Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛfa ɛtoɔ a wɔde kɔma ahotefoɔ no ho deɛ, sɛdeɛ mehyehyɛɛ no Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara. Daa, nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, mo mu biara mfa deɛ ɛbɛsi no yie ama no anya no nsie, na mamma ansa na wɔayi toɔ no. Na menya me ba a, mɛma wɔn a mode nwoma bɛkyerɛ sɛ wɔfata no de mo ayɛyɛdeɛ no akɔ Yerusalem. Na sɛ ɛsɛ sɛ me nso mekɔ a, wɔne me akɔ. Na metwa mu Makedonia a, mɛba mo nkyɛn; ɛfiri sɛ Makedonia na merekɔfa. Na ebia mɛtena mo nkyɛn, anaasɛ mɛdi awɔberɛ nso mo nkyɛn, na baabiara a mɛkorɔ no moagya me kwan. Na mempɛ sɛ meretwa mu nko ara na mehunu mo, na m’ani da so sɛ Awurade ma ho kwan a, mɛdi mo nkyɛn nna kakra. Na mɛtena Efeso akɔsi Pentekoste; ɛfiri sɛ wɔabue ɛpono kɛseɛ a emu adwumayɛ bɛso aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso. Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso. Ɛno nti obiara mmmu no animtia, na monnya no kwan asomdwoeɛ mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no. Na onua Apolo deɛ, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba seesei, na mmom ɔnya ho deɛ a, ɔbɛba. Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den. Monyɛ mo adeɛ nyinaa ɔdɔ mu. Na metu mo fo, anuanom monim Stefano fie sɛ ɛne Akaia aba a ɛdi kan, na wɔde wɔn ho ama ahotefoɔ som no, sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa no ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no. Na m’ani gye Stefano ne Fortunato ne Akaiko ba no ho, ɛfiri sɛ monni me nkyɛn yi, wɔn na wɔabɛsi mo ananmu; na wɔama me honhom ne mo deɛ ahome. Enti monni wɔn a wɔte saa no ni yie. Asafo a ɛwowɔ Asia no kyeakyea mo. Akwila ne Priska ne asafo a ɛwɔ wɔn fie no kyea mo pii, Awurade mu. Anuanom nyinaa kyea mo. Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. Me Paulo me nsam nkyea ni. Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!). Awurade Yesu adom ne mo ntena. Me dɔ nka mo nyinaa Kristo Yesu mu. Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no, de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. Sɛdeɛ merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso na woatu nnipa bi fo, sɛ wɔnnkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ, nso wɔnntie anansesɛm ne anatoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sene Nyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidie mu no. Na afotusɛm no botaeɛ ne ɔdɔ a ɛfiri akoma kronn ne ahonim pa ne gyidie a nkontompo nni mu mu. Ɛno na ebinom atere ho adane kɔ nsɛnhuhuo mu pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfoɔ, nanso wɔnte deɛ wɔka ne deɛ wɔhyɛ mu den no aseɛ. Na yɛnim sɛ mmara no, sɛ obi di so sɛ ɛteɛ a, ɛyɛ. Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔteneneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyankopɔn ne nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔn ho nteɛ na wɔn ho agu fi, wɔn a wɔkum wɔn agya ne wɔn na, nnipakumfoɔ, adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie, sɛdeɛ nhyira Nyankopɔn animuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no teɛ no. Na meda Kristo Yesu, yɛn Awurade a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de me ahyɛ ɔsom no mu. Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu. Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu. Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan. Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ. Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔte ase daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen! Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛdeɛ adiyisɛm a wɔkaa no wo ho kane no teɛ no, sɛ fa so ko ɔko pa no, na nya gyidie ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidie ho no. Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, deɛ ɛdi ne nyinaa kan no, metu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa; ahemfo ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu. Na yei yɛ, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn a ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokorɛ nimdeɛ mu no ani. Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ koro, ɔno ne onipa Kristo Yesu, a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu. Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ (meka nokorɛ, menni atorɔ), amanaman mufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie ne nokorɛ mu. Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpaeɛ wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho teɛ so, a abufuo anaa akyinnyeɛ nni mu. Saa ara nso na mmaa nhyɛ ntadeɛ a ɛsɛ, mfa ani a ɛwu adeɛ ne adwenemuteɛ nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔ anaa sika anaa nhwene pa anaa ntadeɛ a ɛwɔ boɔ mu, na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmaa a wɔyi onyamesom kyerɛ mu. Mmaa nyɛ komm nsua asɛm no ahobrɛaseɛ nyinaa mu. Ɔbaa deɛ, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ ɔnni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm. Ɛfiri sɛ wɔbɔɔ Adam kane, ansa na Hawa redi hɔ. Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbaa no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara; nanso sɛ ɔtena gyidie ne ɔdɔ ne ahoteɛ ne adwenemuteɛ mu a, wɔbɛgye no nkwa n’abawoɔ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfoɔ adwuma a, na wapɛ adwuma pa. Nso deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ wɔnnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyerɛ baako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwene mu te, ɔyɛ ne ho wesee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔnim nkyerɛkyerɛ, ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom ɔdwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛ, ɔnyɛ sikanibereɛ; ɔdi ɔno ara ne fie so yie ma ne mma hyɛ n’ase animuduro nyinaa mu. Na sɛ obi nhunu ne fie so hwɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Nyankopɔn asafo soɔ? Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoran anhwe ɔbonsam atemmuo mu. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afidie mu. Asafo mu asomfoɔ nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duro, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adufudepɛfoɔ; wɔde gyidie ahuntasɛm no sie ahonim a emu teɛ mu. Ma wɔnsɔ yeinom nhwɛ kane, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom. Mmaa no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekubɔfoɔ, wɔn ani so nna hɔ, wɔnni ade nyinaa mu nokorɛ. Asafo mu asomfoɔ nyɛ ɛyerenom mmaako mmaako kununom, nni wɔn mma ne wɔn ara fie so yie. Na wɔn a wɔsom yie no, nya nnyinasoɔ pa ne nnam bebree, gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu. M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn ntɛm pa deɛ, nanso meretwerɛ yeinom mabrɛ wo ansa, na sɛ ebia mekyɛre a, woahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wobu wo bra Nyankopɔn fie a ɛyɛ Nyankopɔn teasefoɔ no asafo, nokorɛ dum ne nnyinasoɔ no mu. Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho, atorofoɔ nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awuo. Wɔsi awadeɛ ho kwan ka sɛ, wɔntua wɔn ho nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne wɔn a wɔahunu nokorɛ mfa aseda nni bie no. Na Nyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyiri biribiara; ɛfiri sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na ɛte ho. Sɛ wode yeinom kyerɛ anuanom a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa a wodii akyire no nsɛm ayɛne no. Na mmerewa anansesɛm ahuhuo no deɛ, gu, na bɔ onyamesom pa ho mmɔden; na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ. Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa. Yei nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire no agyidifoɔ, Agyenkwa no so. Yeinom na tu ho fo dendeenden na kyerɛkyerɛ! Mma obi mmmu wo aberanteɛ a woyɛ no animtiaa, na mmom yɛ agyidifoɔ nhwɛsoɔ ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidie mu, ahoteɛ mu. Bata akenkan, afotuo ne nkyerɛkyerɛ ho kɔsi sɛ mɛba. Mma wo mu adom akyɛdeɛ a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanimfoɔ nsa a wɔde guu wo soɔ no so de maa woɔ no nnna hɔ kwa. Yeinom ho na bɔ mmɔden, yeinom mu na keka wo ho, na wo nkɔsoɔ ada adi ade nyinaa mu. Ma w’ani mmra wo ho ne nkyerɛkyerɛ no so na tena mu, ɛfiri sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne w’atiefoɔ nkwa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmeranteɛ sɛ anuanom, mmaa mpanimfoɔ sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nua mmaanom wɔ ahoteɛ nyinaa mu. Di mmaa akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ ampa no ni. Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani. Na deɛ ɔyɛ okunafoɔ ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na ɔkura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia. Na deɛ ɔbɔ ahohwie no deɛ, ɔyɛ teaseawuo. Yeinom ho na hyɛ wɔn, na wɔannya wɔn ho asɛm bi anka. Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie. Wɔmmfa okunafoɔ a ɔnnya nnii mfirinhyia aduosia nhyɛ mu, na mmom wɔmfa deɛ waware kunu baako, deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi. Na akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ deɛ, mfa wɔn; na sɛ Kristo ho fono wɔn a, na wɔpɛ sɛ wɔwareɛ, na wɔnya afobuo sɛ wɔapa kane gyidie no. Na emu ara nso na wɔyɛ aniha sua afie mu kyinkyini, na ɛnyɛ aniha nko na wɔyɛ, na wɔyɛ anokurokuro ne terɛterɛ nso keka nsɛm a ɛnsɛ. Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware wo mma di efie soɔ, na wɔamma ɔtamfoɔ ho kwan sɛ ɔnni atɛm; ɛfiri sɛ ebinom amane akɔdi Satan akyiri dada. Sɛ ɔbaa gyidini bi wɔ akunafoɔ a, ɔnhwɛ wɔn, na ɔmmma no nnyɛ asafo no adesoa, na asafo no ahwɛ wɔn a wɔyɛ akunafoɔ ampa no. Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, wɔmfa anidie mmɔho nni wɔn, ne titire no, wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma. Na atwerɛ no se: Nantwie a ɔpore ayuo no, ma no nni bi, ne: Odwumayɛni akatua sɛ no. Ntie asafo mu panin ho kwaadubɔ, gye adansefoɔ baanu anaa baasa anomu. Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn atɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro. Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim, sɛ hwɛ yeinom yie, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so. Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Sie wo ho kronn. Nnom nsuo nko bio, na wo yafunu ne wo mmerɛ a wotaa yɛ no nti, nom bobesa kakraa bi! Nnipa binom bɔne da adi pefee de wɔn kɔ atemmuo mu, na ebinom deɛ nso di wɔn akyi. Saa ara na nnwuma pa nso da adi pefee, na sɛ anyɛ saa mpo a, ɛnhunta.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nkoa dodoɔ a wɔwɔ kɔnnua aseɛ no mmu wɔn wuranom sɛ anidie nyinaa sɛ wɔn, na Nyankopɔn din ne nkyerɛkyerɛ no ho anhura. Na mma wɔn a wɔwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu wɔn animtia sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔn a wɔsom wɔn no yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho foɔ. Sɛ obi kyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛyɛ no ne nkyerɛkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a, wahoran, na ɔnnim hwee, na mmom ɔyare akyinnyegyeɛ ne anoko a deɛ ɛfiri mu ba ne nitan, kunsunkunsum, nsekuro, nnipa ho adwemmɔne, mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwene mu asɛeɛ, na nokorɛ abɔ wɔn a wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adepɛdeɛ. Na onyamesom pa a abodwoɔ wɔ mu yɛ adenya kɛse. Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yɛntumi mfa hwee mfiri mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuane ne deɛ yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔso mma yɛn. Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afidie ne nkwasea akɔnnɔ a ɛnyɛ mma nnipa na ɛtwe wɔn kɔgu ɔsɛeɛ ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa nhini ne sikapɛ mmorosoɔ a ebinom dii akyire yeraa kwan na wɔde yea pii wowɔɔ wɔn ho. Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri. Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu. Metu wo fo Onyankopɔn a ɔma nnoɔma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yie, dii ho adanseɛ Pontio Pilato anim no sɛ, hwɛ ahyɛdeɛ no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kɔsi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyie so. Ɛno na deɛ ɔbɛkyerɛ ɛberɛ a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfoɔ koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade, deɛ ɔno nko wɔ daa nkwa a owuo nni mu, te hann a obi nnya ho kwan mu, deɛ nnipa mu biara nhunuu no da, na obiara ntumi nhunu no no, ɔno na anidie ne daa tumi wɔ no. Amen. Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so, sɛ wɔnyɛ yie, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ adeɛ fɛ so na wɔn nsam ngo, na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔasɔ nokorɛ nkwa no mu. O Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so; dane wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nteɛ ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho. Ɛno na ebinom yi kyerɛeɛ, pae firii gyidie no ho. Adom nka mo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no: Mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ ne ɔdɔ nnɔɔso mma mo. Adɔfo, ɛnam sɛ merebɔ mmɔden nyinaa matwerɛ nkwagyeɛ a ɛyɛ yɛn nyinaa dea no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ metwerɛ mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidie a wɔde ama ahotefoɔ prɛko no ho. Na nnipa bi awiawia wɔn ho aba mu a wɔfiri tete atwerɛ wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɛfoɔ a wɔdane yɛn Nyankopɔn adom ahohwie, na wɔpo Owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no. Na mepɛ sɛ mekae mo a moahunu yei prɛko dada sɛ, Awurade gyee ɔman no firii Misraim asase soɔ no, akyire yi no, ɔsɛee wɔn a wɔannye annie no. Na abɔfoɔ a wɔankora wɔn paninnie, na mmom wɔgyaa wɔn ara wɔn tenaberɛ no, ɔde daa ahoma akyekyere wɔn, akora wɔn esum kabii mu, ama da kɛseɛ no atemmuo. Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe. Saa ara na yeinom nso yɛ adaeɛsofoɔ a wɔgu honam ho fi, na wɔte tumidie atua, na wɔka animuonyamfoɔ ho nsɛmmɔne. Nanso Ɔbɔfoɔ panin Mikael ne ɔbonsam dii aperepereɛ kasakasaa Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkaa sɛ: Awurade nka w’anim! Na yeinom deɛ, wɔka deɛ wɔnnim no ho nsɛmmɔne, na deɛ wɔfiri wɔn nnipa su mu nim sɛ mmoa a wɔnni adwene no, ɛno mu na wɔgu wɔn ho fi. Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu. Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo, ɛpo asorɔkyeɛ a ɛhuru a ɛpu wɔn ara wɔn aniwuo guo, nsoromma a ɛkyinkyini a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa. Yeinom ho na Henok nso a ɔtɔ Adam so nson hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefoɔ mpempem reba abɛbu wɔn nyinaa atɛn, na wabu wɔn mu amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, wɔn amumuyɛdeɛ a wɔyɛeɛ nyinaa ne wɔn atirimuɔdensɛm a nnebɔneyɛfoɔ amumuyɛfoɔ no ka de tiaa no nyinaa ho. Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnafoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyiri, na wɔn ano ka akonkosɛm, na mfasoɔ nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa. Na mo, adɔfo deɛ, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ aka ato hɔ no sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: Ɛberɛ a ɛdi akyire no mu no, fɛdifoɔ bɛba a wɔbɛdi wɔn ara wɔn amumuyɛ akɔnnɔ akyire. Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyiridifoɔ a wɔnni Honhom no. Na mo, adɔfo deɛ, momfa mo ho nsi mo gyidie kronkron no so mmɔ mpaeɛ Honhom Kronkron tumi mu; mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu. Na akyinnyegyefoɔ nso monhu wɔn mmɔbɔ, ebinom nso monhwim wɔn mfiri gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa suro nhu wɔn mmɔbɔ, na montane nipasu a ɛte sɛ atadeɛ a nkekaeɛ akeka mu nso. Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no, Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ santen, seesei ne daa nyinaa. Amen.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ: M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so. Baabiara a mo nan bɛtia no, mo na mede mama mo, sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Mose no, ɛfiri serɛ no so ne Lebanon yi ho de kɔsi asu kɛseɛ no, Asubɔntene Eufrate ano, Hetifoɔ asase nyinaa de kɔsi ɛpo kɛseɛ no ano wɔ deɛ owia kɔtɔ hɔ na ɛnyɛ mo hyeɛ. Obiara biara rentumi nnyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire; merempa wo na merennya wo. Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, na wo na wobɛkyɛ asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no mu ama ɔman yi. Wo ho ara na ɛnyɛ den na yɛ nnam pa, na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so; mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum, na deɛ wobɛkorɔ nyinaa woadi yie. Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie. Menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma w’akoma nntu anaa? Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn di w’akyi deɛ wokorɔ nyinaa. Ɛnna Yosua hyɛɛ ɔman no ahwɛfoɔ no sɛ: Momfa nsraban no mu, na monhyɛ ɔman no sɛ: Monsiesie akwansoduane nsie, na ɛha yi nnansa morebɛtwa Yordan yi akɔfa asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no. Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkae asɛm a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de mo atena ase, na ɔde asase yi ama mo; mo yerenom, mo mma ne mo mmoakuo ntena asase a Mose de maa mo Yordan agya yi so, na mo deɛ, monni mo nuanom anim amia mu, akofoɔ nyinaa, na monni mmoa wɔn, nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no. Na wɔbuaa Yosua sɛ: Deɛ woahyɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ, na baabiara a wosoma yɛn no, yɛbɛkɔ. Sɛdeɛ yɛtiee Mose, ade nyinaa mu no, saa ara na yɛbɛtie woɔ; die na AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyire, sɛdeɛ ɔdii Mose akyire no. Obiara a ɔbɛte w’anomu asɛm ho atua na ɔrentie wo nsɛm, deɛ wobɛhyɛ yɛn nyinaa mu no, wɔnku no. Den ara nko na wo ho nyɛ, na yɛ nnam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ. Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wɔfiri Israelfoɔ no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi. Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra. Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire; na esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro pono no mu no, na mmarima no firii adie; mennim deɛ wɔkorɔ. Monti wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn. Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase. Na mmarima no tii wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwaeɛ; na wɔn a wɔtii wɔn no firii adie ara pɛ, na wɔtoo kuro pono no mu. Na wɔn deɛ, wɔnnya nkɔdaeɛ no, ɔbaa no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɛdan no atifi kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim. Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Mmɛwa Po mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no. Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam. Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammaanom ne deɛ wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na monyi yɛn mfiri owuo mu. Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so. Ɛnna ɔbaa no de ntampehoma twetwee wɔn faa mpomma mu sisii fam, na na ne dan si kuro no ho fasuo so, na ɔfasuo no so na ɔteɛ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔ so na monkorɔ, na atifoɔ no anto mo, na monhunta hɔ nnansa nkɔsi sɛ atifoɔ no bɛsane, na ɛno akyiri no moakɔ mo kwan. Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ yi ho. Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha, na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi. Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ no ho. Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛdeɛ mo nsɛm yi teɛ. Na ɔgyaa wɔn kwan na wɔkɔe; na ɔde homa kɔkɔɔ no kyekyeree mpomma no mu. Ɛnna wɔsii mu kɔduruu bepɔ no soɔ, na wɔdii hɔ nnansa kɔsii sɛ atifoɔ no saneeɛ. Na atifoɔ no hwehwɛɛ wɔn ɔkwan no so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn. Na mmarima baanu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa deɛ ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no, na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa. Na nnansa wiee duro no, ahwɛfoɔ no kyinii nsraban no mu, kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso no a, mo nso montu mfiri deɛ mowɔ, na monni akyire; nanso monsusu ɔkwan bɛyɛ sɛ basafa apem nto mo ne no ntam, mommmɛn no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moahunu kwan ko a mobɛfa soɔ, ɛfiri sɛ momfaa ɔkwan yi so pɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monte mo ho, na ɔkyena AWURADE bɛyɛ mo mu anwanwadeɛ. Na Yosua ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Monsoa apam adaka no nsene nni ɔman no anim. Na wɔsoaa apam adaka no dii ɔman no anim. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire. Na wo deɛ, hyɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no sɛ: Sɛ moduru Yordan nsuo no ano a, monnyina Yordan mu. Na Yosua ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: Montwe mmra ha, na montie AWURADE mo Nyankopɔn nsɛm. Ɛnna Yosua kaa sɛ: Yei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no wɔ mo mu, na pamo na ɔbɛpamo Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Hewifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri mo anim. Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi w’anim akɔ Yordan mu. Na afei momfa mmarima dummienu mfiri Israel mmusuakuo no mu, abusuakuo biara mu nipa baako. Na sɛ asɔfoɔ a wɔso AWURADE, asase nyinaa wura adaka no anammɔn ka Yordan nsuo no ara pɛ a, Yordan mu nsuo a ɛresiane firi atifi ba no bɛtwa, na abɔ kuo agyina hɔ. Na ɔman no tu firii wɔn ntomadan mu sɛ wɔrekɔtwa Yordan, na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no dii ɔman no anim, na wɔn a wɔso adaka no duruu Yordan ano, na asɔfoɔ a wɔso adaka no nan sii nsuo no mu ara pɛ, (nso na Yordan yiri kata ne nsunoa nyinaa ayutwaberɛ nna nyinaa), ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ. Na asɔfoɔ a wɔso apam adaka no gyinaa asase pɛsɛɛ so Yordan mfimfini pintinn, na Israel nyinaa nam asase pɛsɛɛ so twa de kɔsii sɛ ɔman mu no nyinaa wiee Yordan twa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Monyiyi ɔman no mu mmarima dummienu, abusuakuo biara mu onipa baako, na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya no mo asoɛeɛ a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi. Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dummienu a ɔyii wɔn firii Israelfoɔ mu no, abusuakuo biara mu onipa baako. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsene nni AWURADE mo Nyankopɔn adaka no anim nkɔ Yordan mfimfini, na montase aboɔ mmaako mmaako mmobɔ mo kɔn ho, sɛdeɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na yei ayɛ mo mu nsɛnkyerɛnneɛ. Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode aboɔ yi kyerɛ deɛn? Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsuo no twae, AWURADE apam adaka no anim; ɛtwaa Yordan no, Yordan nsuo no twae; na aboɔ yi nyɛ nkaeɛ mma Israelfoɔ nkɔsi daa. Na Israelfoɔ no yɛɛ saa, sɛdeɛ Yosua hyɛeɛ no, na wɔtasee aboɔ dummienu Yordan mu, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no ano sie, na wɔde twa baa wɔn asoɛeɛ, na wɔgyaa no hɔ. Na Yosua memaa aboɔ dummienu so sisii Yordan mu, deɛ asɔfoɔ a wɔso apam adaka no nan sisiiɛ hɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. Na asɔfoɔ a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kɔsii sɛ wɔwiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa sɛ Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa. Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae. Na ɛbaa sɛ ɔman no nyinaa wiee twa no, na AWURADE adaka no nso twaeɛ, na asɔfoɔ no kɔdii ɔman no anim. Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuo fa no miae twa kɔdii Israelfoɔ no anim, sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, nnipa bɛyɛ mpemaduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na ɛtwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko mpaperɛ soɔ. Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wɔsuroo no sɛdeɛ wɔsuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hyɛ asɔfoɔ a wɔso adanseɛ adaka no, na wɔmforo mfiri Yordan mu. Na Yosua hyɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Momforo mfiri Yordan mu. Na asɔfoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no foro firii Yordan mu na asɔfoɔ no anammɔn bɛsii asase pɛsɛɛ soɔ ara pɛ, na Yordan mu nsuo no sane baa n’afa, na ɛbɛkataa ne nsunoa nyinaa sɛdeɛ na ɛteɛ kane no. Na ɔman no foro firii Yordan mu bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so du, na wɔkyeree nsraban Gilgal, Yeriko apueeɛ hyeɛ so. Na aboɔ dummienu a wɔtase firii Yordan mu no, Yosua de sisii Gilgal. Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn agyanom sɛ: Aboɔ yi kyerɛ deɛn? Momma mo mma nhunu sɛ asase pɛsɛɛ so na Israel fa de twaa Yordan yi, sɛ AWURADE mo Nyankopɔn wee Yordan nsuo no mo anim kɔsii sɛ motwaeɛ, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛwa Po no a ɔweeɛ no yɛn anim kɔsii sɛ yɛtwaeɛ no, na asase so aman nyinaa ahunu AWURADE nsa sɛ ɛyɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim. Saa berɛ no ara na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛ twerɛboɔ asekan, na sane twitwa Israelfoɔ no twetia a ɛtɔ so mmienu. Na Yosua yɛɛ twerɛboɔ asekan de twitwaa Israelfoɔ no twetia Aaralot kokoɔ so. Na deɛ enti a Yosua twitwaa wɔn twetia ne sɛ: Ɔman no a wɔfiri Misraim baeɛ no mu mmarima nyinaa, akofoɔ no nyinaa wuwuu kwan mu wɔ serɛ so, wɔfiri Misraim firiiɛ no akyi. Nanso ɔman no a wɔfiri Misraim firiiɛ no akyire wɔwoo wɔn kwan mu wɔ serɛ soɔ no nyinaa deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia. Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Na wɔn mma na ɔmaa wɔsɔre sii wɔn ananmu; wɔn na Yosua twitwaa wɔn twetia, na wɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ wɔantwitwa wɔn twetia ɔkwan no mu. Na wɔwiee ɔman mu no nyinaa twetiatwa no, wɔtenaa wɔn tenabea hɔ nsraban no mu kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ mamuni Misraim nsopa afiri mo so. Ɛno nti wɔfrɛɛ hɔ Gilgal de bɛsi nnɛ yi ara. Na Israelfoɔ no kyeree nsraban Gilgal, na wɔdii Twam no, bosome no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ, Yeriko mpaperɛ so. Na Twam no akyi, adeɛ kyeeɛ no, da no ara, na wɔdii asase no so aduane, apiti ne nkyeweɛ. Na mana no to twae firi da a wɔdii asase no so aduane no, adeɛ kyeeɛ, na Israelfoɔ no annya mana bio, na wɔdii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ afe no ara mu. Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa? Na ɔse: Dabi, na afei na maba sɛ AWURADE dɔm so safohene. Na Yosua de n’anim butuu fam sɔree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na me wura reka akyerɛ n’akoa? Na AWURADE dɔm so safohene no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi wo mpaboa firi wo nan, na deɛ wogyina hɔ yɛ kronkron. Na Yosua yɛɛ saa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa. Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. Saa ara na yɛ no nnansia. Na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nson mfa nni adaka no anim, na ɛda a ɛtɔ so nson no, montwa kuro no ho nhyia mprɛnson, na asɔfoɔ no nhyɛne ntotorobɛnto no. Na sɛ wɔhyɛne osebɔ abɛn no na mote totorobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛseɛ, na kuro no ho fasuo no bɛhwe fam tim, na ɔman no mforo nkɔ wɔn anim tee. Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nni AWURADE adaka no anim. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsene nkɔtwa kuro no ho nhyia, na wɔn a wɔamia no nsene nni AWURADE adaka no anim. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no no, asɔfoɔ baason a wɔkurakura osebɔ ntotorobɛnto no sene dii AWURADE anim na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no, na AWURADE apam adaka no dii wɔn akyi. Na wɔn a wɔamia no dii asɔfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto no anim, na kyidɔm no dii adaka no akyi; wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara. Na ɔman no deɛ, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ ose, na mommma wɔnnte mo nne, na asɛm biara mmfiri mo anomu de kɔsi da a mɛse mo sɛ mommɔ ose no ansa na moabɔ ose. Na AWURADE adaka no twaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔbaa nsraban mu bɛdaa hɔ. Na Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa AWURADE adaka no. Na asɔfoɔ baason no kurakura osebɔ ntotorobɛnto nson no de di AWURADE adaka no anim, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no ara, na wɔn a wɔamia no dii wɔn anim, na kyidɔm no dii AWURADE adaka no akyi, wɔnam na wɔrehyɛne ntotorobɛnto no. Na da a ɛtɔ so mmienu no, wɔtwaa kuro no ho hyiaa prɛko, na wɔsane baa nsraban no mu. Wɔyɛɛ saa nnansia. Na da a ɛtɔ so nson no, adeɛ rekye pɛ, na wɔtuaa nhema sɔree ntɛm, na wɔtwaa kuro no ho hyiaa saa ara mprɛnson; da no nko ara na wɔtwaa kuro no ho hyiaa mprɛnson. Na ɛbaa sɛ deɛ ɛtɔ so nson no soɔ a asɔfoɔ no rehyɛne ntotorobɛnto no no, Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommɔ ose, ɛfiri sɛ AWURADE de kuro no ama mo. Na kuro no nyɛ ahyiradeɛ, ɛno ne emu ade nyinaa mma AWURADE; odwamamfoɔ Rahab nko ara na ɔnnya nkwa, ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn ne ne fie nyinaa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde abɔfoɔ a yɛsomaa wɔn no huntaeɛ. Mo ho yie ara na monhwɛ ahyiradeɛ no ho, na moanhyira so na moamfa ahyiradeɛ no bi, na moamfa Israel nsraban no anyɛ ahyiradeɛ amma amaneɛ amma so. Na dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE, na wɔmfa mmra AWURADE adekorabea. Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛnee ntotorobɛnto no. Na ɛbaa sɛ ɔman no tee ntotorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛseɛ, na ɔfasuo no hwee fam tim, na ɔman no foro kɔɔ kuro no mu, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kuro no. Na wɔde nkrantɛ ano sɛee deɛ ɛwɔ kuro no mu nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie ne nnwan ne mfunumu. Na mmarima baanu a wɔkɔsraa asase no deɛ, Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ ɔbaa dwamamfoɔ no fie nkɔfa ɔbaa no ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no. Na mmeranteɛ akwansrafoɔ no kɔe, na wɔde Rahab ne n’agya ne ne na ne ne nuanom ne deɛ ɔwɔ nyinaa firi bae, na wɔde n’abusua nyinaa firii adi bɛgyaa wɔn Israel nsraban no akyi. Na kuro no deɛ, wɔde ogya hyee ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nko na wɔde bɛguu AWURADE fie adekorabea no mu. Na odwamamfoɔ Rahab ne n’agya fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa deɛ, Yosua gyee wɔn nkwa, na ɔtenaa Israel mu de bɛsi nnɛ, ɛfiri sɛ ɔde abɔfoɔ a Yosua soma maa wɔkɔsraa Yeriko no huntae. Na Yosua kaa ntam saa berɛ no sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛsɔre abɛkyekyere Yeriko kuro yi, AWURADE anim: Ɔde n’abakan na ɛbɛhyɛ aseɛ, na ɔde ne ba akumaa na ɛbɛsisi ano apono. Na AWURADE dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase no nyinaa so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no. Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔ kɔsraa Ai. Na wɔsane baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; na mmarima bɛyɛ mpennu anaa mpensa nkɔbɔ Ai, nha ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wɔsua. Na ɔman no mu bɛyɛ mpensa foro kɔɔ hɔ, nanso wɔdwane firii Ai mmarima no anim. Na Ai mmarima no kunkumm wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa nsia, na wɔtaa wɔn Ai kuro pono no akyi de kɔɔ Sebarim, na wɔbobɔɔ wɔn asianee no mu. Na ɔman no akoma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsuo. Na Yosua sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde n’anim butuu fam, AWURADE adaka no anim de kɔsii anwummerɛ, ɔno ne Israel mpanimfoɔ, na wɔde dɔteɛ guguu wɔn atifi. Na Yosua kaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, adɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn? Yɛnim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara. Wo kyɛw nie, AWURADE, sɛ Israel adane wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfoɔ yi, ɛdeɛn na menka? Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no? Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Sɔre ɛ, adɛn nti na wode w’anim abutu fam seyie? Israel ayɛ bɔne, wɔato m’apam a mehyɛɛ wɔn ho mmara no nso, na wɔafa ahyiradeɛ no bi nso, na wɔabɔ korɔno nso, na wɔasi so nso, na wɔde asie wɔn adeɛ mu nso. Na Israelfoɔ no rentumi nnyina wɔn atamfoɔ anim, wɔn akyiri na wɔbɛdane akyerɛ wɔn atamfoɔ, ɛfiri sɛ wɔayɛ ahyiradeɛ. Merenkɔ so menni mo akyi, gye sɛ moyi ahyiradeɛ no hɔ firi mo mu. Sɔre te ɔman no ho na ka sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena; na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Ahyiradeɛ wɔ wo mu, Israel! Worentumi nnyina w’atamfo anim kɔsi sɛ mobɛyi ahyiradeɛ no afiri mo mu. Enti anɔpa, wɔmfa mo mpinkyɛ mmusuakuo mmusuakuo. Na abusuakuo a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini mmusua mmusua, na abusua a AWURADE bɛkyerɛ no ntwe mpini afie, na efie a AWURADE bɛkyerɛ no mu mmarima ntwe mpini mmaako mmaako. Na deɛ wɔbɛkye no ahyiradeɛ no ho no, wɔmfa ogya nhye no ne deɛ ɔwɔ nyinaa, sɛ wato AWURADE ntam, na wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu. Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na ɔde Israel pinkyɛe abusuakuo abusuakuo. Na wɔkyeree Yuda abusuakuo. Na ɔde Yuda mmusua pinkyɛe, na wɔkyeree Serafoɔ abusua. Na ɔde Serafoɔ abusua mu mmarima pinkyɛe mmaako mmaako, na wɔkyeree Sabdi. Na ɔde ne fie mmarima pinkyɛe mmaako mmaako, na wɔkyeree Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu. Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa animuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Ɛdeɛn na woyɛeɛ? Nsi me so. Na Akan buaa Yosua sɛ: Nokorɛ, me na mayɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɔne, na sɛɛ ne sɛɛ na meyɛeɛ. Mehunuu asadeɛ no mu Sinear ngusoɔ fɛfɛ bi ne dwetɛ nnwetɛbena ahanu ne sika dame baako a ano si nnwetɛbena aduonum, na m’ani beree, na mefae; na hwɛ, ɛhyɛ fam me ntomadan mu, na dwetɛ no wɔ aseɛ. Ɛnna Yosua somaa abɔfoɔ, na wɔde mmirika kɔɔ ntomadan no mu, na hwɛ, na ɛhyɛ ne ntomadan no mu, na dwetɛ no hyɛ aseɛ. Na wɔyi firii ntomadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfoɔ no nyinaa, na wɔde bɛguu AWURADE anim. Ɛnna Yosua faa Sera ba Akan, ne dwetɛ ne ngusoɔ ne sika dame no, ne ne mmammarima ne ne mmammaa, ne n’anantwie ne ne mfunumu ne ne nnwan, ne ne ntomadan ne deɛ ɔwɔ nyinaa, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔde wɔn foro kɔɔ Akor bonhwa mu. Na Yosua kaa sɛ: Adɛn na woaha yɛn saa yi? AWURADE bɛha wo nnɛ da yi. Na Israel nyinaa sii no aboɔ, na wɔde ogya hyee wɔn, na wɔde aboɔ guu wɔn so. Na wɔhɔree ne so abosie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi. Na AWURADE dane firii n’abufuhyeɛ no ho. Ɛno nti wɔfrɛ hɔ sɛ Akor bonhwa de bɛsi nnɛ yi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma w’akoma nntu. Fa akofoɔ dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai: Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase mahyɛ wo nsa. Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo. Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo no. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛ kuro no, kuro no akyiri nohoa; mommma mo ne kuro no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu. Na me deɛ, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa bɛtwe apini kuro no; na sɛ wɔfiri adi bɛhyia yɛn sɛ akane no a, yɛbɛdwane afiri wɔn anim; na wɔbɛfiri adi abɛdi yɛn akyi akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no mu; na wɔbɛka sɛ: Wɔredwane afiri yɛn anim sɛ akane no; enti yɛbɛdwane afiri wɔn anim. Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa. Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no. Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔe kɔtɛe. Na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔeɛ fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no. Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanimfoɔ foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai. Na akofoɔ dɔm a wɔka ne ho nyinaa foro kɔe, na wɔtwe pinii, na wɔduruu kuro no ntentensoɔ, na wɔbɔɔ nsraban Ai atifi fam, na bonhwa wɔ wɔn ne Ai ntam. Na ɔde nnipa bɛyɛ mpemnum kɔtetɛɛ Betel ne Ai ntam, kuro no atɔeɛ fam. Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kuro no atifi fam ne akyire atɛfoɔ no a ɛwɔ kuro no atɔeɛ fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ bonhwa no mu anadwo no ara. Na Ai hene hunuiɛ no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ deɛ wɔahyɛ hɔ, mpaperɛ no anim, sɛ wɔrebɛhyia Israel ne wɔn ako; nso na ɔnnim sɛ wɔretɛ no kuro no akyi. Na Yosua ne Israel nyinaa maa wɔpamoo wɔn wɔn anim, na wɔdwane faa ɛserɛ so kwan so. Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ ɔman a wɔwɔ kuro no mu nyinaa sɛ wɔmmɛti wɔn; na wɔtii Yosua, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu. Na ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wamfiri adi ankɔdi Israel akyire; na wɔgyaa kuro no hɔ maa ano daa hɔ kɔdii Israel akyi. Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Tene pea a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ Ai, na mede bɛhyɛ wo nsa. Na Yosua tenee ne pea a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ kuro no. Ɛnna atɛfoɔ no sɔree ntɛm firii wɔn afa hɔ, na ɔtenee ne nsa no, wɔtutuu mmirika kɔhyɛnee kuro no mu na wɔfae, na wɔyɛɛ ntɛm de ogya too kuro no mu. Na Ai mmarima no danedanee wɔn ani hwɛɛ wɔn akyiri no, na hwɛ, na kuro no mu wisie retu kɔ soro, na wɔnnya kwan nnwane nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ soɔ no danedanee wɔn ho tiaa atifoɔ no. Na Yosua ne Israel nyinaa hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuro no, na kuro no mu wisie retu kɔ soro no, wɔsanee wɔn akyi bɛkunkumm Ai mmarima no. Na yeinom nso firii adi firii kuro no mu bɛhyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, yeinom wɔ ha, na yeinom nso wɔ ha; na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii sɛ wɔn mu anikanfoɔ anaa odwanefoɔ biara anka. Na Ai hene no, wɔkyeree no animono, na wɔde no brɛɛ Yosua. Na Israel wiee Aifoɔ nyinaa kum wɔ ɛserɛ so petee mu, faako a wɔbɛtii wɔn no, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano kɔsii sɛ wɔsaeɛ no, Israel nyinaa sane kɔɔ Ai de nkrantɛ ano kunkumm wɔn. Na nnipa a wɔtotɔɔ da no nyinaa, mmarima ne mmaa yɛ mpem dummienu, Aifoɔ nyinaa. Na Yosua antwe ne nsa a ɔde tenee ne pea no de kɔsii sɛ wɔsɛee Aifoɔ nyinaa pasapasa. Kuro no mu mmoa ne asadeɛ nko na Israel fom faeɛ, sɛ AWURADE asɛm a ɔde hyɛɛ Yosua no teɛ no. Na Yosua hyee Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo sie de bɛsi nnɛ yi. Na Ai hene no deɛ, ɔsɛnee no dua so kɔsii anwummerɛ; na owia kɔtɔeɛ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnkɔyi ne funu no mfiri dua no so, na wɔde no too kuro no pono ano, na wɔhɔree ne so aboɔsie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi. Ɛnna Yosua kɔsii afɔrebukyia maa AWURADE Israel Nyankopɔn Ebal bepɔ soɔ, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu no, afɔrebukyia a wɔde aboɔ amuamu a obi mmaa dadeɛ so wɔ so pɛn asie; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔkunkumm asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na aboɔ no so hɔ na ɔtwerɛɛ Mose mmara ntimu a ɔtwerɛɛ no Israelfoɔ anim no. Na Israel nyinaa ne wɔn mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne wɔn atemmufoɔ gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔhoɔ ne ɔman ba nyinaa. Wɔn mu fa wɔ Gerisim bepɔ ntentensoɔ, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔ ntentensoɔ, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ sɛ wɔnhyira ɔman Israel kane no. Na ɛno akyiri no, ɔkenkanee mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no, sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma no mu nyinaa. Deɛ Mose hyɛeɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan no Israel dwabɔ nyinaa ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhɔhoɔ a ɔnam wɔn mu no anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no, wɔbɛhyia boaa wɔn ano yɛɛ nokorɔ sɛ wɔne Yosua ne Israel rebɛko. Na Gibeonfoɔ tee deɛ Yosua yɛɛ Yeriko ne Ai no, wɔn deɛ, wɔdii no nyansam na wɔkɔpɛɛ akwansoduane, na wɔfaa mmɔtɔ adada de soasoaa wɔn mfunumu ne nsa nkotokuo adada a asunsuane na wɔapempam. Na wɔde mpaboa adada a wɔasesa kyekyeree wɔn nan, na wɔhyehyɛɛ ntadeɛ agoago, na wɔn kwan so paanoo nyinaa akyenkyen na abobɔ atuo. Na wɔsii mu baa Yosua nkyɛn nsraban mu wɔ Gilgal bɛka kyerɛɛ no ne Israel mmarima no sɛ: Akyirikyiri asase bi so na yɛfiri baeɛ, na afei mo ne yɛn nyɛ apam. Na Israel mmarima no ka kyerɛɛ Hewifoɔ no sɛ: Ebia yɛn mu na woteɛ; na ɛbɛyɛ dɛn na yɛne wo bɛyɛ apam? Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Wo nkoa ne yɛn. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwannom ne mo, na ɛhe na mofire? Na wɔse: AWURADE wo Nyankopɔn no din nti na wo nkoa firi akyirikyiri asase bi so aba, ɛfiri sɛ yɛate ne nka ne deɛ ɔyɛɛ no Misraim nyinaa ne deɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og a ɔtenaa Astarot no. Na yɛn mpanimfoɔ ne yɛn asase no sofoɔ nyinaa ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Momfa akwansoduane na monkɔ nkɔhyia wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Mo nkoa ne yɛn, na afei mo ne yɛn nyɛ apam. Yɛn paanoo nie, ɛda a yɛresim aba mo nkyɛn no, yɛfaa no hyehyeɛ de firii yɛn afie mu, sɛ yɛrebɛdi no ɔkwan so; na afei, monhwɛ, akyenkyen na abobɔ atuo. Na nsa nkotokuo yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforɔ no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware pii nti yɛn ntadeɛ ne yɛn mpaboa yi asusu. Na mmarima no faa wɔn akwansoduane no bi, na AWURADE anomu asɛm deɛ, wɔammisa. Na Yosua ne wɔn dii no asomdwoeɛ mu, na ɔne wɔn yɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔatena ase; na asafo no mu mmapɔmma kekaa wɔn ntam. Na wɔne wɔn yɛɛ apam no akyiri nnansa no, wɔtee sɛ wɔbɛn wɔn na wɔte wɔn mu. Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim. Na Israelfoɔ no anku wɔn, ɛfiri sɛ asafo no mu mmapɔmma akeka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn no ntam. Na asafo no nyinaa nwiinwii tiaa mmapɔmma no. Na mmapɔmma no nyinaa ka kyerɛɛ asafo no nyinaa sɛ: Yɛaka wɔn AWURADE Israel Nyankopɔn ntam, enti ɛnsɛ sɛ yɛka wɔn. Yei na yɛbɛyɛ wɔn, na yɛama wɔatena ase, na ntam a yɛkaa wɔn no nti, abufuo amma yɛn so. Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔntena ase, na wɔnyɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ mma asafo no nyinaa, sɛdeɛ mmapɔmma no ka kyerɛɛ wɔn no. Na Yosua frɛɛ wɔn bae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na modaadaa yɛn kaa sɛ: Yɛne mo ntam ware pa ara, nanso mote yɛn mu yi? Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ a wɔbɛyɛ adwuma ama ne Nyankopɔn fie no bɛfire daa. Na wɔbuaa Yosua sɛ: Ampa ara, wɔka kyerɛɛ wo nkoa sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Mose sɛ ɔmfa asase no nyinaa mma mo na ɔnsɛe asase no sofoɔ nyinaa mfiri mo anim no, na mo nti yɛsuroo yɛn nkwa ho papaapa, enti na yɛdii saa asɛm yi. Na afei, yɛn nie, yɛwɔ wo nsam, deɛ ɛyɛ na ɛtene w’ani soɔ a wobɛyɛ yɛn no, yɛ! Na ɔyɛɛ wɔn saa, na ɔyii wɔn firii Israelfoɔ nsam, na wɔanku wɔn. Na da no ara Yosua de wɔn yɛɛ nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ maa asafo no ne AWURADE afɔrebukyia no sɛ ɛntoa so mmɛsi nnɛ yi faako a ɔbɛyie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasapasa, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso, ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te sɛ ahennie nkuro no bi, na ɛso sene Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima. Na Yerusalemhene Adoni-sedek soma maa wɔkɔɔ Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir nkyɛn sɛ: Mommra me nkyɛn mmɛboa me, na yɛnkunkum Gibeon, ɛfiri sɛ wɔne Yosua ne Israelfoɔ no akɔdi asomdwoeɛsɛm. Na Amorifoɔ ahemfo baanum boaboaa wɔn ano bae, Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene, wɔne wɔn dɔm nyinaa, na wɔbɛkyeree Gibeon so nsraban sɛ wɔne wɔn rebɛko. Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn. Ɛnna Yosua firii Gilgal foro kɔeɛ, ɔno ne akofoɔ no nyinaa ne nnɔmmarima nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim. Na Yosua baa wɔn so mpofirim, ɔde anadwo mu no nyinaa na ɛforo firii Gilgal baeɛ. Na AWURADE tanee wɔn ani Israel anim, na wɔde okunkɛseɛ kunkumm wɔn wɔ Gibeon, na wɔtii wɔn Bet-horon aforoeɛ kwan no so, na wɔkunkumm wɔn de kɔsii Aseka ne Makeda. Na wɔredwane afiri Israel anim na wɔkɔduruu Bet-horon asianee mu no, AWURADE totoo aboɔ akɛseɛ firi soro guguu wɔn so de kɔduruu Aseka maa wɔwuwui, wɔn a asukɔtweaa no kunkumm wɔn no dɔɔso sene wɔn a Israelfoɔ no kunkumm wɔn nkrantɛ ano no. Ɛno mu na Yosua kasa kyerɛɛ AWURADE, da a AWURADE de Amorifoɔ maa Israel anim no, na ɔkaa no Israel anim sɛ: Owia, twɛn wɔ Gibeon, ne ɔsrane, wɔ Ayalon bonhwa mu. Na owia twɛnee, na ɔsrane gyinae de kɔsii sɛ ɛdɔm no tɔɔ wɔn atamfoɔ so were. Wɔntwerɛɛ yei Teefoɔ Nwoma no mu? Na owia gyinaa ɔsoro mfimfini, na ampɛ ntɛm ankɔtɔ bɛyɛ da mu. Na ɛda bi mmae sɛ ɛno, anim anaa akyire a AWURADE atie onipa nne, ɛfiri sɛ AWURADE ko maa Israel. Na Yosua sane ne Israel nyinaa baa Gilgal nsraban no mu. Na ahemfo baanum yi dwane kɔhuntaa Makeda ɔbodan no mu. Na wɔbɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yɛahunu ahemfo baanum no sɛ wɔahunta Makeda ɔbodan no mu. Na Yosua kaa sɛ: Monkɔmuni aboɔ akɛseɛ nhini ɔbodan no ano, na momfa mmarima nnyina ho mma wɔnwɛn wɔn. Na mo deɛ, monnnyina hɔ, monti mo atamfoɔ no, na monkum wɔn kyidɔm no; mommma wɔnnnuru wɔn nkuro mu, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa. Na Yosua ne Israelfoɔ no de okunkɛseɛ pa kunkum wɔn wieeɛ maa wɔsaeɛ no, na nnipa a wɔfirii mu no dwanedwane kɔhyɛnehyɛnee nkuro a wɔatoto ho afasuo mu, na ɔman no nyinaa sane baa nsraban no mu Yosua nkyɛn wɔ Makeda dwoodwoo. Obiara antwe ne tɛkyerɛma antia Israelfoɔ no. Na Yosua kaa sɛ: Mommue ɔbodan no ano, na monyi ahemfo baanum no mfiri ɔbodan no mu mmrɛ me. Na wɔyɛɛ saa, na wɔyiyii ahemfo baanum no firii ɔbodan no mu brɛɛ no: Yerusalem hene, Hebron hene, Yarmut hene, Lakis hene, Eglon hene. Na wɔde ahemfo yi firi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔsee mmarima akofoɔ a wɔne no kɔeɛ no asafohene no sɛ: Montwe mpini mfa mo nan mmɛsisi ahemfo yi kɔn so. Na wɔtwe pinii de wɔn nan bɛsisii wɔn kɔn so. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na mo akoma nntu, mo ho nyɛ den na monyɛ nnam. Na saa ara na AWURADE bɛyɛ mo atamfoɔ a mo ne wɔn ko no nyinaa. Na ɛno akyiri no, Yosua bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn, na ɔde wɔn sensɛnee nnua nnum so, na wɔsensɛnee nnua no so kɔsii anwummerɛ. Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe maa wɔyiyii wɔn firii nnua no so, na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhuntaa mu no mu, na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi ara. Na Yosua faa Makeda da no ara, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, ne emu hene nso; na ɔsɛee akra a wɔwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, na ɔyɛɛ Makeda hene sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no. Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Makeda kɔɔ Libna, na ɔne Libna kɔkoeɛ. Na AWURADE de ɛno nso hyɛɛ Israel nsa ne emu hene, na ɔde nkrantɛ ano kumm akra a wɔwɔ mu no nyinaa, wamma obiara anka wɔ mu, na ɔyɛɛ ne hene no sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no. Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Libna kɔɔ Lakis, na ɔkyeree so nsraban, na ɔne wɔn koe. Na AWURADE de Lakis hyɛɛ Israel nsa, na wɔfae, da a ɛtɔ so mmienu no, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne akra a wɔwɔ mu nyinaa, sɛdeɛ ɔyɛɛ Libna no ara. Ɛno mu no Geser hene Horam foro ba bɛboaa Lakis. Na Yosua kumm no ne ne man nyinaa de kɔsii sɛ wamma no anka no obiara. Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa twaa mu firii Lakis kɔɔ Eglon, na wɔkyeree so nsraban, na wɔne wɔn koe. Na wɔfae, da no ara, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne nnipa a ɛwɔ mu nyinaa; da no ara na ɔsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ ɔyɛɛ Lakis no ara. Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa foro firii Eglon kɔɔ Hebron, na ɔne wɔn koe. Na wɔfae de nkrantɛ ano kunkumm wɔn ne emu hene ne wɔn nkuro no nyinaa ne akra a ɛwɔ mu nyinaa. Wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Eglon no ara, na ɔsɛee ɛno ne akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa. Ɛnna Yosua ne Israel a wɔka ne ho nyinaa sane baa Debir ne no bɛkoeɛ. Na ɔfae, ne ne hene ne ne nkuro nyinaa, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa na ɔyɛɛ Debir ne ne hene. Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no. Na Yosua kunkumm wɔn firii Kades-barnea kɔduruu Gasa ne Gosen asase no nyinaa kɔduruu Gibeon. Na ahemfo yi nyinaa ne wɔn asase no Yosua faa no prɛko, ɛfiri sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ko maa Israel. Na Yosua ne Israel a wɔka ne ho no nyinaa sane baa Gilgal nsraban no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hasorhene Yabin teeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Madonhene Yobab ne Simronhene ne Aksafhene nkyɛn ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn. Na wɔn ne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa firi bae, nnipa pepeankoma a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara. Na ahemfo yi nyinaa bɛhyiae, na wɔba bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye. Ɛnna Yosua ne akofoɔ dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn soɔ mpofirim, Merom asuo no ano bɛtuaa wɔn. Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara. Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee. Na Yosua sanee berɛ no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrantɛ kumm ne hene. Na akane no na Hasor ne saa ahennie yi nyinaa ti. Na wɔde nkrantɛ ano kunkumm akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasapasa, wɔannya biribiara a ɛhome, na ɔde ogya hyee Hasor. Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no. Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ. Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu. Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no; ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn. Nna bebree na Yosua ne saa ahemfo yi koeɛ. Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ dii asomdwoeɛsɛm, gye Hewifoɔ a wɔte Gibeon no; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa. Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa. Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ. Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so, Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano, ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no; ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no. Na ɔdii hene Hermon bepɔ so ne Salka ne Basan nyinaa de kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so ne Gilead fa, Hesbon hene Sihon hyeɛ ho. AWURADE akoa Mose ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no maa wɔdii so. Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ, mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no): Yerikohene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene, Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene, Eglonhene, Geserhene, Debirhene, Gederhene, Hormahene, Aradhene, Libnahene, Adulamhene, Makedahene, Betelhene, Tapuahene, Heferhene, Afekhene, Lasaronhene, Madonhene, Hasorhene, Simron-meronhene, Aksafhene, Taanakhene, Megidohene, Kedeshene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene, Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ soɔ hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene, Tirsahene, — ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree. Asase a aka no nie: Filistifoɔ nsase nyinaa ne Gesur nyinaa. (Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam; Kanaanfoɔ asase no nyinaa ne Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no de kɔsi Afek kɔduru Amorifoɔ hyeɛ so; ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam; wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot- maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no. Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuo nkron ne Manase abusuakuo fa no agyapadeɛ. Manase fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ anya wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn Yordan agya apueeɛ no, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose de maa wɔn no, ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon, ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no nkuro no de kɔsi Amonfoɔ hyeɛ so, ne Gilead ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asase ne Hermon bepɔ nyinaa ne Basan nyinaa de kɔsi Salka; Og a ɔdii hene wɔ Astarot ne Edrei ahennie a ɛwɔ Basan no nyinaa, (ɔno na ɔkaa abrane akɛseɛ no nkaeɛ no mu); na Mose kumm wɔn na ɔtuu wɔn, nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ, na Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ no tenaa Israel mu de bɛsi nnɛ yi. Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no. Na Mose de maa Ruben mma abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa. Hesbon ne ne nkuro a ɛdeda asaseta soɔ no nyinaa. Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon ne Yahas ne Kedemot ne Mefaat ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, bonhwa no mu bepɔ so ne Bet-peor ne Pisga bepɔ ase ne Bet-yesimot, asaseta no nkuro no nyinaa; ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no ahennie nyinaa; ɔno na Mose kumm no ne Midian mmapɔmma, Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba, Sihon asafohene a wɔtenaa asase no soɔ no. Na Beor ba Bileam, nkɔmhyɛfoɔ no nso, Israelfoɔ de nkrantɛ kumm no fraa atɔfoɔ no mu. Na Ruben mma no hyeɛ ne Yordan ne ɛho hyeɛ. Yei ne Ruben mma no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa. Na Mose de maa Gad abusuakuo, Gadfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no, na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde firi Mahanaim de kɔsi Debir hyeɛ so; ne bonhwa no mu, Bet- haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbon hene Sihon ahennie no nkaeɛ, Yordan ne ɛho hyeɛ, de kɔsi Kineret po no awieeɛ, Yordan agya apueeɛ. Yei ne Gadfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa. Na Mose maa Manase abusuakuo fa no nso bi, na ɛyɛɛ Manase abusuakuo fa no deɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn hyeɛ firi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahennie nyinaa ne Yair nkuro a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkuro aduosia; ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahennie nkuro a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yei ne agyapadeɛ a Mose kyekyɛɛ wɔ Moab mpaperɛ soɔ, Yeriko, Yordan agya apueeɛ. Na Lewi abusuakuo no deɛ, Mose amma wɔn agyapadeɛ biara: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔno ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei ne Israel agyapadeɛ a wɔnyaa no Kanaan asase soɔ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu agyanom so atitire no kyekyɛ maa wɔn, wɔn agyapadeɛ a ɛnam ntontotwe soɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma mmusuakuo nkron ne fa no. Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no agyapadeɛ wɔ Yordan agya, na Lewifoɔ deɛ, wamma wɔn agyapadeɛ biara wɔ wɔn mu. Na Yosef mma yɛ mmusuakuo mmienu, Manase ne Efraim, na wɔamma Lewifoɔ no kyɛfa biara asase no so, gye nkuro a wɔbɛtena mu ne ɛho mmoa adidibea nsase ma wɔn mmoa ne wɔn nnoɔma. Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa na Israelfoɔ no yɛeɛ, na wɔkyɛɛ asase no mu. Na Yudafoɔ no baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal; na Kenesini Yefune ba Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ara wonim me ne wo ho asɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa Mose wɔ Kades-barnea. Medii mfirinhyia aduanan na AWURADE akoa Mose somaa me firi Kades-barnea sɛ menkɔsra asase no, na mesane mede emu asɛm mebrɛɛ no, sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu. Na me nuanom a wɔne me foro kɔeɛ no maa ɔman no akoma tui, na me deɛ, medii AWURADE me Nyankopɔn akyi mewiee. Na Mose kaa ntam da no ara sɛ: Asase a wo nan tiaa soɔ no bɛyɛ wo ne wo mma agyapadeɛ daa, ɛfiri sɛ woadi AWURADE me Nyankopɔn akyi awie. Na afei hwɛ, AWURADE ama matena ase sɛdeɛ ɔkaeɛ no, mfirinhyia aduanan nnum yi, ɛfiri berɛ a AWURADE kaa asɛm yi kyerɛɛ Mose berɛ a na Israel nam serɛ soɔ no. Na afei, hwɛ, ɛnnɛ madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnum. Meda so mewɔ ahoɔden nnɛ yi ara, sɛ deɛ na meteɛ da a Mose somaa me no; sɛdeɛ m’ahoɔden teɛ da no, saa ara na ɛteɛ nnɛ ma ɔko ne adifire ne emuba. Na afei, fa bepɔ yi a AWURADE kaa ho asɛm da no no ma me, ɛfiri sɛ da no ara wotee sɛ Anakfoɔ ne nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo wɔ hɔ. Ebia AWURADE bɛdi m’akyi na matu wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Na Yosua hyiraa no, na ɔde Hebron maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ. Ɛno nti na Hebron yɛɛ Kenesini Yefune ba Kaleb agyapadeɛ de bɛsi nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɔdii AWURADE Israel Nyankopɔn no akyi yie. Nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba. Arba yi ne Anakfoɔ mu nipa kɛseɛ koraa. Na asase no so dwo firii akodie mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yuda mma abusuakuo ntonto no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛtɔɔ Edom hyeɛ ho kɔduruu Sin serɛ so, wɔ anafoɔ fam asase a ɛyɛ anafoɔ hyeɛ no awieeɛ so. Na wɔn anafoɔ fam hyeɛ no firi Nkyene Po awieeɛ no ho dɔnnɔn a ɛbu fa anafoɔ fam no ano. Na ɛnam Akrabim aforoeɛ anafoɔ fam sene kɔ Sin, na ɛforo kɔ anafoɔ fam wɔ Kades-barnea, na ɛtwam kɔ Hesron, na ɛforo kɔ Adar, na ɛpono kɔ Karka. Na ɛtwam kɔ Asmon, na ɛkɔpue Misraim subonhwa no ano, na ɛkɔpem mpoano. Yei nyɛ mo anafoɔ fam hyeɛ. Na apueeɛ hyeɛ ne Nkyene Po no de bɛsi Yordan awieeɛ. Na atifi fam hyeɛ no firi Nkyene Po ho dɔnnɔn a ɛwɔ Yordan awieeɛ no ho. Na ɛhyeɛ no foro Bet-hogla, na ɛsene fa Bet-araba atifi fam, na ɛhyeɛ no foro kɔsi Ruben ba Bohan boɔ no ho. Na ɛhyeɛ no firi Akor bonhwa no mu foro kɔ Debir, na ɛdane kɔ atifi fam kyerɛ Gilgal a ɛda Adumim aforoeɛ a ɛwɔ subonhwa no anafoɔ fam ntentensoɔ no. Na ɛhyeɛ no twam fa En-semes nsuo no ano, na ɛkɔpem En-rogel. Na ɛhyeɛ no foro fa Hinom ba bonhwa no mu, Yebusifoɔ nkyɛn mu anafoɔ fam, (ɛne Yerusalem); na ɛhyeɛ no foro kɔ bepɔ a ɛwɔ Hinom bonhwa no ntentensoɔ wɔ atɔeɛ wɔ Refaim bonhwa no atifi fam awieeɛ no atifi. Na ɛhyeɛ no hima firi bepɔ no mpampam kɔ Neftoa asutire no ho, na ɛfiri hɔ kɔ Efron bepɔ so nkuro ho, na ɛhyeɛ no hima kɔ Baala (a ɛne Kiriat-yearim). Na ɛhyeɛ no konton firi Baala kɔ atɔeɛ, Seir bepɔ ho, na ɛsene kɔ Har-yearim, (ɛne Kesalon), nkyɛn mu wɔ atifi fam; na ɛsiane kɔ Bet-semes, na ɛsene kɔ Timna; na ɛhyeɛ no pue kɔ Ekron nkyɛn mu atifi fam na ɛhima kɔ Sikron, na ɛtwam kɔ Baala bepɔ no so, na ɛpue kɔ Yabneel; na ɛhyeɛ no kɔpem ɛpo no ano. Na atɔeɛ hyeɛ no ne ɛpo kɛseɛ no ne ɛho hyeɛ. Yeinom ne Yudafoɔ no hyeɛ a atwa ahyia sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na Yefune ba Kaleb deɛ, ɔmaa no kyɛfa, Yudafoɔ no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no: (Anak agya Arba) kuro a ɛne Hebron. Na Kaleb tuu Anak mma baasa no firii hɔ, Sesai ne Ahiman ne Talmai, Anak asefoɔ. Na ɔfiri hɔ foro kɔɔ Debirfoɔ ho; nso akane no na Debir din ne Kiriat- sefer. Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware. Ɛnna Kaleb nua Kenas ba Otniel kɔfaeɛ, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ. Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi; na ɔbaa no firi n’afunumu so sii fam; na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na anafoɔ asase na wode ama me nti, ma me mmasuo nso. Na ɔmaa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo. Yei ne Yuda mma abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na Yudafoɔ abusuakuo no nkuro a ɛdeda anafoɔ fam pɛɛ de rekɔ Edom hyeɛ soɔ ne: Kabseel ne Eder ne Yagur, ne Kina ne Dimona ne Adada ne Kedes ne Hasor ne Itnan, Sif ne Telem ne Bealot, ne Hasor-hadata ne Keriot-hesron, (ɛne Hasor), Amam ne Sema ne Molada ne Hasar-gada ne Hesmon ne Bet-pelet, ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkuraa, Baala ne Iyim ne Esem, ne Eltolad ne Kesil ne Horma, ne Siklag ne Madmana ne Sansana, ne Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon: Ne nyinaa yɛ nkuro aduonu nkron ne ɛho nkuraa. Ɛpo ho mpaperɛ so deɛ ne: Estaol ne Sora ne Asna, ne Sanoa ne En- ganim, Tapua ne Enam, Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, ne Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Senan ne Hadasa ne Migdal-gad ne Dilean ne Mispe ne Yokteel, Lakis ne Boskat ne Eglon, ne Kabon ne Lahmam ne Kitlis, ne Gederot, Bet-dagon ne Naama ne Makeda: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa. Libna ne Eter ne Asan, ne Yifta ne Asna ne Nesib ne Keila ne Aksib ne Maresa: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa. Ekron ne ɛho nkuro ne nkuraa, ɛfiri Ekron de kɔsi ɛpo fam deɛ ɛwɔ Asdod nkyɛn mu nyinaa ne ɛho nkuraa. Asdod, ɛho nkuro ne nkuraa, Gasa, ɛho nkuro ne nkuraa de kɔsi Misraim subonhwa no ano, ne Ɛpo Kɛseɛ ne ɛho hyeɛ. Na mmepɔ so deɛ ne: Samir ne Yatir ne Soko, ne Dana ne Kiriat-sana (a ɛne Debir), ne Anab ne Estemo ne Anim, ne Gosen ne Holon ne Gilo: Nkuro dubaako ne ɛho nkuraa. Arab ne Duma ne Esan, ne Yanum ne Bet-tapua ne Afeka ne Humta ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron), ne Sior: Nkuro nkron ne ɛho nkuraa. Maon, Karmel ne Sif ne Yuta, ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, Kain, Gibea ne Timna: Nkuro du ne ɛho nkuraa. Halhul, Bet-sur ne Gedor, ne Maarat ne Bet-anot ne Eltekon: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa. Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), ne Raba: Nkuro mmienu ne ɛho nkuraa. Ɛserɛ so deɛ ne: Bet-araba, Midin ne Sekaka ne Nibsan ne Nkyene Kuro no ne En-gedi: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa. Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Yudafoɔ no antumi antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Yudafoɔ no tenaa Yerusalem de bɛduru nnɛ yi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na deɛ ntonto no yi maa Yosef mma no firi Yeriko Yordan ano, Yeriko asuo apueeɛ, ɛserɛ a ɛfiri Yeriko kɔ Betel bepɔ soɔ no; na ɛfiri Betel de kɔ Lus, na ɛtwam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot, na ɛsiane kɔ atɔeɛ, Yafletifoɔ hyeɛ ho de kɔsi anafoɔ Bet-horon hyeɛ so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano. Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapadeɛ. Na Efraimfoɔ no hyeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne Atarot-adar apueeɛ de kɔsi atifi wɔ Bet-horon; na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ wɔ Mikmetat, atifi fam, na ɛkonton kɔ apueeɛ wɔ Taanat-silo, na ɛsiane ho kɔ Yanoa apueeɛ, na ɛfiri Yanoa siane kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano. Ɛhyeɛ no firi Tapua kɔ atɔeɛ kɔsi Kana subonhwa mu, na ɛkɔpem mpoano. Yei ne Efraimfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; ne nkuro a wɔyiyi maa Efraimfoɔ wɔ Manasefoɔ agyapadeɛ mu no, nkuro no nyinaa ne ɛho nkuraa. Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima. Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmammaa na ɔwɔ. Na yeinom ne ne mma mmaa no din, Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. Na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkaa sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anomu asɛm no so maa wɔn agyapadeɛ wɔn agya nuanom no mu. Na Manase nkyekyɛmu a ɔnyaeɛ no yɛ du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no. Na Manase mmammaa no nyaa agyapadeɛ wɔ ne mmammarimanom no mu, na Gilead asase no yɛɛ Manase mma nkaeɛ no deɛ. Na Manase hyeɛ no firi Aser kɔ Mikmetat a ɛda Sekem apueeɛ no, na ɛhyeɛ no kɔ anafoɔ fam, En-tapuafoɔ no ho. Tapua asase yɛɛ Manase deɛ, na Tapua kuro a ɛwɔ Manase hyeɛ soɔ no yɛ Efraimfoɔ no deɛ. Na ɛhyeɛ no siane kɔ Kana subonhwa no ho, subonhwa no anafoɔ fam. Ɛhɔ nkuro a ɛyɛ Manase nkuro no yɛɛ Efraim deɛ. Na Manase hyeɛ no wɔ subonhwa no atifi fam, na ano kɔka mpoano. Anafoɔ fam no yɛɛ Efraim deɛ, na atifi fam deɛ yɛɛ Manase deɛ, na ɛpo no ne ɛhyeɛ. Na wɔne Aser bɔɔ hyeɛ atifi fam, na wɔne Isakar bɔɔ no apueeɛ. Na nkuro a Manase nyaa no Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkuro ne Yibleam ne ɛho nkuro ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkuro ne En-dorfoɔ ne ɛho nkuro ne Taanakfoɔ ne ɛho nkuro ne Megidofoɔ ne ɛho nkuro, nkokoɔ mmiɛnsa so amantoɔ no. Nanso Manasefoɔ antumi antu nkuro no mufoɔ, na Kanaanfoɔ no pɛɛ asase no so tena. Na Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn. Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnam deɛn so na woma me agyapadeɛ ntonto baako ne susuhoma baako? Na me deɛ, meyɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira me de abɛduru sɛsɛɛ. Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, foro kɔ kwaeɛ no mu kɔbu hɔ fa, Perisifoɔ ne abrane no asase so, ɛfiri sɛ wonsene Efraim mmepɔ so. Na Yosef mma no kaa sɛ: Bepɔ no nso yɛn, nso Kanaanfoɔ a wɔte mpaperɛ mu hɔ nyinaa wɔ dadeɛ nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkuro mu ne wɔn a wɔte Yesreel bonhwa no mu nyinaa. Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛseɛ ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛseɛ, ɛnyɛ ntonto baako pɛ na wobɛnya, na mmom bepɔ no nyɛ wo deɛ; ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, kɔsi deɛ ano bɛka. Na Kanaanfoɔ no, sɛ wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ mpo a, wobɛtu wɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim. Na aka Israelfoɔ no mu wɔn a wɔnkyɛɛ agyapadeɛ mmaa wɔn no, mmusuakuo nson. Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no? Montu abusuakuo biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkɔkyini asase no so, na wɔntwerɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn. Na monkyekyɛ mu nkyekyɛmu nson. Yuda nnyina ne hyeɛ so anafoɔ fam, na Yosef fie nnyina wɔn hyeɛ so atifi fam. Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha. Na Lewifoɔ rennya mo mu kyɛfa, ɛfiri sɛ AWURADE asɔfodie no ne wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn agyapadeɛ, Yordan agya apueeɛ a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no. Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo. Na mmarima no sii mu kɔ kɔfaa asase no so, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ nkuro no teteɛ nkyekyɛmu nson de hyɛɛ nwoma bi mu, na wɔsane baa Yosua nkyɛn Silo nsraban mu. Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ. Na Benyaminfoɔ abusuakuo ntonto bae sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn ntonto no hyeɛ firi Yuda mma ne Yosef mma ntam. Na wɔn atifi fam hyeɛ firi Yordan; na ɛhyeɛ no foro fa Yeriko nkyɛn mu atifi fam, na ɛforo kɔ bepɔ no so kɔ atɔeɛ, na ano kɔduru Bet-awen serɛ so. Na ɛhyeɛ no firi hɔ sene fa anafoɔ fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel no nkyɛn mu, na ɛhyeɛ no siane kɔ Atarot-adar, bepɔ a ɛda anafoɔ Bet-horon anafoɔ fam no so. Na ɛhyeɛ no hima na ɛkonton kɔ atɔeɛ fam fa bepɔ a ɛda Bet-horon ntentensoɔ anafoɔ fam no anafoɔ fam, na ano kɔduru Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), Yuda mma kuro bi. Atɔeɛ fam deɛ ne no. Na anafoɔ fam deɛ firi Kiriat-yearim kurotia, na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ, na ɛkɔ Neftoa asutire ho. Na ɛhyeɛ no siane kɔ bepɔ a ɛda Hinom ba bonhwa anim a ɛwɔ Refaim bonhwa mu atifi fam no ano nohoa, na ɛsiane Hinom bonhwa no kɔ Yebusifoɔ anafoɔ fam nkyɛn mu, na ɛsiane kɔ En-rogel ho. Na ɛhima kɔ atifi fam, na ɛfiri hɔ kɔ En-semes, na ɛfiri hɔ kɔ Gelilot a ɛda Adumim aforoeɛ no ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Ruben ba Bohan boɔ no ho. Na ɛtwam fa atifi fam nkyɛn mu Araba ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Araba. Na ɛhyeɛ no twam kɔ Bet-hogla atifi fam nkyɛn mu, na ano kɔduru Nkyene Po atifi fam dɔnnɔn no ho, Yordan anafoɔ fam awieeɛ. Yei ne anafoɔ fam hyeɛ. Na Yordan ne n’apueeɛ fam hyeɛ. Yei ne Benyaminfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ teteɛ de hyia, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na Benyaminfoɔ abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no nkuro nie: Yeriko ne Bet-hogla ne Emek-kesis, ne Bet-araba ne Semaraim ne Betel, ne Awim ne Para ne Ofra, ne Kefar-amonai ne Ofni ne Geba: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa. Gibeon ne Rama ne Beerot, ne Mispe ne Kefira ne Mosa, ne Rekem ne Yirpeel ne Tarala, ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ntonto a ɛtɔ so mmienu no ba maa Simeon, Simeonfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn agyapadeɛ da Yuda mma agyapadeɛ ntam. Na deɛ wɔnyaa no wɔn agyapadeɛ mu ne Beer-seba, Seba, Molada, Hasar-sual, Bala, Asem, Eltolad, Betul, Horma, Siklag, Bet-markabot, Hasar-susa, Bet-lebaot ne Saruhen: Nkuro dummiɛnsa ne ɛho nkuraa. Ain, Rimon, Eter ne Asan: Nkuro nnan ne ɛho nkuraa; ne nkuraa a ɛdeda nkuro yi ho hyia de kɔsi Baalat-beer nyinaa, Ramat a ɛda Negeb. Yei ne Simeon mma abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yudafoɔ kyɛfa no bi na ɛyɛɛ Simeonfoɔ agyapadeɛ, ɛfiri sɛ Yudafoɔ kyɛfa no boroo wɔn so, enti Simeonfoɔ nyaa agyapadeɛ wɔn agyapadeɛ no mu. Na tonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no ba maa Sebulon sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ kɔduruu Sarid. Na wɔn hyeɛ no foro kɔ atɔeɛ wɔ Marala, na ɛkɔpem Dabeset, na ɛkɔpem subonhwa a ɛwɔ Yokneam apueeɛ fam no ano. Na ɛsane firi Sarid kɔ anim owiapueeɛ de kɔ Kislot-tabor hyeɛ so na ɛfiri adi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia. Na ɛfiri hɔ twam kɔ apueeɛ de kɔ Gat- hefer, Et-kasin, na ɛfiri Rimon a ɛhima de kɔ Nea. Na ɛhyeɛ no konton kɔ atifi fam de kɔ Hanaton, na ano kɔduru Yifta-el bonhwa no mu; ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa. Yei ne Sebulon mma agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. Ntonto a ɛtɔ so nnan no ba maa Isakar, Isakarfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn hyeɛ kɔɔ Yesreel, Kesulot, Sunem, Hafraim, Sihon, Anaharat, Rabit, Kision, Abes, Remet, En-ganim, En-hada ne Bet-pases. Na ɛhyeɛ no kɔpem Tabor, Sahasima ne Bet-semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔduru Yordan ano: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa. Yei ne Isakarfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. Na ntonto a ɛtɔ so nnum no ba maa Aserfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn hyeɛ ne Helkat, Hali, Beten, Aksaf, Alamelek, Amad, ne Misal na ɛkɔpem Karmel wɔ atɔeɛ, ne Sihor-libnat. Na ɛsane kɔ owiapueeɛ de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bonhwa mu, Bet-emek ne Neiel atifi fam, na ɛfiri adi kɔ Kabul atifi fam, Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana de kɔsi Sidon Kɛseɛ. Na ɛhyeɛ no dane kɔ Rama kɔduru kuro denden Tiro, na ɛhyeɛ no dane kɔ Hosa, na ano kɔpem ɛpo no Aksib fam, ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkuro aduonu mmienu ne ɛho nkuraa. Ɛno ne Aserfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. Naftalifoɔ na ntonto a ɛtɔ so nsia no ba maa wɔn, Naftalifoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn hyeɛ firi Helef, Saananim dupɔn no ho ne Adami-nekeb ne Yabneel de kɔ Lakum, na ano kɔpem Yordan. Na ɛhyeɛ no dane kɔ atɔeɛ wɔ Asnot-tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon anafoɔ fam, ne Aser wɔ atɔeɛ, ne Yuda wɔ apueeɛ, Yordan ano. Na nkuro a wɔatoto ho afasuo nie: Sidim, Ser, Hamat, Rakat, Kineret, Adama, Rama, Hasor, Kedes, Edrei, En-hasor, Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-anat ne Bet- semes: Nkuro dunkron ne ɛho nkuraa. Yei ne Naftalifoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. Dan mma abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ na ntonto a ɛtɔ so nson no ba maa wɔn. Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne: Sora, Estaol, Ir-semes, Saalabin, Ayalon, Yitla, Elon, Timna, Ekron, Elteke, Gibeton, Baalat, Yehud, Bene-berak, Gat-rimon, Me-yarkon, Rakon, ɛne Yafo anim hyeɛ no. Na Danfoɔ firii hɔ kɔnyaa ɛhyeɛ foforɔ bi, ɛfiri sɛ Danfoɔ no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrantɛ ano sɛee no, na wɔdii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan din teɛ. Ɛno ne Danfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. Na wɔwiee asase no mu kyɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ no teɛ no, Israelfoɔ maa Nun ba Yosua agyapadeɛ wɔ wɔn mu, AWURADE anomu asɛm so na wɔmaa no kuro a ɔbisaeɛ no, ɛne Timnat-sera a ɛda Efraim bepɔ soɔ, na ɔkyekyeree kuro no tenaa mu. Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Monyi dwanekɔbea nkuro a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no, na onipakumfoɔ a ɔbɛkum obi nsapa mu anaa wammoapa no nnwane nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo dwanekɔbea mfiri mogya ho werefoɔ nsam. Na deɛ ɔdwane kɔ saa nkuro yi bi mu no nnyina kuro no pono ano, na ɔnka ne nsɛm ngu kuro no mu mpanimfoɔ aso mu, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kuro no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena. Na sɛ mogya ho werefoɔ no ti no ba a, wɔmmfa onipakumfoɔ no nnhyɛ ne nsa, ɛfiri sɛ na ɔnnim na ɔbɔɔ ne yɔnko no, nanso berɛ a atwam no na ɔntane no. Na ɔntena kuro no mu nkɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a ɔwɔ so saa berɛ no bɛwuo; ɛno ansa na onipakumfoɔ no nsane nkɔ ne kurom ne ne fie, na ɔnkɔ kuro a ɔfiri mu dwaneeɛ no mu. Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so. Na Yordan agya, Yeriko apueeɛ nso wɔyii Beser, ɛserɛ so asaseta so de firii Ruben abusuakuo mu, na Ramot wɔ Gilead de firii Gad abusuakuo mu, ne Golan wɔ Basan de firii Manase abusuakuo mu mae. Yeinom ne nkuro a wɔyiyi totoo hɔ maa Israelfoɔ nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a ɔkum ɔkra bi nsapa mu no nnwane nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefoɔ nsam de kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Lewifoɔ agyanom atitire baa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom atitire nkyɛn, na wɔka kyerɛɛ wɔn Silo, Kanaan asase so sɛ: AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma yɛn nkuro ntena mu ne ɛho mmoa adidibea nsase mma yɛn mmoa. Na Israelfoɔ nam AWURADE anomu asɛm so de wɔn agyapadeɛ mu nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ. Na ntonto no ba maa Kohatfoɔ mmusua, na Ɔsɔfoɔ Aaron mma a wɔfiri Lewifoɔ mu no nam tonto so nyaa Yuda abusuakuo ne Simeon abusuakuo ne Benyamin abusuakuo mu nkuro dummiɛnsa. Na Kohatfoɔ a wɔkaeɛ no nam ntonto so nyaa Efraim abusuakuo mmusua ne Dan abusuakuo ne Manase abusuakuo fa no mu nkuro du. Na Gersonfoɔ no nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuo mmusua ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa. Merari mma sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔnyaa Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo mu nkuro dummienu. Na Israelfoɔ no nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose nsa so hyɛeɛ no. Na wɔde Yudafoɔ abusuakuo ne Simeonfoɔ abusuakuo mu nkuro a wɔbɛbobɔ din yi mae. Na ɛba maa Aaron mma a wɔfiri Kohatfoɔ mmusua mu, Lewifoɔ no mu no, ɛfiri sɛ wɔn deɛ ne ntonto a ɛdi kan no. Na wɔde Kiriat-arba, (Anak agya Arba) ne kuro a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia no maa wɔn. Na kuro no ho mfofowa ne nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb agyapadeɛ. Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Hebron ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn ne Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Yatir ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Estemoa ne ɛho asase, ne Holon ne ɛho asase ne Debir ne ɛho asase, ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuo mmienu yi mu nkuro nkron. Na Benyamin abusuakuo mu deɛ, wɔde Gibeon ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Geba ne ɛho asase, ne Anatot ne ɛho asase, ne Almon ne ɛho asase mae: Nkuro nnan. Aaron mma asɔfoɔ no nkuro nyinaa yɛ nkuro dummiɛnsa ne ɛho mmoa adidibea nsase. Na Kehat mma Lewifoɔ no, Kehat mma nkaeɛ no mmusua no, wɔn ntonto nkuro firii Efraim abusuakuo mu. Wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Sekem ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn, Efraim bepɔ so, ne Geser ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Kibsaim ne ɛho asase ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkuro nnan; ne Dan abusuakuo mu Elteke ne ɛho mmoa adidibea nsase, Gibeton ne ɛho asase, Ayalon ne ɛho asase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkuro nnan; ne Manase abusuakuo fa no mu, Taanak ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkuro mmienu. Nkuro a ɛyɛɛ Kehat mma nkaeɛ no mmusua no deɛ nyinaa yɛ nkuro du ne ɛho mmoa adidibea nsase. Na Gerson mma a wɔfiri Lewifoɔ mmusua no mu no, wɔmaa wɔn Manase abusuakuo fa no mu nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Golan wɔ Basan ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Beestra ne ɛho asase: Nkuro mmienu; ne Isakar abusuakuo mu, Kision ne ɛho mmoa adidibea nsase, Daberat ne ɛho asase, Yarmut ne ɛho asase, En-ganim ne ɛho asase: Nkuro nnan, ne Aser abusuakuo mu: Misal ne ɛho mmoa adidibea nsase, Abdon ne ɛho asase, Helkat ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase: Nkuro nnan; ne Naftali abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkuro mmiɛnsa. Gersonfoɔ nkuro nyinaa, sɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛyɛ nkuro dummiɛnsa ne ɛho mmoa adidibea nsase. Merari mma, Lewifoɔ nkaeɛ no mmusua no, wɔmaa wɔn Sebulon abusuakuo mu: Yokneam ne ɛho mmoa adidibea nsase, Karta ne ɛho asase, Dimna ne ɛho asase, ne Nahalal ne ɛho asase: Nkuro nnan; ne Ruben abusuakuo mu: Beser ne ɛho mmoa adidibea nsase, Yahas ne ɛho asase, Kedemot ne ɛho asase, Mefaat ne ɛho asase: Nkuro nnan; ne Gad abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mmoa adidibea nsase, Mahanaim ne ɛho asase, Hesbon ne ɛho asase, Yaser ne ɛho asase: Nkuro nnan. Merari mma mmusua ahodoɔ a wɔaka Lewifoɔ mmusua mu no nkuro nyinaa, wɔn ntonto deɛ ne nkuro dummienu. Lewifoɔ nkuro a wɔnyaa no Israelfoɔ agyapadeɛ mu no nyinaa yɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ɛho mmoa adidibea nsase. Nkuro yi mu biara wɔ mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia, saa na ɛteɛ nkuro yi nyinaa ho. Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn nananom no nyinaa maa Israel, na wɔdii so tenaa so. Na AWURADE maa wɔn asomdwoeɛ hyiae, sɛdeɛ ɔkaa wɔn nananom ntam no ara, na wɔn atamfoɔ nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfoɔ no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa. Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fie no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Yosua frɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo deɛ, moadi deɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no nyinaa so, na moatie me nne, deɛ mehyɛɛ mo no nyinaa mu. Moannya mo nuanom nna dodoɔ yi de abɛduru nnɛ da yi, na moahwɛ AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm no adi so. Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsane na monkɔ mo ntomadan mu, mo agyapadeɛ asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so. Na mo ho yie nko na monhwɛ, na monni ahyɛdeɛ ne mmara a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no so, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn, na monnante n’akwan nyinaa so, na mommu ne mmara nsɛm, na momfam ne ho na monsom no mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu. Na Yosua hyiraa wɔn, na ɔgyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Manase abusuakuo fa no, Mose de wɔn deɛ maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn deɛ maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔeɛ fam. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntomadan mu no, ɔhyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nnoɔma bebree nsane nkɔ mo ntomadan mu, mmoa bebree pa ara ne dwetɛ ne sika ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne ntoma pii pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfoɔ asadeɛ no mu. Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no firii Israelfoɔ no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ sane wɔn akyiri sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodie asase a wɔnam AWURADE ahyɛdeɛ a ɛnam Mose soɔ no so de maa wɔn no. Na wɔduruu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia hɔ wɔ Yordan ano, afɔrebukyia a wohwɛ a, ɛso. Na Israelfoɔ no tee sɛ wɔse: Hwɛ, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no asi afɔrebukyia wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no so. Na Israelfoɔ no teeɛ no, wɔboaboaa Israelfoɔ asafo no nyinaa ano, Silo, sɛ wɔretu wɔn so sa. Na Israelfoɔ no somaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas maa no kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa nkyɛn Gilead asase so, na wɔde mmapɔmma du kaa ne ho, Israel mmusuakuo no mu biara mu bapɔmma baako; na wɔn mu biara yɛ ne mpanimfie ti, Israel mpempem no mu. Na wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasaa sɛ: Sɛ AWURADE asafo no nyinaa seɛ nie: Fom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadane mo ho afiri AWURADE akyire, na moasi afɔrebukyia afa, na moate AWURADE anim atua nnɛ yi! Peor mfomsoɔ a yɛnnya nnwiraa yɛn ho mfirii mu de bɛsi nnɛ yi na ɔhaw baa AWURADE asafo soɔ no nnɔɔso mma yɛn? Na mo deɛ, nnɛ moresane afiri AWURADE akyi? Na morete AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa. Nanso sɛ mo sodie asase no ho agu fi a, ɛnneɛ montwa mmra AWURADE sodie asase a AWURADE tenabea si soɔ no so na mommɛfa asase nni so wɔ yɛn mu; na AWURADE anim atua na monnteɛ, na yɛn anim atua nso monnte, mo afɔrebukyia a mosi kaa AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no ho mu. Ɛnyɛ Sera ba Akan na ɔfom ahyiradeɛ no mu, na abufuo baa Israel asafo no nyinaa soɔ? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛeeɛ, ne mfomsoɔ no mu. Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no gyee so ka kyerɛɛ Israel mpempem mu atitire no sɛ: Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, ɔno na ɔnim, na Israel nso nhunu, yɛyɛɛ no atuateɛ mu anaa AWURADE fom mu na yɛyɛeɛ a, nnye yɛn nkwa nnɛ! Sɛ yɛsii afɔrebukyia sɛ yɛresane afiri AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ a, ɛnneɛ AWURADE mmɛbisa. Na ɛyɛ suro ne asɛm bi nti na yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ yɛse: Ɔkyena bi mo mma bɛka akyerɛ yɛn mma sɛ: Ɛdeɛn na mo ne AWURADE Israel Nyankopɔn no wɔ yɛ? Na ɛhyeɛ na AWURADE de Yordan yɛɛ no yɛn ne mo Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ntam, monni kyɛfa biara wɔ AWURADE mu; na mo mma bɛma yɛn mma agyae AWURADE suro. Enti na yɛkaa sɛ: Momma yɛnsi afɔrebukyia mfa, ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɛnyɛ okum afɔdeɛ nti, na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba yɛn akyire no ntam adanseɛ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔdeɛ ne yɛn kum afɔdeɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛsom AWURADE som no n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Monni AWURADE mu kyɛfa bi! Na yɛkaa sɛ: Na ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka kyerɛ yɛn anaa yɛn awoɔ ntoatoasoɔ saa a, yɛbɛka sɛ: Monhwɛ AWURADE afɔrebukyia no nsɛsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ, ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ nti, nanso ɛnyɛ okum afɔdeɛ nti, ɛfiri sɛ ɛne yɛn ne mo ntam danseni. Yei mpare yɛn sɛ yɛbɛte AWURADE anim atua, na yɛadane yɛn ho nnɛ afiri AWURADE akyi, na yɛasi afɔrebukyia abɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ aka AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia a ɛwɔ ne tenabea anim no ho. Na Ɔsɔfoɔ Pinehas ne asafo no mmapɔmma ne Israel mpempem atitire a wɔka ne ho no tee nsɛm a Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no kaeɛ no, na ɛsɔɔ wɔn ani. Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahunu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa fom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfoɔ no AWURADE nsam. Ɛnna Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas ne mmapɔmma no sane wɔn akyiri firii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no nkyɛn, Gilead asase soɔ, baa Kanaan asase so Israelfoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbɔɔ wɔn amanneɛ. Na asɛm no sɔɔ Israelfoɔ no ani, na wɔhyiraa Israelfoɔ Nyankopɔn no; na wɔanka bio sɛ wɔretu wɔn so sa akɔsɛe asase a Rubenfoɔ ne Gadfoɔ te soɔ no. Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no too afɔrebukyia no din: Adanseɛ, ɛfiri sɛ wɔse: Ɛyɛ yɛn ntam danseni sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no, Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, mabɔ akora, na madi nna pii. Na mo nso moahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi, mo anim; na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo. Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa aguo no nyinaa mu ama mo, sɛ mo mmusuakuo nni so; ɛfiri Yordan ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ho awia tɔbea. Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛsunsum wɔn afiri mo anim na ɔbɛtu wɔn afiri mo anim sɛ monni wɔn asase so, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no. Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma mu no nyinaa, na moammane amfiri ho ankɔ nifa anaa benkum, na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn, na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛdeɛ moayɛ de abɛduru nnɛ yi. Na AWURADE atu amanaman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim, na mo deɛ, obi ntumi nnyinaa mo anim de abɛduru nnɛ. Mo mu baako bɛpamo nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no. Enti monhwɛ mo ho yie, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn. Na sɛ mosane mo akyiri de mo ho kɔbata amanaman yi nkaeɛ a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayewareɛ na mokɔ wɔn mu na wɔba mo mu a, ɛnneɛ monhunu sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfiri mo anim bio, na wɔbɛdanedane mo afidie ne kantankoraa ne mpire, mo mfem, ne nkasɛɛ, mo aniwa mu, akɔsi sɛ mobɛsɛe afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ. Na hwɛ, me deɛ, ɛnnɛ merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan; na monhunu mo akoma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ asɛm baako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa no wɔ mo ho no nyinaa mu, ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm baako mpo antɔ fam. Na sɛdeɛ asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo soɔ no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ. Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Asuogya na mo agyanom, Abraham agya ne Nahor agya Tera tenaeɛ firi teteete, na wɔsom anyame foforɔ. Na mefaa mo agya Abraham firii asuogya, na memaa no nantee Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefoɔ dɔree, na memaa no Isak. Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔ memaa Esau sɛ ɔnni so; na Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim. Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaa Misraim, sɛdeɛ meyɛɛ no wɔ mu no, na akyire yi no meyii mo firii hɔ. Na meyii mo agyanom firii Misraim no, mobaa ɛpo no ano; na Misraimfoɔ de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ tii mo agyanom baa Mmɛwa Po no ho; na wɔsu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo ani hunuu deɛ meyɛɛ Misraim, na motenaa ɛserɛ so nna pii. Na mede mo baa Amorifoɔ a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koe, na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa, na modii wɔn asase no so, na mesɛee wɔn firii mo anim. Ɛnna Moabhene Sipor ba Balak sɔre bɛnee Israel koeɛ, na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Beor ba Bileam sɛ ɔmmɛdome mo; na mampene sɛ mɛtie Bileam, na nhyira na ɔhyiraa mo, na meyii mo ne nsam. Na motwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofoɔ ne mo koe ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa. Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim maa wɔpamoo wɔn firii mo anim, Amorifoɔ ahemfo baanu no, ɛnyɛ wo nkrantɛ so na ɛnyɛ wo tadua soɔ. Na memaa mo asase a woammrɛ ho ne nkuro a woankyekyerɛ, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛ na modie yi. Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE. Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE. Na ɔman no gyee so sɛ: Yei mpare yɛn sɛ yɛbɛgya AWURADE hɔ akɔsom anyame foforɔ. Ɛfiri sɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne deɛ ɔyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase soɔ firii nkoafie baeɛ, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam soɔ no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu. Na AWURADE apamo aman no nyinaa ne Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no afiri yɛn anim; yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufoɔ ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo. Sɛ mogya AWURADE hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔbɛdane ayɛ mo bɔne na wama moahye, sɛ ɔyɛɛ mo yie kane no. Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Dabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo ara ne mo ho adansefoɔ sɛ mo ara moayi AWURADE afa sɛ mobɛsom no. Na wɔkaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn. Na afei montoto amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnanedane mo akoma mma AWURADE mo Nyankopɔn. Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ne nne na yɛbɛtie. Ɛnna Yosua ne ɔman no pam da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Sekem. Na Yosua twerɛɛ nsɛm yi hyɛɛ Nyankopɔn mmara nwoma no mu, na ɔde ɔboɔ kokuroo sii hɔ wɔ odum dua a ɛsi AWURADE kronkronbea no ase. Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔboɔ yi nni yɛn adanseɛ, na ɛno na ate AWURADE nsɛm a ɔne yɛn kaeɛ no nyinaa; na ɛnni mo adanseɛ, na moampa mo Nyankopɔn akyi. Ɛnna Yosua gyaa ɔman no kwan maa wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn agyapadeɛ soɔ. Na nsɛm no akyiri no, Nun ba Yosua, AWURADE akoa no wui, na wadi mfirinhyia ɔha ne du. Na wɔsiee no n’agyapadeɛ mu, Timnat-sera a ɛwɔ Efraim bepɔ soɔ wɔ Gaas bepɔ atifi fam. Na Israel som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no. Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firii Misraim baeɛ no, wɔkorae wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ firii Sekem agya, Hamor mma nsam maa nnwetɛbena ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ. Na Aaron ba Eleasa nso wui, na wɔkoraa no ne ba Pinehas kuro Gibea a wɔde maa no, Efraim bepɔ soɔ no mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE frɛɛ Mose, na ɔfiri ahyiaeɛ ntomadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra. Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani. Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no. Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia. Na ɔnnwa ɔhyeɛ afɔdeɛ no nwoma, na ɔntwitwa no asinasini. Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no nsiesie nnyina wɔ afɔrebukyia no so, na wɔnsɔ ano. Na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa asinasini no, botire no ne sradeɛ no ngu nnyina a ɛwɔ afɔrebukyia no gya no so. Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra. Na ɔnku no afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia. Na ɔntwitwa mu, n’asinasini no mu, ɛne ne ti ne ne sradeɛ nyinaa na ɔsɔfoɔ no nsiesie ngu afɔrebukyia no so. Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra. Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra afɔrebukyia no ho, na ɔnte ne ti na ɔnhye no afɔrebukyia no so, na ɔnkyi ne mogya ngu afɔrebukyia no ho. Na ɔnyi ne mene ase ne deɛ ɛwɔ mu nto ntwene afɔrebukyia no nkyɛn apueeɛ fam, deɛ nso guo hɔ. Na ɔnsuane no mu, n’atabu so, nanso ɔnnte mu, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so. Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no. Na sɛ wode aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔato no fononoo mu bi reba a, fa esiam apiti a wɔde ngo afɔre taterɛ ne apiti ɔfam a wɔagu so ngo bra. Na sɛ w’ayɛyɛdeɛ no yɛ aduane afɔdeɛ a wɔakye no dadeɛ so a, ma no nyɛ esiam apiti a wɔde ngo afɔre; bubu mu asinasini, na hwie ngo gu so, aduane afɔdeɛ ne no. Na sɛ w’ayɛyɛdeɛ no yɛ kukuo mu aduane afɔdeɛ a, fa esiam ne ngo yɛ. Na fa aduane afɔdeɛ a wɔde nnoɔma yi ayɛ no brɛ AWURADE; na wɔde brɛ ɔsɔfoɔ no a, ɔmfa mmra afɔrebukyia no ho. Na ɔsɔfoɔ no nyi ayɛyɛdeɛ no so nkaeɛ adeɛ no, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so; ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne no. Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no. Aduane afɔdeɛ a mode bɛbrɛ AWURADE no nyinaa, mommfa mmɔreka nnyɛ; na monnhye mmɔreka biara ne ɛwoɔ biara sɛ ogya afɔdeɛ mmma AWURADE. Momfa nnoɔma yi mmrɛ AWURADE sɛ aba a ɛdi kan mu afɔrebɔdeɛ, nanso wɔmmfa bi mmma afɔrebukyia no so sɛ ɛmmɛyi hwa hwanhwam. Na w’aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ nyinaa, to mu nkyene, na mma wo Nyankopɔn apam nkyene mmpa w’aduane afɔdeɛ mu; fa nkyene ka w’ayɛyɛdeɛ nyinaa ho. Na sɛ wode aba a ɛdi kan ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, fa aburoo mmɛtem a wɔato no ogya mu atutu apɔn ho yɛ w’aba a ɛdi kan mu ayɛyɛdeɛ; na fa ngo gu so, na fa ohwamfufuo to so; aduane afɔdeɛ ne no. Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo mfuamfua a wɔapɔn ho no bi ne ngo no bi ne ohwamfufuo no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ; ɛyɛ ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim. Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ; sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no soɔ no ne ayamdeɛ no ho sradeɛ nyinaa, ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi. Na Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so, mpae ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛgu ogya no so, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra. Sɛ n’ayɛyɛdeɛ yɛ adwammaa na ɔde reba a, ɔmfa mmra AWURADE anim; na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia. Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔdeɛ mma AWURADE; ne sradeɛ ne ne sradeɛ duapuo a ɔntwa no padua so pa ara ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa, ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi. Na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so: Ɛyɛ aduane afɔdeɛ a wɔbɔ no gya so ma AWURADE. Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ abirekyie a, ɔmfa mmra AWURADE anim; na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia. Na ɔnyi bi mmra mmɛyɛ n’ayɛyɛdeɛ, AWURADE gya afɔdeɛ: Sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ no ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa; ne sawa mmienu no, ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi. Na ɔsɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ogya afɔreduane a ɛyi hwa hwanhwam; sradeɛ no nyinaa yɛ AWURADE dea. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ: Monnni sradeɛ anaa mogya biara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Sɛ obi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara, sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwie ba onini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, AWURADE anim. Na ɔsɔfoɔ a wɔasra no no mfa nantwie no mogya no bi nkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mprɛnson, AWURADE anim, kronkronbea ntwamutam no anim. Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nkeka aduhwamhyeɛ bukyia a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan mu no mmɛn ho, na ɔnhwie nantwie no mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan ano no ase. Na ɔnyi bɔne ho afɔdeɛ nantwie no sradeɛ nyinaa mfiri ne ho; sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ so ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa, ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ so, sisia mu no ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi, sɛdeɛ wɔyi firi asomdwoeɛ afɔdeɛ nantwie ho no; na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so. Na ɔmfa nantwinini no nwoma ne ne nam nyinaa ne ne ti ne ne nnyawa ne n’ayamdeɛ ne n’agyanan no, nantwinini mu no nyinaa, mfiri nkɔ nsraban no akyi, deɛ ɛhɔ teɛ, deɛ wɔhwie nso guo, na ɔmfa ogya nhye no nnyina so; deɛ wɔhwie nso guo na wɔnhye no. Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahunta ɔman no ani so, na wɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wɔdi so, na wɔhunu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnneɛ, asafo no mfa nantwie ba onini mmra mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wɔnkum nantwie no, AWURADE anim. Na ɔsɔfoɔ a wɔasra no no mfa nantwinini no mogya no bi nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu; na ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mfa mpete mprɛnson, AWURADE anim, ntwamutam no anim, na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no mu, no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛsi ahyiaeɛ ntomadan ano no ase. Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa mfiri so, na ɔnhye no afɔrebukyia no so. Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn. Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no. Sɛ otitire bi anhyɛ da na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa mu adeɛ baako, na ɔdi so, na sɛ wɔma no hunu ne bɔne a wayɛ no a, ɛnneɛ, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ ɔpapo a ɔdi mu mmra; na ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no atifi, na ɔnku no deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ AWURADE anim: Bɔne ho afɔdeɛ ne no. Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya no ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase. Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ asase no so nkurɔfoɔ no mu biara anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu adeɛ baako, na ɔdi so, na sɛ wɔma no hunu ne bɔne a wayɛ a, ɛnneɛ, ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ, abirekyibereɛ a ɔdi mu mmra mmɛma; na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ no deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ. Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase. Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ ɔde adwammaa bɛyɛ n’ayɛyɛdeɛ ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɔmfa ɔbedeɛ a ɔdi mu mmra. Na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnku no nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ. Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase. Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wate ntanka nne na ɔne ɛho danseni, sɛ ɔhunui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusuo. Anaasɛ sɛ obi ka afideɛ biara, sɛ aboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa afieboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa aboaa bi a ne ho nteɛ funu, na ɔnnim mpo a, ne ho agu fi, na ɔdi so. Anaasɛ sɛ ɔka onipa ho fi bi, na sɛ afideɛ a ama oniiko ho agu fi no te sɛn ara, na ɔnnim mpo a, sɛ akyire yi ɔhunu a, ɔdi so. Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so; na afei sɛ ɔdi adeɛ yi mu biara ho so a, ɔnka deɛ wayɛ mu bɔne no, na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho. Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa deɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ no kane, na ɔnkyinsa ne ti, ne kɔn so, nanso ɔnnte mfiri so; na ɔmfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi mpete afɔrebukyia no ho, na mogya no nkaeɛ no ɔmfa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase, bɔne ho afɔdeɛ ne no. Na deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔmfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa mu nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no: Bɔne ho afɔdeɛ ne no. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ. Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no. Na sɛ obi yɛ bɔne yɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu adeɛ baako a, sɛ wanhunu mpo a, ɔdi so na ɔso ne mmusuo; na ɔmfa odwennini a ɔdi mu mmrɛ ɔsɔfoɔ no, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, fom a wafom na wanhunu no ho, na wɔde bɛkyɛ no. Asodie ho afɔdeɛ ne no. AWURADE ho so na wadie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ obi yɛ bɔne di AWURADE kusum sɛ ɔsane ne yɔnko adeɛ bi a ɔde ama no asie, anaasɛ ɔde ahyɛ ne nsa, anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaasɛ ɔdi ne yɔnko amim, anaasɛ wahunu biribi a ayera na ɔsane, na ɔka ntanhunu, sɛ onipa yɛ yeinom biara mu bɔne, sɛ ɛba sɛ ɔyɛ bɔne na ɔdi so saa a, ɔmfa adeɛ a ɔfaeɛ anaa adeɛ a ɔdii mu amim, anaa adeɛ a wɔde maa no asie anaa adeɛ a ɛyeraeɛ a ɔhunuiɛ, anaa adeɛ biara a ɔkaa ɛho ntanhunu no nsane mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako mpae so mma ɔdenadeɛ no, n’asodie ho afɔrebɔ da no ara; na ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ a ɔde rebrɛ AWURADE no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, nnwan mu odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde adeɛ biara a wayɛ a ɔdi ho so no bɛkyɛ no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ho mmara: Ɔhyeɛ afɔdeɛ no ntena asomurofi, afɔrebukyia no so anadwo mu nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔmma afɔrebukyia no so gya no nnɛre wɔ so. Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ ne nwera atadeɛ, na ɔnhyɛ ne nwera twakoto nkata ne ho, na ɔnsesa nso a ɔhyeɛ afɔdeɛ ogya no hye gyaa no afɔrebukyia no soɔ no ngu afɔrebukyia no nkyɛn. Na ɔnyi ne ntadeɛ no, na ɔnhyɛ ntadeɛ foforɔ, na ɔmfa nso no mfiri nkɔ nsraban no akyi nkɔgu deɛ ɛhɔ teɛ. Na wɔmma afɔrebukyia so gya no nnɛre, ennnum ara da, na ɔsɔfoɔ no nsɔ nnyina wɔ so daa anɔpa, na ɔnsiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ so, na ɔnhye so asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no. Ogya nnɛre afɔrebukyia no so daa, ɛnnnum da. Na yei ne aduane afɔdeɛ ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔrebukyia no anim. Na ɔmfa aduane afɔdeɛ no esiam no nsa ma ne ngo no bi ne aduane afɔdeɛ no so hwamfufuo nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam nyɛ nkaeɛ adeɛ mma AWURADE. Na nkaeɛ no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wɔnni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ na wɔnnie. Wɔmmfa mmɔreka mmfra nnto. Wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔdeɛ mu ne no; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ. Aaron mma mu mmarima nyinaa nni; ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ ahodoɔ ho daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Obiara a ɔka no nyɛ kronkron. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Yei ne Aaron ne ne mma ayɛyɛdeɛ a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no; esiam olonka abupɛn du mu baako nyɛ daa ayɛyɛdeɛ, anɔpa deɛ fa na anwummerɛ deɛ fa. Wɔmfa ngo nkye no dadeɛ ayowa mu; yɛ no nkyekyeewa bra; yɛ no sɛ aduane afɔdeɛ a wɔatoto abubu mu asinasini bra, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE. Na ɔsɔfoɔ a wɔbɛsra no ngo asi n’ananmu wɔ ne mma mu no na ɔnyɛ; ɛyɛ AWURADE daa ahyɛdeɛ; wɔnhye no mu. Na ɔsɔfoɔ no aduane afɔdeɛ nyinaa wɔnhye no mu; wɔnnni bi. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne bɔne ho afɔdeɛ ho mmara: Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum bɔne ho afɔdeɛ deɛ no, AWURADE anim; akronkronneɛ mu ade kronkron ne no. Ɔsɔfoɔ a ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ no na ɔnnie; faako a ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnni wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ. Obiara a ɔka nam no nyɛ kronkron; na deɛ mogya no bi apete n’atadeɛ mu no nsi deɛ ɛpetee mu no wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron. Na ahina a wɔnoaa no wɔ mu no, wɔmmɔ, na sɛ kɔbere mfrafraeɛ sɛn mu na wɔnoaeɛ a, wɔntwi mu na wɔmfa nsuo nhohoro mu. Mmarima a wɔfiri asɔfoɔ abusuakuo mu nyinaa nni bi; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. Na bɔne ho afɔdeɛ a wɔde ne mogya no bi ba ahyiaeɛ ntomadan mu bɛpata wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa, wɔnnni, wɔmfa ogya nhye.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei ne asodie ho afɔdeɛ ho mmara; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum asodie ho afɔdeɛ deɛ no nso; na ɔnhwie ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia. Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa mmra: Ne sradedua, ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ ho no, ne sawa mmienu ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan, ɔmfiri sawa ho nyi; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so nyɛ AWURADE gya afɔdeɛ; asodie ho afɔdeɛ ne no. Mmarima a wɔfiri asɔfoɔ abusuakuo nyinaa nni; deɛ ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnnie; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. Sɛ bɔne ho afɔdeɛ teɛ no, sɛ asodie ho afɔdeɛ nso teɛ ne no, mmara korɔ na ɛda ho; ɔsɔfoɔ a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea. Na ɔsɔfoɔ a ɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma obi no, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no nwoma nyɛ ɔsɔfoɔ no dea. Na aduane afɔdeɛ a wɔto no fononoo mu nyinaa ne deɛ wɔsiesie no kukuo mu ne ɛkyeɛ dadeɛ soɔ nyinaa, ɔsɔfoɔ a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea. Na aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo anaa deɛ ɛyɛ wesee nyɛ Aaron mma nyinaa deɛ, obiara nnya sɛdeɛ ne yɔnko nya. Na yei ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE no ho mmara. Sɛ wɔyɛ no aseda afɔdeɛ de ba a, aseda afɔdeɛ a ɔde ba no nyɛ apiti taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔde ngo agu soɔ ne esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre akyeɛ. Mmɔreka paanoo taterɛ na ɔmfa nka n’ayɛyɛdeɛ ne n’asomdwoeɛ aseda afɔdeɛ no ho mmra. Na ɔmfa ayɛyɛdeɛ no mu biara baako mmra, na wɔmma so mma AWURADE, ɔsɔfoɔ a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya peteeɛ no na ɛnyɛ ne dea. Na n’asomdwoeɛ aseda afɔdeɛ no nam no, wɔnni no da a wɔde baeɛ no ara, wɔnnnya bi nnkɔsi adekyeeɛ. Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ bɔhyɛ anaa ayamyi ayɛyɛdeɛ a, wɔnni no da a ɔbɔ n’afɔdeɛ no, na sɛ adeɛ kye bi so a, wɔnni ara; na afɔdeɛ no nam a ɛbɛka akɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔmfa ogya nhye. Na sɛ obi di n’asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma deɛ ɔde baeɛ no, ɛyɛ akyiwadeɛ, na ɔkra a ɔbɛdi bie no bɛsoa ne mmusuo. Na nam a aka biribi a ɛho nteɛ no, wɔnnni; wɔmfa ogya nhye. Na nam deɛ, obiara a ne ho teɛ nni, nanso ɔkra a ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ nam a ɛyɛ AWURADE dea no bie, na n’afideɛ da ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene. Na ɔkra bi a ɔbɛka afideɛ biara, onipa ho afideɛ bi oo, aboa a ne ho nteɛ oo, akyiwadeɛ biara a ɛho nteɛ oo, na ɔbɛdi AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bie no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Nantwie ne odwanten ne abirekyie sradeɛ biara, monnni. Na aboa funu sradeɛ ne deɛ wɔatete no sradeɛ, wɔmfa nyɛ adwuma biara, na die na monnnie. Na obiara a ɔbɛdi afieboa a wɔde bi bɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ sradeɛ no, wɔbɛtwa ɔkra a ɔdie no afiri ne man mu atwene. Na mogya biara nso, anomaa deɛ oo, atɔteboa deɛ oo, monnni wɔ mo tenabea biara mu. Ɔkra biara a ɔbɛdi mogya biara no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ n’asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔdeɛ no mu ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE. Ɔno ara ne nsa na ɔmfa nsɔ AWURADE gya afɔdeɛ no mu mmra, sradeɛ ne ɔyan na ɔmfa mmra; ɔyan no, wɔnhim nyɛ ohim afɔdeɛ AWURADE anim. Na ɔsɔfoɔ no nhye sradeɛ no, afɔrebukyia no so, na ɔyan no nyɛ Aaron ne ne mma dea. Na ɔsrɛ nifa no, momfa nyɛ mo asomdwoeɛ afɔdeɛ mu mmasoɔ adeɛ mma ɔsɔfoɔ no. Aaron mma mu deɛ ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya ne sradeɛ ba no, ɔno na ɔsrɛ nifa no nyɛ ne kyɛfa. Na ohim yan ne mmasoɔ srɛ no na mafa, Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no mu, na mede mama Ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma sɛ wɔn daa kyɛfa a ɛfiri Israel mma nsam. Yei ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu, ɛda a wɔde wɔn baa sɛ wɔmmɛdi AWURADE asɔfoɔ na AWURADE hyɛɛ sɛ wɔmfa mma wɔn, ɛda a wɔsraa wɔn ngo firii Israelfoɔ mu, sɛ ɛnyɛ wɔn daa kyɛfa, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ ne atuhoakyɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, ɛda a ɔhyɛɛ Israelfoɔ sɛ wɔmfa wɔn ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE, Sinai serɛ soɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Aaron ne ne mma ka ne ho, ɛne ntadeɛ no ne sra ngo no, ne bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no ne adwennini mmienu no ne apiti kɛntɛn no. Na ma asafo no nyinaa mmɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔmaa asafo no bɔɔ dwa, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na Mose ka kyerɛɛ asafo no sɛ: Yei ne adeɛ a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnyɛ. Na Mose de Aaron ne ne mma no bae, na ɔde nsuo hohoroo wɔn ho; na ɔde atadeɛ yuu no hyɛɛ no, na ɔde aboomu no bɔɔ n’asene, na ɔde batakari no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no hyɛɛ no, na ɔde asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔɔ no abɔsoɔ; na ɔde adaaboɔ no hyehyɛɛ no, na ɔde Urim ne Tumim no hyɛɛ adaaboɔ no mu; na ɔde abotitene no bɔɔ ne ti, na ɔde sikaterɛ no, kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no, fam abotitene no anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Mose faa sra ngo no de sraa tenabea no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔyɛɛ no kronkron; na ɔde bi petee afɔrebukyia no so mprɛnson, na ɔsraa afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo no ne ntaaseɛ no ngo de yɛɛ no kronkron. Na ɔhwiee sra ngo no bi guu Aaron atifi sraa no ngo de yɛɛ no kronkron. Na Mose de Aaron mma no nso bae, na ɔhyehyɛɛ wɔn ntadeɛ, na ɔde aboomu bobɔ wɔn mu, na ɔde abotire bobɔɔ wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔmaa wɔde bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu bɔne afɔdeɛ nantwinini no atifi. Na Mose kumm no, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho hyiae, na ɔyii afɔrebukyia no ho bɔne, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase de dwiraa sɛ ɔde repata so. Na ɔfaa sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ, na Mose hyee no afɔrebukyia no so. Na nantwinini no ara ne ne nwoma ne ne nam ne n’agyanan no, ɔde ogya hyee, nsraban no akyi, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no atifi. Na ɔkum no, na Mose hwiee mogya no petee afɔrebukyia no so hyiae, na ɔtwitwaa odwennini no mu asinasini, na Mose too tire no ne asinasini no ne sradeɛ no mu gya. Na n’ayamdeɛ ne ne nnyawa no, ɔde nsuo hohoroo ho. Na Mose too odwennini mu no nyinaa mu gya, afɔrebukyia no so; ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne no, AWURADE gya afɔdeɛ ne no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɔde odwennini a ɔtɔ so mmienu no, atuhoakyɛ afɔdeɛ dwennini no bae, na Aaron ne ne mma no de wɔn nsa guu odwennini no atifi. Na Mose kumm no, na ɔfaa ne mogya no bi de kaa Aaron aso nifa ano ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano. Na ɔde Aaron mma no bae, na Mose de mogya no bi kekaa wɔn aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie ano; na Mose hwiee mogya no petee afɔrebukyia no so hyiae. Na ɔfaa sradeɛ no ne sradedua no ne sradeɛ a ɛwɔ ayamdeɛ no ho nyinaa ne mmerɛboɔ so ntentan no ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne srɛ nifa no, na ɔfaa apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu apiti taterɛ baako ne ngo paanoo taterɛ baako ne ɔfam baako de guu sradeɛ ne srɛ nifa no so, na ɔde ne nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mma no nsa, na ɔhim yɛɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim. Na Mose gyee wɔn nsam, na ɔtoo mu gya wɔ afɔrebukyia no so wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no so de yɛɛ atuhoakyɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam; Ɛyɛ ogya afɔdeɛ ma AWURADE. Na Mose faa atuhoakyɛ afɔdeɛ dwennini no yan no, na ɔhim yɛɛ ohim afɔdeɛ AWURADE anim; ɛyɛɛ Mose dea, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na Mose faa sra ngo no bi ne afɔrebukyia no so mogya no bi de petee Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ nyinaa so de dwiraa Aaron ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Monnoa nam no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na monni no hɔ ara, ɛne atuhoakyɛ afɔdeɛ kɛntɛn no mu paanoo no, sɛdeɛ mehyɛɛ sɛ: Aaron ne ne mma nnie no. Na nam ne paanoo no mu deɛ ɛbɛka no, momfa ogya nhye. Na mommfiri ahyiaeɛ ntomadan no ano nnanson nkɔsi da a mo atuhoakyɛ nna no bɛwie duro, ɛfiri sɛ, nnanson na wɔde rehyɛ mo asɔfoɔ. Sɛdeɛ wɔreyɛ no nnɛ da yi no, AWURADE na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ mfa mpata mma mo. Na montena ahyiaeɛ ntomadan no ano awia ne anadwo nnanson, na monwɛn sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no, na moanwuwu, na saa na wɔahyɛ me. Na Aaron ne ne mma no dii nsɛm a AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no nyinaa so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no Mose frɛɛ Aaron ne ne mma no ne Israel mpanimfoɔ, na ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa nantwie ba a wode bɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wode bɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, wɔnni mu, na fa bra AWURADE anim. Na Israelfoɔ no nso, kasa kyerɛ wɔn sɛ: Momfa ɔpapo mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ ne nantwie ba ne odwanten ba a wɔadi afe afe a wɔdi mu mmɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne nantwinini ne odwennini mmɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ AWURADE anim ne aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo, ɛfiri sɛ ɛnnɛ na AWURADE bɛyi ne ho akyerɛ mo. Na wɔde deɛ Mose hyɛeɛ no baa ahyiaeɛ ntomadan no anim, na asafo no nyinaa twe bae bɛgyinaa AWURADE anim. Na Mose kaa sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE hyɛeɛ no, monyɛ, na AWURADE animuonyam nyi ne ho nkyerɛ mo. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Twe pini afɔrebukyia no ho, na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ ne wo bɔne ho afɔdeɛ, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛdeɛ bra, na pata ma wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. Na Aaron twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔkum ne bɔne ho afɔdeɛ nantwie ba no. Na ne mma no de mogya no kɔmaa no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu de kekaa afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔhwiee mogya no petee afɔrebukyia no ase. Na bɔne ho afɔdeɛ no mu sradeɛ ne sawa ne mmerɛboɔ so ntentan no, ɔtoo mu gya, afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na ɛnam no ne nwoma no deɛ, ɔde ogya hyee no nsraban no akyi. Na ɔkumm ɔhyeɛ aboa afɔdeɛ no nso, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔhwie petee afɔrebukyia no so hyiae. Na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no asinasini ne ne tiri no brɛɛ no, na ɔhyee no afɔrebukyia no so. Na ɔhohoroo ayamdeɛ ne nnyawa no ho, na ɔhyee no ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no soɔ no so. Ɛnna ɔde ɔman no afɔdeɛ no baeɛ, na ɔfaa bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no kumm no de bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ kane deɛ no. Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no bae, na ɔbɛyɛɛ no sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no. Na ɔde aduane afɔdeɛ no bae, na ɔfaa emu nsa ma hyee no afɔrebukyia no so kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɛnna ɔkumm nantwinini ne odwennini a ɛyɛ ɔman no asomdwoeɛ afɔdeɛ no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔhwie petee afɔrebukyia no so hyiae. Na nantwinini ne odwennini no sradeɛ no, sradedua no ne deɛ ɛkata sawa ho no ne mmerɛboɔ so ntentan no, wɔde sradeɛ no nyinaa guu ɔyan no so, na wɔhyee sradeɛ no afɔrebukyia no so. Na ɔyan no ne srɛ nifa no, Aaron him de yɛɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Ɛnna Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wieeɛ no, ɔsianee. Na Mose ne Aaron hyɛnee ahyiaeɛ ntomadan no mu; na wɔfirii adie no, wɔhyiraa ɔman no. Ɛnna AWURADE animuonyam yii ne ho kyerɛɛ ɔman no nyinaa. Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Aaron mma Nadab ne Abihu fefaa wɔn gyasɔ adeɛ, na wɔde ogya guguu mu, na wɔde aduhwam guguu so, na wɔde ananagya a ɔnhyɛɛ wɔn ho mmara baa AWURADE anim. Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee wɔn, na wɔwuwuu AWURADE anim. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ɛno ne deɛ AWURADE kaa sɛ: Wɔn a wɔtwe pini me no mu na mɛyɛ me ho kronkron, na ɔman no nyinaa anim na mɛhyɛ me ho animuonyam. Na Aaron yɛɛ komm. Ɛnna Mose frɛɛ Aaron n’agya nuabarima Usiel mma Misael ne Elsafan baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montwe mpini, na mommɛsoa mo nuanom no mfiri kronkronbea anim nkɔ nsraban no akyi. Na wɔtwe bae bɛsoaa wɔn, wɔn ntadeɛ mu, de wɔn kɔɔ nsraban no akyi sɛdeɛ Mose kaeɛ no. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar sɛ: Mommpɛsɛ mo ti, na monnsunsuane mo ntadeɛ mu, na moanwuwu, na abufuo amma asafo no nyinaa so, nanso mo nuanom, Israel fie nyinaa, nsu wɔn a AWURADE de ogya ahye wɔn yi. Na mommfiri ahyiaeɛ ntomadan no ano nso, na moanwuwu, ɛfiri sɛ AWURADE sra ngo no wɔ mo so. Na wɔyɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Aaron sɛ: Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa biara, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na moahunu ade kronkron ne adeɛ a ɛnyɛ kronkron ne adeɛ a ɛho teɛ ne deɛ ɛho nteɛ ntam nsonsonoeɛ, na moakyerɛkyerɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa. Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. Monni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ ho kyɛfa ma wo ne wo mma, ɛfiri sɛ saa na wɔahyɛ me. Na ohim yan no ne mmasoɔ srɛ no, monni no deɛ ɛhɔ teɛ, wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo kyɛfa ne wo mma kyɛfa a wɔde ama mo afiri Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ mu. Mmasoɔ srɛ ne ohim yan no na wɔmfa nka sradeɛ a wɔhyeɛ no ho mmra, na wɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, na ɛnyɛ wo deɛ ne wo mma deɛ nyɛ daa kyɛfa, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. Na bɔne ho afɔdeɛ papo no, Mose hwehwɛɛ no brɛɛ ara yie, na hwɛ, wɔahye no. Na ne bo fuu Aaron mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no, na ɔkaa sɛ: Adɛn nti na moanni bɔne ho afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, na ɛno na wɔde ama mo, sɛ monsoa asafo no mmusuo no, na mompata mma wɔn, AWURADE anim. Hwɛ, wɔamfa ne mogya no amma kronkronbea dan no mu; anka ɛsɛ sɛ modi no kronkronbea hɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Na Aaron kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, ɛnnɛ wɔde wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne wɔn hyeɛ afɔdeɛ aba AWURADE anim, na adeɛ a ɛte seyie abɛto me yi; na sɛ medi bɔne ho afɔdeɛ nnɛ a, ɛbɛsɔ AWURADE ani anaa? Na Mose teeɛ no, n’akoma tɔɔ ne yam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ: Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yeinom ne mmoa a monni wɔ asase so mmoa nyinaa mu: Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie. Yeinom nko na monnnie, wɔn a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apaeɛ: Yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho nte mma mo; ne atwaboa, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo; ne adanko, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo; ne prako, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae koraa deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo. Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo. Yei ne deɛ monnie deɛ ɛwɔ nsuo mu nyinaa mu: Deɛ ɛwɔ ntɛtɛ ne abon, nsuo mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na monnie. Na biribiara a ɛnni ntɛtɛ ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, adeɛ a ɛwɔ nsuo mu nyinaa a nkwa wɔ mu nyinaa, ɛyɛ akyiwadeɛ ma mo. Na ɛnyɛ mo akyiwadeɛ, monnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, monkyi. Adeɛ biara a ɛnni ntɛtɛ ne abon wɔ nsuo mu no yɛ mo akyiwadeɛ. Na yeinom na monkyire ntuboa mu; monnni, wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ, ɔkɔrewa, ɔkomfufuo, ɔkompɛtɛ, asansa, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne anene ahodoɔ nyinaa, sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛseɛ, bakanoma, nantwinoma, ɔpɛtɛ, sukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan. Ntuboa manyamanya a wɔnante nan nnan so nyinaa nyɛ akyiwadeɛ mma mo. Nanso yeinom na monnie ntuboa nyinaa a wɔnante nan nnan soɔ nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛ mmienu wɔ wɔn nan soɔ a wɔde hurihuri asase so no; wɔn mu deɛ monnie nie: Ntutummɛ ahodoɔ, nketekyire ahodoɔ, mfuntie ahodoɔ, mmɛbɛ ahodoɔ. Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan nnan nyinaa yɛ akyiwadeɛ ma mo. Na yeinom na mode gu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn afunu no ho nte kɔsi anwummerɛ. Na obiara a ɔsoa wɔn afunu no, ɔnsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apaeɛ, nanso emu nwie paeɛ na wɔmpu nwesa no nyinaa ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte. Na mmoa a wɔnam nan nnan soɔ nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na deɛ ɔsoa wɔn funu bi no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; wɔn ho nte mma mo. Na mmoa a wɔwea asase soɔ mu wɔn a wɔn ho nte mma mo nie: Ahweaa, akura, ne nkoterɛ ahodoɔ; ne hwinamanhwan, ɔmampam, ɔkoterɛ, bɔmɔte ne abosomakoterɛ. Yeinom ne wɔn a wɔn ho nte mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wɔwu a, obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na adeɛ biara a wɔn mu bi awu atɔ soɔ no, ɛho nte: Dua adeɛ biara oo, atadeɛ oo, nwoma oo, awere oo, adeɛ biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsuo mu, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ɛho ate. Na kukuo biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, deɛ ɛwɔ mu nyinaa ho nte, na kukuo no nso mommɔ no. Aduane a wɔdie biara a nsuo no bi bɛgu mu no ho nte, na anonneɛ biara a wɔnom adeɛ biara a ɛte saa mu no ho nte. Na adeɛ biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe soɔ, ɛho nte: Fononoo oo, bukyia oo, wɔmmubu: Ɛho nte, na mommu no sɛ ɛho nte. Nanso nsuo aniwa anaa abura a nsuo wɔ mu deɛ, ɛho te ara; na biribiara a ɛka wɔn funu no, ɛho nte. Na sɛ wɔn funu bi hwe kuadeɛ a wɔdua biara so a, kuadeɛ no ho te; na sɛ wɔde nsuo gu kuadeɛ no so na wɔn afunu bi hwe so a, ɛho nte mma mo. Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ. Na deɛ ɔdi ne funu no bie no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na deɛ ɔsoa ne funu no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na adeɛ biara a ɛwea fam yɛ akyiwadeɛ, monnni. Adeɛ biara a ɛnam yafunu soɔ ne adeɛ biara a ɛnam nan nnan so kɔsi adeɛ biara a ɛwɔ nan bebree soɔ, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, monnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ. Monnyɛ mo ho akyiwadeɛ wɔ mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho nteɛ wɔ wɔn ho. Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho. Na mene AWURADE a meyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron. Yei ne aboa biara a wɔwɔ nsuo mu ne nnomaa ne aboa biara a wɔwea fam nyinaa ho mmara, sɛ wɔmfa mpae adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ mu, ne mmoa a wɔdie ne mmoa a wɔnnie mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbaa bi nyinsɛn na ɔwo ɔbabanin a, ne ho nte nnanson te sɛ ne nsabuo nna mu a ne ho nteɛ no. Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔntwa abɔfra no twetia. Na ɔntena tannan mu adaduasa nnammiɛnsa n’ahodwira mogya mu; ɔnnka ade kronkron biara na ɔmmma kronkronbea hɔ kɔsi sɛ n’ahodwira nna bɛwie duro. Na sɛ ɔwo ɔbaa a, ne ho nte nnawɔtwe mmienu sɛ ne nsabuo nna mu, na ɔntena tannan mu adaduosia nnansia n’ahodwira mogya mu. Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho nte mfiri ne mogyaguo no mu. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbaa a wawo ɔbabarima anaa ɔbabaa no. Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ biribi ba onipa honam wedeɛ mu, sɛ nsoa oo, ntwintwameeɛ oo, ntampeɛ oo, na ɛdidi ne honam wedeɛ mu yɛ kwata ntotɔeɛ a, wɔmfa no mmrɛ Ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma, asɔfoɔ no mu baako. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ honam wedeɛ mu ntotɔeɛ no, na ntotɔeɛ no so nwi adane fitaa, na ntotɔeɛ no atotɔ mu asene ne honam wedeɛ no a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ; na ɔsɔfoɔ no hwɛ no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ. Na sɛ ɛyɛ ne honam wedeɛ mu ntampeɛ fitaa, na sɛ wɔhwɛ na ɛntotɔ mu nsene ne wedeɛ no, na ɛso nwi nnanee fitaa a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no nto ɔyarefoɔ no mu nnanson. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ, na sɛ ɔhunu sɛ ntotɔeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ n’ani so na ɛnyerɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson bio. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no da a ɛtɔ so nson no bio na sɛ ntotɔeɛ no ani adum na ɛntrɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ deɛ ne ho teɛ, ɛyɛ ntwintwameeɛ; na ɔnsi n’atadeɛ na ne ho ate. Nanso ɔde ne ho akɔkyerɛ ɔsɔfoɔ wɔ n’ahoteɛ ho no akyiri no, sɛ ntwintwameeɛ no yerɛ ne wedeɛ mu a, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ no bio; na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, ntwintwameeɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata. Sɛ kwata ntotɔeɛ wɔ onipa bi ho a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfoɔ no. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, nsoa fitaa bi wɔ wedeɛ no mu a adane nwi no fitaa, na ɛnam mono repu nsoaeɛ no mu a, ɛyɛ kwata dada a ɛwɔ ne honam wedeɛ mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ ne ho nte. Ɔnnto no mu; na ne ho nte. Na sɛ kwata no apue afiri wedeɛ mu akata ɔyarefoɔ no honam nyinaa firi n’atifi kɔsi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfoɔ no ani bɛhwɛ no, na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na kwata no akata ne honam nyinaa so a, ɔmmu ɔyarefoɔ no sɛ ne ho te; ne ho nyinaa adane fitaa a, ne ho te. Nanso berɛ biara a wɔbɛhunu ne ho ɛnam mono no, ne ho nte. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɛnam mono no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛnam mono no ho nte, ɛyɛ kwata. Na sɛ ɛnam mono no sane dane fitaa, na ɔba ɔsɔfoɔ no nkyɛn, na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no adane fitaa a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; ne ho ate. Sɛ mpɔmpɔ si obi honam wedeɛ mu na ɛsa, na soa fitaa bi anaa ntampeɛ fitaa a ɛbereɛ ba mpɔmpɔ no ananmu a, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asene wedeɛ no na emu nwi adane fitaa a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, apue wɔ mpɔmpɔ no mu. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ nwi fitaa bi nni mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson; na sɛ ɛyerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ ntotɔeɛ. Na sɛ ntampeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ na ɛnyerɛe a, ɛyɛ mpɔmpɔ no twa, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ. Anaasɛ ogya kuro bi ba honam wedeɛ no mu, na ekuro no so bɔn repu yɛ ntampeɛ a ɛhoa fitaa na emu gyegyeɛ anaasɛ ɛhoa fitaa, na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ no mu nwi adane fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asene wedeɛ no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuro no mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ enwi fitaa nni ntampeɛ no mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson. Na da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no hunu sɛ ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ. Na sɛ ntampeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ na ɛnyerɛe wɔ wedeɛ no mu na ani dum a, ɛyɛ soa a ogya kuro no asoa, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; na ɛyɛ ogya kuro no bɔn. Na ɔbarima anaa ɔbaa bi, sɛ biribi tɔ n’atifi anaa ne bɔgyesɛ mu, na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ atɔ mu asene wedeɛ no, na enwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛdeɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ ntutuiɛ, ɛyɛ etire anaa bɔgyesɛ mu kwata. Na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntutuiɛ ntotɔeɛ no, na sɛ ɛhɔ ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na enwi tuntum nso nni mu a, ɔsɔfoɔ no nto deɛ ntutuiɛ atotɔ no no mu nnanson. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɔyarefoɔ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛe na enwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutuiɛ no ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a, ɔnyi ne ho nwi, na ɔnnyi ntutuiɛ no so, na ɔsɔfoɔ no nto deɛ ntutuiɛ ayɛ no no mu nnanson bio. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ntutuiɛ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛɛ wedeɛ no mu na ɛhɔ ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; na ɔnsi ne ntadeɛ na ne ho ate. Na sɛ ɛno akyi, ntutuiɛ no yerɛ, na ɔsɔfoɔ no hwɛ no, na sɛ ntutuiɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no nnhwehwɛ enwi kɔkɔɔ; ne ho nte. Na sɛ ɔhunu ntutuiɛ no sɛ ɛte sɛdeɛ ɛteɛ na enwi tuntum afu mu a, na ntutuiɛ no asa; ne ho te, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ. Na sɛ ntampeɛ fitaa ba ɔbarima anaa ɔbaa wedeɛ ani, na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ a ani dum fitaa wɔ wɔn honam wedeɛ mu a, ɛyɛ ɛyam a ayerɛ wedeɛ mu; ne ho te. Na sɛ ɔbarima bi tiri pa a, ɔyɛ atipa; ne ho te. Na sɛ n’apampam anim fam na apa a, ɔyɛ atipa; ne ho te. Na sɛ biribi fitaa a ɛbereɛ tɔ n’atipa no mu anaasɛ n’apampam paeɛ no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue n’atipa anaa n’apampam paeɛ no mu. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ fitaa a ɛbereɛ asoa n’atipa no anaa n’apampam paeɛ no mu a ɛte sɛ honam wedeɛ mu kwata a, ɔyɛ ɔkwatani; ne ho nte; buo na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ne tiri so na ne ntotɔeɛ no wɔ. Na ɔkwatani a yadeɛ no wɔ ne ho nsunsuane ne ntadeɛ mu, na ɔmpɛsɛ ne ti, na ɔnkata ne soro anofafa, na ɔnteam sɛ: Me ho nte, me ho nte! Nna dodoɔ a yadeɛ no wɔ ne ho no, teɛ na ne ho nteɛ; ɔno nko na ɔntena, nsraban no akyi na ɔntena. Na sɛ kwata ntotɔeɛ wɔ atadeɛ bi mu, sɛ ɛwɔ kuntutam anaa asaawatam, anaa nsa anaa mfa a wɔde nwono asaawatam anaa kuntutam anaa nwoma anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu, na sɛ ntotɔeɛ no biri anaasɛ ɛbere ntoma anaa nwoma no anaa nsa anaa mfa no anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no a, ɔnto adeɛ a ntotɔeɛ no wɔ mu no mu nnanson. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔhunu sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ atadeɛ no anaa nsa anaa mfa anaa nwoma no anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu a, na ntotɔeɛ no yɛ kwata a ɛsɛe adeɛ; ɛho nte. Na ɔnhye ntoma no, sɛ nsa no anaa mfa no oo, anaa kuntu anaa asaawa anaa nwoma adeɛ biara mu na ntotɔeɛ no wɔ oo, ɛfiri sɛ ɛyɛ kwata a ɛsɛe adeɛ. Ogya na wɔmfa nhyeɛ. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no nterɛɛ atadeɛ no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no nhyɛ na wɔnsi adeɛ a ntotɔeɛ no wɔ mu no, na ɔnto mu nnanson bio. Na ntotɔeɛ no sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani nsakyerae na ɛnyerɛe nso a, ɛho nte, wɔmfa ogya nhye; ani akuku oo, akyire akuku oo, ɛyɛ nweweeɛ. Na sɛ ne sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani dum a, ɔnte mfiri ntoma no anaa nsa anaa mfa no mu. Na sɛ wɔhunu bio wɔ ntoma no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhye deɛ ntotɔeɛ no wɔ mu no. Na ntoma no, mfa anaa nsa anaa nwoma adeɛ biara a wɔbɛsie na ntotɔeɛ no bɛfiri mu no, wɔnsi bio na ɛho ate. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotɔeɛ, kuntutam anaa asaawatam anaa nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu, na wɔde abu no adeɛ a ɛho teɛ anaa adeɛ a ɛho nteɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔkwatani, ɛda a wɔbu no sɛ ne ho ateɛ no. Wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfiri adi nkɔ nsraban no akyi; na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ kwata ntotɔeɛ no asa ɔkwatani no ho a, ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho teɛ mmienu animono ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera mma deɛ wɔrebɛte ne ho no mmra. Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnkum nnomaa no mu baako, ayowa bi mu, mmasuo so. Na anomaa nikanfoɔ no deɛ, ɔmfa no ne tweneduro dua no ne koogyan ne adwera no, na ɔmfa ne nyinaa ne anomaa nikanfoɔ no mmɔ anomaa a wɔaku no mmasuo soɔ no mogya mu, na ɔmfa mpete deɛ ɔbɛte ne ho afiri ne kwata ho no so mprɛnson, na ɔnte ne ho, na ɔnnyaa anomaa nikanfoɔ no mma no nkɔ wiram. Na deɛ wɔate ne ho no nsi ne ntadeɛ na ɔnyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsuo nnware na ne ho ate; na ɛno akyiri no ɔmmra nsraban no mu, nanso ɔntena ne ntomadan akyi nnanson. Na da a ɛtɔ so nson no, ɔnyi ne ho nwi nyinaa, ne tiri ne ne bɔgyesɛ ne n’anintɔnnwi nyinaa na ɔnyie; na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne honam, na ne ho ate. Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa nnwanten mma mmienu a wɔdi mu, ne odwammaa bedeɛ baako a wadi afe a ɔdi mu, ne aduane afɔdeɛ esiam efa abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma baako mmra. Na ɔsɔfoɔ a ɔte ne ho no mfa ɔbarima a wɔrete ne ho no ne nnoɔma no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na ɔsɔfoɔ no mfa nnwanten no mu baako mmra, sɛ asodie ho afɔdeɛ ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim; na ɔnkum odwanten ba no deɛ wɔkum bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ, deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ asodie ho afɔdeɛ no nso yɛ asɔfoɔ no dea, te sɛ bɔne ho afɔdeɛ, ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano. Na ɔsɔfoɔ no mfa ngo toa no mu bi nhwie ngu ɔno ara ne nsa benkum mu; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsateaa nka ngo no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim; na ngo a ɛbɛka ne nsam no, ɔsɔfoɔ no mfa bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, asodie ho afɔdeɛ mogya no so; na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim. Na ɔsɔfoɔ no mmɔ bɔne ho afɔdeɛ no, na ɔmpata mma deɛ wɔrete ne ho afiri ne ho fi mu no; na ɛno akyiri no, ɔnkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no; na ɔsɔfoɔ no nhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no afɔrebukyia no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no na ne ho ate. Na sɛ ɔdi hia na ne nsa anso yeinom so a, ɛnneɛ ɔmfa odwanten ba baako mmɛyɛ asodie ho afɔdeɛ nyɛ ohim afɔdeɛ mfa mpata mma no, ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma ne anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a ne nsa bɛso soɔ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; na n’ahodwira da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim. Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim. Na ɔnkum asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano; na ɔsɔfoɔ no mfa ngo no ngu ɔno ara ne nsa benkum mu, na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa nka ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim; na ɔsɔfoɔ no mfa ngo a ɛwɔ ne nsam no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, deɛ asodie ho afɔdeɛ no mogya no wɔ no; na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi mfa mpata mma no, AWURADE anim. Na ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso soɔ no mu baako, adeɛ a ne nsa bɛso soɔ no mu baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mpae aduane afɔdeɛ no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma deɛ wɔrete ne ho no, AWURADE anim. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma deɛ kwata atotɔ no a ne nsa nso n’ahodwira adeɛ soɔ no. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase a mede merema mo sɛ monni soɔ no so, na sɛ mede kwata ntotɔeɛ metotɔ mo dibea asase no so fie bi ho a, ɛnneɛ efie no wura no mmra mmɛka nkyerɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: Ɛyɛ me sɛ biribi a ɛte sɛ ntotɔeɛ wɔ me fie hɔ. Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnyi efie no mu nnoɔma mfiri adi ansa na ɔsɔfoɔ no ahyɛne mu akɔhwɛ ntotɔeɛ no, na efie no mu nnoɔma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyiri no ɔsɔfoɔ no nhyɛne mu nkɔhwɛ efie no. Na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ ntotɔeɛ no wɔ efie no fasuo ho, nkekaeɛ apopobibire anaa kɔkɔɔ, na ani atotɔ mu asene ɔfasuo no a, ɔsɔfoɔ no mfiri efie no mu mmra ɛpono ano, na ɔnto efie no mu nnanson. Na sɛ ɛda a ɛtɔ so nson no ɔsɔfoɔ no sane ba, na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ efie no fasuo ho a, ɔsɔfoɔ no mma wɔntutu aboɔ a ntotɔeɛ no wɔ mu no nto ngu kuro no akyi deɛ ɛhɔ nteɛ; na wɔnwewɛre efie no mu nhyia, na wɔmfa dɔteɛ a wɔwewɛreeɛ no nkɔgu kuro no akyi deɛ ɛhɔ nteɛ; na wɔmfa aboɔ foforɔ nhyehyɛ aboɔ no ananmu, na wɔmfa dɔteɛ foforɔ mma efie no ho. Na sɛ aboɔ no tutuo ne efie no ho wewerɛ ne ɛho ma akyiri no ntotɔeɛ no sane bɛpue efie no mu, na ɔsɔfoɔ no ba na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ efie no mu a, ɛyɛ efie no mu kwata a ɛsɛe adeɛ; ɛho nte. Enti ɔnnwiri efie no ngu fam, n’aboɔ ne ne mpuna ne efie no ho dɔteɛ nyinaa, na ɔnsesa mfiri adi nkɔ kuro no akyi nkɔgu deɛ ɛhɔ nteɛ. Na deɛ ɔbɛkɔ efie no mu nna a wɔato mu nyinaa no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ, na deɛ ɔda efie hɔ no nsi ne ntadeɛ, na deɛ ɔdidi fie hɔ no nsi ne ntadeɛ. Na sɛ efie no ho ma akyi ɔsɔfoɔ no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no nyerɛɛ efie no mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu efie no sɛ ɛho te, ɛfiri sɛ ntotɔeɛ no asa. Na ɔmfa nnomaa mmienu ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera nnwira efie no. Na ɔnkum nnomaa no mu baako ayowa mu, mmasuo so, na ɔmfa tweneduro dua ne adwera ne koogyan ne anomaa animono no mmɔ anomaa a wɔaku no no mogya ne mmasuo no mu, na ɔmfa mpete efie no ho mprɛnson, na ɔmfa anomaa no mogya ne mmasuo ne anomaa animono no ne tweneduro dua ne adwera ne koogyan no nnwira efie no, na ɔnnyaa anomaa animono no kuro no akyi mma no nkɔ wiram, na ɔmpata mma efie no, na ɛho ate. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotɔeɛ nyinaa ne ntutuiɛ, ne ntoma ne efie ho kwata, nsoa ne ntwintwameeɛ ne ntampeɛ, sɛ ɛnkyerɛkyerɛ berɛ a adeɛ ho nteɛ ne berɛ a ɛho teɛ mu; yei ne kwata ho mmara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ no nse wɔn sɛ: Ɔbarima biara sɛ ne ho sene gu a, n’ahosene no nti ne ho nte. Na deɛ ɛgu ne ho fi n’ahosene no mu nie: Sɛ n’ahosene firi ne honam anaasɛ n’ahosene ma ne honam ano si a, ɛyɛ ne ho figuo. Mpa biara a deɛ ne ho sene no bɛda so no ho nte, na adeɛ biara a ɔbɛtena soɔ no ho nte. Na deɛ ɔka ne mpa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na deɛ ɔtena adeɛ a deɛ ne ho sene no tenaa soɔ no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na deɛ ɔka deɛ ne ho sene no honam no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na sɛ deɛ ne ho sene no to ntasuo gu deɛ ne ho teɛ so a, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na aboa so adwa biara a ɔhosenefoɔ no bɛtena soɔ no ho nte; na obiara a ɔka biribiara a ɛwɔ ɔhosenefoɔ no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ. Na deɛ ɔsoa saa adeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na obiara a ɔhosenefoɔ no amfa nsuo anhohoro ne nsa na ɔbɛka no no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na kukuo a ɔhosenefoɔ no bɛka no, wɔmmɔ, na dua adeɛ biara deɛ, wɔmfa nsuo nhohoro ho. Na sɛ ɔhosenefoɔ no ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson ngu n’ahofire so, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa mmasuo nnware ne honam, na ne ho ate. Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no mfa baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no AWURADE anim mfiri n’ahosene no mu. Na sɛ ɔbarima bi ahoba firi ne mu a, ɔmfa nsuo nnware ne honam nyinaa, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na ntoma biara anaa nwoma biara a ahoba bɛgu mu no, wɔmfa nsuo nsi, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ. Na sɛ ɔbarima ne ɔbaa da na ahoba gu no a, wɔmfa nsuo nnware na wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ. Na ɔbaa sɛ ne ho sene na mogya firi ne honam mu gu a, ɔntena ne nsabuo no mu nnanson, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ. Na adeɛ biara a ɔda soɔ ne nsabuo mu no ho nte, na adeɛ a ɔtena soɔ no ho nte. Na obiara a ɔka ne mpa no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na obiara a ɔka adeɛ biara a watena soɔ no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na sɛ biribi wɔ mpa no so anaasɛ adeɛ a watena soɔ no so a, obi ka a, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na sɛ ɔbarima ne no da na ne nsabuo adeɛ no bi ka ne ho a, ne ho nte nnanson, na ne mpa a ɔda soɔ no nyinaa ho nte. Na ɔbaa sɛ ne ho sene mogya gu nna pii, na ɛnyɛ ne nsabuo berɛ, anaasɛ ne ho sene tra ne nsabuo a, ɛnneɛ n’ahosene a ɛho nteɛ nna no nyinaa ne ho nte te sɛ ne nsabuo nna mu. Ne mpa a ɔda soɔ biara n’ahosene nna nyinaa mu no nyɛ no sɛ ne nsabuo mpa, na adeɛ biara a ɔtena soɔ no ho nte sɛ ne nsabuo mu deɛ no. Na obiara a ɔka nnoɔma yi no ho nte, na ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, ne ho nte kɔsi anwummerɛ. Na sɛ ne ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson mfa, na ɛno akyiri no ne ho ate. Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim, mfiri n’ahosene a ɛho nteɛ no mu. Na momma Israelfoɔ no nyi wɔn ho mfiri wɔn fi mu, na wɔanwuwu wɔn fi mu sɛ wɔrekɔgu me tenabea a ɛwɔ wɔn mu no ho fi. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma deɛ ne ho sene ne deɛ ne ho nsuo firi ne mu gu ne ho fi, ne ɔbaa a ne ho nyɛ no den ne nsabuo mu, ne deɛ ne ho sene, ɔbarima oo, ɔbaa oo, ne ɔbarima a ɔne ɔbaa a ne ho nteɛ bɛda.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Aaron mma baanu no wuo a wɔbaa AWURADE anim na wɔwuiɛ no akyiri no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔnnhyɛne kronkronbea hɔ nnkɔ ntwamutam no akyi mpata adwa a ɛwɔ adaka no soɔ no anim berɛ nyinaa mu, na wanwu, ɛfiri sɛ mununkum no mu na meyi me ho mekyerɛ, mpata adwa no so. Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔnhyɛ nwera atadeɛ kronkron no, na nwera twakoto nkata ne ho, na nwera aboomu no mmɔ n’asene, na ɔmmɔ nwera abotitene no, yei ne ntade kronkron no; ɔmfa nsuo nnware ne ho ansa na wahyɛ. Na ɔnnye Israel asafo no hɔ mpapo mmienu, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne odwennini baako, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie. Na ɔmfa mpapo mmienu no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na Aaron ntwe mpapo mmienu no so tonto, AWURADE tonto baako ne Asasel tonto baako. Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE tonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Na ɔpapo a Asasel tonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wɔnkɔgya no nkɔ serɛ so mma Asasel. Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra mfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no. Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi. Na ɔmfa aduhwam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhwam no wisie nkata mpata adwa a ɛwɔ Adanseɛ no soɔ no ho, na wanwu. Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsateaa nka mpete mpata adwa no so anim fam, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete mpata adwa no anim hɔ mprɛ nson. Na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamutam no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛdeɛ ɔde nantwinini no mogya no yɛeɛ no, na ɔmfa mpete mpata adwa no so ne mpata adwa no anim, na ɔmpata mma kronkronbea no, Israelfoɔ no afideɛ, ne wɔn mmara a wɔto, wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiaeɛ ntomadan a ɛsi wɔn mu ɛsiane wɔn afideɛ no nti. Na onipa biara nntena ahyiaeɛ ntomadan no mu, berɛ a ɔhyɛne hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie a wapata ama ɔno ara ne ne fie ne Israelfoɔ asafo nyinaa. Na ɔmfiri adi mmra afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔrebukyia no mmɛn ho nhyia, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho nyɛ no kronkron mfiri Israelfoɔ no afideɛ mu. Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra. Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so, na ɔpapo no nsoa wɔn mfomsoɔ nyinaa mfa nkɔ asase fo so. Na Aaron nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔnyi nwera atadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na ɔnnya no hɔ. Na ɔmfa nsuo nnware ne ho deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntadeɛ na ɔmfiri adi nkɔbɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne ɔman no hyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma ɔno ara ne ho ne ɔman no. Na ɔnhye bɔne ho afɔdeɛ sradeɛ no afɔrebukyia no so. Na deɛ ɔde ɔpapo no kɔ kɔgyaa no maa Asasel no nsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsraban no mu. Na bɔne ho afɔdeɛ nantwinini ne bɔne ho afɔdeɛ papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpataeɛ no, wɔmfa wɔn mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhye wɔn nwoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan. Na deɛ ɔkɔ kɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na waba nsraban no mu. Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, mommrɛ mo ho ase, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara. Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho ate afiri mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim. Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ. Na mpata no, ɔsɔfoɔ a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnni sɔfoɔ nsi n’agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntadeɛ no, ntade kronkron no, na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no, na ɔmpata mma ɔsɔfoɔ no ne ɔman asafo mu no nyinaa. Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ na wɔde apata ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu prɛko daa afirinhyia. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ ho mmara sɛ: Obiara a ɔwɔ Israel fie a ɔkum nantwie anaa odwanten anaa abirekyie nsraban no mu anaasɛ ɔku no nsraban no akyire, na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene, na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete AWURADE afɔrebukyia no so, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ no na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE. Na wɔnnkum wɔn afɔrebɔdeɛ mmma mpapo abosom a wɔdi wɔn akyiri adwamammɔ soɔ no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma wɔn, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na wɔn deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ bie, na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene. Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene. Ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra. Ɛno nti na mese Israelfoɔ sɛ: Mo mu biara nnni mogya, na ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya. Na obiara a ɔfiri Israel mma ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no a wɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wɔdie no, wɔnhwie ne mogya ngu na wɔmfa dɔteɛ nkata so. Na ɔhonam nyinaa deɛ, ne mogya ne ne nkwa, enti na mese Israelfoɔ sɛ: Monnni nam biara mogya, ɛfiri sɛ honam nyinaa nkwa ne ne mogya; obiara a ɔdie no, wɔbɛtwa no atwene. Na obiara a ɔdi deɛ wawuo anaasɛ deɛ wɔatete no, kuromani oo, ɔhɔhoɔ oo, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ne ho ate; na sɛ wansi ne ntadeɛ na wannware ne ho a, ɛnneɛ ɔnsoa ne mmusuo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Misraim asase a motenaa soɔ no so nneyɛɛ deɛ, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo rekɔ soɔ no so nneyɛɛ nso, monnyɛ, na monnni wɔn ahyɛdeɛ so. M’atemmudeɛ na monyɛ, na monkora m’ahyɛdeɛ sɛ mobɛdi soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ a onipa a ɔyɛ no bɛnya mu nkwa no. Mene AWURADE. Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkɔyi n’adagya so. Mene AWURADE. Nyi w’agya anaa wo na adagya so; wo na ne no, nyi n’adagya so. Nyi w’agya yere adagya so; w’agya adagya ne no. Wo nuabaa a ɔyɛ w’agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no efie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagya so. Wo babanin babaa anaa wo babaa babaa, nyi wɔn adagya so, ɛfiri sɛ ɛyɛ w’adagya. W’agya yere babaa a w’agya awo no no, ɔyɛ wo nuabaa, nyi n’adagya so. Nyi w’agya nuabaa adagya so; ɔyɛ w’agya honam. Nyi wo na nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo na honam. Nyi w’agya nuabarima adagya so nkɔ ne yere ho; wo na kumaa ne no. Nyi w’ase adagya so; wo babarima yere ne no, nyi n’adagya so. Nyi wo nua yere adagya so; ɛyɛ wo nua adagya. Nyi ɔbaa bi ne ne ba adagya so; mfa ne babanin babaa anaa ne babaa babaa nyi wɔn adagya so; ne honam ne wɔn; ɛyɛ abusudeɛ. Na mfa ɔbaa ne ne nua nware sɛ wobɛma wɔatwe kora, sɛ ɔda so te aseɛ no, wobɛyi n’adagya so aka ne ho. Na nkɔ ɔbaa a ne nsabuo mu ne ho nteeɛ no ho nkɔyi n’adagya so. Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsuo mma no mfa ngu wo ne no ho fi. Na mfa w’asefoɔ mu bi mmɔ afɔdeɛ mmma Molek, na ngu wo Nyankopɔn din ho fi; mene AWURADE. Na wo ne ɔbarima nnna ɔbaa nna; ɛyɛ akyiwadeɛ. Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbaa bi nnnyina aboa bi anim nnnane ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ. Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi, na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumuyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefoɔ no agu. Na mo deɛ, monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so, na monnyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, ɛfiri sɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa na asase no sofoɔ a wɔdi mo anim no ayɛ, na asase no so agu fi. Na asase no amfe mo angu sɛ moagu ho fi, sɛdeɛ ɛfee amanaman a wɔdii mo anim no guiɛ no. Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara no, wɔbɛtwa wɔn a wɔyɛ no afiri wɔn man mu atwene. Enti monhwɛ m’ahwɛdeɛ, na moanyɛ ahyɛdeɛ a wɔkyire a wɔdii mo anim yɛeɛ no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron. Mo mu biara mmu ne na ne n’agya, na monni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Monnnane mo ho nnkɔ abosonhuhuo no nkyɛn, na monnyɛ ahoni a wɔaguo te sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani: Da a mokum no ara na wɔnnie, ne n’adekyeeɛ, na deɛ ɛbɛka akɔduru nnansa no, wɔmfa ogya nhye. Na sɛ wɔdi no da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛyɛ akyiwadeɛ, ɛnsɔ ani; na deɛ ɔdie no bɛsoa ne mmusuo, ɛfiri sɛ AWURADE akronkronneɛ na wagu ho fi, na wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene. Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie wo nkwanseɛ deɛ no twa, na nni w’afuomdeɛ no mu mpɛpɛ; na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛ, na wo turo mu aba a ɛgugu fam no, ntase; gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo. Na monnka me din ho ntam atorɔ mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE. Nni wo yɔnko amim na ntwa no dwo. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma adeɛ nnkye. Nnome ɔsotifoɔ na mfa suntidua nto onifirani anim, na suro Onyankopɔn: Mene AWURADE. Monntwa atemmuo mu nkontompo. Nhwɛ mmɔborɔni anim, na nyɛ deɛ ɛbɛsɔ otumfoɔ ani; tenenee mu na bu wo yɔnko atɛn. Nkyini wo nkurɔfoɔ mu nni nsekuro; nsɔre ntia wo yɔnko mogya. Mene AWURADE. Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne. Ntɔ were na nnya wo nkurɔfoɔ mu biara ho menasepɔ, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE. Monni m’ahyɛdeɛ so. Mma w’afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w’afuo nso, mfa adeɛ mfrafra nnua mu, na mma ntoma ahodoɔ mmienu nsasaawa nnka wo ho. Sɛ ɔbarima bi ne ɔbaa da na ɔde ne ho ka no, na ɔbaa no yɛ afenaa a wɔde no ama obi awareɛ, na gyeɛ na wɔnnya nnyee no anaasɛ wɔnnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpeepee mu ntwe wɔn aso, na wɔnnku wɔn, ɛfiri sɛ ɔnne ne ho. Na ɔbarima no mfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ahyiaeɛ ntomadan no ano, asodie ho afɔdeɛ dwennini na ɔmfa mmra. Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, AWURADE anim, bɔne a wayɛ no nti, na wɔde ne bɔne a wayɛ no akyɛ no. Na sɛ moduru asase no so na motɛ dua biara a wɔdie a, mommu n’aba no sɛ momonotodeɛ; mfeɛ mmiɛnsa na ɛnyɛ mo momonotodeɛ, wɔnnni; na afe a ɛtɔ so nnan no, ɛso aba nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE ayeyie; na afe a ɛtɔ so nnum no, monni n’aba, na ne nnɔbaeɛ nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Monnni adebisasɛm na monngoro abayigorɔ. Monnkonton mo nwi ano, na nsɛe wo bɔgyesɛ ano. Mommotabota mo ho mmma awufoɔ, na monnkurukyire mo ho atwerɛ biara: Mene AWURADE. Nhura wo babaa ho mma no mmmɔ adwaman, na asase no ammɔ adwaman, na mmusuo anyɛ asase no so ma. Monni me home nna na monsuro me kronkronbea no: Mene AWURADE. Monnnane mo ho nnkɔ ɔdebisafoɔ nkyɛn, na monnhwehwɛ adunsinfoɔ akyiri kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Fa obuo ma ɔpanin, aane di akɔkoraa ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene AWURADE. Na sɛ ɔhɔhoɔ bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ ne so. Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, ɛfiri sɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Monntwa atemmuo mu nkontompo, adesusuo, adekarie ne adehyɛ mu; nsania tee, abrammoɔ tee, efa tee ne susutoa tee na monkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ no. Na monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Obiara a ɔfiri Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel mu no mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, kum na wɔnku no; asase no sofoɔ nsi no aboɔ. Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ, ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho. Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofoɔ no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔanku no a, me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu. Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene. Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no. Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi. Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe awadeɛ no, kum na wɔnkum ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no. Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, wayi n’agya adagya so; kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔne n’ase a ɔyɛ ne ba yere da no, kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyiwadeɛ. Wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbaa nna no, wɔn baanu ayɛ akyiwadeɛ, kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi. Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusudeɛ. Wɔmfa ogya nhye ɔno ne wɔn nyinaa, na abusudeɛ antena mo mu. Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, kum na wɔnku no, na aboa no nso monku no. Na ɔbaa a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbaa no ne aboa no; kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi. Na ɔbarima a ɔfa ne nuabaa a ɔyɛ n’agya ba anaa ne na ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya no, ɛyɛ animguasedeɛ, na wɔntwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabaa adagya so; ɔnsoa ne mmusuo. Na ɔbarima a ɔne ɔbaa a wabu ne nsa da na ɔyi n’adagya soɔ na ɔbue n’abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura soɔ no, wɔntwitwa wɔn baanu nyinaa mfiri wɔn man mu ngu. Na nyi wo na nuabaa anaa w’agya nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ wayi ne bogya adagya so; wɔnsoa wɔn mmusuo. Na ɔbarima a ɔne n’agya nua yere da, wayi n’agya nua adagya so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu. Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ; wayi ne nua adagya so, wɔrennya ɔba. Enti monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ akɔtena soɔ no amfe mo angu. Na mommfa aman a merebɛtu wɔn mo anim ho ahyɛdeɛ so; na wɔayɛ yeinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwunu; na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no. Na mompae asase so mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu, ne nnomaa a wɔn ho nteɛ ne wɔn a wɔn ho teɛ mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne adeɛ biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho nteɛ no angu mo kra ho fi. Na monyɛ kronkron mma me, ɛfiri sɛ me AWURADE, meyɛ kronkron. Na mayi mo afiri aman mu sɛ mommɛyɛ me deɛ. Na ɔbarima anaa ɔbaa a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, kum na wɔnku wɔn; wɔnsi wɔn aboɔ; wɔn mogya gu wɔn atifi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron mma asɔfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo mu biara nngu ne ho fi efunu bi ho ne man mu, gye ne bogya a ɔbɛn no, ne na ne n’agya ne ne babanin ne ne babaa ne ne nuabarima, ne ne nuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔbɛn no a ɔnnya nnyaa kunu, ɔno ho na ɔmma ne ho nkum. Ɔyɛ ne nkurɔfoɔ mu nipa titire nti, ɔnngu ne ho fi, nanso ɔnnhura ne ho. Wɔnnyi wɔn mpampam na wɔnnwɛre wɔn bɔgyesɛ ano, na wɔmmmotabota wɔn honam mu. Wɔnyɛ kronkron mma wɔn Nyankopɔn, na wɔnnhura wɔn Nyankopɔn din ho, ɛfiri sɛ wɔn na wɔde AWURADE gya afɔdeɛ, wɔn Nyankopɔn aduane no ba; enti wɔnyɛ kronkron. Wɔnnware ɔbaa dwamamfoɔ bi anaa deɛ ne ho ahura, nanso wɔnnware ɔbaa a ne kunu ako no, ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron ma ne Nyankopɔn. Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no. Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa firi aseɛ bɔ adwaman a, wahura n’agya ho, wɔmfa ogya nhye no. Na ne nuanom mu sɔfo panin a wɔahwie sra ngo agu n’atifi na wɔde ahyɛ ne nsam sɛ ɔnhyɛ ntadeɛ no, ɔmmpɛsɛ ne ti na ɔnnsunsuane ne ntadeɛ mu, na ɔnnkɔ efunu biara ho, n’agya ne ne na ho mpo ɔmmma ne ho nnkum. Na ɔmmfiri kronkronbea hɔ, na ɔnnhura ne Nyankopɔn kronkronbea ho, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn sra ngo no wɔ n’atifi: Mene AWURADE. Na ɔno deɛ, ɔbaabunu na ɔnwareɛ; okunafoɔ ne deɛ wɔako no ne deɛ ne ho ahura ne odwamamfoɔ deɛ, ɔnnware yeinom mu biara, na mmom ne man mu baabunu na ɔnwareɛ. Na ɔnnhura n’asefoɔ ho ne man mu: Na mene AWURADE a meyɛ no kronkron. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron sɛ: W’asefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu barima a ɔdi dɛm biara mmma mmmɛfa ne Nyankopɔn aduane no mmma; na obiara a ɔdi dɛm no mmmɛn, onifirani oo, apakye oo, hwento oo, deɛ ne honam biribi boro so oo, deɛ ne nan anaa ne nsa abu oo, afu oo, epira oo, deɛ ɛtɛ si n’ani soɔ oo, deɛ ɔyare ntwom oo, ogyatɔni oo, deɛ ne hwewa nnwoa abobɔ oo, Ɔsɔfoɔ Aaron asefoɔ mu biara a ɔdi dɛm no nntwe mmpini mmmɛfa AWURADE gya afɔdeɛ no mma; ɛdɛm wɔ ne ho, ɔmmfa ne Nyankopɔn aduane no nntwe mmpini. Ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu ade kronkron ɛne akronkronneɛ no deɛ, ɔnni bi. Ntwamutam no ho nko na ɔmmma, na afɔrebukyia no ho na ɔnntwe mmpini, ɛfiri sɛ ɛdɛm wɔ ne ho: Na wanhura m’akronkronneɛ no ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron. Na Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ wɔnte wɔn ho mfiri Israelfoɔ akronkronneɛ ho, na wɔnnhura me din kronkron no ho, adeɛ a wɔyɛ no kronkron ma me no mu: Mene AWURADE. Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awoɔ ntoatoasoɔ mu barima biara a ɔfiri mo asefoɔ nyinaa mu a ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ ayɛ no kronkron ama AWURADE na ne fi wɔ ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri m’anim atwene: Mene AWURADE. Aaron asefoɔ mu barima biara a ɔyɛ ɔkwatani anaa deɛ ne ho sene no nnni akronkronneɛ no bi kɔsi sɛ ne ho bɛteɛ; na deɛ ɔka adeɛ a efunu agu ɛho fi anaa obi a ne ho nsuo afiri ne mu, anaa obi a ɔka adeɛ biara a ɛwea a ɛmma ne ho nteɛ anaa ɔka onipa biara a ne ho wɔ fi no, ho nte; ɔkra a ɔka no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ, na ɔnnni akronkronneɛ no bi gye sɛ ɔde nsuo adware ne ho ansa. Na sɛ owia kɔtɔ a, ne ho te, ɛno akyiri ansa na ɔnni akronkronneɛ no bie, ɛfiri sɛ ɛyɛ n’aduane. Aboa funu anaa deɛ wɔatete ne mu no, ɔnnni mmfa nngu ne ho fi: Mene AWURADE. Na wɔnhwɛ m’ahwɛdeɛ na wɔansoa ɛho bɔne, na sɛ wɔhura ho a, wɔanwuwu: Mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron no. Ɔhɔhoɔ biara nnni akronkronneɛ no bi, na deɛ wabɛtena ɔsɔfoɔ bi nkyɛn anaa ɔpaani nnni akronkronneɛ no bi. Na sɛ ɔsɔfoɔ bi de ne sika tɔ onipa bi a, ɔno deɛ, ɔnni bi, ɛne deɛ wɔwoo no ne fie, wɔn na wɔnni n’aduane no bie. Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa bi kɔware ɔhɔhoɔ bi a, ɔnnni akronkronneɛ mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no bi. Na sɛ ɔsɔfoɔ babaa yi yɛ okunafoɔ anaasɛ wɔako no, na ɔnni ba, na ɔsane ba n’agya fie sɛ ne mmɔfraase a, ɔnni n’agya aduane no bi; na ɔhɔhoɔ biara deɛ, ɔnnni bi. Na sɛ obi anhyɛda, na ɔdi akronkronneɛ no bi a, ɔmfa n’abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔnnane akronkronneɛ no mma ɔsɔfoɔ no. Na wɔnnhura Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde bɔ afɔdeɛ ma AWURADE no ho, na wɔmmma wɔnnsoa asodie bɔne bi wɔn akronkronneɛ no die mu, ɛfiri sɛ mene AWURADE a ɔyɛ wɔn kronkron. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa Israel mu ahɔhoɔ mu a ɔde n’ayɛyɛdeɛ bɛba, wɔn bɔhyɛ adeɛ biara anaa wɔn ayamyi adeɛ biara a wɔde brɛ AWURADE abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; deɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛsɔ ani ama mo nti, ɛnyɛ onini a ɔdi mu a ɔfiri anantwie, nnwanten anaa mmirekyie mu; adeɛ biara a ɛdɛm wɔ ne ho no, mommfa mmma, ɛfiri sɛ ɛrensɔ ani mma mo. Na obiara a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛbrɛ AWURADE sɛ ɔde rewie n’aboadeɛ ma anaa ayamyi adeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu no, ɔmma no nni mu, na ɛnsɔ ani; ɛnnni dɛm biara. Deɛ n’ani afira anaasɛ wabubuo anaasɛ wapira anaasɛ watutu akuro anaasɛ ntwom anaa nsoa agu ne ho no, mommfa yeinom biara mmmrɛ AWURADE, na mommfa wɔn mu biara nnsɔ afɔrebukyia no so gya mmma AWURADE. Na nantwie anaa odwan a ne ho biribi boro soɔ anaasɛ watɔ ape no, ayamyi afɔdeɛ deɛ, fa no bɔ, na aboadeɛ deɛ, ɛnsɔ ani. Na deɛ wɔapɛkyɛ, wɔabɔ, wɔatu anaa wɔasa no no, mommfa mmmrɛ AWURADE, na mo asase so nso monnyɛ saa. Na ɔnanani bi nsam nso monnnye yeinom mu biara mmfa mmmɛyɛ mo Nyankopɔn aduane, ɛfiri sɛ wɔn ho aka, ɛdɛm wɔ wɔn ho, ɛrensɔ ani mma mo. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Nantwie, odwanten anaa abirekyie, sɛ wɔwo no a, ɔntena ne na ase nnanson, na ɛfiri da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, wɔde yɛ ayɛyɛdeɛ ma AWURADE gya afɔdeɛ a ɛbɛsɔ ani. Na monnkum nantwie anaa odwan ne ne ba nyinaa da koro. Na sɛ mobɔ aseda afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani; da no ara wɔnni; monnnya mu bi nnkɔsi anɔpa: Mene AWURADE. Na monni me mmara nsɛm so na monyɛ: Mene AWURADE. Na monnhura me din kronkron no ho, na wɔmmu me kronkron Israelfoɔ mu: Mene AWURADE a meyɛ mo kronkron a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ merebɛyɛ mo Nyankopɔn: Mene AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ ɛnyɛ nhyia kronkron, m’afahyɛ nna no nie. Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ home mu homeda, wɔnhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu. Yeinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmerɛ mu no: Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ yɛ AWURADE twam; na bosome no ara da a ɛtɔ so dunum no yɛ AWURADE apiti afahyɛ, nnanson na monni apiti. Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara. Na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE nnanson; da a ɛtɔ so nson no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo nnɔbaeɛ fi a ɛdi kan no mmrɛ ɔsɔfoɔ; na ɔnhim efi no AWURADE anim, na ɛnsɔ ani mma mo; homeda no, adeɛ kye a, na ɔsɔfoɔ no nhim. Na ɛda a mohim efi no, momfa odwanten ba a ɔdi mu a wadi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE, ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako. Na monnni paanoo anaa ayuo a wɔato anaasɛ wɔasie kɔsi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛdeɛ reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu. Na monkan nna mfa mfiri homeda no akyiri da, da a mode ohim fi no ba no ɛnyɛ nnawɔtwe nson pɛpɛɛpɛ. Monkan adaduonum nkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyiri da so ansa na mode aduane afɔdeɛ foforɔ abrɛ AWURADE. Momfa ohim paanoo mmienu mfiri mo tenabea mmra; esiam abupɛn du mu mmienu mmɔreka na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduanekan mma AWURADE. Na momfa nnwanten mma nson a wɔdi mu a wɔadi afe afe ne nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu nka paanoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE. Na momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ ne nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no nhim wɔn ne aduanekan paanoo no ne nnwanten mma mmienu no na ɛnyɛ AWURADE anim ohim afɔdeɛ: Ɛnyɛ kronkron mma AWURADE na wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no. Na monhyia da no ara; ɛnyɛ mo nhyia kronkron, monnyɛ adwuma den biara. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo tenabea nyinaa mu, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie w’afuo nkwanseɛ deɛ twa, na nni wo nnɔbaeɛ no mu mpɛpɛ: Gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan nyɛ mo homeda, totorobɛntohyɛn nkaeɛ, nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson yi ara da a ɛtɔ so du ne mpata da; monhyia nhyia kronkron, na mommrɛ mo ho ase na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE. Na ɛda no monnyɛ adwuma biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ mpata da a wɔpata ma mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim. Na obiara a ɔmmrɛ ne ho ase da no no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene. Na onipa biara a ɔyɛ adwuma bi saa da no no, mɛsɛe saa onii ko no afiri ne man mu. Monnyɛ adwuma biara; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu. Ɛyɛ home mu homeda ma mo, na mommrɛ mo ho ase bosome no da a ɛtɔ so nkron no anwummerɛ; monni mo homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so dunum no yɛ asese afahyɛ nnanson ma AWURADE. Da a ɛdi kan no yɛ nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara. Nnanson na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; da a ɛtɔ so nwɔtwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awieeɛ, monnyɛ adwumaden biara. Yeinom ne AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ wɔnhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne kum afɔdeɛ ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu. Ɛsono AWURADE home nna no, na ɛsono mo ayɛyɛdeɛ, na ɛsono mo aboadeɛ nyinaa, na ɛsono mo ayamyi adeɛ nyinaa a mode ma AWURADE no. Nso bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum a moreboa asase so nnɔbaeɛ ano no, monni AWURADE nnapɔnna nnanson: Da a ɛdi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ homeda. Na ɛda a ɛdi kan no, momfa nnua afɛfɛ so adeɛ, ɛberɛ ne nnua kusuu mman ne nsunoa nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnanson. Na momfa nni nnapɔnna mma AWURADE, nnanson daa afe. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ; bosome a ɛtɔ so nson no mu na monni nnapɔnna yi. Asese mu na montena nnanson, Israel man mma nyinaa ntena asese mu, na mo awoɔ ntoatoasoɔ ahunu sɛ meyii Israelfoɔ firii Misraim asase soɔ no, asese mu na memaa wɔtenaeɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na Mose paee AWURADE afahyɛ no kyerɛɛ Israelfoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hyɛ Israelfoɔ ma wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasie ngo korɔgyenn na wɔmfa nsɔ kanea no, na kanea no nsi so daa; adanseɛ ntwamutam no akyi, ahyiaeɛ ntomadan no mu na Aaron nsiesie mfiri anwummerɛ nkɔsi anɔpa, AWURADE anim daa; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa. Sika amapa kaneadua a ɛho teɛ no so na ɔnsiesie nkanea no, AWURADE anim daa. Na fa esiam to taterɛ dummienu; olonka abupɛn du mu mmienu nyɛ taterɛ baako. Na fa sesɛ so akyerɛpɛn mmienu, nsia nyɛ kyerɛpɛn baako, ɛpono a ɛho teɛ no so, AWURADE anim. Na fa ohwamfufuo korɔgyenn toto akyerɛpɛn no so, na ɛnyɛ paanoo no so nkaeɛ adeɛ, ogya afɔdeɛ a wɔsɔ ma AWURADE. Daa homeda na ɔnsiesie wɔ AWURADE anim daa, ɛyɛ Israelfoɔ fam daa apam; na ɛnyɛ Aaron ne ne mma deɛ, na wɔnni wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ so ma no, ɛyɛ daa kyɛfa. Na Israelni baa bi ba a n’agya yɛ Misraimni firii adi Israelfoɔ no mu, na Israelni baa no ba no ne Israelni bi hamee nsraban no mu. Na Israelni baa no ba no kaa edin no ho abususɛm, na ɔdomee. Na wɔde no brɛɛ Mose. Nso ne na din de Selomit, Dibri ba a ɔfiri Dan abusuakuo mu; na wɔbɔɔ no dua mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛnya AWURADE anomu asɛm aka akyerɛ wɔn. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Fa deɛ wadome no firi adi kɔ nsraban no akyi, na wɔn a wɔteeɛ no nyinaa mfa wɔn nsa ngu n’atifi, na asafo no nyinaa nsi no aboɔ. Na kasa kyerɛ Israelfoɔ nso sɛ: Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, ɔbɛsoa ne bɔne. Na deɛ ɔka AWURADE din ho abususɛm no, kum na wɔnku no: Sie na asafo no nyinaa nsi no aboɔ; ɔhɔhoɔ oo, kuromani oo, sɛ ɔka edin no ho abususɛm a, wɔnku no. Na sɛ obi kum onipa biara a, kum na wɔnku no. Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, ɔkra nsi ɔkra ananmu. Na deɛ ɔpira ne yɔnko nipa no, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no, wɔnyɛ no saa ara: Ebuo nsi ebuo ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu; sɛdeɛ ɔpiraa onipa no, saa ara na wɔnyɛ no. Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, na deɛ ɔkum onipa no, wɔnku no. Atemmuo koro nna hɔ mma mo, ɔhɔhoɔ nyɛ sɛ okuromani. Na mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ, na wɔde deɛ ɔdomeeɛ no firii adi kɔɔ nsraban no akyi kɔsii no aboɔ. Na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai bepɔ so sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so a, asase no nhome nni home afe mma AWURADE. Mfeɛ nsia na dua w’afuo mu adeɛ, na mfeɛ nsia no pempane wo bobe turo mu nnua ho na boa emu nnɔbaeɛ ano; na afe a ɛtɔ so nson no nyɛ ahomegyeɛ home mma asase no, ɛnyɛ home mma AWURADE: Nnua w’afuo mu adeɛ, na mpempane wo bobe turo mu nnua ho. Wo ntwakaeɛ a ɛfifire no, ntwa, na wo bobehoma a woampempane no so esa esa no, ntete, ɛnyɛ ahomegyeɛ afe mma asase no. Na asase no home mu adeɛ nyɛ mo deɛ, na monni, wo ne w’akoa ne w’afenaa ne wo paani ne wo hɔhoɔ a wɔabɛtena wo nkyɛn, ne w’afieboa ne mmoa a wɔwɔ w’asase no soɔ, na ɛso nnɔbaeɛ no nyinaa nyɛ wɔn aduane. Na kan home mfeɛ nson, mfeɛ nson ahodoɔ nson, fa, na home mfeɛ nson no mu nna nyɛ aduanan nkron. Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, ma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwa mu; mpata da no mu na momma wɔnhyɛne totorobɛnto ntwam mo asase nyinaa soɔ. Na monyɛ afe a ɛtɔ so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadie, asase no so, mma ɛsotefoɔ nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛ afahyɛ na mo mu biara nsane nkɔ mo agyapadeɛ mu, na obiara nsane nkɔ n’abusua mu. Ahosɛpɛ afahyɛ na saa afe a ɛtɔ so aduonum no nyɛ mma mo: Monnnua adeɛ na monntwa ne ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na monntete mo bobe homa a wɔampempane ho no so aba. Na ɛyɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe, ɛnyɛ kronkron mma mo. Monni mfuo mu nnɔbaeɛ a ɛba afe no mu no. Ahosɛpɛ afahyɛ afe yi mu no, mo mu biara nsane nkɔ mo agyapadeɛ mu. Na sɛ wotɔn biribi ma wo yɔnko anaasɛ wotɔ wo yɔnko nsam biribi a, mo mu bi nnni ne nua amim. Sɛdeɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyiri mfirinhyia ano teɛ na tɔ wo yɔnko nkyɛn adeɛ, sɛdeɛ nnɔbaeɛ mfirinhyia ano teɛ na ɔntɔn mma woɔ. Mfeɛ no dɔɔso a, to ne boɔ so, na mfeɛ no sua a, te ne boɔ so, ɛfiri sɛ afe afe nnɔbaeɛ na ɔtɔn ma woɔ. Na mo mu biara nnni ne yɔnko amim, na suro wo Nyankopɔn: Na mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monyɛ m’ahyɛdeɛ na monni m’atemmudeɛ so nyɛ, na montena asase no so dwoodwoo. Na asase no bɛba n’aduane na moadi amee, na moatena so dwoodwoo. Na sɛ moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdi afe a ɛtɔ so nson no mu? Hwɛ, yɛnnua na yɛntwa yɛn nnɔbaeɛ a, ɛnneɛ, mɛhyɛ me nhyira mama mo afe a ɛtɔ so nsia no mu, na aba mfeɛ mmiɛnsa aduane; na modua aduane afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu a, mobɛdi nnɔbaeɛ dada no akɔsi afe a ɛtɔ so nkron no mu. Mobɛdi aduane dada no akɔsi sɛ ne nnɔbaeɛ bɛba. Na wɔnntɔn asase no korakora, ɛfiri sɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔhoɔ ne atubrafoɔ. Na asase a modi soɔ nyinaa, momma asase no gyeɛ ho kwan. Sɛ ɛhia wo nua na ɔtɔn n’adeɛ bi a, ɛnneɛ ne gyefoɔ a ɔyɛ obusuani a ɔbɛn no mmra mmɛgye deɛ ne nua tɔneeɛ no. Na sɛ obi nni gyefoɔ na ne nsa aso na wanya deɛ ɛso gyeɛ a, ɛnneɛ, ɔmmu mfeɛ a ɔtɔneeɛ no ano na ɔnhyɛ deɛ ɛboro soɔ no ananmu mma deɛ ɔtɔn maa no no, na ɔnsane mmra n’adeɛ ho. Na sɛ ne nsa anso deɛ ɛso ananmuhyɛ no so a, ɛnneɛ, adeɛ a ɔtɔneeɛ no ntena deɛ ɔtɔeɛ no nsam nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no, na ɛfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu no, ɔnsane mmra n’adeɛ ho. Na sɛ obi tɔn efie a wɔtena mu wɔ kuro a ɔfasuo wɔ ho mu a, wɔmma ne gyeɛ ho kwan nkɔsi sɛ ne tɔn afe no duru soɔ; nna yi na ɔwɔ ne gyeɛ ho kwan. Na sɛ wannye ma afe mu wie duru a, ɛnneɛ, efie a ɛwɔ kuro a ɔfasuo wɔ ho mu no nyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora, n’awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; ɔdenadeɛ no ntumi mmɛgye bio ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu. Na adan a ɛwowɔ nkuraa a ɔfasuo nni ho aseɛ no deɛ, wɔmmu nka asase no so mfuo ho: Wɔmma ne gyeɛ ho kwan; na wɔmmɛgye no ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu. Na Lewifoɔ nkuro a ɛyɛ nkuro a wɔdi soɔ no mu afie deɛ, Lewifoɔ wɔ ne gyeɛ ho kwan daa. Na sɛ Lewifoɔ mu bi annye ne fie a wɔatɔn a ɛwɔ kuro a ɔdi soɔ mu a, ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu no, ɔmfa n’adeɛ, ɛfiri sɛ Lewifoɔ nkuro mu afie ne wɔn adeɛ a wɔdi soɔ Israelfoɔ mu. Na wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase deɛ, wɔnntɔn, na ɛyɛ wɔn adeɛ a wɔdi so daa. Na sɛ ɛhia wo nua na ɔpa aba a, sɔ ne mu na ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔhoɔ ne otudanfoɔ. Nnye ne hɔ mfɛntomu, na nhuri ne ka a ɔde woɔ no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa. Mfa wo sika mma no nnye ɛho mfɛntomu, na nhuri w’aduane a woma no no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ sɛ mede Kanaan asase merema mo na mayɛ mo Nyankopɔn. Na sɛ ɛhia wo nua a ɔwɔ wo nkyɛn na wɔtɔn no ma wo a, nni no nya, na mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani ne otudanfoɔ; ɔnsom wo nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no so. Ɛno na ɔmfiri wo nkyɛn, ɔno ne ne mma nyinaa, na ɔnsane nkɔ n’abusua mu ne n’agyanom adeɛ a wɔdi soɔ no ho. Na wɔyɛ me nkoa a meyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔnntɔn wɔn nkoatɔn. Mfa nyadie nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn. Na w’akoa ne w’afenaa a wobɛnya no, amanaman a wɔgugu mo ho no, wɔn mu na tɔ akoa ne afenaa. Na ahɔhoɔ a wɔatu abɛtena mo nkyɛn no mma no nso, montɔ wɔn mu bi ne wɔn abusuafoɔ a wɔne mo teɛ a wɔawo wɔn mo asase soɔ no bi, na wɔnyɛ mo agyapadeɛ, na moagya wɔn ama mo mma wɔ mo akyi ayɛ wɔn awunnyadeɛ ne adeɛ a wɔdi so daa, na wɔnsom mo nkoasom; na mo nuanom Israelfoɔ deɛ, obiara mmfa nyadie nnhyɛ ne nua so. Na sɛ wo nkyɛn hɔhoɔ anaa otubrafoɔ bi nsam wɔ biribi, na ɛhia wo nua a ɔne no wɔ hɔ, na wɔtɔn no ma ɔhɔhoɔ a watu abɛtena wo nkyɛn anaa ɔhɔhoɔ no abusua mu nipa bi a, ɛnneɛ, ne tɔn akyiri no, wɔmma ne gyeɛ ho kwan; ne nuanom mu baako nnye no, anaasɛ n’agya nua anaa n’agya nua ba nnye no, anaasɛ n’abusua mu bogya bi nnye no, anaasɛ ne nsam wɔ biribi a, ɔnnye ne ho. Na ɔne deɛ ɔtɔɔ no no mmu nkonta mfiri afe a wɔtɔn no maa no no so nkɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, na ne tiriadeɛ nyɛ sɛdeɛ mfeɛ no dodoɔ teɛ, ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani nna. Sɛ mfeɛ no da so dɔɔso a, ne tiri sika no mu gyeɛ adeɛ a ɔbɛdane ama no no nnɔɔso saa ara; na sɛ aka mfeɛ kakraa bi na aduru ahosɛpɛ afahyɛ afe no so a, ɔmmu mma no: Ne mfeɛ no ano pɛ na ɔnnane ne gyeɛ adeɛ mma no: Ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani deɛ afe afe: Ɔmmfa nyadie nnhyɛ no so wɔ w’anim. Na sɛ wɔamfa yeinom so annye no a, ɛnneɛ, ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu, ɔmfa ne ho nkɔdi, ɔno ne ne mma nyinaa. Na me na Israelfoɔ yɛ me nkoa. Me nkoa a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ ne wɔn: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Monni me home nna, na monsuro me kronkronbea: Mene AWURADE. Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a, ɛnneɛ mɛma osuo atɔ ama mo ne berɛ mu, na asase no ama ne nnɔbaeɛ, na mfuo mu nnua aso aba; na aduane poreɛ bɛkɔ so akɔduru bobe aba teteɛ mu, na bobe aba teteɛ no akɔ so akɔduru duaberɛ, na mobɛdi mo aduane amee, na moatena mo asase so dwoodwoo. Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so. Na mobɛka mo atamfoɔ agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano; na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ɔha bɛka mpemdu agu, na mo atamfoɔ atotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano. Na mɛdane m’anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina. Na mobɛdi akoradeɛ dada a akyɛre, na mobɛyi adada no agu, afoforɔ no nti. Na mede me tenabea bɛsi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwunu. Na mɛnante mo mu, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mebubuu mo kɔnnua na memaa monantee kyirebenn no. Na sɛ moantie me na moanni me mmara nsɛm yi nyinaa so, na sɛ mopa m’ahyɛdeɛ, na m’atemmuo yɛ mo kra nwunu, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mobu m’apam so a, me nso deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma akomatudeɛ abɛto mo, nsamanwa ne ɔfoɛ a ɛbɛma mo ani ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mobɛdua mo aduadeɛ kwa, na mo atamfoɔ abɛdi. Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane. Na sɛ yeinom mu moantie me ara a, ɛnneɛ mo bɔne nti mɛtwe mo aso mprɛnson aka ho, na mabubu mo ahoɔden ahokyerɛ no. Na mɛyɛ mo soro sɛ dadeɛ, na mo asase ayɛ sɛ kɔbere, na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbaeɛ, na asase no so nnua renso aba. Na sɛ mone me di asie ara na mompɛ sɛ motie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mprɛnson sɛdeɛ mo bɔne teɛ no. Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo. Na sɛ moamma mamfa yeinom ammɔ mo kɔkɔ na mone me di asie ara a, ɛnneɛ me nso mene mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mprɛnson. Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa. Na mɛbubu mo aduane dua, na mmaa du ato mo paanoo fononoo baako mu, na wɔakari mo paanoo ama mo, na mobɛdi na moremmee. Na sɛ yei mu nso moantie me na mone me di asie ara a, ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson. Na mobɛdi mo mmammarima nam, na mo mmabaa nam nso moadi. Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu. Na mɛgu mo nkuro mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhwam no hwa. Na me ara mɛsɛe asase no ama mo atamfoɔ a wɔbɛtena soɔ no ani so ayɛ wɔn yaa; na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo. Ɛno na asase no bɛnya ne homeberɛ mu ahotɔ, nna a ɛso bɛda hɔ tuu no nyinaa, na mo deɛ, mo atamfoɔ asase so na mobɛtena; ɛno na asase no bɛhome na anya ne home nna no mu ahotɔ. Nna a ɛso bɛda hɔ tuu no nyinaa na ɛbɛhome, sɛ nna dodoɔ a anhome, mo home mmerɛ mu, berɛ a na mote soɔ no. Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn; na wɔakyere abom ahwe ase sɛdeɛ wɔredwane nkrantɛ anim, berɛ a obi mpamo wɔn. Na morennya mo atamfoɔ anim agyinayɛ. Na mobɛwuwu wɔ wiase amanaman mu, na mo atamfoɔ asase amene mo. Na mo mu wɔn a wɔbɛka no ho bɛhiahia wɔn wɔ wɔn amumuyɛ mu, mo atamfoɔ asase so, na wɔn agyanom amumuyɛ nso nti wɔn ho bɛhiahia wɔn sɛ wɔn agyanom no ara. Ɛno na wɔbɛka wɔn amumuyɛ ne wɔn agyanom amumuyɛ no; — sɛ, nkontompo a wɔtwaa me ne asie a wɔne me diiɛ nti, me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a, ɛnneɛ mɛkae mene Yakob apam no; ɛne mene Isak apam no nso; na mene Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no. Na asase no deɛ, wɔbɛgya na anya ne homeberɛ no mu ahotɔ, sɛ wɔnni soɔ nti ada hɔ tuu; na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ wɔpoo m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu nti, wɔbɛnya wɔn amumuyɛ ho asotwe, ɛfiri sɛ wɔpaa m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu. Nanso yeinom nyinaa akyiri no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfoɔ asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwunu na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so: Na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn. Na wɔn nti mɛkae apam a mene wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim asase so wiase amanaman nyinaa anim pamm sɛ mɛyɛ wɔn Nyankopɔn no ama wɔn: Mene AWURADE. Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara a AWURADE de nam Mose so too ɔno ne Israelfoɔ ntam, Sinai bepɔ soɔ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ obi hyɛ bɔ titire bi a, nnipa deɛ, wɔnyɛ AWURADE deɛ, sɛdeɛ wobɛbɔ wɔn boɔ. Na ɛboɔ a bɔ nie: Ɔbarima a wadi mfirinhyia aduonu de kɔsi mfeɛ aduosia, ɛboɔ a bɔ nyɛ nnwetɛbena aduonum sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ no. Na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wo boɔ nnyina nnwetɛbena aduasa; na sɛ wadi mfeɛ nnum de kɔsi mfeɛ aduonu na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena aduonu, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du. Na sɛ wadi bosome baako de kɔsi mfeɛ nnum a, wo boɔ a wode bɛbɔ ɔbarima nyɛ nnwetɛbena nnum, na ɔbaa deɛ, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena mmiɛnsa. Na sɛ wadi mfeɛ aduosia anaasɛ deɛ ɛboro saa na ɔyɛ ɔbarima a, wo boɔ nyɛ nnwetɛbena dunum, na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, nnwetɛbena du. Na sɛ ohia aka no a enti ɔntumi mma wo boɔ a wobɔeɛ no a, wɔmfa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ; sɛdeɛ deɛ wahyɛ bɔ no nsa bɛso soɔ, na ɔsɔfoɔ no mmɔ no boɔ. Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔde bi brɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ no bi a, adeɛ a wɔde bi brɛ AWURADE nyinaa yɛ kronkron. Wɔnnsakyera, na wɔmmfa papa nnsesa bɔne anaasɛ bɔne nnsesa papa; na sɛ sesa na wɔde aboa sesa aboa a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde sesaeɛ no nyinaa nyɛ kronkron. Na sɛ ɛyɛ aboa biara a ne ho nteɛ a wɔmfa no mmrɛ AWURADE sɛ ayɛyɛdeɛ a, wɔmmfa aboa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ anim, na sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ wo, sɔfoɔ no, bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina. Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔgyeɛ a, ɛnneɛ ɔmfa wo boɔ no abupɛn nnum mu baako nka ho. Na sɛ obi yɛ ne fie kronkron sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE a, sɛ ɛyɛ oo, ɛnyɛ oo, ɔsɔfoɔ no mmɔ ne boɔ; sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛbɔ no, saa ara na ɛnnyina. Na sɛ deɛ ɔyɛɛ no kronkron no bɛgye ne fie no a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛnyɛ ne deɛ. Na sɛ obi yɛ n’asase a ɔdi soɔ kronkron ma AWURADE a, wo boɔ bɔ nyɛ sɛdeɛ n’aduadeɛ teɛ; bɔ atokoɔ a wɔdua homer baako boɔ nnwetɛbena aduonum. Sɛ ɔfiri ahosɛpɛ afahyɛ afe so yɛ n’asase no kronkron a, ɛnnyina wo boɔ no so; na sɛ ahosɛpɛ afahyɛ afe no akyi na ɔyɛ n’asase no kronkron a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu n’akonta mma no sɛdeɛ mfeɛ a aka na ahosɛpɛ afahyɛ afe aduro no teɛ no, na wɔnte wo boɔ no so. Na sɛ gyeɛ na deɛ ɔyɛɛ asase no kronkron no bɛgyeɛ a, ɔmfa wo boɔ no dwetɛ abupɛn nnum mu baako nto so, na ɛntena ne nsam; na sɛ wannye asase no na wɔtɔn ma obi a, wɔnnnye bio, na sɛ asase no nni wura ahosɛpɛ afahyɛ afe no mu a, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE, sɛ asase a wɔahyira so de ama; ɛnyɛ ɔsɔfoɔ no agyapadeɛ. Na sɛ ɔyɛ asase a ɔtɔeɛ a ɛnyɛ n’asase a ɔdi soɔ bi kronkron ma AWURADE a, ɔsɔfoɔ no mmu akonta mma no nkyerɛ no wo boɔ no mu deɛ ɛbɛka akɔsi ahosɛpɛ afahyɛ afe no soɔ, na ɔmma wo boɔ a wobɔeɛ no da no ara; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. Ahosɛpɛ afahyɛ afe no so, asase no nsane nkɔyɛ deɛ ɔtɔɔ no ne nkyɛn a ɛyɛ n’asase a ɔdi soɔ no dea. Na wo boɔ a wobɛbɔ nyinaa nyɛ sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ; gera aduonu yɛ dwetɛbena baako. Na afieboa mu mmakan a wɔawo ama AWURADE no nko deɛ, obi nnyɛ wɔn kronkron; nantwie oo, odwan oo, ɛyɛ AWURADE dea. Na sɛ ɛyɛ afieboa a wɔn ho nteɛ no bi a, ɛnneɛ ɔnnye no wo boɔ a wobɛbɔ no so, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so; na sɛ wɔannye no a, ɛnneɛ wɔntɔn no sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ. Nso ahyiradeɛ biara a obi bɛhyira so ama AWURADE, adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu no, onipa oo, aboa oo, n’asase a ɔdi so oo, ɛno deɛ wɔnntɔn, na wɔnnnye nso; ahyiradeɛ biara yɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE. Obiara a wɔabu no kumfɔ no, wɔnnnye; kum na wɔnku no. Na asase no so aduane ntotosoɔ du du a ɛfiri asase so aduadeɛ ne nnua so aba mu no nyinaa yɛ AWURADE dea; ɛyɛ kronkron ma AWURADE. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔgye ne ntotosoɔ du du no bi a, ɔmfa abupɛn nnum mu baako nto so. Na anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du nyinaa, adeɛ a ɛfa odwanhwɛfoɔ poma ase nyinaa mu deɛ ɛtɔ so du du no, ɛnyɛ kronkron mma AWURADE. Wɔmmpa papa ne bɔne mu, na wɔnnsesa ebi nso; na sɛ obi bɛsesa ebi a, ɛnneɛ ɛno ne deɛ wɔde resesa no nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE; wɔnnnye. Yeinom ne mmara nsɛm a AWURADE de hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, maa no de kɔmaa Israel mma no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie. Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo. Mfasoɔ bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu? Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba, na asase deɛ, ɛtim hɔ daa. Owia pue, na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a ɛfiri pue hɔ. Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam, na ɛdane ba atifi fam; ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so na mframa no nam sane ba. Nsubɔntene nyinaa sene kɔ po mu, nanso ɛpo nyɛ ma ara da. Faako a nsubɔntene no nenam korɔ no, ɛhɔ ara na ɛsane kɔ bio. Abrabɔ nyinaa mu yɛ ɔbrɛ nko ara; obiara ntumi nka; adehwɛ mmee aniwa, na asɛnteɛ nso nyɛ aso ma ara da. Adeɛ biara a ɛwɔ hɔ no bɛkɔ so ara awɔ hɔ. Na biribiara a ayɛ no, ɛbɛkɔ so ara ayɛ; na adeɛ foforɔ biara nni hɔ owia yi ase. Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ: Hwɛ, yei yɛ foforɔ anaa? Tete nteredee berɛ a adi yɛn anim no so na ɛbaeɛ. Nkaeɛ biara nni hɔ mma kane nnoɔma no, na daakye nnoɔma a ɛbɛba no nso rennya nkaeɛ biara, deɛ ɛbɛdi akyire aba no nkyɛn. Me ɔsɛnkafoɔ, madi Israel so hene Yerusalem; Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato adasamma soɔ sɛ wɔmmfa mu no. Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu. Deɛ akyea no, wɔntumi ntene, na deɛ ate aka mu no, wɔntumi nkan. Me ne m’akoma kasaa sɛ: Me deɛ, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na m’akoma ahunu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso. Na mede m’akoma nyinaa hwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahunu adammɔ ne nkwaseasɛm, nanso mahunu sɛ yei nso yɛ dadwene hunu. Na nyansa dodoɔ mu wɔ ɔhaw dodoɔ, na deɛ ɔtia nimdeɛ no ti awerɛhoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mekaa no m’akomam sɛ: Bra na memfa anigyeɛ mensɔ wo nhwɛ; gye w’ani! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhudeɛ. Mekaa wɔ ɔsereɛ ho sɛ: Ɛyɛ adammɔ! Na mekaa wɔ anigyeɛ ho sɛ: Ɛdeɛn na wɔnya firii mu? Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ nkwaseasɛm mu ɛberɛ a mese meremma nyansa akyerɛ me kwan no. Na merepɛ ahunu sɛ ɛyɛ ma adasamma sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ ɔsoro aseɛ, wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia no mu. Meyeyɛɛ nnwuma akɛseɛ, mesisii adan, meyɛɛ bobe turo ahodoɔ fae, meyɛɛ turo ahodoɔ ne baabi a yɛtu mpasa a masiesie hɔ, na metetɛɛ mu nnua a ɛso aba ahodoɔ nyinaa bi; meyeyɛɛ nsuo atadeɛ, na mede mu nsuo magugu kwaeɛ a nnua fefɛ wɔ mu no so; menyaa nkoa ne mfenaa, na efie nnipa nso wɔ me, nso menyaa anantwie, nnwan ne mmirekyie akuakuo pii sene wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa; nso meboaa dwetɛ, sika, ahemfo ne nsase so ademudeɛ ano mefae, menyaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ne mmarima anigyedeɛ ne mpenafoɔ bebree; na meyɛɛ kɛse mekɔɔ so mesenee wɔn a wɔdii m’anim Yerusalem nyinaa, na me nyansa nso tenaa me mu; na biribiara a m’ani hwehwɛeɛ no, mankame no; mansi m’akoma anigyeɛ biara ho kwan, na m’akoma ani gyee me brɛ no nyinaa mu na yei yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa. Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia yi ase. Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na ɛdeɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyire no bɛyɛ? Deɛ wɔayɛ no tete nteredee no ara. Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa mu sene nkwaseasɛm mu, sɛdeɛ hann mfasoɔ sene esum deɛ no. Onipa nyansafoɔ nim faako a ɔrekorɔ, na ɔkwasea deɛ, esum mu na ɔnanteɛ. Nanso mehunuu nso sɛ asiane korɔ no ara na ɛsiane wɔn nyinaa. Na mekaa no m’akomam sɛ: Ɔkwasea asiane no ara bi na ɛbɛsiane me nso; na ɛno deɛ, adɛn nti na mehunuu nyansa mesenee ebinom? Na mesee no m’akomam sɛ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, ɛfiri sɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afiri ne nyinaa dada; na ɛyɛ dɛn na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa wuwuo! Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia yi ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu. Na me brɛ a mebrɛɛ no owia yi ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebɛgya no hɔ mama onipa a ɔbɛdi m’adeɛ no. Na hwan na ɔnim sɛ ɔbɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso ɔbɛdi m’adeɛ a mebrɛɛ ho mede nyansa menyaa no owia yi ase no nyinaa so. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Na menuu me ho wɔ ɔbrɛ a mebrɛɛ owia yi ase no nyinaa ho. Ɛfiri sɛ ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne nyansa, n’adwene ne ne nimdeɛ abrɛ ayɛ adwuma no, ɔgya ne nyinaa hɔ ma deɛ wammrɛ bɛfa: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adebɔne kɛseɛ. Na ɛdeɛn na onipa nya wɔ ne brɛ nyinaa ne n’akoma mu dadwene a ɔde ha ne ho owia yi ase no mu? Na ne nna nyinaa yɛ ayayadeɛ, na ne haw yɛ no awerɛhoɔ, nso anadwo mpo n’akoma ntɔ ne yam: Yei nso, ahuhudeɛ ne no. Biribi pa biara nna hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa ne brɛ no mu; yei nso mahunu sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire; ɛnyɛ ɔno a, hwan na anka ɔbɛtumi adidie anaa hwan na anka ɔbɛtumi anya anigyeɛ? Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adeɛ biara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ no, na ɛberɛ wɔ hɔ ma adwuma biara ɔsoro ase: Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ; ɔtɛ wɔ ne berɛ, na deɛ wɔatɛ no tutuo wɔ ne berɛ; okum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ; bubuo wɔ ne berɛ, na osie wɔ ne berɛ; esu wɔ ne berɛ, na sereɛ wɔ ne berɛ; abooboodie wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ; aboɔ toguo wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ; atuuyɛ wɔ ne berɛ, na atuuyɛ ntetemu wɔ ne berɛ; ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ; osuane wɔ ne berɛ, na ɔpam wɔ ne berɛ; kommyɛ wɔ ne berɛ, na ɔkasa wɔ ne berɛ; ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtane wɔ ne berɛ; akodie wɔ ne berɛ, na ɔmannwoeɛ wɔ ne berɛ. Mfasoɔ bɛn na deɛ ɔyɛ adwuma no nya no deɛ ɔbrɛ ho no mu? Mahunu ɔbrɛ adwuma a Onyankopɔn de ama adasamma sɛ wɔmmrɛ nyɛ no. Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no. Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma wɔn kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani, asɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn nkwa nna mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hunu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Nyankopɔn akyɛdeɛ ne no. Menim sɛ adeɛ biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa; wɔrentumi mfa bi nka ho, na wɔrentumi nyi bi mfiri mu. Na Onyankopɔn ayɛ no saa sɛdeɛ nnipa bɛsuro n’anim. Deɛ ɛba no yɛ teteete adeɛ, na deɛ ɛrebɛba no nso, ɛbaa teteete, na Onyankopɔn hwehwɛ deɛ ɛsene kɔ bio. Na deɛ mahunu bio owia yi aseɛ ne atemmubea a abɔnefosɛm wɔ hɔ ne teneneebea a amumuyɛ wɔ hɔ. Mekaa no m’akomam sɛ: Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ nyinaa, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wahyɛ berɛ ama adwuma biara ne adeyɛ biara. Mekaa no m’akomam wɔ nnipa mma ho sɛ, Onyankopɔn resɔ wɔn ahwɛ, na wɔahunu sɛ wɔn fam no, wɔte sɛ mmoa ara nko. Na nnipa mma hyɛberɛ ne mmoa hyɛberɛ sɛ, na hyɛberɛ korɔ da hɔ ma wɔn, sɛ oyi wuo teɛ no, sɛ oyi wuo nso teɛ ne no, na honhom baako na wɔn nyinaa wɔ, na kyɛne a onipa bɛkyɛne aboa nni hɔ; na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ. Adeɛ nyinaa kɔ faako, adeɛ biara firi dɔteɛ mu, na adeɛ nyinaa sane kɔ dɔteɛ mu. Hwan na ɔnim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro ne mmoa honhom sɛ ɔsiane kɔ asase aseɛ? Na mehunuu sɛ adepa biara nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛne ne kyɛfa. Na hwan na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ deɛ ɛbɛba akyire no?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi! Ɛnna medwenee sɛ awufoɔ a wɔawuwu dada no tiri ayɛ yie sene nnipa a wɔda so tete aseɛ no. Na deɛ ɔyɛ sene wɔn baanu no ne deɛ ɔnnya mmaeɛ a ɔnnya nhunuu nneyɛɛ bɔne a wɔyɛ no owia yi aseɛ no. Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu. Ɔkwasea pompono ne nsa tena hɔ, na ɔdi ɔno ara ne honam. Kommyɛ kakra yɛ sene ɔbrɛ ne dadwene hunu bebree. Na mesane mehwɛɛ owia yi ase ahuhudeɛ. Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no. Baanu yɛ sene baako, ɛfiri sɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn; na sɛ wɔhwe ase a, ɔbaako bɛma ne yɔnko so, na ɔbaakofoɔ a ɔhwe aseɛ a obi nka ne ho mma no soɔ nnue. Bio, sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hye, na ɔbaakofoɔ deɛ, ne ho bɛyɛ no hye sɛn? Na sɛ obi toa ɔbaakofoɔ a, ɔrentumi nnyina, nanso baanu ne no bɛdi asie; na ahoma a wɔaka abɔ ho mmiɛnsa no rente ntɛm. Fanyinam aberantewaa hiani nyansafoɔ sene ɔhene akɔkoraa kwasea a ɔntie afotuo bio. Na obi firi nneduafoɔ dan mu bɛdii hene, nso wɔwoo no hiani n’ahennie asase no so. Mehunuu ateasefoɔ a wɔnam owia yi aseɛ nyinaa ne aberantewaa foforɔ a ɔbɛgyinaa n’ananmu no. Ɔman no nyinaa, wɔn a wɔdii n’anim nyinaa nni awieeɛ, nso wɔn a wɔbɛba akyire yi no ani rennye ne ho. Ampa ara, yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne. Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi. Na adaeɛso nam ɔbrɛdwene mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodoɔ mu. Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, ɛfiri sɛ ɔnni nkwaseafoɔ ho akoma pa bi: Deɛ woahyɛ bɔ no, ma! Fanyinam sɛ woanhyɛ bɔ sene sɛ woahyɛ bɔ na womma. Mma w’ano kwan mfa wo nkɔ bɔne mu, na nka wɔ ɔbɔfoɔ no anim sɛ: Ɛyɛ mfomsoɔ. Adɛn nti na Nyankopɔn bo mfu wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma? Na daeɛso rekɔ soro no, na nsɛm huhuo redɔɔso; nanso Onyankopɔn mmom na suro no. Na sɛ wohunu mmɔborɔni sɛ wɔhyɛ ne soɔ, ne atemmuo, ne tenenee anidane wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiri wo saa asɛm no ho, na deɛ ɔso no, deɛ ɔso sene no hwɛ no so, na deɛ ɔso koraa no hwɛ wɔn so. Na adeɛ nyinaa mu mfasoɔ ne sɛ ɔhene bi wɔ hɔ ma asase a wɔdɔ soɔ no. Deɛ ɔpɛ sika no, sika mmee no, na deɛ ɔpɛ adeɛ dodoɔ no nnya mu mfasoɔ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Berɛ a nnepa redɔɔso no, na adifoɔ nso redɔɔso, na yiedie bɛn na ɛwom ma ɔdenadeɛnom no, sɛ hwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko? Odwumayɛni didi kakraa bi oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefoɔ meeɛ no mma no nnya adayɛ. Bɔne bi a ɛyɛ ya wɔ hɔ a mahunu owia yi aseɛ, ɛne ahonyadeɛ a ɔdenadeɛnom kora ma wɔn ara mmusuo. Na ahonyadeɛ no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam. Sɛdeɛ ɔfiri ne na yam adagya mu baeɛ no, saa ara na ɔbɛsane akorɔ, sɛ ɔbaa no no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bɛkuta ne nsam akorɔ. Na yei nso yɛ bɔne a ɛyɛ ya, sɛdeɛ ɔbaa no ara, saa ara na ɔbɛkorɔ, na ɛyɛ no mfasoɔ bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu? Nso ne nna nyinaa, esum mu na ɔdidiiɛ, na n’abufuo ne ne yadeɛ ne n’awerɛhoɔ dɔɔso. Hwɛ, deɛ mahunu sɛ ɛyɛ ne sɛ ɛyɛ fɛ sɛ obi didie na ɔnom na ɔhunu papa wɔ ne brɛ a ɔbrɛ owia yi aseɛ no mu nyinaa, ne nkwa nna dodoɔ a Onyankopɔn de ma no; na ɛne ne kyɛfa. Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyadeɛ ne adedodoɔ, na ɔma no ho kwan sɛ ɔnni bi na ɔmfa no sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, yei nso, Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no. Na ɔrenkae ne nkwa nna pii, ɛfiri sɛ Onyankopɔn agye ne so ama no n’akoma anigyeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu owia yi aseɛ, na ɛdɔɔso nnipa so: Obi a Onyankopɔn ama no ahonyadeɛ ne adedodoɔ ne animuonyam, na deɛ ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ ɔnni bie, na ɔnanani bi na ɔdie, yei deɛ, ahuhudeɛ ne ayayadeɛ ne no. Sɛ obi wo mma ɔha na ɔdi mfeɛ pii, na ne mfeɛ mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra na wɔansie no yie a, mese, mpo ɔpɔn ba yɛ sene no. Na ɔba no adehunu mu, na esum mu na ɔkorɔ, na esum na ɛkata ne din soɔ, owia nso wanhunu na ɔnnim, ɔhome wɔ hɔ ma oyi sene ɔno. Na sɛ mpo ɔdi mfeɛ apem mmɔho, nanso wannya mu papa biara a, ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa korɔ? Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no da. Na ɛdeɛn na onyansafoɔ de sene ɔkwasea? Ɛdeɛn nso na ohiani a ɔnim ateasefoɔ mu abrabɔ no de kyɛne soɔ? Deɛ ɛwɔ hɔ a aniwa hu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu. Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham. Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhudeɛ dɔɔso; mfasoɔ bɛn na onipa nya? Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuo mu, na nna dodoɔ a ɔdie sɛ sunsum no? Na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ onipa deɛ ɛbɛba wɔ ne wuo akyi?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Din pa yɛ sene ngo a ne boɔ yɛ den, na owuda yɛ sene awoda. Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ, ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ, na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam. Awerɛhoɔ yɛ sene sereɛ, na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na akoma nam nya suahunu. Anyansafoɔ akoma wɔ abooboodie fie, na nkwaseafoɔ akoma wɔ ahuhu fie. Onyansafoɔ animka tie yɛ sene sɛ obi tie nkwaseafoɔ dwontoɔ. Na sɛdeɛ nkasɛɛ turituri ɛsɛn aseɛ no, sɛ ɔkwasea sereɛ teɛ ne no; yei nso yɛ ahuhudeɛ. Aane, nhyɛsoɔ bɔ onyansafoɔ dam, na ayɛyɛdeɛ sɛe akoma. Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ, ntoboaseɛ honhom yɛ sene ahomasoɔ honhom. Mma wo honhom mmpere abohuro ho, na nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ. Nka sɛ: Adɛn na na akane nna no yɛ sene yeinom yi? Na ɛnyɛ nyansa so na wobisa yei aseɛ. Nyansa yɛ sɛ awunnyadeɛ, na ɛyɛ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia no. Na nyansa nwunu ase tena te sɛ sika nwunu ase tena, na nimdeɛ yɛ mfasoɔ, na nyansa gye ne wura nkwa. Hwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ. Na hwan na ɔbɛtumi atene deɛ ɔno akyea no? Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara. Mahunu adeɛ nyinaa m’abrabɔ hunu nna mu: Ɔteneneeni bi wɔ hɔ a, ne tenenee nyinaa mu no, ɔyera firi hɔ, na ɔbɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyiri no, ɔtena ase kyɛre. Nyɛ wo ho ɔteneneeni bebrebe, na nyɛ onyansafoɔ ntra so: Adɛn nti na wosɛe wo ho? Mma abɔnefosɛm nnɔɔso na nyɛ ɔkwasea nso. Adɛn nti na wobɛbu wo berɛ mu awuo? Ɛyɛ sɛ wosɔ yei mu, na yei nso wonyi wo nsa mfiri ho. Na deɛ ɔsuro Onyankopɔn bɛfiri ne nyinaa mu. Nyansa hyɛ onyansafoɔ den sene atumfoɔ du a wɔwɔ kuro mu. Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne. Nso mfa w’akoma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo. Na w’akoma nim mprɛ bebree a wo nso wodomee ebinom. Mede nyansa masɔ yei nyinaa mahwɛ; mekaa sɛ: Mɛhunu nyansa; nso ɛne me ntam ware. Deɛ ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkodonko, hwan na ɔbɛhunu? Mede m’akoma nso mekyinii sɛ mɛhunu na mapeepee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahunu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ. Na mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo: Ɔbaa a n’akomam wɔ fidie ne asau na ne nsa yɛ nhoma. Deɛ ɔsɔ Nyankopɔn ani bɛfiri ne ho afi, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔbɛkye no. Hwɛ, yei na mahunu, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, mefaa no mmaako mmaako, na manya ho mmuaeɛ. Deɛ me kra hwehwɛ bio nanso menhunuiɛ nie: Ɔbarima baako na mahu no apem mu, na ɔbaa deɛ, menhunuu bi, yeinom nyinaa mu. Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ no, na hwan na ɔnim asɛm ase kyerɛ? Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim denyɛ sakyera. Mese Di ɔhene anomu asɛm so, na ɛsiane Onyankopɔn ntam a woaka no nti, ɛmma no nnha wo; firi n’anim kɔ; sɛ asɛm no nyɛ dɛ a, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi? Deɛ ɔdi mmara asɛm soɔ no nnim asɛmmɔne biara, na onyansafoɔ akoma nim berɛ ne atemmuo. Na ɛberɛ ne atemmuo wɔ hɔ ma nneyɛɛ nyinaa, na onipa bɔne dɔɔso ne so ma no. Na obi nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, na sɛdeɛ ɛbɛba no, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no? Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi. Yei nyinaa mahunu na mede m’akoma ato adwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa so: Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma no dane no ɔhaw. Na saa nso na mehunuu abɔnefoɔ a wɔsiee wɔn; na berɛ a na wɔte aseɛ no, na wɔdi kronkronbea hɔ ahyɛmfire na wɔkamfoo wɔn wɔ kuro a wɔdii bɔne wɔ mu no ara mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma. Sɛ ɔdebɔneyɛni di asɛmmɔne mprɛha na ɔtena hɔ kyɛre a, ɛnyɛ dɛn ara a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn na wɔfɛre no no yie. Na ɛrenwie ɔbɔnefoɔ yie, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsum, ɛnam sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntira. Ahuhudeɛ bi nso wɔ asase so; sɛ ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata abɔnefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn, na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata ateneneefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn. Mekaa sɛ yei nso yɛ ahuhudeɛ. Ɛnna mekamfoo anigyeɛ, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia yi ase, gye sɛ ɔdidi na ɔnom na n’ani gye, na yei ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ama no owia yi aseɛ no mu. Mede m’akoma mehwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahwɛ ɔbrɛ adwuma a wɔyɛ no asase soɔ no, sɛ awia ne anadwo mpo onipa nnya nna, n’aniwa mu no, ɛnna mehunuu Nyankopɔn nneyɛɛ nyinaa, sɛ onipa ntumi nhunu nnoɔma a wɔyɛ no owia yi aseɛ no, sɛdeɛ onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhunu, na sɛ onyansafoɔ nso ka sɛ ɔbɛhunu a, ɔrentumi nhunu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei nyinaa na mede mehyɛɛ m’akomam, na mepeepee yei nyinaa mu, sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ Nyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtane oo, onipa nnim, nnoɔma nyinaa yɛ wɔn pɛ. Adeɛ nyinaa ba ateasefoɔ nyinaa so pɛ, nkrabea korɔ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ, deɛ ne ho te ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ. Onipa pa te sɛ ɔdebɔneyɛni, deɛ ɔka ntam te sɛ deɛ ɔsuro ntanka. Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn. Na hwan na wɔyi no wɔ mu? Ateasefoɔ nyinaa nkyɛn na anidasoɔ wɔ. Na ɔkraman a ɔte aseɛ yɛ sene gyata a wawuo. Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu, na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, na werɛ afiri wɔn nkaeɛ. Wɔn dɔ oo, wɔn tane oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dadadada, na wɔnni deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ nyinaa mu kyɛfa biara bio da. Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada. Hyɛ afahyɛ atadeɛ berɛ nyinaa mu; na mma ngo mmpa wo tiri so. Ɛne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuo nna a ɔde ama wo owia yi aseɛ no nyinaa, w’ahuhudeɛ nna nyinaa, na ɛne wo kyɛfa nkwa yi mu ne wo brɛ a worebrɛ owia yi aseɛ no mu. Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no. Mesane mehunuu owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa. Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu. Nso saa nyansa yi na mehunuu no owia yi aseɛ, na ɛso wɔ m’ani so: Kuro ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi na ɛwɔ mu, na ɔhenkɛseɛ bi baa ho bɛtwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛseɛ, na wɔhunuu emu barima hiani nyansafoɔ bi, na ɔde ne nyansa no gyee kuro no; nso obiara ankae onipa hiani no. Ɛnna mese: Nyansa yɛ sene mmaninyɛ, nanso wɔbu ohiani nyansa animtia, na ne nsɛm no, wɔntie. Anyansafoɔ nsɛm a wɔte no komm yɛ sene nkwaseafoɔ mu tumfoɔ nteamu. Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nwansena funu ma odufrani aduro bɔn na ɛporɔ, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sene nyansa ne animuonyam. Onyansafoɔ akoma wɔ ne nifa mu, na ɔkwasea akoma wɔ ne benkum mu. Nanso ɔkwan biara a ɔkwasea fa soɔ no, nteaseɛ bɔ no, na ɔka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ ɔyɛ ɔkwasea. Sɛ otumfoɔ honhom sɔre tia wo a, nnya w’afa, na ɛdwo brɛ bɔne akɛseɛ ano ase. Adebɔne bi wɔ hɔ a mehunuu no owia yi aseɛ sɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri otumfoɔ anim, wɔama nkwaseafoɔ so bebree, na adefoɔ tete fam. Mahunu nkoa a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne adehyeɛ a wɔnenam fam sɛ nkoa. Deɛ ɔtu amena no, emu na ɔbɛhweɛ, na deɛ ɔburi ban no, ɔwɔ bɛka no. Deɛ ɔtu aboɔ no, ɛbɛhyɛ no yea, na deɛ ɔpae nnua no, emu na ɔbɛpira. Sɛ obi dadeɛ ano akum na wanse ano a, ɛnneɛ gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso, na mfasoɔ a wɔde di yie ne nyansa. Sɛ ɔwɔ ka ansa na wɔakyekyere no nkaberɛ a, na mfasoɔ biara nni hɔ mma nkaberɛkyekyerefoɔ. Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no. N’anomu asɛm mfitiaseɛ yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awieeɛ yɛ adammɔ bɔne. Ɔkwasea nso ma nsɛm dɔɔso. Onipa nnim deɛ ɛreba, na deɛ ɛbɛba n’akyire no, hwan na ɔbɛkyerɛ no? Nkwaseafoɔ haw hyɛ deɛ ɔnnim kuro mu korɔ brɛ. Due, wo asase a wo hene yɛ abɔfra, na wo mmapɔmma to pono anɔpa. Nhyira ne wo, O asase a wo hene yɛ adehyeɛ ba, na wo mmapɔmma to pono berɛ a ɛsɛ mu, ahoɔden nti, na ɛnyɛ nsaborɔ nti. Akwadworɔ nti na mpuna hwinhwan, na aniha ma ɛdan nwunu. Sereɛ nti na wɔsiesie aduane, na nsa ma ateasefoɔ anigyeɛ, na sika na ɛyɛ adeɛ nyinaa. Nnome ɔhene w’adwene mu mpo, na nnome ɔdefoɔ wo dabekyire, na ewiem nnomaa bi de nne no bɛkɔ, na ntakraboa bi mpo aka asɛm no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
