Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Awuranom, momfa deɛ ɛtene, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo nso mowɔ owura wɔ ɔsoro. Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu. Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi, na mayi no adi, sɛdeɛ ɛsɛ me sɛ mekasa. Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa. Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara. Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo. Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekyere mo werɛ, na mede Onesimo, onua nokwafoɔ dɔfo a ɔfiri mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa. Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so). Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wɔfiri twetiatwa mu no, kyea mo. Yeinom nko ne me yɔnko adwumayɛfoɔ Nyankopɔn ahennie no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekyerɛ. Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu. Na medi no ho adanseɛ sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli. Luka, oduyɛfoɔ dɔfo no, ne Dema kyea mo. Monkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fie no. Na sɛ wɔkenkan nwoma yi wɔ mo mu wie a, momma wɔnkɔkenkan no Laodikeafoɔ asafo no mu bi, na mo nso monkenkan deɛ ɛfiri Laodikea no. Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda ntu, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa. Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Ɛne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfoɔ nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe. Na Yuda tu kɔe, na AWURADE de Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no hyɛɛ ne nsa, na wɔkum nnipa mpem du wɔ Besek. Na wɔhunuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wɔkumm Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no. Na Adoni-besek dwanee, na wɔtii no kɔkyeree no, na wɔtwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie. Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ. Na Yudafoɔ no bɛnee Yerusalem koe, na wɔfae, na wɔkumm wɔn nkrantɛ ano, na wɔtoo kuro no mu gya. Ɛno akyiri no, Yudafoɔ no sianee na wɔne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ soɔ ne Negeb asase soɔ ne po ho mpaperɛ soɔ no kɔkoe. Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkumm Sesai ne Ahiman ne Talmai. Na wɔfiri hɔ kɔɔ Debirfoɔ ho. Akane no na Debir din ne Kiriat- sefer. Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware. Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ. Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi. Na ɔfiri n’afunumu so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na Negeb asase na wode ama me, na ma me mmasuo nso. Na Kaleb maa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo. Na Mose ase Kenini no mma ne Yuda mma firi nkyiresua kuro no mu foro baa Yuda serɛ a ɛwɔ Arad anafoɔ fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu. Na Yuda ne ne nua Simeon sii mu kɔe kɔkunkumm Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasapasa, na wɔfrɛɛ kuro no din Horma. Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hyeɛ ne Askelon ne ne hyeɛ ne Ekron ne ne hyeɛ. Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam. Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ. Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Benyaminfoɔ no antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Benyaminfoɔ no atena Yerusalem de bɛduru nnɛ ara. Na Yosef fie nso foro kɔɔ Betel, na AWURADE dii wɔn akyi. Na Yosef mma no soma maa wɔkɔsraa Betel. (Akane no na kuro no din de Lus.) Na asrafoɔ no hunuu ɔbarima bi a ɔfiri kuro no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kuro no mu ahyɛneeɛ, na yɛne wo bɛdi no adɔeɛ so. Na ɔkyerɛɛ wɔn kuro no mu ahyɛneeɛ, na wɔde nkrantɛ ano bɔɔ kuro no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa deɛ, wɔgyaa wɔn. Na ɔbarima no sii mu kɔɔ Hetifoɔ asase so kɔkyekyeree kuro, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de bɛsi nnɛ. Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufoɔ. Ɛno nti Kanaanfoɔ no tumi tenaa asase yi so. Na Israel ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn. Na Efraim antu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu wɔ Geser. Na Sebulon antu Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu, na wɔmaa wɔde ɔsom adwuma yii toɔ. Aser antu Akofoɔ ne Sidonfoɔ ne Ahlab ne Aksib ne Helba ne Afik ne Rehob; na Aserfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu, na wɔantu wɔn. Naftali antu Bet-semesfoɔ ne Bet- anatfoɔ, na wɔtenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu. Na Bet-semesfoɔ ne Bet- anatfoɔ no de ɔsom adwuma yii wɔn toɔ. Na Amorifoɔ no kaa Danfoɔ no kɔɔ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane ansi mmɔnseɛ. Na Amorifoɔ no tumi tenaa Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fie nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔde ɔsom adwuma yii toɔ. Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabim aforoeɛ, ɛfiri Sela rekorɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da. Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ mmpam apam biara; mommubu wɔn afɔrebukyia! Nanso moantie me nne: Ɛdeɛn na moayɛ yi? Na maka nso sɛ: Merempamo wɔn mo anim, na wɔbɛdane nkasɛɛ ama mo, na wɔn anyame adane mo fidie. Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui. Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim, na wɔbɔɔ AWURADE afɔdeɛ wɔ hɔ. Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn agyapadeɛ so kɔdii asase no so. Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma akɛseɛ a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no. Na Nun ba Yosua, AWURADE akoa no wui, na wadi mfirinhyia ɔha ne du; na wɔsiee no n’agyapadeɛ hyeɛ so wɔ Timnat-heres, Efraim bepɔ so, Gaas bepɔ atifi fam. Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso. Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim. Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo. Na wɔgyaa AWURADE hɔ kɔsomm Baal ne Astarot. Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio. Baabiara a wɔfiri korɔ no, na AWURADE nsa ne wɔn di no bɔne, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ ne sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa. Nanso AWURADE memaa atemmufoɔ so maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam. Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so. Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no. Na sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔsane wɔn akyi na wɔsɛe sene wɔn agyanom, di anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumuyɛ ne wɔn kɔnseneeɛ kwan so nanteɛ. Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi, me nso merenkɔ so mentu amanaman a Yosua wu gyaa wɔn no mu biara bio, wɔn anim, na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anante so, sɛdeɛ wɔn agyanom hwɛeɛ no anaasɛ wɔrenhwɛ. Enti AWURADE gyaee amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no: Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa. Na wɔtenaa hɔ na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ de ahunu sɛ wɔbɛtie AWURADE mmara nsɛm a ɔnam Mose nsa so hyɛɛ wɔn agyanom no anaa. Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu. Na wɔfefaa wɔn mmammaa warewaree na wɔde wɔn mmammaa memaa wɔn mmammarima awareɛ, na wɔsonsom wɔn anyame. Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua. Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe. Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba. Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui. Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne. Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfoɔ ano kaa ne ho, na ɔba bɛkunkumm Israel, na wɔbɛfaa nkyiresua kuro no. Na Israelfoɔ som Moabhene Eglon mfeɛ dunwɔtwe. Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon. Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so. Na ɔde ayɛyɛdeɛ no kɔmaa Moabhene Eglon; nso na Eglon yɛ onipa brane pa ara. Na ɔde ayɛyɛdeɛ no maa no wieeɛ no, ɔgyaa nkurɔfoɔ a na wɔsoso ayɛyɛdeɛ no kwan maa wɔkɔe. Na ɔno ara deɛ, ɔdanee ne ho firii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkaa sɛ: Ɔhene, mewɔ ahuntasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔhene no se: Komm! Na wɔn a wɔgyina ne ho nyinaa firii ne nkyɛn firii adi. Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ɔno nko ara na na ɔte n’abansoro mframadan no mu. Na Ehud kaa sɛ: Mewɔ Nyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre firii n’adwa so. Ɛnna Ehud tenee ne nsa benkum sɔɔ sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa soɔ no mu de wɔɔ n’afuru mu, na sɛpɔ dua no nso dii dadeɛ no akyi hyɛnee mu, na sradeɛ sram dadeɛ no so. Na wantwe sɛpɔ no amfiri ne yafunu no mu, na ɛpue firii akyire. Na Ehud firii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apono mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu. Na ɔfiri adie no, ne nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, na wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wɔse: Ebia ɔkɔgya ne nan mframadan pia mu. Na wɔtwɛnee ara de kɔsii sɛ wɔn ani buiɛ, na hwɛ, obiara anhini abansoro dan no pono no. Ɛnna wɔfaa safoa de hiniiɛ, na hwɛ, na wɔn wura da fam awu. Na wɔretwentwɛn wɔn nan aseɛ no, Ehud dwanee, na ɔbɛsianee ahoni no ho, na ɔdwane baa Seira. Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa. Na saa berɛ no wɔkunkumm Moab mmarima bɛyɛ mpem du, mmarima akatakyie ahoɔdenfoɔ ara nko, na wɔamma obiara amfiri mu. Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduɔwɔtwe. Na n’akyiri no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kumm Filistifoɔ mu nnipa ahansia; na ɔno nso, ɔgyee Israel.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu. Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim. Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu. Nso Odiyifoɔbaa Debora a ɔyɛ Lapidot yere na na ɔbu Israel atɛn saa berɛ no. Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn. Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho? Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa. Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnneɛ merenkɔ. Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes. Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ. Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab mma na wate mu akɔduru dupɔn a ɛwɔ Saanaim a ɛbɛn Kades no ho akɔsi ne ntomadan. Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so. Na Sisera maa wɔkɔpae hyiahyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dadeɛ nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de firi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa. Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi. Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu. Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo. Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam. Na Yael firii adi kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mane, me wura! Mane bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔmane baa ne nkyɛn ntomadan no mu, na ɔde kuntu kataa ne so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsuo kakra mennom ɛ, na sukɔm de me. Na ɔsanee nufosuo adeɛ ano maa no nomee, na ɔkataa ne so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntomadan no pono ano, na sɛ obi ba na ɔbisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi. Ɛnna Heber yere Yael faa ntomadan no pɛɛwa, na ɔfaa asaeɛ kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛɛ, na ɔde pɛɛwa no kɔbɔɔ n’asontorɔ mu kɔsii fam, ɛfiri sɛ na ɔbrɛ nti wada hatee, na ɔwui. Na hwɛ, na Barak reti Sisera; na Yael firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn. Na hwɛ, na Sisera da hɔ awu, na pɛɛwa no tua n’asontorɔ mu. Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaanhene Yabin ase da no ara wɔ Israelfoɔ anim; na Israelfoɔ no nsa kɔɔ so ara yɛɛ den Kanaan hene Yabin so kɔsii sɛ wɔtuu no guiɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Debora ne Abinoam ba Barak too dwom da no ara sɛ: Sɛ Israel mu atitire dii wɔn anim, na ɔman no nso yii wɔn yam baeɛ nti, monhyira AWURADE. Ahemfo, montie! Aberempɔn, monyɛ aso! Me deɛ, AWURADE na mɛto no dwom, mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sankuo dwom. AWURADE, wofiri Seir baeɛ no, wofiri Edom asase so bɛneeɛ no, asase wosoe, ɔsoro nso tuee, mununkum nso tuee nsuo. Mmepɔ popoo AWURADE anim, Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim. Anat ba Samgar berɛ so, Yael berɛ so, atempɔn daa mpan, akwantemfoɔ nantee akwamfo akontonkyi so. Asafohene saa Israel mu, wɔsae kɔsii sɛ me, Debora, mesɔreeɛ, mesɔree sɛ ɛna wɔ Israel mu. Wɔyiyii anyame foforɔ, ɛno na akodie baa kuro apono akyire. Wɔhunuu kyɛm ne pea Israel mu nnipa mpem aduanan mu? M’akoma da Israel atitire a wɔfiri ɔman no mu yii wɔn yam baeɛ no so. Monhyira AWURADE! Mo a motete mfunumubereɛ afufuo soɔ, mo a motete nkuntu a ɛsom boɔ soɔ, mo a monenam akwan soɔ, monto dwom! Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no, ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee, ne nnisoɔ tenenee Israel mu. Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu. Sɔre, ka wo ho, Debora! Sɔre, ka wo ho to dwom! Sɔre, Barak, na fa wo nnommum nnommum, O Abinoam ba. Ɛno mu na nkaeɛ bi siane kɔtiaa atumfoɔ, AWURADE man siane kɔtiaa dɔmmarima maa me. Wɔfirii Efraim a wɔn nhini muni dii Amalek soɔ. W’akyiri na Benyamin baa wo man mma no mu; Makir mu na mpanin firi siane baeɛ, na Sebulon mu nso wɔn a wɔkura ɔsafohene abaa. Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho, na Isakar yɛɛ Barak okyiritaafoɔ, wɔtiaa ne nan mu kɔguu bonhwa mu. Ruben asuwa ano na akoma mu pɔbɔ a ɛsoso wɔ. Adɛn nti na wote nnwammuo no ntam retie akuakuo no mu mmɛnhyɛn? Ruben asuwa no ano na akoma mu mpeepeemu akɛseɛ wɔ. Gilead te Yordan agya; na Dan deɛ, adɛn nti na ɔne ahyɛn teɛ? Aser te mpoano, na ne dɔnnɔn ho na ɔteɛ. Sebulon yɛ ɔman a ɔde ne kra sɔɔ owuo hwɛeɛ, ne Naftali nso wɔ petee mu sorɔnsorɔmmea. Ahemfo ba bɛdii ako, ɛno mu na Kanaan ahemfo bɛkoo Taanak, Megido asuo no ano, wɔannya dwetɛ mfasoɔ biara. Wɔfiri soro bɛdii ako, nsoromma firii wɔn akwan so ne Sisera koe. Kison asuo sesaa wɔn kɔe, tete dɔm asuo no, Kison asuo no. Me kra, tiatia kɔ wɔ ahoɔden so. Ɛno na apɔnkɔ nammuromu pempem fam ammirikatuo mu, n’ahoɔdenfoɔ ammirikatuo nti. AWURADE bɔfoɔ kaa sɛ: Monnome Meros, dome na monnome emutefoɔ no, sɛ wɔammɛdi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔmmanin no. Wɔnhyira Yael, mmaa mu, Kenini Heber yere no, wɔnhyira no ntomadan mu, mmaa mu. Nsuo na ɔresrɛ anom, ɔmaa no nufosuo, koraa fɛfɛ mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ baeɛ. Ɔtenee ne nsa sɔɔ pɛɛwa mu, na ne nifa kuraa adwumayɛfoɔ saeɛ, na ɔde bɔɔ Sisera pɛkyɛɛ ne ti, ɔfitiiɛ na ɔde bɔɔ n’asontorɔ mu. Ɔpono hwee ne nan ase daa hɔ, ɔpono hwee ne nan ase; deɛ ɔpono hweeɛ hɔ, ɛhɔ na ɔhwee ase wuiɛ. Mpomma mu na Sisera na fa hwɛeɛ, na ɔtwaa agyaadwo aniahunuankansa mu: Adɛn na ne teaseɛnam akyɛre ba yi? Adɛn na ne nteaseɛnam nan ka akyire yi? Ne mmaa anyansafoɔ bua no, na ɔno nso gye ɔno ara ne nsɛm no so: Wɔrennya asadeɛ nkyɛ? Ababaa baako anaa baanu mma ɔbarima baako, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro asadeɛ mma Sisera, ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro adi mu adwini asadeɛ, mpaneɛadwuma ntoma nworonnworan ahodoɔ mmienu a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asadeɛ? Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson. Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae. Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so, na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel. Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntomadan ba, na wɔba sɛ ntutummɛ pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no. Na Israel hodwoo Midian anim sɛ, na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE. Na Midian nti Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE no, AWURADE somaa ɔbarima diyifoɔ bi maa no baa Israelfoɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na memaa moforo firii Misraim baeɛ, na meyii mo nkoafie mu, na megyee mo Misraim nsam ne mo ahafoɔ nyinaa nsam, na metuu wɔn firii mo anim, na mede wɔn asase memaa mo; na mesee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ no anyame, nanso moantie me nne. Na AWURADE bɔfoɔ ba bɛtenaa dupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi- eserni Yoas deɛ no ase; na ne ba Gideon repore ayuo nsa-kyi-amena mu, sɛ ɔde rehunta Midianfoɔ. Na AWURADE bɔfoɔ no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima. Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyiri a, anka adɛn na yei nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na AWURADE yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei AWURADE apo yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsa. Na AWURADE danee n’ani kyerɛɛ no na ɔkaa sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kɔgye Israel Midian nsam; ɛnyɛ soma na masoma woɔ yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, mɛdi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa baako. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Afei sɛ manya w’anim animuonyam a, ɛnneɛ yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ me, sɛ ɛyɛ wo na wo ne me rekasa yi. Afei mfiri ha kɔsi sɛ mɛkɔ maba wo nkyɛn na mede m’ayɛyɛdeɛ mabɛsi w’anim. Na ɔkaa sɛ: Mɛtwɛn akɔsi sɛ wobɛsane aba. Na Gideon kɔ kɔsiesiee abirekyieba ne esiam efa baako apiti; ɛnam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsuo no ɔhwie guu kukuo mu, na ɔde firii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no. Na Nyankopɔn bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsuo no, hwie gu. Na ɔyɛɛ saa. Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura ne nsam no de ano kaa ɛnam ne apiti no, na ogya firi ɔboɔ no mu bɛhyee nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfoɔ no firii n’anim kɔe. Na Gideon hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ no, Gideon kaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Afei na mahunu AWURADE bɔfoɔ anim ne anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoeɛ nka wo, nsuro, worenwu. Ɛnna Gideon sii afɔrebukyia hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom. Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no de bɛsi nnɛ. Na ɛbaa sɛ anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na kɔdwiri Baal afɔrebukyia a ɛyɛ w’agya deɛ no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu. Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so. Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no; na ɛnam sɛ ɔsuro n’agya fie ne kurom hɔfoɔ no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo. Na kurom hɔfoɔ no sɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔaburi Baal afɔrebukyia no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahye nantwinini a ɔtɔ so mmienu no afɔrebukyia a wɔasie no so. Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan na ɔdii saa asɛm yi? Na wɔbisa hwehwɛɛ akyiri kwan; na wɔse: Yoas ba Gideon na ɔdii saa asɛm yi. Na kurom hɔfoɔ ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ɔmmɛwu, ɛfiri sɛ waburi Baal afɔrebukyia na watwitwa ɛho Asera nnua no. Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre tiaa no no nyinaa sɛ: Mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mobɛgye no? Deɛ ɔbɛko ama no no, ma wɔnku no anɔpa; sɛ ɔyɛ onyame a, ma no nko mma ne ho, sɛ wɔaburi n’afɔrebukyia. Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia. Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa bɛboaa wɔn ano, na wɔtwa bɛkyeree nsraban Yesreel bonhwa mu. Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn totorobɛnto, na Abi-eserfoɔ hyia bɛdii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Manase nyinaa na wɔn nso hyia bɛdii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo ba bɛhyiaa no. Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛdeɛ wokaeɛ no a, hwɛ, mede odwanten nwi merebɛhata awiporebea; sɛ obosuo tɔ nwi no so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mɛhunu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛdeɛ wokaeɛ no. Na adeɛ kyee anɔpa a ɔsɔreeɛ no, ɔkyinsaa enwi no, na ɔkyii enwi no mu obosuo hyɛɛ koraa ma. Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfu me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa enwi no mensɔ menhwɛ prɛko yi bio, ma enwi no nko nwo na obosuo ntɔ ngu fam hɔ nyinaa. Na Onyankopɔn yɛɛ saa, anadwo no, na enwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosuo tɔ guu hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɛdɔm a wɔka wo ho no dɔɔso sene deɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ankyerɛ wɔn ho me so anka sɛ: Me ara me nsa na agye me. Enti afei ma wɔmpae no ɔman no aso mu sɛ: Deɛ ɔsuro na n’akoma tuo no nsane n’akyi, na ɔnnane n’ani mfiri Gilead bepɔ ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa mpemaduonu mmienu sanee wɔn akyiri kɔeɛ, na ɛkaa nnipa mpemdu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Nnipa no da so dɔɔso; fa wɔn siane kɔ asuo no ho, na menyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ, na ɛmmra sɛ, deɛ mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkorɔ; na obiara a mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ. Na ɔde nnipa no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara. Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano tafereeɛ no, na ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkaeɛ nyinaa kotoo wɔn nankoroma anim nom nsuo no bi. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtafereeɛ no na mede bɛgye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea. Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu. Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa. Na sɛ wo deɛ, wosuro sɛ wobɛsiane a, wo ne w’akoa Pura nsiane nkɔ nsraban no mu, na kɔtie asɛm a wɔbɛka, na ɛno akyiri no, wo nsa bɛyɛ den na woasiane akɔ nsraban no mu. Na ɔne n’akoa Pura siane kɔɔ nsraban no mu twafoɔ no ano nohoa. Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na Gideon duruiɛ no, na hwɛ, obi reyi daeɛ bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, na hwɛ, atokoɔ taterɛ bi remuni aba Midian nsraban mu, na ɛduruu ntomadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ɛbutuu no koraa maa ntomadan no guu hɔ. Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ. Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa. Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛdeɛ meyɛ, na hwɛ, sɛ meduru nsraban no ano a, sɛdeɛ meyɛ no, saa ara na monyɛ. Na sɛ me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa hyɛne totorobɛnto no a, mo nso monhyɛne ntotorobɛnto ntwa nsraban no ho nyinaa nhyia, na monka sɛ: AWURADE ne Gideon deɛ nie! Na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no duruu nsraban no ano, dasuo a ɛdi mfimfini no mfitiaseɛ a wɔde awɛmfoɔ gyinagyinaeɛ ara pɛ, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto na wɔbobɔɔ nkuruwa a ɛkurakura wɔn nsam no. Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ! Na wɔgyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsraban no ho hyiae. Na nsraban no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteateaa mu na wɔdwanedwanee. Na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrantɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsraban no nyinaa so. Na ɛdɔm no nyinaa dwane kɔsii Bet-sita wɔ Serera kɔsii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano. Na wɔpae kɔhyiaa Israel mmarima firi Naftali ne Aser ne Manase nyinaa na wɔbɛtii Midian. Na Gideon somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Efraim bepɔ nyinaa so kɔkaa sɛ: Monsiane nkɔhyia Midian, na monnye wɔn nsam nsuo ano akwan nkɔduru Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa bɛhyiae, na wɔbɛgyee nsuo ano akwan no de kɔsii Bet-bara ne Yordan ano. Na wɔkyeree Midian asafohene baanu, Oreb ne Seeb, na wɔkumm Oreb, Oreb boɔ so, na Seeb nso wɔkumm no Seeb nsa-kyi-amena ho. Na wɔtii Midian na wɔde Oreb ne Seeb tiri firi Yordan agya brɛɛ Gideon.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa anaa? Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na deɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuo. Na Gideon duruu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wɔtii wɔn ara. Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna. Na Sukot atitire no kaa sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmfa paanoo mma wo dɔm yi anaa? Na Gideon kaa sɛ: Yei nti sɛ AWURADE nya de Seba ne Salmuna hyɛ me nsa a, ɛnneɛ mede ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ bɛsunsuane mo honam. Na ɔfirii hɔ kɔɔ Penuel na ɔne wɔn kasaa saa ara. Na Penuelfoɔ no buaa no sɛdeɛ Sukotfoɔ no buaa no no. Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no nso sɛ: Sɛ mesane meba dwoodwoo a, mɛdwiri abantenten yi. Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ. Na Gideon foro faa ntomadan mutefoɔ kwan so, Noba ne Yogbeha apueeɛ, na ɔkɔkunkumm dɔm no, ɛfiri sɛ na ɛdɔm no ani nna wɔn ho so. Na Seba ne Salmuna dwanee, na ɔtii wɔn kɔkyeree Midian ahemfo baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui. Ɛnna Yoas ba Gideon sane firii akono faa Heres aforoeɛ baeɛ. Na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukotfoɔ no mu, na ɔbisaa no, na ɔtwerɛɛ Sukot atitire ne emu mpanimfoɔ no din maa no, mmarima aduɔson nson. Na ɔbaa Sukotfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo no nie? Na ɔfaa kuro no mu mpanimfoɔ, na ɔfaa ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ, de kyerɛɛ Sukotfoɔ no nyansa. Na ɔdwirii Penuel abantenten no, na ɔkunkumm kuro no mu mmarima. Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mokunkumm wɔn Tabor no te sɛn? Na wɔse: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma. Na ɔkaa sɛ: Me nuanom, me na mma ne wɔn; sɛ AWURADE te aseɛ yi, momaa wɔtenaa ase a, anka merenkum mo. Na ɔka kyerɛɛ n’abakan Yeter sɛ: Sɔre ku wɔn. Nanso abɔfra no antwe ne nkrantɛ, na ɔsuro, ɛfiri sɛ na ɔda so yɛ abɔfra. Na Seba ne Salmuna kaa sɛ: Wo ara sɔre to yɛn dadeɛ, na sɛdeɛ ɔbarima teɛ na ne mmaninyɛ teɛ. Ɛnna Gideon sɔre kunkumm Seba ne Salmuna, na ɔfaa asrane nketewa a ɛgu wɔn yoma kɔn mu no. Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, ɛfiri sɛ wo na woagye yɛn afiri Midian nsam. Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na ɔnni mo soɔ. Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛbisa mo hɔ biribi; mo nyinaa momfa mo asadeɛ mu nkaa mmrɛ me. (Ɛnam sɛ Midianfoɔ yɛ Ismaelfoɔ nti, na wɔwowɔ sika nkaa.) Na wɔkaa sɛ: Yɛfiri yɛn pɛ mu de bɛma. Na wɔde ntoma sɛɛ hɔ, na obiara too n’asadeɛ mu nkaa guu so. Na sika nkaa a ɔbisaeɛ no ano si sika nnwetɛbena apem ahanson; ɛsono asrane nketewa ne aso mu ahyehyɛdeɛ ne ntadeɛ a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛdeɛ no. Na Gideon de yɛɛ ngusoɔ, na ɔde sii kuro Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyire adwamammɔ mu, na ɛdanee Gideon ne ne fie fidie. Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfoɔ anim, na wɔamma wɔn tiri so bio. Na asase no so dwoo Gideon nna mu mfirinhyia aduanan. Na Yoas ba Yerubaal sii mu kɔtenaa ne fie. Na Gideon wɔ mmammarima aduɔson a wɔfiri n’asene mu, ɛfiri sɛ na ɔwɔ yerenom pii. Na ne mpena a ɔwɔ Sekem no nso woo ɔbabarima maa no, na ɔtoo no din Abimelek. Na Yoas ba Gideon wuu akorabɔ pa mu, na wɔsiee no n’agya Yoas asieeɛ a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no. Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame. Na Israelfoɔ no ankae AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii wɔn atamfoɔ nyinaa nsam hyiaeɛ no, nso wɔanyɛ Yerubaal (a ɛyɛ Gideon) fie adɔeɛ amfa antua yie a ɔyɛɛ Israel no nyinaa so ka.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Yerubaal ba Abimelek sii mu kɔɔ Sekem ne na nuanom nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na n’agya fie abusua nyinaa sɛ: Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa ɔbaako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me. Ɛnna ne na nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfoɔ nyinaa aso mu; na wɔn akoma dane dii Abimelek akyi, na wɔse: Yɛn nua ne no. Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi. Na ɔbaa n’agya fie Ofra bɛkunkumm ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔson no, ɔboɔ baako so; nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, ɛfiri sɛ ɔde ne ho siee. Na Sekemfoɔ no nyinaa ne abankɛseɛ mufoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔkɔ kɔsii Abimelek hene nkaeɛboɔ dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase. Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, ɔsii mu kɔgyinaa Gerisim bepɔ atifi, na ɔmaa ne nne so teaa mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfoɔ, montie me, na Onyankopɔn nso ntie mo. Da bi nnua kɔɔ sɛ wɔrekɔsra obi ngo asi wɔn so hene, na wɔka kyerɛɛ ngodua sɛ: Di yɛn so hene. Na ngodua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me sradeɛ a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa? Na nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene. Na borɔdɔma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me dɛ ne m’aba pa no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa? Na nnua no ka kyerɛɛ bobe sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene. Na bobe ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me nsa a ɛgye anyame ne nnipa ani no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa? Ɛnna nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene. Na nkasɛɛ ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokorɛ mu na moresra me ngo asi me mo so hene a, ɛnneɛ mommra mmɛhyɛ me nwunu ase; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro no. Na afei, sɛ modii no nokorɛ ne pɛyɛ mu sɛ mode Abimelek sii hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no yie, na sɛ ne nsa ano adwuma ho adeɛ na mode ayɛ no yi a, — sɛ m’agya ko maa mo na ɔde ne nkwa too ne nsam, na ɔgyee mo firii Midian nsam, na mo deɛ, moasɔre atia m’agya fie nnɛ akum ne mma, mmarima aduɔson ɔboɔ baako so, na mode n’afenaa ba Abimelek asi Sekemfoɔ so hene, sɛ mo nua ne no nti, — ɛnneɛ, sɛ nokorɛ ne tenenee mu na mo ne Yerubaal ne ne fie adi nnɛ yi a, mo ani nnye Abimelek ho, na ɔno nso ani nnye mo ho. Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ, na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ mu mmɛhye Abimelek. Na Yotam twee ne ho dwane kɔɔ Beer kɔtenaa hɔ, ne nua Abimelek ho suro nti. Na Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa. Ɛnna Onyankopɔn somaa honhommɔne bi baa Abimelek ne Sekemfoɔ ntam, na Sekemfoɔ twitwaa Abimelek nkontompo, na Yerubaal mma aduɔson no ho mmusuo aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a ɔkumm wɔn no ne Sekemfoɔ a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ ɔnkum ne nuanom no atifi. Na Sekemfoɔ maa nnipa kɔtɛɛ no mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no soɔ nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek. Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom ba bɛsene kɔɔ Sekem; na Sekemfoɔ no de wɔn ani too ne so. Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek. Na Ebed ba Gaal kaa sɛ: Hwan ne Abimelek, na hwan ne Sekem a yɛnsom no? Ɛnyɛ Yerubaal ba ne no na Sebul yɛ ne safohene? Monsom Sekem agya Hamor mmarima no ɛ, na ɛdeɛn nti na yɛn deɛ, yɛnsom no? Na hwan na ɔde ɔman yi bɛhyɛ me nsa na anka matu Abimelek soɔ. Na ɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ: Ma wo dɔm nnɔɔso na firi bra. Na kuro no so safohene Sebul tee Ebed ba Gaal nsɛm no, na ne bo fuiɛ, na ɔnam aseɛ somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Abimelek nkyɛn sɛ: Hwɛ, Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem, na hwɛ, wɔrehwanyan ɔman no atia wo. Na afei sɔre anadwo, wo ne nnipa a wɔka wo ho no, na kɔtɛ wira mu. Na anɔpa a owia repue no, sɔre ntɛm bɛto hyɛ kuro no so, na hwɛ, ɔno ne nnipa a wɔka ne ho no bɛfiri adi abɛhyia wo, na woayɛ no sɛdeɛ wobɛtumi. Ɛnna Abimelek ne ɛdɔm a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anadwo, na wɔnam akuo nnan bɛtetɛɛ Sekem. Na Ebed ba Gaal firii adi kɔgyinaa kuro no pono ano. Na Abimelek ne nnipa a wɔka ne ho no sɔre firii atɛeɛ hɔ. Na Gaal hunuu nnipa no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: Hwɛ, nkurɔfoɔ bi firi mmepɔ no atifi resiane. Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Mmepɔ no sunsum na wohunu sɛ nnipa no. Na Gaal kaa bio sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi asase funuma mu resiane ba, na ekuo baako firi Akɔmfoɔ Dupɔn kwan so reba. Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkaa sɛ: Hwan ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? Ɛnyɛ nnipa a wobuu wɔn akumaa no nie? Afei firi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko. Na Gaal firii adi dii Sekemfoɔ no anim, na ɔne Abimelek kɔkoe. Na Abimelek pamm no, na ɔdwanee n’anim, na atɔfoɔ bebree totɔe de kɔsii kuro no pono ano. Na Abimelek tenaa Aruma; na Sebul pamm Gaal ne ne nuanom no sɛ wɔnntena Sekem. Na adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfoɔ no firii adi kɔɔ wira mu; wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek. Na ɔfaa nnipa no buu wɔn mu akuo mmiɛnsa, na ɔkɔtɛɛ wiram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, na nkurɔfoɔ no refiri adi afiri kuro no mu, na ɔsɔre tiaa wɔn kunkumm wɔn. Na Abimelek ne asafokuo a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kɔgyinaa kuro no pono ano, na asafokuo mmienu no to hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wiram no nyinaa so kunkumm wɔn. Na Abimelek ne kuro no koo da mu no nyinaa, na ɔfaa kuro no, na ɔkumm nnipa a wɔwɔ mu no, na ɔbɔɔ kuro no, na ɔde nkyene petee so. Na Sekem abankɛseɛ mufoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ onyame Berit fie aban mu. