia tuatua ho, kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha. Nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren: Saa ara na ɛteɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho. Na kaneadua no ho nkuruwa a ɛte sɛ sorɔno deɛ no yɛ nnan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren; na kukuduuduu no wowɔ nsa mmienu mmienu a ɛtuatua ho no ase, nsa nsia a ɛtuatua ho no ase. Ne kukuduuduu ne ne nsa no tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaborɔ bafua. Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa. Sika amapa dwetikɛseɛ baako na ɔde yɛeɛ ɛne ɛho nnoɔma no nyinaa. Na ɔde okuo yɛɛ aduhwamhyeɛ no afɔrebukyia, ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ anammɔn baako ne fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara. Na ɔde sika amapa duraa ho, ɛso ne ɛho hyiae, ne ne mmɛn no; na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae. Na ɔyɛɛ ɛho sika nkaa mmienu, wɔ ne hankra no ase, ne nkyɛn mu mmienu no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no wurabea na wɔde asoa. Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho. Na ɔyɛɛ sra ngo kronkron ne ɛhyeɛ aduhwam korɔgyenn no, sɛdeɛ odufrafoɔ fra no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔde okuo yɛɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia no, ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ yɛ basafa baako ne fa. Na ɔyɛɛ ne mmɛn, ne mfatorɔ nnan no so, emu ara na na ne mmɛn no tuatua, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho. Na ɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa: Nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa, adinam ne nsramma kukuwa no; ɛho nnoɔma nyinaa, ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ. Na ɔnwonoo afɔrebukyia no ho kɔbere mfrafraeɛ ntentan a wɔanwono no sɛ atena, ne bamma no ase firi fam kɔduru mfimfini. Na ɔguu nkaa nnan tuatuaa kɔbere mfrafraeɛ ntentan no ntwea nnan no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no hyehyɛbea. Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraduraa ho. Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn na wɔde asoa. Ɔde ntaaboɔ na ɛyɛeɛ, na emu da kwan. Na ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ kuduo no, na ne ntaaseɛ nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔnya firii mmaa a wɔba bɛsom, ahyiaeɛ ntomadan no ano, no kɔbere mfrafraeɛ nhwehwɛ mu. Na ɔyɛɛ adihɔ no: Anafoɔ fam a ɛkyerɛ adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono, basafa aduonum, ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu, adum no mprɛngo ne ne mmeaeɛ yɛ dwetɛ; ne atifi fam ntwamutam no, basafa aduonum, n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu, adum no nnadewa ne ne mmeaeɛ yɛ dwetɛ; ne atɔeɛ fam ntwamutam no basafa aduonu nnum, n’adum du ne ne nnyinasoɔ du, adum no nkɔtɔkorɔ ne ne mmeamu yɛ dwetɛ; ne anim fam a ɛkyerɛ apueeɛ deɛ, basafa aduonu nnum, ɔfa ha ntwamutam basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa; na ɔfa baako no deɛ nso adihɔ no aboboano ɔfa ha ne ha ntwamutam basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa. Adihɔ no ntwamutam a ɛtwa ho hyia nyinaa, asaawa fitaa a wɔafira na wɔde yɛeɛ, na adum no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, adum no mprɛngo ne ne mmeamu yɛ dwetɛ, ne tiri nnuraho yɛ dwetɛ; adihɔ no adum nyinaa, dwetɛ mmeaeɛ na ɛbeabea ho; na adihɔ no aboboano nkataano no yɛ adenwono adwuma a wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na ayɛ, na ne tentene yɛ basafa du, na ne sorokorɔ wɔ ne trɛ mu yɛ basafa mmienu ne fa, te sɛ adihɔ no ho ntwamutam no; na n’adum nnan, ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnan, ne nnadewa yɛ dwetɛ, na ne tiri nnuraho ne ne mmeamu yɛ dwetɛ. Na tenabea no ne adihɔ no ho mpɛɛwa a ɛtwa ho hyia no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Yei ne tenabea no, adanseɛ tenabea no ho nnoɔma anobuo, sɛdeɛ wɔnam Mose anomu asɛm so maa Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar buu ano maa Lewifoɔ som no. Na Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa; na deɛ ɔka ne ho ne Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu a ɔyɛ sika ne dua dwumfoɔ ne ɔnwomfoɔ a ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini no. Sika a wɔde yɛɛ adwuma no nyinaa, kronkronbea no ho nnwuma nyinaa, ɛtoɔ sika no, ano si dwetikɛseɛ aduonu nkron ne nnwetɛbena ahanson aduasa, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ. Na asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no dwetɛ ano si dwetikɛseɛ ɔha ne nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ. Wɔn a wɔkan wɔn fraa dodoɔ no mu a wɔadi mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa a wɔyɛ mpem ahansia ne mpensa ne ahanum aduonum no mu biara yii beka baako (a ɛyɛ dwetɛbena fa sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ). Na wɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha no guu kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ no, nnyinasoɔ ɔha no yɛ dwetikɛseɛ ɔha, dwetikɛseɛ baako yɛ nnyinasoɔ baako. Na nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum no, ɔde yɛɛ adum no mprɛngo, na ɔde bi duraduraa etire tire, na ɔde bi beabeaa ho. Na ɛtoɔ kɔbere mfrafraeɛ no ano si dwetikɛseɛ aduɔson ne nnwetɛbena mpem mmienu ahanan. Na ɛno na ɔde yɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ano nnyinasoɔ ne kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia ne ɛho kɔbere mfrafraeɛ ntentan ne afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa, ne adihɔ no nnyinasoɔ a ɛtwa ho hyia, ne adihɔ no aboboano nnyinasoɔ, ne tenabea no ho mpɛɛwa nyinaa, ne adihɔ no mpɛɛwa a ɛtwa ho hyia nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan no, wɔde yɛɛ ɔsom ntadeɛ a wɔde bɛsom kronkronbea hɔ, na wɔyɛɛ Aaron ntade kronkron no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo asɔfotadeɛ no. Na wɔboroo sika tratra twitwaa no nteanteaa sɛ wɔde rebɛsa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa no mu adi no adwini. Wɔyɛɛ ɛho mmatire a wɔde toa. Na wɔkaa ano mmienu no toae; na asɔfotadeɛ no nkyekyeremu a ɛwɔ soɔ no, ɛfiri emu ara te sɛ n’adwini no ara, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔyɛɛ apopobibire aboɔ a ɛsisi sika nnwinneɛ mu a wɔakurukyire soɔ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ Israel mma din teɛ. Na ɔde fam asɔfotadeɛ no mmatiri so sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ aboɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde adwinni nwonoo adaaboɔ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no adwini no teɛ, sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira. Ɛyɛ ahinanan, wɔbuka adaaboɔ no to so, ne tentene yɛ saama na ne tɛtrɛtɛ yɛ saama, na wɔbuka to so. Na wɔde aboɔ kyerɛpɛn nnan sisii mu. Kyerɛpɛn a ɛdi kan no yɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu yɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan yɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no wɔyɛɛ ho sika nnwinneɛ hyiae. Na aboɔ no duru Israel mma no din ano, dummienu, sɛdeɛ wɔn din teɛ; ɛyɛ nsɔanodeɛ kurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛdeɛ mmusuakuo dummienu no teɛ. Na wɔde sika amapa yɛɛ adaaboɔ no so ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa sɛ nhoma no. Na wɔyɛɛ sika nnwinneɛ mmienu ne sika nkaa mmienu, na wɔde nkaa mmienu no hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu so. Na wɔde sika mmɛsa mmienu no koakoaa nkaa mmienu a ɛwowɔ adaaboɔ no ntwea soɔ no mu. Na wɔde mmɛsa mmienu no ano mmienu a aka no koakoaa nnwinneɛ mmienu no mu, na wɔde hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmatiri no so, anim fam. Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so, wɔ ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotadeɛ no. Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu bio de hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so. Na wɔde bibire nhoma kyekyeree adaaboɔ nkaa no de sosɔɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu sɛ ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no antwetwe amfiri asɔfotadeɛ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ no ase batakari no, wɔde birisi na ɛnwonoo ne nyinaa. Na batakari no tokuro da ne mfimfini te sɛ adaaboɔ mu tokuro, wɔde ntomaban abare tokuro no ano ahyia, na ansuane. Na wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔafira yɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ wɔ batakari no mmuano so. Na wɔyɛɛ sika amapa nnɔnnɔmma, na wɔde nnɔnnɔmma no sensɛnee atoaa aba no ntam ntam, batakari no mmuano no so de twaa ho hyiae, atoaa aba no ntam ntam; adɔmma ne atoaa aba, adɔmma ne atoaa aba didi so ara batakari no mmuano so hyia, na wɔde asom, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔde nwera fɛfɛ a wɔanwono yɛɛ ntadeɛ yuu no maa Aaron ne ne mma, na nwera abotitene ne nwera ahokeka abotire ne nwera twakoto a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ayɛ, ne adenwono aboomu a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛeɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔboroo sika amapa tratraa de yɛɛ abɔanimu kronkron no, na wɔtwerɛɛ so atwerɛ sɛ nsɔanodeɛ so nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE. Na wɔde bibire homa kyekyeree fam abotitene no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na wɔyɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa wiee, na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Na wɔde tenabea no brɛɛ Mose: Ntomadan no ne ɛho nnoɔma nyinaa, ne nkɔtɔkorɔ, ne nsisiho ntaaboɔ, ne mmeamu ne ne nsisimu adum ne ne nnyinasoɔ; ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ nkatasoɔ ne sukraman nwoma nkatasoɔ ne ntwamutam no; adanseɛ adaka ne ne mpoma ne mpata adwa no; ɛpono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kyerɛ paanoo no; kaneadua kronkron no, ne ne nkanea a wɔasiesie sisi soɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kanea no ngo; ne sika afɔrebukyia ne sra ngo ne ɔhyeɛ aduhwam ne ntomadan no ano nkataano no; kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ne ɛho kɔbere mfrafraeɛ ntentan no, ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa; nkuduo no ne ne ntaaseɛ; adihɔ no ntwamutam, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano, ne ntampehoma ne ne mpɛɛwa, ne ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no som ho nnoɔma nyinaa; ɔsom ntadeɛ a wɔde som kronkronbea hɔ ne Ɔsɔfoɔ Aaron ntade kronkron ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na Israelfoɔ yɛɛ adwuma no nyinaa. Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na hwɛ, wɔayɛ no sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no, saa ara pɛ na wɔyɛeɛ. Na Mose hyiraa wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na si ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no. Na fa adanseɛ adaka no si mu, na fa ntwamutam no kata adaka no ani. Na fa ɛpono no kɔ mu, na siesie deɛ wɔde sisi soɔ no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa ne nkanea no sisi so. Na fa sika aduhwamhyeɛ bukyia no kɔsi adanseɛ adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛne hɔ. Na fa ɔhyeɛ afɔrebukyia no si ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano. Na fa kuduo no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu. Na sisi adihɔ no hyia, na fa adihɔ no aboboano nkataano no sɛne hɔ. Na fa sra ngo no sra tenabea no ne emu adeɛ nyinaa, na yɛ ɛno ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron na ɛnyɛ akronkronneɛ. Na sra ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ngo, na yɛ afɔrebukyia no kronkron, na afɔrebukyia no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. Na sra kuduo no ne ne ntaaseɛ no ngo, na yɛ no kronkron. Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn. Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na ɔnni me sɔfoɔ. Na fa ne mma nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ, na sra wɔn ngo, sɛdeɛ wosraa wɔn agya no, na wɔnni me asɔfoɔ, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodie, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ. Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, wɔsii tenabea no. Na Mose sii tenabea no, na ɔhyehyɛɛ ne nnyinasoɔ na ɔgyinagyinaa ne ntaaboɔ no, na ɔde ne mmeamu no beabeaa mu, na ɔgyinagyinaa ne nsisimu adum. Na ɔyeree ntomadan no kataa tenabea no so, na ɔde ntomadan no nkatasoɔ no kataa so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔfaa Adanseɛ no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata adwa no sii adaka no so; na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na ɔsii ntwamutam no, na ɔde kataa adanseɛ adaka no ano, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde ɛpono no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ atifi fam wɔ ntwamutam no akyi; na ɔsiesiee ɛso paanoo AWURADE anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde kaneadua no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ anafoɔ fam; na ɔde nkanea no sisii so AWURADE anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde sika afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam no anim; na ɔhyee so aduhwam, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. Na ɔde nkataano no sɛnee tenabea no ano. Na ɔde ɔhyeɛ afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ ne aduane afɔdeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde kuduo no sii ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na ɔde nsuo guu mu sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho. Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho; sɛ wɔkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔsii adihɔ no de twaa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyiae, na ɔde adihɔ no aboboano ntwamutam no sɛnee hɔ. Na Mose wiee adwuma no. Ɛnna mununkum no bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no soɔ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma. Na Mose antumi anhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛfiri sɛ na mununkum no te so, na AWURADE animuonyam ahyɛ tenabea no ma. Na Israelfoɔ akwantuo no nyinaa mu, sɛ mununkum no ma ne ho so firi tenabea no so a, na wɔkɔ wɔn anim; na sɛ mununkum no amma ne ho so a, ɛnneɛ wɔntu ara kɔsi da a ɛma ne ho soɔ. Ɛfiri sɛ wɔn akwantuo no nyinaa mu, na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fie no nyinaa anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ firii Misraimfoɔ asase so akyi afe a ɛtɔ so mmienu, ne bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai serɛ so wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu sɛ: Wo ne Aaron mommu Israel nyinaa ano sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, nhunu mmarima nyinaa mmaako mmaako, wɔn din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, Israel mu obiara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa; wo ne Aaron nkan wɔn sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ, na abusuakuo biara mu ɔbarima bi mmɛka mo ho, ɔbarima a ɔyɛ ne mpanimfie mu otitire. Na mmarima a wɔmfiri mmusuakuo no mu mmɛboa mo no din nie: Ruben deɛ ne Sedeur ba Elisur. Simeon deɛ: Surisadai ba Selumiel. Yuda deɛ: Aminadab ba Nahason. Isakar deɛ: Suar ba Netanel. Sebulon deɛ: Helon ba Eliab. Yosef mma no deɛ: Efraim deɛ: Amihud ba Elisama. Manase deɛ: Pedahsur ba Gamaliel. Benyamin deɛ: Gideoni ba Abidan. Dan deɛ: Amisadai ba Ahieser. Aser deɛ: Okran ba Pagiel. Gad deɛ: Deguel ba Eliasaf. Naftali deɛ: Enan ba Ahira. Yeinom ne asafo no mu nnipa a wɔwɔ din a wɔyɛ wɔn nananom mmusuakuo mu mmapɔmma ne Israel mpem mpem so atitire nie. Na Mose ne Aaron faa mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi, na wɔhyiaa asafo no nyinaa boaa ano, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan, na wɔkaa wɔn awoɔ ntoatoasoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, mmaako mmaako; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na ɔkan wɔn Sinai serɛ soɔ. Na Israel abakan Ruben mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben abusuakuo no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum. Simeon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie mmaako mmaako, mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn maa Simeon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa. Gad mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Gad abusuakuo no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum. Yuda mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Yuda abusuakuo no yɛ mpem aduɔson nnan ne ahansia. Isakar mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum nnan ne ahanan. Sebulon mma, wɔn asefoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ sie, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Sebulon abusuakuo no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan. Yosef mma, Efraim mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Efraim abusuakuo no yɛ mpem aduanan ne ahanum. Manase mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Manase abusuakuo no yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu. Benyamin mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Benyamin abusuakuo no yɛ mpem aduasa nnum ne ahanan. Dan mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Dan abusuakuo no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson. Aser mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Aser abusuakuo no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum. Naftali mma, wɔn asefoɔ, wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie so din dodoɔ, ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so de rekorɔ, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, nnipa a wɔkan wɔn maa Naftali abusuakuo no yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan. Yeinom ne wɔn a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kaneeɛ no, mmarima dummienu a wɔtuatua wɔn mpanimfie ano mmaako mmaako no. Na Israelfoɔ mu nnipa a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire, Israel mu ɔbarima biara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa no, nnipa a wɔkan wɔn no nyinaa yɛ ɔpehansia mmiɛnsa ne ahanum aduonum. Na Lewi mma deɛ, sɛdeɛ wɔn nananom abusuakuo teɛ no, wɔankan wɔn amfra wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Lewi abusuakuo no nko deɛ, nkan wɔn, nanso mmu wɔn dodoɔ ano mfra Israelfoɔ, na wo ara, fa Lewi mma no sisi adanseɛ tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne adeɛ biara a ɛka ho no so, wɔn na wɔnsoa tenabea no ne ɛho nnoɔma nyinaa, na wɔn na wɔnyɛ ho adwuma, na tenabea no ho ara na wɔnkyere wɔn nsraban nhyia. Sɛ wɔretu tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔntutu, na sɛ wɔresi tenabea no a, Lewifoɔ no na wɔnsie; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no. Na Israelfoɔ no mmobɔ nsraban wɔn ara wɔn nsraban mu ne wɔn frankaa ho sɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ mmaako mmaako. Na Lewifoɔ no deɛ, wɔmmɔ adanseɛ tenabea no ho nsraban nhyia, na AWURADE abufuo amma Israelfoɔ asafo no so. Na Lewifoɔ no nkura adanseɛ tenabea no so hwɛ mu. Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Israelfoɔ no nkyere nsraban, wɔn mu biara wɔ ɔno ara ne frankaa ho, ɛne wɔn mpanimfie nsɛnkyerɛnneɛ ho; ahyiaeɛ ntomadan no ntentensoɔ na wɔnkyere nsraban no nhyia. Wɔn a wɔnkyere nsraban apueeɛ fam no ne Yuda nsraban frankaa no ase nnipa sɛdeɛ wɔn dɔm teɛ. Yuda mma no safohempanin Aminadab ba Nahason, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduɔson nnan ne ahansia. Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa soɔ ne Isakar abusuakuo. Isakar mma no safohempanin Suar ba Netanel, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum nnan ne ahanan. Sebulon abusuakuo na ɛtoa soɔ. Sebulon mma no safohempanin ne Helon ba Eliab, na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nson ne ahanan. Wɔn a wɔkan wɔn maa Yuda nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; wɔn na wɔntu kane. Ruben nsraban frankaa ase nnipa nni anafoɔ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Ruben mma no safohempanin ne Sedeur ba Elisur, na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum. Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Simeon abusuakuo. Simeon mma safohempanin Surisadai ba Selumiel, na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa. Na Gad abusuakuo na ɛntoa soɔ. Gad mma no safohempanin ne Reuel ba Eliasaf, na ne dɔm a wɔkan wɔn mpem aduanan nnum ne ahansia aduonum. Wɔn a wɔkan wɔn maa Ruben nsraban no nyinaa yɛ ɔpeha aduonum baako ne ahanan aduonum, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, na wɔn na wɔntɔ so mmienu ntu. Afei ahyiaeɛ ntomadan no ne Lewifoɔ nsraban no ntu nni nsraban ahodoɔ no ntam. Sɛdeɛ wɔkyere nsraban no, saa ara na wɔntuo, wɔn nyinaa wɔ wɔn dibea sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ. Efraim nsraban frankaa nni atɔeɛ fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Efraim mma safohempanin ne Amihud ba Elisama, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduanan ahanum. Na Manase abusuakuo ntoa so. Manase mma no safohempanin ne Pedahsur ba Gamaliel, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa mmienu ne ahanu. Na Benyamin abusuakuo no na ɛntoa soɔ. Benyamin mma no safohempanin ne Gideoni ba Abidan na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduasa nnum ne ahanan. Wɔn a wɔkan wɔn maa Efraim nsraban no nyinaa yɛ nnipa mpemha ne nwɔtwe, ne ɔha sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na wɔn na wɔntɔ so mmiɛnsa ntuo. Dan nsraban frankaa nni atifi fam, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ. Dan mma no safohempanin ne Amisadai ba Ahieser, na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson. Na wɔn a wɔnkyere nsraban ntoa ne soɔ ne Aser abusuakuo. Aser mma no safohempanin ne Okran ba Pagiel, na ne dɔm a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan baako ne ahanum. Na Naftali abusuakuo na ɛntoa soɔ. Naftali mma no safohempanin ne Enan ba Ahira, na ne dɔm a wɔkan wɔn no, mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan. Wɔn a wɔkan wɔn maa Dan nsraban yɛ ɔpeha aduonum nson ne ahansia; wɔn na wɔnni akyire ntuo sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ. Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, nsraban ahodoɔ no mu wɔn a wɔkan wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ, yɛ ɔpeha nsia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum. Na Lewifoɔ no deɛ, wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔkyeree nsraban, sɛdeɛ wɔn mfrankaa no teɛ, na saa nso na wɔtuiɛ, wɔn nyinaa, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasaa Sinai bepɔ soɔ no. Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar. Yeinom ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no din. Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Lewi abusuakuo no bra na fa wɔn bɛgyina ɔsɔfoɔ Aaron anim, na wɔnsom no, na wɔnyɛ ɔno ne asafo no nyinaa adwuma mma wɔn, ahyiaeɛ ntomadan no anim, tenabea no ho som mu, na wɔnhwɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu nnoɔma nyinaa so nyɛ Israelfoɔ nnwuma mma wɔn, tenabea no ho som mu. Na fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mma no, wɔde wɔn ama no koraa afiri Israelfoɔ mu. Na Aaron ne ne mma no deɛ, yi wɔn si hɔ na wɔnkura wɔn asɔfodie no mu; na ɔhɔhoɔ biara a ɔtwe pini ho no, wɔnku no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Na me deɛ, hwɛ, mafa Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ mu asi Israelfoɔ mu mmakan a wɔbue ɔyafunu ano no nyinaa ananmu, enti Lewifoɔ no ayɛ me dea. Na mmakan nyinaa yɛ me dea; da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no, meyɛɛ Israel mu mmakan nyinaa kronkron mefae, ɛfiri onipa so kɔsi afieboa so; wɔyɛ me dea: Mene AWURADE. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, Sinai serɛ so sɛ: Kan Lewi mma no sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, kan wɔn. Na Mose nam AWURADE asɛm no so kan wɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no. Na yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn din teɛ: Gerson, Kohat ne Merari. Na yeinom ne Gerson mma din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo teɛ: Libni ne Simei. Na Kohat mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, ne: Amram ne Isehar, Hebron ne Usiel. Na Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ ne: Mahli ne Musi. Yeinom ne Lewi mmusua no, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ. Gerson deɛ ne Libni abusua ne Simei abusua; yeinom ne Gersonfoɔ mmusua no. Wɔn mu wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa, wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem nson ne ahanum. Gersonfoɔ mmusua yi kyeree nsraban tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam. Na Gersonfoɔ agya fie bapɔmma ne Lael ba Eliasaf. Na deɛ Gerson mma no nhwɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho ne tenabea no ne ntomadan no, ne nkatasoɔ ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no, ne adihɔ no ho ntwamutam no ne adihɔ a ɛtwa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyia no ano nkataano ne ne ntampehoma, ntomadan no ho adwuma nyinaa. Na Kohat deɛ ne Amramfoɔ abusua, Iseharfoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua ne Usielfoɔ abusua; yeinom ne Kohatfoɔ mmusua no. Mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nwɔtwe ne ahansia. Wɔn na wɔyɛ kronkronbea no ho ahwɛfoɔ. Kohat mma no mmusua nkyere nsraban tenabea no nkyɛn, anafoɔ fam. Na Kohatfoɔ mmusua no agya fie bapɔmma ne Usiel ba Elisafan. Na deɛ wɔnhwɛ ne adaka no, ɛpono no, kaneadua no, afɔrebukyia no ne kronkronbea hɔ nnoɔma nyinaa a wɔde som no ne ntwamutam no ne ɛho adwuma nyinaa. Na Lewi mmapɔmma mu panin ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, ɔne wɔn a wɔkura kronkronbea mu no so no mu panin. Merari deɛ ne Mahli abusua ne Musi abusua; yeinom ne Merari mmusua no. Na wɔn a wɔkan wɔn no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa dodoɔ yɛ mpem nsia ne ahanu. Na Merari mmusua no agya fie bapɔmma ne Abihail ba Suriel. Tenabea no nkyɛn na wɔnkyere wɔn nsraban atifi fam. Na Merari mma no hwɛ adwuma ne tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne ɛho adwuma nyinaa, ne adihɔ no ho adum a ɛhyia ho no ne ne nnyinasoɔ ne ɛho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma so. Na wɔn a wɔnkyere nsraban, ahyiaeɛ ntomadan no anim, apueeɛ no, ne Mose ne Aaron ne ne mmammarima a wɔkura kronkronbea no ma Israelfoɔ no; na ɔhɔhoɔ a ɔtwe pini no, wɔnku no. Lewifoɔ a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa yɛ mpemaduonu mmienu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kan Israelfoɔ no mu mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa, na bu wɔn din dodoɔ ano; na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu. Na Mose kan Israelfoɔ mu mmakan nyinaa sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. Na mmakan mmarima a wɔadi bosome ne akyire no nyinaa din dodoɔ, sɛdeɛ wɔn a wɔkan no teɛ no ano si mpemaduonu mmienu ne ahanu aduɔson mmiɛnsa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Lewifoɔ si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu ne Lewifoɔ afieboa si wɔn afieboa ananmu, na Lewifoɔ no nyɛ me dea: Mene AWURADE. Na Israelfoɔ mmakan mu nnipa ahanu aduɔson mmiɛnsa a wɔboro Lewifoɔ soɔ no agyedeɛ deɛ, gye obiara dwetɛbena nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ na gyeɛ, gera aduonu nyɛ dwetɛbena baako; na fa dwetɛ a ɛyɛ wɔn a wɔboro wɔn soɔ no agyedeɛ no ma Aaron ne ne mma. Na Mose gyegyee dwetɛ no wɔn a wɔboro wɔn a Lewifoɔ gyee wɔn no soɔ hɔ. Israelfoɔ mmakan hɔ na ɔgyegyee dwetɛ no, apem ahasa aduosia nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ. Na Mose nam AWURADE asɛm so de wɔn a wɔagye wɔn no tiri dwetɛ no maa Aaron ne ne mma, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Bu Kohat mma no ano firi Lewi mma no mu, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, fa firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ no so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m’adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu. Yei ne Kohat mma no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma: Akronkronneɛ mu ade kronkron no. Na sɛ nsraban no rebɛtu a, Aaron ne ne mma mmra mmɛyi ntwamutam no, na wɔmfa nkata adanseɛ adaka no ho, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nto so, na wɔmfa bibitoma mu nsɛ so, na wɔmfa ne mpoma no nwurawura mu. Na wɔmfa bibitoma nkata anim pono no so, na wɔmfa nyowa no ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa paanoo no nsisi so; na wɔmfa ntoma kɔkɔɔ nsɛ nnoɔma no so, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu. Na wɔmfa bibitoma nkata kaneadua no ne ne nkanea ne n’adaawa ne ne nso nkukuwa ne ne ngo ntoa a wɔde som no nyinaa ho. Na wɔmfa ɛno ne ɛho nnoɔma nyinaa nhyɛ sukraman nwoma nkatasoɔ no mu, na wɔmfa nto pata no so. Na wɔmfa bibitoma nsɛ sika afɔrebukyia no so, na wɔmfa sukraman nwoma nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu. Na wɔmfa ɔsom nnoɔma a wɔde som kronkronbea hɔ no nyinaa nhyɛ bibitoma mu, na wɔmfa sukraman nwoma nkatasoɔ nkata ho, na wɔmfa nto pata no so. Na afɔrebukyia no, wɔnsesa so nso ngu, na wɔmfa ntoma a ɛbere dum nsɛ so, na wɔmfa ɛho nnoɔma a wɔde som so nyinaa, nsramma kukuwa ne adinam ne sofi ne nkoraa no, afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nsɛ so, na wɔmfa ɛho mpoma no nwurawura mu. Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu. Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ahwɛdeɛ ne kanea ngo ne nnuhwam ne daa aduane afɔdeɛ ne sra ngo no, tenabea no nyinaa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa so hwɛ, kronkronbea hɔ ne ɛho nnoɔma fam. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momma wɔntwa Kohatfoɔ mmusua mu abusuakuo no mmfiri Lewifoɔ mu, na yei na monyɛ mma wɔn, na wɔanya nkwa na wɔanwuwu sɛ wɔabɛn akronkronneɛ mu ade kronkron no: Aaron ne ne mma no nhyɛne mu, na wɔmfa wɔn nsisi wɔn adwuma ne wɔn asɛdeɛ ho; na wɔn deɛ, wɔnnhyɛne mu mmfa wɔn ani mmɛbɔ akronkronneɛ no so, na wɔanwuwu. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Bu Gerson mma no nso ano, sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ; kan wɔn firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnsom ahyiaeɛ ntomadan no ho. Yei ne Gersonfoɔ mmusua no som a wɔnsom na wɔnsoa nnoɔma: Wɔn na wɔnsoa tenabea no ntoma no ne ahyiaeɛ ntomadan no, ne nkatasoɔ, ne sukraman akatasoɔ a ɛwɔ soɔ no ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no, ne adihɔ no ho ntwamutam ne adihɔ a ɛtwa tenabea ne afɔrebukyia no ho hyia no aboboano nkataano no ne ne ntampehoma ne ɛho adwuma ho nnoɔma nyinaa; na wɔnyɛ biribiara a ɛhia sɛ wɔyɛ no wɔ ho. Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfoɔ mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛdeɛ nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn nnwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so. Yei ne Gersonfoɔ mma mmusua no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma, na wɔn adwuma no sohwɛ wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam. Merari mma no nso, kan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ. Kan wɔn firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, obiara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa, na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma. Na yei ne nnesoa a wɔnsoa sɛ wɔn ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma; tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ, ne adihɔ a ɛhyia ho no adum ne ne nnyinasoɔ ne ne mpɛɛwa ne ne ntampehoma ne ɛho nnoɔma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa; na monkan nnoɔma a wɔnsoa no mmobɔ din mfa nhyɛ wɔn nsa. Yei ne Merari mma mmusua no adwuma, wɔn ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma nyinaa, wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam. Na Mose ne Aaron ne asafo no mu mmapɔmma no kɔkan Kohatfoɔ mma no sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, wɔde firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma. Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua no soɔ yɛ mpennu ahanson aduonum. Yeinom ne Kohatfoɔ mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam so kan wɔn. Na Gerson mma mu nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma. Wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie soɔ yɛ mpennu ahansia aduasa. Yeinom ne Gerson mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn. Na Merari mma mu nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma, wɔn nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ mmusua teɛ, yɛ mpensa ne ahanu. Yeinom ne Merari mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam no so kan wɔn. Na Lewifoɔ a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ, firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔtumi yɛ ɔsom adwuma anaa nnesoasoa adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu no, wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem nwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe. Sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no na wɔde wɔn sisii wɔn som adwuma ne asɛdeɛ ne deɛ wɔde hyɛɛ wɔn nsa no soɔ mmaako mmaako; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu. Ɔbarima ne ɔbaa na montu no, nsraban no akyi na montu wɔn nkorɔ, na wɔangu mo nsraban a mete mu wɔ mo mu no ho fi. Israelfoɔ no yɛɛ saa, na wɔtuu wɔn kɔɔ nsraban no akyi; sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no, saa na Israelfoɔ no yɛeɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Ɔbarima anaa ɔbaa yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a, ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no. Na sɛ onipa no awu na ɔnni busuani a ɔbɛn no bi ara a wɔde asodideɛ no bɛma no a, wɔmfa asodideɛ a ɛyɛ AWURADE dea no, wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho. Na mmasoɔ adeɛ biara Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde brɛ ɔsɔfoɔ no nyinaa, nyɛ ne deɛ. Na obiara akronkronneɛ yɛ ɔsɔfoɔ no dea; deɛ obiara de ma ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ ɔbarima bi yere firi n’akyi na ɔkɔfom no, na ɔbarima bi ne no da na sɛ wammɔ so ankyerɛ ne kunu, na ne kunu no nnim sɛ ne ho agu fi na ɛho danseni nni hɔ, na wɔankye no wɔ so, na ninkuntwe honhom ba ɔbarima no so na ɔtwe ne yere no ho ninkunu, na ɔbaa no agu ne ho fi ampa, — anaasɛ ninkuntwe honhom ba ne so na ɔtwe ne yere ho ninkunu na ɔbaa no nguu ne ho fi a, ɛnneɛ ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfoɔ no anim. Na ɔmfa ɔbaa no ho ayɛyɛdeɛ, atokosiam olonka abupɛn du mu baako mmra: Ɔnngu so ngo nanso ɔnnto so ohwamfufuo, na ɛyɛ ninkunu ho aduane afɔdeɛ, nkaeɛ aduane afɔdeɛ a wɔde kae amumuyɛ. Na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no mmra mmɛgyina AWURADE anim. Na ɔsɔfoɔ no nsa nsu kronkron ngu kukuo bi mu, na ɔnsa tenabea hɔ fam mfuturo bi, na ɔmfa ngu nsuo no mu; na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no nnyina AWURADE anim, na ɔnyi ne tiri so akatasoɔ, na ɔmfa nkaeɛ aduane afɔdeɛ a ɛne ninkuntwe aduane afɔdeɛ nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfoɔ no nkura nsu nwononwono a ɛde nnome ba no ne nsam. Na ɔsɔfoɔ no mma no nni nse na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae, na sɛ womfirii wo kunu akyiri nkɔguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi ho; na sɛ woafiri wo kunu akyi, na sɛ wo ho agu fi na woama obi ho aka wo sɛ wo kunu a, — ɛno deɛ, ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nni saa nse yi, na ɔsɔfoɔ no nka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w’asrɛ atotɔ mu na wo yafunu ahonhon; na nsuo a ɛde nnome ba yi ahyɛne wo nsono mu ahonhon wo yafunu na w’asrɛ atotɔ mu! Na ɔbaa no nka sɛ: Amen, Amen! Na ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwononwono no mu, na ɔmma ɔbaa no nnom nsu nwononwono a ɛde nnome ba no, na nsuo a ɛde nnome ba no nkɔ ne mu nkɔyɛ nwononwono. Na ɔsɔfoɔ no nnye ɔbaa no nsam ninkuntwe ho aduane afɔdeɛ no, na ɔnhim aduane afɔdeɛ no AWURADE anim, na ɔmfa mpini afɔrebukyia no; na ɔsɔfoɔ no mfa aduane afɔdeɛ no nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛno akyiri no, ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no. Na sɛ ɔma no nom a, na sɛ, wagu ne ho fi na wayɛ ne kunu bɔne a, ɛnneɛ nsuo a ɛde nnome ba no bɛhyɛne ne mu akɔyɛ no nwono, na ne yafunu ahon na n’asrɛ atotɔ mu, na ɔbaa no adane nnome, ne man mu. Na sɛ ɔbaa no ho nguu fi na ne ho te a, ɛnneɛ ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma. Yei ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbaa bi firi ne kunu akyi kɔgu ne ho fi anaasɛ ninkuntwe honhom ba ɔbarima bi so na ɔtwe ne yere ho ninkunu a, ɔmfa ɔbaa no mmɛgyina AWURADE anim, na ɔsɔfoɔ no nyɛ no sɛdeɛ mmara yi hyɛ nyinaa. Na ɔbarima no ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri amumuyɛ no ho, na ɔbaa no asoa n’amumuyɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi de ne ho kɔhyɛ ahotuafoɔ mu hyɛ bɔ sɛ ɔbɛtua ne ho adeɛ de ne ho ama AWURADE a, ɛnneɛ ɔntua ne ho bobesa ne nsa nyinaa; ɔnnnom bobesa a emu ka ne nsa a emu ka, na adeɛ biara a wɔde bobe aba ayɛ nso, ɔnnnom, na bobe aba mono ne dwane nso, ɔnnni; n’ahotua nna nyinaa mu, biribiara a wɔde bobe ho biribi ayɛ, ne nsoeɛ mu aba oo, ne hono oo, ɔnnni. N’ahotua bɔhyɛ nna nyinaa mu no yiwan biara nnka ne ti; ɔnyɛ kronkron nkɔsi sɛ nna a ɔtuaa ne ho maa AWURADE no bɛwie duro; ɔnsi atimum. Nna a watua ne ho adeɛ ama AWURADE no, ɔnnkɔ efunu ho. N’agya ne ne na ne ne nuabarima ne ne nuabaa wuo mu mpo, ɔnnkɔgu ne ho fi, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ahotua wɔ n’atifi. N’ahotua nna nyinaa ɔyɛ kronkron ma AWURADE. Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma no sɛ efunu no nti wafom, na ɔnyɛ ne tiri kronkron bio da no ara. Na ɔntua ne ho adeɛ mma AWURADE n’ahotua nna no, na ɔmfa odwanten ba a wadi afe mmra mmɛbɔ asodie ho afɔdeɛ; na kane nna no ayera, ɛfiri sɛ n’ahotua no ho agu fi. Na yei ne ahotuafoɔ ho mmara: Ɛda a n’ahotua nna wie duro no, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan ano, na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ; ne apiti paanoo, esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo kɛntɛn, ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa. Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra AWURADE anim, na ɔmmɔ ne bɔne ne ne hyeɛ afɔdeɛ. Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nka apiti kɛntɛn no ho, na ɔsɔfoɔ no mmɔ n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa afɔdeɛ. Na ɔhotuafoɔ no nyi n’ahotua ti ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa n’ahotua tirinwi no ngu asomdwoeɛ afɔdeɛ no ase gya mu. Na ɔsɔfoɔ no mfa odwennini no basa a wɔanoa ne kɛntɛn no mu apiti taterɛ baako ne apiti ɔfam baako ngu ɔhotuafoɔ a wanya ayi n’ahotua no nsam; na ɔsɔfoɔ no nhim no ohim afɔdeɛ AWURADE anim, ɛyɛ kronkron ma ɔsɔfoɔ no, ɛne ohim yan ne mmasoɔ srɛ no; ɛno akyiri no ɔhotuafoɔ no nnom bobesa. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhotuafoɔ a, n’ahotua nti, wahyɛ n’ayɛyɛdeɛ ho bɔ ama AWURADE, de ka deɛ ne nsa bɛso soɔ ho; sɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ no, saa na ɔmfa n’ahotua mmara so nyɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Sɛdeɛ monhyira Israelfoɔ no nka nkyerɛ wɔn nie: AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so; AWURADE nte n’anim nkyerɛ wo, na ɔnnom wo; AWURADE mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoeɛ. Na wɔmfa me din nto Israelfoɔ so, na me deɛ, mɛhyira wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose wiee tenabea no sie, na ɔsraa ho ngo, na ɔyɛɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron, na ɔsraa ho ngo na ɔyɛɛ ho kronkron no, Israel mmapɔmma, wɔn mpanimfie so atitire a wɔyɛ mmusuakuo no asafohempanin a wɔhwɛ wɔn a wɔkan wɔn no soɔ no de ayɛyɛdeɛ bae. Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa AWURADE anim. Nteaseɛnam a ɛso wɔ nkatasoɔ nsia ne anantwie dummienu; mmapɔmma baanu de nteaseɛnam baako, na obiara de nantwie baako; na wɔde baa tenabea no anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Gye no wɔn nsam, na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na fa ma Lewifoɔ no, obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ. Na Mose de nteaseɛnam ne anantwie no maa Lewifoɔ no. Ɔde nteaseɛnam mmienu ne anantwie nnan maa Gerson mma sɛdeɛ wɔn adwuma teɛ, na ɔde nteaseɛnam nnan ne anantwie nwɔtwe maa Merari mma, sɛdeɛ wɔn adwuma teɛ, wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam; na Kohat mma deɛ, wamma wɔn bi, ɛfiri sɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔsoa kronkronbea ho nnoɔma no wɔn mmatiri soɔ. Na mmapɔmma no de afɔrebukyia no adwiradeɛ bae, da a wɔsraa no ngo no; na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa afɔrebukyia no anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmapɔmma no mfa wɔn afɔrebukyia dwira ho ayɛyɛdeɛ mmra mmaako mmaako, obiara ne ne da. Na deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ baa da a ɛdi kan ne Aminadab ba Nahason a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no. Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika ayowa baako a ano si nnwetɛbena du a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde wɔn rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Aminadab ba Nahason ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so mmienu no, Suar ba Netanel a ɔyɛ Isakar bapɔmma de bae. N’ayɛyɛdeɛ a ɔde baeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Suar ba Netanel ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Sebulon mma bapɔmma Helon ba Eliab de n’ayɛyɛdeɛ bae. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa, dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Helon ba Eliab ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so nnan no, Ruben mma bapɔmma Sedeur ba Elisur nso bae. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Sedeur ba Elisur ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so nnum no, Simeon mma bapɔmma Surisadai ba Selumiel, n’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Surisadai ba Selumiel ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so nsia no, Gad mma bapɔmma Deguel ba Eliasaf. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Deguel ba Eliasaf ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so nson no, Efraim mma bapɔmma Amihud ba Elisama bae. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Amihud ba Elisama ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, Manase mma bapɔmma Pedahsur ba Gamaliel bae. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Pedahsur ba Gamaliel ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so nkron no, Benyamin mma bapɔmma Gideoni ba Abidan bae. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Gideoni ba Abidan ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so du no, Dan mma bapɔmma Amisadai ba Ahieser bae. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Amisadai ba Ahieser ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so dubaako no, Aser mma bapɔmma Okran ba Pagiel. N’ayɛyɛdeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Okran ba Pagiel ayɛyɛdeɛ. Da a ɛtɔ so dummienu no, Naftali mma bapɔmma Enan ba Ahira. N’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama; sika nnwetɛbena du ayowa baako a aduhwam ayɛ no ma; nantwinini baako, odwennini baako, odwanten ba baako a wadi afe a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; ɔpapo baako a wɔde rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ; ne asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ: Anantwie mmienu, adwennini nnum, mpapo nnum, nnwanten mma a wɔadi afe afe nnum. Yei ne Enan ba Ahira ayɛyɛdeɛ. Yei ne adwiradeɛ a ɛda a wɔsraa afɔrebukyia ho ngo no Israel mmapɔmma no de baeɛ: Dwetɛ nyowa dummienu, dwetɛ nkoraa dummienu, sika nyowaa dummienu. Ayowa no baako yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa, na koraa baako yɛ aduɔson, na nnoɔma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbena mpennu ahanan, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; sika nyowaa a aduhwam ayeyɛ mu amaama dummienu. Ayowa no baako ano si nnwetɛbena du, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ, na nyowaa no sika nyinaa yɛ nnwetɛbena ɔha aduonu. Ɔhyeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini dummienu, adwennini dummienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dummienu ne wɔn nnuane ne ayɛyɛdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu; na asomdwoeɛ afɔdeɛ anantwie no nyinaa yɛ anantwinini aduonu nnan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nnwanten mma a wɔadi afe afe aduosia. Yei ne afɔrebukyia no sra akyiri adwiradeɛ. Na Mose hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛrekasa kyerɛ no firi mpata adwa a ɛwɔ adanseɛ adaka no soɔ no so wɔ kerubim mmienu no ntam; na AWURADE kasa kyerɛɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Wode nkanea no sisi kaneadua so a, nkanea nson no nnɛre wɔ so nkyerɛ anim. Na Aaron yɛɛ saa: Ɔde nkanea no sisii kaneadua no so kyerɛɛ anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na yei ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaborɔ; ɛfiri n’ase kɔsi ne nhwiren soɔ, ɛyɛ sika a wɔaborɔ ara nko; sɛ nhwɛsoɔ a AWURADE maa Mose hwɛeɛ no teɛ no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Yi Lewifoɔ firi Israelfoɔ mu, na dwira wɔn. Na sɛdeɛ dwira wɔn nie: Fa bɔneyie nsuo pete wɔn so, na wɔmfa yiwan nyi wɔn ho nyinaa, na wɔnsi wɔn ntadeɛ, na wɔmfa nte wɔn ho. Na wɔmfa nantwinini ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre; na fa nantwinini foforɔ nso a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Na fa Lewifoɔ no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ma Israelfoɔ asafo mu no nyinaa mmɛbɔ dwa; na fa Lewifoɔ no bra AWURADE anim, na Israelfoɔ no mfa wɔn nsa ngu Lewifoɔ no so; na Aaron nhim Lewifoɔ no, AWURADE anim, sɛ ohim afɔdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ no nsam, na wɔntena ase nyɛ AWURADE som adwuma. Na Lewifoɔ no mfa wɔn nsa ngu anantwie no atifi, na fa baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ, na fa baako nso bɔ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, na pata ma Lewifoɔ no. Na fa Lewifoɔ no gyina Aaron ne ne mma no anim, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ ma AWURADE. Na te Lewifoɔ no firi Israelfoɔ mu, na Lewifoɔ no mmɛyɛ me dea. Ɛno akyiri ansa na Lewifoɔ no mmra mmɛsom ahyiaeɛ ntomadan no ho. Na te wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ, ɛfiri sɛ wɔn na mayi wɔn afiri Israelfoɔ mu; mede wɔn masi adeɛ a ɛbue yafunu ano nyinaa, Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, ananmu mafa. Na Israelfoɔ mu mmakan nyinaa, nnipa mu oo, afieboa mu oo, wɔyɛ me dea: Da a mebobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa no na meyɛɛ wɔn kronkron mefaeɛ. Na mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu. Na mede Lewifoɔ no mama Aaron ne ne mma sɛ akyɛdeɛ afiri Israelfoɔ mu sɛ wɔnyɛ Israelfoɔ no adwuma, ahyiaeɛ ntomadan no mu na wɔmpata mma Israelfoɔ no, na Israelfoɔ no rebɛn kronkronbea hɔ a, ɔhaw biara amma wɔn so. Na Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo mu no nyinaa yɛɛ Lewifoɔ no saa; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose maa Lewifoɔ ho no, saa na Israelfoɔ no yɛɛ wɔn. Na Lewifoɔ no yii wɔn ho bɔne, na wɔsii wɔn ntadeɛ, na Aaron him wɔn sɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na Aaron pata maa wɔn de dwiraa wɔn ho. Ɛno akyiri na Lewifoɔ no ba bɛyɛɛ wɔn som adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu, Aaron ne ne mma no anim; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose, Lewifoɔ no ho no, saa na wɔyɛɛ wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Yei nkɔ mma Lewifoɔ no: Wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu nnum ne akyire no mmra mmɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som mu adwuma no. Na wɔn a wɔadi mfeɛ aduonum no mfiri adwuma no mu, na wɔnnyɛ bio. Nanso wɔnni mmoa wɔn nuanom no, ahyiaeɛ ntomadan no mu, nkura ɛso hwɛ no mu bi, na ɔsom adwuma no na wɔnnnyɛ. Saa na hyehyɛ ma Lewifoɔ no dwumadie ma wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai serɛ so, wɔn Misraim asase so fire afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no mu sɛ: Ma Israelfoɔ no nni twam no ne berɛ mu. Bosome yi da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, monni no ne berɛ mu; sɛdeɛ n’ahyɛdeɛ ne n’akwan nyinaa so na monnie. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnni twam no. Na wɔdii twam no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Sinai serɛ so; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa na Israel mma no yɛeɛ. Na mmarima bi wɔ hɔ a wɔn ho akum wɔ efunu bi ho, na wɔantumi anni twam no ɛda no; na wɔbaa Mose ne Aaron anim da no ara; na mmarima no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛn ho akum wɔ efunu bi ho; adɛn na wɔbɛkame yɛn sɛ yɛmmfa yɛn ayɛyɛdeɛ mmmrɛ AWURADE ne berɛ mu wɔ Israelfoɔ mu? Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnyina hɔ na menkɔtie deɛ AWURADE bɛhyɛ ama mo. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ mo anaa mo asefoɔ mu bi ho kum wɔ efunu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantuo mu akyirikyiri a, ɔnni twam mma AWURADE ara. Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan anwummerɛ na wɔnnie; apiti ne ɛfan nwononwono na wɔmfa nnie: Wɔnnnya bi nnkɔsi anɔpa na wɔmmmu ne dompe; wɔnni twam no ho ahyɛdeɛ no nyinaa so. Na deɛ ne ho teɛ na ɔntuu kwan na ɔpo twam no die no, wɔbɛtwa ɔkra no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ wamfa AWURADE ayɛyɛdeɛ no amma ne berɛ mu; saa onipa no nsoa ne bɔne. Na sɛ ɔhɔhoɔ bi bɛsoɛ mo mu a, ɔnni twam mma AWURADE: Twam ahyɛdeɛ ne ne yɛbea no so na ɔnnie, ɔhɔhoɔ oo, asase no soni oo, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo. Na ɛda a wɔmaa tenabea no so sii hɔ no, mununkum no bɛkataa adanseɛ ntomadan no tenabea no so, na anwummerɛ, wɔhwɛ a, na ɛredɛre sɛ ogya wɔ tenabea no so de kɔsi anɔpa. Saa na na ɛyɛ daa, mununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo. Na sɛ mununkum no ma ne ho so firi ntomadan no so a, na Israelfoɔ no tuo; na deɛ mununkum no gyina no, ɛhɔ na Israelfoɔ no kyere nsraban. AWURADE anomu asɛm so na Israelfoɔ no nam tuo, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban; nna a mununkum no tena tenabea no soɔ nyinaa no, wɔtena nsram. Na sɛ mununkum no di tenabea no so nna pii mpo a, Israelfoɔ no yɛ AWURADE ahyɛdeɛ, na wɔntu. Na sɛ ebia mununkum no tena tenabea no so nna kakraa bi a, AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. Na sɛ ebia mununkum no gyina firi anwummerɛ kɔsi anɔpa na ɛma ne ho so anɔpa a, wɔtu; na sɛ awia ne anadwo na mununkum no ma ne ho so a, wɔtu; na sɛ nnanu, sɛ bosome, sɛ nna bebree, na mununkum no di tenabea no so a na ɛsi so ara a, Israelfoɔ no tena nsram na wɔntu; na sɛ ɛma ne ho so a, na wɔtuo. AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. AWURADE ahyɛdeɛ na wɔyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ dwetɛ ntotorobɛnto mmienu fa, dwetɛ a wɔaborɔ na fa yɛ, na wɔde afrɛ asafo no aba, na wɔde ama wɔatu nsraban no akɔ. Na sɛ wɔhyɛne ne mmienu nyinaa a, asafo no nyinaa ano nhyia wo nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na sɛ wɔhyɛne baako a, mmapɔmma a wɔdi Israel apem apem so atitire no mmɛhyia wo nkyɛn. Na sɛ mohyɛne osebɔ nnyegyeeɛ a, nsraban a ɛdeda anim fam no ntu; na sɛ mohyɛne osebɔ tɔ so mmienu a, nsraban a ɛdeda anafoɔ fam no ntu: Wɔrebɛtuo no, osebɔ na wɔnhyɛne. Na sɛ wɔrebɛma asafo no abɔ dwa a, monhyɛne, na nnyɛ osebɔ nnyegyeeɛ. Na Aaron mma asɔfoɔ no na wɔnhyɛne ntotorobɛnto no; na ɛnyɛ mo daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na sɛ morekɔ ɔsa mo asase so ne ahohiahiafoɔ a wɔhiahia mo ho akɔko a, ɛnneɛ momfa ntotorobɛnto nhyɛne osebɔ nnyegyeeɛ, na wɔnkae mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim, na wɔnnye mo nkwa mo atamfoɔ no nsam. Na mo anigyeɛ nna ne mo afa a mohyɛ ne mo bosome foforɔ no mu nso monhyɛne ntotorobɛnto, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyɛ nkaeɛ mma mo, mo Nyankopɔn anim: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu no, mununkum no maa ne ho so firii adanseɛ tenabea no so. Na Israelfoɔ no tutuu wɔn nsraban sii mu firii Sinai serɛ so, na mununkum no kɔgyinaa Paran serɛ so. Na yei ne deɛ ɛdi kan a wɔnam AWURADE asɛm a ɛnam Mose soɔ no so tuiɛ. Na Yuda mma nsraban frankaa no tuu kane, sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Aminadab ba Nahason die; na Isakar mma abusuakuo dɔm no so na Suar ba Natanel die; na Sebulon mma abusuakuo dɔm no so na Helon ba Eliab die. Ɛnna wɔhwinhwan tenabea no, na Gerson mma ne Merari mma soasoaa tenabea no tui. Na Ruben mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Sedeur ba Elisur die; na Simeon mma abusuakuo dɔm no so na Surisadai ba Selumiel die; na Gad mma abusuakuo dɔm no so na Deuel ba Eliasaf die. Ɛnna Kohatfoɔ no soasoaa akronkronneɛ no tuiɛ; na wɔsii tenabea no de kɔsii sɛ wɔbaeɛ. Na Efraim mma nsraban frankaa no tuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ; na ne dɔm no so na Amihud ba Elisama die; na Manase mma abusuakuo dɔm no so na Pedahsur ba Gamaliel die; na Benyamin mma abusuakuo dɔm no so na Gideoni ba Abidan die. Ɛnna Dan mma nsraban frankaa no tu bɔɔ nsraban no nyinaa kyidɔm sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na ne dɔm no so na Amisadai ba Ahieser die; na Aser mma abusuakuo dɔm no so na Okran ba Pagiel die; na Naftali mma abusuakuo dɔm no so na Enan ba Ahira die. Yei ne Israelfoɔ tuo a wɔtuu sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ teɛ no. Na Mose ka kyerɛɛ n’ase Reuel a ɔyɛ Midianni ba Hobab no sɛ: Yɛretu akɔ deɛ AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Ɛha na mede bɛma mo no; bra ma yɛnkɔ, na yɛbɛyɛ wo yie, ɛfiri sɛ AWURADE aka Israel ho asɛmpa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom me ara m’asase so ne m’abusua mu na mɛkorɔ. Na ɔse: Yei deɛ, nnya yɛn hɔ, na wo na wonim deɛ yɛbɛkyere nsraban ɛserɛ no soɔ nti, yɛ yɛn aniwa; na sɛ wo ne yɛn nante a, papa ko a AWURADE de bɛyɛ yɛn no, yɛde bi bɛyɛ wo. Ɛnna wɔtutu firii AWURADE bepɔ no ho nantee nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekyerɛ wɔn asoɛeɛ; na wɔtu firi nsraban no mu a, na AWURADE mununkum no wɔ wɔn so awia. Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ: AWURADE, sɔre na w’atamfo mmɔ mpete na wɔn a wɔkyiri woɔ nnwane w’anim. Na sɛ ɛsoɛ a, ɔka sɛ: AWURADE, sane bra Israel mpempem no nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano. Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii. Na ɔfrɛɛ hɔ Tabera, ɛfiri sɛ AWURADE gya dɛree wɔ wɔn mu. Na afrafrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ adeɛ, na Israelfoɔ no nso sane suu bio sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Yɛakae nsunam a yɛdii no Misraim kwa ne ɛferɛ, anamuna, fan, gyeene ne aanwo no. Afei yɛn kra akusa, na biribiara nni hɔ sɛ mana a ɛtua yɛn aniwa mu yi nko. Na mana no te sɛ wisa aba, na ɛho te sɛ bedola hyɛ ho. Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam no ayuyammoɔ so anaasɛ wɔsi no nwaduro mu na wɔnoa no ɛsɛn mu, na wɔyɛ no taterɛ, na ne dɛ te sɛ ngo taterɛ dɛ. Na sɛ bosuo tɔ nsraban no so anadwo a, mana no nso tɔ gu so. Na Mose tee sɛ ɔman no resu, wɔn mmusua mu, wɔn ntomadan ano ano; na AWURADE bo huruu no sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahomete. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no bɔne, na adɛn nti na mannya w’anim animuonyam sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me soɔ yi? Me na menyinsɛnee ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wose me sɛ: Turu wɔn wo koko so, sɛdeɛ ɔbayɛnfoɔ turu n’akɔkoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn nananom no so? Ɛhe na mɛnya nam mama ɔman yi nyinaa sɛ wɔsu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yɛnni yi? Me nko ara mentumi menkura ɔman yi nyinaa ɛfiri sɛ wɔyɛ duru ma me. Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no a, ɛnneɛ sɛ m’anim aba nyam w’anim a, kum mmom na ku me, na manhunu m’amaneɛ no. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ. Na mɛsiane na me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo soɔ no bi magu wɔn so na wɔne wo asɔ ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura. Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mobɛdi nam, ɛfiri sɛ moakɔsu agu AWURADE aso mu sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Anka na ɛyɛ ma yɛn wɔ Misraim. Enti AWURADE bɛma mo nam adi: Ɛnyɛ da koro nko na mobɛdie, na ɛnyɛ nnanu, na ɛnyɛ nnanum, na ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu nko, na mmom ɛbɛkɔ akɔsi bosome, akɔsi sɛ ɛbɛfifiri mo hwene mu na afono mo, ɛsiane sɛ moapo AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasu n’anim aka sɛ: Adɛn nti na yɛfirii Misraim baeɛ yi? Na Mose kaa sɛ: Ɔman a mewɔ wɔn mu yi ano si mmarima anammɔnmufoɔ mpem ahansia, na wo deɛ, wose: Mɛma wɔn nam adi bosome? Wɔbɛkunkum nnwan ne anantwie ama wɔn na aso wɔn? Anaasɛ wɔbɛboa ɛpo mu mpataa nyinaa ano ama wɔn na aso wɔn? Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wobɛhunu sɛ m’asɛm bɛba mu ama wo anaasɛ ɛremma mu. Na Mose firii adi kɔkaa AWURADE asɛm no kyerɛɛ ɔman no, na ɔboaa ɔman no mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano, na ɔde wɔn bɛgyinaa ntomadan no ho hyiae. Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio. Na mmarima baanu kaa nsraban no mu, ɔbaako din de Eldad na ɔbaako no de Medad; na honhom no baa wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din no mu, nanso na wɔmfirii adi nkɔɔ ntomadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsraban no mu. Na aberanteɛ bi tutuu mmirika bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Eldad ne Medad reka adiyisɛm nsraban no mu. Na Nun ba Yosua, Mose somfoɔ a ɔyɛ ne mmeranteɛ no mu baako no gyee so sɛ: Me wura Mose, bara wɔn! Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so. Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane baa nsraban no mu. Na mframa firi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko firi ɛpo no ho bɛguu nsraban no so, ɛbɛyɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsraban no ho, wɔn sorokorɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako. Na ɔman no sɔree da mu no nyinaa ne anadwo no nyinaa ne adekyeeɛ nyinaa, na wɔkɔboaboaa mmoko no ano; deɛ ɔnyaa deɛ ɛsua koraa no mpo boaa homer du ano, na wɔhatahatae ara de twaa nsraban no ho hyia fae. Na ɛnam no da so wɔ wɔn se mu a wɔnnya nwesaeɛ no, AWURADE bo huru tiaa ɔman no, na AWURADE de ɔhaw kɛseɛ pa ara bobɔɔ ɔman no. Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee ɔman a adeɛ yɛɛ wɔn akɔnnɔ no. Na ɔman no tu firii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi. Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee. Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa momfiri adi mmra ahyiaeɛ ntomadan no ho. Na wɔn baasa no firii adi. Na AWURADE sianee mununkum dum mu bɛgyinaa ntomadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu firii adi. Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no: Na ɛnte sɛ m’akoa Mose; ɔno na mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa. Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose? Na AWURADE bo fuu wɔn, na ɔsii mu kɔe. Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata. Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo kyɛw nie, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so. Mma no nnyɛ sɛ efunu a ɔfiri ne na yam baeɛ na ne honam fa asɛe dada. Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ! Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio. Na wɔtoo Miriam mu nsraban no akyi nnanson. Na ɔman no antu kɔsii sɛ wɔde Miriam baa mu bio. Na ɛno akyiri no, ɔman no tu firii Haserot, na wɔkɔkyeree nsraban Paran serɛ so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa mmarima soma wɔn, na wɔnkɔsra Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ no; monsoma ɔbarima baako mfiri wɔn nananom abusuakuo biara mu, na wɔn mu biara nyɛ wɔn mu mmapɔmma no bi. Na Mose nam AWURADE asɛm so somaa wɔn firii Paran serɛ so, wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔyɛ Israelfoɔ mu atitire. Na wɔn din nie: Ruben abusuakuo deɛ ne Sakur ba Samua; Simeon abusuakuo deɛ, Hori ba Safat; Yuda abusuakuo deɛ, Yefune ba Kaleb; Isakar abusuakuo deɛ, Yosef ba Igal; Efraim abusuakuo deɛ, Nun ba Hosea; Benyamin abusuakuo deɛ, Rafu ba Palti; Sebulon abusuakuo deɛ, Sodi ba Gadiel; Yosef abusuakuo, mekyerɛ Manase abusuakuo, Susi ba Gadi; Dan abusuakuo deɛ, Gemali ba Amiel; Aser abusuakuo deɛ, Mikael ba Setur; Naftali abusuakuo deɛ, Wofsi ba Nahibi; Gad abusuakuo deɛ, Maki ba Geuel; yeinom ne mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no din. Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua. Na Mose somaa wɔn sɛ wɔnkɔsra Kanaan asase no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔfa Negeb ha yi na monkɔforo mmepɔ no. Na monkɔhwɛ asase no sɛdeɛ ɛteɛ ne aman a wɔtete soɔ no, sɛ wɔyɛ den anaasɛ wɔgo, wɔsua anaasɛ wɔdɔɔso, ne sɛdeɛ asase a wɔtete soɔ no teɛ, sɛ ɛyɛ asase pa anaa bɔne ne sɛdeɛ nkuro a wɔtete mu no teteɛ, sɛ nsraban mu anaa aban mu, ne sɛdeɛ asase no teɛ, sɛ emu yɛ fɔɔfɔɔ anaa pɛsɛɛ sɛ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so; na momfa akokoɔduro ntete asase no so aba bi mmra. Nso na saa berɛ no yɛ bobe aba a ɛdi kan berɛ. Na wɔsii mu kɔ kɔsraa asase no firi Sin serɛ so kɔsii Rehob, deɛ wɔnam kɔ Hamat no. Na wɔforo faa nifa fam, na wɔduruu Hebron deɛ Anak mma Ahiman, Sesai ne Talmai wɔ. (Na Hebron deɛ, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim.) Na wɔduruu Eskol bonhwa mu, na wɔtwaa obobe mman ne bobe esia baako wɔ soɔ wɔ hɔ; na nnipa baanu wuraa no dua, ne atoaa aba bi ne borɔdɔma. Ɛsiane sɛ Israelfoɔ no twaa bobe aba esia wɔ hɔ no nti, wɔfrɛ hɔ Eskol. Na adaduanan duruiɛ no, wɔsane firi asase no so nsra bae. Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israelfoɔ asafo no nyinaa nkyɛn Paran serɛ so wɔ Kades, na wɔbɔɔ wɔn kaseɛ kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba no kyerɛɛ wɔn. Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie. Nanso aman a wɔtete asase no soɔ no yɛ den, na nkuro no, wɔabɔ ho ban, ɛsoso sɛ, na yɛhunuu Anak mma nso wɔ hɔ. Amalek te Negeb asase so, na Hetifoɔ ne Yebusifoɔ ne Amorifoɔ tete bepɔ so, na Kanaanfoɔ tete mpoano ne Yordan ho. Na Kaleb dwodwoo ɔman no maa Mose, na ɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no. Na tumi deɛ, yɛbɛtumi wɔn. Na mmarima a wɔne no kɔeɛ no kaa sɛ: Yɛrentumi nkɔforo ntia ɔman no, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene yɛn. Na wɔmaa asase a wɔkɔsraeɛ no ho atenka bɔne trɛɛ Israelfoɔ no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase a ɛdi ɛsotefoɔ, na nkurɔfoɔ a yɛhunuu wɔn wɔ soɔ no nyinaa yɛ abrane ara nko; na ɛhɔ na yɛhunuu abrane akɛseɛ no, (Anak mma a wɔfiri abrane akɛseɛ no mu no,) na yɛyɛɛ yɛn ara yɛn ani so sɛ mmɛbɛ, na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna asafo mu no nyinaa memaa wɔn nne soɔ, na ɔman no suu anadwo no. Na Israelfoɔ no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛwuwui wɔ Misraim asase so, anaa ɛserɛ so ha mpo. Ɛkaa yɛn nko a, anka yɛawuwu. Na adɛn nti na AWURADE de yɛn reba asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛsane akɔ Misraim bio? Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnsi otitire na yɛnsane nkɔ Misraim. Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam, Israelfoɔ asafo badwa no nyinaa anim. Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra asase no srafoɔ no mu no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asase a yɛtwaa mu kɔsraeɛ no yɛ asase pa ara. Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn. Na asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi Yosua ne Kaleb aboɔ. Ɛnna AWURADE animuonyam puee ahyiaeɛ ntomadan no mu kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Na ɛnkɔsi da bɛn na wɔrennye me nnie, nsɛnkyerɛnneɛ a mayɛ no wɔn mu no nyinaa akyi? Mede owuyadeɛ mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn. Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɛno deɛ, Misraimfoɔ bɛte, ɛfiri sɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afiri wɔn mu; na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofoɔ. Wɔate sɛ wo, AWURADE, wowɔ ɔman yi mu a woma wɔhu wo anim ne anim, AWURADE, na wo mununkum gyina wɔn so, na wo na wodi wɔn anim mununkum dum mu awia, ne ogya dum mu anadwo; na sɛ wokum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ: Ɛnam sɛ AWURADE antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no soɔ nti, na waku wɔn ɛserɛ soɔ. Enti, mesrɛ wo, ma AWURADE tumi no nyɛ kɛseɛ, sɛdeɛ wokaa sɛ: AWURADE yɛ abufuo mu nyaa na n’adɔeɛ so. Ɔde amumuyɛ ne mmrato kyɛ, na bem na ɔmmu deɛ ɔdi fɔ; na ɔtua nananom amumuyɛ so ka de fa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so. Fa ɔman yi amumuyɛ kyɛ wɔn ɛ, sɛdeɛ w’adom kɛseɛ no teɛ ne sɛdeɛ wode akyɛ ɔman yi firi Misraim abɛduru ha yi no. Na AWURADE kaa sɛ: Mede akyɛ wɔn sɛdeɛ w’asɛm seɛ no, nanso sɛ mete aseɛ na AWURADE animuonyam bɛhyɛ asase nyinaa ma yi, mmarima no a wɔhunuu m’animuonyam ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyɛɛ no Misraim ne ɛserɛ soɔ no a wɔasɔ me ahwɛ mprɛdu nie na wɔantie me nne no nyinaa, ampa ara, wɔrenhunu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no, na wɔn a wɔate me atua no mu biara renhunu. Na m’akoa Kaleb deɛ, sɛ honhom a ɛso wɔ ne mu na wadi m’akyi awie nti, mede no bɛduru asase a ɔkɔɔ soɔ no so, na n’asefoɔ adi so. Na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ no te bonhwa no mu, ɔkyena monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wɔnwiinwii tia me no nkɔsi da bɛn? Israelfoɔ anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no, mate. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Me ara sɛ mete aseɛ yi, AWURADE na ɔseɛ, sɛdeɛ moakasa agu m’aso mu no, saa ara na mɛyɛ mo: Ɛserɛ yi so ara na mo afunu bɛdeda; mo mu nnipa a wɔkan wɔn sɛdeɛ mo nyinaa ano sie firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ, mo a monwiinwii tiaa me no, morennuru asase a memaa me nsa so mekyerɛɛ sɛ mede mo bɛtena soɔ no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua. Na mo mma a moka sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum no, wɔn na mede wɔn bɛkɔ soɔ, na wɔahunu asase a moto ho pe no. Na mo deɛ, mo afunu bɛdeda ɛserɛ yi so, na mo mma ayɛ mmoahwɛfoɔ, ɛserɛ so, mfirinhyia aduanan, na wɔasoa mo adwamammɔ akɔsi sɛ mo afunu bɛwie sa ɛserɛ soɔ. Nna a mode kɔsraa asase no dodoɔ a ɛsi adaduanan no mu na monsoa mo amumuyɛ no mfirinhyia aduanan, da koro da koro nyɛ afe afe, na moahunu me poɔ a mapo mo no. Me, AWURADE, na maka: Ampa ara, yei na mede bɛyɛ asafo bɔne a wɔayɛ dɔm atia me yi nyinaa. Ɛserɛ yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ. Na mmarima a Mose soma maa wɔkɔsraa asase no a wɔsane baeɛ na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no sɛ wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no, mmarima a wɔmaa asase no ho atenka bɔne tenneeɛ no wuwuu atɔfoɔ wuo AWURADE anim, gye Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔfra mmarima a wɔkɔsraa asase no mu no nko. Na Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa; na ɔman no dii abooboo pii. Na wɔtuaa nhema foro kɔɔ bepɔ no atifi kaa sɛ: Yɛn nie, yɛbɛforo akɔ deɛ AWURADE kaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne. Na Mose kaa sɛ: Adɛn na mofom AWURADE asɛm no ho yi? Yei deɛ, ɛrenyɛ yie. Mommforo nnkɔ, na AWURADE nni mo mu, na moantotɔ mo atamfoɔ anim; na Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ mo anim hɔ, na mobɛtotɔ nkrantɛ ano; na ɛnam sɛ moasane afiri AWURADE akyiri nti, AWURADE nso renni mo akyi. Na wɔtintim wɔn anim foro kɔɔ bepɔ no atifi; na AWURADE apam adaka no ne Mose anka wɔn ho amfiri nsraban no mu. Ɛnna Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no siane ba bɛkunkumm wɔn bobɔɔ wɔn pete kɔduruu Horma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ moduru asase a morekɔtena soɔ a me ara mede merema mo no so, na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a, ɛnneɛ deɛ ɔde n’ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE no, ɔmfa aduane afɔdeɛ nso mmra, esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre ne ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako, na ɔmfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ dwan ba baako ho. Na odwennini deɛ, deɛ fa bɔ aduane afɔdeɛ ne esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako, na fa ahwiesa susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nso bra, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE. Na sɛ nantwie ba na wode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ de ayɛ w’aboadeɛ, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɛnneɛ aduane afɔdeɛ a ɔmfa nka nantwie ba no ho ne esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo susutoa fa afɔre; na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Saa na wɔnyɛ nantwie biara anaa odwennini biara anaa nnwanten anaa mmirekyie mma mu biara. Sɛ afɔdeɛ a mobɛbɔ no dodoɔ no teɛ no, saa na monyɛ wɔn mu biara, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ. Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ adeɛ yi sei mfa mmɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mma AWURADE. Na sɛ ɔhɔhoɔ bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE a, sɛdeɛ moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no. Ɔman asafo no, ahyɛdeɛ baako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu: Sɛdeɛ moteɛ no, saa nso na ɔhɔhoɔ nyɛ AWURADE anim. Mmara korɔ ne atemmudeɛ korɔ na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu nyinaa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ no: Sɛ moduru asase a mede mo merekɔ soɔ no so, na ɛba sɛ modi asase no so aduane no bi a, momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE, momfa mo mmɔre a ɛdi kan bi taterɛ nyɛ mmasoɔ adeɛ; sɛdeɛ moyɛ ayuporebea mmasoɔ adeɛ no, saa ara na momma soɔ; momfa mo mmɔrekan no bi mma AWURADE sɛ mmasoɔ adeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so, deɛ AWURADE nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, firi da a AWURADE hyɛɛ mmara no de rekɔduru mo awoɔ ntoatoasoɔ so no, na sɛ wɔfom anifasoɔ mu a ɔman no nnim a, ɛnneɛ asafo no nyinaa mfa nantwinini baako mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ, ne ɔpapo baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma Israelfoɔ asafo no nyinaa, na wɔde bɛkyɛ wɔn; ɛfiri sɛ ɛyɛ ɛfom; na wɔn deɛ, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ, AWURADE anim; na wɔde bɛkyɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no, ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa na wɔyɛ maa wɔn ɛfom no mu. Na sɛ obi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɛnneɛ ɔmfa abirekyibereɛ a wadi afe mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata, AWURADE anim, mma ɔkra a ɔfom anifasoɔ mu no, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no. Mmara korɔ na ɛnna hɔ mma mo mma deɛ ɔyɛ biribi anifasoɔ mu; deɛ ɔyɛ Israelfoɔ mu kuromani, ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu. Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ wabu AWURADE asɛm animtia na wabu ne mmara asɛm so: Twa na wɔbɛtwa saa onipa no atwene, n’amumuyɛ da ne so. Na Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ soɔ no, wɔkɔhunuu ɔbarima bi a ɔrepɛ nnyina homeda; na nnipa a wɔhunuu no sɛ ɔrepɛ nnyina no de no brɛɛ Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa; na wɔbɔɔ no dua mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya nkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kum na wɔnkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsi no aboɔ wɔ nsraban no akyi. Ɛnna asafo no nyinaa de no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ maa no wuiɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Wɔnyɛ wɔn ntoma ano nnwo wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na wɔmfa bibire homa nsosɔ ntoma ano nnwo no mu; na ɛnyɛ mo nnwo a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moankɔkyini anni mo akoma ne mo aniwa akyi, sɛdeɛ motaa gyae m’akyiridie kɔbɔ adwaman no. Deɛ ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Kora a n’agya ne Isehar a ɔyɛ Lewi ba Kohat ba no ne Eliab mma Datan, Abiram ne Pelet ba On a wɔfiri Ruben abusua mu, faa nnipa bi, na wɔne Israelfoɔ mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ abadwafoɔ, nnipa a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose; na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so dwa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ayɛ yie! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara na AWURADE wɔ wɔn mu, na adɛn nti na moma mo ho so AWURADE badwa soɔ? Na Mose teeɛ no, ɔde n’anim butuu fam; na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no. Yei na monyɛ: Kora ne n’asafo no nyinaa, momfa aduhwam nkukuwa, na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhwam ngu so, AWURADE anim, ɔkyena. Na ɛbɛba sɛ onipa a AWURADE bɛyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei deɛ, ayɛ yie, mo Lewi mma! Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, montie me ɛ! Ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no ate mo afiri Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn? Na wama wo ne wo nuanom Lewi mma a wɔka wo ho nyinaa abɛn no, na morepɛ asɔfodie nso yi? Enti AWURADE na wo ne w’asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron deɛ, hwan ne no na monwiinwii tia no? Na Mose soma maa wɔkɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram; na wɔse: Yɛremma! Ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afiri asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so rebɛku yɛn ɛserɛ soɔ, na woredi yɛn so abakomasɛm nso yi? Nso womfaa yɛn mmaa asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma! Ɛnna Mose bo fuu pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnane w’ani nkyerɛ wɔn aduane afɔdeɛ. Mennyee wɔn nsam afunumu baako mpo, nso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi. Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Wo ne w’asafo no nyinaa mmra AWURADE anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena; na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhwam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra. Na wɔn mu obiara faa ne kukuwa, na wɔsosoo gya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so de bɛgyinagyinaa ahyiaeɛ ntomadan no ano, wɔne Mose ne Aaron. Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so dwa ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Montwe mo ho mfiri asafo yi mu, na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa? Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Mose sɔre sii mu kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn; na Israel mpanimfoɔ dii n’akyi kɔe. Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfiri nnipa abɔnefoɔ yi ntomadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ. Na wɔtwee wɔn ho firii Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Datan ne Abiram firii adi bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan ano, wɔne wɔn yerenom, wɔn mma ne wɔn mmotafowa nyinaa. Na Mose kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛɛ yi nyinaa, na ɛmfiri me ara: Sɛdeɛ nnipa nyinaa wuo na yeinom bɛwuwuo na deɛ ɛto nnipa nyinaa na ɛto wɔn a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔsomaa me; na sɛ ade foforɔ na AWURADE bɛbɔ na asase bɛbue n’ano amene wɔn ne deɛ ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asiane akɔ Asamando a, ɛnneɛ monhunu sɛ mmarima yi abu AWURADE animtia. Na ɔwiee nsɛm yi nyinaa ka no, wɔn ase asase paee, na asase buee n’ano menee wɔn ne wɔn afie ne nnipa a wɔkaa Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa; na wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa nam anikan siane kɔɔ Asamando, na asase sram wɔn so, na wɔyeraa wɔ ɔman asafo no mu. Na Israelfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa dwanee wɔ wɔn gyegyeegye no ano, kaa sɛ: Anyɛ a asase bɛmene yɛn nso! Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhwam no baeɛ no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa, na ɔntase nkukuwa no mfiri nhyeeɛ no mu, na dwiri ogya no petepete; na ɛyɛ kronkron: Nnebɔneyɛfoɔ yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abena atɛtrɛtɛ nkata afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israelfoɔ no. Na Ɔsɔfoɔ Eleasa faa kɔbere mfrafraeɛ nkukuwa a wɔn a wɔahyeɛ no de baeɛ no, na wɔboro de yɛɛ afɔrebukyia no ho nkataho, sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ nkaeɛ adeɛ, na onipa foforɔ a ɔmfiri Aaron asefoɔ mu no ammɛn ammɛhye aduhwam AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne n’asafo no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no. Na adeɛ kyeeɛ no, Israel asafo no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE nkurɔfoɔ. Na asafo no boaboaa wɔn ano tiaa Mose ne Aaron no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no, na hwɛ, na mununkum no akata so, na AWURADE animuonyam yii ne ho adi. Na Mose ne Aaron baa ahyiaeɛ ntomadan no anim. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Monsɔre mfiri asafo yi mu na memmene wɔn amonom. Na wɔde wɔn anim butubutuu fam. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na so afɔrebukyia no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ afiri AWURADE anim afi. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ. Na Aaron faa deɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu mmirika kɔɔ asafo no mu; na hwɛ, na ɔyaredɔm no afiri aseɛ ɔman no mu; na ɔde aduhwam no mae de pata maa ɔman no. Na ɔgyinaa awufoɔ ne anikanfoɔ no ntam, na wɔsii ɔyaredɔm no ano. Na nnipa a wɔwuwuu ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahanson, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wɔwuiɛ no. Na ɔyaredɔm no to twaeɛ no, Aaron sane baa Mose nkyɛn ahyiaeɛ ntomadan no ano.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no, na gyegye wɔn hɔ wɔn mpanimfie mu mpoma mmaako mmaako, mmapɔmma no nyinaa hɔ mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no, na twerɛtwerɛ wɔn din hyehyɛ wɔn mpoma no so. Aaron din na twerɛ hyɛ Lewi poma soɔ: Ɛfiri sɛ poma biara yɛ mpanimfie biara mu otitire no deɛ. Na gya gu ahyiaeɛ ntomadan no mu, Adanseɛ no anim, deɛ me ne mo hyia hɔ no. Na ɔbarima a mɛyi no no poma bɛfefɛ, na mama me ho anwiinwii a Israelfoɔ nwiinwii tia mo no agyae. Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no; na wɔn mmapɔmma no nyinaa memaa no mpoma mmaako mmaako; mpoma dummienu, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ no; na Aaron poma wɔ wɔn mpoma no mu. Na Mose gyaa mpoma no guu AWURADE anim adanseɛ ntomadan no mu. Na adeɛ kyeeɛ a Mose kɔɔ adanseɛ ntomadan no mu no, na hwɛ, Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie deɛ no afefɛ ayɛ frɔmfrɔm agu nhwiren na aso sorɔno aba abere. Na Mose tasee mpoma no nyinaa de firii AWURADE anim firii adi brɛɛ Israelfoɔ no nyinaa, na wɔhwɛe, na wɔn mu biara faa ne poma. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron poma no sane bra Adanseɛ no anim na wɔmfa nsie, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma asoɔdenfoɔ no, na woatwa wɔn anwiinwii a wɔnwiinwii tia me no so, na wɔanwuwu. Na Mose yɛɛ saa. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, saa ara na ɔyɛeɛ. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, yɛrewuwu, yɛresɛe, yɛn nyinaa resɛe! Obiara a ɔbɛn AWURADE tenabea no wu: Yɛn nyinaa nwie sa anaa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma ne wo mpanimfie nyinaa, monsoa kronkronbea no ho amumuyɛ, na wo ne wo mma a wɔka wo ho no, monsoa mo asɔfodie ho amumuyɛ. Na wo nuanom nso, Lewi abusuakuo, w’agya abusuakuo no, fa wɔn ka wo ho bra, na wɔmmoa wɔ ɔsom mu; nanso wo ne wo mma a wɔka wo ho no na monsom, adanseɛ ntomadan no anim, na wɔnkura w’adwuma no mu bi na wɔnyɛ ntomadan no ho nnwuma nyinaa; na kronkronbea nnoɔma ne afɔrebukyia no ho nko na wɔmmpini, na wɔne mo nyinaa nso anwuwu. Na wɔnka wo ho, na wɔnkura ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma no mu, nyɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa, na onipa foforɔ biara ammɛn mo. Na monhwɛ kronkronbea no ho nnwuma no ne afɔrebukyia no ho nnwuma no, na abufuhyeɛ bi amma Israelfoɔ no so bio. Na me deɛ, hwɛ, mafa mo nuanom Lewifoɔ afiri Israelfoɔ no mu ama mo sɛ akyɛdeɛ a wɔde ama AWURADE, sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma no. Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Me deɛ, hwɛ, mede me mmasoɔ adeɛ so hwɛ mema wo; Israelfoɔ akronkronneɛ nyinaa, mede mama wo ne wo mma sɛ daa kyɛfa. Akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri ogya no mu a ɛnyɛ wo deɛ nie: Wɔn ayɛyɛdeɛ biara a wɔde ba, wɔn aduane afɔdeɛ biara ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ biara ne wɔn asodie ho afɔdeɛ biara a wɔde brɛ me nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron mma wo ne wo mma no. Di no faako a ɛhɔ yɛ kronkron pa ara, mmarima nyinaa nni bi, ɛnyɛ wo ade kronkron. Na yei nso nyɛ wo deɛ: Wɔn ayɛyɛdeɛ mu mmasoɔ adeɛ, Israelfoɔ him afɔdeɛ nyinaa; wɔde ama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho sɛ daa kyɛfa; obiara a ne ho teɛ wo fie mu nni bi. Ngo foforɔ mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa ne nsa foforɔ ne ayuo mu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa, emu adikan a wɔde ma AWURADE no, wo na wɔde ama woɔ. Wɔn asase so ade nyinaa mu adikan a wɔde brɛ AWURADE no, ɛnyɛ wo deɛ; obiara a ne ho teɛ wɔ wo fie nni bi. Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wo deɛ. Adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ɔhonam nyinaa mu a wɔde brɛ AWURADE no, onipa oo, afieboa oo, ɛnyɛ wo deɛ; nnipa mmakan ne afieboa a wɔn ho nteɛ mmakan nso, wɔnhyɛ wɔn ananmu. Na ananmuhyɛdeɛ no deɛ, (deɛ wadi bosome no, ma wɔnnye no) dwetɛ nnwetɛbena nnum a wobɛhyɛ ama wɔn sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena a ano si gera aduonu no teɛ. Na nantwie abakan anaa odwanten abakan anaa abirekyie abakan deɛ, mma wɔnnhyɛ ananmu, na wɔyɛ kronkron; fa wɔn mogya pete afɔrebukyia no so na hye wɔn sradeɛ ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Na wɔn nam nyɛ wo deɛ sɛ ohim yan ne srɛ nifa no yɛ wo deɛ no. Akronkronneɛ mu mmasoɔ adeɛ a Israelfoɔ de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɛnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Wɔn asase no bi na worennie, na worennya kyɛfa biara wɔn mu: Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ Israelfoɔ mu. Na Lewifoɔ no deɛ, wɔn som a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu no nti, hwɛ, mede Israel mu ntotosoɔ du du nyinaa mama wɔn sɛ agyapadeɛ. Na Israelfoɔ no mmpinkyɛ ahyiaeɛ ntomadan no bio, na wɔamfa mmusuo anwuwu; na Lewifoɔ no deɛ, wɔn na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, na wɔnsoa ɛho mmusuo: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Israelfoɔ mu deɛ, wɔrennya agyapadeɛ biara. Na Israelfoɔ ntotosoɔ du du a wɔmema so yɛ mmasoɔ adeɛ ma AWURADE no, mede mama Lewifoɔ no sɛ agyapadeɛ, ɛno nti na maka no wɔn ho sɛ: Wɔrennya agyapadeɛ biara Israelfoɔ mu no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Lewifoɔ no deɛ, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mogyegye Israelfoɔ hɔ ntotosoɔ du du a mede mama mo firi wɔn nkyɛn sɛ mo agyapadeɛ no a, ɛnneɛ momma emu bi so nyɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ, ntotosoɔ du du no mu ntosoɔ du. Na wɔmmu mo mmasoɔ adeɛ mma mo sɛ ayuporebea ayuo ne nsa-kyi-amena mu adenya. Enti mo nso momma mmasoɔ adeɛ so mma AWURADE mfiri mo ntotosoɔ du du a mogyegye no Israelfoɔ no hɔ nyinaa mu, na momfa emu mmasoɔ adeɛ a ɛyɛ AWURADE deɛ no mma Ɔsɔfoɔ Aaron. Adeɛ a wɔbɛma mo nyinaa mu na momma AWURADE mmasoɔ adeɛ nyinaa, emu deɛ ɛyɛ koraa no nyinaa mu akronkronneɛ. Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Morema emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, wɔmmu deɛ aka no mma Lewifoɔ sɛ ayuporebea nnɔbaeɛ ne nsa-kyi-amena mu adenya. Na monni no baabiara, mo ne mo fiefoɔ, na ɛyɛ mo ahyiaeɛ ntomadan ho som adwuma so akatua. Na moma emu deɛ ɛyɛ koraa no so a, ɛnneɛ mmusuo biara nna mo so, na monngu Israelfoɔ akronkronneɛ ho fi, na moanwuwu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne mmara mu ahyɛdeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔmfa nantwibereɛ kɔkɔɔ a ɔdi mu a ɔnni dɛm a kɔnnua nkɔɔ ne so pɛn mmrɛ wo; na momfa no mma Ɔsɔfoɔ Eleasa, na ɔmfa no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔnku no n’anim. Na Ɔsɔfoɔ Eleasa mfa ne nsateaa nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiaeɛ ntomadan no anim fam mprɛnson. Na wɔnhye nantwibereɛ no wɔ n’anim, ne nwoma ne ne nam ne ne mogya ne ne sɛbeɛ no. Na ɔsɔfoɔ no mfa tweneduro ne adwera ne kuntu kɔkɔɔ ngu nantwibereɛ a ɔrehyeɛ no so. Na ɔsɔfoɔ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ɛno akyiri ansa na ɔmmra nsraban no mu; na ɔsɔfoɔ no ho nte kɔsi anwummerɛ. Na deɛ ɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ nsuo mu, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na ɔbarima bi a ne ho teɛ nsesa nantwibereɛ no nso no mfa nkɔgu nsraban no akyi baabi a ɛhɔ teɛ, na ɛnyɛ Israelfoɔ asafo no ahodwira nsuo nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. Na deɛ ɔsesaa nantwibereɛ no nso no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma Israel mma ne ɔhɔhoɔ a ɔsoɛ wɔn mu. Deɛ ɔka onipa biara funu no, ne ho nte nnanson; ɔno na ɔmfa yei nnwira ne ho mfiri ne bɔne mu da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ne ho ate; na sɛ wannwira ne ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no a, ne ho rente. Obiara a ɔka owufoɔ, onipa bi a wawuo funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wɔntwa saa ɔkra no mfiri Israel mu ntwene, ɛfiri sɛ ahodwira nsuo a wɔampete angu ne soɔ nti, ne ho nte, ne ho fi da so wɔ ne ho. Yei ne mmara a ɛwɔ hɔ berɛ a obi awu ntomadan mu: Sɛ onipa wu ntomadan mu a, obiara a ɔba ntomadan no mu ne adeɛ biara a ɛwɔ ntomadan no mu no ho nte nnanson; adeɛ biara a ano da hɔ na ɛnni mmuasoɔ ne ɛho homa no, ɛho nte. Na obiara a ɔka deɛ watɔ nkrantɛ ano anaa efunu bi anaa onipa nnompe anaa ɛda bi wiram no, ne ho nte nnanson. Na deɛ ne ho nteɛ no, wɔmfa bɔne ho afɔdeɛ a wɔahyeɛ no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasuo ngu so adeɛ bi mu; na ɔbarima a ne ho teɛ bi mfa adwera mmɔ nsuo no mu, na ɔmpete ngu ntomadan no ne emu nnoɔma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne deɛ waka dompe anaa ɔtɔfoɔ anaa efunu anaa ɛda bi no so. Na deɛ ne ho teɛ no mpete ngu deɛ ne ho nteɛ no so, da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira ne ho da a ɛtɔ so nson no, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho ate anwummerɛ. Na onipa a ne ho nteɛ na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ɔman asafo no mu, ɛfiri sɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsuo no angu ne so, enti ne ho nte. Na yei nyɛ wɔn daa ahyɛdeɛ. Na deɛ ɔpetee ahodwira nsuo no nsi ne ntadeɛ; na deɛ ɔka ahodwira nsuo no ho nte kɔsi anwummerɛ; na adeɛ biara a deɛ ne ho nteɛ no ka no ho nte, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa baa Sin serɛ so, bosome a ɛdi kan no mu, na ɔman no tenaa Kades; na Miriam wuu wɔ hɔ, na wɔsiee no hɔ ara. Na nsuo nni hɔ mma asafo no, na wɔhyia tiaa Mose ne Aaron. Na ɔman no ne Mose hamee, na wɔkaa sɛ: Ɛkaa yɛn nko a, anka ɛberɛ a yɛn nuanom wuwuu AWURADE anim no yɛwuwuu bi. Na adɛn nti na mode AWURADE man aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmɛwuwu wɔ ha, yɛn ne yɛn mmoa? Na adɛn nti na moyii yɛn Misraim sɛ mode yɛn reba deɛ ɛnyɛ yi, deɛ wɔntumi nnua hwee a borɔdɔma ne bobe ne atoaa nnie, na nsuo mpo a wɔnom nnie yi? Na Mose ne Aaron firii asafo no anim baa ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuu fam; na AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa poma no na boa asafo no ano, wo ne wo nua Aaron, na monkasa nkyerɛ ɔbotan no wɔn anim, na ɛmma ne nsuo, na yi ɔbotan no mu nsuo ma wɔn ma asafo no ne wɔn mmoa nnom. Na Mose faa poma no firii AWURADE anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no no; na Mose ne Aaron boaboaa ɔman asafo no ano ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie ɛ, mo asoɔdenfoɔ, adɛn ɛsɛ sɛ yɛnya nsuo firi ɔbotan yi mu ma mo anaa? Na Mose maa ne nsa so de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsuo pii firi mu bae, na asafo no ne wɔn mmoa nomee. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me annie na moanyɛ me kronkron Israelfoɔ anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnuru asase a mede mama wɔn no so. Yei ne Meriba asuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu. Na Mose somaa abɔfoɔ firi Kades kɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Sɛ wo nua Israel seɛ nie: Wo ara wonim ɔhaw a ɛtoo yɛn nyinaa, sɛ yɛn nananom siane kɔɔ Misraim, na yɛtenaa Misraim nna bebree, na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn ne yɛn nananom bɔne; na yɛsu frɛɛ AWURADE, na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ɔbɔfoɔ maa no bɛyii yɛn firii Misraim; na hwɛ, yɛwɔ Kades, kuro a ɛwɔ wo hyeɛ soɔ mu. Ma yɛmfa w’asase so; yɛremfa mfuo ne nturo mu, nanso yɛrennom mmura mu nsuo bi; yɛbɛnante ɔhene tempɔn so akɔ, yɛremmane nifa anaa benkum de bɛkɔ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ. Na Edom ka kyerɛɛ no sɛ: Mmɛfa me mu, na mamfa nkrantɛ mamfiri adi mammɛhyia wo. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Tempɔn so na yɛrebɛfa, na sɛ yɛn ne yɛn mmoa nom wo nsuo bi a, yɛbɛtua ka; ɛnyɛ asɛm biara, na yɛn nan nko ara na ma yɛmfa ntwam mu nkɔ Na wɔse: Mommɛtwam! Na Edom de dɔm pii ne nsa a emu yɛ den firii adi bɛhyiaa wɔn. Na Edom kamee Israel ɔkwan a wɔde bɛtwam n’asase soɔ. Enti Israel mane firii ne ho. Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa tu firii Kades, na wɔbaa Hor bepɔ ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔ ho, Edom asase hyeɛ so, sɛ: Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho. Fa Aaron ne ne ba Eleasa, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔ, na yi Aaron ntadeɛ no fa hyɛ ne ba Eleasa, na ɔnwu wɔ hɔ nti ne mpanimfoɔ wɔ asamando. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔ, asafo no nyinaa anim. Na Mose yiyii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no atifi hɔ. Na Mose ne Eleasa firii bepɔ no so sianee. Na asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awuo no, Israel fie nyinaa suu no adaduasa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb no tee sɛ Israel aba Atarim kwan soɔ no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum. Ɛnna Israel hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode ɔman yi hyɛ yɛn nsa a, yɛbɛsɛe wɔn nkuro pasapasa. Na AWURADE tiee Israel nne, na ɔde Kanaanfoɔ no mae, na wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro pasapasa, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Horma. Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa Mmɛwa Po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so. Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn. Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui. Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne woɔ; pa AWURADE kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ nsɛsoɔ, na fa no sɛne frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, ɔbɛnya nkwa. Na Mose yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no, na ɔde no sɛnee frankaa dua no so, na sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no a, na wanya nkwa. Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Obot. Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-haabarim, ɛserɛ a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so. Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Sared subonhwa mu. Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon a ɛsene serɛ soɔ a ɛfiri Amori hyeɛ soɔ no agya, ɛfiri sɛ Arnon ne ɛhyeɛ a ɛda Moab ne Amori ntam. Enti wɔka no AWURADE akodie nwoma no mu sɛ: Wɔnam ahumtuo so ko faa Waheb ne Arnon nsubɔnhwa no, ne deɛ nsubɔnhwa no sene a ɛdane kɔ Ar tenabea na ɛtwere Moab hyeɛ ho no. Ɛhɔ na wɔfiri kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsuo anom, no. Ɛberɛ no mu na Israel too dwom yi sɛ: Asubura, tue! Monnye no so! Asubura a atitire tuiɛ na ɔman mu mmapɔmma funufunuiɛ, wɔde ahempoma ne wɔn mpoma. Na wɔfiri serɛ so kɔɔ Matana; na wɔfiri Matana kɔɔ Nahaliel; na wɔfiri Nahaliel kɔɔ Bamot; na wɔfiri Bamot kɔɔ bonhwa a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ anwea pradada soɔ no mu. Na Israel somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma memfa w’asase so; yɛremmane mfuo mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsuo bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnanteɛ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ. Na Sihon amma Israel antwam n’asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano firi bɛhyiaa Israel, ɛserɛ so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe. Na Israel kumm no nkrantɛ ano faa n’asase firi Arnon kɔɔ Yabok so kɔduruu Amonfoɔ ho, ɛfiri sɛ na Amonfoɔ no hyeɛ so hɔ yɛ den. Na Israel faa nkuro yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifoɔ nkuro no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkuro nyinaa mu; na Hesbon ne Amorifoɔ hene Sihon kuro, ɔno na ɔne kane Moabhene koeɛ, na ɔgyee ne nsam n’asase nyinaa kɔsii Arnon ano. Ɛno nti na mmebufoɔ no ka sɛ: Mommra Hesbon! Momma wɔnkyekye na wɔnsiesie Sihon kuro no. Na ogya bi firii Hesbon, ogyaframa firii Sihon kuro kɛseɛ mu; ɛhyee Moab kuro Ar, Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom. Wo Moab, due! Kemos man, moayera! Wama ne mmammarima adwanedwane, na ne mmammaa adane Amorifoɔ hene Sihon nnommum. Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akɔduru Dibon; yɛasɛe wɔn akɔfa Nofa de akɔduru Medeba. Na Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so. Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no. Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no. Na wɔkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anya kwan anwanne, na wɔfaa asase no dii so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko agya. Na Sipor ba Balak hunuu deɛ Israel yɛɛ Amorifoɔ no nyinaa. Na Moab suroo ɔman no pii, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso, na ehu kaa Moab, Israelfoɔ no nti. Na Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ sɛ: Afei ɛdɔm yi bɛdi yɛn ho adeɛ nyinaa, sɛdeɛ nantwie di asase so wira no. Saa berɛ no mu no Sipor ba Balak na na ɔyɛ Moab hene. Na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Beor ba Bileam nkyɛn wɔ Petor a ɛda asubɔnten no ano, ne manfoɔ asase so, sɛ wɔnkɔhyia no sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi Misraim aba, na hwɛ, wɔabɛkata asase ani, na wɔn ara na wɔgu m’anim yi. Na afei bra bɛdome ɔman no ma me, ɛfiri sɛ wɔyɛ den sene me, sɛ ebia mɛtumi maku wɔn, na mapamo wɔn afiri asase yi so anaa; na menim sɛ deɛ wohyira no no, wɔahyira no, na deɛ wodome no no, wɔadome no. Na Moab mpanin ne Midian mpanin no sii mu kɔe, na adebisa akatua no kura wɔn nsam; na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn de Balak asɛm no kɔtoo n’anim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena ha anadwo yi, na mede mmuaeɛ bɛbrɛ mo, sɛdeɛ AWURADE bɛkasa akyerɛ me no. Na Moab asafohene no ne Bileam tenaa hɔ. Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn bɛkaa sɛ: Mmarima bɛn na wɔne wo wɔ hɔ yi? Na Bileam ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Moabhene Sipor ba Balak na ɔsoma maa wɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, ɔman a wɔfiri Misraim baeɛ no abɛkata asase ani. Afei bra bɛdome wɔn ma me, sɛ ebia mɛtumi ne wɔn ako na mapam wɔn anaa. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne wɔn nnkɔ; nkɔdome ɔman no, na wɔahyira wɔn. Na Bileam sɔree anɔpa, na ɔka kyerɛɛ Balak asafohene no sɛ: Monkɔ mo asase so, na AWURADE ampene amma me kwan sɛ me ne mo nkɔ. Na Moab asafohene no sɔre baa Balak nkyɛn bɛkaa sɛ: Bileam ampene sɛ ɔne yɛn bɛba. Na Balak sane somaa atitire a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sene wɔn. Na wɔkɔɔ Bileam nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Sipor ba Balak seɛ nie: Afei deɛ, mma biribi nnsi wo me nkyɛn ba kwan, na mɛhyɛ wo animuonyam pii, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no, mɛyɛ: Enti bra ara na bɛdome ɔman yi ma me. Na Bileam buaa see Balak nkoa no sɛ: Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi memmu AWURADE me Nyankopɔn asɛm so menkɔyɛ biribi ketewa anaa kɛseɛ. Na afei mo nso montena ha anadwo yi, na menhunu deɛ AWURADE bɛsane aka akyerɛ me. Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ hyia na mmarima yi bɛhyiaa woɔ a, sɔre na ɛne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na di soɔ. Ɛnna Bileam sɔree anɔpa hyehyɛɛ n’afunumu na ɔne Moab atitire no sii mu kɔe. Na ɔrekorɔ no, Onyankopɔn bo fui, na AWURADE bɔfoɔ bɛgyinaa ɔkwan no so sɛ ɔbɛsi no kwan; nso na ɔte n’afunumu so, na ne nkoa baanu ne no na ɛnam. Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam na afunumu no mane firii kwan no so kɔfaa wiram; na Bileam hwee afunumu no sɛ ɔredane no aba ɔkwan mu. Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no kɔgyinaa bobe nturo ntam nammɔnkorɔ kwan mu a ɔfasuo wɔ ha ne ha. Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔde ne ho miaa ɔfasuo no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasuo no ho; na ɔkɔɔ so hwee no ara. Na AWURADE bɔfoɔ no twe kɔɔ anim kɔgyinaa deɛ ɛhɔ yɛ hihiaa a ɔkwan nni hɔ a wɔbɛdane akɔ nifa anaa benkum. Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔbutuu fam, Bileam ase; na Bileam bo fui, na ɔde abaa bɔɔ afunumu no. Ɛnna AWURADE buee afunumu no ano, na ɔka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ woɔ a woabɔ me mprɛnsa yi? Na Bileam ka kyerɛɛ afunumu no sɛ: Sɛ woagoro me ho ntira. Sɛ mekura nkrantɛ a, anka sɛsɛɛ maku wo. Na afunumu no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ w’afunumu ne me a woatena me so ara de abɛsi nnɛ da yi? Mayɛ wo sei pɛn anaa? Na ɔse: Dabi. Ɛnna AWURADE buee Bileam ani, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina ɔkwan mu kura nkrantɛ a watwe wɔ ne nsam, na ɔkoto de n’anim butuu fam tim. Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wobɔɔ w’afunumu no mprɛnsa yi? Hwɛ, maba sɛ merebɛsi wo kwan, ɛfiri sɛ wo kwan no ntene wɔ m’anim; na afunumu no hunuu me, na ɔmane firii m’anim mprɛnsa yi; sɛ wammane amfiri m’anim a, anka sɛsɛɛ maku wo dada, na ɔno deɛ, magye no nkwa. Na Bileam ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne na mennim sɛ wo na wogyina ɔkwan mu rehyia me; na afei, sɛ ɛyɛ bɔne w’ani so deɛ a, mɛsane m’akyi. Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛne mmarima no nkɔ; na asɛm a mɛka makyerɛ woɔ no nko na ka. Na Bileam ne Balak atitire no sii mu kɔe. Na Balak tee sɛ Bileam reba no, ɔfiri kɔhyiaa no, Moab kuro a ɛda Arnon a ɛyɛ ɛhyeɛ no soɔ no mu, wɔ nhyenoa hɔ pɛɛ. Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛnyɛ soma na mesomaa sɛ wɔmmɛhyia wo mmra? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? Wonnye nni sɛ mɛtumi ahyɛ wo animuonyam anaa? Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Hwɛ, afei maba wo nkyɛn. Mɛtumi maka asɛm bi anaa? Asɛm a Onyankopɔn de hyɛ m’anomu no, ɛno na mɛka. Na Bileam ne Balak kɔe, na wɔduruu Kiriat-husot. Na Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ, maa wɔde kɔmaa Bileam atitire a wɔne no wɔ hɔ no. Na adeɛ kyeeɛ no, Balak faa Bileam, na ɔde no foro kɔɔ Baal sorɔnsorɔmmea so; na ɔfiri hɔ hunuu ɔman no ano.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha. Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no biara so. Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so. Na Onyankopɔn bɛhyiaa Bileam, na Bileam kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔrebukyia nson, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ w’afɔrebukyia biara so. Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa. Na ɔsane kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, ɔno ne Moab atitire nyinaa. Na ɔkasaa sɛ: Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ, Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ: Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua. Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome deɛ Onyankopɔn nnomee no no, na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ deɛ AWURADE mmɔɔ no dua no dua? Abotan atifi na mefiri mehu no, na nkokoɔ so na mefiri megyene no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena nie, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman. Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ? Ma menwu ateneneefoɔ wuo, na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ. Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na wode ayɛ me yi? M’atamfoɔ nnome nti na mekɔfaa wo baeɛ, na hwɛ, nhyira na wohyira. Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ deɛ AWURADE de hyɛ m’anomu no na ɛsɛ sɛ mehwɛ yie na meka? Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ bra na yɛnkɔ faako a wobɛhu wɔn; wɔn fa nko na wobɛhunu, na worenhunu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ. Na ɔde no kɔɔ Sofim serɛ so Pisga bepɔ atifi, na ɔsii afɔrebukyia nson, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no biara so. Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w’afɔrebukyia no ho ara, na me deɛ, merekɔ makɔhwɛ. Na AWURADE bɛhyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n’anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa. Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, na Moab atitire no ne no gyinagyina hɔ; na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na AWURADE kaeɛ? Na ɔkasaa mmebuo mu sɛ: Sɔre, Balak, na tie; yɛ aso ma me, Sipor ba. Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ, anaa onipa ba, na wanu ne ho. Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim? Hwɛ, nhyira na manya; wahyira, na merentumi mennane ani. Wanhunu amumuyɛ Yakob mu, na wanhunu ɔhaw Israel mu. AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi, na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu. Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ. Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi! Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ, na ɔma ne ho so sɛ gyata: Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfoɔ mogya ansa. Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa. Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ anaa? Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforɔ, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ. Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ anwea pradada no soɔ hɔ. Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson brɛ me ha. Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Bileam hunuu sɛ asɔ AWURADE ani sɛ ɔhyira Israel no, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔkɔɔ kane no, na mmom ɔde n’ani kyerɛɛ ɛserɛ no so. Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so, na ɔkasae sɛ: Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya, deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm no na ɔreka yi, deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ, na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no: Sɛdeɛ wo ntomadan si yɛ fɛ, O Yakob, wo tenabea no, O Israel! Ɛyere sɛ asubɔnka, sɛ asuo ho nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛ, te sɛ nsuo ho ntweneduro. Na ne mmokiti mu nsuo bu so, na n’asefoɔ tena nsuo pii mu. Ne hene so sene Agag, na wɔbɛma n’ahennie so. Onyankopɔn na ɔyii no firii Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ. Ɔbɛmene amanaman a wɔyɛ n’atamfo, na wadwerɛ wɔn nnompe, na ɔde n’agyan awowɔ wɔn. Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ, hwan na ɔbɛma no asɔreɛ? Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ, na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ. Ɛnna Balak bo fuu Bileam, na ɔbɔɔ ne nsam; na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: M’atamfoɔ nnome nti na mehyiaa woɔ, na hwɛ, nhyira na woahyira wɔn mprɛnsa yi. Na afei dwane kɔ deɛ wofire! Mekaa sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, na hwɛ, AWURADE asi w’animuonyam ho kwan. Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ w’abɔfoɔ a wosomaa wɔn me nkyɛn no nso sɛ: Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika ahyɛ mu ma, ma me mpo a, merentumi mentra AWURADE asɛm memfiri m’akomam menkɔyɛ papa anaa bɔne; deɛ AWURADE bɛka no, ɛno na mɛka? Na afei, hwɛ, merekɔ me man mu: Bra na menkasa menkyerɛ wo deɛ ɔman yi bɛyɛ wo man nna a ɛdi akyire no mu. Na ɔkasaa sɛ: Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n’ani hunu adeɛ yie no asɛm a wanya, deɛ ɔte Nyankopɔn nsɛm a ɔhunu ɔsorosoroni no ho nimdeɛ no, deɛ ɔhunu Tweaduampɔn anisoadeɛ na ɔrehwe ase a, wɔte n’ani soɔ no: Mehu no, nso ɛnyɛ seesei, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bɛpue Yakob mu, na ahempoma bɛfiri Israel mu asɔre, na wadwerɛ Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa. Na ɔbɛfa Edom adi so, na wafa n’atamfo asase Seir adi so, na Israel bɛyɛ ahoɔdenneɛ ara. Na obi a ɔfiri Yakob mu bɛdi tumi, na wasɛe wɔn a wɔaka wɔ kuro no mu no. Afei ɔhwɛɛ Amalek na ɔtoaa ne kasa no so sɛ: Amanaman mu dikanfo ne Amalek, nanso n’awieeɛ bɛwie no ɔsɛeɛ mu. Na ɔhwɛɛ Kenifoɔ toaa ne kasa no so kaa sɛ: Wo tenabea si hɔ pintinn, na wode wo pirebuo asie ɔbotan mu; nanso wɔbɛsɛe Kain, de akɔsi sɛ Asur bɛfa wo nnommum. Na ɔwiee ne kasa no so kaa sɛ: Buei, sɛ Onyankopɔn reyɛ yei a, hwan na ɔbɛnya nkwa? Na ahyɛn bɛfiri Kitim fam aba, na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase; na ɔno ara nso, awie no ɔsɛeɛ mu. Ɛnna Bileam sɔreeɛ, na ɔsii mu sane kɔɔ n’atenaeɛ; na Balak nso kɔɔ ne kwan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israel tenaa Sitim. Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman; na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no; na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho. Na AWURADE bo fuu Israel; na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa ɔman no mu atitire no nyinaa, na sensɛne wɔn ma AWURADE, owia so, na AWURADE abufuhyeɛ no nsane mfiri Israel so. Na Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufoɔ no sɛ: Monkunkum mo mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal- peor ho no. Na hwɛ, ɔbarima bi firi Israelfoɔ no mu bae a ɔde Midianni baa bi baa ne nuanom nkyɛn wɔ Mose ani so ne Israelfoɔ asafo no nyinaa ani so; ɛberɛ a wɔn deɛ, na wɔresu ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas hunuiɛ no, ɔsɔre firii asafo no mu kɔfaa pea kurae, na ɔdii Israelni no akyi kɔɔ pia no mu, na ɔwowɔɔ wɔn baanu no, Israelni ne ɔbaa no nyinaa hwiree n’ayaase; na ɔhaw no to twa firii Israelfoɔ no so. Na nnipa a wɔwuwuu ɔhaw no mu ano si mpem aduonu nnan. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ba Pinehas asianka m’abufuo afiri Israelfoɔ so, sɛ watwe me ho ninkunu wɔ wɔn mu a enti manhye Israelfoɔ wɔ me ninkuntwe mu. Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m’asomdwoeɛ apam merema no, na ayɛ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyire no daa asɔfodie apam, ɛfiri sɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfoɔ. Na Israelni a wɔkum no ne Midianni baa no din ne Simri, Salu ba a ɔyɛ Simeonfoɔ mpanimfie mu bapɔmma. Na Midianni baa a wɔkum no no din de Kosbi, Sur a ɔyɛ Midianfoɔ mu agya fie so panin no ba. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Monteetee Midianfoɔ no na monku wɔn, ɛfiri sɛ, wɔn nso a wɔde wɔn aniteɛ teetee mo, na wɔde daadaa mo de kɔsom Baal-peor, ne wɔn nuabaa Kosbi, Midian safohene no babaa a wɔkum no da a Peor ho haw no baeɛ no asɛm no nti.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔhaw no akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa sɛ: Monkan Israelfoɔ asafo no nyinaa dodoɔ mfiri deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, Israel mu nnipa a wɔtumi kɔ sa nyinaa. Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ wɔn, Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ: Kan wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu de rekorɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfoɔ a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no. Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfoɔ abusua; Palu deɛ, Palufoɔ abusua; Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Karmi deɛ, Karmifoɔ abusua. Yeinom ne Rubenfoɔ mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ne ahanson aduasa. Na Palu mma: Eliab. Na Eliab ba: Nemuel ne Datan ne Abiram. Yeinom ne Datan ne Abiram a wɔfrɛɛ wɔn firii asafo no mu no a wɔne Mose ne Aaron hameeɛ, Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hameeɛ no mu; na asase buee n’anomu menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwuiɛ, na ogya hyee mmarima ahanu aduonum no, na wɔbɛyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no. Nanso Kora mma deɛ, wɔanwuwu. Simeon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nemuel deɛ, Nemuelfoɔ abusua; Yamin deɛ, Yaminfoɔ abusua; Yakin deɛ, Yakinfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua; Saulo deɛ, Saulfoɔ abusua. Yeinom ne Simeonfoɔ mmusua; wɔyɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu. Gad mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sefon deɛ, Sefonfoɔ abusua; Hagi deɛ, Hagifoɔ abusua; Suni deɛ, Sunifoɔ abusua; Osni deɛ, Osnifoɔ abusua; Eri deɛ, Erifoɔ abusua; Arod deɛ, Arodfoɔ abusua; Areli deɛ, Arelifoɔ abusua. Yeinom ne Gad mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduanan ne ahanum. Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwuu Kanaan asase so. Na Yuda mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sela deɛ, Selafoɔ abusua; Peres deɛ, Peresfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua. Na Peres mma nie: Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Hamul deɛ, Hamulfoɔ abusua. Yeinom ne Yuda mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduɔson nsia ne ahanum. Isakar mma, sɛ wɔn mmusua teɛ: Tola deɛ, Tolafoɔ abusua; Puwa deɛ, Puwafoɔ abusua; Yasub deɛ, Yasubfoɔ abusua; Simron deɛ, Simronfoɔ abusua. Yeinom ne Isakar mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia nnan ne ahasa. Sebulon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sered deɛ, Seredfoɔ abusua; Elon deɛ, Elonfoɔ abusua; Yakleel deɛ, Yakleelfoɔ abusua. Yeinom ne Sebulon mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia ne ahanum. Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Manase ne Efraim. Manase mma: Makir deɛ, Makirfoɔ abusua; na Makir woo Gilead; Gilead deɛ, Gileadfoɔ abusua. Gilead mma nie: Yeser, Yeserfoɔ abusua; Helek deɛ, Helekfoɔ abusua; ne Asriel, Asrielfoɔ abusua; ne Sekem, Sekemfoɔ abusua; ne Semida, Semidafoɔ abusua; ne Hefer, Heferfoɔ abusua; na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mma mmaa; na Selofehad mmammaa din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. Yeinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson. Efraim mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sutela deɛ, Sutelafoɔ abusua; Beker deɛ, Bekerfoɔ abusua; Tahan deɛ, Tahanfoɔ abusua. Na Sutela mma nie: Eran deɛ, Eranfoɔ abusua. Yeinom ne Efraim mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduasa mmienu ne ahanum. Yeinom ne Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Bela deɛ, Belafoɔ abusua; Asbel deɛ, Asbelfoɔ abusua; Ahiram deɛ, Ahiramfoɔ abusua; Sufam deɛ, Sufamfoɔ abusua; Hufam deɛ, Hufamfoɔ abusua. Na Bela mma ne: Ard ne Naaman: Ard deɛ, Ardfoɔ abusua; Naaman deɛ, Naamanfoɔ abusua. Yeinom ne Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia. Dan mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Suham deɛ, Suhamfoɔ abusua. Yeinom ne Dan mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Suhamfoɔ mmusua nyinaa sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ yɛ mpem aduosia nnan ne ahanan. Aser mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yimna deɛ, Yimnafoɔ abusua; Isui deɛ, Isuifoɔ abusua; Beria deɛ, Beriafoɔ abusua; Beria mma deɛ: Heber deɛ, Heberfoɔ abusua; Malkiel deɛ, Malkielfoɔ abusua. Na Aser babaa din de Sara. Yeinom ne Aser mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ; mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan. Naftali mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yakseel deɛ, Yakseelfoɔ abusua; Guni deɛ, Gunifoɔ abusua; Yeser deɛ, Yeserfoɔ abusua; Silem deɛ, Silemfoɔ abusua. Yeinom ne Naftali mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahanan. Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn no, ɔpehansia ne baako ne ahanson aduasa. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Yeinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wɔnni soɔ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ. Abusuakuo a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛdeɛ obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano teɛ, na wɔmma no n’agyapadeɛ. Nanso tonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wɔnnye wɔn kyɛfa no sɛdeɛ wɔn nananom mmusua no din teɛ. Tonto so na wɔmfa nkyɛ agyapadeɛ mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wɔsua. Na Lewifoɔ a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson deɛ, Gersonfoɔ abusua; Kohat deɛ, Kohatfoɔ abusua; Merari deɛ, Merarifoɔ abusua. Yeinom ne Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua, Mahlifoɔ abusua, Musifoɔ abusua, Korafoɔ abusua. Na Kohat woo Amram. Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabaa Miriam maa Amram. Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar maa no; nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wɔwuwui. Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonu mmiɛnsa, mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ, na wɔamma wɔn agyapadeɛ Israelfoɔ mu. Yeinom ne wɔn a Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa kan wɔn, kan a wɔkan Israelfoɔ Moab mpaperɛ soɔ Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no mu no. Nso na ɔbarima biara mfra yeinom mu a ɔfiri nnipa a Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron kan wɔn berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Sinai serɛ soɔ no, ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ wuo na wɔbɛwuwu serɛ soɔ, na wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua nko.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmammaa a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twe pinii; na ne mmammaa no din ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. Na wɔbɛgyinaa Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano kaa sɛ: Yɛn agya wuu ɛserɛ so, nso ɔno deɛ, na ɔmfra asafo a wɔhyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ; nso na ɔnni mmammarima. Adɛn nti na yɛn agya din mpepa mfiri n’abusua mu ɛnam sɛ ɔnni babarima nti? Ma yɛn agyapadeɛ yɛn agya ne nuanom mu. Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Selofehad mmammaa asɛm no tene, na ma wɔn agyapadeɛ na wɔnni so wɔn agya nuanom mu, na ma wɔn agya agyapadeɛ no nyɛ wɔn dea. Na kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni babarima a, ɛnneɛ momma n’agyapadeɛ nyɛ ne babaa deɛ. Na sɛ ɔnni babaa nso a, ɛnneɛ momfa n’agyapadeɛ mma ne nuammarimanom; na sɛ ɔnni nuabarima nso a, momfa n’agyapadeɛ mma n’agya nuanom. Na sɛ n’agya nni nuanom nso a, momfa n’agyapadeɛ mma ne bogya a ɔbɛn no n’abusua mu na ɔnni so. Na yei nyɛ ahyɛdeɛ ne mmara mma Israelfoɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro Abarim bepɔ yi na kɔhwɛ asase a mede merema Israelfoɔ no; na sɛ wonya hunu a, wo nso woati wo nananom, sɛdeɛ Aaron tii n’agyanom no, ɛfiri sɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden Sin serɛ so, asafo no ham mu a anka ɛsɛ sɛ moyɛ me kronkron, nsuo no ho wɔ wɔn ani soɔ no. (Ɛne ɔham nsuo no wɔ Kades, Sin serɛ so.) Na Mose kasa kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ma AWURADE, honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so a ɔbɛdi wɔn anim afiri adie na ɔbɛdi wɔn anim aba mu, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu ne so. Na fa no gyina Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim, na hyɛ no mmara wɔn anim; na fa w’animuonyam no bi hyɛ no, na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa ntie no. Na ɔnkɔgyina Ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔmmisa urim atemmuo mma no, AWURADE anim; wɔmfa n’asɛm so mfiri adi, na wɔmfa n’asɛm so mmra mu, ɔno ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa Yosua de no kɔgyinaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo mu no nyinaa anim, na ɔde ne nsa guu ne so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: M’ayɛyɛdeɛ, m’aduane a wɔde bɔ ogya afɔdeɛ ma no yi ehwa hwanhwam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne berɛ a ɛsɛ mu. Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔdeɛ a momfa mmrɛ AWURADE nie: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyeɛ afɔdeɛ daa. Adwammaa baako na fa bɔ anɔpa, na fa adwammaa baako no bɔ anwummerɛ deɛ. Na fa esiam olonka abupɛn du mu baako yɛ aduane afɔdeɛ a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre. Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ a wɔhyehyɛeɛ wɔ Sinai bepɔ soɔ a ɛyi hwa hwanhwam a ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ. Na n’ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa baako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wɔhwie no ma AWURADE. Na adwammaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ anwummerɛ deɛ, na fa aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa ka ho sɛ anɔpa deɛ no ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Na homeda deɛ, nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre ne ɛho ahwiesa. Homeda biara hyeɛ afɔdeɛ a ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no ho ne no. Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu; na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka nantwinini baako ho, na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho, na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam a wɔhye ma AWURADE ne no. Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa biara ho. Yei ne bosome biara hyeɛ afɔdeɛ, afirinhyia abosome no mu. Na wɔmfa ɔpapo baako nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma AWURADE nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho ne ɛho ahwiesa ho. Na bosome a ɛdi kan da a ɛtɔ so dunan no yɛ AWURADE Twam. Na bosome no ara da a ɛtɔ so dunum no yɛ dapɔnna, nnanson na wɔnni apiti paanoo. Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; na momfa ogya afɔdeɛ a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wɔdi mu; ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako ho, na abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu biara ho; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako a wɔde bɛpata ama mo; monyɛ yeinom nka anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Saa ara na nnanson no mu da biara momfa aduane mmɛbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE; wɔnyɛ yei mpae daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no so. Na da a ɛtɔ so nson no, monhyia nhyia kronkron. Monnyɛ adwumaden biara. Na sɛ mo adapɛn afahyɛ duru a, aduanekan da a mode mo aduane foforɔ afɔdeɛ rebrɛ AWURADE no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmra na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe; ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako biara ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho; ne ɔpapo baako a wɔde bɛpata ama mo; monyɛ yei ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ no ho; monhwɛ sɛ wɔdi mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɛnyɛ mo totorobɛntohyɛn da. Na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu; ne ɛho aduane afɔdeɛ: Esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho; ne ɔpapo baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ de apata ama mo; ɛsono bosome foforɔ so hyeɛ afɔdeɛ, ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ, ne ɛho ahwiesa sɛdeɛ ɛteteɛ; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam. Na bosome a ɛtɔ so nson no ara da a ɛtɔ so du no, monhyia nhyia kronkron, na monni mmuada; monnyɛ adwuma biara; na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu; ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho, abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono bɔne ho afɔdeɛ ne daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnanson mma AWURADE. Na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Anantwinini dummiɛnsa, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; ne ɛho aduane afɔdeɛ; esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka anantwinini dummiɛnsa no mu koro biara ho, abupɛn du mu mmienu nka adwennini mmienu no ho, na abupɛn du mu baako nka nnwammaa dunan no mu koro biara ho; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɛho aduane ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛtɔ so mmienu no: Anantwinini dummienu, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no: Anantwinini dubaako, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; ne anantwie, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛtɔ so nnan no; anantwinini du, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako, ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛtɔ so nnum no; anantwinini nkron, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛtɔ so nsia no; anantwinini nwɔtwe, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Na da a ɛtɔ so nson no; anantwinini nson, adwennini mmienu, nnwanten mma a wɔadi afe afe dunan a wɔdi mu; ne anantwinini, adwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, monhyia afahyɛ nhyiamu; monnyɛ adwumaden biara; na momfa hyeɛ afɔdeɛ a ɛne ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu; nantwinini ne odwennini ne nnwammaa no ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, wɔn dodoɔ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmara no mu; ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako; ɛsono daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa. Yeinom na monyɛ mma AWURADE, mo afa a mohyɛ no mu; ɛsono mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo aduane afɔdeɛ ne mo ahwiesa ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no so atitire sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ: Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ. Na sɛ ɔbaa bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi berɛ a ɔda so wɔ n’agya fie, ne mmabaaberɛ mu, na n’agya te ne bɔhyɛ no ne n’ahotua a ɔde tua ne kra biribie no, na n’agya anka ho biribi a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no gyina hɔ. Na sɛ da a n’agya teɛ no wampene a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ nyinaa ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ. Na AWURADE de bɛkyɛ no, ɛfiri sɛ n’agya ampene. Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa deɛ afiri n’anomu a ɔde atua ne kra biribie no da ne so, na ne kunu te, na da a ɔteɛ no ɔyɛ komm a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na tua a ɔde atua ne kra biribie no gyina hɔ. Na sɛ da a ne kunu teɛ no, wampene a, na wasane ne bɔhyɛ a ɛda ne soɔ ne deɛ ɛfirii n’anomu a ɔde tuaa ne kra biribie no, na AWURADE de bɛkyɛ no. Na ɔbaa kunafoɔ anaa deɛ wɔako no bɔhyɛ deɛ, adeɛ biara a ɔtua ne kra no da ne so. Na sɛ ne kunu fie na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi, na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na adeɛ biara a watua ne kra no gyina hɔ. Nanso sɛ ne kunu sane no da a ɔteeɛ no a, ɛnneɛ adeɛ biara a afiri n’anomu a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ; ne kunu asane, na AWURADE de bɛkyɛ no. Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma no nnyina hɔ na ne kunu na ɔnsane; na sɛ daa ne kunu no nnka ho hwee a, ɛnneɛ ɔhyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n’ahotua no nyinaa mu den, ɛfiri sɛ da a ɔteeɛ no, wanka ho hwee; na sɛ ɔteeɛ no akyi ansa na ɔresane a, ɛnneɛ ɔsoa ne yere amumuyɛ. Yeinom ne ahyɛdeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babaa a ɔwɔ ne mmabaaberɛ mu, n’agya fie, ntam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Tɔ Midianfoɔ so were ma Israelfoɔ, na ɛno akyiri no woati wo mpanimfoɔ wɔ asamando. Na Mose kasa kyerɛɛ ɔman no sɛ: Momma mo mu mmarima mmia ntu Midian so sa, na wɔmfa AWURADE aweretɔ mmra Midianfoɔ so. Israel mmusuakuo nyinaa mu momma abusuakuo biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no. Na wɔyiyii Israel mpempem ahodoɔ mu nnipa mpem dummienu a wɔamia rekɔ ɔsa, abusuakuo biara mu apem; na Mose somaa wɔn maa wɔkɔɔ ɔsa no, abusuakuo biara mu apem, wɔne Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas a na kronkronbea hɔ nnoɔma no ne osebɔ ntotorobɛnto no wɔ ne nsam no. Na wɔne Midian kɔkoe, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, na wɔkunkum mmarima nyinaa; na wɔkumm Midian ahemfo nso kaa wɔn a wɔtotɔeɛ no ho. Midian ahemfo a wɔkumm wɔn yɛ baanum a wɔn ne Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Na Beor ba Bileam nso, wɔde nkrantɛ kumm no. Na Israelfoɔ no faa Midian mmaa ne mmɔfra nnommum, na wɔfom wɔn anantwie ne wɔn nnwan ne wɔn ahodeɛ nyinaa; na wɔtotoo wɔn tenabea nkuro ne wɔn nsraban nyinaa mu gya. Na wɔde asadeɛ no nyinaa ne nnipa ne mmoa a wɔfaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ asafo no; nnommum ne mmoa a wɔfaeɛ ne asadeɛ no, wɔde baa nsraban no mu, Moab mpaperɛ a ɛda Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no so. Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mmapɔmma nyinaa firi nsraban no mu firii adi kɔhyiaa wɔn. Na Mose bo fuu dɔm no asafohene a wɔdi apem apem ne ɔha ɔha soɔ a wɔfiri akono reba no; na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye mmaa no nyinaa nkwa anaa? Hwɛ, wɔn na wɔfaa Bileam asɛm so maa Israelfoɔ wae firii AWURADE ho, Peor asɛm no mu, na ɛmaa ɔhaw baa AWURADE asafo no mu. Enti monkunkum mmɔfra no mu mmarima nyinaa, na mmaa no mu biara a ɔnim ɔbarima na ɔne ɔbarima ada no nso, monku no; na mmɔfra no mu mmaa a wɔnhunuu mmarima nna no deɛ monnye wɔn nkwa na momfa wɔn. Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no. Na atadeɛ biara ne nwoma adeɛ biara ne adeɛ a wɔde abirekyie nwi ayɛ nyinaa ne dua adeɛ biara, monnwira ho. Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no sɛ: Yei ne mmara a AWURADE de ahyɛ Mose no mu ahyɛdeɛ: Sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne sanya ne sumpii deɛ, adeɛ biara a ɛkɔ ogya mu no, momma no mfa ogya mu na ɛho nte, nanso momfa ahodwira nsuo nnwira ho. Na adeɛ biara a ɛnkɔ ogya mu no, momma no mfa nsuo mu. Na monsi mo ntadeɛ da a ɛtɔ so nson no, na mo ho nte, na ɛno akyi ansa na mommra nsraban no mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu nananom afie mu atitire no mmu nnommum ne deɛ wɔfaeɛ, nnipa ne mmoa, no ano. Na kyɛ asadeɛ no mu mmienu ma akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no ne asafo no nyinaa. Na gye akofoɔ a wɔkɔɔ ɔsa no hɔ ɛtoɔ ma AWURADE: Nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan mu, ahanum ahanum mu mmaako mmaako, firi wɔn fa a wɔnyaeɛ no mu, na fa ma Ɔsɔfoɔ Eleasa sɛ AWURADE mmasoɔ adeɛ. Na Israelfoɔ fa no mu deɛ, gye nnipa ne anantwie ne mfunumu ne nnwan ne afieboa nyinaa mu, aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na fa ma Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no. Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Nso asadeɛ a ɛyɛ asadeɛ a ɛdɔm no faeɛ no nkaeɛ yɛ nnwan apem ahansia ne mpem aduɔson nnum. Ne anantwie mpem aduɔson mmienu, ne mfunumu mpem aduosia baako, ne akra mmabunu a wɔyɛ mpem aduasa mmienu a wɔnhunuu mmarima da. Na ɔfa a ɛyɛ wɔn a wɔkɔɔ ɔsa no kyɛfa no ano yɛ nnwan ɔpeha aduasa nson ne ahanum; na nnwan no mu ɛtoɔ a wɔyi maa AWURADE yɛ nnwan ahansia aduɔson nnum; na anantwie no yɛ mpem aduasa nsia, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduɔson mmienu; na mfunumu no yɛ mpem aduasa ahanum, na ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduosia baako; na akra no yɛ mpem dunsia, na wɔn mu ɛtoɔ a wɔyii maa AWURADE yɛ aduasa mmienu. Na Mose de AWURADE mmasoɔ toɔ no maa Ɔsɔfoɔ Eleasa, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no. Na Israelfoɔ no fa a Mose gyee akofoɔ no nsam no mu deɛ, ɔfa a ɛyɛ asafo no deɛ no nie: Nnwan no mu ɔpehasa ne mpem aduasa nson ne ahanum, ne anantwie mpem aduasa nsia, ne mfunumu mpemaduasa ne ahanum, ne nnipa mpem dunsia. Na Mose faa Israelfoɔ no fa no mu deɛ, nnipa ne mmoa mu aduonum aduonum mu mmaako mmaako, na ɔde maa Lewifoɔ a wɔkura AWURADE tenabea ho adwuma no sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Ɛnna asafohene a wɔdi dɔm mu mpem ahodoɔ soɔ no, nnipa apem apem ne ɔha ɔha so atitire no twe pinii Mose bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa abu akofoɔ a wɔwɔ yɛn nsam no ano, na wɔn mu biara anyera; enti na yɛde AWURADE ayɛyɛdeɛ reba yi, obiara a ɔnyaa sika nnwinneɛ, basa so nkapo, bakɔn so nkapo, nsɔanonkaa, nsomuadeɛ ne kɔmuadeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma yɛn kra, AWURADE anim. Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee wɔn hɔ sika no, nnwinneɛ no nyinaa; na mmasoɔ sika a wɔmaa so maa AWURADE no nyinaa yɛ nnwetɛbena mpem dunsia ne ahanson aduonum a ɛfiri apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam. Deɛ akofoɔ no fom kaa ho no, wɔn ara fae. Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa gyee sika no, apem apem ne ɔha ɔha so asafohene no nsam, na wɔde baa ahyiaeɛ ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ adeɛ, AWURADE anim.