To wo paanoo gu nsuo ani, na daakye bi wo nsa bɛka. Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ. Sɛ osuo yɛ mununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafoɔ fam anaa atifi fam a, faako a dua no hweɛ no, ɛhɔ na ɛbɛda. Deɛ ɔhwɛ mframa no rengu aba, na deɛ ɔhwɛ mununkum no rentwa. Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ. Gu w’aba anɔpa, na anwummerɛ nso nyi wo nsa mfiri ho; na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, yei anaa yei, anaasɛ ne mmienu nyinaa bɛbom ayɛ yie. Nso hann yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ɛhunu owia. Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, na ɔnkae esum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ. Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu. Na yi awerɛhoɔ firi w’akoma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmɔfraase ne mmeranteberɛ yɛ ahuhudeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu; ansa na owia ne hann ne ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na osuo nya tɔ a, asane amuna, ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu; na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase. Nso wɔasuro deɛ ɛkorɔn, na ehu aba kwan mu, na sorɔno bɛgu nhyerɛne, na abɛbɛ ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, ɛfiri sɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfoɔ rekyini mmorɔno so; ansa na dwetɛ homa no ate, na sika toa no apae, na ahina no abɔ asuo ho, na asubura ho nkyimiiɛ abubu, na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn. Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ. Nanso deɛ ɛka ho a Ɔsɛnkafoɔ no yɛ mu nyansafoɔ no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na ɔpeepee mu, na ɔbubuu mmɛ bebree. Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛhunu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na deɛ wɔatwerɛ no ne tenenee ne nokorɛ nsɛm. Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfoɔ baako na ɔde maeɛ. Na deɛ aka yeinom akyire no nso, me ba, fa to w’adwene mu. Nwoma bebree yɛ nni awieeɛ, na adesua dodoɔ pii mu wɔ ɔhaw. Asɛm no awieeɛ, deɛ yɛateɛ nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na yei ne nnipa nyinaa asɛdeɛ. Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Obadia anisoadehunu nie. Sei na AWURADE Nyankopɔn ka fa Edom ho: Yɛate AWURADE anomu asɛm sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ: Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko. AWURADE ka kyerɛɛ Edom sɛ: Hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa, wɔabu wo animtia pa ara. W’akoma ahantan adaadaa wo, wo a wote ɔbotan ntokuro mu, deɛ ɛhɔ korɔn ne w’adwa, wose no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam? Sɛ wotu kɔ soro sɛ ɔkɔdeɛ, na sɛ wode wo pirebuo si nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛduru abɛfa wo afiri, AWURADE asɛm nie. Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, sɛ wɔrewia wo mpo a, anka wɔrennya wo ase anaa? Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a, anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa? Na wo Esau deɛ, hwɛ wɔapra w’adeɛ apɛ w’ahuntadeɛ na wɔayɛ wo dosodoso. Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo abɛduru ɛhyeɛ so; wɔn a wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu adaadaa wo afa wo so; wɔn a wɔdii w’aduane asum w’ase fidie; nanso wonnim. Ɛnyɛ ɛda no, na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ? AWURADE asɛm nie. Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so. Atirimuɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti na aniwuo bɛkata wo ho, na wɔatwa wo atwene akɔsi daa. Ɛda a wobɛgyinaa ntentensoɔ, ɛda a ananafoɔ faa ne dɔm nnommum kɔeɛ, na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu na wɔtwee Yerusalem so ntonto no, ɛno mu na wo nso woyɛɛ sɛ wɔn mu baako. Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wo nua, ɛda a abuo buu no no; ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma wɔn sɛeɛ da no ho, ɛnsɛ sɛ anka wohyehyɛ wo ho wɔ ahohiahia da no, ɛnsɛ sɛ anka wohyɛne me man kuro pono no mu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wɔn amanehunu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa sɔ wɔn ahodeɛ mu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wogyina nkwanta soɔ twitwa ne mfirimufoɔ guo; ɛnsɛ sɛ anka woyi ne nnipa a wɔaka no ma, ahohiahia da no. Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so; Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ woɔ, wo nneyɛe bɛsane abɛbua w’atifi. Na sɛdeɛ amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa wɔ me bepɔ kronkron no soɔ no, saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa daa, na amanehunu no bɛmene wɔn na w’ase ahye koraa. Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so. Na Yakob fie bɛyɛ ogya, na Yosef fie ayɛ ogyaframa, na Esau fie deɛ ɛbɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na wɔadɛre wɔn mu ahye wɔn a obiara renka mma Esau fie, ɛfiri sɛ AWURADE na waka. Na anafoɔ famfoɔ bɛfa Esau bepɔ adi so, na asaseta sofoɔ bɛfa Filistifoɔ deɛ adi so, na wɔbɛfa Efraim asase ne Samaria asase adi so, na Benyamin afa Gilead adi so. Na dɔm yi a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no nnommum a wɔwɔ Kanaanfoɔ mu no bɛdi asase no so de akɔsi Sarefat, na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so. Na agyefoɔ bɛforo aba Sion bepɔ so na wɔabɛdi Esau bepɔ so, na ahennie no bɛyɛ AWURADE dea.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie: Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ, sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu; sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ, tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene; sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa: Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa: Sɛ wɔmfa nhunu abebusɛm ne akasabebuo, anyansafoɔ nsɛm ne wɔn mmɛ mu. AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ; agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia. Me ba, tie w’agya akwankyerɛ, na mpo wo na nkyerɛkyerɛ, na ɛyɛ wo tiri animuonyam abotire ne wo kɔn mu ntweaban. Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gyegye wo a, mpene! Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm, ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa; ma yɛmmemene wɔn anikan sɛ Asamando, ne amudifoɔ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu; yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa, yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma. Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn deɛ mu, yɛn nyinaa bɛnya kotokuo baako. Me ba, wo ne wɔn nnnante ɔkwan so. Twe wo nan firi wɔn sa so. Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu. Na kwa ara na wɔasum fidie ntakraboa nyinaa anim. Nanso wɔn ara wɔn mogya ho na wɔkɔ adɛm, wɔtɛ wɔn ara wɔn kra. Saa na amim mu mfasopɛfoɔ nyinaa akwan teɛ, ɛfa ne wuranom kra kɔ. Nyansa team mmorɔno so, ɔma wɔte ne nne mmɔntene so; ɔteam adwabirem tire, kuro mu, kuro apono ano, ɔka ne nsɛm sɛ: Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie? Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie, na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ? Monnane mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo, mɛma moahunu me nsɛm. Sɛ mafrɛ, na mokame, matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee, na moto m’afotuo nyinaa twene, na me kasakyerɛ no, mompɛ nti, me nso mɛsere mo mo amaneɛ mu, mo ahopopoɔ bɛba no, mɛyi mo ahi. Mo ahopopoɔ ba sɛ aprannaa, na mo amaneɛ ba sɛ ahum, ahohiahia ne ahokyere ba mo so a, ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me. Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro, wɔampɛ m’afotuo, na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa, enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn. Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn, na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn. Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me ba, sɛ wotie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom w’akoma ama nteaseɛ, aane, sɛ wosu frɛ nhunumu, na woma wo nne so frɛ nteaseɛ, sɛ wohwehwɛ n’akyiri kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akoradeɛ a ahunta a, ɛno na wobɛhunu AWURADE suro, na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ. Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba. Ɔkora nyansa mapa ma teefoɔ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ, sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan, na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so. Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu. Sɛ nyansa ba w’akoma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na nteaseɛ abɔ wo ho ban, na ayi wo afiri bɔne kwan mu ne onipa a ɔka nsɛm akontonkyi ho, afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ kɔnante sum akwan soɔ no ho, wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wɔdi bɔne akontonkyisɛm ho ahurisie, wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan danedane. Na ayi wo afiri ɔbaa sansani nsam, afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam; ɔno na wapo ne mmabaaberɛ mu kunu, na ne werɛ afiri ne Nyankopɔn apam; na ne fie kom kɔ owuo mu, na n’akwan kɔ asamanfoɔ mu. Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsane, na wɔrensi nkwa akwan mu. Na woafa nnipa pa kwan so, na woadi ateneneefoɔ kwan so. Na teefoɔ na ɛbɛtena asase no soɔ, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu; na wɔbɛtwa abɔnefoɔ afiri asase so, na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so; ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho. Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no w’akoma pono so. Ɛnna wobɛnya adom ne nimdeɛ pa, Nyankopɔn ne nnipa anim. Fa w’akoma nyinaa bata AWURADE ho, na mfa wo ho ntwere w’ankasa wo nteaseɛ. Fa w’akwan nyinaa hyɛ ne nsa, na ɔno na ɔbɛtene w’akwan. Nyɛ w’ani so onyansafoɔ, suro AWURADE, na dane firi bɔne ho. Ɛbɛyɛ ahoɔden ama wo honam, ne nkwahosan ama wo nnompe. Fa w’ahonyadeɛ hyɛ AWURADE animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ mu adikan nyinaa; ɛnna adedodoɔ bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyi-amena mu nsa foforɔ bɛbu soɔ. Me ba, mpo AWURADE nkyerɛkyerɛ, na mma n’animka mmfono wo; na deɛ AWURADE dɔ no na ɔka n’anim, sɛdeɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no no. Nhyira ne onipa a ɔhunu nyansa, ne onipa a ɔnya nteaseɛ. Na emu adenya yɛ sene dwetɛ deɛ, na ne mfasoɔ sene sika amapa. Ne boɔ yɛ den sene mmota, na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho. Onyinkyerɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura adeɛ ne animuonyam. N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoeɛ. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu, na nhyira ne deɛ ɔkura mu. AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, ɔde nteaseɛ de ɔsoro tim hɔ; ne nimdeɛ so na abunu mu nsuo paeeɛ, na mununkum sosɔ obosuo. Me ba, fa nyansa mapa ne adwempa sie, mma no nnnane mfiri w’ani so, na ayɛ nkwa ama wo kra ne animuonyam ama wo kɔn. Ɛno na wobɛnante wo kwan so dwoodwoo, na wo nan ansunti. Sɛ wokɔda a, woremmɔ binim, na woda a, wo nna bɛyɛ dɛ. Nsuro mpofirim huyie ne abɔnefoɔ sɛeɛ a ɛbɛba. Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasodeɛ, na ɔbɛkora wo nan afiri ɛkyerɛ mu. Mfa yieyɛ nkame deɛ ɛsɛ no, berɛ a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no. Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: Kɔ na bra! ne: Ɔkyena mede bɛma, berɛ a ɛwɔ wo hɔ. Mpam wo yɔnko ho apammɔne, berɛ a ɔne wo te hɔ dwoodwoo no. Ɛne obi nnni ntɔkwasɛm kwa, berɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara no. Ntwe otirimuɔdenfoɔ ho ninkunu, nanso nyi n’akwan mu biara. Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ na ɔne wɔn ka atirimusɛm. AWURADE nnome wɔ ɔbɔnefoɔ fie, na ɔhyira ateneneefoɔ tenabea. Aane, ɔdi afɛdifoɔ ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefoɔ. Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi, na nkwaseafoɔ deɛ wɔbɛsoa ahohora.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mma, montie agya akwankyerɛ, na monyɛ aso na moanya nhunumu. Na adenim pa na mekyerɛ mo, monnnya me mmara. Na na ɛberɛ a meyɛ abadoma no, ɔbabanin ne ɔba korɔ, ma me na ne m’agya no; na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa. Nya nyansa, nya nhunumu. Mma wo werɛ mmfi, na mmane mfiri m’anomu kasa ho. Nnya no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo. Nyansa ne ade titire: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhunumu. Bu no, na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo animuonyam. Ɛbɛyɛ wo ti animuonyam abotire, aane, abotire fɛfɛ na ɛde bɛhyɛ woɔ. Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfeɛ adɔɔso. Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tee so. Wo nanteɛ mu w’anammɔn renkye wo, na sɛ wotu mmirika a, worensunti. Sɔ nkyerɛkyerɛ mu dendeenden, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa. Nkɔ abɔnefoɔ kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so. Kwati no, nsene mfa so, mane firi ho, na siane ho kɔ. Wɔn deɛ wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wɔntumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa; na wɔdi abɔnefosɛm aduane, na amimdie nsa na wɔnom. Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee. Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii, wɔnnim deɛ wɔhunta. Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa. Mma no mmfiri w’ani so, fa sie w’akomam tɔnn. Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu, ne nkwahosan ma ne honam nyinaa. Kora w’akoma sene deɛ wode sie nyinaa, na emu na nkwa adifire fire. Yi ano kontonkyi firi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri. Ma w’ani nhwɛ tee, na w’anisuatɛtɛ ntene nhwɛ w’anim. Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim. Mmane nifa anaa benkum, twe wo nan firi bɔne mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me ba, tie me nyansa, brɛ w’aso ase ma me nteaseɛ; na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ. Na ɔbaa sansani ano kyi ɛwoɔ sosɔ, na n’anomu yɛ toro sene ngo; na n’akyiri yɛ nwono sɛ ɔnwono, ɛyɛ nnam te sɛ nkrantɛ anofanu. Ne nan siane kɔ owuo mu, Asamando na n’anammɔn tutu korɔ. Nkwa kwan deɛ, ɔnkɔ ara da, n’anammɔn kyinkyini kɔ deɛ ɔnnim hɔ. Na afei, me mma, montie me, na monnyi mo ho mmfiri m’anomu nsɛm ho. Ma wo kwan mfiri ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fie pono ano; na woamfa w’anidie amma ebinom, ne wo mfeɛ amma otirimuɔdenfoɔ; na ahɔhoɔ anni w’adeɛ ammee, na w’adwumadeɛ antena obi hunu fie; na wo nna a ɛdi akyire no, woampenepene, sɛ wo nipadua ne wo honam asa, na woanka sɛ: Ao, sɛ metanee atenetene, na m’akoma kyirii animka nie! na mantie m’akyerɛkyerɛfoɔ, na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfoɔ! Ɛkaa kumaa sɛ ɛsii me bɔne koraa, asafo ne adwabɔ mu. Nom w’abura mu nsuo ne nsuo a ɛsene firi wo nsutire mu. Wo nsuo aniwa bɛbu so afiri adi ayɛ mmɔntene so asutene; ɛbɛyɛ wo nko ara wo dea, na ɛnyɛ wo ne ahɔhoɔ biara dea. Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ani nnye. Na ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfo ne animuonyam wansane no. Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, na tɔ ne dɔ mu ntintan daa nyinaa. Me ba, adɛn na wotɔ ɔbaa nanani ho ntintan, na wosɔ ɔbaa hɔhoɔ kokom? Na onipa akwan da AWURADE anim na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa. Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu, na ne bɔne nhoma kye no. Ɔkwati atenetene nti ɔbɛwu, na n’agyegyentwisɛm dodoɔ nti ɔbɛyera.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me ba, sɛ wogyina wo yɔnko akyi, sɛ wodi ɔhɔhoɔ agyinamu, sɛ wɔnam w’anomu asɛm so akye wo a, yɛ yei mmom, me ba, na yi wo ho, ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkoto, na srɛ wo yɔnko no. Mma nna nnkɔ w’ani so, na mma w’anisuatɛtɛ nntɔ nko. Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam, sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam. Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa. Ɔno na ɔnni otitire, ɔpanin anaa sodifoɔ bie, nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuberɛ, na ɔboaboa n’adidideɛ ano twaberɛ mu. Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofoɔ? Berɛ bɛn na wobɛsɔreɛ afiri wo nna mu? Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafoɔ, ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurafoɔ. Onipa huhuo ne ɔbarima busuyɛfoɔ, ɔde ano kontonkyi nenam, ɔbubu n’ani, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ, akontonkyisɛm wɔ n’akomam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawɔgyam na ɔhyɛ. Enti mpofirim na ne sɛeɛ bɛba, wɔbɛbubu no amonom a wɔntumi nsa. Adeɛ nsia yi na AWURADE tane, aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ, ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma, ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo; akoma a ɛdwene mmusuo adwene, nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm, ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam. Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene. Fa kyekyere w’akoma ho daa nyinaa, na fa bebare wo kɔn ho hyia. Wonam a, ma no nkɔgya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wonyane a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ. Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan, na ahwɛ wo so afiri ɔbaa bɔne ho, afiri ɔbaa hɔhoɔ tɛkyerɛma dɔkɔdɔkɔ ho. Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam, na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo. Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini, na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no. Onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom a ne ntadeɛ renhyeɛ? Obi bɛfa nsramma so a ne nan renhyeɛ? Saa na deɛ ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn teɛ, na obiara a ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn no renni bem. Sɛ ɛkɔm de owifoɔ na ɔwia adeɛ sɛ ɔredi amee a, wɔmmu no animtia: Nanso sɛ wɔhu no a, ɔbɔ ho mprɛnson, ɔde n’afideɛ nyinaa bɛma. Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti, deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra. Mmaa ne animguaseɛ na ɔbɛnya, na n’ahohora no, wɔmpepa. Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyeɛ, na aweretɔ da no ɔremfa nkyɛ; ɔremmu mpata biara, na woma akyɛdeɛ dɔɔso mpo a, ɔrempene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me ba, di me nsɛm so, na fa me mmara nsɛm sie. Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutuawisi. Fa kyekyere wo nsateaa so, twerɛ no w’akoma pono so. Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabaa ne wo, na frɛ nhunumu sɛ w’adamfo, na ahwɛ wo so afiri ɔbaa sansani ho, afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho. Na mefiri me dan mpomma mu, m’aniahunuankansa mu mehwɛe; na mehwɛɛ ntetekwaafoɔ mu, mehunuu mmɔfra no mu aberantewaa bi a ɔnni tire, ɔperee abɔntene bɛn ne ntwea, na ɔsene faa ne fie kwan, ɛberɛ a adeɛ resa, anwummerɛ, anadwo kɔnkɔn ne sum mu. Na hwɛ, ɔbaa bi hyiaa no, ɔfira adwamamfoɔ ntoma, n’akoma asene. Wagyigya na n’aso asoro, ne nan ntena ne fie; seesei ɔwɔ mmorɔno so, seesei yi ɔwɔ edwa so, na ɔtetɛ ntwea nyinaa so. Ɛnna ɔsɔɔ no mu, na ɔfee n’ano, na ɔsenee n’ani ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboadeɛ; enti na mefiri mebɛhyiaa woɔ yi, mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu woɔ yi. Mede mmomo makata me mpa so, Misraim nkyeremu; mede kurobo ne pɛprɛ ne duapapo mapete me nnaeɛ so. Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkɔsi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔdeɛ nsɛpɛ yɛn ho. Na efiewura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri; wafa fotoɔ ne sika akura, srane korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie. Ɔde bradɛ pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe. Ɔdii n’akyi awerɛfirem sɛ nantwie a wɔrekɔku no, sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifoɔ aso, kɔsii sɛ agyan hwiree ne mmerɛboɔ mu, te sɛ anomaa de ahoɔherɛ kɔ fidie mu, na ɔnnim sɛ ne nkwa na ɛda mu. Na afei, me mma, montie me, na monyɛ aso mma m’anomu nsɛm. Mma w’akoma mmmane nnkɔ n’atempɔn so, mfom nkɔ n’akwan so. Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ, na wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso; ne fie ne Asamando kwan, ɛsiane kɔ owuo mpia mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteam, na nteaseɛ ma ne nne soɔ? Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so, nkwanta so na ɛgyina, na ɔteam aponkɛseɛ ho, kurotia, aboboano sɛ: Mo, mmarima, na meteam mefrɛ mo, na me nne gyegye ma nnipa mma: Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte, na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma. Montie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ, na m’anomu bue de nsɛm a ɛtene ba; na nokorɛ firi m’anomu, na m’ano akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm; m’anomu nsɛm nyinaa nam tenenee mu, adeɛ a akyinkyim anaasɛ ɛkyea nni mu; ne nyinaa mu da hɔ ma nhunumufoɔ, na ɛtene ma wɔn a wɔahunu nimdeɛ. Momfa m’atenetene, na ɛnyɛ dwetɛ, na momfa nimdeɛ, na monnya sika a wɔayiyi mu. Na nyansa yɛ sene mmota, na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho. Me, nyansa, me ne aniteɛ na ɛteɛ, na adwempa nimdeɛ na mehunu. AWURADE suro ne bɔne tane: Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne ne akontonkyisɛm ano na mekyire. Afotuo ne nyansahunu wɔ me, mene nhunumu, mmaninyɛ wɔ me. Me so na ahemfo nam di hene, na atitire hyɛ mmara tenenee; me so na mpanimfoɔ nam di panin, ne aberempɔn, ne asase so atemmufoɔ nyinaa. Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me. Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me hɔ, ahodeɛ a ɛkyɛre ne tenenee. M’aba yɛ sene sika ne sika amapa, na me nnɔbaeɛ sene dwetɛ a wɔayiyi mu. Tenenee tempɔn mu na menam, atemmuo akwan so pɛ, sɛ merema m’adɔfo adi adeɛ, na mahyɛ wɔn adekorabea amaama. AWURADE bɔɔ me de firii n’adwuma ase, ne nnwuma a ɛfiri teteete no mu adikan. Ɔde me sii hɔ firi tete nteredee, firi mfitiaseɛ ansa na asase reba. Abunu nni hɔ no, na wɔawo me, nsutire a ɛba nsuo pii nni hɔ no; wɔnnya mfaa mmepɔ nsisii hɔ, na nkokoɔ nnya mmaeɛ no, na wɔawo me, ɔnnya nyɛɛ asase ne wiram ne wiase mfuturo no. Ɔsiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ, berɛ a ɔtwaa abunu ani kɔntɔnkrɔn no; ɔde mununkum sensɛnee soro pintinn, na ebunu mu nsuo aniwa paee denden, ɔtwaa ɛpo hyeɛ, na nsuo antra, na ɔde asase fapem too hɔ no, na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfoɔ panin, na meyɛ n’adɔdeɛ daa daa. Na m’ani gye n’anim berɛ nyinaa mu, na m’ani gye ne wiase asase so, na m’ani ka wɔ nnipa mma mu. Na afei, mma, montie me, na nhyira ne wɔn a wɔdi m’akwan soɔ. Montie atenetene na monhunu nyansa, na monnte atua. Nhyira ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’apono ano daa daa, na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ. Na deɛ ɔhu me no hunu nkwa, na ɔnya AWURADE hɔ anisɔ; na deɛ ɔfom me no di ne kra aborɔ, wɔn a wɔtane me nyinaa dɔ owuo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nyansa asi ne dan, wasene n’adum nson; wakum ne mmoa, wafra ne nsa, na wasiesie ne pono nso; wasoma ne mmaawa, ɔkɔteam kuro mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! na deɛ ɔnni tire no, ɔse no sɛ: Mommra mmɛdi m’aduane no bi, na monnom me nsa a mafra no bi. Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa, na monnante nhunumu kwan so. Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no soa aniwuo, na deɛ ɔka ɔbɔnefoɔ anim no nya nkekaeɛ. Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo; ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo. Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa, ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu. Ampa ara nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhunumu. Na me nti na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfeɛ bɛka wo ho. Sɛ wohunu nyansa a, wohunu fa, na sɛ wodi fɛw a, wo nko na wobɛsoa. Ɔbaa kwasea yɛ ɔkasafoɔ, tibɔnkɔso a ɔnnim hwee; ɔtena ne fie aboboano, kuro mu sorɔnsorɔn hɔ adwa so, sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresene ɔkwan soɔ, wɔnam wɔn nkwammɔeɛ so tee no sɛ: Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! Na deɛ ɔnni tire nso, ɔse no sɛ: Nsuo a wɔwia yɛ fremfrem, na ahuntaduane yɛ dɛ! Nso onii no nnim sɛ nsamanfoɔ wɔ hɔ, Asamando abunu mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Salomo mmebusɛm. Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea deɛ ɔhyɛ ne na awerɛhoɔ. Ɔbɔnefoɔ akoradeɛ nyɛ mfasoɔ biara, na tenenee gye onipa firi owuo mu. AWURADE mma ɛkɔm nne ɔteneneeni kra, na abɔnefoɔ adepɛ deɛ, ɔka gu. Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho. Deɛ ɔboaboa ano ahuhuberɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔtɔ nko twaberɛ no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwuo. Nhyira da ɔteneneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano. Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ. Akoma mu nyansafoɔ gye mmara nsɛm, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase. Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na deɛ ɔkyea n’akwan no, wɔbɛhu no. Deɛ ɔbu ani no yi awerɛhoɔ, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase. Ɔteneneeni ano yɛ nkwa nsutire, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano. Ɔtane hwanyan ntɔkwa, na ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so. Nhunumufoɔ anomu na wɔhunu nyansa, na abaa fata deɛ ɔnni tire akyi. Anyansafoɔ kora nimdeɛ, na ogyimifoɔ ano yɛ abuo a ɛbɛn. Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, mmɔborɔfoɔ abuo a ɛbu wɔn ne wɔn hia. Ɔteneneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ deɛ, ɔde yɛ bɔne. Deɛ ɔbu atenetene fa nkwa kwan so, na deɛ ɔpo animka no fom kwan. Deɛ ɔkata nitan soɔ no wɔ atorɔ ano, na deɛ ɔtwirie no yɛ ɔkwasea. Mfomsoɔ mpa ɔkasa dodoɔ mu, na deɛ ɔsianka n’ano yɛ onimdefoɔ. Ɔteneneeni tɛkyerɛma yɛ dwetɛ a wɔayiyi mu, abɔnefoɔ akoma deɛ, ɛmfra. Ɔteneneeni ano yɛne nnipa pii, na agyimifoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti wɔwuwu. AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ, na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho. Amumuyɛ yɛ ɔkwasea sɛ agorɔ, na nyansa yɛ onipa a ɔwɔ nhunumu fɛ. Ɔbɔnefoɔ adeɛ a ɔsuro ara na ɛbɛba ne soɔ, na ateneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn. Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefoɔ nni hɔ bio, na ɔteneneeni yɛ daa nnyinasoɔ. Sɛ nsa kekakeka yɛ ɛse na wisie yɛ aniwa no, sɛ onihafoɔ yɛ wɔn a wɔsoma no ne no. AWURADE suro to nna so, na abɔnefoɔ mfeɛ deɛ, wɔbɛtwa so. Teneneefoɔ anidasoɔ bɛyɛ anigyeɛ, na deɛ abɔnefoɔ hwɛ no kwan no bɛyera. AWURADE akwan yɛ ahoɔden ma pɛyɛfoɔ, na ɛyɛ ɔsɛeɛ ma amumuyɛfoɔ. Ɔteneneeni remfiri n’ananmu da biara da, na abɔnefoɔ deɛ wɔrentena asase so. Ɔteneneeni ano yi nyansa adi, na tɛkyerɛma kontonkyi deɛ, wɔbɛtwa. Ɔteneneeni ano nim adeɛ a ɛsɔ ani, na abɔnefoɔ ano di akontonkyisɛm.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nsisie nsania yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na abrammo a ɛtene no yɛ no anisɔ. Ahantan ba a, na aniwuo ba, na ahobrɛasefoɔ na nyansa ne wɔn teɛ. Teefoɔ pɛyɛ bɛgya wɔn, na nkontompofoɔ nnaadaa bɛsɛe wɔn. Adedodoɔ nyɛ mma hwee abufuo da, na tenenee gye onipa firi owuo mu. Pɛyɛfoɔ tenenee bɛtene ne kwan, na ɔbɔnefoɔ deɛ ɔbɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu. Teefoɔ tenenee bɛgye wɔn, na nkontompofoɔ deɛ mmusubɔ mu na wɔbɛkye wɔn. Onipa bɔne wu a, n’anidasoɔ yera, na amumuyɛfoɔ kwanhwɛ yera. Wɔbɛyi ɔteneneeni afiri ahohiahia mu, na ɔbɔnefoɔ abɛsi n’ananmu ahunu amane. Ɔdebɔneyɛni de n’ano sɛe ne yɔnko, na teneneefoɔ nimdeɛ na wɔde bɛyi wɔn. Teneneefoɔ di yie a, ɔman ho sane wɔn, na abɔnefoɔ sɛe a, wɔhuro. Ɛnam teefoɔ nhyira so na wɔma kuro soɔ, na ɛnam abɔnefoɔ anomu nsɛm so na wɔbɔ no. Deɛ ɔyi ne yɔnko ahi nni ti, na nhunumu nipa mua n’ano. Nsekuni nenam yi ahuntasɛm adi, na nokorɛ honhom kata asɛm so. Deɛ akwankyerɛ nnie no, ɔman hwe ase, na ɔmannwoeɛ wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu. Deɛ ɔdi hɔhoɔ agyinamu no, ɛbɛwie no bɔne, na deɛ ɔtane agyinamudeɛ no aso mu dwo no. Ɔbaa a n’anim teɛ nya animuonyam, na ɔhoɔdenfoɔ deɛ ɔnya ahonyadeɛ kwa. Ɔyamyiefoɔ yɛ ne kra yie, na otirimuɔdenfoɔ ha ɔno ara ne honam. Ɔbɔnefoɔ yɛ adwuma hunu, na deɛ ɔgu tenenee no nya nokorɛ akatua. Deɛ ɔtim tenenee mu no kɔ nkwa mu, na deɛ ɔti bɔne no nya owuo. AWURADE akyiwadeɛ ne akoma kontonkyifoɔ, na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani. Ampa ara, ɔbɔnefoɔ renni bem. Na teneneefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛgye wɔn. Sɛ sika adwinneɛ teɛ wɔ prako hwene mu no, sɛ ɔbaabereɛ a wapo deɛ ɛfata teɛ ne no. Teneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ yɛ papa nko ara, na abɔnefoɔ deɛ anidasoɔ dane wɔn abufuo. Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔre ara, na obi di adɔna tra so, nanso ɛhia no ara. Nhyira kra bɛdɔre sradeɛ, na deɛ ɔma ebinom meeɛ nso bɛmee. Deɛ ɔkora aburoo no, nkurɔfoɔ dome no, na nhyira ba deɛ ɔtɔn no so. Deɛ ɔpɛ papa akyiri kwan no hwehwɛ anisɔ, na deɛ ɔdi bɔne akyire no, ɛba ne so. Deɛ ɔde ne ho to n’ahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase, na ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahahan. Deɛ ɔha ne fie bɛdi mframa, na ogyimifoɔ bɛyɛ akoma mu nyansafoɔ akoa. Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra. Hwɛ, sɛ wɔtua ɔteneneeni ka asase so a, na nkantom ɔbɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ ɔdɔ atenetene dɔ nimdeɛ, na deɛ ɔtane animka di mmoasɛm. Onipa pa nya AWURADE anim anisɔ, na onipa busuyɛfoɔ deɛ, ɔbu no fɔ. Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na ateneneefoɔ nhini rempusu. Ɔyepa yɛ ne kunu abotire, na deɛ ɔka aniwusɛm te sɛ nnompe mu porɔ. Teneneeni adwene tene, na abɔnefoɔ agyinatuo deɛ ɛyɛ nkontompo. Abɔnefoɔ nsɛm yɛ mogyatɛ, na teefoɔ ano bɛyi wɔn. Wɔbutu abɔnefoɔ, na wɔnni hɔ, na ateneneefoɔ fie deɛ ɛbɛgyina. Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase. Deɛ wɔmmu no nanso ɔwɔ akoa no yɛ sene deɛ ɔhyehyɛ ne ho na n’aduane bɔ no. Ɔteneneeni bu n’afieboa kra, na abɔnefoɔ ayamyɛ yɛ atirimuɔden. Deɛ ɔdɔ n’asase no didi mee, na deɛ ɔdi nsɛnhunu akyire nni ti. Ɔbɔnefoɔ pɛ deɛ nnipa bɔne anya, na ateneneefoɔ nhini bɛso aba. Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ, na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu. Onipa anomu aba na ɔde bɛdi papa ameeɛ, na onipa nsa ano adeɛ na wɔbɛdane ama no. Ogyimifoɔ kwan tene n’ani so, na deɛ ɔtie afotuo yɛ onyansafoɔ. Ogyimifoɔ abohuro da adi ntɛm, na ɔbadwemma deɛ, ɔkata aniwuo so. Deɛ ɔka nokorɛ no ka deɛ ɛtene, na ɔdansekurumfoɔ deɛ, ɔtwa nkontompo. Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ, na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ. Nokorɛ ano tim hɔ daa, na tɛkyerɛma torofoɔ deɛ wɔnkyɛre koraa. Nnaadaa wɔ wɔn a wɔdwene bɔne akoma mu, na asomdwoeɛ ho afotufoɔ nya anigyeɛ. Mmusuo biara rento ɔteneneeni, na amaneɛ bɛhyɛ abɔnefoɔ ma. AWURADE akyiwadeɛ ne atorɔ ano, na wɔn a wɔdi nokorɛ sɔ n’ani. Onipa niteɛfoɔ kora nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma pae agyimisɛm mu. Nsiyɛfoɔ nsa bɛdi panin, na aniha nsa bɛyi toɔ. Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no, na asɛmpa ma akoma tɔ yam. Ɔteneneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefoɔ kwan ma wɔfom. Onihafoɔ nsa nka ne hanam, na nsiyɛfoɔ deɛ ɔnya onipa adeɛ a ne boɔ yɛ den. Tenenee kwan so na nkwa wɔ, na kwatikwan deɛ, ɛkɔ owuo mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu. Onipa anomu aba so na ɔdi nnepa, na deɛ nkontompofoɔ kra pɛ ne mmusuo. Deɛ ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, na deɛ ɔtrɛ n’anomu no nya ɔsɛeɛ. Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ. Ɔteneneeni tane atorosɛm, na abɔnefoɔ yɛ aniwudeɛ ne ahohoradeɛ. Tenenee kora deɛ ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butu ɔdebɔneyɛfoɔ. Obi yɛ ne ho defoɔ, nso na ɔnni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ adeɛ pii. Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim. Teneneefoɔ hann dɛre anigyeɛ, na abɔnefoɔ kanea deɛ ɛbɛdum. Ahantan de ntɔkwa nko na ɛba, na wɔn a wɔtie afotuo deɛ, nyansa ne wɔn te. Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu sua, na deɛ ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma no dɔ. Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua. Deɛ ɔbu asɛm animtia de ɔsɛeɛ ba ne ho so, na deɛ ɔsuro mmara no deɛ, ɔbɛnya akatua. Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ yɛ nkwa asutire, sɛ onipa de bɛfiri owuo fidie mu. Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofoɔ kwan deɛ ɛyɛ aboabo. Onitefoɔ yɛ n’adeɛ nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea deɛ ɔtrɛtrɛ n’agyimisɛm mu. Ɔbɔfoɔ bɔne hwe amaneɛ mu, na ɔsomafoɔ nokwafoɔ deɛ ɔsa yadeɛ. Ohia ne aniwuo ka deɛ ɔpo atenetene, na deɛ ɔbu animka no nya animuonyam. Akɔnnɔdeɛ a nsa aka yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fire yɛ nkwaseafoɔ akyiwadeɛ. Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane. Bɔne ti nnebɔneyɛfoɔ, na ateneneefoɔ deɛ, ɔde papa tua wɔn ka. Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni. Ahiafoɔ mfuo ma aduane pii ba, nanso atɛntenenee nni hɔ a, wɔpra kɔ. Deɛ ɔkora n’abaa tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no, tene no ntɛm so. Ɔteneneeni bɛdidi ama ne kra amee, na abɔnefoɔ yafunu bɛda mpan.