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem aban mufoɔ nyinaa aboaboa wɔn ano. Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔ soɔ, ɔne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kuraa ne nsam na ɔkɔtwaa dua mman, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔka ne ho no sɛ: Deɛ moahunu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛdeɛ mayɛ no. Na nnipa no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi de bɛguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa nso wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem. Ɛnna Abimelek sii mu kɔɔ Tebes kɔkyeree Tebes so nsraban, na ɔfae. Na abantenten denden bi wɔ kuro no mu, na ɛhɔ na mmarima ne mmaa nyinaa ne kuro no mufoɔ nyinaa dwanedwane kɔeɛ na wɔtoo wɔn ho mu, na wɔforo kɔɔ aban no atifi. Na Abimelek duruu aban no ho bɛkoe, na ɔtwe pinii aban no pono ano sɛ ɔde ogya rebɛhye. Na ɔbaa bi too ayuyammoba bɔɔ Abimelek tiri de pɛkyɛɛ ne tikwankoraa. Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree. Na Israel mmarima no hunuu sɛ Abimelek atɔ no, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn tenabea. Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ ɔkumm ne nuanom aduɔson no so ka. Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn maa no buaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Na ɔwui, na wɔsiee no Samir. Na n’akyiri no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmienu. Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so. Na Yair wui, na wɔsiee no Kamon. Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no. Na AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amonfoɔ nsa. Na wɔhom Israelfoɔ so haa wɔn afe no ara mu. Mfeɛ dunwɔtwe na wɔdii Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya, Amorifoɔ asase soɔ wɔ Gilead no nyinaa soɔ. Na Amonfoɔ no bɛtwaa Yordan ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie nso bɛkoe; na Israel ho hiahiaa wɔn sɛ. Ɛnna Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagya yɛn Nyankopɔn hɔ na yɛakɔsom Baalim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ: Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ, Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ anhyɛ mo so! Na mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam. Na mo deɛ, moagya me hɔ akɔsom anyame foforɔ. Enti merenkɔ so mennye mo bio. Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne; wo deɛ, yɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa, gyeɛ nko na gye yɛn nnɛ da yi. Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete. Na Amonfoɔ no hyia ba bɛkyeree nsraban Gilead. Na Israelfoɔ no nso boaboaa wɔn ano kɔkyeree nsraban Mispa. Na Gilead man, wɔn mu atitire sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan ne ɔbarima a ɔne Amonfoɔ no bɛfiri aseɛ ako? Ɔno na ɔnkɔdi Gileadfoɔ nyinaa tire.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, nanso ɔyɛ ɔbaa dwamamfoɔ bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta. Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɛyerɛ no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamm Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyadeɛ yɛn agya fie, ɛfiri sɛ ɔbaa foforɔ bi ba ne wo. Ɛnna Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase soɔ na nnipa ahuhufoɔ bi boaa wɔn ano bɛkaa Yefta ho, na wɔne no firii adi. Na ɛno akyiri no, Amonfoɔ ne Israel kɔdii ako. Na Amonfoɔ ne Israel bɛkoeɛ no, Gilead mpanimfoɔ kɔ kɔfaa Yefta firii Tob asase no so, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Bra bɛyɛ yɛn safohene, na yɛne Amonfoɔ nkɔko. Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mo ara na motane me na mopamm me firii m’agya fie no? Na adɛn nti na moba me nkyɛn afei a mowɔ ahohia mu yi? Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasane aba wo nkyɛn yi, na ɛne yɛn nkɔ na yɛne Amon mma nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfoɔ nyinaa so. Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ mode me sane kɔ sɛ me ne Amonfoɔ nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na menni mo tiri anaa? Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam danseni; deɛ woseɛ yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ. Ɛnna Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no sii mu baeɛ, na ɔman no de no sii wɔn ti ne ɔsafohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa. Ɛnna Yefta somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amonfoɔ hene no nkyɛn sɛ: Asɛm bɛn na me ne wo wɔ na woreba me so ne m’asase abɛko yi? Na Amonfoɔ hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfoɔ no sɛ: Ɛfiri sɛ Israel faa m’asase berɛ a na wɔfiri Misraim reba no, de firi Arnon kɔsi Yabok ne Yordan ano: Na afei dane ma me komm. Na Yefta sane somaa abɔfoɔ bio maa wɔkɔɔ Amonfoɔ hene no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase ne Amonfoɔ asase biara, na mmom wɔfiri Misraim no, Israel nantee ɛserɛ so kɔsii Mmɛwa Po ano, na wɔbaa Kades. Na Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ: Ma mentwam w’asase so ɛ! Na Edomhene no antie. Na ɔsoma maa wɔkɔɔ Moabhene nkyɛn nso, na wɔampene. Na Israel tenaa Kades. Na wɔnantee ɛserɛ so kɔtwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wɔbɛfirii Moab asase no apueeɛ, na wɔbɛkyeree nsraban Arnon agya nohoa, na wɔamma Moab asase so, ɛfiri sɛ Arnon ne Moab bɔ hyeɛ. Ɛnna Israel somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Amorifoɔ hene Sihon a ɔyɛ Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛntwam w’asase so nkɔ m’afa. Na Sihon annye Israel anni, sɛ ɔbɛma wɔafa ne hyeɛ soɔ, na Sihon boaa ne man nyinaa ano, na wɔbɛkyeree nsraban Yahas, na ɔne Israel bɛkoe. Na AWURADE, Israel Nyankopɔn de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wɔkunkumm wɔn, na Israel faa Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no asase nyinaa dii so, na wɔfaa Amorifoɔ asase nyinaa firi Arnon ano kɔsi Yabok ano, na ɛfiri ɛserɛ so kɔsi Yordan ano. Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifoɔ afiri ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi soɔ anaa? Ɛnyɛ deɛ wo nyame Kemos de maa wo sɛ di soɔ na wobɛfa adi soɔ anaa? Na adeɛ biara a AWURADE Nyankopɔn agye de ama yɛn sɛ yɛnni soɔ no, ɛno na yɛbɛfa adi soɔ. Na afei, woyɛ sene Moabhene Sipor ba Balak? Ham na ɔne Israel hameeɛ anaasɛ ko na ɔne wɔn koeɛ? Berɛ a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkuro ne Aroer ne ɛho nkuro ne Arnon ho nkuro nyinaa mu mfirinhyia ahasa no, adɛn nti na moannyeɛ, saa berɛ no? Na me deɛ, menyɛɛ wo bɔne biara, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufoɔ no ɔmmu Israelfoɔ ne Amonfoɔ ntam atɛn nnɛ. Nanso Amonfoɔ hene antie Yefta nsɛm a ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ no no. Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sene kɔɔ Gilead-mispe na ɔfiri Gilead-mispe twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no so. Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfoɔ no hyɛ me nsa a, ɛnneɛ deɛ ɛbɛfiri me fie apono ano abɛhyia me da a meresane mafiri Amonfoɔ so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE deɛ, na mede bɛbɔ afɔdeɛ mu. Ɛnna Yefta twaa mu kɔɔ Amonfoɔ no soɔ ne wɔn kɔkoeɛ; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa. Na ɔkunkumm wɔn kum kɛseɛ pa ara firi Aroer kɔsi deɛ wɔfa kɔ Minit, nkuro aduonu, ɛde kɔsi Abel-keramim. Na wɔbrɛɛ Amonfoɔ no ase Israelfoɔ anim. Ɛnna Yefta baa ne fie Mispa. Na hwɛ, ne babaa de mpintin ne asa firii adi bɛhyiaa no, nso na ɔdi no bakorɔ, ɔnni ɔbabarima anaa ɔbabaa gye ɔno. Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Ɛfiri sɛ, mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnneɛ yɛ me sɛdeɛ afiri w’ano no, sɛ AWURADE anya atɔ were ama wo, w’atamfo Amonfoɔ no soɔ yi. Na ɔka kyerɛɛ n’agya bio sɛ: Wɔnyɛ yei mma me; gya me kwan abosome mmienu, na mensiane menkɔ mmepɔ so, na mensu me mmabaaberɛ, me ne me mfɛfoɔ. Na ɔse: Kɔ! Na ɔgyaa no kwan abosome mmienu. Na ɔne ne mfɛfoɔ kɔe, na ɔkɔsuu ne mmabaaberɛ mmepɔ so. Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu: Daa afirinhyia Israel mmammaa kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babaa no afe mu nnanan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so. Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nkurɔfoɔ nyinaa ne Amonfoɔ nyaa manso kɛseɛ; na meteaa mu mefrɛɛ mo no, moannye me amfiri wɔn nsam; na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi? Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kunkumm Efraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔse: Moyɛ Efraim adwanefoɔ, mo Gileadfoɔ, mowɔ Efraim mu, na mowɔ Manase mu. Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ. Na Yefta buu Israel atɛn mfeɛ nsia. Na Gileadni Yefta wui, na wɔsiee no Gilead nkuro no bi mu. Na n’akyiri no, Ibsan a ɔfiri Betlehem buu Israel atɛn. Na ɔwɔ mmammarima aduasa, na ɔde mmammaa aduasa memaa awareɛ mmeammea, na ɔkɔgyegyee mmabaa aduasa nso firi mmeammea brɛɛ ne mmammarima awareɛ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nson. Na Ibsan wui, na wɔsiee no Betlehem. Na n’akyiri no, Sebulonni Elon buu Israel atɛn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ du. Na Sebulonni Elon wui, na wɔsiee no Ayalon, Sebulon asase so. Na n’akyiri no, Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni buu Israel atɛn. Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfunumu aduɔson soɔ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nwɔtwe. Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wɔsiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ soɔ no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Sora a ɔfiri Danfoɔ abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonini, na ɔnwo. Na AWURADE bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woyɛ obonini na wonwo, nanso wobɛnyinsɛn awo ɔbabarima. Na afei hwɛ yie, na nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ. Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam. Ɛnna ɔbaa no ba bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Nyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ anim, na mammisa no deɛ ɔfire, na ɔno nso ankyerɛ me ne din. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima; na afei nnom bobesa anaa nsa biara, na nni biribi a ɛho nteɛ; na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum de akɔsi ne wuda. Na Manoa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: O AWURADE, ma Nyankopɔn nipa a wosomaa no no mmra yɛn nkyɛn bio, na ɔmmɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ abɔfra a wɔrebɛwo no no. Na Onyankopɔn tiee Manoa, na Nyankopɔn bɔfoɔ no baa ɔbaa no nkyɛn bio, na ɔwɔ afuo mu a ne kunu Manoa nka ne ho. Na ɔbaa no yɛɛ ntɛm tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, ɔbarima a ɔbaa me nkyɛn nnaano no abɛyi ne ho adi akyerɛ me. Na Manoa sɔre dii ne yere no akyi na ɔbaa ɔbarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone ɔbarima a wo ne ɔbaa no kasaeɛ no? Na ɔse: Mene no. Na Manoa kaa sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdeɛn ne abɔfra no ahyɛdeɛ na ɛdeɛn na ɔnyɛ? Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Deɛ mesee ɔbaa no nyinaa ho na ɔnhwɛ yie. Ɔnnni adeɛ biara a ɛfiri bobe mu, na ɔnnnom bobesa anaa nsa biara, na adeɛ biara a ɛho nteɛ nso, ɔnnni; deɛ mahyɛ no nyinaa, ɔnni so. Na Manoa ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Ma yɛnsianka wo na yɛnsiesie abirekyie ba bi mma wo ansa. Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Manoa sɛ: Sɛ wosianka me mpo a, merenni w’aduane no bi. Na sɛ wobɛbɔ hyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, bɔ ɛ! Na Manoa nnim sɛ ɔyɛ AWURADE bɔfoɔ. Na Manoa ka kyerɛɛ AWURADE bɔfoɔ no sɛ: Wo din de sɛn? Na sɛ wo nsɛm no nya ba mu a, yɛahyɛ wo animuonyam. Na AWURADE bɔfoɔ no see no sɛ: Adɛn na worebisa me din a ɛyɛ nwanwa yi? Na Manoa faa abirekyie ba ne aduane afɔdeɛ na ɔde bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔbotan no so maa AWURADE. Na ɔbɔfoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ, na Manoa ne ne yere hwɛe. Na ogyaframa no resɔre afiri afɔrebukyia no so akɔ soro no, AWURADE bɔfoɔ no foro faa afɔrebukyia no so gyaframa no mu kɔɔ soro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam. Na AWURADE bɔfoɔ no ammɛyi ne ho adi ankyerɛ Manoa ne ne yere bio. Ɛno na Manoa hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ. Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Wuo na yɛrebɛwuwuo, sɛ yɛahunu Onyankopɔn yi. Na ne yere no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE pɛ sɛ ɔku yɛn a, anka wannye yɛn nsam ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, na anka wanyi yeinom nyinaa ankyerɛ yɛn, na anka wamma yɛante nsɛm a ɛte saa yi saa berɛ yi. Na ɔbaa no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samson. Na abɔfra no nyinii, na AWURADE hyiraa no. Na AWURADE honhom firii aseɛ kekaa no wɔ ne mu, Dan nsraban mu Sora ne Estaol ntam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Samson siane kɔɔ Timna, na ɔkɔhunuu ɔbaa bi wɔ Timna a ɔyɛ Filistifoɔ mmammaa no bi. Na ɔforo ba bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makɔhunu ɔbaa bi wɔ Timna, Filistifoɔ mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware. Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nuanom mma mmaa ne me man nyinaa mu nni ɔbaa bi, na worekɔ akɔware ɔbaa Filistifoɔ momonotofoɔ no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani. Na n’agya ne ne na nnim sɛ yei firi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifoɔ ho kwan; ɛfiri sɛ saa berɛ no na Filistifoɔ di Israel so. Na Samson ne n’agya ne ne na sii mu kɔɔ Timna. Na wɔduruu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataburuwa bi boboom hyiaa no. Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na. Na ɔsii mu kɔ kɔnee ɔbaa no kasae, na ɔsɔɔ Samson ani. Na nna bi akyiri no, ɔsane kɔɔ sɛ ɔrekɔhyia no, na ɔmane kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ nwowa manyamanya ne ɛwoɔ adɔre gyata no yam. Na ɔfaa bi kura kɔe, na ɔrekorɔ na ɔredi, na ɔkɔduruu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na ɔyii ɛwoɔ no. Na n’agya sii mu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na Samson too pono wɔ hɔ, ɛfiri sɛ saa na na mmeranteɛ taa yɛ. Na wɔhunuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa ne ho. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ motumi kyerɛ me aseɛ nnanson apontoɔ yi mu na mohunu a, ɛnneɛ mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa; na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntadeɛ nsakyeraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To w’aborɔme no na yɛntie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Odidifoɔ mu na aduane firi baeɛ, na ɔhoɔdenfoɔ mu na nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ firi baeɛ. Na wɔantumi ankyerɛ aborɔme no ase nnansa. Na ɛbaa sɛ da a ɛtɔ so nson no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhye wo ne w’agya fie! Yɛn hia mu nti na mobɛhyiaa yɛn? Ɛnte saa anaa? Na Samson yere no su guu ne so kaa sɛ: Tane nko na wotane me na wonnɔ me. Woato me nkurɔfoɔ aborɔme, nso wonkyerɛɛ me aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, m’agya ne me na mpo menkyerɛɛ wɔn, na wo na menkyerɛ woɔ anaa? Na ɔsu guu ne so nnanson no a apontoɔ no gu soɔ no nyinaa. Na da a ɛtɔ so nson no ɔka kyerɛɛ no, ɛfiri sɛ na ɔha no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no. Na kuro no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛtɔ so nson no ansa na owia retɔ sɛ: Ɛdeɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sene ɛwoɔ, na ɛdeɛn na ne ho yɛ den sene gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moamfa me nantwie amfuntum a, anka moanhunu m’aborɔme no ase. Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔsii mu kɔɔ Askelon kɔkunkumm wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ho adeɛ, na ɔde ntadeɛ nsakyeraho no memaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no aseɛ no. Na ne bo fui. Na ɔsane kɔɔ n’agya fie. Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a ɔfaa no adamfo no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ ɛkyɛree kakra no, ayuotwa berɛ mu no, Samson de abirekyie ba kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ ne yere anim, na ɔkaa sɛ: Mɛkɔ me yere nkyɛn pia mu. Nanso ɔbaa n’agya amma no kwan amma no ankɔ mu. Na ɔbaa n’agya kaa sɛ: Me deɛ, mese wompɛ no bio, enti mede no mama wo yɔnko bi. Ne nua kumaa no ho nyɛ fɛ nsene no anaa? Fa no si n’ananmu. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, sɛ me ne Filistifoɔ di no bɔne a, merenni ho so biara. Na Samson sii mu kɔ kɔkyeree nsakraman ahasa, na ɔfaa ogyatɛnee na ɔde dua sii dua anim de gyatɛnee hyɛɛ dua mmienu biara ntam. Na ɔsosɔɔ ogyatɛnee no ano no, ɔgyaa wɔn maa wɔkɔɔ Filistifoɔ no ayufuo mu maa no hyee ayuo akuakuo ne ayuo a ɛsisi hɔ ne ngodua nturo no. Ɛnna Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwan mpo na ɔyɛɛ yei? Na wɔse: Timnani no ase Samson, sɛ ɔde ne yere ama ne yɔnko nti. Ɛnna Filistifoɔ no sii mu kɔeɛ de ogya kɔhyee ɔbaa no ne n’agya fie. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moayɛ saa a, gye sɛ matɔ mo were ansa na magyae. Na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne dwonkuo so kunkumm wɔn okunkɛseɛ. Na ɔsii mu kɔtenaa Etam botan tokuro mu. Ɛnna Filistifoɔ ba bɛkyeree Yuda so nsraban, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Lehi. Na Yuda mmarima no kaa sɛ: Adɛn nti na moaba yɛn soɔ yi? Na wɔse: Yɛreba abɛkyekyere Samson na yɛayɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ yɛn no. Na Yuda mu mmarima mpensa sii mu kɔɔ Etam botan tokuro no mu, na wɔka kyerɛɛ Samson sɛ: Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ, na ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛreba abɛkyekyere wo na yɛde wo akɔhyɛ Filistifoɔ no nsa. Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka ntam nkyerɛ me sɛ mo ara deɛ, morenyɛ me hwee. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na kyekyerɛ nko na yɛrebɛkyekyere woɔ de wo akɔhyɛ wɔn nsa. Na kum deɛ, yɛrenku wo. Na wɔde ntampehoma foforɔ mmienu kyekyeree no, na wɔde no foro firii ɔbotan no mu. Ɔreyɛ aduru Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ne so ose. Na AWURADE honhom sii ne so, na ntampehoma a ɛwɔ ne basa ho no yɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka na ne homa no sanesane firii ne nsa. Na ɔhunuu afunumu abɔgye foforɔ bi, na ɔtenee ne nsa fa de kunkumm mmarima apem. Na Samson kaa sɛ: Mede afunumu abɔgye, ekuo nie, akuo mmienu nie, mede afunumu abɔgye makunkum mmarima apem. Na ɛbaa sɛ ɔwiee kasa no, ɔtoo abɔgyeɛ no mu firi ne nsam twenee, na wɔfrɛɛ hɔ sɛ Ramat-lehi. Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam. Na Onyankopɔn paee tokuro a ɛwɔ Lehi no mu, na nsuo firi hɔ bae, na ɔnomee. Na ne honhom sane bae na ɔnyaa nkwa. Enti wɔfrɛ hɔ En-hakore a ɛwɔ Lehi de bɛsi nnɛ yi. Na ɔbuu Israel atɛn Filistifoɔ berɛ no so mfirinhyia aduonu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Samson sii mu kɔɔ Gasa, na ɔkɔhunuu ɔbaa dwamamfoɔ bi hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn. Na wɔka kyerɛɛ Gasafoɔ no sɛ: Samson aba ha, na wɔtwaa ne ho hyiae, na wɔtɛɛ no anadwo no kuro no pono ano, na wɔtaree dinn anadwo no nyinaa kaa sɛ: Adeɛ kye anɔpa a, yɛbɛku no. Na Samson da kɔsii dasuo mu, na ɔsɔree dasuo no mu, na ɔsɔɔ kuro no apono ne aponnwa mmienu no mu, na ɔtuu ɛne akyire adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔ a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi. Na ɛno akyiri no, ɔdɔɔ ɔbaa bi Sorek subonhwa mu a ne din de Delila. Na Filistifoɔ asafohene baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Daadaa no na hwɛ adekodeɛ a n’ahoɔden kɛseɛ no wɔ mu ne adekodeɛ a yɛde bɛtumi no na yɛakyekyere no abrɛ no ase, na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena apem ne ɔha. Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Ka kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn mu na w’ahoɔden kɛseɛ no wɔ, na ɛdeɛn na wɔde bɛkyekyere woɔ abrɛ wo aseɛ? Na Samson ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde nhomamono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, ɛnneɛ mɛhodwo, na mayɛ sɛ onipa biara. Ɛnna Filistifoɔ asafohene no de nhomamono kyeaoo nson a ɛnwoeɛ brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no. Nso na ɔwɔ atɛfoɔ hyɛ pia mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔtetee nhoma no mu sɛdeɛ ogya ka firaeɛ a, ɛteteɛ no. Na wɔanhunu n’ahoɔden no ase. Ɛnna Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Hwɛ, woasisi me, na woatwa me nkontompo. Afei mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ ɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wɔde ntampehoma foforɔ a wɔmfa nyɛɛ adwuma da kyekyere me a, ɛnna mɛhodwo mayɛ sɛ onipa biara. Na Delila faa ntampehoma foforɔ de kyekyeree no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Nso na atɛfoɔ no hyɛ pia mu. Na ɔtete firii ne basa ho sɛ asaawa. Na Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: Woasisi me de abɛduru sɛsɛɛ yi, na woatwa me nkontompo. Kyerɛ me deɛ wɔbɛtumi de akyekyere woɔ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wode me tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson de fra ntomaban nwono a. Na ɔde akoroteaa bɔɔ mu, na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔtuu deɛ wanwono no mu akoroteaa no ne anwonneɛ no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka sɛ: Medɔ wo, na w’akoma nni me ho yi? Mprɛnsa ni a woasisi me, na wonkyerɛɛ me adekodeɛ a w’ahoɔden kɛseɛ yi wɔ mu. Na ɔde ne nsɛm dwan ne ho daa nyinaa yeraa ne ho na ne kra home tee no kɔɔ owuo mu no, ɛnna ɔyii n’akoma mu nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Yiwan nkaa m’atifi da, ɛfiri sɛ Nyankopɔn hotuafoɔ ne me firi me na yam; sɛ wɔyi me tiri a, na m’ahoɔden bɛfiri me ho, na mahodwo mayɛ sɛ onipa biara. Na Delila hunuu sɛ waka no n’akoma mu asɛm nyinaa no, ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Mommra prɛko yi, ɛfiri sɛ waka me n’akoma mu asɛm nyinaa. Na Filistifoɔ asafohene no baa ne nkyɛn, na wɔkurakura sika no wɔn nsam. Na ɔdedaa no ne nankoroma so, na ɔfrɛɛ ɔbarima bi maa no bɛyii ne tirinwi mpɛsɛmpɛsɛ nson no, na ɔfirii aseɛ brɛɛ no ase, na n’ahoɔden no firii ne ho kɔe. Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Nanso ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho. Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie. Na ne tirinwi firi aseɛ fui, n’ayie no akyi. Na Filistifoɔ asafohene no hyiaa sɛ wɔrebɛbɔ afɔdeɛ kɛseɛ ama wɔn nyame Dagon na wɔagye wɔn ani; na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa. Na ɔman no hunuu no no, wɔyii wɔn nyame no ayɛ, na wɔkaa sɛ: Yɛn nyame de yɛn tamfo ne yɛn asase sɛefoɔ a wakunkum yɛn mu pii no ahyɛ yɛn nsa. Na berɛ a na wɔn ani agyeɛ no, wɔkaa sɛ: Momfrɛ Samson na ɔmmɛgoro nkyerɛ yɛn. Na wɔkɔfrɛɛ Samson firii apokyerɛfoɔ fie bae, na ɔgoroo wɔn anim, na wɔde no gyinaa adum no ntam. Na Samson ka kyerɛɛ abɔfra a ɔkura ne nsa no sɛ: Gyaa me na mensosɔ adum mmienu a ɛdan no si soɔ no mu, na mentwere. Nso na mmarima ne mmaa ayɛ efie hɔ ma, na Filistifoɔ asafohene nyinaa nso wɔ hɔ, na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ ɛdan no atifi rehwɛ Samson agorɔ no. Na Samson frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko ara, Onyankopɔn, na mentɔ m’ani mmienu yi so were prɛko Filistifoɔ so. Na Samson sosɔɔ mfimfini adum mmienu a ɛdan no si soɔ na ɛso no no mu, na ɔde ne nifa sɔɔ baako mu na ɔde benkum sɔɔ baako mu. Na Samson kaa sɛ: Ma me ne Filistifoɔ no nwuwu! Na ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunii, na efie no dwiri guu asafohene no ne nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa so. Na awufoɔ a ɔmaa wɔwuiɛ ne wuo mu dɔɔso sene wɔn a ɔmaa wɔwuiɛ ne nkwa berɛ mu. Ɛnna ne nuanom ne n’agya fie nyinaa siane kɔ kɔfaa no de no foro ba bɛsiee no Sora ne Estaol ntam wɔ n’agya Manoa asieeɛ. Na ɔno deɛ, ɔbuu Israel atɛn mfirinhyia aduonu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika. Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba. Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo. Na ɔdanee dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufoɔ, na ɔde yɛɛ senhoni ne agudeɛ, na ɛwɔ Mika fie. Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ. Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ. Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ. Na ɔbarima no firii Betlehem Yuda kuro no mu sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔbɛnya; na n’akwantuo no mu, ɔduruu Mika fie wɔ Efraim bepɔ so. Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem Yuda, na menam merekɔtena baabiara a mɛnya. Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne sɔfoɔ, na mɛma wo dwetɛ du afirinhyia ne atadeɛ baako ne w’aduane. Na Lewini no hyɛnee mu. Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberanteɛ no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu baako. Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfoɔ, na aberanteɛ no bɛyɛɛ ne sɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie. Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; na nna no mu nso na Danfoɔ abusuakuo no rehwehwɛ agyapadeɛ atena so, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no na agyapadeɛ bi nnya mmɛtɔɔ wɔn fam Israel mmusuakuo no mu. Na Danfoɔ no somaa wɔn abusua mu mmarima baanum, wɔn mu mmarima a wɔyɛ nnam, firii Sora ne Estaol, sɛ wɔnkɔsra asase no na wɔnhwehwɛ mu, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no so. Na wɔduruu Efraim bepɔ so Mika fie, na wɔdaa hɔ. Wɔwɔ Mika fie ho no, wɔtee aberanteɛ Lewini no nne, na wɔmanee hɔ, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwan na ɔde wo baa ha? Na ɛdeɛn na woreyɛ no ha? Na ɛdeɛn nso na wowɔ wɔ ha? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na Mika ne me adie, na wabɔ me paa, na mabɛyɛ ne sɔfoɔ. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yɛnhunu sɛ yɛn kwan a yɛnam soɔ yi bɛyɛ siadeɛ kwan anaa? Na ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoeɛ nkɔ. AWURADE anim na mo kwan a monam mu no da. Na mmarima baanum no sii mu kɔduruu Lais; na wɔhunuu ɔman a ɛwɔ hɔ no sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, sɛdeɛ Sidonfoɔ amanneɛ teɛ, wɔte hɔ komm ne dwoodwoo, na obi nni hɔ a ɔka wɔn biribiara mu na ɔdi tumi asase no soɔ, na wɔne Sidonfoɔ no ntam ware, na wɔne obi nni asɛm biara. Na wɔbaa wɔn nuanom nkyɛn wɔ Sora ne Estaol; na wɔn nuanom no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Amanneɛ? Na wɔse: Momma yɛnsɔre na yɛnkɔ wɔn so, ɛfiri sɛ yɛahunu asase no, na hwɛ, ɛyɛ papaapa. Na mo deɛ, moayɛ komm yi ɛ? Monntwentwɛn, na monkɔ hɔ nkɔfa asase no. Mokɔ a, mobɛto ɔman a wɔte hɔ dwoodwoo; asase no so, na Onyankopɔn de ahyɛ mo nsa; baabi a asase so adeɛ biara nyɛ na hɔ. Ɛnna Danfoɔ abusua no mu mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ tu firii Sora ne Estaol. Na wɔkɔe kɔkyeree nsraban Kiriat- yearim wɔ Yuda. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ Mahane-dan de bɛsi nnɛ. Hwɛ, ɛwɔ Kiriat-yearim akyi. Na wɔtwaa mu hɔ kɔɔ Efraim bepɔ so, na wɔduruu Mika fie. Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no bua see wɔn nuanom no sɛ: Monim sɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni a wɔasene ne agudeɛ wɔ adan yi mu? Na afei monhwɛ deɛ mobɛyɛ. Na wɔmanee hɔ, na wɔduruu aberanteɛ Lewini no fie a ɛyɛ Mika fie, na wɔkyeaa no. Na mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ a wɔfiri Danfoɔ no mu no gyinaa aboboano. Na mmarima baanum a wɔkɔsraa asase no kɔ kɔhyɛnee hɔ faa ohoni a wɔasene ne asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne agudeɛ no, nso na ɔsɔfoɔ no ne mmarima ahansia a wɔahyehyɛ akodeɛ no gyina aboboɔ no ano. Na yeinom kɔhyɛnee Mika fie kɔfaa ohoni a wɔasene, asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne agudeɛ no no, ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moreyɛ yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ komm, fa wo nsa mua w’ano na ɛne yɛn nkɔ, na yɛ yɛn agya ne ɔsɔfoɔ. Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi sɔfoɔ ama onipa baako fie anaasɛ wobɛdi sɔfoɔ ama Israel mu abusuakuo ne abusua? Ɛnna ɔsɔfoɔ no penee soɔ, na ɔfaa asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasene no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu. Ɛnna wɔdanee wɔn ho de kɔeɛ, na wɔmaa mmɔfra ne afieboa ne nnoɔma a ɛho hia dii wɔn anim. Wɔne Mika fie ntam twee ara yie no, wɔfrɛfrɛɛ nnipa a ɛwɔ afie a ɛbemmɛn Mika fie no mu no bɛhyiae, na wɔtii Danfoɔ no. Na wɔteaa mu frɛɛ Danfoɔ no, na wɔdanedanee wɔn ho ka kyerɛɛ Mika sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wode ɛdɔm a ɛte sɛɛ reba yi? Na ɔse: M’anyame a meyɛeɛ ne ɔsɔfoɔ no, moafa de rekɔ, na ɛdeɛn na mewɔ bio? Na afei adɛn na moka kyerɛ me sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ, yi? Na Danfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Mma wɔnnte wo nne wɔ yɛn mu, na mmarima a wɔn bo afuo ammɛto anhyɛ mo so, na woanhwere wo nkwa ne wo fiefoɔ deɛ. Na Danfoɔ no sii wɔn kwan so kɔe. Na Mika hunuu sɛ wɔn ho yɛ den sene no no, ɔdanee ne ho sane baa ne fie. Na wɔn deɛ, wɔfaa nnoɔma a Mika yɛeɛ no ne ɔsɔfoɔ a ɔnyaeɛ no kɔ kɔduruu Lais, ɔman a wɔwɔ hɔ komm na wɔte hɔ dwoodwoo no, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔde ogya hyee kuro no. Na ɔgyefoɔ biara amma, ɛfiri sɛ ɛne Sidon ware, na na wɔne obiara biara nni twaka; na ɛda bonhwa a ɛde kɔ Bet-rehob no mu. Na wɔkyekyeree kuro no tenaa mu, na wɔtoo kuro no din Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan a wɔwoo no maa Israel no din teɛ; nanso anka akane no na kuro no din de Lais. Na Danfoɔ no de ohoni a wɔasene no sii hɔ fae, na Mose ba Gersom ba Yonatan ne ne mma dii asɔfoɔ maa Dan abusuakuo no de kɔsii asase no tukorɔ da so. Na wɔde Mika honi a wɔasene a ɔyɛeɛ no sii hɔ fae nna a Nyankopɔn fie no wɔ Silo no nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nna no mu a ɔhene biara nni Israel no, na Lewini bi wɔ hɔ, na ɔkɔyɛɛ hɔhoɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi na ɔkɔfaa mpena bi firii Betlehem Yuda. Na ne mpena no firii n’akyi kɔbɔɔ adwaman, na ɔfirii ne nkyɛn kɔɔ n’agya fie Betlehem Yuda na ɔkɔdii hɔ nna bi, abosome nnan. Na ne kunu no sɔre tii no sɛ ɔrekɔka no abodwosɛm na ɔde no asane aba, na n’abɔfra ne mfunumu mmienu ka ne ho. Na ɔbaa no de no kɔɔ n’agya fie; na ababaa no agya hunuu no no, ɔde anigyeɛ hyiaa no. Na n’ase, ababaa no agya no, worɔɔ no, na ɔtenaa ne nkyɛn nnansa. Na wɔdidii, nomee na wɔtenaa hɔ. Na da a ɛtɔ so nnan no, ɔsɔree anɔpatutu, na ɔsiesiee ne ho sɛ anka ɔresim; na ababaa no agya no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma bi dwodwo w’akoma, na ɛno akyiri no, moasi kwan so. Na wɔtenatenaa ase, na wɔn baanu no nyinaa didii na wɔnomee. Na ababaa no agya no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: Pene ɛ, na da anadwo yi, na gye w’ani. Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔresim no, n’ase no worɔɔ no, na ɔtenaa ase daa hɔ. Na ɛda a ɛtɔ so nnum no, ɔsɔree anɔpatutu sɛ ɔrekɔ. Na ababaa no agya no kaa sɛ: Dwodwo w’akoma, na montwɛn nkɔsi sɛ owia bɛdane ne ho; na wɔn baanu no didii. Na ɔbarima no sɔree sɛ ɔrekɔ, ɔno ne ne mpena ne n’abɔfra no. Na n’ase, ababaa no agya no, ka kyerɛɛ no sɛ: Enwunu redwo na adeɛ reyɛ asa, monna ɛ, hwɛ, adesaeɛ abɛn, da ha na gye w’ani, na ɔkyena moatua nhema atu mo kwan akɔ wo fie. Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɛda hɔ anadwo no; na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Yebus (a ɛne Yerusalem) no ntentensoɔ; na mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no ka no ho. Wɔduruu Yebus no, na adeɛ resa pa ara. Na abɔfra no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ: Ma yɛmmane nkɔ Yebusifoɔ kuro yi mu nkɔda hɔ. Na ne wura ka kyerɛɛ no sɛ: Mma yɛmmmane nnkɔ ananafoɔ a Israelfoɔ mu bi nni ha kuro mu, na yɛntwam nkɔ Gibea. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Duom na yɛmmɛn nkuro no mu baako nkɔda Gibea anaa Rama. Na wɔtwaa mu kɔe, na owia kɔtɔɔ wɔn wɔ Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no ho. Na wɔmane kɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔda Gibea. Na ɔduruiɛ no, ɔtenaa kuro no abɔntene so, na obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fie sɛ wɔnkɔda hɔ. Na hwɛ, akɔkoraa bi firi n’adwuma ano afuom anwummerɛ bae; na onipa no firi Efraim bepɔ so na ɔbɛyɛɛ hɔhoɔ Gibea, na kurom hɔfoɔ yɛ Benyaminfoɔ. Na ɔmaa n’ani so, na ɔhunuu ɔbarima kwantenni no, kuro no abɔntene so, na akɔkoraa no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na worekorɔ, na ɛhe nso na wofire? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛfiri Betlehem Yuda retwam akɔ Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi; ɛhɔ na mefire na mekɔɔ Betlehem Yuda. Na AWURADE fie na merekorɔ yi, nso obiara mmɛfa me nkɔsoɛ ne fie. Nanso ɛserɛ ne aduane wɔ hɔ ma yɛn mfunumu no, na paanoo ne nsa wɔ hɔ ma me ne w’afenaa ne abɔfra a ɔka wo nkoa ho no nso, biribiara nhia yɛn. Na akɔkoraa no kaa sɛ: Asomdwoeɛ nka wo. Ma deɛ ɛhia woɔ nyinaa nna me so. Abɔntene so nko ara na nna! Na ɔde no kɔɔ ne fie, na ɔmaa mfunumu no aduane, na wɔhohoroo wɔn nan ho, na wɔdidi nomee. Wɔn deɛ, wɔrema wɔn bo atɔ wɔn yam no, hwɛ, kurom hɔfoɔ mma busufoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae, na wɔpempem ɛpono no, na wɔka kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fie no firi adi bra na yɛne no nna. Na ɔbarima efiewura no firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, me nuanom, monnyɛ adebɔne yi! Sɛ ɔbarima yi anya abɛsoɛ me fie yi, monnni nkwaseasɛm yi. Na me ba ɔbaabunu, ne ne mpena nie, momma memfa wɔn mfiri adi na mommrɛ wɔn ase na monyɛ wɔn deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ. Na ɔbarima yi deɛ, monnyɛ no nkwaseadeɛ a ɛte sɛɛ. Nanso mmarima no ampɛ sɛ wɔbɛtie no; ɛnna ɔbarima no sɔɔ ne mpena no mu de no firii adi brɛɛ wɔn abɔntene soɔ; na wɔne no dae yɛɛ no biribiara a wɔpɛ anadwo no ara kɔsii anɔpa, na adeɛ kyeeɛ no, wɔgyaa no maa no kɔe. Na anim reyɛ abae no, ɔbaa no bae, na ɔbɛhwee ɔbarima no fie a ne wura wɔ mu no pono ano daa hɔ kɔsii sɛ anim teteeɛ. Na ne wura no sɔree anɔpa hinii efie no apono firii adi sɛ ɔrekɔ ne kwan no, na hwɛ, ne mpena no da efie no pono no ano, na ne nsa gu aponnwa aseɛ deɛ no so. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre na yɛnkɔ. Na obiara annye so. Ɛnna ɔbarima no faa no too afunumu no soɔ, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom. Na ɔduruu ne fie no, ɔfaa sekan na ɔsɔɔ ne mpena no mu de fefaa ne nnompe ntam kyɛɛ ne mu asinasini dummienu, na ɔmaa wɔde kɔɔ Israel asase nyinaa so. Na obiara a ɔhunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Wɔnyɛe nso wɔnhunuu saa adeɛ yi bi da ɛfiri da a Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ da yi; monnwene yei ho mo tirim, montu ho fo na monkasa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn. Na ɔman no nyinaa, Israel mmusuakuo nyinaa mu mpanimfoɔ no, bɛgyinaa Nyankopɔn man dwabɔ no mu, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔnam anammɔn mu a wɔtwe nkrantɛ. (Na Benyaminfoɔ tee sɛ Israelfoɔ asim kɔ Mispa.) Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Monka nkyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wɔyɛɛ bɔne a ɛte seyie? Ɛnna ɔbarima Lewini a ɔyɛ ɔbaa a wɔdii no awuo no kunu no buaa sɛ: Meduruu Gibea a ɛyɛ Benyamin deɛ no mu, me ne me mpena no, na yɛbɛdaa hɔ. Na Gibeafoɔ no sɔre tiaa me, na me nti wɔtwaa efie no ho hyiaa anadwo, anka me na wɔrepɛ me aku me, na me mpena no, wɔbrɛɛ no ase ara ma no wui. Na mesɔɔ me mpena no mu twitwaa no asinasini, na memaa wɔde kɔɔ Israel agyapadeɛ asase nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔayɛ abusudeɛ ne nkwaseadeɛ Israel mu. Na afei mo Israelfoɔ nyinaa nie, momma yɛn mo adwene ne afotuo wɔ ha yi ara. Na ɔman no nyinaa sɔre gyinaa sɛ ɔbarima baako kaa sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ntomadan mu, na yɛn mu biara remmane ne fie. Na afei yei ne asɛm a yɛne Gibea bɛdie, yɛbɛkɔ wɔn so, ntonto so, na yɛayi nnipa ɔha mu du Israel mmusuakuo nyinaa mu ne apem mu ɔha ne mpemdu mu apem, na wɔakɔfa aduane abrɛ ɔman no, na sɛ wɔba a, wɔabɛyɛ Gibea a ɛwɔ Benyamin sɛ nkwaseasɛm a wɔdii no Israel mu no nyinaa teɛ. Na Israel mmarima no nyinaa kɔhyia tiaa kuro no; na wɔapam ayɛ sɛ ɔbarima baako. Na Israel mmusuakuo somaa nnipa maa wɔkɔɔ Benyamin abusuakuo nyinaa mu kaa sɛ: Ɛdeɛn adebɔne ara ne deɛ wɔayɛ no mo mu yi? Na afei monyi mma busufoɔ a wɔwɔ Gibea no mmra na yɛnku wɔn, na yɛnyi bɔne no mfiri Israel. Na Benyaminfoɔ no ampɛ sɛ wɔtie wɔn nuanom Israelfoɔ nne. Na Benyaminfoɔ no fifiri nkuro mu bɛboaa wɔn ano Gibea, sɛ wɔbɛfiri ne Israelfoɔ no akɔko. Na wɔkan Benyaminfoɔ no da no ara, wɔn a wɔfifiri nkuro mu, nnipa mpemaduonu nsia a wɔtwe nkrantɛ; ɛsono Gibeafoɔ a wɔkan wɔn a wɔyɛ mmarima a wɔayi wɔn ahanson no. Dɔm yi nyinaa mu mmarima a wɔayi wɔn ahanson yɛ abenkumma, wɔn nyinaa tumi to enwi mu ntɔmmoɔ a ɛmfom. Na Israel mmarima a wɔkan wɔn no, wɔyi Benyamin firi mu a, wɔyɛ mmarima mpemahanan a wɔtwe nkrantɛ. Yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ. Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane. Na Israelfoɔ no sɔree anɔpa kɔkyeree Gibea so nsraban. Na Israel mmarima no tu kɔɔ sɛ wɔne Benyamin rekɔko, na Israel mmarima no twitwaa wɔn so mpasua wɔ Gibea. Na Benyaminfoɔ no firii adi firii Gibea, na wɔbɛkaa Israel mmarima mpemaduonu mmienu guu fam da no ara. Na Israel mmarima dɔm no miaa wɔn ani, na wɔtwitwaa wɔn mpasua bio deɛ wɔtwitwaa no da a ɛdi kan hɔ no ara. Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so. Na Israelfoɔ no pinkyɛɛ Benyaminfoɔ baa wɔn so da a ɛtɔ so mmienu no. Na Benyamin firii adi firii Gibea da a ɛtɔ so mmienu no, na wɔkaa Israelfoɔ no mu mmarima mpem dunwɔtwe guu fam bio, yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ Betel, na wɔsui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kɔsii anwummerɛ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim. Na Israelfoɔ no bisaa AWURADE, (ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Nyankopɔn apam adaka no wɔ nna no mu, na Aaron ba Eleasa ba Pinehas na ɔgyina n’anim nna no mu.) Na wɔkaa sɛ: Memfiri adi bio ne me nua Benyamin mma nkɔko anaasɛ mennyae? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ, na ɔkyena mede no bɛhyɛ mo nsa. Ɛnna Israel de atɛfoɔ twaa Gibea ho hyiaeɛ. Na Israelfoɔ no sii mu kɔɔ Benyaminfoɔ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔtwitwaa Gibea so mpasua sɛ kane no. Na Benyaminfoɔ no firii adi bɛhyiaa dɔm no, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu, na wɔfirii aseɛ bobɔɔ nnipa no bi kunkumm wɔn sɛ kane no, atempɔn a baako kɔ Betel na baako nso kɔ Gibea petee mu no so, Israel mu mmarima bɛyɛ aduasa. Na Benyaminfoɔ no kaa sɛ: Wɔadi yɛn anim nkoguo sɛ kane no. Na Israelfoɔ kaa sɛ: Momma yɛnnwane, na yɛntwe wɔn mfiri kuro no mu mmra atempɔn so. Na Israel mmarima no nyinaa sɔresɔre firii wɔn afa, na wɔkɔtwaa mpasua wɔ Baal-tamar. Na Israel atɛfoɔ no firii adi firii wɔn afa, Geba bodan no ho. Na mmarima mpemdu a wɔayi wɔn Israel nyinaa mu no bɛfirii Gibea nkyɛn mu, na ɔko no mu yɛɛ den. Nso na Benyaminfoɔ no nnim sɛ amaneɛ rebɛto wɔn. Na AWURADE kumm Benyamin Israel anim, na Israelfoɔ no dwerɛɛ Benyamin mmarima mpemaduonu nnum ne ɔha da no. Yeinom nyinaa yɛ mmarima a wɔtwe nkrantɛ. Na Benyaminfoɔ no hunuu sɛ wɔaka wɔn agu, na Israel mmarima bɔɔ twi na wɔmaa Benyamin kwan, ɛfiri sɛ na wɔn ani da atɛfoɔ a wɔama wɔakɔtetɛ Gibea no so. Na atɛfoɔ no yɛɛ ntɛm kɔto hyɛɛ Gibea so, na atɛfoɔ no sɔɔ mu de nkrantɛ ano kunkumm kuro mufoɔ no nyinaa. Nso kasasie a na ɛda Israel mmarima no ne atɛfoɔ no ntam ne sɛ: Sɛ wɔma wisie kumoo a ɛso firi kuro no mu sɔre kɔ soro a, Israel mmarima no nnane wɔn ho dɔm no ano. Nso na Benyamin afiri aseɛ abobɔ Israel mmarima no akunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa, na wɔse: Ka ara na yɛaka wɔn aguo wɔ yɛn anim sɛ kane ko no mu. Na egyahyeɛ no firi aseɛ maa wisie kumoo no sɔre firii kuro no mu kɔɔ soro no, Benyamin hwɛɛ wɔn akyi, na hwɛ, na kuro mu no rehye na ne wisie reforo kɔ soro. Na Israel mmarima no nso danedanee wɔn ho, na nketenkete kutaa Benyamin mmarima no, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ amaneɛ ato wɔn. Na wɔdanee wɔn akyi Israel mmarima no anim faa ɛserɛ so kwan; na ɔko no tu taree wɔn, na wɔn a wɔfifiri nkuro mu baeɛ no dwerɛɛ wɔn wɔn mu. Wɔkaa Benyamin hyɛɛ mu hyiae tii wɔn ara kɔduruu wɔn asoɛeɛ pamm wɔn kɔsii Gibea ntentensoɔ, owiapueeɛ. Na Benyamin mmarima mpemdunwɔtwe totɔe; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ. Ɛnna wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ so fam Rimon botan no ho; na wɔkunkumm wɔn sɛdeɛ wɔtase mpɛpɛ, atempɔn no so, mmarima mpemnum; na wɔtu taree wɔn dii wɔn akyi kɔduruu Gidom, na wɔkunkumm wɔn mu mmarima mpennu. Na Benyamin atɔfoɔ a wɔtotɔɔ da no nyinaa yɛ mmarima mpemaduonu nnum a wɔtwe nkrantɛ; yeinom nyinaa yɛ mmarima akofoɔ. Na mmarima ahansia nko na wɔdanee wɔn ho dwane kɔɔ ɛserɛ soɔ kɔɔ Rimon botan no soɔ, na wɔkɔtenaa Rimon botan no so, abosome nnan. Na Israel mmarima no sane wɔn akyi baa Benyaminfoɔ no so, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne mmoa, ne deɛ wɔn nsa kaeɛ nyinaa; nso wɔtotoo nkuro a wɔduruu soɔ no nyinaa mu gya.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ. Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ. Na wɔkaa sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na yei aba Israel sɛ nnɛ aka Israel mu abusuakuo baako? Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no tuaa nhema sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no. Na Israelfoɔ no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wɔse: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuo baako afiri Israel mu atwene. Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ? Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu. Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, na Yabes-gileadfoɔ mu biara nni hɔ. Ɛnna asafo no somaa akofoɔ no mu mmarima mpemdumienu, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔkum Yabes-gileadfoɔ no ne mmaa ne mmɔfra nkrantɛ ano. Na yei ne adeɛ a monyɛ, mmarima nyinaa ne mmaa a wɔnim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasapasa. Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ. Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm. Na Benyamin sane baa berɛ no mu, na wɔde mmaa a wɔgyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmaa mu no memaa wɔn aware; nanso anso wɔn. Na ɔman no yam hyehyee wɔn maa Benyamin, sɛ AWURADE ama ntemu aba Israel mmusuakuo mu. Na asafo no mu mpanimfoɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam? Ɛfiri sɛ Benyamin mu mmaa ase ahye. Na wɔkaa sɛ: Adwanefoɔ a wɔfirii mu no agyapadeɛ ntena hɔ mma Benyamin, na wɔampepa abusuakuo biara amfiri Israel. Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mu biara mma wɔn aware, ɛfiri sɛ Israelfoɔ akeka ntam sɛ: Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bi bɛma Benyamin awareɛ. Na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa afe daa Silo a ɛwɔ Betel atifi fam, tempɔn a ɛfiri Betel kɔ Sekem no apueeɛ fam ne Lebona anafoɔ fam. Na wɔhyɛɛ Benyaminfoɔ no sɛ: Monkɔ nkɔtetɛ wɔn bobe nturo no mu, na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no firi adi bɛsa wɔn asa no a, momfiri adi mfiri bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɛyerɛ mfiri Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so. Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yɛbɛse wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɛyerenom amma wɔn mmaako mmaako, akodie no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sɛsɛɛ deɛ, moadi so. Na Benyaminfoɔ no yɛɛ saa, na wɔfefaa yerenom sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ firii wɔn a wɔbɛsaeɛ a wɔkyekyeree wɔn no mu. Na wɔsii mu sane kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔkyekyeree nkuro no tenatenaa mu. Na Israelfoɔ no nso firii hɔ berɛ no mu kɔɔ wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua mu, na wɔfirii hɔ kɔɔ wɔn agyapadeɛ ho. Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ, daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɔyii n’asɛm adie, asɛnka a wɔnam yɛn Agyenkwa Nyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu, de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo! Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no: Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho. Na deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ: Wɔnni ne ho asɛm bi ka, sɛ Nyankopɔn fiehwɛfoɔ. Ɔnyɛ ɔhopɛfoɔ, abufufafoɔ, ɔsadweam, pupopupo, anaa odufudepɛfoɔ, na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwene mu te, ɔtene, ne ho te, ɔwɔ ahohyɛsoɔ, ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn. Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo. Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ara wɔn diyifoɔ kaa sɛ: Kretafoɔ yɛ atorofoɔ daa, mmoa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ. Adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛno nti yi wɔn atɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidie mu, na wɔanyɛ aso amma Yudafoɔ anansesɛm ne nnipa a wɔdane wɔn ho firi nokorɛ ho no ahyɛdeɛ. Adeɛ nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ; na wɔn a wɔn ho aba fi na wɔnnye nnie no deɛ, hwee ho nte mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi. Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wo deɛ, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no. Nkɔkoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwene mu nte, wɔn ho nyɛ wɔn den, gyidie, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛdeɛ ɛfata nnipa kronkron, wɔnnni nsekuro, wɔnnyɛ asadweam, wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa, na wɔde ate mmabaa adwene mu ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma, na wɔadwene adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afie yie, ayɛ adɛɛfoɔ, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ara wɔn kununom, na wɔanka Nyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne. Mmeranteɛ nso saa ara na tu wɔn foɔ, na wɔnnwene adwempa. Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro, asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka. Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ara wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani adeɛ nyinaa mu, wɔnntuatua nsɛm ano, wɔnnwia nnoɔma nketenkete, na mmom wɔnyi nokorɛ pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, adeɛ nyinaa mu. Na Nyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho. Na ɛyɛne yɛn, sɛ, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemuteɛ ne tenenee ne onyamesom pa ntena wiase berɛ yi mu, ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie. Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpaninnie ne tumi ahodoɔ no, wɔnyɛ setie, wɔnsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, wɔnnni obiara ho nsekuro, wɔnnyɛ atutupɛfoɔ; wɔwɔ abodwokyɛre, na wɔnyi ɔdwoɔ nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa. Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho. Na yɛn Agyenkwa Nyankopɔn adɔeɛ ne ne dɔ yii ne ho adie no, ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti, na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa. Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii, na wɔnam n’adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ. Ɛyɛ nokwasɛm, na yeinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adie no adwene sɛdeɛ wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Yeinom ne deɛ ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfasoɔ ma onipa. Na nkwasea akyinnyegyeɛ ne anatoɔ ne kunsunkunsum ne mmara ho akasakasa deɛ, twe wo ho firi ho; ɛfiri sɛ ɛnyɛ mma hwee, na ɛyɛ hunu. Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no! Na hunu sɛ, deɛ ɔte saa no, ne tiri asɛe, na ɔyɛ bɔne bu ɔno ara ne ho fɔ wɔ mu. Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wɔ wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekɔdi awɔ berɛ. Bɔ mmɔden gya Mmaranimfoɔ Sena ne Apolo kwan yie, na anhia wɔn hwee. Na ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ɛhia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn. Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyeakyea wo. Kyeakyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie no mu. Adom nka mo nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Elkosini Nahum adehunu nwoma a ɛfa Ninewe atemmuo ho. Onyankopɔn yɛ ninkufoɔ, AWURADE ne weretɔfoɔ. Ampa ara, AWURADE tɔ were, na abufuo tumi hyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiahiafoɔ so were, na n’abufuo wɔ hɔ ma n’atamfo. AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so, na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo. Ɔteatea ɛpo ma no we, na ɔma nsutene nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam; mmepɔ woso n’anim, na nkokoɔ hono; asase woso n’anim, aane wiase ne wɔn a ɛte mu nyinaa mpo. Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim, na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no? N’anibereɛ hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim. AWURADE yɛ, ɔyɛ dwanekɔbea hiada mu, na ɔnim wɔn a wɔdwane kɔtoa no. Na n’atamfo deɛ ɔde nsuo a ayiri sram soɔ bɛma wɔn sibea ayera, na wati wɔn akɔduru esum mu. Atamfoɔ, ɛdeɛn na modwene no AWURADE ho? Ɔbɛwie mo korakora, morensɔre ntia no mprenu. Na sɛ motoatoam sɛ nwerɛ na mo nsaden nso abobo mo mpo a, mobɛhye koraa sɛ nkyɛnkyɛmma dwaneeɛ. Ninewe, wo mu na deɛ ɔdwene AWURADE ho bɔne, deɛ ɔtuu agyina huhuo no fire. Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛ mo ho yɛ den na wɔdɔɔso saa mpo a, wɔbɛtwitwa mo agu na moatwam akɔ. Ao Yuda, sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei deɛ meremmrɛ wo ase bio; na afei mɛbubu Ninewe kɔnnua afiri wo so, na matete wo nkyehoma mu. Na wo Ninewe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ, wo din bɛyera afiri asase so. Mɛtwitwa ohoni a wɔasene ne oguo honi afiri wo nyame fie; mɛbɔ wo damena, ɛfiri sɛ woadane ayɛ atantanneɛ. Hwɛ, mmepɔ so na asɛmpakafoɔ nan wɔ, wɔreka asomdwoeɛsɛm! Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboadeɛ, na ohuhuni no remfa wo mu bio, wɔatwa no atwene koraa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ninewe, deɛ ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Sra nsraban a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ abɔsoɔ, hyɛ w’ahoɔden mu den yie. (Na AWURADE de Yakob kɛseyɛ resane aba sɛ Israel kɛseyɛ; ɔno a afomfafoɔ afom no afa, na wɔasɛe no bobe mman). Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofoɔ no firafira kɔbene, nteaseɛnam no yɛ dadeɛ gya, ɛda a ɔsiesie dɔm no, na wɔwoso pea nnua; nteaseɛnam bɔ dam mmɔntene so, ɛminiminam mprama so; ɛho te sɛ tɛnee, ɛnenam sɛ anyinam. Ɔfrɛfrɛ n’akofoɔ atitire, wɔsuntisunti wɔn nanteɛ mu; wɔde ahoɔherɛ kɔ ɔfasuo no so, na wɔde osuhyɛ si hɔ, nanso wɔabue nsubɔntene no ano aponkɛseɛ no, na ahodwirie aba ahemfie. Na wɔahyɛ no saa, wɔapa Ninewe ho, wɔafa no kɔ, na ne mmaawa si apini sɛdeɛ mmuruburo pempem wɔn kokoɔ. Na Ninewe te sɛ ɔtadeɛ firi ne tete nna mu; na wɔn de ɛ, wɔdwane. Monnyina, monnyina! Na obiara nnane n’ani. Momfom dwetɛ, momfom sika! Na ahonyadeɛ no nni awieeɛ, nnwinneɛ afɛfɛ ahodoɔ nyinaa dodoɔ yɛ duru. Hwɛ, Ninewe sɛdeɛ woada mpan, woayɛ hunu na woadane amamfo, na w’akoma ahodwo na wo nankoroma hinhim, w’asene mu nyinaa yɛ wo ya, ne sɛdeɛ w’anim asiam fitaa. Ɛhe na gyata tenabea no wɔ ne gyataburuwa adidibea a anka ɛwɔ hɔ no, deɛ gyatanini ne gyatabereɛ ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no? Gyata tetee mu maa ne mma na ɔmia maa n’abereɛ, na ɔde nteteeɛ hyɛɛ n’atu mu amaama, na ɔde deɛ ɔtetee mu no hyehyɛɛ ne tenabea. Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛma ne nteaseɛnam ahye wisie mu, na afena bɛdi w’agyataburuwa no; na mɛtwa wo fom adeɛ no afiri asase so, na wɔrente w’abɔfoɔ no nne bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Due, mogya kuro! Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma na fomfa to ntwa da wɔ wo mu. Ɔpɔnkɔ abaa gyegye, teaseɛnam nan yɛ kirididi, apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam hurihuri. Apɔnkɔsotefoɔ nam so reba, afena te nyinamnyinam, na pea pa sɛ ɔsraman, atɔfoɔ dɔɔso, awufoɔ dodoɔ yɛ duru na afunu nni ano; wɔsuntisunti wɔn afunu no. Yei nyinaa firi Ninewe, odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no, ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman, na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo. Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛyi w’atadeɛ mmuano afa w’anim, na mama amanaman ahunu w’adagya, na ahennie aman ahunu w’ahohora. Na mɛto atantanneɛ agu wo so, na magu w’anim ase, na mede wo mayɛ ahwɛdeɛ. Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane wo, na waka sɛ: Ninewe adane kurofo! Hwan na ɔbɛdi ne ho abooboo? Ɛhe na mɛhwehwɛ awerɛkyekyefoɔ mama woɔ? Woyɛ sene No-Amon a ɔte asutene ntam a nsuo nko atwa ne ho ahyia a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasuo no anaa? Etiopia ne Misraimfoɔ yɛ ne dɔm a ɛyɛ den na wɔnni ano; afei nso, Put ne Libiafoɔ nso di boaa wo. Yei nyinaa akyi no, wɔfaa no kɔɔ nnommum mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn, na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto, na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ. Wo nso ahohiahia bɛboro wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ dwanekɔbea ɔtamfoɔ anim. W’aban a ɛyɛ den nyinaa bɛyɛ sɛ borɔdɔma nnua a ɛso wɔ adɔmakan, sɛ wɔwoso a, ɛtotɔ odifoɔ anomu. Hwɛ, w’akofoɔ ayɛ mmaa wɔ wo mu, bue na wɔabue w’asase apono ama w’atamfo, ogya ahye w’apono akyiri adaban. Sesa nsuo sie ma ntua no, miamia w’abandenden mu! Tia dɔteɛ mu wɔ ɛboɔ, miamia ntaayaa fononoo no mu. Ɛhɔ ara na ogya bɛhye woɔ, afena bɛtwa wo adi wo sɛ ntutummɛ, mpo sɛ wo dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wo dɔɔso sɛ mmɛbɛ a. Woama w’adwadifoɔ adɔɔso asene ɔsoro nsoromma; nanso te sɛ ntutummɛ no wɔgu so fom fa na wɔtu kɔ. W’asafohene te sɛ mmɛbɛ, na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmɛbɛ akuakuo a wɔsensam ban ho ban ho awɔ da; owia firi a, wɔtu kɔ a obiara biara nnim faako a wɔkorɔ. W’ahwɛfoɔ afa mu adeda, O Asiriahene, w’animuonyamfoɔ deda hɔ; wɔabɔ wo man apete mmepɔ so, na ɔnoboafoɔ nni hɔ. Wo kuro nni asayɛ, wo pira no mu yɛ den; obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam gu wo so, ɛfiri sɛ hwan koraa so na womfaa wo daa daa haw no nkɔeɛ?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ nie. Pra na mɛpra ade nyinaa afiri asase ani akorɔ, AWURADE asɛm nie. Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie. Na mɛtene me nsa, Yuda so ne Yerusalemfoɔ nyinaa so, na mɛtwa Baal nkaeɛ ne abosomfoɔ asɔfoɔ ne AWURADE asɔfoɔ a wɔapo no no din afiri ha yi agu, ne wɔn a wɔsɔre ewiem nnoɔma wɔ adan atifi, ne asɔrefoɔ a wɔkeka AWURADE ntam na wɔkeka Milkom ntam ne wɔn a wɔsane firi AWURADE akyi ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ AWURADE na wɔmmisaa n’akyiri kwan no. Monyɛ komm AWURADE Nyankopɔn anim, na AWURADE da no abɛn, na AWURADE asiesie okum afɔdeɛ, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no. Na AWURADE kum afɔdeɛ da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso. Na ɛda no, mɛtwe obiara a ɔhuri tra aponnwa aso, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisie hyehyɛ wɔn wuranom afie amaama. Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, esu nne bɛfiri Mpataa Pono no ano, na adwotwa afiri Ɔfa a ɛtɔ so Mmienu no mu, na ɔsɛeɛ kɛseɛ afiri nkokoɔ no so aba. Montwa adwo, mo a mote Mortar no, ɛfiri sɛ wɔasɛe adwadifoɔ asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔasoa dwetɛ nyinaa. Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee. Na wɔn ahonyadeɛ bɛdane fomfa adeɛ, na wɔn afie adeda mpan. Wɔbɛsisi adan, na wɔrentena mu, na wɔbɛyɛ bobe nturo, na wɔrennom mu nsa. AWURADE da kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛrepɛ ntɛm sɛ; AWURADE da no nne yɛ nwono sɛ! ɔdɔmmarima team denden wɔ hɔ. Ɛda no yɛ anibereɛ da, ahohiahia ne ahokyere da, ɔsɛeɛ ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, mununkum ne kusukuukuu da, totorobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasuo mu nkuro ne aban atentene ano sorɔnsorɔn soɔ. Na mɛhiahia nnipa ho na wɔanante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya bɛgu sɛ mfuturo, na mato wɔn honam agu sɛ sɛbeɛ. Wɔn sika ne wɔn dwetɛ nso rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyeɛ, na ɔdwerɛ a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase sofoɔ nyinaa soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monka mo ho mmoa ano, aane, monka mmoa ano, ɔman a mo ani nwu asɛm! Mommma ɔsɛeɛ da no mmma ansa, da no resene aba sɛ ntɛtɛ, mommma AWURADE abufuhyeɛ no mmma mo so ansa, aane, mommma AWURADE abufuo da no mmma mo so ansa. Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo, AWURADE abufuo da no. Na Gasa bɛyɛ kuro a wɔagya, na Askelon ayɛ akurofo; Asdod deɛ, wɔbɛtu wɔn awia ketee, na Ekron ase nso, wɔbɛtutu. Monnue, mpoanofoɔ, Keretifoɔ man! AWURADE asɛm da mo so, Kanaan a ɛyɛ Filistifoɔ asase. Mɛma wɔasɛe wo, na anka wo mufoɔ biara. Na mpoano asase bɛdane adidibea a nnwanhwɛfoɔ funi mu na nnwammuo sisi hɔ, na ayɛ Yuda fie nkaeɛ asase a wɔyɛne so mmoa, Askelon afie mu na wɔbɛbutubutu anwummerɛ, na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn nnommumfa asane aba. Mate Moab nsopa ne Amon mma yea a wɔde asopa me man na wɔama wɔn ho so atia wɔn hyeɛ no. Enti, sɛ mete aseɛ yi, asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn asɛm nie, ampa, Moab bɛdane sɛ Sodom, na Amon mma ayɛ sɛ Gomora, nsansono sisibea ne nkyene amena ne daapem amamfo; me man nkaeɛ bɛfom wɔn afa, na me nkurɔfoɔ a wɔbɛka soɔ no adi wɔn so. Wɔn ahantan nti na yei bɛyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so atia asafo AWURADE man no. AWURADE ho bɛyɛ wɔn hu, ɛfiri sɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara bɛfiri ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no. Mo, Etiopiafoɔ, nso, m’afena ano na mobɛtotɔ. Na ɔbɛtene ne nsa akyerɛ atifi fam, na wasɛe Asiria, na wadane Ninewe amamfo, na awo pɛsɛɛ sɛ anwea pradada so, na mmoakuo abutubutu mu, mmoadoma nyinaa; nantwinoma ne apɛsɛ nso bɛtena n’adum no so; wɔte nnomaa su mpomma mu, ewira dodoɔ gugu aponnwa ase, na wama ne ntweneduro no ho ada hɔ. Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Due, atuateɛ kuro a wɔagu ho fi, nhyɛsofoɔ kuro. Wantie AWURADE asɛm, wannye nkyerɛkyerɛ, wamfa ne ho anto AWURADE so, wammɛn ne Nyankopɔn. Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku, wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa. N’adiyifoɔ yɛ ahohoahoafoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ ara nko, n’asɔfoɔ gu kronkronbea ho fi, wɔdi mmara ho asɛmmɔne. AWURADE a ɔwɔ ne mu no yɛ ɔteneneeni, ɔrenyɛ abusudeɛ; daa n’atemmuo da adi pefee, ɔnnyae da, nanso okontonkyini deɛ, ɔnnim aniwuo. Matwitwa amanaman agu, wɔn abantenten atifi adanedane afo, mama wɔn mmorɔno so adeda mpan a obiara ntwam soɔ, wɔasɛesɛe wɔn nkuro a onipa nni mu, na obiara nte mu. Mekaa sɛ: Suro me ara, gye nkyerɛkyerɛ, na wɔrentwa wo tenabea ntwene, deɛ mahyɛ woɔ no nyinaa ho; nanso wotuaa nhema sɛesɛee wo nneyɛɛ nyinaa. Enti monhwɛ me kwan, AWURADE asɛm nie, nkɔsi da a mɛsɔre mabɛgye asadeɛ. Na ɛyɛ m’atemmudeɛ sɛ meboa amanaman ano na mehyia ahennie aman, na mahwie m’abohuro, m’abufuhyeɛ nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhye. Na ɛno ansa na mɛdane amanaman ano ayɛ no kronkron, sɛ wɔn nyinaa mmɔ AWURADE din no, na wɔnyɛ anokorɔ nsom no. Etiopia nsubɔntene agya no ho na me nkurɔfoɔ a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no bɛfiri de m’aduane ayɛyɛdeɛ abrɛ me. Ɛda no mɛyi w’animguaseɛ nneyɛɛ a wode too me mmara no nyinaa afiri hɔ, na mɛyi wɔn a wɔdi ahantan mu ahurisie no afiri wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔ kronkron no so. Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so. Israel nkaeɛ no renyɛ akɔntɔnkyedeɛ, na wɔrenka atorosɛm, na wɔrenhunu nsisie tɛkyerɛma wɔn anomu, na wɔn deɛ, wɔbɛyɛne wɔn ho na wɔabutubutu hɔ, na obiara renyi wɔn hu. To ahurisie dwom, Sion babaa; bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na fa akoma nyinaa di ahurisie, Yerusalem babaa. AWURADE ayi w’atemmudeɛ no kɔ, wato w’atamfo agu; AWURADE, Israel hene no wɔ wo mu, worenhunu amane bio. Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mma wo nsam nnhodwo. AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu no yɛ ɛdɔnkunini, ɔgyefoɔ; ɔde anigyeɛ bɛdi wo ho ahurisie, ɔde dɔ bɛyɛ wo foforɔ, ɔde nnwom bɛbɔ se wɔ wo ho. Meboaboa mo ano na mo asane adi afahyɛ a modi ho abooboo no bio, na moansoa ɛho ahohora. Hwɛ, me ne w’ahafoɔ nyinaa bɛdi, ɛberɛ no mu, na mɛgye asiiɛfoɔ no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no; mɛma wɔanya animuonyam ne din wɔ asase a wɔn anim agu ase nyinaa so. Ɛberɛ no mu na mede mo bɛba, na ɛberɛ no na mɛboa mo ano. Na mɛma mo animuonyam ne din wɔ asase aman nyinaa so, ɛberɛ a mede mo nkurɔfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum bɛsane aba no, mo ara mo de mo ani bɛhunu, AWURADE na ɔseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyanee Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ: Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsane nkɔsi AWURADE Israel Nyankopɔn fie no: Ɔno ne Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem. Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan. Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no. Na wɔn a na wɔtete wɔn ho hyia nyinaa de dwetɛ nnwinneɛ, sika ne afideɛ ne mmoa aboɔdenneɛ hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamyi adeɛ no nyinaa. Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no, ɛnonom na Persiahene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar. Na ne dodoɔ nie: Sika nyowa aduasa, dwetɛ nyowa apem, aduhwam nkukuwa aduonu nkron, sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a ɛdi hɔ ahanan ne du, nnwinneɛ a ɛkeka ho apem. Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne asase no sofoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔɔ Babel nkoayɛ mu no sane baeɛ na wɔsane kɔtenaa Yerusalem ne Yuda nkuro mu. Wɔne Serubabel na ɛbaeɛ. Wɔn ne: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana. Israel man mu mmarima dodoɔ nie: Paros mma: Mpennu ɔha aduɔson mmienu. Sefatia mma: Ahasa aduɔson mmienu. Arah mma: Ahanson aduɔson nnum. Pahat-Moab mma: Yesua ne Yoab mma deɛ: Mpennu ahanwɔtwe ne dummienu. Elam mma: Apem ahanu aduonum nnan. Satu mma: Ahankron aduanan nnum. Sakai mma: Ahanson aduosia. Bani mma: Ahansia aduanan mmienu. Bebai mma: Ahansia aduonu mmiɛnsa. Asgad mma: Apem ahanu aduonu mmienu. Adonikam mma: Ahansia aduosia nsia. Bigwai mma: Mpennu aduonum nsia. Adin mma: Ahanan aduonum nnan. Ater mma: Hesekia deɛ, aduɔkron nwɔtwe. Besai mma: Ahasa aduonu mmiɛnsa. Yora mma: Ɔha ne dummienu. Hasum mma: Ahanu aduonu mmiɛnsa. Gibar mma: Aduɔkron nnum. Betlehem mma: Ɔha aduonu mmiɛnsa. Netofa mmarima: Aduonum nsia. Anatot mmarima: Ɔha aduonu nwɔtwe. Asmawet mma: Aduanan mmienu. Kiriat-arim, Kefira ne Beerot mma: Ahanson aduanan mmiɛnsa. Rama ne Geba mma: Ahansia aduonu baako. Mikmas mmarima: Ɔha aduonu mmienu. Betel ne Ai mmarima: Ahanu aduonu mmiɛnsa. Nebo mma: Aduonum mmienu. Magbis mma: Ɔha aduonum nsia. Elam foforɔ bi mma: Apem ahanu aduonum nnan. Harim mma: Ahasa aduonu. Lod, Hadid ne Ono mma: Ahanson aduonu nnum. Yeriko mma: Ahasa aduanan nnum. Senaa mma: Mpensa ahansia aduasa. Asɔfoɔ no: Yedaia mma: Yesua fie deɛ: Ahankron aduɔson mmiɛnsa. Imer mma: Apem aduonum mmienu. Pasur mma: Apem ahanu aduanan nson. Harim mma: Apem ne dunson. Lewifoɔ: Yesua ne Kadmiel mma: Hodawia mma deɛ: Aduɔson nnan. Nnwontofoɔ: Asaf mma: Ɔha aduonu nwɔtwe. Apono ano ahwɛfoɔ no mma: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Wɔn nyinaa yɛ ɔha aduasa nkron. Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, Keros mma, Siaha mma, Padon mma, Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma, Hagab mma, Samlai mma, Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, Besai mma, Asna mma, Meunifoɔ mma, Nefisifoɔ mma, Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, Baslut mma, Mehida mma, Harsa mma, Barkos mma, Sisera mma, Tama mma, Nesia mma, Hatifa mma. Salomo nkoa mma: Sotai mma, Hasoferet mma, Peruda mma, Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-hasebaim mma, Ami mma. Nsɔfokwaa nyinaa ne Salomo nkoa mma: Ahasa aduɔkron mmienu. Na yeinom ne wɔn a wɔfiri Tel- mela, Tel-harsa, Kerub, Adan ne Imer foro baeɛ, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanimfie ne wɔn ase, sɛ wɔfiri Israel mu anaa. Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduonum mmienu. Na asɔfoɔ mma mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mma mu baako na wɔde wɔn din too no mma): Yeinom hwehwɛɛ wɔn din wɔ mmusua ntwerɛeɛ mu, na wɔanhunu, na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu. Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de Urim ne Tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea. Badwa mu no nyinaa ano si mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia, ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso yɛ mpemnson ahasa aduasa nson. Na wɔwɔ nnwontofoɔ mmarima ne mmaa ahanu. Wɔn apɔnkɔ yɛ ahanson aduasa nsia, wɔn mfunumupɔnkɔ, ahanu aduanan nnum, wɔn yoma: Ahanan aduasa nnum; mfunumu, mpemnsia ahanson aduonu. Na agyanom atitire no mu binom baa AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no, wɔbɛkyekyɛɛ Nyankopɔn fie no ho ayamyi adeɛ, sɛ wɔmfa mma so nsi ne sibea. Deɛ wɔbɛtumi na wɔde guu adwuma no ho akoradeɛ mu, sika nsuruboaa mpem aduosia baako ne dwetɛ mmɛnaa mpemnum ne asɔfoɔ ntadeɛ ɔha. Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne ɔman no mu binom ne nnwontofoɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ no ne nsɔfokwaa no bɛtenatenaa wɔn nkuro mu, na Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na bosome a ɛtɔ so nson duruiɛ no, na Israelfoɔ no tete nkuro no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ano yɛɛ sɛ nipa baako baa Yerusalem. Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia sɛ wɔrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no. Na wɔde afɔrebukyia no sii ne nnyinasoɔ so, ɛfiri sɛ nsase so aman ho hu kaa wɔn; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE: Anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ deɛ. Na wɔdii asese nnapɔnna no sɛdeɛ wɔatwerɛ no, na wɔbɔɔ nna mfuamfua afɔdeɛ ne dodoɔ mu, sɛdeɛ mmara teɛ no, sɛdeɛ ɛhia da biara. Na ɛno akyiri no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne abosome foforɔ deɛ, ne AWURADE afahyɛ a wɔahyɛ no kronkron no nyinaa deɛ no ne wɔn a wɔde ayamyi adeɛ brɛɛ AWURADE no nyinaa deɛ nso. Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no na wɔfirii AWURADE hyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ. Na AWURADE asɔredan no deɛ, na wɔnnya ntoo ne fapem. Na wɔde sika maa aboɔpaefoɔ ne nnua adwumfoɔ no, na wɔde aduane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa ntweneduro nnua mfiri Lebanon nkɔ Yopa po ano, sɛdeɛ Persiahene Kores maa wɔn ho kwan no. Na wɔbaa AWURADE fie ho wɔ Yerusalem afe a ɛtɔ so mmienu mu bosome a ɛtɔ so mmienu soɔ no, Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua ne wɔn nuanom nkaeɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri nnommumfa no mu baa Yerusalem no nyinaa firii aseɛ, na wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no sisii hɔ sɛ wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no so. Na Yesua ne ne mma ne ne nuanom, Kadmiel ne ne mma, Hodawia mma, gyinaa sɛ onipa koro sɛ wɔrehwɛ Nyankopɔn fie adwumayɛfoɔ no so: Henadad mma ne wɔn mma ne wɔn nuanom, Lewifoɔ nso ka wɔn ho. Na abantofoɔ no too AWURADE asɔredan no fapem no, asɔfoɔ a wɔahyehyɛ wɔn ntadeɛ kurakura ntotorobɛnto, ne Lewifoɔ, Asaf mma no, wɔkurakura nnawuro gyinagyina hɔ sɛ wɔreyi AWURADE ayɛ sɛdeɛ Israelhene Dawid hyehyɛeɛ no. Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti. Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom atitire no mu pii a wɔanyini, a wɔhunuu akane fie no, wɔtoo fapem no wɔ wɔn anim no, wɔde nne kɛseɛ sui, na nnipa pii nso maa wɔn nne so osebɔ ne anigyeɛ mu, na ɔman no anhunu anigyeɛ sebɔ gyegyeegye ne ɔman no su gyegyeegye no ntam nsonsonoeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no bɔɔ ose kɛseɛ maa wɔtee gyegyeegye no akyirikyiri.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ otukorɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, wɔtwe baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitire no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo bɛsi, na yɛsom mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔdeɛ de firi Asiriahene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no berɛ soɔ. Na Serubabel, Yesua ne Israel agyanom atitire nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo nni hwee yɛ, sɛ yɛbɛsi ɛdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara yɛbɛsi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no. Ɛnna asase no sofoɔ maa Yuda man no nsam goeɛ, na wɔtuu wɔn akoma abantoɔ no ho. Na wɔbobɔɔ agyinatufoɔ paa tiaa wɔn, tee wɔn agyina ani yerae, Persiahene Kores nna nyinaa de kɔsii Persiahene Dario ahennie so. Na Akas-weros ahennie so, ɔfirii n’ahennie aseɛ no, wɔtwerɛɛ Yuda ne Yerusalemfoɔ ho anototo nwoma. Na Artasasta berɛ so no, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfoɔ nkaeɛ no twerɛɛ nwoma kɔmaa Persiahene Artasasta, na wɔtwerɛɛ ɔmane nwoma no Aramaik kasa mu, na wɔkyerɛɛ aseɛ. Mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai twerɛɛ nwoma kɔmaa Ɔhene Artasasta de tiaa Yerusalemfoɔ sɛ: — Ɛberɛ no mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn agyinatufoɔ nkaeɛ a wɔfiri Dina, Afarsatka, Tarpela, Afarsa, Arkewa, Babel, Susan, Deha, Elam, ne aman a aka no mu a Osnapar kɛseɛ a ɔwɔ din no kɔfaa wɔn baeɛ, na ɔde wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu, ne nkaeɛ a wɔwɔ asuogya ha fam no, ne ade. Nwoma a wɔde kɔmaa ɔno Ɔhene Artasasta no nsususoɔ nie: — Wo nkoa a wɔwɔ asuogya ha fam, kyea wo. Ma ɔhene nhunu sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri wo nkyɛn foro baa yɛn nkyɛn no aba Yerusalem, na wɔabɛkyekyere atuateɛ kuro bɔne yi, na ɛho afasuo nso wɔamema so asisi hɔ, na wɔamiamia ne fapem no mu. Enti ma ɔhene nhunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔmema n’afasuo so sisi hɔ a, ɛnneɛ wɔremma ɛtoɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ bio, na ɛbɛyɛ no na w’ahennie mu toɔgyeɛ abrɛ ase. Na ɛsiane sɛ ɔhene aban mu nkyene na yɛdie na yɛntumi nkɔ so nhwɛ ɔhene ahohora nti, na yɛasoma sɛ wɔmmɛse ɔhene sɛ, sɛ ma wɔnhwehwɛ w’agyanom nkaeɛ nwoma mu, na wɔbɛhu no nkaeɛ nwoma no mu sɛ kuro yi yɛ atuateɛ kuro a ɛsɛe ɔhene ne amantam adeɛ, na wɔatwe ho manso firi tete mmerɛ no mu nti, na wɔbɔɔ kuro no. Yɛn deɛ, yɛrema ɔhene ahunu sɛ, sɛ wɔkyekyere kuro yi, na wɔtoto ho afasuo no a, ɛnneɛ asuogya ha fam agyapadeɛ biara renka wo nsam. Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ mpanimma mu panin Rehum ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ nkaeɛ a wɔtete Samaria ne Asuogya hafoɔ nkaeɛ sɛ: Asomdwoeɛ. Nwoma a mosoma maa wɔde brɛɛ yɛn no, wɔakenkan no kann wɔ m’anim. Na me nso mahyɛ ma wɔahwehwɛ mu, na wɔahunu sɛ kuro no firi tete nteredee na ɛmaa ne ho so tiaa ahemfo, na wɔtee atua twee mu manso. Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso. Enti monhyɛ mma mmammarima no nnyae, na wɔnnkyekyere kuro no, kɔsi sɛ ahyɛdeɛ bɛfiri me nkyɛn. Na monhwɛ yie na moantoto yei ase, na bɔne biara amma na ahemfo adeɛ ammɔ wɔn. Afei wɔkenkan Ɔhene Artasasta nwoma a ɔtwerɛɛ Rehun ne Ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no anim ara pɛ no, wɔsii mu baa Yerusalem ntɛm so bɛhyɛɛ Yudafoɔ no, na wɔde nsa ne tumi sii wɔn kwan. Na wɔsii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no sie ho kwan, na akwansie no kɔɔ so ara kɔsii Persiahene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Odiyifoɔ Sakaria hyɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem ho nkɔm Israel Nyankopɔn din a ɛwɔ wɔn soɔ no mu. Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, na Nyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho na wɔsɔɔ mu. Berɛ no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn soɔ, na sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi? Na wɔbisaa wɔn bio sɛ: Monkyerɛ yɛn nnipa a wɔresi dan yi din. Nanso Yudafoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn ani ku wɔn ho nti, wɔansi wɔn kwan kɔsii sɛ asɛm no kɔduruu Dario nkyɛn ansa, na wɔde yei ho nwoma sane baa bio. Nwoma a asuogya ha Amrado Tatenai ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔfiri Afarsak a ɛwɔ asuogya ha soma maa wɔde kɔmaa Ɔhene Dario no nie: Nwoma no wɔsoma maa wɔde kɔmaa no, na sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no emu nie: Ɔhene Dario, asomdwoeɛ ara nko. Ma ɔhene nhunu sɛ yɛsii mu kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie hɔ, na wɔde aboɔ akɛseɛ resi, na wɔde nnua agugu afasuo no so, na adwuma no a wɔreyɛ no rekɔ so, na ɛrekɔ so yie wɔ wɔn nsam. Na yɛbisaa mpanimfoɔ no, na sɛ yɛsee wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi? Na yɛbisabisaa wɔn din nso sɛ yɛrebɛka akyerɛ wo, na yɛatwerɛ mmarima a wɔyɛ wɔn atitire no din. Na sɛ wɔbuaa yɛn nie: Wɔse: Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɛdan a wɔsii no tetetete mfeɛ bebree yi a Israel hene kɛseɛ bi siiɛ na ɔwieeɛ no. Na ɛnam sɛ yɛn agyanom yii ɔsoro Nyankopɔn no abufuo nti, na ɔde wɔn hyɛɛ Babelhene Nebukadnessar, Kaldeani no nsa, na ɔbubuu efie yi, na ɔtutuu ɔman no kɔɔ Babel. Nanso Babelhene Kores afe a ɛdi kan no mu, Ɔhene Kores hyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn fie yi. Na Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar fa firii asɔredan a ɛwɔ Babel no mu no nso, Ɔhene Kores fa de firii Babel asɔredan no mu, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa nnoɔma yi kɔ, na fa kɔsie asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wɔnsi Nyankopɔn dan no wɔ ne siberɛ. Ɛnna Sesbasar yi ara ba bɛhyɛɛ Nyankopɔn dan a ɛwɔ Yerusalem no aseɛ, na ɛfiri berɛ no soɔ de bɛsi sɛsɛɛ yi wɔde resi ara, na wɔnwiee. Na afei, sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fie a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ Ɔhene Kores na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka deɛ ɔhene pɛ wɔ yei ho nkyerɛ yɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ wɔnkɔhwehwɛ nwoma fie, deɛ wɔde akoradeɛ sie wɔ Babel no. Nso, kuro Ekbatana a ɛwɔ Media mansini mu na wɔkɔhunuu nwoma mmobɔeɛ, a wɔatwerɛ asɛm bi wɔ mu sei sɛ: Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, ɔhyɛɛ mmara sɛ: Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho deɛ, wɔnsi efie no mma no nyɛ afɔrebɔbea, na ne korɔn nyɛ basafa aduasa, ne trɛ basafa aduasa nso, aboɔ akɛseɛ nkyerɛpɛn mmiɛnsa ne nnua nso kyerɛpɛn baako. Na ɛho ahweredeɛ no, wɔmfa mfiri ɔhene fie mma. Nso Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem asɔredan mu de baa Babel no, wɔnsane mfa mma, na ɛnkɔ Yerusalem asɔredan no mu ne siberɛ hɔ, na wɔnnya no Nyankopɔn fie hɔ. Afei wo Tatenai, asuogya amrado ne Setar-Bosnai ne mo agyinatufoɔ Afarsakafoɔ a mowɔ Asuogya no, momfiri hɔ nkɔ akyiri. Momma Nyankopɔn fie adwuma no ntena hɔ, na Yudafoɔ amrado ne Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsi Nyankopɔn fie no ne siberɛ hɔ. Na me na merehyɛ makyerɛ deɛ monyɛ mma Yudafoɔ mpanimfoɔ no na wɔnsi Nyankopɔn fie no: Ɛne sɛ, ɔhene nnoɔma a ɛne asuogya toɔ no, wɔmfa mu bi ntua ahweredeɛ no ka pɛpɛɛpɛ mma mmammarima no, na amma wɔannyae. Na adeɛ a ɛhia wɔn no, nantwie mma ne adwennini ne nnwan mma a wɔde bɛbɔ ɔsoro Nyankopɔn hyeɛ afɔdeɛ, ayuo, nkyene, nsa ne ngo, sɛdeɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛgyeɛ no, wɔmfa mma wɔn, da biara da, na wɔmmma ebi nnka, na wɔmmɔ afɔdeɛ hwamhwam mma ɔsoro Nyankopɔn, na wɔnyi ɔhene ne ne mma nkwa so apaeɛ. Mehyɛ bio sɛ, obiara a ɔbɛdane asɛm yi ani no, wɔnyi ne dan so mpuna mma so nsi hɔ, na wɔmmɔ no mfam ho, na ne fie nnane sumina. Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bɛbutu ɔhene ne ɔman biara a wɔtene wɔn nsa dane ani, sɛ wɔbɛbubu Nyankopɔn fie yi wɔ Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara yi, ma wɔnni so pɛpɛɛpɛ. Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ no, deɛ Ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Na Yudafoɔ mpanimfoɔ sisii, na ɛyɛɛ yie, Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Sakaria nkɔmhyɛ no nti. Na wɔsisii na wɔwiee, sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Persiahene Kores ne Dario ne Artasasta mmara no teɛ no. Na wɔwiee efie no bosome Adar da a ɛtɔ so mmiɛnsa so, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu. Na Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne atukɔfoɔ no nkaeɛ de ahosan dii Nyankopɔn fie anobue da no. Na wɔbobɔɔ Nyankopɔn fie anobue no ho afɔdeɛ: Anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan, ne mpapo a wɔde bɔɔ Israel nyinaa tiri bɔne ho afɔdeɛ, dummienu; sɛdeɛ Israel mmusuakuo ano teɛ no. Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no. Na atukɔfoɔ no dii Twam no, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan so. Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ onipa baako, wɔn nyinaa ho firii, na wɔkunkumm Twam adwammaa no maa atukɔfoɔ no nyinaa ne wɔn nuanom asɔfoɔ no ne wɔn ara. Na Israelfoɔ a wɔfiri otukorɔ mu baeɛ no ne wɔn a wɔate wɔn ho afiri asase no so amanaman no afideɛ ho baa wɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam dwan no, na wɔdii apiti dapɔnna nnanson, anigyeɛ mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa wɔn ani gyee, na ɔkomm Asiriahene no akoma baa wɔn so, maa no hyɛɛ wɔn abasam den, Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fie adwuma no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nsɛm yi akyiri no, Persiahene Artasasta ahennie mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba Asaria ba Hilkia ba Salum ba, Sadok ba, Ahitub ba, Amaria ba, Asaria ba, Meraiot ba, Seraia ba, Usi ba, Buki ba, Abisua ba, Pinehas ba, Eleasa ba, Aaron ɔsɔfo panin no ba, ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so. Na Israelfoɔ mu bi, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa no mu binom ne no foro baa Yerusalem, Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so nson mu. Na ɔbaa Yerusalem bosome a ɛtɔ so nnum no so, ɔhene no afe a ɛtɔ so nson no ara mu. Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no so, wɔhyɛɛ sɛ ɔmfiri Babel mforo nkɔ. Na bosome a ɛtɔ so nnum no, da a ɛdi kan no, ɔbaa Yerusalem, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ayamyɛ nsa no wɔ ne so. Na Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Israel. Na nwoma a Ɔhene Artasasta de maa Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsususoɔ nie: Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade. Me na mahyɛ mmara sɛ, m’ahennie mu nnipa biara a ɔfiri Israel man mu, ne n’asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu, a wɔyi wɔn yam sɛ wɔbɛkɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ. Ɛfiri sɛ wɔasoma wo ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson no anim, sɛ kɔ na kɔhwehwɛ Yuda ne Yerusalem mu sɛdeɛ wo Nyankopɔn mmara a ɛwɔ wo nsam no teɛ. Na fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de akyɛ Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, ne dwetɛ ne sika a wobɛnya no Babel asase nyinaa soɔ no nyinaa, ne ayamyi adeɛ a ɔman ne asɔfoɔ no yi wɔn yam de ma wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no. Yei nyinaa nti bɔ mmɔden fa sika no tɔ anantwie, adwennini, nnwammaa ne wɔn ho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, na fa kɔbɔ afɔdeɛ, afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no so. Na adeɛ biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika no nkaeɛ no bɛyɛ no, monyɛ no sɛdeɛ mo Nyankopɔn no pɛ. Nso nnoɔma a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fie som no, yi no Yerusalem Nyankopɔn no anim. Na deɛ aka a ɛhia sɛ wohwere no Nyankopɔn fie no ho no, yi firi ɔhene adekora fie ma. Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafoɔ a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ adeɛ a Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ no, bɛbisa mo no nyinaa wɔmmɔ mmɔden nyɛ, ɛnkɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo bɔtɔ ɔha ne nsa galɔn ahanum ne aduonum ne ngo galɔn ahanum ne aduonum ne nkyene a wɔnntumi nkan. Adeɛ biara a ɔsoro Nyankopɔn hyɛ no nyinaa, ma wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fie no, na n’abufuo ansɔre antia ɔhene ne ne mma ahennie no. Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Nyankopɔn fie no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ɔgye wɔn toɔ, amanneɛ anaa akwanneɛ. Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa a ɛwɔ wo tirim no teɛ no, hyehyɛ atemmufoɔ ne asɛnnifoɔ, na wɔnni ɔman a wɔwɔ asuogya no nyinaa nsɛm, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa. Na wɔn a wɔnnim nso, momma wɔnhunu. Na obiara a ɔrenni wo Nyankopɔn no mmara ne ɔhene mmara soɔ no, ɛdi okum oo, asutware oo, afideɛ fa oo, anaa duamda oo, wɔmmɔ mmɔden mmu no ɛho atɛn. Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene akoma mu, sɛ ɔde rebɛhyehyɛ AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no, na wakom adɔeɛ aba me soɔ wɔ ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ɔhene mmapɔmma atumfoɔ nyinaa anim. Na me nso menyaa ahoɔden, ɛfiri sɛ AWURADE me Nyankopɔn nsa wɔ me so, na meboaa Israel mu atitire ano mehyiaa sɛ wɔne me mforo nkɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne wɔn agyanom atitire ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ, wɔn a wɔne me firi Babel foro kɔeɛ, Ɔhene Artasasta ahennie mu no: Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus. Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; a na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho. Pahat-Moab mma mu: Seraia ba Eliehoenai, na mmarima ahanu ka ne ho. Sekania mma mu: Yahasiel ba, na mmarima ahasa ka ne ho. Adin mma mu: Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho. Elam mma mu: Atalia ba Yesaia, na mmarima aduɔson ka ne ho. Sefatia mma mu: Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho. Yoab mma mu: Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu dunwɔtwe ka ne ho. Selomit mma mu: Yosifia ba, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho. Bebai mma mu: Bebai ba Sakaria, na mmarima aduonu nwɔtwe ka ne ho. Asgad mma mu: Hakatan ba Yohanan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho. Na Adonikam mma a wɔdi akyire no mu, wɔn din nie: Elifelet, Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho. Na Bigwai mma mu: Utai ne Sabud, na mmarima aduɔson ka wɔn ho. Na meboaboaa wɔn ano mehyiaa asuo a ɛsene kɔ Ahawa no ano, na yɛkyeree nsraban hɔ nnansa. Na mehwɛɛ ɔman no ne asɔfoɔ no mu, na manhunu Lewi mma mu bi hɔnom. Ɛnna mesoma maa wɔkɔfrɛɛ Eliesa, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ atitire ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ otitire Ido, wɔ Kasifia kuro mu, na mede nsɛm mehyɛɛ wɔn anom sɛ wɔne Ido ne ne nuanom nsɔfokwaa a wɔwɔ Kasifia kuro mu no nkɔkasa, na wɔmfa asomfo a wɔbɛsom yɛn Nyankopɔn fie no mmrɛ yɛn. Na yɛn Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ yɛn soɔ nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔba nimdefoɔ bi a ɔfiri Lewi ba Mahli a ɔyɛ Israel ba mma mu, Serebia ne ne mma ne ne nuanom nnipa dunwɔtwe, ne Hasabia ne Yesaia a ɔka ne ho a wɔfiri Merari mma mu, ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu, ne nsɔfokwaa a Dawid ne mmapɔmma no de wɔn maa Lewifoɔ som no, nsɔfokwaa ahanu aduonu, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Ɛnna mepaee mmuadadie wɔ Ahawa asuo no soɔ, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan tenenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nnoɔma nyinaa, na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mɛbisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔmmoa yɛn, yɛn atamfoɔ ho ɔkwan mu, ɛfiri sɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuo wɔ wɔn a wɔgya no nyinaa so. Na yɛdii abuada hwehwɛɛ yei yɛn Nyankopɔn nsam, na ɔtiee yɛn. Ɛnna meyii asɔfoɔ mpanimfoɔ no mu dummienu, Serebia ne Hasabia ne wɔn nuanom mu du a wɔka wɔn ho. Na mekarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ne mmapɔmma ne Israel a wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛmaa soɔ no, mede mehyɛɛ wɔn nsa, na mekarii dwetɛ dwetikɛseɛ ahansia aduonum mehyɛɛ wɔn nsa ne dwetɛ nnwinneɛ dwetikɛseɛ ɔha, sika nso dwetikɛseɛ ɔha, ne sika nkuruwa aduonu a ano si sika nsuruboaa apem ne kɔbere mfrafraeɛ nahanaha a ɛyɛ nnwinneɛ mmienu a ne boɔ yɛ den sɛ sika. Na mesee wɔn sɛ: Mo deɛ, moyɛ kronkron ma AWURADE, na nnoɔma yi yɛ akronkronneɛ, na dwetɛ ne sika yi yɛ ayamyi adeɛ ma AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, monhwɛ nkora nkɔsi sɛ mobɛkarie, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mpanin ne Israel agyanom mmapɔmma a ɛwɔ Yerusalem no anim de ahyɛ AWURADE fie mpia no mu. Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no soaa dwetɛ ne sika ne nnoɔma a wɔkariiɛ no, sɛ wɔde reba Yerusalem de abɛma yɛn Nyankopɔn fie. Na bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dummienu no mu yɛtu firii Ahawa asuo no ano sɛ yɛrekɔ Yerusalem. Na yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ɔyii yɛn firii atamfoɔ ne wɔn a wɔtɛ ɔkwan mu no nsam. Na yɛduruu Yerusalem, na yɛtenaa hɔ nnansa. Na ɛda a ɛtɔ so nnan no, wɔkarii dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no, yɛn Nyankopɔn fie de hyɛɛ Uria ba Ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas ba Eleasa a ɔka ne ho no nsa, na Lewifoɔ, Yesua ba Yosabad ne Binui ba Noadia nso ka wɔn ho. Wɔde ne nyinaa, ne dodoɔ ne ne duro so hyɛɛ wɔn nsa, na wɔtwerɛɛ ne duro no nyinaa berɛ no mu. Na atukɔfoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de ɔhyeɛ afɔdeɛ yi brɛɛ Israel Nyankopɔn no: Anantwinini dummienu, adwennini aduɔkron nsia, nnwanten mma aduɔson nson, bɔne ho afɔdeɛ mpapo dummienu. Wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na wɔde ɔhene mmara no maa ɔhene amradofoɔ ne aberempɔnfoɔ a wɔwɔ Asuogya mantam no; na wɔwowaa ɔman no ne Nyankopɔn fie no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho, ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware wɔn, na yɛn asefoɔ kronkron no de wɔn ho akɔfrafra nsase no so aman no mu. Na mmapɔmma ne amampanin no na ɛdi mmarato yi mu kan. Na metee asɛm yi no, mesunsuanee m’atadeɛ ne me batakari mu, na metutuu me tirinwi ne me bɔgyesɛ, na mede ahodwirie metenaa ase. Na wɔn a Israel Nyankopɔn nsɛm yɛɛ wɔn ahopopoɔ, atukɔfoɔ no mmarato nti no nyinaa boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me deɛ, mede ahodwirie metenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ. Na anwummerɛ afɔrebɔ mu no, mesɔre firii m’awerɛhoɔ no mu, nso na masunsuane m’atadeɛ ne me batakari mu, na mekotoo me nankoroma anim metrɛɛ me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro. Ɛfiri yɛn agyanom berɛ soɔ no, asodie kɛseɛ mu na yɛwɔ ara de abɛduru nnɛ yi, na yɛn amumuyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ nsase so ahemfo nsa wɔ afena, nnommumfa, ɔfomfa ne animguaseɛ mu, sɛdeɛ ɛte nnɛ yi. Na afei seesei nko ara na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ adom akyerɛ yɛn, ama wɔagya yɛn nkaeɛ a wɔafiri mu afire, nanso wɔama yɛn pɛɛwa wɔ ne kronkronbea, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛte yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu. Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaa yɛn, na mmom wama Persia ahemfo ayɛ yɛn adɔeɛ. Na yɛanya ahoɔden a yɛde si yɛn Nyankopɔn fie, na yɛnkyekyere n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasuo bi wɔ Yuda ne Yerusalem. Na afei, ɛdeɛn na yɛnka, yɛn Nyankopɔn, yei akyi? Sɛ yɛagya wo mmara nsɛm no a wonam wo nkoa adiyifoɔ no soɔ hyɛeɛ sɛ: Asase a morekɔ akɔdi soɔ no yɛ asase a ɛho akum, nsase so aman figuo no mu, wɔ akyiwadeɛ a wɔde ayɛ so ma, firi ano akɔpem ano, wɔn afideɛ mu no nti. Na afei mommfa mo mmammaa mmma wɔn mmammarima, na monnnye wɔn mmammaa mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoeɛ ne wɔn yiedie ara da, deɛ ɛbɛyɛ na mo ho bɛyɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agya mo mma ma wɔadi so akɔsi daa. Na deɛ yɛn nneyɛɛ bɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa akyiri yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woadi yɛn ho adɔna, woamma no annuru yɛn amumuyɛ so, na woama yɛafiri mu sɛdeɛ ɛteɛ yi, yɛnsane mmu wo mmara nsɛm so na yɛmfa yɛn ho nkɔbɔ akyiwadeɛ aman yi ho wɔ awadeɛ mu anaa? Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obi renka mfiri mu anaa? AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔteneneeni ne wo, ɛfiri sɛ wɔagya yɛn nkaeɛ bi a wɔafiri mu sɛdeɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodie mu. Na yei nti obiara biara rentumi nnyina w’anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ. Ɛnna Yehiel ba Sekania a ɔfiri Elam mma mu gyee so ka kyerɛɛ Esra sɛ: Yɛn deɛ, yɛafom yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛawareware mmaa ananafoɔ afiri asase no so aman mu, nanso anidasoɔ da so wɔ hɔ ma Israel. Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yɛbɛyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no afiri yɛn mu, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popoɔ no afotuo no nti; na wɔnyɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ. Sɔre, na wo so na asɛm yi da, na yɛn deɛ, yɛdi w’akyi; ma wo ho nyɛ den, na yɛ! Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wɔbɛdi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no. Na Esra sɔre firii Nyankopɔn fie no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu; na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsuo nso wannom, ɛfiri sɛ ɔdii atukɔfoɔ no mfomsoɔ ho abooboo. Na wɔpae mu kyinii Yuda ne Yerusalem kyerɛɛ atukɔfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmoaboa wɔn ano mmɛhyia wɔ Yerusalem, na obiara a ɔremma nnansa mu, sɛ mmapɔmma ne mpanimfoɔ afotuo no teɛ no, wɔbɛsɛe n’afideɛ nyinaa pasapasa, na ɔno nso wɔbɛtu no afiri atukɔfoɔ badwa no mu. Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ano bɛhyiaa Yerusalem nnansa mu, ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu. Na ɔman no nyinaa tenatenaa Nyankopɔn fie no anim mpraeɛ no so, na asɛm no ne osu kɛseɛ bi nti wɔn ho popoe. Na Ɔsɔfoɔ Esra sɔre gyina ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo deɛ, moafom, sɛ moawareware mmaa ananafoɔ, na mode ama Israel asodie no adɔɔso. Na afei mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ AWURADE mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ deɛ ɔpɛ no, na monte mo ho mfiri asase so aman ne mmaa ananafoɔ no ho. Ɛnna badwa no nyinaa de nne kɛseɛ gyee so kaa sɛ: Ɛte saa, ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛdeɛ woaka no. Nso ɔman no dɔɔso, na osutɔ berɛ yi nso yɛrentumi nnyina abɔntene so, na adwuma no nso nyɛ da koro anaa nnannu adwuma; na yɛama yɛn mmarato adɔɔso asɛm yi mu. Enti ma yɛnyi yɛn mmapɔmma mma badwa no nyinaa, na wɔn a wɔwɔ yɛn nkuro mu a wɔawareware mmaa ananafoɔ nyinaa mmra berɛ a wɔahyehyɛ mu, na kuro biara mu mpanimfoɔ ne emu atemmufoɔ nka wɔn ho nkɔsi sɛ wɔbɛsianka yɛn Nyankopɔn abufuo a adɔ asɛm yi ho no afiri yɛn soɔ. Nso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yahasia sɔre tiaa yei ho, na Mesulam ne Sabetai, Lewini no boaa wɔn. Na atukɔfoɔ no yɛɛ saa. Na Ɔsɔfoɔ Esra yiyii mmarima a wɔyɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie soɔ, na wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din. Na wɔtenatenaa ase bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no mu, sɛ wɔrehwehwɛ asɛm no mu. Na wɔne mmarima a wɔawareware mmaa ananafoɔ no nyinaa wiee asɛm no ka bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no mu. Na wɔhunuu asɔfoɔ mma mu wɔn a wɔawareware mmaa ananafoɔ: Yosadak ba Yesua ne ne nuanom mu: Maaseia ne Eliesa ne Yarib ne Gedalia. Na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛgyae wɔn yerenom no, na wɔde odwennini bɔɔ wɔn asodie no ho afɔdeɛ; ne Imer mma mu: Hanani ne Sebadia; ne Harim mma mu: Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia; ne Pasur mma mu: Eliehoenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa. Na Lewifoɔ mu: Yosabad ne Simei ne Kelaia (a ɔne Kelita), Petahia, Yuda ne Eliesa; ne nnwontofoɔ ne: Eliasib; ne apono ano ahwɛfoɔ mu: Salum ne Telem ne Uri. Na Israel mu: Paros mma mu: Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasa, Malkia ne Benaia; ne Elam mma mu: Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia; ne Satu mma mu: Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa; ne Bebai mma mu: Yehohanan, Hanania, Sabai, ne Atlai; ne Bani mma mu; Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, Yeremot; ne Pahat-Moab mma mu: Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, Manase; ne Harim mma: Eliesa, Yissia, Malkia, Semaia, Simeon, Benyamin, Maluk, Semaria. Hasum mma mu: Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, Simei. Bani mma mu: Maadai, Amram, Uel, Benaia, Bedeia, Keluhi, Wania, Meremot, Eliasib, Matania, Matenai, Yaasu, Bani, Binui, Simei, Selemia, Natan, Adaia, Maknadebai, Sasai, Sarai, Asarel, Selemia, Semaria, Salum, Amaria, Yosef. Nebo mma mu: Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel, Benaia. Na yeinom nyinaa awareware mmaa ananafoɔ, na wɔgyaagyaee wɔn maa wɔne wɔn mma kɔeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE atemmusɛm a ɔnam Malaki so de brɛɛ Israel nie. Madɔ mo, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Wode deɛn na adɔ yɛn? Esau nyɛ Yakob nua? AWURADE asɛm nie; nanso medɔɔ Yakob, na metanee Esau, na mayɛ ne mmepɔ no afo, ne n’agyapadeɛ nso ayɛ anwea pradada sɛ ɛserɛ so kraman adeɛ. Sɛ Edom ka sɛ: Wɔapɛkyɛ yɛn, nanso yɛbɛsane akɔ akɔsisi agoago no a, sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔn deɛ, wɔbɛsisi, na me nso, mɛdwiri, na wɔafrɛ wɔn sɛ: Abɔnefosɛm hyeɛ, ne: Ɔman a AWURADE afa wɔn abufuo de rekɔsi daa. Na mo ani bɛhunu, na mo deɛ, mobɛka sɛ: AWURADE kɛseyɛ tra Israel hyeɛ no so. Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni. Na sɛ agya ne me a, m’anidie wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo AWURADE na ɔreka akyerɛ mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛbu wo din animtia? Mode paanoo a ɛho akum brɛ me m’afɔrebukyia so. Na moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde kum wo ho? Sɛ mosusu sɛ: AWURADE pono no yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia. Na sɛ mode aboa anifirani bi ba bɛbɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ bɔne anaa? Na sɛ mode apakye anaa ɔyarefoɔ bi ba a, ɛnyɛ bɔne anaa? Fa kɔma w’amrado; na hwɛ sɛ n’ani bɛsɔ wo, anaasɛ ɔbɛhwɛ w’anim anaa? Asafo AWURADE na ɔseɛ. Wiɛ, monkoto nsrɛ Nyankopɔn, na ɔmmɛdom yɛn ɛ. Na sɛ mo nsam na ɛno firiiɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo AWURADE na ɔseɛ. Anka ɛyɛ sɛ mo mu bi kɔtoto apono mu nso, na moansɔ m’afɔrebukyia so gya kwa! m’ani nsɔ mo hwee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mo nsam ayɛyɛdeɛ nyɛ me fɛ. Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ. Nanso mogu ho fi, sɛ moka sɛ: AWURADE pono no, wɔakum ho, ne ɛso adeɛ, n’aduane no nso yɛ adeɛ a wɔtumi bu no animtia. Nso moka sɛ: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn nie! Na mopeepee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mode fomfa adeɛ ne aboa apakye ne ɔyarefoɔ ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛdeɛ; mɛgye no mo nsam ama no ayɛ me fɛ anaa? AWURADE na ɔseɛ. Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, deɛ wɔahyɛ yi, wɔne mo, asɔfoɔ. Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu. Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ; na mobɛhunu sɛ me na mesoma maa wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo AWURADE na ɔseɛ. M’apam no yɛɛ no nkwa ne asomdwoeɛ, na mede memaa no sɛ ɔnsuro. Na ɔsuroo me, na me din nti ne ho popoe. Nokorɛ mmara daa n’anomu, na wɔanhunu n’anomu kɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoeɛ ne tenenee mu na ɔne me nanteeɛ, na ɔdanee nnipa pii firi amumuyɛ ho. Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no. Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ. Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea. Ɛnyɛ agya korɔ na yɛn nyinaa yɛwɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn korɔ na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnam deɛn so nti na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde bɛgu yɛn agyanom apam ho fi yi? Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa. AWURADE bɛtwa ɔbarima a ɔyɛ yei, sɛ ɔnim na ɔboapa yɛ no afiri Yakob ntomadan mu, na wapo n’ayɛyɛdeɛ a ɔde brɛ asafo AWURADE no. Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio. Na mobisa sɛ: Ɛnam deɛn so? Ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ntam danseni, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafoɔ ne w’apam yerɛ no. Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo. Na metane awareguo, AWURADE, Israel Nyankopɔn na ɔseɛ, ne deɛ ɔde mmusuo kata n’atadeɛ soɔ, enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na monntwa nkontompo. Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw; na ɔbɛtena ase anane dwetɛ ayiyi mu, na ɔbɛyiyi Lewi mma mu, na wayiyi wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔayɛ wɔn a wɔde ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE tenenee mu; ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ bɛsɔ AWURADE ani sɛ tete nna ne kane mfeɛ no. Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na me, AWURADE, mensakyera; enti mo, Yakob mma, morenwie sa. Ɛfiri mo agyanom berɛ so na mosane firii m’ahyɛdeɛ ho na moanni soɔ. Monsane mmra me nkyɛn! na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛnsane? Onipa bɛfom Onyankopɔn afa sɛdeɛ morefom me fa yi anaa? Nanso mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛfom wo fa? Ntotosoɔ du du ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mu. Wɔde nnome adome mo, ɛfiri sɛ me na morefom me afa, ɔman mu no nyinaa. Momfa ntotosoɔ du du no nyinaa mmra adekoradan mu, na aduane ntena me fie; na momfa yei nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma no mmoro so anaa? Na mɛsi odidifoɔ no kwan mama mo, na wammɛsɛe asase aba amma mo, na afuo mu bobe aba ammɔ mo, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na amanaman nyinaa bɛbu mo ahotɔfoɔ, na mobɛyɛ anika asase, asafo AWURADE na ɔseɛ. Mo nsɛm yɛ me so den, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn na yɛka tia woɔ? Mokaa sɛ: Nyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfasoɔ bɛn sɛ yɛhwɛɛ n’ahwɛdeɛ na yɛnantee birisi mu wɔ asafo AWURADE anim? Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso. Ɛnna wɔn a wɔsuro AWURADE no kasakasaa wɔn mu, na AWURADE yɛɛ aso na ɔtee, na wɔtwerɛɛ n’anim nkaeɛ nwoma maa wɔn a wɔsuro AWURADE na wɔbu ne din no. Na wɔbɛyɛ me deɛ, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛda a mɛyɛ yei no, wɔbɛyɛ me ara m’adeɛ, na mɛdodo wɔn ho sɛdeɛ obi dodo ne ba a ɔsom no ho. Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban. Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ, na mobɛtiatia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo AWURADE na ɔseɛ. Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no. Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. Na ɔbɛdanedane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so, na mamma ammɛfa mmusuo ammɔ asase no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu: Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo, Nyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu. Sɛdeɛ ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nnoɔma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, deɛ ɔnam animuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu. Ɛno nso so na ɔnam akyɛ yɛn bɔhyɛ a ɛsoso akɛseakɛse a ne boɔ yɛ den, na sɛ moanya adwane akɔnnɔ mu porɔ a ɛwɔ wiase a, moafa yeinom so anya Nyankopɔn su no bi. Yei ara nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo papayɛ nka gyidie ho, na nimdeɛ nka papayɛ ho, na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho, na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onuadɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho. Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam. Ɛfiri sɛ deɛ yeinom abɔ no no yɛ onifirani, na n’ani anyam, ɔnhunu akyiri adeɛ, na ne werɛ afiri ne bɔne a wayɛ dada no ho hohorɔ. Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den; na sɛ moyɛ yeinom a, morensunti da. Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro soɔ akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahennie no mu. Enti meremma m’ani mpa so sɛ mɛkae mo yeinom daa, nanso monim dada, na moatim nokorɛ a ɛwɔ hɔ yi mu. Nanso mebu no sɛ ɛtene sɛ, mete ntomadan yi mu yi, mede nkaeɛ mekanyane mo, ɛfiri sɛ, menim sɛ pa a wɔbɛpa me ho ntomadan yi bɛba ntɛm so, sɛdeɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nso ayi akyerɛ me no. Nanso mɛbɔ mmɔden, na me wiasefire akyiri no, moatumi akae yeinom da biara. Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yɛdi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’animuonyam kɛseɛ no ho adansefoɔ a na yɛn ani tua. Na ɔnyaa anidie ne animuonyam firii Agya Nyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi firii animuonyam a ɛsɛ ɔkɛseɛ no, baa ne so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔ kronkron no soɔ no tee saa nne yi sɛ ɛfiri soro baeɛ. Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie. Monhunu yei kane sɛ atwerɛ mu adiyisɛm biara nnam onipa nkyerɛaseɛ so; ɛfiri sɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so mmaa pɛn, na mmom Nyankopɔn nnipa kronkron so, sɛdeɛ Honhom Kronkron de wɔn rekorɔ no, na wɔkasaeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na adiyifoɔ atorofoɔ nso wɔ ɔman no mu, sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛeɛ fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ɔgyee wɔn no mpo, na wɔde ɔsɛeɛ a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so. Na bebree bɛdi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokorɛ kwan no ho nsɛmmɔne. Na wɔnam anibereɛ so de nnaadaasɛm bɛpɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn na ɛfiri tete wɔn atemmuo ntwentwɛn aseɛ, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko. Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a, na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ ne nnipa baason a wɔka ne ho na ɔgyee wɔn na ɔde nsuyire bɛkataa amumuyɛfoɔ wiase soɔ no, na sɛ ɔdanee Sodom ne Gomora nkuro nso, na ɔde ɔsɛeɛ buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a akyire yi wɔbɛyɛ amumuyɛdeɛ, na ɔyii Lot a ɔtene a amumuyɛfoɔ no de wɔn ahohwie abrabɔ haa no, (na deɛ onipa tenenee no tenaa wɔn mu hunuiɛ na ɔteeɛ no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra tenenee no ayayadeɛ daa nyinaa;) Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da, ne titire no, wɔn a wɔdi honam akyiri, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔte tumidie atua. Wɔyɛ aniɛdenfoɔ, ahopɛfoɔ, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka animuonyam ho nsɛmmɔne. Nanso abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim. Na yeinom deɛ, wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wɔka deɛ wɔnnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ara wɔn sɛeɛ mu, na wɔbɛnya deɛ ɛntene so akatua. Deɛ wɔbu no anigyeɛ ne daa ahohwie asetena, wɔyɛ nkekaeɛ ne dɛm, wɔde wɔn apempensie bɔ ahohwie, nanso na wɔne mo redidi, wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma, wɔagya ɔkwan tenenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na na ɔpɛ deɛ ɛntene akatua, nanso ɔnyaa ne mmarato ho atɛnyie; afunumu a ɔntumi nkasa de onipa nne kasae sii odiyifoɔ no nkwaseasɛm no kwan. Yeinom yɛ mmura a nsuo nni mu, suwisie a mframa bɔ huu de rekorɔ, wɔn na wɔde esum kabikabi asie wɔn. Na wɔkeka akonkosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a wɔdwane firii wɔn a wɔbɔ nnaadaa bra no mu ɛnkyɛreeɛ. Wɔhyɛ wɔn adehyedie ho bɔ, na wɔn ara deɛ, wɔyɛ ɔporɔ nkoa, ɛfiri sɛ deɛ adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa. Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so adwane wiase fi, na wɔtoatoa wɔ mu bio di nkoguo a, wɔn akyire asetena adane wɔn bɔne akyɛne kane deɛ no. Na anka ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔanhunu tenenee kwan no, kyɛne sɛ wɔahunu, na wɔadane afiri ahyɛdeɛ kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho. Na ayɛ wɔn, sɛdeɛ nokorɛ bɛ no seɛ: Ɔkraman asane kɔ ɔno ara ne feɛ ho bio, na prako a wɔadware no no asiane kɔ n’atɛkyɛ a ɔyantam mu no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adɔfo, yei ne nwoma a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mabrɛ mo. Emu na mede nkaeɛ mekanyane mo adwene gyenegyene, sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no. Monhunu yei kane sɛ, nna a ɛdi akyire no mu, fɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyire de fɛdie bɛba abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na ɛfirii sɛ agyanom dedaeɛ yi, ade nyinaa te sɛdeɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ. Na wɔhyɛ da ara ma wɔn werɛ firi sɛ, ɛfiri teteete na ɔsoro wɔ hɔ, ne asase a ɛfiri nsuo mu, na ɛfiri nsuo mfimfini na ɛbɛtimm hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so. Wɔn so ara na ɛnam na nsuo yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ wɔn berɛ so no. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara na akora, na wɔde asie ama ogya, ama atemmuo ne nnipa amumuyɛfoɔ sɛeɛ da no. Na, adɔfo, mommma adeɛ baako yi nnhunta mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirinhyia apem, na mfirinhyia apem yɛ no sɛ da koro. Awurade nkyɛre ne bɔhyɛ ho, sɛdeɛ ebinom bu no sɛ ɛkyɛreɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛre ma mo, ɔmpɛ sɛ obiara bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakyera mu. Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye. Enti sɛ yeinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne nyamesom pa mu, sɛ motwɛn na morepɛ Nyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛeɛ, na wiem mfitiasedeɛ anane ahye. Na sɛdeɛ ne bɔhyɛ teɛ no, yɛretwɛn ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a tenenee te mu no. Enti, adɔfo, ɛnam sɛ moretwɛn yeinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wɔnni nkekaeɛ ne dɛm asomdwoeɛ mu, na mommu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagyeɛ, sɛdeɛ yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no twerɛɛ mo no, sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ne nwoma nyinaa a ɔka yeinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ne nteaseɛ yɛ den, na wɔn a wɔnsuaa adeɛ na wɔn ase ntimiiɛ toto no, sɛdeɛ wɔyɛ atwerɛ nsɛm a aka no nso, ma wɔn ara wɔn sɛeɛ no. Enti, adɔfo, ɛnam sɛ monim dada nti, monhwɛ mo ho so yie, na wɔamfa amumuyɛfoɔ nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfiri mo ara mo tim a moatim no mu anhwe ase. Na monnyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no, ɔno nko ara te hɔ sɛn nie! Deɛ anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafoɔ. Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no, wayɛ deɛ ɔyi toɔ. Esu ara na ɔsu anadwo, na nisuo sensane n’afono ho. Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu ɔwerɛkyekyefoɔ biara; ne mfɛfoɔ nyinaa atwitwa no nkontompo, wɔadanedane n’atamfoɔ. Amaneɛ ne ɛsom dodoɔ nti Yuda atukɔfoɔ mu. Ɔte amanaman mu, nanso ɔnnya homegyebea. N’atifoɔ nyinaa kɔtoo no n’ahokyerɛ mu. Sion akwan di abooboo, sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti, n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo; n’asɔfoɔ gu ahome, ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ara nso, ayɛ no nwono. N’ahohiahiafoɔ ayɛ akannifoɔ, n’atamfo di yie; na ne mmarato dodoɔ nti AWURADE ahyɛ no awerɛhoɔ. Ne mmotafowa adi ɔtamfoɔ anim kɔ nnommumfa mu. Na Sion babaa ahokeka nyinaa afiri ne ho kɔ; ne mmapɔmma ayɛ sɛ atwe a wɔnnya adidibea, na wɔadwane atifoɔ anim a wɔnni ahoɔden. Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu wakae n’afɛfɛdeɛ a na ɛwɔ hɔ firi tete nna mu no nyinaa; ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam na wannya ɔboafoɔ biara no, n’ahohiahiafoɔ ani gyee, na wɔseree no n’ahweaseɛ mu. Bɔne kɛseɛ na Yerusalem ayɛ, ɛno nti na wadane akyiwadeɛ. Wɔn a anka wɔdi no ni nyinaa bu no animtiaa, ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya; ɔno nso gu ahome, na wadane n’ani. Ne ho figuo akeka n’atadeɛ mmuano mu; wankae n’awieeɛ, enti na wabrɛ ase ama no ayɛ nwanwa; ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. O AWURADE, hwɛ m’amaneɛ, ɛfiri sɛ, ɔtamfoɔ adi nkonim! Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa n’afɛfɛdeɛ nyinaa so, aane wahunu amanaman, sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a wohyɛɛ sɛ wɔnnhyɛne w’asafo mu no. Ne nkurɔfoɔ nyinaa gu ahome hwehwɛ aduane; wɔde wɔn afɛfɛdeɛ ma gye aduane de hyɛ wɔn ho den. O AWURADE, hwɛ na hunu; na wɔbu me animtiaa! Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na monhunu sɛ ɔyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea, a aka me yi, a AWURADE de aho me werɛ n’abufuhyeɛ da no! Wama ogya firi soro; aduru me nnompe mu, na adidi mu; wasum me nan fidie, wama masane m’akyi. Wama mayɛ pasaa, meyɛ hodwoo daa nyinaa. Ɔde ne nsa akyekyere me mmaratodeɛ ayɛ no kɔnnua; ɛtoatoa mu gu me kɔn mu, wama m’ahoɔden asa, AWURADE ayi me ahyɛ wɔn a mentumi nnyina wɔn anim no nsa, AWURADE ato m’akunini a ɛwɔ me mu nyinaa agu. Ɔfrɛɛ nnipa dɔm maa wɔhyiaa mu tiaa me, sɛ wɔnnwerɛ me mmeranteɛ; AWURADE atiatia Yuda babaa so sɛdeɛ wɔtiatia nsa-kyi-amena mu. Yeinom nti na mesu. M’aniwa kyi nisuo gu fam, ɛfiri sɛ me werɛkyekyefoɔ a ɔbɛdwodwo me kra ne me ntam ware; me mma ayɛ pasaa, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nim. Sion atrɛ ne nsam, nanso ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. AWURADE ahyɛ no Yakob ho sɛ wɔn a atwa ne ho ahyia nyɛ n’ahohiahiafoɔ; Yerusalem adane wɔn mu afideɛ. AWURADE di bem, ɛfiri sɛ me na mate n’anomu asɛm ho atua. Aman nyinaa, montie, na monhwɛ me yea. Me mmabaa ne me mmeranteɛ kɔ nnommumfa mu. Mefrɛɛ m’adɔfo, nanso wɔdaadaa me; na m’asɔfoɔ ne me mpanimfoɔ repɛ aduane de ahyɛ wɔn ho den no, wɔtotɔɔ piti kuro no mu. AWURADE, hwɛ sɛ me ho hiahia me yi, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma adane wɔ me yam, ɛfiri sɛ mate atua kɛseɛ nti. Afena twitwa me mma abɔntene so, na ewuo nso wɔ fie. Wɔte sɛ meresi apini, nanso menni ɔwerɛkyekyefoɔ; m’atamfoɔ nyinaa ate m’amaneɛ; wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ woayɛ me saa; wobɛma ɛda a woahyɛ no adu, na wɔn nso ayɛ sɛ me. Ma wɔn nnebɔne nyinaa mmra w’anim, na yɛ wɔn sɛdeɛ me mmaratodeɛ nyinaa nti wɔyɛɛ me no; na m’apinisie adɔɔso, na m’akoma atɔ piti.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no. AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi. Watwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyeɛ mu, wapono ne nifa ato n’akyi afiri ɔtamfoɔ anim, na ɔdɛree Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhye hyia. Wakuntunu ne tadua mu sɛ ɔtamfoɔ, wagyina atene ne nifa sɛ ɔhohiahiafoɔ, na wakunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyeɛ sɛ ogya agu Sion babaa ntomadan so. AWURADE adane sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel, wabubu n’aban afɛfɛ nyinaa; wasɛe n’aban a ɛyɛ den no, na wama Yuda babaa abooboo ne agyaadwotwirɛ adɔɔso. Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a wasɛe ne dwabirem; AWURADE ama werɛ afiri Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia. AWURADE ato n’afɔrebukyia atwene, wapa ne kronkronbea. Ɔde n’aban afɛfɛ afasuo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa; wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fie, sɛ afahyɛ da. AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo; ɔde susuhoma too ho, wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho, wama epie ne afasuo adi abooboo, ne nyinaa ahodwohodwo. N’aponkɛseɛ amem fam, akyire adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, mmara no nni hɔ bio, n’adiyifoɔ nhunu AWURADE hɔ anisoadehunu. Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase. Nisuo ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma ate, ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti, ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti, kuro no mmɔntene so. Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ, kuro no mmɔntene so, na wɔgyaagyaa mu wɔ wɔn nanom kokom. Ɛdeɛn adanseɛ na menni woɔ, ɛdeɛn na memfa mento wo ho, Yerusalem babaa? Ɛdeɛn na memma no ne wo nsɛ, na mede makyekyere wo werɛ, ababaa, Sion babaa? Na wo sɛeɛ so sɛ ɛpo, hwan na ɔbɛtumi asa wo yadeɛ? Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ; na wɔanyi w’amumuyɛ no so, sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba. Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom na wɔhunu kyerɛɛ woɔ. Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so. Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri gu Yerusalem babaa so ka sɛ: Kuro a wɔfrɛ no: Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ, asase nyinaa ahosan no, nie? W’atamfo nyinaa trɛtrɛ wɔn anomu tia wo; wɔhinam, twɛre wɔn se ka sɛ: Yɛasɛe no! Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie! Yɛanya, yɛn ani ahunu! AWURADE ayɛ deɛ ɔsusuiɛ; wama n’asɛm aba mu pɛpɛɛpɛ, n’asɛm a ɔfiri tete mmerɛ no mu hyɛeɛ no; wadwiri, na wanni ho adɔna, na wama ɔtamfoɔ ani agye wo ho, wama w’ahohiahiafoɔ ahoɔden so. Wɔn akoma su frɛ AWURADE; Sion babaa fasuo, ma nisuo nsene sɛ asutene awia ne anadwo; mpɛ home bi nhome, mma w’aniwa kurutuawisi nnyɛ komm. Sɔre kekam anadwo, ɔdasuom mfitiaseɛ, hwie w’akoma gu sɛ nsuo, AWURADE anim; wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no, na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti. AWURADE, hwɛ, na hunu! Hwan na woayɛ no seyie yi? Mmaa nni wɔn yafumma nam, mmotafowa a wɔturu wɔn? Wɔnkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ, AWURADE kronkronbea hɔ anaa? Mmɔfra ne nkɔkoraa deda fam mmorɔno so; me mmabaa ne me mmeranteɛ atotɔ afena ano. Woasɛe wɔn w’abufuo da no so, woakum na woanni adɔna. Woahyia m’atamfoɔ afiri afa nyinaa sɛ afahyɛ da, na AWURADE abufuo da no, obiara amfiri mu amfi na obiara anka; wɔn a meturuu wɔn na meyɛnee wɔn no, me tamfo adwerɛ wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mene ɔbarima a wahunu amaneɛ, n’anibereɛ abaa no ano. Waka me de me kɔ sum mu, deɛ hann nnie; me nko me so na ɔdane ba, ɔdane ne nsa ba me so daa nyinaa. Wama me honam ne me wedeɛ ayɛ afo, wabubu me nnompe mu. Wato fasuo afa me ho, na ɔde borɔ ne ɔbrɛ atwa me ho ahyia. Ɔde me atena sum mu, sɛ tete nteredee awufoɔ. Wato me ho ban, na mentumi mfiri adi, wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru; nso sɛ meteam na mesu mefrɛ no a, ɔsi me mpaebɔ kwan; ɔde aboɔ a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasuo, wakyeakyea m’akwan. Ɔyɛ me sisire a ɔtɛ, ne tasuo mu gyata; wahima m’akwan atete me mu, wayɛ me pasaa. Wakuntunu ne tadua mu na ɔde me asi hɔ sɛ botaeɛ ama agyan; wama ne kotokuo mu agyan ahyɛne m’akoma mu. Mayɛ me man nyinaa asereseredeɛ ne wɔn dwom daa daa nyinaa. Wama ade nwononwono ara nko amee me, wama ɔnwono abo me. Wama me se awe mmosea, wabrɛ me ase ahyɛ nso mu. Woasum me kra afiri asomdwoeɛ ho, me werɛ afiri sɛdeɛ ahotɔ teɛ, na mese: M’anidasoɔ ne deɛ mehwɛ AWURADE kwan wɔ ho no ayera! Kae m’amaneɛ ne m’ahometeɛ, ɔnwono ne borɔ no. Me kra kae daa, na abrɛ ase me mu. Mede yei mehyɛ m’akoma mu, yei ho na mɛtwɛn ara: Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa, na ne mmɔborɔhunu to ntwae. Ɛyɛ foforɔ daa anɔpa, wo nokorɛdie dɔɔso. Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa, ɛno nti m’ani da ne so ara. AWURADE yɛ ma wɔn a wɔhwɛ no kwan, ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyiri kwan no. Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagyeɛ; ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua ne mmeranteberɛ mu. Sɛ ɔde to ne so a, ma ɔno nko ara ntena ase, na ɔnyɛ komm; ma no mfa n’ano mmutu dɔteɛ mu, ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ; ma no mfa n’afono mma deɛ ɔbɔ no, ma ahohora mmee no. Na AWURADE rento ntwene daa, na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no, sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yea anaa ɔbɛha nnipa mma. Obi pɛkyɛ asase so nneduafoɔ nyinaa ne nan ase, obi bu obi ntɛnkyea, ɔsorosoroni no anim, obi dane obi asɛm ani a, AWURADE mpene so saa! Hwan na ɔka na ɛba mu, berɛ a AWURADE nhyɛeɛ? Ɛnyɛ ɔsorosoroni no anomu na mmusuo ne papa fire? Adɛn nti na onipa a ɔte aseɛ di amaneɛ ho abooboo, ɔbarima a ɔte ne bɔne mu? Momma yɛmpeepee yɛn akwan mu nhwehwɛ mu, na yɛnsane mmra AWURADE nkyɛn. Momma yɛmmema yɛn akoma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro. Yɛn ara na yɛato mmara na yɛate atua, wo nso woamfa amfiri. Wode abufuo kataa wo ho, na wotii yɛn, woakum, woanni adɔna. Wode mununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu amma wo hɔ. Wode yɛn ayɛ nwira dodoɔ ne akyiwadeɛ, aman no mfimfini. Yɛn atamfoɔ nyinaa ahaahaa wɔn anomu atia yɛn. Ehu ne amena, ɔsɛeɛ ne pasaayɛ abɛda yɛn hɔ. M’ani pore nisuo sɛ asutene, me man babaa sɛeɛ ho. M’ani pore nisuo, na ɛnnyae, ɛnnya atwayɛ kɔsi sɛ AWURADE bɛsi ne tiri ase afiri soro ahwɛ. M’ani hyɛ me awerɛhoɔ me man mmammaa nyinaa nti. M’atamfoɔ apamo me kwa sɛ anomaa. Wɔto me twene amena mu animono, na wɔasi me aboɔ; nsuo bu kataa me tiri so; na mese: Wɔatwa me atwene. Mefiri abura ase tɔnn meteaa mu mefrɛɛ wo din, AWURADE. Wotee me nne; nsi w’aso wɔ m’ahomeguo ne me sufrɛ ho. Wotwe pinii da a mefrɛɛ woɔ no; wokaa sɛ: Nsuro! O AWURADE, woadi me kra asɛm ama me; woagye me nkwa. AWURADE, woahunu asɛmmɔne a wɔdii me; bu atɛn ma me! Woahunu wɔn aweretɔ no nyinaa, wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa, AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa, wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa, wɔn a wɔsɔre tia me no ano, ne wɔn adwene a wɔdwene me ho daa daa nyinaa no; hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔreɛ no ɛ! Mene wɔn nnwom mu nsɛm akɛseɛ. AWURADE, hyɛ wɔn ananmu, sɛdeɛ wɔn nsa ano nneyɛɛ teɛ. Ma nkatasoɔ nkata wɔn akoma so, na wo nnome mmra wɔn so. Ti wɔn abufuo mu, na sɛe wɔn firi ɔsoro ase, O AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ao, sɛ sika abiri tumm, hyerɛmmoɔ pa no asakyera nie! Wɔatoto kronkronbea aboɔ no agu mmorɔno nyinaa so. Sion mma a wɔn boɔ yɛ den a wɔde sika amapa kari wɔn no, ɛsii sɛn na wɔbuu wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma yi? Ɛserɛ so kraman mpo twetwe wɔn nufo ma wɔn mma nnum; me man babaa adane otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɛserɛ so nsohori. Sukɔm ma akɔkoaa tɛkyerɛma fam ne dodo mu, mmotafowa srɛ aduane, obi nni hɔ a ɔbu bi ma wɔn. Wɔn a wɔdii adɔkɔdɔkɔdeɛ no ayɛ pasaa mmorɔno so; wɔn a wɔyɛne wɔn ɔtankɔkɔɔ soɔ no yɛ sumina atuu. Na me man babaa amumuyɛ so akatua sene Sodom bɔne no deɛ, ɛno nti na wɔbutuu no amonom, a ɛnyɛ nsa na ɛsɛe no. Ne mmapɔmma ho te sene sukyerɛmma, wɔhoa nso sene nufosuo; wɔn honam bere sene ntwoma, wɔn nipadua te sɛ hoaboɔ. Afei deɛ wɔn anim biri sene gyabidie, wɔhu wɔn mmorɔno so a, wɔnhu wɔn: Wɔn wedeɛ afemfam wɔn nnompe ho, akyen wirekyee, ayɛ sɛ dua. Wɔn a wɔtotɔ afena ano deɛ yɛ sene wɔn a wɔtotɔ ɛkɔm ano a afuo mu nnɔbaeɛ a abɔ wɔn nti wɔkusa hyeɛ no. Mmaa a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa noaa wɔn ara wɔn yafumma; wɔde wɔn yɛɛ aduane, me man babaa sɛeɛ no mu. AWURADE ayi n’abufuhyeɛ no adi awie, wahwie n’abufuo a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya ama no ahye ne nnyinasoɔ. Asase so ahemfo ne wiasefoɔ nyinaa annye anni, sɛ ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfoɔ bɛba abɛhyɛne Yerusalem apono mu. N’adiyifoɔ bɔne, ne n’asɔfoɔ amumuyɛ nti na ɛbaa saa; ma wɔhwiee teneneefoɔ mogya wɔn mfimfini. Wɔkeka sɛ anifirafoɔ wɔ mmorɔno so, wɔde mogya agugu wɔn ho fi a enti wɔntumi nka wɔn ntadeɛ. Wɔteaa mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri ha! Mo a mo ho akum! Mommane, mommane, mommfa mo nsa nnka! Wɔdwane kɔkyinkyiniiɛ no, wɔkaa no amanaman mu sɛ: Wɔrenkɔ so ntena ha bio. AWURADE ankasa na apansam wɔn, ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn; wɔnhwɛ asɔfoɔ anim, mpanin anim amma nyam. Yɛn ani da so rehwɛ yɛn mmoa a ɛremma no kwan, yɛn ahwɛeɛ hɔ no, yɛhwɛɛ ɔman a wɔntumi nnye yɛn nkwa no kwan ara. Wɔtoaa yɛn anammɔn, na yɛantumi annante yɛn mmɔntene so. Yɛn awieeɛ abɛn, yɛn nna ahi, aane, yɛn awieeɛ adu. Yɛn atifoɔ ho yɛ hare sene ɔsoro akɔdeɛ; wɔti yɛn yerɛdɛyerɛdɛ mmepɔ so, wɔtetɛ yɛn ɛserɛ so. Yɛn hwene mu ahome, deɛ AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amena mu, ɔno a yɛkaa sɛ: Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa, amanaman mu no. Ma wo ho nsane wo na w’ani nnye, Edom babaa a wote Us asase soɔ no; wo nso wo so na amanehunu no rebɛtwam aba, wobɛboro na w’adagya ada adi. O Sion babaa, w’amumuyɛ so akatua asa! Ɔremma wo nkɔ so ntena otukorɔ mu; nanso, Edom babaa, ɔbɛba abɛtua w’amumuyɛ so ka, ɔbɛyi wo bɔne so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ, hwɛ na hunu yɛn ahohora! Yɛn agyapadeɛ adane ahɔhoɔ deɛ, yɛn afie ayɛ ananafoɔ deɛ; yɛadanedane nwisiaa ne nnyanka, yɛn nanom te sɛ akunafoɔ. Nsuo a yɛnom, yɛtua ka, yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn. Wɔkura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ, yɛbrɛ, wɔmma yɛnnya ahomeyɛ. Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria, na yɛanya aduane adi amee. Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wɔnni hɔ, na yɛn na yɛso wɔn amumuyɛ. Nkoa di yɛn so, deɛ ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsa mu nni hɔ. Yɛn nkwa kurakura yɛn nsam, na yɛkɔpɛ yɛn aduane wɔ ɛserɛ so, afena no anim. Yɛn wedeɛ ayɛ hyehyeehye sɛ fononoo, ɛkɔm a ano yɛ hyeɛ no nti. Wɔabrɛ Sion mmaa, ne Yuda nkuro mu mmabaa, ase. Wɔde wɔn nsa sensɛne mmapɔmma, wɔnni mpanin ni. Wɔma mmeranteɛ yam ayuyammoɔ so, na mmɔfra hwehwe ase nnyina ase. Mpanimfoɔ agyae kuro apono mu ba, mmeranteɛ agyae wɔn sankubɔ. Yɛn akoma ahosan agyae, yɛn asa adane abooboodie. Yɛn abotire ayi atɔ fam. Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne. Yei nti, na yɛn akoma atɔ piti, yeinom ho na yɛn ani so ayɛ kusuu. Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti, ɛserɛ so kraman nenam so. Wo AWURADE, wote hɔ daa, w’adwa tim hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛdeɛn nti na wo werɛ firi yɛn ma no kyɛre saa, na woagya yɛn dadadada yi? AWURADE, sane yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsane, ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete deɛ no. Anaasɛ poɔ na woapo yɛn koraa, wo bo afu yɛn mmoroso?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane a wadi Nyankopɔn asɛm ne Yesu Kristo adanseɛ ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa ho adanseɛ. Nhyira ne deɛ ɔkenkan ne wɔn a wɔtie adiyie nsɛm no, na wɔde deɛ wɔatwerɛ wɔ mu no sie; na ɛberɛ no abɛn. Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim, ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu, na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen. Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen. Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no. Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so. Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea. Na medanee m’ani sɛ merekɔhwɛ nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. Na medanee me ho no, mehunuu sika nkaneadua nson, na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so. Na ne tiri ne ne nwi hoa sɛ odwanten ho nwi fitaa, sɛ sukyerɛmma, na n’ani te sɛ ogyaframa, na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu. Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa. Twerɛ deɛ wohunu, ne deɛ ɛwɔ hɔ, ne deɛ yei akyiri no ɛrebɛba: Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Efeso asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura nsoromma nson ne nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua nson no mfimfini no seɛ: Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofoɔ. Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba. Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ, woagya wo kane dɔ no. Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene. Nanso yei na wowɔ, sɛ wotan Nikolaifoɔ nnwuma a me nso metan no. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi. Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ: Menim w’ahohia ne wo hia no, nanso woyɛ ɔdefoɔ, ne wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ, nanso wɔnyɛ, na mmom wɔyɛ Satan hyiadan no abususɛm. Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, owuprenu renka no. Na Pergamo asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura afena anofanu nnamnnam no seɛ: Menim faako a woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ. Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa wɔ wo hɔ a wɔkura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, deɛ ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma suntidua na wɔnni nam a wɔakum ama abosom, na wɔmmɔ adwaman no. Saa ara nso na wowɔ wɔn a wɔkura Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ no mu. Enti sakyera w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anomu afena ne wɔn ako. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko. Na Tiatira asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Nyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogyaframa na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ no seɛ: Menim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidie ne wo som ne wo boasetɔ no ne sɛ wo nnwuma a ɛdi akyire sene deɛ ɛdi kan no. Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbaa Isebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ adwaman na wɔnni nam a wɔakum ama abosom. Na mama no berɛ sɛ ɔmfa nsakyera n’adwene mfiri n’adwamammɔ mu, na wansakyera. Hwɛ, mede no bɛto mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awadeɛ no magu ahohia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔasakyera wɔn adwene wɔ wɔn nnwuma mu. Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ. Na mese mo a moaka Tiatira no, dodoɔ a wɔnni saa nkyerɛkyerɛ yi, wɔn a wɔnhunuu Satan bunu mu, sɛdeɛ wɔka no no, sɛ: Merensoa mo adesoa foforɔ. Nanso deɛ mowɔ no, monsɔ mu den nkɔsi sɛ mɛba. Na deɛ ɔdi nkonim ne deɛ ɔkura me nnwuma mu kɔsi awieeɛ no, mɛma no amanaman so tumi, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ nkukuo, sɛdeɛ me nso menyaeɛ wɔ m’Agya nsa mu no; na mɛma no adekyeeɛ nsoromma no. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo. Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim. Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ. Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wɔnguu wɔn ntadeɛ ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnante ntadeɛ fitaa mu, ɛfiri sɛ wɔfata. Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ: Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɛpono a wɔahini masi w’anim a obi ntumi nto mu, ɛfiri sɛ wowɔ ahoɔden ketewa bi, na woadi m’asɛm so, na woampa me din. Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo. Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu. Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire. Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ: Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na wonyɛ hyeɛ. Sɛ woyɛ nwunu anaa woyɛ hye a, anka ɛyɛ. Na afei deɛ, ɛnam sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyeɛ anaa nwunu nti, mɛfe wo mafiri m’anomu. Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani. Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ. Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene! Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi. Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no. Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba. Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so. Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia. Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti. Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim. Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia. Na ɔteasefoɔ a ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no wɔ anim te sɛ onipa, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtuo. Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba. Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a, mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ: Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunuu nwoma bi wɔ deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu a wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔde nsɔano nson asosɔ ano. Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔte ne nsɔano no? Na obiara nni soro anaa asase so anaa asase ase a ɔbɛtumi abue nwoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. Na mesuu pii, ɛfiri sɛ wɔnhunu obi a ɔfata sɛ ɔbɛbue nwoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu. Na mpanimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuo mu Gyata no, Dawid nhini no adi nkonim sɛ ɔbɛbue nwoma no mu na watete ne nsɔano nson no. Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no. Na ɔba bɛgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu. Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama. Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu, na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfoɔ ama yɛn Nyankopɔn, na wɔbɛdi asase so ahene. Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem, na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira. Na abɔdeɛ a ɛwɔ soro ne asase soɔ ne asase ase ne ɛpo so ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, metee sɛ wɔse: Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka deɛ ɔte ahennwa no soɔ, ne adwammaa no daa daa! Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra! Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim. Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no se: Bra! Na ɔpɔnkɔ foforɔ kɔkɔɔ bi firii adi, na wɔmaa deɛ ɔte ne soɔ no ahoɔden sɛ ɔmmɛyi asomdwoeɛ mfiri asase so na wɔnkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi. Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no se: Bra! Na mehunui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ tuntum bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura nsania wɔ ne nsa mu. Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare, na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee! Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnan no ano no, metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no se: Bra! Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo, na Asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa afena ne ɛkɔm ne owuo ne asase so mmoa nkunkum wɔn. Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Nyankopɔn asɛm ne wɔn adanseɛ a wɔdiiɛ nti wɔakunkum wɔn no akra, afɔrebukyia no ase. Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade Tumfoɔ, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafoɔ, ɛnkɔsi da bɛn na woremmu atɛn, na worentɔ wɔn a wɔte asase soɔ no yɛn mogya so were? Na wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome berɛ tiaa bi bio, nkɔsi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wɔbɛkum wɔn te sɛ wɔn no nso dodoɔ bɛso ano. Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano no, mehunuu asasewosoɔ kɛseɛ, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane danee sɛ mogya. Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu guo. Na ɔsoro yeraeɛ sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ nyinaa tutu fifirii deɛ na ɛwowɔ. Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa huntahuntaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu. Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho, ɛfiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ no adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so. Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no sɛ: Monnha asase anaa ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde agyiraeɛ bɛsisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma soɔ. Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodoɔ: Mpem ɔha aduanan nnan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuo nyinaa mu. Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dummienu, Ruben abusuakuo mu, mpem dummienu, Gad abusuakuo mu, mpem dummienu, Aser abusuakuo mu, mpem dummienu, Naftali abusuakuo mu, mpem dummienu, Manase abusuakuo mu, mpem dummienu, Simeon abusuakuo mu, mpem dummienu, Lewi abusuakuo mu, mpem dummienu, Isakar abusuakuo mu, mpem dummienu, Sebulon abusuakuo mu, mpem dummienu, Yosef abusuakuo mu, mpem dummienu, Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano, mpem dummienu. Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ. Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea. Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn kaa sɛ: Amen, nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen. Na mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ: Yeinom a wɔhyehyɛ ntadeɛ yuu fitaa yi yɛ hwannom, na wɔfiri he? Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu. Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so. Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahuhuro biara rento wɔn. Na adwammaa a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn Hwɛfoɔ, na ɔde wɔn akɔ nkwa asutire ho, na Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri wɔn aniwa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nson no ano no, ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ sɛ dɔnhwereɛ fa. Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson. Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefoɔ nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so. Na nnuhwam no wisie kaa ahotefoɔ mpaebɔ ho firi ɔbɔfoɔ no nsam foro kɔɔ Nyankopɔn anim. Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae. Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne. Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee. Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔtoo adeɛ bi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ogya rehyeɛ no twenee po mu, na ɛpo nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya, na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee. Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so. Na nsoromma no din de Ɔnwono, na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa pii wuwui, nsuo no nwono a ayɛ no nti. Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara. Na mehunui, na metee sɛ ɔkɔdeɛ baako a ɔtu faa soro mfimfini no de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔn a wɔte asase soɔ no nnue, wɔnnue, wɔnnue, totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛne no nne no nti!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no. Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti. Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so anyanyankyerɛ tumi. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka asase so wura, anaa ahahan mono biara, anaa dua biara, gye nnipa a wɔnni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma soɔ no nko. Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ. Na nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owuo, na wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo, nanso owuo bɛdwane wɔn. Na ntutummɛ no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko deɛ, na biribi wowɔ wɔn tiri so te sɛ sika abotire, na wɔn anim tete sɛ nnipa deɛ. Na wɔwowɔ nwi te sɛ mmaa nwi, na wɔn se tete sɛ agyata se. Na wɔwowɔ nkataboɔ te sɛ dadeɛ nkataboɔ, na wɔn ntaban mu gyegyeegye te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔrekɔ ɔsa nteaseɛnam deɛ. Na wɔwowɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ, na nwowɔeɛ wowɔ wɔn dua mu, na wɔn dua mu na wɔn tumi a wɔde ha nnipa abosome nnum no wɔ. Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion. Mmusuo baako atwa mu. Hwɛ, yei akyiri Mmusuo mmienu da so reba. Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Na metee nne bi a ɛfiri sika afɔrebukyia a ɛsi Nyankopɔn anim no mmɛn nnan no mu, a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no. Na wɔsanesanee abɔfoɔ baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne bosome ne afe no sɛ wɔnkunkum nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako. Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ soɔ no ano si ɔpedu ahodoɔ ɔpeduonu. Na sɛdeɛ mehunuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no, anisoadehunu no mu nie: Wɔwɔ ogya ne afasebire ne sɔfe nkataboɔ, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wisie ne sɔfe fifiri wɔn anomu. Wɔnam ɔhaw mmiɛnsa yi so de ogya ne wisie ne sɔfe a ɛfifiri wɔn anomu no so kunkumm nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako. Na apɔnkɔ no ahoɔden wɔ wɔn ano ne wɔn dua mu. Na wɔn dua no tete sɛ awɔ, na ɛwowɔ tire, na ɛno na wɔde pira. Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu no ansakyera wɔn adwene amfiri wɔn nneyɛɛ ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika, ne dwetɛ, ne yaawa, ne aboɔ, ne dua honi a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm nanso ɛntumi nnanteɛ no. Na wɔansakyera wɔn adwene amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. Na ɔkura nwoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsa mu, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so. Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae. Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ! Na ɔbɔfoɔ a mehunuu no sɛ ɔgyina po ne asase soɔ no maa ne nsa so kyerɛɛ soro. Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio, na mmom nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛhyɛne n’abɛn no, na Onyankopɔn ahuntasɛm no aba mu, sɛdeɛ ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifoɔ no. Na ɛnne a mete firii soro no ne me kasaa bio sɛ: Kɔ kɔgye nwoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfoɔ a ɔgyina asase ne po soɔ no nsam. Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwononwono wo yam, na w’anomu deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ. Na megyee nwoma ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsa mu memeneeɛ, na ɛyɛɛ fremfrem wɔ m’anomu sɛ ɛwoɔ, na mewiee die no, ɛyɛɛ nwononwono wɔ me yam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no. Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu. Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia. Yeinom ne ngodua mmienu ne akaneadua mmienu a ɛgyinagyina asase wura anim no. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ogya firi wɔn anomu bɛmene wɔn atamfoɔ, na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ɛtwa sɛ wɔku no saa ara. Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ. Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn. Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no. Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɛda mu. Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ. Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no. Na wɔtee nne kɛseɛ bi firi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa mununkum no mu, na wɔn atamfoɔ no hunuu wɔn. Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam. Mmusuo a ɛtɔ so mmienu no atwa mu. Hwɛ, Mmusuo a ɛtɔ so mmiɛnsa reba ntɛm. Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa. Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn kaa sɛ: Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ a na wowɔ hɔ dada, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na woadi hene. Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no. Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no. Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti. Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no. Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dadeɛ poma bɛdi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Nyankopɔn ne n’ahennwa no nkyɛn. Na ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so, deɛ Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia. Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfoɔ tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ koe. Na wɔdii wɔn so, na wɔannya kwan ɔsoro bio. Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui. Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Afei nkwagyeɛ ne tumi ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo. Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo. Yei nti, ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuo kɛse, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia. Na ɔtweaseɛ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase soɔ no, ɔtaa ɔbaa a ɔwoo ɔbabanin no. Na wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban mmienu sɛ ɔmfa ntu nkɔ ɛserɛ so wɔ ne tenaberɛ, deɛ wɔbɛhwɛ no ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fa afiri ɔwɔ no anim. Na ɔwɔ no puu n’anomu nsuo te sɛ asubɔnten guu ɔbaa no akyi, sɛ anka ɛmfa no. Nanso asase boaa ɔbaa no, na asase buee n’anomu menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no pu firii n’anomu no. Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no, na ɔkɔtuu n’asefoɔ nkaeɛ a wɔdi Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ na wɔkura Yesu Kristo adanseɛ no so sa. Na ɔkɔgyinaa mpoano anwea so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho. Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no. Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi. Na wɔkotoo ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotoo aboa no kaa sɛ: Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako? Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu. Na ɔbuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntomadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm. Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi. Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no. Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie. Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no. Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ. Na mehunuu aboa foforɔ bi a ɔfiri asase mu baeɛ, na ɔwɔ mmɛn mmienu sɛ adwammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ. Na ɔyɛ aboa a ɔdi kan no ahoɔdenneɛ nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ koto aboa a ɔdi kan a wɔasa ne wuopira no. Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ, na ɔma ogya mpo firi soro ba asase so, nnipa anim. Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no. Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no mpo akasa, na wama wɔakum dodoɔ a wɔnkoto aboa no honi no. Na ɔma nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyiraeɛ, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so, nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn, gye deɛ ɔwɔ agyiraeɛ no, anaa aboa no din, anaa ne din akonta ntwerɛeɛ nko. Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Deɛ ɔwɔ nteaseɛ mmu aboa no akonta no ntoano, na ɛyɛ onipa akonta ntoano, na n’akonta ntoano yɛ ahansia aduosia nsia.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho. Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a meteeɛ no te sɛ sankubɔfoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo. Na wɔtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ baanan ne mpanimfoɔ no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan nnan a wɔagye wɔn afiri asase soɔ no nko. Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no, na wɔanhunu atorɔ bi wɔ wɔn anomu; na wɔnni dɛm. Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn adu. Na monkoto deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asutire no. Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi. Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa dii wɔn akyiri de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Sɛ obi koto aboa no ne ne honi no, na ɔgye agyiraeɛ de si ne moma anaa ne nsa so a, ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim. Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo. Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ wɔ, wɔn a wɔkura Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu no. Na metee ɛnne bi firii soro a ɛkaa sɛ: Twerɛ sɛ: Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekorɔ yi. Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi. Na mehunui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te mununkum no so, na ɔbɔ sika abotire na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi. Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔredan no mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: To wo kantankrankyi twitwa, ɛfiri sɛ twaberɛ adu, na asase so nnoɔma ahoa. Na deɛ ɔte mununkum no soɔ no de ne kantankrankyi too asase so, na ɔtwitwaa asase so nnoɔma nyinaa. Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam. Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔwɔ ogya so tumi firii afɔrebukyia mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ: To wo kantankrankyi nnamnnam no twitwa asase so bobe asiasia, ɛfiri sɛ n’aba no abere. Na ɔbɔfoɔ no de ne kantankrankyi no too asase so, na ɔtwitwaa asase so bobe aba, na ɔde kɔguu Nyankopɔn abufuo nsa-kyi-amena kɛseɛ no mu. Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to. Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a egya fra mu. Na wɔn a wɔdii aboa no, ne ne honi, ne ne din akontahyɛdeɛ ho nkonim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Nyankopɔn nsankuo. Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ. Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi. Na yeinom akyiri no mehwɛe, na wɔahini adanseɛ ntomadan asɔredan no ɔsoro. Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu. Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama. Na wisie a ɛfiri Nyankopɔn animuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ wɔwiee abɔfoɔ baason no ɔhaw mmusuo nson no ansa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na metee nne kɛseɛ bi a ɛfiri asɔredan no mu reka kyerɛ abɔfoɔ baason no sɛ: Monkɔ nkɔhwie Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no ngu asase so. Na deɛ ɔdi kan no kɔe, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase so. Na nkudaa bɔne a ɛtutuo baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirahyɛdeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no so. Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ. Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔntene ne asutire mu, na ɛdanee mogya. Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no se: Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dada, na woyɛ kronkron, wotene, ɛfiri sɛ woabu atɛn saa, na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, na woama wɔn mogya anom, wɔfata saa. Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse: Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee. Na deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa nhyehye nnipa. Na wɔde ahuhuro kɛseɛ hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw mmusuo yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakyera wɔn adwene anhyɛ no animuonyam. Na deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahennwa so. Na n’ahennie danee sum, na yea no nti wɔkekaa wɔn tɛkyerɛma, na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu. Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa. Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu. Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔfiri kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛseɛ no mu ko no. (Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.) Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon. Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛseɛ bi firi asɔredan no mu, firi ahennwa no mu, sɛ: Wɔawie. Na anyinam ne ɛnne ne aprannaa bae, na asasewosoɔ kɛseɛ a ɛfiri berɛ a nnipa baa asase soɔ no wɔnhunuu so asasewosoɔ kɛseɛ saa pɛn baeɛ. Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa. Na nsupɔ nyinaa dwanedwanee, na wɔanhunu mmepɔ biara bio. Na asukɔtweaa akɛseɛ a ɛte sɛ dwetikɛseboɔ firi soro guguu nnipa so, na asukɔtweaa no haw nti nnipa kaa Nyankopɔn ho abususɛm ɛfiri sɛ na ɔhaw no so kɛse.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo. Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no. Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so. Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma. Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na. Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse. Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwanwa? Mɛka wo ɔbaa no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du no ho ahuntasɛm no. Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara. Ɛha na adwene a nyansa wɔ mu no wɔ. Tire nson no yɛ mmepɔ nson a ɔbaa no te soɔ, na ɛyɛ ahemfo baason. Baanum agu, ɔbaako wɔ hɔ, ɔfoforɔ no nnya mmae, na ɔba a, ɛtwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi. Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei deɛ ɔnni hɔ no, ɔno ara nso ne deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu, na ɔkɔ ɔsɛeɛ mu. Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako. Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no. Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ. Na mmɛn du a wohunuiɛ no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtane odwamamfoɔ no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagya, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahye no. Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro. Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom akyiri no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane ba, na ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam nti asase hrann. Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ: Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase, na adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ ne nnomaa a wɔyɛ fi na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ! Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho. Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: Me man, momfiri ne mu, na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Ɛfiri sɛ ne nneyɛɛ bɔne atoatoa abɛduru soro, na Onyankopɔn akae n’amumuyɛ. Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka, na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ. Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no. Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no, momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa. Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da. Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm, na wɔde ogya bɛhye no, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ. Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo. N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba. Na asase so adwadifoɔ bɛsu no na wɔagyam no, ɛfiri sɛ obi ntɔ wɔn adwadeɛ bio: Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nhwene pa, nwera pa, ntoma afasebire, serekye ne nkrawoɔ adwadeɛ, nnua a ɛyɛ hwam nyinaa, ne asommɛn adwinneɛ nyinaa, adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din, yaawa, dadeɛ, abohemmaa ayɛ nyinaa, pɛprɛ, mmorɔngo, nnu hwamhwam, kurobo, hwamfufuo, nsa, ngo, esiam muhumuhu, ayuo, nyɛmmoa, nnwan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra. Na aduaba a wo kra kɔn dɔ no afiri wo nkyɛn, na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa afiri wo ho ayera, na worenhunu bio koraa. Nnoɔma yi ho adwadifoɔ a kuro no nti wɔanya adeɛ no, bɛgyinagyina akyiri n’aninyanneɛ no suro nti, na wɔasu na wɔagyam sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho. Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri, na wɔhunuu ne hyeɛ wisie no, wɔteaa mu sɛ: Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ yi? Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ yi a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa. Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo. Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ: Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel atwene hwii ne no, na wɔrenhunu bio koraa. Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ nne wo mu bio, na wɔrenhunu adwinnie bi mu dwumfoɔ biara, wo mu bio, na wɔrente oyuyammoɔ biara nka wo mu bio, na kanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne wo mu bio, ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ, na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa. Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea; ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene, sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn, na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu. Na wɔkaa bio sɛ: Haleluia! Na ne wisie foro soro daa daa. Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ: Amen, Haleluia! Na ɛnne bi firii ahennwa no mu teaa mu sɛ: Monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa ne mo a mosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa. Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene. Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ahurisie, na yɛnhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia adu, na ne yere asiesie ne ho. Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie. Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no. Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu. Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko. Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Nyankopɔn Asɛm. Na ɛdɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ. Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ n’atadeɛ ne n’asene mu sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu ka kyerɛɛ nnomaa a wɔtu wɔ wiem nyinaa sɛ: Mommra mmɛhyia Nyankopɔn adidie kɛseɛ no ase mmɛdi ahemfo nam, asafohene nam, atumfoɔ nam, apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ nyinaa nam. Na mehunuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ano, na wɔne deɛ ɔte pɔnkɔ fitaa no soɔ no ne ne dɔm rebɛdi ako. Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu. Na wɔde deɛ ɔte pɔnkɔ no soɔ afena a ɛfiri n’anomu no kunkumm wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem, na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra. Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem. (Na awufoɔ nkaeɛ no deɛ, wɔannya nkwa bio kɔsii sɛ mfirinhyia apem no twaa mu ansa.) Yei ne owusɔreɛ a ɛdi kan no. Nhyira ne kronkron ne deɛ ɔnya kyɛfa ɔsɔreɛ a ɛdi kan no mu. Saa nkurɔfoɔ no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi ahene mfirinhyia apem. Na sɛ mfirinhyia apem no wie duru a, wɔbɛsane Satan afiri n’afiase, na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea. Na wɔforo kɔgyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wɔtwaa ahotefoɔ no ne kuro a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na egya firi soro guu fam bɛhyee wɔn. Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa. Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn. Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na ɛpo yii n’awufoɔ a ɛwɔ mu no mae, na Owuo ne Asamando yii awufoɔ a ɛwɔ mu no nso mae, na wɔbuu wɔn mu biara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. Na wɔtoo Owuo ne Asamando twenee ogya tadeɛ no mu. Yei ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane soro ne kane asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio. Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu. Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio, ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam. Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa. Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no. Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no. Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane. Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ. Na ɛwɔ ɔfasuo kɛseɛ tentene, a ɛwɔ aponkɛseɛ dummienu, na abɔfoɔ dummienu tete apono no ano. Apono no so na wɔatwerɛ din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuo dummienu no din. Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ, apono mmiɛnsa wɔ atifi, apono mmiɛnsa wɔ anafoɔ, na apono mmiɛnsa wɔ atɔeɛ. Na kuro no fasuo wɔ afapem dummienu a Adwammaa no asomafoɔ dummienu no din wowɔ soɔ. Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no. Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ. Na ɔsusuu ne fasuo no basafa ɔha aduanan nnan a ɛyɛ onipa nsusuiɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ deɛ no teɛ. Na deɛ wɔde too ne fasuo no yɛ ahwehwɛboɔ, na kuro no yɛ sika kronkron te sɛ ahwehwɛ kronkron. Na wɔde aboɔden aboɔ nyinaa ahyehyɛ kuro no fasuo no fapem. Fapem a ɛdi kan yɛ ahwehwɛboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ hoaboɔ, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ, deɛ ɛtɔ so nnan yɛ ahahammonoboɔ, deɛ ɛtɔ so nnum yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ, deɛ ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron yɛ akrateboɔ, deɛ ɛtɔ so du yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dummienu yɛ beredumboɔ. Na apono dummienu no yɛ nhwene pa dummienu. Apono no mu biara wɔde ahwene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene yɛ sika kronkron a ɛte sɛ ahwehwɛ a emu teɛ. Na manhunu asɔredan biara wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, ne Adwammaa no ne n’asɔredan. Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no. Na amanaman bɛnante ne hann no mu. Na asase so ahemfo de wɔn animuonyam bɛba mu. Na wɔrentoto n’apono mu awia, na anadwo nni hɔ bio. Na wɔde amanaman no animuonyam ne anidie bɛba mu. Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu ne kuro no abɔntene mfimfini. Asubɔntene no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛso aba ahodoɔ dummienu sisie, na ɛsoso n’aba bosome biara. Na dua no ahahan na wɔde sa amanaman no yadeɛ. Na mmusuo biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no na ɛbɛsi mu, na ne nkoa bɛsom no, na wɔbɛhunu n’anim, na ne din bɛba wɔn moma so. Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wɔ mu, na ɛyɛ nokorɛ, na Awurade, adiyifoɔ ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm. Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne deɛ ɔkura nwoma yi mu adiyisɛm mu. Na me, Yohane, ne deɛ ɔhunuu nnoɔma yi na ɔteeɛ. Na meteeɛ na mehunuiɛ no, mehwee ase sɛ merekoto asɔre ɔbɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi nan ase. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne wɔn a wɔkura nwoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Koto sɔre Onyankopɔn! Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɔ nwoma yi mu adiyisɛm ano, na ɛberɛ no abɛn. Deɛ ɔntene no nntene ara, na deɛ ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na deɛ ɔtene no ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara. Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ. Mene Alfa ne Omega, ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu. Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ. Me, Yesu, na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi mo nnoɔma yi ho adanseɛ asafo no mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, adekyeeɛ nsoromma a ɛhran no. Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa. Mebɔ obiara a ɔte nwoma yi mu adiyie nsɛm no kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de biribi ka nnoɔma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw ahodoɔ a wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu no bɛka no ho. Na sɛ obi yi adiyie nwoma yi mu nsɛm bi a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa dua ne kuro kronkron a wɔatwerɛ ho nsɛm nwoma yi mu no mu. Deɛ ɔdi nnoɔma yi ho adanseɛ no se: Aane, mereba ntɛm. Amen. Awurade Yesu, bra! Yɛn Awurade Yesu adom nka mo nyinaa. [Amen.]
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam; ɛfiri Horeb, Seir bepɔ kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabaako kwan. Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, bosome no ara da a ɛdi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa; kum a wɔkum Amorifoɔ hene Sihon a ɔte Hesbon ne Basan hene Og a ɔte Astarot wɔ Edrei no akyi; Yordan agya, Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara yi mu sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn kasa kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: Moatena bepɔ yi ho akyɛre dodo, monnane mo ho ntu nkɔ Amorifoɔ bepɔ ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba mpaperɛ no so, bepɔ so ne mpaperɛ so ne Negeb ne mpoano nyinaa, Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon so nkɔduru asukɛseɛ, Asubɔntene Eufrate ho. Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire no. Na meka mekyerɛɛ mo berɛ no mu sɛ: Me nko ara mentumi menkura mo; AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, ɛnnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma; AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no. Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara mɛtumi masoa mo ne mo aperedie ho adesoa duruduro yi? Monyiyi mmarima anyansafoɔ ne animdefoɔ a wɔdɛnso mo mmusuakuo no mu, na memfa wɔn nsisi mo so atitire. Na mobuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ. Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ. Na mehyɛɛ mo atemmufoɔ no mmara berɛ no mu sɛ: Montie mo nuanom ntam nsɛm, na mommu ntɛntenenee onipa ne ne nua ne ne hɔhoɔ ntam. Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie. Na mehyɛɛ mo nnoɔma a monyɛ no nyinaa ho mmara berɛ no mu. Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea. Na mesee mo sɛ: Moaduru Amorifoɔ bepɔ a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho. Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no; nsuro, na mma w’akoma nntu. Ɛnna mo nyinaa motwe pinii me kaa sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka kwan ko a yɛbɛfa soɔ ne nkuro a yɛbɛduru soɔ no ho asɛm nkyerɛ yɛn. Na asɛm no sɔɔ m’ani sɛ, na mefaa mo mu nnipa dummienu, mmusuakuo biara mu nipa baako. Na wɔdanee wɔn ani foroo bepɔ no, na wɔkɔduruu Eskol subonhwa mu, na wɔsraeɛ. Na wɔfaa asase no so aba bi kura de siane brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ. Nanso moampɛ sɛ moforɔ, na motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na monwiinwii mo ntomadan mu sɛ: Ɔtane so na AWURADE yii yɛn firii Misraim asase soɔ, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn. Ɛhe na yɛmfa nkorɔ? Yɛn nuanom atu yɛn akoma sɛ: Nnipa no soso na wɔwoware sene yɛn, nkuro no yɛ akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo kɔ soro, na bio nso yɛhunuu Anakfoɔ mma no wɔ hɔ. Na mesee mo sɛ: Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn. AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara, ne ɛserɛ so a wohunuu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛdeɛ onipa kura ne ba, akwan a mofaa soɔ no nyinaa so bɛsii sɛ moduruu ha yi. Na yei mu nso, moannye AWURADE mo Nyankopɔn anni, nanso ɔno na na ɔdi mo anim ɔkwan soɔ sɛ ɔrekɔsra mo nsrabankyerebea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa soɔ, mununkum mu awia. Na AWURADE tee mo nsɛm no, na ne bo fuiɛ, na ɔkaa ntam sɛ: Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhunu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo nananom no! Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na ɔbɛhunu, na ɔno na mede asase a ɔtiaa soɔ no bɛma no ne ne mma, ɛfiri sɛ wadi AWURADE akyi. Me nso, mo nti AWURADE faa me ho abufuo kaa sɛ: Wo nso, worenkɔ hɔ bi. Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim no, ɔno na ɔbɛduru hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapadeɛ no ama Israel. Na mo mma nketewa a mose wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wɔnnim papa ne bɔne no, wɔn na wɔbɛduru hɔ, wɔn na mede bɛma wɔn na wɔn na wɔbɛdi soɔ. Na mo deɛ, monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so. Ɛnna mobua see me sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne, yɛn ara yɛbɛforo akɔko sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na mode mo akodeɛ miamiaeɛ no, ɛyɛɛ mo sɛ bepɔ no forɔ yɛ agorɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mommforo nnkɔko, na menni mo mu, na moankɔtotɔ mo atamfoɔ anim. Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motee AWURADE anomu asɛm atua, na motintim mo anim foroo bepɔ no. Na Amorifoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no firi bɛhyiaa mo na wɔtaa mo sɛdeɛ nwowa yɛ, na wɔkunkum mo Seir kɔduruu Horma. Na mosane bɛsuu AWURADE anim, na AWURADE antie mo, na wanyɛ aso amma mo. Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛdeɛ nna a mode tenaa hɔ teɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Moakyini bepɔ yi ho akyɛre dodo, monnane mo ho nkyerɛ atifi fam; na hyɛ ɔman no sɛ: Morebɛtwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hyeɛ so, na wɔsuro mo, monhwɛ mo ho yie, mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ. Momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn aduane nni, na nsuo nso momfa sika ntɔ no wɔn nkyɛn nnom; na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahunu wo serɛ kɛseɛ yi so nanteɛ yi; mfirinhyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo. Na yɛsianee yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba mpaperɛ so kwan so firii Elat ne Esion-geber danee yɛn ho bɛtwaa mu Moab serɛ so kwan so. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nteetee Moab ho, na ɛne wɔn nnni aperepereɛ nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wɔnni so. (Emifoɔ na kane no na wɔte soɔ, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ; wɔn nso wɔbu wɔn abrane akɛseɛ sɛ Anakfoɔ; Moabfoɔ na ɛfrɛ wɔn Emifoɔ. Na Seir nso akane no Horifoɔ na na ɛte hɔ, na Esau mma tuu wɔn na wɔsɛee wɔn, wɔn anim, na wɔtenaa wɔn ananmu, sɛdeɛ Israel yɛɛ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ a AWURADE de maa wɔn no.) Afei monsɔre nkɔtwa Sered asuwa. Na yɛtwaa Sered asuwa. Na mfeɛ dodoɔ a yɛde nante firi Kades-barnea bɛsii sɛ yɛtwaa Sered asuwa no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe, bɛsii sɛ akofoɔ awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wuwuiɛ firii nsraban no mu, sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no. Na AWURADE nsa nso daa wɔn so sɛ ɔresɛe wɔn afiri nsraban no mu akɔsi sɛ wɔbɛwie sa. Na akofoɔ no nyinaa saeɛ na wɔwuwu firii ɔman no mu no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛnnɛ worebɛtwam wɔ Ar, Moab hyeɛ so, na woduru Amon mma hyeɛ so a, nteetee wɔn, anaasɛ ɛne wɔn nnni aperepereɛ, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede mama Lot mma sɛ wɔnni so. (Wɔbu ɛno nso abrane akɛseɛ asase; abrane akɛseɛ na na ɛte so kane no, na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumim, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ; na AWURADE sɛee wɔn wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu, sɛdeɛ ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifoɔ wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu bɛduruu nnɛ yi no. Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa kɔduruu Gasa no, Kaftorim a wɔfiri Kaftor baeɛ no, wɔbɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu.) Monsɔre ntu nkɔtwa Arnon subonhwa; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa, firi aseɛ di so na ɛne no nni aperepereɛ na monko. Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mede wo ho suro ne wo ho hu magu soro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka soɔ, na wɔn ho apopo na wɔn akoma atu w’anim. Na mede asomdwoeɛsɛm mefiri Kedemot serɛ so mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hesbon hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma mentwam w’asase so; ɔkwan so ara na mɛfa, meremmane nifa anaa benkum. Tɔn aduane ma me gye sika ma menni, na ma me nsuo nso gye sika ma mennom; me nan hunu na mede bɛtwam, sɛdeɛ Esau mma a wɔte Seir ne Moabfoɔ a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛtwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no soɔ. Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa no asoɔden honhom na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mafiri aseɛ mede Sihon ne n’asase mato w’anim, firi aseɛ fa, na di n’asase so. Ɛnna Sihon firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas. Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa. Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa berɛ no, na yɛsɛee nkuro no nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, yɛannya wɔn mu fua mpo, gye afieboa nko na yɛfom wɔn faeɛ, ɛne nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ. Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa ano ne kuro a ɛda subonhwa no mu no so de kɔsi Gilead, kuro biara nni hɔ a na ɛyɛ den sene yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Gye Amon mma asase no nko ho na woantwe ampini; Yabok subonhwa nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔ no so nkuro ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn amma yɛn ho kwan no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no. Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne man nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkumm wɔn kɔsii sɛ wɔn mu fua mpo anka amma no. Na yɛfaa ne nkuro nyinaa, berɛ no mu; kuro biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkuro aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahennie a ɛwɔ Basan. Yeinom nyinaa yɛ nkuro a ɛho wɔ afasuo atenten, aponkɛseɛ, ne adaban; ɛsono nkuraa a ɛdɔɔso bebree no. Na yɛsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no, yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa. Na afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom fae. Na yɛgyee asase no firii Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no nsam, saa berɛ no, ɛfiri Arnon subonhwa mu kɔsi Hermon bepɔ ho, (Sidonfoɔ frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifoɔ frɛ no Senir), asaseta so nkuro nyinaa ne Gilead nyinaa ne Basan nyinaa kɔduru Salka ne Edrei, Basanhene Og ahennie no nkuro. (Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.) Na yɛfaa asase yi saa berɛ no; ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro na mede memaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ; na Gilead nkaeɛ ne Basan nyinaa, Og man a ɛyɛ Argob asase nyinaa, mede maa Manase abusuakuo fa. (Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane akɛseɛ asase. Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.) Na mede Gilead maa Makir. Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn Gilead fa bi, ɛkɔduru Arnon subonhwa ho a subonhwa no mfimfini ne ɛhyeɛ, de kɔpem Yabok subonhwa no, Amon mma hyeɛ so, Araba mpaperɛ so ne Yordan ne ɛho asase, ɛfiri Kineret kɔsi Araba mpaperɛ so po a ɛne Nkyene Po no ano wɔ Pisga bepɔ ase apueeɛ fam. Na mehyɛɛ mo saa berɛ no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ monni so, mo akofoɔ nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfoɔ anim; mo yerenom ne mo mma ne mo mmoa deɛ, menim sɛ mowɔ mmoa pii, wɔntena mo nkuro a mede mama mo no mu; nkɔsi sɛ AWURADE bɛma mo nuanom ahome sɛ mo, na wɔn nso wɔadi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn Yordan agya no so, ansa na moasane aba mo agyapadeɛ a mede mama mo no so. Na Yosua nso, mehyɛɛ no saa berɛ no sɛ: W’ani ahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn de yɛɛ ahemfo baanu yi nyinaa: Saa ara nso na AWURADE bɛyɛ ahennie a woretwam akɔ hɔ nyinaa; monnsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo. Na mesrɛɛ AWURADE saa berɛ no sɛ: AWURADE Nyankopɔn, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie? Mesrɛ wo, ma mentwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔ fɛfɛ no ne Lebanon. Nanso mo nti AWURADE bo fuu me, na wantie me; na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdɔɔso ma wo, nkɔ so ne me nkasa asɛm yi ho bio. Foro kɔ Pisga so, na ma w’ani so hwɛ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ ne apueeɛ, na fa w’ani hwɛ, na Yordan yi deɛ, worentwa. Na hyɛ Yosua yie, na hyɛ no den na hyɛ no aboɔduro, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim akyɛ asase a wobɛhunu no mu ama wɔn. Na yɛtenaa bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no. Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so. Mo ani ahunu deɛ Baal-peor nti AWURADE yɛeɛ sɛ nnipa a wɔdii Baal-peor akyire nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn firii mo mu; na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ. Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so. Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi! Na ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, frɛ a yɛfrɛ no no nyinaa mu yi? Na ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ tenenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa? Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu. Ɛda a na wogyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb soɔ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wɔntie me nsɛm a wɔnsua mfa nsuro me, nna a wɔde te aseɛ, asase soɔ nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma: Na motwe pini bɛgyinaa bepɔ no ase, berɛ a na ogya redɛre de wisie kumɔnn rekɔ soro tɔnn, bepɔ no so, mununkum ne esum kabii mu. Na AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; sɛdeɛ nsɛm no teɛ no, mo ara motee, na ne tebea bi na moanhunu anka ɛnne no ho. Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔtwerɛɛ wɔ aboɔpono mmienu so. Na me nso AWURADE hyɛɛ me berɛ no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so. Enti monhwɛ mo kra so yie, ɛfiri sɛ moanhunu tebea biara da no a AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo Horeb soɔ no. Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasene amfa, adeɛ biara tebea, ɔbarima anaa ɔbaa nsɛsoɔ, asase so aboa biara nsɛsoɔ, atakraboa a ɔtu wiem nsɛsoɔ, adeɛ biara a ɛwea fam nsɛsoɔ, apataa biara a ɔwɔ nsuo mu, asase ase nsɛsoɔ. Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no. Na mo deɛ, AWURADE na wayi mo afiri dadeɛ fononoo mu, afiri Misraim sɛ mommɛyɛ n’agyapadeɛ sɛdeɛ moteɛ nnɛ da yi. Na mo nti AWURADE nyaa me abufuo, na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan na merenkɔ asase pa a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so; na me deɛ, merebɛwu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mobɛtwa akɔfa asase pa no. Monhwɛ mo ho yie na mo werɛ amfiri AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pameeɛ no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abara woɔ nsɛsoɔ amfa. Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ, Onyankopɔn ninkufoɔ. Sɛ mowo mma na mo mma nso wo, na mokyɛre asase no so, na modi asɛmmɔne yɛ ohoni, adeɛ biara tebea, na moyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anim de huru ne bo a, ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ ɛmmɛdi mo adanseɛ sɛ yera na mobɛyera ntɛm soɔ afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so, mo nna renkyɛre so, na mmom sɛeɛ na mobɛsɛe pasapasa. Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu; na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛnnidie na ɛnhua adeɛ nhwɛ no. Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no. Sɛ mokɔ ahohiahia mu na nnoɔma yi nyinaa to mo nna a ɛdi akyire no mu a, mobɛsane aba AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn abɛtie ne nne; na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ, ɔrempa mo na ɔrensɛe mo, na ne werɛ remfiri mo nananom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no. Na mommu nkɔmpɔ nhwɛ mo akyi, ɛfiri da a Onyankopɔn bɔɔ onipa baa asase soɔ, na mommisa mfiri soro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛseɛ yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno, sɛ ɔman bi ate Nyankopɔn nne sɛ ɛfiri ogya mu rekasa, sɛdeɛ woateɛ yi, na wɔanya nkwa anaa? Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa? Wo deɛ, wɔama woahunu, na woahunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho. Ɔfiri soro ma wotee ne nne sɛ ɔretenetene woɔ, na asase so nso wama woahunu ne gya kɛseɛ no, na woate ne nsɛm afiri ogya mu. Ɛsiane sɛ ɔdɔ wo nananom nti, wayi wɔn asefoɔ a ɛdi wɔn akyire, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛseɛ ayi wo afiri Misraim, sɛ ɔrebɛtu aman a wɔso na wɔyɛ den sene woɔ afiri w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyadeɛ, sɛdeɛ ɛte nnɛ da yi. Enti hunu nnɛ, na fa sie w’akoma mu, sɛ AWURADE ne Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so na obi nni hɔ bio. Na di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, na woakye wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so daa nyinaa. Ɛno na Mose yiyii nkuro mmiɛnsa, Yordan agya deɛ owia pue, sɛ onipakumfoɔ a ɔkum ne yɔnko nsapa mu na ɔntane no dada no nnwane nkɔ hɔ, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a, wanya nkwa: Ɔyii Beser wɔ ɛserɛ so ne asaseta so maa Rubenfoɔ, ne Ramot wɔ Gilead maa Gadfoɔ, ne Golan wɔ Basan maa Manasefoɔ. Na yei ne mmara a Mose de too Israelfoɔ no anim. Yeinom ne adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a Israelfoɔ firii Misraim baeɛ no, Mose ka kyerɛɛ wɔn Yordan agya, bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ, Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfoɔ firi Misraim baeɛ no, wɔkum no no asase so. Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apueeɛ fam no, asase, ɛfiri Areor a ɛda Arnon subonhwa ano kɔsi Sion bepɔ (a ɛne Hermon ho), ne Araba mpaperɛ a ɛda Yordan agya apueeɛ no nyinaa kɔduru Araba mpaperɛ so ɛpo no ano wɔ Pisga ase.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so; ɛnyɛ yɛn nananom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete aseɛ yi ara. AWURADE firi ogya no mu bepɔ no ho ne mo dii nhwɛanim na ɔkasaeɛ. Me deɛ, na megyina AWURADE ne mo ntam saa berɛ no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, ɛfiri sɛ mosuroo ogya no anim na moamforo bepɔ no. Na ɔkaa sɛ: Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no. Nnya anyame afoforɔ nka me ho. Nyɛ ohoni, adeɛ a ɛwɔ wiem ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ɛfam ne deɛ ɛwɔ nsuo mu asase ase suban mfa; nkoto wɔn na nsom wɔn. Na me AWURADE wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma soɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ, na meyɛ awoɔ ntoatoasoɔ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm so adɔeɛ. Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ. Di homeda na hwɛ yɛ no kronkron, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no. Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa; na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babaa, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwie ne w’afunumu ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu, na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no. Di w’agya ne wo na ni, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so. Nni awu. Na nsɛe awadeɛ. Na mmɔ korɔno. Na nni wo yɔnko ho adansekurumu. Na mma wo kɔn nnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwie ne n’afunumu ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea. Nsɛm yi na AWURADE firi ogya mununkum ne esum kabii no mu de nne kɛseɛ ka kyerɛɛ mo badwa nyinaa, bepɔ no soɔ, na wamfa bi anka ho; na ɔtwerɛɛ no aboɔpono mmienu so de maa me. Na motee ɛnne no firi esum no mu na bepɔ no redɛre no, motwe pinii me nkyɛn, mo mmusuakuo mu atitire nyinaa ne mo mpanimfoɔ bɛkaa sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahunu n’animuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afiri ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahunu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso ɔnya nkwa. Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu. Na honam nyinaa mu hwan na wate Nyankopɔn teasefoɔ no nne sɛ ɛrekasa firi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa? Wo na twe pini hɔ na tie deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ woɔ nyinaa, na yɛbɛtie na yɛayɛ. Na morekasa akyerɛ me no, AWURADE tee mo nsɛm no, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mate ɔman yi nsɛm a wɔaka akyerɛ woɔ no, deɛ wɔaka nyinaa, wɔaka no yie. O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ! Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔ mo ntomadan mu. Na wo deɛ, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so. Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum; ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnanteɛ na moanya nkwa, na asi mo yie, na mo nna aware asase a morekɔnya no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ, na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ woɔ yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware. Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yie, na woadɔɔso pii, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so. Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ AWURADE koro. Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yie, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nanteɛ mu ne wo nna mu ne wo sɔreɛ mu; na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire; na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so, nkuro akɛseɛ a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ, ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutuo a ɛnyɛ wo na wotutuiɛ, bobe nturo ne ngodua nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛeɛ, na sɛ wodidi mee a, hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoafie mu no: AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka; monnni anyame foforɔ a wɔfiri amanaman a wɔgugu mo ho no anyame no akyi; na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufoɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuo annɛre antia wo, na wansɛe wo amfiri asase ani. Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ no; monni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ; na yɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ AWURADE ani soɔ, na asi wo yie, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no, na watu w’atamfo nyinaa afiri w’anim, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Sɛ ɔkyena bi, wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi? Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Na anka yɛyɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn firii Misraim; na AWURADE maa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fie nyinaa so wɔ yɛn anim; na yɛn deɛ, ɔyii yɛn firii hɔ sɛ ɔde yɛn reba de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn nananom no abɛma yɛn. Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛdeɛ yi nyinaa na yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɛnsi yɛn yie nna nyinaa, na ɔmma yɛnnya nkwa, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi; na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn ateneneefoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ; na ɛne wɔn nnni ayewareɛ, mfa wo mmammaa mma wɔn mma, nso nnye wɔn mmammaa mma wo mma awareɛ. Ɛfiri sɛ ɔbɛdane wo mma ani afiri m’akyi, na wɔasom anyame foforɔ, na AWURADE bo afu mo, na wasɛe wo ntɛm. Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni. Na mo yɛ ɔman kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn; mo na AWURADE mo Nyankopɔn ayi mo sɛ mommɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne dea wɔ aman a ɛwɔ asase so nyinaa mu. Ɛnyɛ mo dodoɔ a ɛsene aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wayi mo, ɛfiri sɛ mo na mosua aman nyinaa mu. Na ɛsiane sɛ AWURADE dɔ mo na ɔdi ne ntam a ɔkaa mo nananom no soɔ nti na ɔde nsa a ɛyɛ den yii mo, na ɔgyee mo firii nkoafie firii Misraimhene Farao nsam. Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ, na ɔtua wɔn a wɔtane no ka wɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma deɛ ɔtane no, ɔbɛtua no ka wɔ n’anim. Enti di mmara nsɛm ne atemmudeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ. Na sɛ motie atemmudeɛ yi na modi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bɛdi apam ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no so ama wo, na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔre, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom sɛ ɔde bɛma woɔ no so. Wɔbɛhyira wo asene aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbaa, anaa w’afieboa renyɛ obonini wɔ wo mu. Na AWURADE bɛyi yadeɛ nyinaa afiri wo so, na ɔremfa Misraim yadeɛ bɔne a wonim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtane woɔ nyinaa so. Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo. Sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Amanaman yi dɔɔso sene me, mɛyɛ dɛn na matumi matu wɔn? Nsuro wɔn, na kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa, sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa. Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma ama wɔakɔ wɔn mu akɔsi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahunta no bɛsɛe w’anim. Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu ne no. Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpamo amanaman yi afiri w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na ewiram mmoa annɔɔso wo so. Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwirie kɛseɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsɛeɛ. Na ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afiri wiase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛsɛe wɔn. Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye; mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ. Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa monhwɛ nyɛ, na moanya nkwa, na moadɔre, na moakɔ akɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom no adi so. Na kae kwan a AWURADE wo Nyankopɔn maa wonantee so mfirinhyia aduanan yi ɛserɛ soɔ no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahunu deɛ ɛwɔ w’akoma mu, sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni so. Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɛkɔm dee wo, na ɔde mana a wonnim na wo nananom nso nnim maa wo diiɛ, na wama woahunu sɛ, ɛnyɛ aduane nko so na onipa nam bɛtena aseɛ, na adeɛ biara a ɛfiri AWURADE anomu so na onipa nam tena aseɛ. Wo ntoma ansu wo ho, na wo nan anhonhon mfirinhyia aduanan yi mu. Na hunu no w’akoma mu sɛ, sɛdeɛ onipa tea ne ba no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn tea woɔ. Enti di AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, sɛ wobɛnante n’akwan soɔ na woasuro no. Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔntene, nsuo aniwa ne atareɛ a ɛfifiri mmonhwa ne mmepɔ mu sene, asase a ayuo ne atokoɔ ne bobe ne borɔdɔma ne atoaa wɔ soɔ, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwoɔ, asase a worenni so aduane na, na biribiara renhia wo wɔ soɔ, asase a n’aboɔ yɛ dadeɛ, na wɔbɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu. Na sɛ wodidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama woɔ no nti. Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ; na sɛ wodidi mee na wosisi adan pa tena mu, na w’anantwie ne wo nnwan dɔre, na wo dwetɛ ne wo sika dɔɔso ma wo, na adeɛ a wowɔ nyinaa dɔɔso a, hwɛ yie na w’akoma amma ne ho so, na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoa fie no; ɔno na ɔdii w’anim de wo faa ɛserɛ kɛseɛ a awɔ a wɔn ano wɔ borɔ ne anyanyankyerɛ wɔ, ne nkyɛkyerɛ a nsuo nni hɔ so; ɔyii nsuo firii ɔbohemmaa botan mu maa wo; ɔde mana a wo nananom nnim maa wodii wɔ ɛserɛ so, sɛ ɔrebrɛ wo aseɛ na wasɔ wo ahwɛ, na awieeɛ no, wayɛ wo yie, na woanka no w’akoma mu sɛ: M’ahoɔden ne me nsa den na ama manya ahonyadeɛ yi, na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no atim sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na sɛ wo werɛ firi AWURADE wo Nyankopɔn, na wokɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, medi wo adanseɛ nnɛ, sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ. Sɛ amanaman a AWURADE sɛe wɔn firi mo anim no, saa ara na mobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israel, tie! Worebɛtwa Yordan nnɛ akɔ akɔtu amanaman a wɔsoso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, afa nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo akɔ soro, ɔman kɛseɛ a wɔwowareɛ, Anakfoɔ mma a woni wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hwan na ɔbɛgyina Anak mma anim? Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no. Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn firi w’anim gu a, nka no w’akoma mu sɛ: Me tenenee nti na AWURADE de me baa sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afiri w’anim. Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim. Enti hunu sɛ ɛnyɛ wo tenenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di soɔ, na ɔman a wɔn kɔn asene ne wo. Kae na mma wo werɛ mmfi, sɛdeɛ wohyɛɛ AWURADE wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ soɔ no; ɛfiri da a wofirii Misraim asase soɔ de bɛsii sɛ mobaa ha yi, mote ne so atua. Na Horeb nso mohyɛɛ AWURADE abufuo, na ɛmaa ne bo fuu mo sɛ anka ɔbɛsɛe mo; ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom; na AWURADE maa me aboɔpono mmienu a wɔde Nyankopɔn nsateaa twerɛeɛ a nsɛm a AWURADE firii ogya mu wɔ bepɔ no so ne mo kaa no dwabɔ da no nyinaa wɔ soɔ. Na adaduanan awia ne anadwo no wiee duro no, AWURADE de aboɔpono mmienu, apam apono no, maa me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre siane firi ha ntɛm, na ɔman a wokɔyii wɔn firii Misraim no adi asɛmmɔne. Wɔadane ntɛm afiri ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ ohoni a wɔaguo afa. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempepa wɔn din mfiri asase so, na mede wo bɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sene wɔn. Ɛnna medanee me ho mefirii bepɔ no so mesianeeɛ, na bepɔ no redɛre ogya, na apam apono mmienu no kurakura me nsam; na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so. Ɛnna mefaa apono mmienu no meto firii me nsam guiɛ, na mebobɔɔ no wɔ mo anim. Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛeɛ nyinaa, sɛ moyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuo no nti. Na mesuroo abufuhyeɛ a AWURADE anya no mo ho na ɔde rebɛsɛe mo no. Na AWURADE tiee me saa berɛ no nso. Na AWURADE faa Aaron ho abufuo kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no, na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa berɛ no. Na mefaa mo bɔne a moyɛeɛ a ɛne nantwie ba no, na mede ogya mehyee, na mesi meyam no muhumuhu kɔsii sɛ ɛfee sɛ mfuturo, na metoo ne mfuturo no guu asuo a ɛfiri bepɔ no so sene no mu. Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso mohyɛɛ AWURADE abufuo. Na AWURADE somaa mo firi Kades-barnea kaa sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na moannye no anni, na moantie ne nne. AWURADE anim atuatefoɔ ne mo firi da a mehunuu mo. Na mehwee ase AWURADE anim adaduanan, awia ne anadwo. Mehwee ase, ɛfiri sɛ na AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo. Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE Nyankopɔn, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no. Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnane w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne, na asase a woyii yɛn firii soɔ no sofoɔ anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na tane a ɔtane wɔn nti na ɔde wɔn firi kɔɔ sɛ ɔrekɔkunkum wɔn ɛserɛ soɔ. Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa berɛ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no na fa foro bra me nkyɛn bepɔ no so, na yɛ dua adaka; na mɛtwerɛ nsɛm a ɛwɔ kane apono a wobobɔeɛ no soɔ no mahyɛ apono no so, na fa sie adaka no mu. Na meyɛɛ okuo adaka, na mesenee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam. Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me. Na medanee me ho siane firii bepɔ no so, mede apono no mebɛsiee adaka a meyɛeɛ no mu, na ɛwɔ hɔ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no. (Na Israelfoɔ tu firii Beerot- bene-yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no wɔ hɔ, na ne ba Eleasa sii n’ananmu dii sɔfoɔ. Ɛfiri hɔ na wɔtu kɔɔ Gudgod, na wɔfirii Gudgod kɔɔ Yotbat, asase a nsutene wɔ soɔ. Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi. Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapadeɛ ne nuanom mu. AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.) Na me deɛ, megyinaa bepɔ no so sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, na AWURADE tiee me saa berɛ no nso, na wampɛ sɛ ɔsɛe woɔ. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔdi ɔman no anim ma wɔntu nkɔfa asase a mekaa wɔn nananom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn, na woadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ, na asi wo yie. Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio. Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn, ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ; ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho. Enti monnɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ moyɛɛ ahɔhoɔ Misraim asase so. AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka. Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ. Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, na hwɛ n’ahwɛdeɛ, n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ ne ne mmara nsɛm nna nyinaa. Na monhunu nnɛ, (na ɛnyɛ me ne mo mma a wɔnnim na wɔnhunuiɛ no) monhunu AWURADE mo Nyankopɔn ntea, ne kɛseyɛ, ne nsa a ɛyɛ den ne ne basa a watene mu ne ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ne nneyɛɛ a ɔyɛɛ no Misraim a ɔde yɛɛ Misraimhene Farao ne n’asase nyinaa, ne deɛ ɔyɛɛ Misraim dɔm ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a wɔde reti mo a ɔmaa Mmɛwa Po mu nsuo bu faa wɔn soɔ, na AWURADE sɛee wɔn, de abɛduru nnɛ da yi, ne deɛ ɔyɛɛ mo ɛserɛ so bɛsii sɛ moduruu ha yi, ne deɛ ɔyɛɛ Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram a asase buee n’anomu menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne wɔn a wɔdii wɔn akyire nyinaa firii Israel nyinaa mfimfini no; na mo ani ahunu AWURADE nneyɛɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa. Enti monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no, na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Na asase a worekɔ akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ a woguu w’aba na wode wo nan guguu so nsuo sɛ ɛfan turo mu no; na asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔ ne mmonhwa asase a ɛnom ɔsoro nsuo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn hwɛ so daa, a n’ani wɔ so firi afe mfitiaseɛ kɔsi afe awieeɛ. Na sɛ motie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, sɛ mode mo akoma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a, ɛnneɛ mɛma mo asase so osuo atɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔ, na woaboaboa w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ano, na mɛma wo serɛ so aba wira ama w’afieboa, na woadidi amee. Monhwɛ mo ho yie na wɔannaadaa mo akoma, na moammane ankɔsom anyame foforɔ ansɔre wɔn, na AWURADE abufuo annɛre antia mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osuo nntɔ na asase mmma ne nnɔbaeɛ, na moansɛe ntɛm so amfiri asase pa a AWURADE de rema mo no so. Enti momfa me nsɛm yi nsie mo akoma ne mo kra mu, na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire; na momfa nkyerɛkyerɛ mo mma, na kasa ho w’afitena mu ne wo kwan so nanteɛ mu ne wo nna mu ne wo sɔreɛ mu; na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so; na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛdeɛ ɔsoro a ɛkata asase soɔ yi nna teɛ. Na sɛ mobɛdi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na moadɔ AWURADE mo Nyankopɔn anante n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a, ɛnneɛ AWURADE bɛtutu amanaman yi nyinaa afiri mo anim, na moafa amanaman akɛseɛ a wɔyɛ den sene mo. Baabiara a mo nan bɛtia no bɛyɛ mo deɛ, ɛfiri ɛserɛ so ne Lebanon, ɛfiri Asubɔntene Eufrate ho, kɔsi akyiri po no ano bɛyɛ mo asase. Obiara rentumi nnyina mo anim; AWURADE mo Nyankopɔn de mo ho hu ne mo ho suro bɛgu asase a mobɛfa soɔ nyinaa so, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no. Hwɛ, mede nhyira ne nnome meregu mo anim nnɛ: Sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi a, mobɛnya nhyira, na sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm na momane firi ɔkwan a merehyɛ mo nnɛ yi so kɔdi anyame foforɔ a monni wɔn akyiri a, mobɛnya nnome. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so a, ka nhyira no Gerisim bepɔ so ne nnome no nso Ebal bepɔ so. Ɛnni Yordan agya, owiatɔeɛ kwan no akyi, Kanaanfoɔ a wɔte Araba asase so, Gilgal ntentensoɔ, More pɔ ho? Na morebɛtwa Yordan akɔ akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo no, na mobɛfa atena so. Enti monhwɛ yie na monyɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monhwɛ nyɛ no asase a AWURADE wo nananom Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no soɔ, nna a mode te asase soɔ nyinaa. Sɛeɛ na monsɛe ɔsombea a amanaman a morekɔtu wɔn no som wɔn anyame, mmepɔ atentene so ne nkokoɔ so ne dua mono biara ase no nyinaa; na monnwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na momfa ogya nhye wɔn abosompɔ, na mommobɔ wɔn anyame ahoni, na monsɛe wɔn din mfiri hɔ. Monnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn saa, na mmom faako a ɔbɛyi mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛtoɔ na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkorɔ; na ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ ne mo anantwie ne mo nnwan mmakan nkorɔ; na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa. Monnyɛ sɛdeɛ yɛreyɛ no ɛha nnɛ yi biara a obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ nyinaa no; na ɛde bɛsi sɛsɛɛ yi monnya nnuruu home ne agyapadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no mu. Na sɛ monya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no so, na ɔma mo home firi mo atamfoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a, ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa. Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kuro apono mu, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔnni mo mu kyɛfa anaa agyapadeɛ. Hwɛ wo ho yie na woammɔ wo hyeɛ afɔdeɛ baabiara a wohunu, gye faako a AWURADE bɛyi wɔ wo mmusuakuo baako mu no, ɛhɔ na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ, na yɛ deɛ merehyɛ woɔ nyinaa. Nanso ɛnam biara a wo kra kɔn dɔ no, kum di, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ wo nkuro nyinaa mu; obi a ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nni bi, sɛ ɔwansane ne ɔforoteɛ; mogya no nko na monnnie, monhwie ngu fam sɛ nsuo. Deɛ ɛnsɛ sɛ wodie wɔ wo nkuro mu ne: W’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ntotosoɔ du du ne w’anantwie ne wo nnwan mmakan ne wo bɔhyɛ adeɛ biara a woahyɛ ho bɔ ne w’ayamyi afɔdeɛ ne wo nsam mmasoɔ adeɛ; gye sɛ AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a ɔbɛyie no na die, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, deɛ wode wo nsa ka nyinaa ho. Hwɛ yie na wo werɛ amfiri Lewini, nna a wode te w’asase soɔ nyinaa. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛ wo hyeɛ mu sɛdeɛ waka akyerɛ woɔ no, na wose mɛdi nam, ɛfiri sɛ wo kra kɔn dɔ sɛ ɔbɛdi nam a, di nam sɛdeɛ wo kra kɔn dɔ. Sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnneɛ kum w’anantwie ne wo nnwan a AWURADE de ama woɔ no bi, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, na di no wo kuro mu, sɛdeɛ wo kra kɔn dɔ; sɛdeɛ wɔdi ɔwansane ne ɔforoteɛ no, saa ara nso na die; obi a ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa nni. Hwɛ yie mmom na hwɛ na woanni mogya, ɛfiri sɛ mogya ne ɔkra, na nni ɔkra nka nam no ho; nni, hwie gu fam sɛ nsuo; nni, na ɛnsi wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, sɛ woreyɛ deɛ ɛtene AWURADE ani soɔ. Fa akronkronneɛ a ɛsɛ sɛ wode ma, ne wo bɔhyɛ adeɛ na ma so kɔ faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ. Na fa nam ne mogya no bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na wɔnhwie w’afɔdeɛ no mogya ngu n’afɔrebukyia no so, na nam no deɛ, di. Hwɛ na tie nsɛm a merehyɛ woɔ nyinaa na ɛnsi wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie daa, sɛ woreyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene AWURADE wo Nyankopɔn ani so. Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a worekɔ hɔ akɔtu wɔn no firi w’anim, na wotu wɔn tena wɔn asase so a, hwɛ wo ho yie na sɛeɛ a wɔasɛe wɔn afiri w’anim no akyiri no wɔn akyiridie anyɛ wo fidie, na woammisa wɔn anyame akyiri kwan sɛ: Amanaman yi som wɔn anyame sɛn? Na me nso menyɛ saa. Nyɛ AWURADE wo Nyankopɔn saa, na n’akyiwadeɛ a ɔtane nyinaa na wɔayɛ ama wɔn anyame, na wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mpo, wɔde ogya hye wɔn ma wɔn anyame. Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi bi nso mfiri mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ bi sɔre wo mu, na ɔma wo nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ bi, na nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ a ɔka kyerɛɛ woɔ no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔdi anyame foforɔ a wonni wɔn akyi nkɔsom wɔn a, ntie odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm no. Ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn resɔ mo ahwɛ na wahunu sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa bɛdɔ no anaa. AWURADE mo Nyankopɔn akyi na monnie, na ɔno na monsuro no, na ne mmara nsɛm so na monnie, na ne nne na montie, na monsom no, na mommata ne ho. Na odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, monku no, ɛfiri sɛ wakasa sɛ mommane mfiri AWURADE mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim asase soɔ na ɔgyee mo firii nkoafie no ho de retwetwe wo afiri ɔkwan a wahyɛ wo sɛ nante mu no so; na tu bɔne no firi wo mu. Sɛ wo nuabarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babaa anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ wo ara wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nnim wɔn, amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn woɔ anaasɛ wɔmmɛn woɔ firi asase ano kɔsi asase ano nohoa anyame bi, a, mpene no na ntie no, na mma w’ani nnhu no mmɔbɔ, nanso mma no nnyɛ wo mmɔbɔ na mfa no nhunta. Na kum na ku no, wo nsa na ɛnni kan ntɔ ne so sɛ woreku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa; na si no aboɔ ma no nwu, ɛfiri sɛ ɔrehwehwɛ atwetwe wo afiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase soɔ firii nkoafie no ho; na Israel nyinaa ntie na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte seyie. Sɛ wote wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woatena mu no bi nka sɛ: Mmarima mmabusufoɔ bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfoɔ sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn a, ɛnneɛ hwehwɛ mu na bisabisa mu yie; na hwɛ sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyiwadeɛ yi wɔ wo mu a, kum na fa nkrantɛ kum kuro no mufoɔ. Fa nkrantɛ sɛe ɛno ne deɛ ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasapasa; na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio. Na mma abusudeɛ no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnane mfiri n’abufuhyeɛ no ho, na ɔnhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wonnɔɔso sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no. Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne adi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so ayɛ deɛ ɛtene AWURADE wo Nyankopɔn ani so a.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