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan, na ɔbaa kwasea de ne nsa dwiri. Deɛ ɔnante ne teeyɛ mu no suro AWURADE, na deɛ ɔkyea n’akwan no bu no animtia. Ogyimifoɔ anomu na n’ahokyerɛ abaa wɔ, na anyansafoɔ ano kora wɔn. Deɛ anantwie nnie hɔ no, adidideɛ nso nni hɔ, na nnɔbaeɛ pii wɔ nantwinini ahoɔden mu. Ɔdanseni nokwafoɔ renni atorɔ, na ɔdansekurumfoɔ ka atorosɛm. Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa, nso ɔnnya, na nimdeɛ nyɛ nhunumufoɔ nyana. Firi ɔba kwasea nkyɛn kɔ, na worenhunu nimdeɛ ano. Onitefoɔ nyansa ne sɛ ɔhunu ne kwan mu, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa. Agyimifoɔ asodie ho afɔdeɛ yɛ ɔkwa, na teefoɔ mu na anisɔ wɔ. Akoma nim ne kra awerɛhoɔ, na n’anigyeɛ nso, ɔhɔhoɔ mfa ne ho mfra mu. Abɔnefoɔ fie bɛbutu, na teefoɔ ntomadan bɛfefɛ. Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene onipa ani soɔ, na n’awieeɛ yɛ owuo kwan. Sereɛ mu mpo akoma hunu yea, na anigyeɛ no awieeɛ yɛ awerɛhoɔ. Akoma mu kyirisanefoɔ akwan bɛmee no, na onipa pa nso adeɛ bɛmee no. Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefoɔ hwɛ ne nanteɛ mu yie. Onyansafoɔ suro, na ɔsane firi bɔne ho, na ɔkwasea de n’ahodasoɔ fa mu. Deɛ ne bo nkyɛre fuo di agyimisɛm, na onipa a ɔpam apammɔne, wɔtane no. Ntetekwaa adeɛ a wɔdie ne agyimisɛm, na anitefoɔ de nimdeɛ hyehyɛ wɔn ho. Abɔnefoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase apapafoɔ anim, na abɔnefoɔ akoto ateneneefoɔ mmoboano. Ohiani deɛ, ne yɔnko mpo tane no, na ɔdefoɔ adɔfo dɔɔso. Deɛ ɔbu ne yɔnko animtia yɛ bɔne, na nhyira ne deɛ ɔhunu amanehunufoɔ mmɔbɔ. Wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa? Na adom ne nokorɛ wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa. Ɔbrɛ nyinaa mu wɔ nnɔbaeɛ, na anosɛm deɛ, ohia ara nko. Anyansafoɔ abotire ne wɔn ahodeɛ, na nkwaseafoɔ deɛ, wɔn agyimisɛm yɛ agyimisɛm ara nko. Ɔdanseni nokwafoɔ gye nnipa nkwa, na deɛ ɔdi atorɔ deɛ, ɔtwa nkontompo. AWURADE suro mu wɔ ahodasoɔ a emu yɛ den, na ɔbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma. AWURADE suro yɛ nkwa nsutire, na wɔde kwati owuo fidie. Ɔman dodoɔyɛ mu na ɔhene kɛseyɛ wɔ, na nkurɔfoɔ sa a, ɛma otitire yɛ mmɔbɔ pa ara. Deɛ n’abufuo yɛ nyaa no wɔ nteaseɛ pii, na honhom mu katerekaterefoɔ ma agyimisɛm so. Akoma mu dwoɔ yɛ honam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔ. Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ no gu ne yɛfoɔ anim ase, na deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no, ɔhyɛ no animuonyam. Wɔsum ɔbɔnefoɔ twene, ne bɔneyɛ mu, na ɔteneneeni wɔ ne wuo mu anidasoɔ. Nyansa te nhunumufoɔ tiri mu, na deɛ ɛwɔ nkwaseafoɔ mu bɛda adi. Tenenee nneyɛɛ ma ɔman so, na bɔne deɛ ɛyɛ ɔman biara animguaseɛ. Ɔhene ani sɔ akoa nimdefoɔ, na ne bo fu deɛ ɔyɛ aniwudeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ, na asɛmdenden hwanyan abufuo mu. Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm. AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ. Tɛkyerɛmabereɛ yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubuiɛ. Ogyimifoɔ bu n’agya atenetene animtia, na deɛ ɔbu nkaanim no ani bɛte. Ɔteneneeni fie wɔ ahodeɛ pii, na ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ mu wɔ anitane. Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma deɛ ɛntim. Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ. Ɔbɔnefoɔ kwan yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na deɛ ɔdi tenenee akyi na ɔdɔ no. Ntea a emu yɛ den wɔ hɔ ma deɛ ɔpo ɔkwan no, na deɛ ɔkyiri animka no bɛwu. Asamando ne ɔsɛeɛ amena wɔ AWURADE anim, na nkantom nnipa mma akoma. Ɔfɛdifoɔ nnɔ deɛ ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafoɔ nkyɛn. Anigyeɛ akoma ma anim te, na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom. Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, na nkwaseafoɔ ano di agyimisɛm. Ɔmanehunufoɔ nna nyinaa yɛ bɔne, na akoma pa te sɛ daa apontoɔ. AWURADE suro mu ade ketewa yɛ sene ahodeɛ pii a ɔhaw bata ho. Ɛfan aduane a ɔdɔ wɔ mu yɛ sene nantwie a wadɔ na ɔtane wɔ mu. Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu, na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ. Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban, na teefoɔ kwan yɛ petee. Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na onipa kwasea deɛ ɔbu ne na animtia. Agyimisɛm yɛ anigyeɛ ma deɛ ɔnni tire, na nhunumu nipa tene ne nanteɛ. Wɔkwati agyinakorɔ a, tirimbɔ yɛ ɔkwa, na agyinatufoɔ pii mu na ɛbɛgyina. Onipa anomu mmuaeɛ yɛ anigyeɛ ma no, na asɛm a wɔka no ne berɛ mu, sɛdeɛ ɛsi yɛ! Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ, na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no. AWURADE dwiri ahantanfoɔ fie, na ɔma okunafoɔ hyeɛ tim. Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho te. Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie, na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase. Ɔteneneeni akoma dwene mmuaeɛ ho, na abɔnefoɔ ano woro nsɛmmɔne. AWURADE ne abɔnefoɔ ntam ware, na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie. Aniwa so teɛ ma akoma tɔ yam, atesɛm pa deɛ ɛma nnompe mu dɔre sradeɛ. Aso a ɛtie nkwa animka no, ɛbɛtena anyansafoɔ mu. Deɛ ɔgyaa atenetene mu po ne kra, na deɛ ɔtie animka no nya akoma. AWURADE suro ne nyansa atenetene, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE. Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE. Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa, na wo nhyehyɛɛ bɛtim. AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne. Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne. Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ. Tenenee mu ade ketewa yɛ sene nnɔbaeɛ pii a ɛmfiri tenenee mu. Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn. Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anomu, atemmuo mu nso n’ano mfom. Abrammoɔ ne nsania tee yɛ AWURADE dea, fotoɔ mu aboɔ nyinaa yɛ ne nnwuma. Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die, na tenenee mu na akonnwa tim. Ahemfo anisɔdeɛ ne ano tenenee, na deɛ ɔka deɛ ɛtene no, wɔdɔ no. Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ, na ɔba nyansafoɔ pata no. Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum. Sɛdeɛ nyansanya yɛ sene sika fa! ne nhunumunya sɛ wɔyi sene dwetɛ. Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie, deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra. Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan. Ɛyɛ sɛ wo ne mmɔborɔfoɔ nya ahobrɛaseɛ honhom sene sɛ wo ne ahokyerɛfoɔ bɛkyɛ asadeɛ. Deɛ ɔdwene asɛm soɔ no hunu papa, na nhyira ne deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ. Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ. Nimdeɛ yɛ nkwa nsutire ma deɛ ɔwɔ, na agyimifoɔ deɛ, wɔn asotwe ne wɔn agyimisɛm. Onyansafoɔ akoma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ wɔ n’anomu. Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔwadeɛ ne nnompe nkwahosan. Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan. Odwumayɛni kɔm yɛ adwuma ma no, ɛfiri sɛ n’ano piapia no. Obusuyɛfoɔ bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehyeɛ. Onipa kontonkyi hyɛ takrawɔgyam, na asomsɛmkani tete nnamfo ntam. Omimdifoɔ sisi ne yɔnko, na ɔde no fa kwan a ɛnyɛ so, ɔmua n’ani dwene akontonkyisɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ. Abotire a ɛyɛ fɛ ne ɛdwono, wɔhu no tenenee kwan so. Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima, na deɛ ɔdi ne honhom soɔ no sene deɛ ɔko fa kuro. Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Kɔntɔmoa wesee a asomdwoeɛ wɔ mu yɛ sene efie a afɔrebɔdeɛ a wɔko ho ayɛ no ma. Akoa nimdefoɔ bɛdi ɔba a ɔyɛ aniwudeɛ so, na ɔbɛnya agyapadeɛ mu kyɛfa wɔ anuanom mu. Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na deɛ ɔsɔ akoma hwɛ ne AWURADE. Ɔdebɔneyɛni tie ahuhudeɛ ano, ɔtorofoɔ yɛ aso ma mmusubɔ tɛkyerɛma. Deɛ ɔyi ohiani ahi gu ne yɛfoɔ anim ase, deɛ n’ani gye amaneɛ ho no, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. Nkɔkoraa abotire ne mma mma, na mma animuonyam ne wɔn agyanom. Kasantrasoɔ mfata ogyegyentwie, na nkantom sɛ atorɔ ano bɛfata ɔdehyeɛ. Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie. Deɛ ɔkata mfomsoɔ soɔ no hwehwɛ ɔdɔ, na deɛ ɔti asɛm mu no tete nnamfo ntam. Nkaanim hyɛne nhunumufoɔ mu kyɛne sɛ wɔbɔ ɔkwasea mmaa ɔha. Atuateɛ nko na ɔbɔne rehwehwɛ, na wɔbɛsoma ɔbɔfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so. Ma osisire a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu. Deɛ ɔde bɔne hyɛ papa ananmu no, bɔne rempa ne fie da. Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae. Deɛ ɔbu ɔbɔnefoɔ bem ne deɛ ɔbu ɔteneneeni fɔ no, AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn baanu nyinaa. Adɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, berɛ a ɔnni tire? Adamfo dɔ berɛ nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa ahohiahia. Onipa a ɔnni tire na ɔdi akagyinamu, na ɔdi ne ɔhɔhoɔ agyinamu. Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no pɛ mmarato, deɛ ɔma ne dan ano korɔn mmorosoɔ no hwehwɛ n’ankasa ne pira. Akoma mu kontonkyifoɔ nhunu papa, na tɛkyerɛma danedanefoɔ hwe bɔne mu. Deɛ ɔwo ɔkwasea no, ɔwo nya awerɛhoɔ, na anigyeɛ biara nni hɔ mma ogyegyentwie agya. Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa, na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu. Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam, sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani. Nyansa wɔ nhunumufoɔ anim, na ɔkwasea deɛ, n’ani da asase ano nohoa. Ɔba kwasea yɛ n’agya awerɛhoɔ ne ne na a ɔwoo no bɔnwono. Sɛ wɔgye ɔteneneeni hɔ mmaratodeɛ a, ɛnyɛ, na sɛ wɔhwe adɛɛfoɔ a, ɛnyɛ koraa. Deɛ ɔdodo ne nsɛm ho hunu nimdeɛ, na deɛ ne honhom dwoɔ yɛ nhunumu nipa. Ogyimifoɔ mpo, ɔmua n’ano a, wɔbu no nyansafoɔ, aane, deɛ ɔka n’ano tom no, ɔyɛ nhunumuni.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Deɛ wate ne ho no hwehwɛ anoyie daa, na adepa biara yɛ no ahi. Ɔkwasea nni nhunumu ho anika, na mmom sɛ ɔbɛyi n’akoma adie. Ɔbɔnefoɔ ba a, animtiabuo nso ba, na adapaa ne ahohora na ɛnam. Nsuo a emu dɔ ne ɔbarima anomu nsɛm, asutene a ɛba yie ne nyansa abura. Ɛnyɛ sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefoɔ anim, na wɔdane ɔteneneeni asɛm ani atemmuo mu. Ɔkwasea ano ma ntɔkwa ba, na n’afono frɛfrɛ asotorɔ. Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ, na n’anofafa ne ne kra fidie. Asomkasani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ, na ɛsiane kɔ ɔyafunu mpia mu. Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso, ɔdesɛefoɔ nua ne no. Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no. Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den, na ɛte sɛ ɔfasuo a ɛkorɔn n’adwene mu. Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ. Deɛ ɔbua asɛm ansa na ɔteɛ no, ɛyɛ agyimisɛm ne aniwuo ma no. Onipa honhom tumi soa yadeɛ, na honhom a ɛdi yea deɛ, hwan na ɔbɛtumi asoa? Nhunumufoɔ akoma nya nimdeɛ, na anyansafoɔ aso hwehwɛ nimdeɛ akyiri kwan. Onipa ayɛyɛdeɛ bɔ kwan ma no, na ɛde no ba nnipa akɛseɛ anim. Deɛ ɔbɔ ne nkuro kane yɛ sɛ ɔteneneeni kɔsi sɛ ne yɔnko ba bɛpeepee mu. Ntonto pata ntɔkwa, na ɛpae atumfoɔ ntam. Onua a wɔafom no sene kuro denden, na ntɔkwa te sɛ abankɛseɛ akyiri adaban. Ɔbarima anomu aba ma ne yafunu mee, n’anomu nnɔbaeɛ mee no. Owuo ne nkwa wɔ tɛkyerɛma tumi so, na deɛ ɔdɔ no no bɛdi n’aba. Deɛ wanya yerɛ no, wanya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ. Kyɛwpa na ohiani de kasa, na ɔdefoɔ bua asɛmdenden. Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea. Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne. Onipa agyimisɛm kyinkyim ne kwan, na n’akoma huri tia AWURADE. Ahonya ma obi nya nnamfo pii, na mmɔborɔni ne ne yɔnko ntam tete. Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no rennya adwaneyɛ. Nnipa pii dɛfɛdɛfɛ ɔdɛɛfoɔ, na nnipa nyinaa yɛ ɔyamyiefoɔ nnamfo. Ohiani nuanom nyinaa tane no, na nkantom sɛ ne nnamfonom ne ne ntam rentwe, ɔde nsɛm ti wɔn a, ɔnto wɔn. Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra, deɛ ɔbu nhunumu no, ɔhunu papa. Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no bɛyera. Taamudie mfata ɔkwasea, na mprɛ ahe na akoa bɛdi mpanimfoɔ soɔ. Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuo ase, na mfomsoɔ ho twa yɛ no animuonyam. Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo. Ɔba kwasea yɛ n’agya mmusuo, na ɔbaa ntɔkwako yɛ daa nsuo a ɛsosɔ. Efie ne ahodeɛ yɛ agyanom awunnyadeɛ, na ɔyere nimdefoɔ firi AWURADE. Aniha yɛ nnahɔɔ, na onipa kwadwofoɔ bɛdi kɔm. Deɛ ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na deɛ ɔnhwɛ n’akwan yie no bɛwu. Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu. Anidasoɔ wɔ hɔ yi, tea wo ba, na mmɔ wo tirim sɛ wobɛku no. Deɛ n’abufuo so no bɛnya asotwe, na sɛ wogyaa no a, wobɛsane agyaa no bio. Tie afotuo na gye atenetene, na woahunu nyansa w’akyirinna mu. Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina. Onipa adɔeɛyɛ na ɛma wɔdɔ no, na ohiani yɛ sene ɔtorofoɔ. AWURADE suro de obi kɔ nkwa mu, deɛ ɔkura mu no bɛmee ada, na bɔne biara renka no. Ɔkwadwofoɔ de ne nsa to ayowa mu, na ɔnsane mfa nkɔ n’anomu mpo. Bɔ ɔfɛdifoɔ, na atetekwaa ani bɛte, na ka nhunumufoɔ anim, na wahunu nimdeɛ mu. Deɛ ɔbɔ n’agya atirimuɔden na ɔpamo ne na no yɛ aniwuo ne ahohora ba. Me ba, wogyae atenetene tie a, wobɛfom afiri nimdeɛ nsɛm ho bio. Ɔdansehuhuni di atemmuo ho fɛw, na abɔnefoɔ ano mene mmusuo. Wɔasiesie atemmuo ama afɛdifoɔ ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nnim nyansa. Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, deɛ ɔyi no abufuo no yɛ ne kra bɔne. Ɛyɛ ɔbarima animuonyam sɛ ɔtwe ne ho firi ɔham mu, na agyimifoɔ deɛ, wɔpɛ ntɔkwa. Awɔ nti ɔkwadwofoɔ mfuntum, twaberɛ mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nanso ɔrennya hwee. Ɔbarima akoma mu agyinatuo te sɛ nsuo a emu dɔ, nso deɛ ɔwɔ nhunumu bɛsa. Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeɛyɛ, na ɔbarima nokwafoɔ deɛ, hwan na ɔbɛhu no? Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi. Ɔhene a ɔte asennie adwa soɔ de n’aniwa huhu bɔne nyinaa so. Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho? Abrammoɔ ahodoɔ, susukodoɔ ahodoɔ, ne mmienu nyinaa yɛ AWURADE akyiwadeɛ. Abɔfra mpo, wɔde ne nneyɛɛ na ɛhu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yie na atene. Aso a ɛteɛ ne aniwa a ɛhunu, AWURADE na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa. Mpɛ nna, na woanni hia; bue w’ani, na aduane bɛmee wo. Ɛnyɛ, ɛnyɛ! Sɛ ɔdetɔfoɔ seɛ ne no, na ɔdane ne ho kɔ a, na ɔrehoahoa ne ho. Sika wɔ hɔ, na nhwene pa pii wɔ hɔ, na kasa a nimdeɛ wɔ mu no te sɛ adwinneɛ a ne boɔ yɛ den. Deɛ ɔdi ɔhɔhoɔ agyinamu no, fa ne ntoma, na deɛ ɔdi ɔnanani akagyinamu no, gye no awowa. Aduane a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyire yi no, mmoseaa yɛ n’anomu ma. Wɔde agyinatuo na ɛma tirimbɔ gyina, na fa atɛmpa kyekyere ɔsa. Deɛ ɔkyini di nsekuro no yi ahuntasɛm adi, enti mfa wo ho mmɔ deɛ ɔtrɛ n’anomu. Deɛ ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bɛdum esum kabii mu. Agyapadeɛ a wɔde ntɛmpɛ nya no mfitiaseɛ no, akyire renwie nhyira. Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo. AWURADE akyiwadeɛ ne abrammoɔ ahodoɔ, na nsisie nsania nso nyɛ. Onipa anammɔntutuo firi AWURADE, na ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhunu n’akwan mu? Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu. Ɔhene nyansafoɔ hu abɔnefoɔ so, na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so. AWURADE kanea ne onipa ahome, ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ. Adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ ɔhene so, na adɔeɛ so na n’adwa tim. Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden, na nkɔkoraa ahoɔfɛ ne ɛdwono. Mmaa a ɛpira twi ɔbɔne ho, na ɛhweɛ hyɛne yam mpia mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ. Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE. Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ. Ani a ɛtra ntɔn ne akoma a ɛhoran, mekyerɛ, abɔnefoɔ kwan no deɛ, ɛyɛ bɔne. Nsiyɛfoɔ adwene de adedodoɔ ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde kɔ ohia nko mu. Ademudeɛ a wɔde atorɔ tɛkyerɛma anya yɛ ahuhuo a ahu korɔ; wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owuo. Abɔnefoɔ akakabensɛm de wɔn kɔ, ɛfiri sɛ wɔpo atemmuo. Ɔbarima a ɛso da ne soɔ kwan kyea, na deɛ ne ho teɛ adwuma yɛ tee. Ɛdan atifi kokoam tena yɛ sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu. Ɔbɔnefoɔ kra kɔn dɔ bɔne, ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so. Sɛ wɔtea fɛdifoɔ a, atetekwaa hunu nyansa, na onyansafoɔ yiedie mu na ɔnya nimdeɛ. Ɔteneneeni gyene n’ani hwɛ abɔnefoɔ fie, sɛdeɛ wɔka abɔnefoɔ guo sɛe wɔn. Deɛ ɔsi n’aso firi mmɔborɔfoɔ su ho no, ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so. Kokoam adekyɛ pata abufuo, na kokom adanmudeɛ dwodwo abufuhyeɛ. Ɛyɛ ɔteneneeni anigyeɛ sɛ ɔbɛdi asɛntenenee, na ɛyɛ hu ma amumuyɛfoɔ. Onipa a ɔfom firi nimdeɛ kwan soɔ no bɛtena nsamanfoɔ asafo mu. Deɛ ɔdɔ anigyeɛ bɛdi hia, deɛ ɔdɔ nsa ne ngo rennya adeɛ. Ɔbɔnefoɔ bɛyɛ ɔteneneeni agyedeɛ, na nkontomponi bɛsi teefoɔ ananmu. Anwea pradada asase so tena yɛ sene ɛyerɛ nwiinwiifoɔ a ne bo nnwo no nkyɛn tena. Ademudeɛ a ɛsom boɔ ne ngo wɔ onyansafoɔ tenabea, na ɔkwasea deɛ, ɔsɛe no. Deɛ ɔdi tenenee ne adɔeɛ akyire no, ɔbɛnya nkwa, tenenee ne animuonyam. Onyansafoɔ foro nnɔmmarima kuro, na ɔsum ahoɔden a wɔde wɔn ho too soɔ no twene. Deɛ ɔkora n’ano ne ne tɛkyerɛma no, ɔkora ne kra firi ahohia mu. Ɔhantanni a wahuhuro, ne din de ɔfɛdifoɔ, ɔdi n’asɛm ahantan ntrasoɔ mu. Ɔkwadwofoɔ akɔnnɔ ku no, ɛfiri sɛ ne nsa nsɔ adeɛ mu. Obi wɔ hɔ a n’ani bere adeɛ kɔkɔɔkɔ daa nyinaa, na ɔteneneeni deɛ, ɔma na ɔnnodo ho. Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, na nkantom sɛ ɔde bɛfa adwemmɔne mu aba. Adansefoɔ atorofoɔ bɛyera, na onipa a ɔtie asɛm, ɔkasa daa. Onipa bɔnefoɔ kum n’anim, na ɔteefoɔ deɛ, ɔtaataa n’akwan. Nyansa ne nhunumu ne afotuo biara nni hɔ a ɛne AWURADE bɛdi asie. Wɔsiesie ɔpɔnkɔ ma ko da, na nkonimdie deɛ, ɛwɔ AWURADE nsam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Din pa na ɛsɛ sɛ wɔyie sene ahonyadeɛ pii, na animuonyam yɛ sene dwetɛ ne sika. Ɔdefoɔ ne ohiani hyia, deɛ ɔyɛɛ wɔn nyinaa ne AWURADE. Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe. Deɛ ɛdi ahobrɛaseɛ ne AWURADE suro akyire ne ahonyadeɛ ne animuonyam ne nkwa. Nkasɛɛ ne afidie wɔ okontonkyini kwan so, nanso deɛ ɔkora ne kra ne wɔn ntam bɛtwe. Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa soɔ, na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho. Ɔdefoɔ di ahiafoɔ so, na ɔdefɛmni yɛ deɛ ɔde fɛm akoa. Deɛ ɔdua amumuyɛ no bɛtwa mmusuo, na n’anibereɛ abaa bɛhi. Oyamyiefoɔ nya nhyira, na ɔde n’aduane bi ma mmɔborɔni. Pamo fɛdifoɔ na ntɔkwa bɛfiri adi, na akasakasa ne nsopa to atwa. Deɛ ɔdɔ akoma mu teɛ na n’anomu kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene. AWURADE ani kora onimdefoɔ, na ɔbutu ɔkɔnkɔnsani asɛm. Ɔkwadwofoɔ se: Gyata wɔ adihɔ, wɔbɛku me, mmorɔno so! Mmaa asansafoɔ ano yɛ amena donkodonko, deɛ AWURADE apo no no bɛhwe mu. Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho, atenetene abaa bɛma no afiri ne ho. Deɛ ɔhyɛ mmɔborɔni soɔ de dɔre n’adeɛ, anaa ɔde n’adeɛ ma ɔdefoɔ no, hia na ɛbɛhia no. Brɛ w’aso ase tie anyansafoɔ kasa, na fa w’akoma to me nimdeɛ so. Na ɛyɛ fɛ sɛ wode bɛsie wo yam, na ne nyinaa abom afam w’ano. Deɛ ɛbɛyɛ na wode wo ho ato AWURADE soɔ no, merema woahunu nnɛ, wo ara! Menkyerɛɛ wo nsɛnkunini aduasa, afotuo ahodoɔ ne nimdeɛ mu, sɛ mɛma woahunu nokorɛ nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akɔbua wɔn a wɔsoma woɔ no anaa? Mmɔ mmɔborɔni korɔno, sɛ ɔyɛ mmɔborɔni nti, na ntiatia amanehununi so kuro pono mu. Na AWURADE bɛdi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfom wɔn fa no, ɔbɛfom wɔn kra afa. Ɛne obufufafoɔ mmfa yɔnkoɔ, na ɛne ɔbarima niberefoɔ mmmɔ, na woansua n’akwan, na woannya fidie amma wo kra. Nyɛ wɔn a wɔdi agyinamu no mu bi, wɔn a wɔdi akagyinamu no. Sɛ wonni biribi a wode bɛtua a, adɛn nti na ɔnnye w’ase kɛtɛ no? Ntwe tete hyeɛ a w’agyanom abɔ ato hɔ no. Woahunu onipa a ɔyɛ nsi wɔ n’adwuma ho? Ɔno na ɔbɛgyina ahemfo anim, na ɔrennyina mpapahwekwaa anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ wotena ase ne ɔberempɔn rebɛdidi a, susu deɛ ɛwɔ w’anim no ho yie; na sɛ woyɛ odufudepɛfoɔ a, ɛte sɛ wode sekan reto mene mu. Mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ɛyɛ nnaadaa aduane. Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ, gyae wo nhunumu yi akyiridie. Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa? Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro. Nni deɛ ɔwɔ ani bɔne aduane, na mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ. Na sɛdeɛ ɔdwene ne mu no, sɛ ɔteɛ ne no, ɔse wo sɛ: Didi na nom! Nanso n’akoma nni wo ho. Afono ma a woadie no, wobɛfe, na woayera wo nsɛm dɛdɛ no. Nkasa ngu ɔkwasea aso mu, na ɔbɛbu wo kasa mu nimdeɛ no animtia. Ntwe tete hyeɛ, na nhyɛne nwisiaa mfuo mu. Na wɔn gyefoɔ no yɛ otumfoɔ, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn atia wo. Fa w’akoma bra atentene ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho. Mfa atenetene nkame abɔfra, na wode abaa hwe no a, ɔrenwu. Sɛ wode abaa hwe no a, ɛno na wobɛgye ne kra afiri Asamando. Me ba, sɛ w’akoma hunu nyansa a, me ara nso m’akoma bɛtɔ me yam, na me kra ho bɛsɛpɛ no, sɛ w’ano reka deɛ ɛtene. Mma w’akoma mmpere wo, nnebɔneyɛfoɔ ho. Na wo deɛ, tena AWURADE suro mu daa nyinaa. Na ampa ara, akyire asɛm wɔ hɔ, na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene. Me ba, wo deɛ, tie, na hunu nyansa, na tene w’akoma kɔ ɔkwan no so. Mfra sadweamfoɔ, wɔn a wɔsɛe wɔn honam no mu; na ɔsadweam ne potwaafoɔ bɛdi hia, na nkotɔ de ntomago fira onipa. Tie w’agya, ɔno na ɔwoo woɔ, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtia. Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso. Ahurisie na ɔteneneeni agya bɛdie, na deɛ ɔwoo onyansafoɔ no ani gye ne ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye, na deɛ ɔwoo woɔ no nni ahurisie. Me ba, fa w’akoma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani. Na odwamamfoɔ yɛ amena donkodonko, na ɔbaa sansani yɛ abura hihiaa. Ɔtɛ nso sɛ ɔkwanmukani, na ɔma nnipa mu nkɔnkɔnsafoɔ dɔɔso. Hwan na ɔwɔ amaneɛ mu, hwan na ɔwɔ awerɛhoɔ mu, hwan na ɔwɔ ntɔkwako ne abooboodie, hwan na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abereɛ? Wɔn a wɔkyɛre nsa ho, wɔn a wɔkɔka mfrasa hwɛ. Nhwɛ nsa sɛ ɛbere kɔɔ no, na ani twa, kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no, akyire yi no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ borɔ sɛ ahuritia. W’ani bɛhwɛ ananadeɛ, na w’akoma aka akontonkyisɛm. Na woayɛ sɛ deɛ ɔda po mfimfini ne deɛ ɔda hyɛn nnua atifi. Na woaka sɛ: Wɔde adeɛ bɔɔ me, ante me, wɔpem me, mante, menyane ara pɛ a, mɛkɔ so mapɛ akyiri kwan ara!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mma wo ho mmpere wo, abɔnefoɔ ho, na mma wo kɔn nnnɔ sɛ wo ne wɔn bɛtena, na wɔn akoma dwene ɔsɛeɛ ho, na wɔn ano ka mmusuo. Wɔde nyansa na ɛsi dan, na wɔde nhunumu ma no gyina, na wɔnam nimdeɛ so de ahodeɛ aboɔdenneɛ afɛfɛdeɛ nyinaa hyɛ mpia mama. Ɔbarima nyansafoɔ wɔ ahoɔden, na ɔba nimdefoɔ ma ne tumi mu yɛ den. Atɛmpa na fa kyekyere wo sa, na nkonim wɔ agyinatufoɔ dodoɔ mu. Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu. Deɛ ɔdwene bɔneyɛ ho no, wɔfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ. Agyimisɛm tirimbɔ yɛ bɔne, na nnipa akyiwadeɛ ne ɔfɛdifoɔ. Wo nsa mu go ahohiahia da mu a, w’ahoɔden sua. Gye wɔn a wɔtwe wɔn kɔ owuo mu, na sɛ wɔtɔ ekum kwan so ntintan a, sianka wɔn ɛ. Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ. Di ɛwoɔ, me ba, na ɛyɛ, ne ɛwoɔkyɛm a ɛyɛ wo dodom dɛ; saa na bu nyansa ma wo kra, sɛ wohunu a, ɛso akatua bɛba daakye, na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene. Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea. Na mprɛnson na ɔteneneeni hwe ase na ɔsɔreɛ, na abɔnefoɔ deɛ, amanehunu hwe wɔn ase. Wo tamfo hwe ase a, mma w’ani nnnye, na ɔwatiri a, mma w’akoma nnni ahurisie, na AWURADE anhunu, na anyɛ n’ani so bɔne, na wannane n’abufuo amfiri ne so. Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ ho, na mma w’ani mmmere abɔnefoɔ. Na akyire asefoɔ nni hɔ mma ɔbɔne, abɔnefoɔ kanea bɛdum. Me ba, suro AWURADE ne ɔhene, mfa wo ho mmɔ atuatefoɔ ho, na mpofirim na amaneɛ firi wɔn hɔ bɛba, na ɔsɛeɛ a ɛbɛfiri wɔn baanu hɔ no, hwan na ɔnim? Yeinom nso yɛ anyansafoɔ dea: Atemmuo mu animhwɛ nyɛ. Deɛ ɔse ɔbɔnefoɔ sɛ: Wotene, no, aman bɛdome no, na amanaman bɛkyiri no. Na wɔn a wɔtwe aso no bɛdi yie, na wɔn so na nhyira pa bɛba. Deɛ ɔma mmuaeɛ pa no te sɛ deɛ ɔfe ano. Siesie w’adwuma wɔ baabi, na toto wo biribiara w’asase so; na ɛno akyiri no woakyekyere wo fie. Nni wo yɔnko ho adanse hunu, na mfa w’ano nnaadaa. Nka sɛ: Sɛ ɔyɛɛ me no, saa ara na mɛyɛ no, mɛtua no deɛ wayɛ no so ka. Mesianee ɔbarima kwadwofoɔ afuo ne onipa a ɔnni tire bobeturo ho, na hwɛ, na ne nyinaa afu nsansono, na ahyehyewonsa akata ani, na ɛho aboɔ fasuo abubu agu. Ɛnna mehwɛeɛ, na medwenee ho yie, mehunui, na mefaa mu nyansa. Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra, ɛnna wo hia nam so bɛba sɛ odwotwafoɔ, ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurani.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei nso ne Salomo mmebusɛm bi a Yudahene Hesekia nnipa fa twerɛeɛ. Nyankopɔn animuonyam ne asɛm so kata, na ahemfo animuonyam ne asɛm mu hwehwɛ. Ɔsoro ware a ɛwareɛ, ne asase mu dɔ a ɛdɔ, ne ahemfo akoma mu nni hwehwɛbea. Yi fi dwetɛ mu, na agudeɛ firi odwumfoɔ nsam aba. Yi ɔbɔnefoɔ firi ɔhene anim, na n’ahennwa bɛtim tenenee mu. Nhyehyɛ wo ho ɔhene anim, na nkɔgyina nnipa akɛseɛ gyinabea. Na ɛyɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Bra soro ha! sene sɛ wɔbɛbrɛ wo aseɛ ɔberempɔn a w’ani ahu no no anim. Mfiri hatuhatu nkɔko, na ɛbɛwie akyire yi no, wobɛyɛ dɛn, sɛ wo yɔnko de wo ato aniwuo mu? Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahuntasɛm adi; na deɛ ɔbɛteɛ no annidi wo atɛm, na wo nsopa anka hɔ. Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ nkɛntɛn mu. Sɛdeɛ sika asomuadeɛ ne sika amapa ahyehyɛdeɛ teɛ no, saa na onimkafoɔ nyansafoɔ teɛ wɔ aso a ɛte asɛm soɔ. Sɛdeɛ sukyerɛmma dwoɔ teɛ twaberɛ mu no, saa na ɔbɔfoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsomaa no, na ɔdwodwo ne wuranom kra. Deɛ ɔde akyɛdeɛ a ɔmmaeɛ hoahoa ne ho no te sɛ mununkum ne mframa a osuo nni mu. Abodwokyɛre dane ɔtemmufoɔ ti, na tɛkyerɛmabereɛ bu dompe mu. Wohunu ɛwoɔ a, di deɛ ɛso woɔ, na amfono wo, na woamfe angu. Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fie ntiantia, na wo ho anyɛ no mfone na wantane wo. Asabaa ne nkrantɛ ne agyan nnamnnam ne onipa a ɔdi ne yɔnko ho adansekurumu. Ɔkɔnkɔnsani so anidasoɔ, hiada mu, te sɛ ɛse a abuo ne nan a afirikyie. Deɛ ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhoni no te sɛ deɛ ɔpa ntoma awɔberɛ mu, anaa nsa kekakeka a wɔde gu dɔw soɔ. Sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane nni, na sukɔm de no a, ma no nsuo nnom; na wobɛso nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu. Atifi fam mframa de osuo ba, saa ara nso na ntwirie tɛkyerɛma de abufunimu ba. Ɛdan atifi kokoam tena yɛ sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu. Sɛdeɛ nsuonwunu yɛ ɔkra a atɔ piti no, sɛ asɛmpa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ yɛ ne no. Sɛdeɛ nsuo aniwa a wɔatiatia mu ne abura a wɔasɛeɛ no teɛ no, saa na ɔteneneeni a ɔtɔ ɔbɔnefoɔ anim ntintan teɛ. Ɛwoɔdie ntrasoɔ nyɛ, enti animuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ animuonyam. Onipa a ɔntumi nhyɛ ne ho so no te sɛ kuro a abubuo a afasuo nni ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ ahuhuberɛ mu sukyerɛmma ne twaberɛ mu nsuo teɛ no, sɛ animuonyam mfata ɔkwasea ne no. Sɛdeɛ apatuprɛ kyini na asomfenakatakyi tuo no, saa ara na nnuabɔ hunu remma mu. Pɔnkɔabaa fata ɔpɔnkɔ, nnareka fata afunumu, ɛnna abaa nso fata ɔkwasea akyire. Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno. Bua ɔkwasea wɔ n’agyimisɛm so, na wanyɛ n’ani so onyansafoɔ. Deɛ ɔde asɛm soma ɔkwasea no twitwa ɔno ara ne nan, na ɔnom mmusuo. Sɛdeɛ apakye nan sensɛne hɔ no, sɛdeɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no. Sɛdeɛ abohene boaa teɛ aboɔkuo soɔ no, sɛ deɛ ɔhyɛ ɔkwasea animuonyam teɛ ne no. Sɛdeɛ nkasɛɛ poma teɛ wɔ nsaboni nsam no, sɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no. Deɛ ɔbɔ ɔkwasea ne anantefoɔ paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa nyinaa. Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, sɛ ɔkwasea ti n’agyimisɛm mu ne no. Wohunu onipa a ɔyɛ ɔno ara n’ani so nyansafoɔ a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no. Ɔkwadwofoɔ se: Ɛserɛ-mu-sɛe wɔ ɔkwan mu, gyata wɔ mmɔntene so! Sɛdeɛ ɛpono dane ne ho ne mpontɛre soɔ no, saa ara na ɔkwadwofoɔ nso yɛ wɔ ne kɛtɛ soɔ. Ɔkwadwofoɔ de ne nsa bɔ ayowa mu, ɛyɛ n’ani ha sɛ ɔde bɛhyɛ n’anomu. Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ. Deɛ ɔretwam na ɔde ne ho fra asɛm a ɛmfa ne ho mu te sɛ deɛ ɔsɔ ɔkraman aso mu. Sɛdeɛ ɔbɔdamfoɔ a ɔto nnyansramma, agyan ne owuo teɛ no, sɛ onipa a ɔgyegye ne yɔnko, na ɔka sɛ: Agorɔ na meredie, teɛ ne no. Nnyina sa a, ogya dum, na sɛ asomsɛmkani nni hɔ a, tɔkwa to twa. Sɛdeɛ gyabidie ma nsramma na nnyina ma ogya no, saa ara na ɔbarima tɔkwapɛfoɔ ma ɔko ano sɔ. Asomsɛmkani nsɛm te sɛ mfremfremadeɛ, na ɛsiane kɔ yam mpia mu. Ano fremfrem ne amumuyɛ akoma te sɛ dwetɛ fi a wɔde adura kuruwago ho. Deɛ ɔtane obie no de n’ano kyerɛ asɛm bi, na ne mu deɛ, ɔsiesie nkontompo. Sɛ ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm a, nnye no nni, na akyiwadeɛ nson wɔ n’akomam. Nitan de nnaadaa kata ne ho, nanso asafo mu wɔbɛyi ne bɔne adi. Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu, na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so. Tɛkyerɛma torofoɔ tane wɔn a apira wɔn, na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ de ɔsɛeɛ ba.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda no de bɛba. Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano, ɔhɔhoɔ, na ɛnyɛ w’anofafa. Ɔboɔ yɛ duru na anwea yɛ dompee, nanso ogyimifoɔ abufuo yɛ duru sene ne mmienu nyinaa. Anibereɛ yɛ atirimuɔden, na abufuo yɛ ahometedeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe anim? Animka petee yɛ sene ɔdɔ a ahunta. Ɔdɔfoɔ pira yɛ nokorɛ, na ɔtamfoɔ mfeano yɛ nsisie. Ɔkra a wameeɛ tia ɛwokyɛm so, na ɔkra a ɛkɔm de no deɛ, deɛ ɛyɛ nwono biara yɛ no dɛ. Sɛdeɛ anomaa a ɔfiri ne pirebuo mu kyini teɛ no, saa na onipa a ɔfiri ne tenaberɛ kɔkyini teɛ ne no. Ngo ne aduhwam ma akomatɔyam, saa ara na onipa adamfo atirimsɛmdie dɛ nso yɛ. Nnya w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amanehunu da, nhyɛne wo nua fie; wo fipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirie. Me ba, yɛ onyansafoɔ, na ma m’akoma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua deɛ ɔbɔ me ahohora. Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ de ne ho hyɛ mu, na wɔnya asotwe. Deɛ ɔgyina ɔhɔhoɔ akyire no, fa ne ntoma, na deɛ ɔdi ɔbaa sansani agyinamu no, gye no awowa. Deɛ ɔtua nhema de nne kɛseɛ hyira ne yɔnko no, wɔbɛbu no nnuabɔ ama no. Asusoberɛ mu nsuo a ɛsosɔ daa ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ na ɛsɛ: Deɛ ɔse ɔresianka no te sɛ deɛ ɔresianka mframa, anaa ne nifa kuta ngo. Dadeɛ se dadeɛ ano, na onipa se ne yɔnko anim. Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua no di n’aba, na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam. Sɛdeɛ nsuo mu anim kyerɛ anim no, saa ara na onipa akoma kyerɛ onipa akoma. Asamando ne ɔsɛeɛ mmee da, na onipa aniwa nso mmee da. Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na ɔbarima deɛ, sɛ n’ayeyie teɛ na wɔde hu no. Sɛ wode wɔmma si ogyimifoɔ waduro mu fra ayuo mu mpo a, n’agyimisɛm remfiri ne ho ara da. Hunu na hunu sɛdeɛ wo nnwan ho teɛ, na fa w’akoma to mmoa akuakuo no so. Na adeɛ a woakora ntena hɔ daa, na abotire kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so anaa? Ɛserɛ kɔ, na wira mono yi adi, na wɔboaboa mmepɔ so nhahamma ano. Nnwanten ma wo ntoma, na mpapo yɛ asase tiri adeɛ. Na mmirekyie nufosuo no dɔɔso ma w’aduane, wo fiefoɔ aduane ne wo mmabaa akɔnhomabɔdeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa. Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso, na nnipa nhunumufoɔ ne nimdefoɔ na ɛma ɔhene kyɛreɛ. Ohiani a ɔhyɛ ohiani soɔ te sɛ osuo a ɛpra adeɛ korɔ a ɛmma aduane mma. Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ, na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ. Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu. Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea akwan mmienu mu na wanya ne ho. Deɛ ɔbu mmara no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔne ahohwifoɔ bɔ no hyɛ n’agya aniwuo. Deɛ ɔde mfɛntom ne apempensie dɔre n’adeɛ no, ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛhunu mmɔborɔfoɔ mmɔborɔ. Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ. Deɛ ɔgyegye teefoɔ kɔ bɔne kwan soɔ no, ɔbɛhwe ɔno ara amena mu, na pɛyɛfoɔ bɛdi adepa. Onipa defoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ, na mmɔborɔni nhunumufoɔ hwehwɛ ne mu. Teneneefoɔ di ahurisie a, ɛyɛ fɛ pii, na abɔnefoɔ deɛ wɔsɔre a, nnipa hunta. Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm, na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ. Nhyira ne onipa a ɔfɛre adeɛ daa daa, na deɛ ɔhyɛ n’akoma den bɛtɔ bɔne mu. Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ. Ɔhene a ɔnni nhunumu na ne nhyɛsoɔ so, na deɛ ɔtane amimdie ma ne nna kyɛ. Onipa a obi mogya ho so da ne soɔ no, ɔbɛdwane akɔduru amena mu, mma wɔnnsianka no. Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa, na deɛ ɔkyea akwan mmienu mu no bɛhwe baako mu. Deɛ ɔdɔ n’asase no, aduane bɛmee no, na deɛ ɔdi ade hunu akyire no, ohia bɛmee no. Onipa nokwafoɔ nhyira bɛdɔɔso, na deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ. Animhwɛ nyɛ, nso aduane afono ma so mpo na onipa bɛdi asɛmmɔne. Oniberefoɔ pere ahonya ho, na ɔnhunu sɛ ɔhia bɛba ne so. Deɛ ɔka obi anim no, akyire yi, ɔbɛnya animuonyam asene deɛ ɔde ne tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ. Deɛ ɔfom n’agya ne ne na adeɛ fa na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mmarato! no yɛ ɔdesɛefoɔ adamfo. Deɛ n’akɔnnɔ so hwanyan ntɔkwa, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no deɛ wɔbɛdɔre sradeɛ. Deɛ ne ho da n’akoma soɔ no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnam nyansa mu no bɛnya adwaneyɛ. Deɛ ɔma ohiani no, ɛrenhia no, na deɛ ɔyi n’ani no bɛnya nnuabɔ pii. Abɔnefoɔ sɔre a, nnipa hunta, na wɔyera a, na teneneefoɔ redɔɔso.