AWURADE mo Nyankopɔn mma ne mo, mommmotabota mo ho na monnyɛ ahyɛnsodeɛ wɔ mo moma so mmma owufoɔ biara; na ɔman kronkron ne wo ma AWURADE wo Nyankopɔn, na wo na AWURADE ayi wo sɛ yɛ no ahodeɛ man, asase so aman nyinaa mu. Nni akyiwadeɛ biara. Yeinom ne mmoa a monnie: Nantwie, odwanten ne abirekyie; ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abedeɛ. Na atɔteboa biara a ɔwɔ tɔte a emu apaeɛ, na ne tɔte mu apae nta mmienu, na ɔpu wesa, mmoa mu no, ɔno na monnie. Nanso yeinom deɛ, monnni, wɔn a wɔpu wesa ne wɔn a wɔn tɔte mu apae koraa no mu: Yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpae, wɔn ho nte mma mo; ne prako nso, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu. Yei ne deɛ monnie, deɛ ɛwɔ nsuom nyinaa mu, deɛ ɛwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa, monni. Na biribiara a ɛnni tɛtɛ ne abon no, monnni: Ɛho nte mma mo. Anomaa biara a ne ho teɛ no, monni. Na yeinom ne wɔn a monnnie: Ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, asuo so kɔdeɛ, ɔkompɛtɛ, asansa, ɔkom, n’ahodoɔ, anene ahodoɔ nyinaa, sohori, anadwoakorɔma ne ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, n’ahodoɔ, patubiaa, patukɛseɛ, bakanoma nantwinoma, ɔpɛtɛ, ɛpo so anene, sukɔnkɔn, sukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan. Na ntuboa a wɔwea nyinaa ho nte mma mo; monnni. Ntuboa a wɔn ho teɛ nyinaa, monni. Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu. W’adeɛ a woduaeɛ nnɔbaeɛ a w’afuo ma daa afirinhyia no, yi so ntotosoɔ du du. Na di no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim wɔ faako a ɔbɛyi sɛ ne din ntena no, w’aburoo, wo nsa ne wo ngo so ntotosoɔ du du, w’anantwie ne wo nnwan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyira wo na sɛ ɔkwan no ware a wontumi nsoa, ɛfiri sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayi sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnneɛ dane no sika, na kyekyere sika no kura, na sim kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn ayie no. Na fa sika no tɔ adeɛ biara a wo kra kɔn dɔ, nantwie ne odwan ne bobesa ne nsa biara a ɛyɛ den ne adeɛ biara a wo kra pɛ, na di no hɔ, AWURADE wo Nyankopɔn anim, na ma wo ne wo fie ani nnye. Na Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu no, mma wo werɛ mmfiri no, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ. Mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no, yi w’afe no mu nnɔbaeɛ so ntotosoɔ du du gugu wo kuro apono mu, na Lewini, ɛfiri sɛ ɔnni kyɛfa ne agyapadeɛ biara sɛdeɛ wo deɛ wowɔ no, ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu mmra mmɛdi mmee, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma a woyɛ nyinaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mfirinhyia nson biara awieeɛ no, gya biribi mu kyɛ. Na sɛdeɛ wɔnnyaa mu nkyɛ nie: Ɔdefɛmni biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ɔntua, ɛfiri sɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE. Ɔnanani deɛ, hyɛ no ma no ntua, nanso wo biribi a ɛwɔ wo nua nkyɛn deɛ, fa kyɛ. Anka ɛnsɛ sɛ ohiani wɔ wo mu, ɛfiri sɛ hyira na AWURADE bɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ a kɔfa no so. Tie nko na tie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ adi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so. Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ no, na wode afɛm amanaman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm, na wobɛdi amanaman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so. Sɛ wo nuanom mu biara dane ohiani wɔ kuro biara apono mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, mpirim w’akoma, na mmua wo nsa so ntia wo nua hiani. Na bue wo nsam ma no, na fɛm no deɛ ɛbɛso ne hia a ɛhia no no. Hwɛ yie na w’akomam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛtɔ so nson, gyae-mukyɛ afe no abɛn, na woannya wo nua hiani no ho adwemmɔne sɛ woremma no hwee, na wanteam amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne. Yi wo yam ma no, na mma no nnyɛ w’akoma ahi sɛ wobɛma no; na saa adeɛ yi nti AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnwuma nyinaa ne deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu. Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo mmɔborɔni ne wo hiani a ɔwɔ w’asase soɔ. Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini, ɔbarima anaa ɔbaa ma wo, na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no gya no kwan ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi. Na sɛ woregya no kwan ama no afa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdi a, mma no nnkɔ nsapan: Fa wo nnwan ne w’ayuporebea ne wo nsakyi-amena no bi kyɛ no; adeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no bi na fa ma no. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi. Na sɛ ɛba sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ: Meremfiri wo nkyɛn, na medɔ wo ne wo fie, ɛfiri sɛ ɔdi yie wɔ wo nkyɛn a, ɛnneɛ fa fitiiɛ fiti n’aso mu aponnwa ho na ɔnyɛ w’akoa daa; na w’afenaa nso yɛ no saa ara. Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgya no kwan na wafa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdie, na wasom wo mfirinhyia nsia ayɛ ɔpaani akatua mmienu ho adeɛ; na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo deɛ woyɛ nyinaa mu. W’anantwie ne wo nnwan mmakan anini a wɔbɛwoɔ no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nnwan abakan ho. AWURADE wo Nyankopɔn anim na di no daa afirinhyia, faako a AWURADE bɛyie no, wo ne wo fie. Na sɛ ɛdɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afira, anaasɛ ɛdɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ; wo kuro apono mu na die, deɛ ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔdi ɔwansane ne ɔforoteɛ no; ne mogya nko na nnie, hwie gu fam sɛ nsuo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ bosome Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo firii Misraim anadwo. Enti kum Twam afɔdeɛ no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nnwan ne anantwie, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena no. Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa. Na mma wɔnnhunu mmɔreka wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnanson; nso mma nam a wɔku no da a ɛdi kan anwummerɛ no bi nnka nnkɔsi anɔpa. Nkum Twam no wɔ wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no biara mu, gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na kum Twam no anwummerɛ a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fire berɛ no mu; na ma no mmen na di no faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na adeɛ kye a, woasane akɔ wo ntomadan mu. Nnansia na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara. Adapɛn nson na kan fa; da a wɔrefiri aseɛ de kantankrankyi ahyɛ ayuo mu no na firi kan adapɛn nson; na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamyi afɔdeɛ sɛdeɛ wahyira woɔ no. Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no; na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛdeɛ yi. Di asese nnapɔnna nnanson, berɛ a woaboaboa w’ayuporebea ne wo nsa-kyi-amena mu adeɛ ano no; na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa, w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu. Nnanson na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a wayie hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnɔbaeɛ mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara. Afirinhyia baako mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ. Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmɛyi wɔn ho adi AWURADE anim. Obiara mma deɛ ne nsa bɛso soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira woɔ no teɛ. Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no. Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu. Asɛntenenee nko ara akyi na die, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no. Ntɛ nnua biara mfa nyɛ abosompɔ wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia a worebɛsie no ho; na mfa ɔboɔ dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mfa nantwie anaa odwan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔdeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’akyiwadeɛ. Sɛ wɔhunu wo mu, wo nkuro a ɔde rema woɔ no biara mu ɔbarima anaa ɔbaa bi a ɔyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE wo Nyankopɔn ani soɔ bu apam so, na ɔkɔ kɔsom anyame foforɔ bi te sɛ owia anaa ɔsrane anaa ɔsoro asafo a mabara no mu biara, na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnneɛ hwehwɛ mu yie; na sɛ wohunu sɛ ɛyɛ nokorɛ, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyiwadeɛ yi wɔ Israel a, ɛnneɛ fa ɔbarima anaa ɔbaa a wadi saa asɛmmɔne yi firi adi wo kuro apono ho, na si no aboɔ ma ɔnwu. Adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so na wɔmfa nkum deɛ ɔsɛ wuo; wɔmmfa ɔdanseni baako anomu asɛm so nnku no. Adansefoɔ no nsa na ɛngu ne so kane nku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no firi wo mu. Sɛ asɛm bi a ɛho atemmuo yɛ wo den te sɛ awudie, manso, ɔpira ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam si, na ɛyɛ wo nkuro mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnneɛ sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ, na kɔ asɔfoɔ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔbisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a buo. Na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo faako a AWURADE bɛkyerɛ no so, na hwɛ na yɛ sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ woɔ nyinaa. Mmara a wɔbɛkyerɛ woɔ ne atemmuo a wɔbɛka akyerɛ woɔ no so na die, mmane mfiri asɛm a wɔbɛkyerɛ woɔ no ho nkɔ nifa anaa benkum. Na onipa a ɔbɛdi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufoɔ no, saa onipa no nwu; na yi bɔne no firi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wɔnsuro, na wɔanni ahantansɛm bio. Sɛ woduru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mɛsi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a, fa deɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so hene. Nanso ɔhene no mma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsane nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodoɔ; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsane mmfa ɔkwan yi so bio. Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na n’akoma ammane; saa ara na ɔmmma ne dwetɛ ne sika nnnɔɔso pii. Na sɛ ɔte n’ahennie adwa so a, ɔnhwɛ mmara yi nwoma a ɛda asɔfoɔ ne Lewifoɔ anim no so ntwerɛ bi mfa; na ɛntena ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua AWURADE ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛdeɛ yi so hwɛ ne ɛsodie, na n’akoma amma ne ho so ansene ne nuanom, na wammane amfiri mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahennie mu, ɔno ne ne mma, Israel mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔmmma Lewifoɔ asɔfoɔ, Lewi abusuakuo nyinaa nnnya kyɛfa ne agyapadeɛ biara Israel mu: AWURADE gya afɔdeɛ so adeɛ ne n’agyapadeɛ a wɔnnie; na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no. Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no; w’aburoo, wo nsa ne wo ngo adikan ne wo nnwan ho nwi a wotwa kane no, fa ma no, ɛfiri sɛ ɔno na AWURADE wo Nyankopɔn ayi no afiri wo mmusuakuo nyinaa mu, sɛ ɔnnyina nsom AWURADE din mu, ɔno ne ne mma, nna nyinaa. Na sɛ Lewini bi firi wo nkuro no biara mu, firi Israel mu baabiara a wakɔsoɛ, na ɔde ne pɛ nyinaa ba bɛtena faako a AWURADE bɛkyerɛ a, ɛnneɛ ɔnsom AWURADE ne Nyankopɔn din mu sɛ ne nuanom Lewifoɔ a wɔgyina AWURADE anim hɔ nyinaa yɛ no. Wɔnnya kyɛfa korɔ nni nka deɛ ɛfiri n’agyanom adeɛ a wɔatɔn mu no ho. Sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, nsua amanaman no nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no yɛ. Mma wɔnnhunu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa ogya mu, ɔkɔmfoɔ a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifoɔ, ɔdebisafoɔ, ntafowayifoɔ, nkaberɛkyerefoɔ, samanfrɛfoɔ, adutofoɔ ne deɛ ɔbisa afunu, ɛfiri sɛ AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, na akyiwadeɛ yi nti na ɔretu wɔn afiri w’anim yi. Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no amudie mu. Na amanaman yi a worekɔtu wɔn yi tie abayifoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ, na wo deɛ, AWURADE wo Nyankopɔn mmaa wo kwan sɛ yɛ no saa. Odiyifoɔ a ɔfiri wo mu a ɔfiri wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama woɔ, ɔno na montie no. Sɛdeɛ wobisaa AWURADE wo Nyankopɔn wɔ Horeb adwabɔ da no sɛ: Mma mennte AWURADE me Nyankopɔn nne bio, na mma mennhunu ogya kɛseɛ yi bio, na manwu! Ɛno na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Deɛ wɔaka no wɔaka no yie: Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn. Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka no me din mu no, me na mɛbisa no ne hɔ. Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu. Ebia wobɛka no w’akoma mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛhunu asɛm a AWURADE nkaeɛ no? Sɛ odiyifoɔ bi kasa wɔ AWURADE din mu, na asɛm korɔ no amma mu anaa ɛnyɛ nokorɛ a, na asɛm no mfiri AWURADE; ahantan mu na odiyifoɔ no kasaeɛ, nsuro no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a ɔde wɔn asase rema woɔ no, na wotu wɔn tena wɔn nkuro ne wɔn adan mu a, yiyi w’asase a ɔde rema wo sɛ fa no so nkuro mmiɛnsa fa. Siesie ɛhɔ kwan no fa, na kyɛ w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu mmiɛnsa, na onipakumfoɔ biara adwane akɔ hɔ. Na onipakumfoɔ a ɔnnwane nkɔ hɔ na ɔnnya nkwa no ho asɛm nie: Deɛ ɔnnim na ɔde adeɛ bɔ ne yɔnko, nanso berɛ a atwam no ɔntane no, sɛ ebia obi ne ne yɔnko kɔ kwaeɛ mu kɔto nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dadeɛ no hɔn firi ne dua mu bɔ ne yɔnko ma no wu a, ɛnneɛ ɔnnwane nkɔ nkuro yi baako mu na ɔnnya nkwa; na mogya ho weretɔfoɔ amfa abufuhyeɛ anti onipakumfoɔ no na ɔkwan no wareɛ nti, wankɔto no anku no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa kumfoɔ no wuo, ɛfiri sɛ berɛ a atwam no na ɔntane ne yɔnko no. Enti na merehyɛ wo sɛ yiyi nkuro mmiɛnsa fa. Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛ wo hyeɛ mu, sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no, na ɔde asase a ɔkaa sɛ ɔde bɛma wo nananom no nyinaa ma wo, na sɛ wodi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so yɛ, na wodɔ AWURADE wo Nyankopɔn na wonante n’akwan so nna nyinaa a, ɛnneɛ yiyi nkuro mmiɛnsa bio ka mmiɛnsa yi ho fa, na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a ɔde rema wo sɛ di soɔ no so, na woanni mogya ho so. Na sɛ obi tane ne yɔnko na ɔtɛ no sɔre to hyɛ ne so, na ɔde adeɛ bɔ no ma no wu, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a, ɛnneɛ ne kurom mpanimfoɔ nsoma mma wɔnkɔfa no mfiri hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho weretɔfoɔ no nsa, na ɔnwu. Mma w’ani nhu no mmɔbɔ, na yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi Israel, na ɛnsi wo yie. Ntwe wo yɔnko hyeɛ a tetefoɔ atwa no w’agyapadeɛ a woanya mu wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so. Ɔdanseni baako nnsɔre nntia obi, amumuyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu; adansefoɔ baanu anaa baasa anomu nsɛm so na asɛm biara nnyina. Sɛ ɔdansekurumfoɔ bi sɔre tia obi di no mfomsoɔ ho adanseɛ a, ɛnneɛ nnipa baanu a ɛham da wɔn ntam no mmɛgyina AWURADE anim, asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ nna no mu anim. Na atemmufoɔ no mpeepee mu yie, na sɛ ɔdanseni no yɛ ɔdansekurumfoɔ na wadi ne nua ho adansekurumu a, ɛnneɛ monyɛ no sɛdeɛ ɔsusuu sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no; na yi bɔne no firi wo mu, na wɔn a aka no nte na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni asɛmmɔne a ɛte seyie wɔ wo mu bio. Na mma w’ani nnhunu mmɔbɔ: Ɔkra nsi ɔkra ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ woretu sa ne w’atamfo akɔko na wohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo firi Misraim asase so baeɛ no ka wo ho. Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfoɔ no mpinkyɛ mmɛkasa nkyerɛ ɔman no, na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfoɔ rekɔko ama mo na wagye mo. Na ahwɛfoɔ no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforɔ na ɔmmuee ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ankɔbue ɛdan no ano. Na onii ko a watɛ bobeturo na ɔnnya nyii ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano. Na onii ko a wagye ɔbaa bi awadeɛ na ɔnnya nhyiaa no no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ammfa no sɛ ɔyerɛ. Na ahwɛfoɔ no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a ɔsuro na n’akoma tuo no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wamma ne nuanom akoma annane sɛ ne deɛ. Na sɛ ahwɛfoɔ no wie ɔman no kasakyerɛ a, wɔmfa asafohene nsisi ɔman no ti. Sɛ wobɛn kuro bi ne no rekɔko a, ka asomdwoeɛsɛm kyerɛ no. Na sɛ ɔbua wo asomdwoeɛ so na ɔhini wo a, ɔman a wobɛhu wɔn hɔ no nyi toɔ mma wo nsom wo. Na sɛ wɔne wo anni asomdwoeɛsɛm na wɔne wo ko a, ɛnneɛ tua kuro no; na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de hyɛ wo nsa a, fa nkrantɛ bobɔ emu mmarima nyinaa, nanso mmaa ne mmɔfra ne afieboa ne deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa, emu asadeɛ nyinaa deɛ, fom fa, na di w’atamfo asadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no. Saa na yɛ nkuro a ɛne wo ntam kwan ware pii a ɛnyɛ amanaman yi nkuro bie no. Na amanaman yi nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no mu deɛ, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa, na sɛe wɔn pasapasa: Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no. Na wɔankyerɛ mo wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne. Sɛ wotua kuro bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe hɔ nnua, na ɛso aba bi na die, na mmu ngu. Afuo mu dua yɛ onipa na woasɛe no? Nanso nnua a wonim sɛ ɛnyɛ nnua a wɔdie no deɛ, sɛe no na twa fa yɛ kuro a ɛne wo redi ako no ntuaban kɔsi sɛ wobɛbrɛ no aseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ wohunu obi a wɔaku no da wiram asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wonnim deɛ ɔkumm no a, ɛnneɛ wo mpanimfoɔ ne w’atemmufoɔ mfiri adi nkɔsusu nkɔduru nkuro a ɛdeda deɛ wɔaku no no ho no so; na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no ho no, saa kuro no mu mpanimfoɔ mfa nantwiburuwa a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma na ɔntwee kɔnnua pɛn, nsiane nkɔ subonhwa a nsuo sene wɔ mu a wɔnnɔeɛ na wɔnnuaa mu adeɛ da mu, na wɔmmu nantwiburuwa no kɔn mu wɔ subonhwa no mu. Na Lewifoɔ mma asɔfoɔ no mmra ho, ɛfiri sɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wɔnhyira AWURADE din mu, na wɔn anomu asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔborɔ ho asɛm biara; na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku no no mu mpanimfoɔ no nyinaa nhohoro wɔn nsa ngu nantwiburuwa a wɔabu ne kɔn mu subonhwa no mu no so, na wɔmma wɔn nne so nka sɛ: Ɛnyɛ yɛn nsa na ɛhwiee mogya yi guiɛ, na yɛn ani anhunu. AWURADE fa kyɛ wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a ɛdi bem ho afobuo ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi kyɛ wɔn. Na wo deɛ, yi mogya a ɛdi bem ho afobuo firi wo mu, na yɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so. Sɛ wotu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn hyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu bi nnommum, na wohunu nnommum no mu baabereɛ bi, na wopɛ sɛ wofa no yɛ wo yere a, ɛnneɛ fa no bra wo fie, na ɔnyi ne ti, na ɔmmubu ne mmɔwerɛ, na ɔnyi ne dommum atadeɛ mfiri ne ho, na ɔntena wo fie nnyam n’agya ne ne na bosome mu, na ɛno akyiri no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɛyerɛ. Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma no mfa ne ho nkɔdi sɛdeɛ ɔpɛ, na tɔn deɛ, ntɔn no nnye sika, ɛne no nnni no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ woahodwo no. Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ ɔbaako, na ɔnnɔ ɔbaako, na wɔn baanu no no wowo mma ma no, na abakan no yɛ deɛ ɔnnɔ no no ba a, ɛnneɛ da a ɔrekyɛ n’adeɛ mu ama ne mma no, ɔmmfa deɛ ɔdɔ no no ba nnyɛ abakan nnni deɛ ɔnnɔ no no ba a ɔyɛ abakan no anim. Na ɔmmu deɛ ɔnnɔ no no ba no abakan mma no deɛ ɔwɔ nyinaa mu abupɛn mmienu; na ɔne n’ahoɔden asefire, abakan dibea yɛ ne dea. Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ a ɔntie n’agya ne ne na asɛm, na wɔtea no na ɔntie wɔn a, ɛnneɛ n’agya ne ne na nkye no mfa no mfiri adi nkɔ ne kurom mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano, na wɔnka nkyerɛ ne kuro no mu mpanimfoɔ no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ, ɔntie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne nsabofoɔ. Na ne kuro no mu mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu; na yi bɔne no firi wo mu na Israel nyinaa nte na wɔnsuro. Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ kum na wɔku no de no sɛne dua bi so a, ne funu no nntena dua no so anadwo, sie no da no ara; na deɛ wɔasɛne no no yɛ Nyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no ho fi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nhwɛ wo nua nantwie anaa ne dwanten sɛ wɔrefom kwan, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; fa no sane brɛ wo nua no. Na sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wonni no a, ɛnneɛ fa no bra wo fie na ɔntena wo nkyɛn nkɔsi sɛ wo nua no bɛhwehwɛ no na woadane no ama no. Na saa nso na yɛ n’afunumu, ne ntoma, ne wo nua adeɛ biara a ayera a wobɛhunu no; ntwe wo ho mfiri ho. Nhwɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie sɛ wɔahwe ase kwan mu, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; boa no ma no mma wɔn so. Ɔbaa nnhyɛ ɔbarima adeɛ, na ɔbarima nso mmfira ɔbaa ntoma, ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ yei nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ. Sɛ wokɔpue anomaa pirebuo ɔkwan mu, dua bi so anaa ɛfam, mma oo, nkosua oo, na ɛna no butu mma no anaa nkosua no so a, nkyere ɛna no nka mma no ho; na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yie na wɔama wo nna aware. Sɛ wosi dan foforɔ a, gye wo dan atifi ban, na obi amfiri hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodie amma wo dan no so. Mfa ade ahodoɔ mmienu nnua wo bobeturom, na anyɛ saa a wobɛhwere w’aduadeɛ a woduaeɛ no ne bobe turo no mu nnɔbaeɛ no nyinaa. Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum. Mfira ntoma a wɔde kuntu ne asaawa afra anwono. Yɛ wo ntoma a wode kata wo soɔ ahinanan so nnwo. Sɛ obi ware yerɛ na ɔkɔ ne ho, na ɔmpɛ no bio, na ɔde animguasesɛm to ne so, na ɔbɔ no dimmɔne sɛ: Maware ɔbaa yi na mekɔɔ ne ho no, manto no ɔbaabunu a, ɛnneɛ ababaawa no agya ne ne na mfa ababaawa no baabunuyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mfiri mmra kuro no mu mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano, na abaayewa no agya nka nkyerɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mede me babaa mama ɔbarima yi aware, nso ɔmpɛ no bio. Na hwɛ, ɔde animguasesɛm ato ne so sɛ: Manto wo babaa no ɔbaabunu; nso me ba baabunuyɛ adeɛ nie. Na wɔntrɛ ntoma no mu kuro no mu mpanimfoɔ no anim. Na kurom hɔ mpanimfoɔ no mfa ɔbarima no ntwe n’aso, na wɔnnye no dwetɛ nnwetɛbena ɔha mfa mma ababaa no agya, ɛfiri sɛ wabɔ Israel mu ɔbaabunu dimmɔne; na ɔnkɔso nware no, na ɔnnko no ne nna nyinaa mu. Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhunu ababaawa no ɔbaabunu a, ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu. Sɛ wohunu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbaa a ɔyɛ obi yere da a, ɛnneɛ wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no; na yi bɔne no firi Israel. Sɛ wɔde ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kuro mu na ɔne no da a, ɛnneɛ momfa wɔn baanu no mfiri adi nkɔ kuro no pono n’akyi, na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwuwu, ababaa no, ɛsiane sɛ ɔwɔ kuro mu na wanteam, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere aseɛ nti; na yi bɔne no firi wo mu. Na sɛ ɔbarima bi hunu ababaa ɔwarefoɔ wɔ wiram, na ɔbarima no kye no ne no da a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no nko na ɔnwuo, na ababaa no deɛ, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ wuo nni ababaa no so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ onipa sɔre tia ne yɔnko ku no no, saa na asɛm yi teɛ. Ɛfiri sɛ wiram na ɔhunuu no, na ababaa a wɔagye no aware no teaa mu, na na obi a ɔbɛgye no nni hɔ. Sɛ ɔbarima bi hunu ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a wɔmfaa no mmaa aware na ɔkye no ne no da na wɔhu wɔn a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no aseɛ nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa. Ɔbarima biara nnware n’agya yere, na ɔnnyi ɔbaa a ɔyɛ n’agya deɛ adagya so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ wɔapɛkyɛ ne hwewa ne deɛ ne barima atwa no mmma AWURADE badwa mu. Adwaman ba biara mmma AWURADE badwa mu; n’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu. Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da, ɛfiri sɛ wɔamfa aduane ne nsuo ammɛhyia mo kwan mu, berɛ a mofiri Misraim reba no, ne sɛ wɔkɔbɔɔ Beor ba Bileam a ɔfiri Petor wɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome woɔ nti. Na AWURADE wo Nyankopɔn ampɛ sɛ ɔtie Bileam, na ɔdanee nnome no nhyira maa wo, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn dɔ wo. Nhwehwɛ wɔn asomdwoeɛ ne wɔn papa da, wo nna nyinaa. Nkyiri Edomni, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo nua. Nkyiri Misraimni, ɛfiri sɛ wokɔyɛɛ n’asase so hɔhoɔ. Mma a wɔbɛwo ama wɔn no awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mmra AWURADE badwa mu. Sɛ wofiri kɔkyere w’atamfo so nsraban a, hwɛ wo ho yie adebɔne nyinaa ho. Sɛ ɔbarima bi wɔ wo mu a ne ho nteɛ wɔ ne ho a ɛsene anadwo no nti a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ nsraban no akyi, ɔmmma nsraban no mu. Na ɛrekɔ anwummerɛ no, ɔmfa nsuo nnware, na sɛ owia kɔtɔ a, ɔmmra nsraban no mu. Na yɛ baabi, nsraban no akyi fa, na woafiri akɔgya wo nan wɔ hɔ. Na fa sofi ka wo nnoɔma ho, na sɛ wokɔgya wo nan nsraban no akyiri hɔ awie no, fa sofi no tutu fam, na kata agyanan no so. Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nam wo nsraban mu sɛ ɔregye woɔ, na ɔde w’atamfo ama wɔ w’anim; enti ma wo nsraban mu nyɛ kronkron, na wanhunu wo mu aniwudeɛ biara, na wannane amfiri w’akyi. Mfa akoa a wadwane afiri ne wura nkyɛn abɛdɔm woɔ nhyɛ ne wura nsa; ɔntena wo nkyɛn wɔ mo mu, wo nkuro mu baako a ɔbɛfa a ɛyɛ ma no mu; nhyɛ ne so. Israel mmammaa mu biara nnnane odwamamfoɔ, na Israel babarima biara nnnane odwamamfoɔ. Mfa ɔbaa odwamamfoɔ apɛdeɛ anaa ɔkraman (ɔbarima odwamamfoɔ) apaadeɛ mma AWURADE wo Nyankopɔn fie wɔ wo bɔhyɛ biara mu, na ne mmienu no yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ. Nnye wo nua mfɛntomu wɔ sika, aduane mfɛntomu, anaa wɔ biribiara ho. Ɔnanani nkyɛn na gye mfɛntomu, na wo nua deɛ, nnye ne hɔ bi, na AWURADE wo Nyankopɔn nhyira wo deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu, asase a worekɔ akɔfa no so. Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛtua, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne. Nanso woanhyɛ bɔ no koraa deɛ a, ɛnyɛ bɔne mma wo. Deɛ afiri w’ano no, di so na yɛ, sɛdeɛ wofiri wo pɛ mu de w’ano ahyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ no. Sɛ woduru wo yɔnko bɔbeturom a, di aba no bi sɛdeɛ wopɛ mee, na mfa bi ngu w’adeɛ mu. Sɛ woduru wo yɔnko ayuo a ɛgyina hɔ mu a, fa wo nsa pempane mmɛtem no bi, na mma kantankrankyi so wɔ wo yɔnko ayuo so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ, na ɛba sɛ n’ani nnye ɔbaa no ho a, ɛfiri sɛ wahunu ne ho aniwudeɛ bi a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na ɔnnya no kwan mfiri ne fie. Na sɛ ɔfiri ne fie kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi, na ekunu foforɔ no nso mpɛ no, na ɔtwerɛ awaregyaeɛ nwoma ma no de hyɛ ne nsa na ɔgya no kwan firi ne fie, anaasɛ ekunu a ɔwaree no akyire yi no wu a, ɛnneɛ ne kane kunu a ɔgyaa no kwan no nnsane mmmɛware no bio, ne ho figuo no akyi, ɛfiri sɛ ɛno yɛ AWURADE anim akyiwadeɛ, na mfa bɔne ngu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so. Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ foforɔ a, ɔnnkɔ ɔsa, na wɔmmfa adwuma biara nnto ne so; na ɔnne ne ho wɔ ne fie afirinhyia, na ɔne ne yere a ɔwaree no no ani nnye. Obi nnnye oyuyammoɔ ne ne ba sɛ awowa deɛ; sɛ ɛba saa a na onii no regye nkwa sɛ awowadeɛ. Sɛ wɔhunu obi a ɔwia ne nuanom Israelfoɔ mu nipa bie na ɔdi no nya anaasɛ ɔtɔn no a, ɛnneɛ owifoɔ no nwu; na yi bɔne no firi wo mu. Hwɛ yie kwata yadeɛ ho, na woahwɛ ayɛ sɛdeɛ asɔfoɔ Lewifoɔ no bɛkyerɛ mo no nyinaa pɛpɛɛpɛ; sɛdeɛ mehyɛɛ wɔn no, saa na monhwɛ nyɛ. Kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Miriam wɔ kwan soɔ, berɛ a mofiri Misraim reba no. Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nhyɛne ne dan mu nkɔgye n’awowa; adihɔ na gyina, na onipa a wofɛm no adeɛ no mfa awowa no mmrɛ wo wɔ adihɔ. Na sɛ ɔyɛ onipa a ɔdi hia a, mfa n’awowa no nna; owia kɔtɔ a, dane awowa no kɔma no, na ɔmfa ne ntoma nna, na ɔnhyira wo, na ɛnyɛ wo tenenee wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim. Nhyɛ ɔpaani, mmɔborɔni ne ohiani a ɔfiri wo nuanom anaa ahɔhoɔ a wɔwɔ w’asase soɔ, wo nkuro mu no so. Da a ɔyɛ adwuma no ara na ma no n’apaadeɛ, na mma owia nnkɔtɔ so, ɛfiri sɛ ɔdi hia, na ɔde n’ani ato so; na wansu amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne. Wɔnnkum nananom wɔ wɔn mma bɔne so nti, na wɔnnkum mma wɔ wɔn nananom bɔne so nti; na obiara bɔne nti na wɔnku no. Nkyea ɔhɔhoɔ anaa awisiaa atɛn, na nnye okunafoɔ atadeɛ awowa. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo firii hɔ, enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ. Sɛ wotwa w’aduane w’afuo mu na wo werɛ firi afi bi afuo mu hɔ a, nsane nkɔfa; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ wo nsa ano adwuma nyinaa mu. Sɛ wopore wo ngo dua a, nsane nkɔtwee so; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ. Sɛ wote wo bobeturom aba a, nsane nkɔdi so mpɛpɛ; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ. Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so; enti na merehyɛ wo sɛ di asɛm yi soɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ ɔham ba nnipa mmienu ntam a, wɔmmra asɛnniiɛ, na wɔmmu wɔn atɛn, na wɔmmu ɔteneneeni bem, na wɔmmu ɔbɔnefoɔ fɔ. Na sɛ ɔbɔnefoɔ no di hweɛ a, ɔtemmufoɔ no mma no nna fam, na wɔnhwe no wɔ n’anim, dodoɔ a ɛsɛ ne bɔne no. Mmaa aduanan na wɔnka no, ɛntra so, na wantra so anhwe no mmaa pii ansene yei, na wo nua annane w’ani so ɔhohorani. Nkata nantwie a ɔpore ayuo ano. Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu baako wu na ɔnni ba a, owufoɔ no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔhoɔ; ne kunu nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ ekunu nua ayɛdeɛ mma no. Na abakan a ɔbaa no bɛwo no no, wɔmfa ne nua a ɔwuiɛ no din nto no, na ne din ampepa amfiri Israel. Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnneɛ ne nua yere no nkɔ kuro pono ano mpanimfoɔ nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu nua mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ me ekunu nua ayɛdeɛ. Na ne kurom mpanimfoɔ no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no, na sɛ ɔgyina hɔ ka sɛ: Mempɛ sɛ meware no a, ɛnneɛ ne nua yere no ntwe mpini no mpanimfoɔ no anim, na ɔnyi ɔbarima no nan ase mpaboa, na ɔnhinam n’ani so ntasuo nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔsiesie ne nua fie. Na wɔmfrɛ ne fie wɔ Israel mu sɛ: Deɛ wɔayi ne nan ase mpaboa no fie. Sɛ mmarima reko, obi ne ne nua, na ɔbaako yere twe pini sɛ ɔrebɛgye ne kunu afiri deɛ ɔrehwe no no nsam, na ɔbaa no tene ne nsa sɔ ne barima mu a, ɛnneɛ twa ɔbaa no nsa; mma w’ani nnhu no mmɔbɔ. Nnya abrammoɔ ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fotoɔ mu. Nnya efa ahodoɔ mmienu, kɛseɛ ne ketewa, wɔ wo fie. Nya abrammokwanmu a ɛtene, nya efa a ɛduro na ɛtene, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so. Na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, wɔn a wɔtwa nkontompo nyinaa. Kae deɛ Amalek yɛɛ wo kwan soɔ berɛ a mofiri Misraim reba no, sɛdeɛ ɔbɛtoaa wo ɛkwan soɔ, berɛ a woatɔ piti na woabrɛ, na ɔtwaa wɔn a aka w’akyire no nyinaa guiɛ wɔ w’akyire, na wansuro Onyankopɔn. Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsa, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena soɔ no so a, pepa Amalek nkaeɛ firi asase so; mma wo werɛ mmfi.