Audio
stringlengths
109
111
Transcript
stringlengths
131
10.4k
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so na wofa tena so a, fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena no, na kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ maduru asase a ɔkaa yɛn nananom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so. Na ɔsɔfoɔ no nnye kɛntɛn no mfiri wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia no anim. Na gye so ka no AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Na m’agya yɛ Aramni a anka ɔkyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi na ɛsiane kɔɔ Misraim kɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ, na ɔyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔyɛ den na wɔdɔreeɛ wɔ hɔ; na Misraimfoɔ yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom denden too yɛn so; na yɛsu frɛɛ AWURADE yɛn nananom Nyankopɔn, na ɔtiee yɛn nne, na ɔhunuu yɛn mmɔborɔ a yɛyɛ, yɛn haw ne yɛn ahodwan. Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu ne ahodwirideɛ akɛseɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yii yɛn firii Misraim bae. Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Na afei, hwɛ, mede asase a wo, AWURADE, de ama me no so aduanekan maba; na fa si AWURADE wo Nyankopɔn anim, na sɔre n’anim, na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fie no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu no. Sɛ wowie wo nnɔbaeɛ mu ntotosoɔ du du nyinaa yiyi, afe a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne ntotosoɔ du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ ama wɔadi no wo kuro apono mu amee a, ɛnneɛ ka no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Mayi akronkronneɛ afiri me fie, na mede mama Lewini ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ nso, sɛdeɛ wo mmara a woahyɛ me no nyinaa teɛ, mamfom wo mmara nsɛm no na me werɛ amfi; mennii bi m’awerɛhoɔ mu, na menyii bi berɛ a me ho nteɛ, na memfaa bi memmaa owufoɔ biara. Matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛdeɛ woahyɛ me no nyinaa. Firi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛdeɛ wokaa yɛn nananom ntam no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ yi, na fa w’akoma ne wo kra nyinaa di so na yɛ. Ɛnnɛ woaka no AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanante n’akwan so, na woadi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ so, na woatie ne nne. Na AWURADE nso aka no wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ ɔno ara ne man, sɛdeɛ wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so, na wama wo so akyɛne amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyie ne din ne animuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no hyɛɛ ɔman no sɛ: Monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so. Na da a mobɛtwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, fa aboɔ akɛseɛ sisi hɔ, na fa akaadoo sra ho, na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no. Na mo Yordan twa mu no, momfa aboɔ yi a merehyɛ mo nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔ so, na fa akaadoo sra ho. Na si hɔ afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, aboɔ afɔrebukyia, mma dadeɛ so wɔ so; aboɔ amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia, na bɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE wo Nyankopɔn; na bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim. Na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu aboɔ no so, fa kurukyire mu yie. Na Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman; enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so. Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ: Motwa Yordan a, yeinom na ɛnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no: Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin; na yeinom nnyina Ebal bepɔ so nnome: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali. Na Lewifoɔ mfiri aseɛ mfa nne kɛseɛ nka nkyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔtwe ne yɔnko hyeɛ. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔma onifirani fom kwan. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔne n’agya yere da, ɛfiri sɛ wayi n’agya nkataho. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔne aboa biara da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, n’agya ba anaa ne na ba da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔne n’ase da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔhunta de adeɛ bɔ ne yɔnko. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔgye apaadeɛ sɛ ɔbɛkum onipa a ɔdi bem. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen! Nnome nka deɛ ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so; na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, ɛfiri sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne. Nhyira bɛka wo wɔ kuro mu, na nhyira aka wo wɔ afuo mu. Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwie mma ne wo nnwan mma. Nhyira bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ. Nhyira bɛka wo wo fieba mu, na nhyira bɛka wo w’adifire mu. AWURADE bɛma w’atamfo a wɔsɔre tia woɔ adi nkoguo w’anim; wɔnam ɔkwan koro so bɛfiri abɛhyia wo, na wɔnam akwan nson so adwane w’anim. AWURADE bɛhyɛ nhyira ama no aba wo so wɔ w’asan so ne adeɛ a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na ɔbɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so. Sɛ wodi AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so na wonante n’akwan so a, AWURADE de wo bɛgyina hɔ ayɛ ɔman kronkron afa, sɛdeɛ waka wo ntam no. Na asase so aman nyinaa bɛhunu sɛ wɔde AWURADE din na afrɛ woɔ, na wɔbɛsuro wo. Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so wɔ wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so. AWURADE bɛbue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so osuo ne berɛ mu, na wahyira wo nsa ano adwuma nyinaa; na wode bɛfɛm amanaman pii, na wo deɛ, woremfɛm obi hɔ biribi. Sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnneɛ AWURADE bɛma woakɔ kan na worenka akyire, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da; Ne saa nti, mmane mfiri nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkɔdi anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn. Nanso ɛbɛba sɛ, sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo. Nnome bɛka wo, kuro mu, na nnome aka wo, wiram. Nnome bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ. Nnome bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’anantwie mma ne wo nnwan mma. Nnome bɛka wo, wo fieba mu, na nnome bɛka wo w’adifire mu. AWURADE bɛma nnome, benabɔ ne adapaabɔ aba wo so deɛ wode wo nsa bɛka ayɛ nyinaa mu de akɔsi sɛ wo bra bɔne nti wɔbɛdwɛre woɔ, na woasɛe ntɛm, ɛfiri sɛ woagya me. AWURADE bɛma ɔyaredɔm afam wo ho de akɔsi sɛ ɔbɛwie wo hyeɛ afiri asase a worekɔ so akɔfa no soɔ. AWURADE de ɛfɔn, ɔfoɛ ne ahuhuro ne ahohyehyeɛ kɛseɛ ne nkrantɛ ne ɔhoɔ ne ɔpoɔ bɛbɔ wo, na ɛbɛti wo de akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ. Na ɔsoro bɛyɛ sɛ kɔbere mfrafraeɛ ama wo, na asase ayɛ sɛ dadeɛ ama wo. Na AWURADE bɛma mfuturo ne nso atɔ sɛ osuo ama no agu w’asase so de akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ. AWURADE bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim: Wonam ɔkwan koro so bɛfiri akɔhyia wɔn, na wonam akwan nson so adwane wɔn anim, na wɔbɛto wo apete asase so ahennie nyinaa mu. Na wo funu bɛyɛ ewiem nnomaa nyinaa ne asase so mmoa aduane, na obiara renka wɔn. AWURADE de Misraim mpɔmpɔ ne nsisiiwa ne ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo. AWURADE de adammɔ ne anifira ne akoma mu ahodwirie bɛbɔ wo. Na wobɛkeka awia ketee sɛdeɛ onifirani keka sum mu, na w’akwan renwie wo yie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afom wo afa daa nyinaa, na obiara rennye wo. Wobɛgye ɔbaa aware, na obi ne no ada; wobɛsi dan, na worentena mu; wobɛtɛ bobeturo, na worente ɛso aba. Wɔbɛkum wo nantwie w’anim, na worenni bi; wɔbɛfa w’afunumu w’anim, na wɔrennane mma wo; wɔde wo nnwan bɛma w’atamfo, na worennya ɔgyefoɔ. Wɔde wo mmammarima ne wo mmammaa bɛma ɔman bi, na w’ani bɛhwɛ, na wɔn hwɛ ama w’ani atɔ sia daa nyinaa, ɛfiri sɛ tumi biara nni wo nsam. W’asase so aba ne w’adwumadeɛ nyinaa, ɔman a wonni wɔn na wɔbɛdie, na hyɛ nko na wɔbɛhyɛ woɔ na wɔapɛkyɛ wo, nna nyinaa; na w’ani so adeɛ a wobɛhunu no bɛbɔ wo dam. AWURADE de akuro bɔne bɛbɔ wo wɔ nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma woɔ firi wo nan ase kɔsi w’atifi. AWURADE de wo ne wo hene a wobɛsi no wo soɔ no bɛkɔ ɔman a wo ne wo nananom nnim soɔ, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ, nnua ne aboɔ. Na wobɛdane ahodwirideɛ ne kasabebuo ne ɛfene, aman a AWURADE de wo bɛkɔ soɔ no nyinaa mu. Wode aba pii bɛfiri akɔ afuom, na ketewaa bi na wobɛboa ano aba mu, ɛfiri sɛ ntutummɛ bɛdi. Wobɛtɛ bobe nturo na woadɔ mu, na nsa deɛ, worennom, na woremmoa aba no ano, ɛfiri sɛ mmoa bɛdi. Wobɛnya ngodua w’asase nyinaa so, na ngo deɛ, worensra bi, ɛfiri sɛ wo ngodua no bɛpore agu. Wobɛwo mmammarima ne mmammaa, na wɔrenyɛ wo deɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu. Wo nnua nyinaa ne w’asase so aba, mmɛbɛ bɛfa. Ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu bɛkɔ soro akyɛne wo ara, na wo deɛ, wobɛsiane aba famfamfam; ɔno deɛ, ɔbɛfɛm wo adeɛ, na wo deɛ, worennya bi mfɛm no; ɔno bɛkɔ kan, na wo deɛ, woaka akyire. Na nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo akɔsi sɛ wobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ woɔ no soɔ. Na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wo ne w’asefoɔ ho daa. Ɛsiane sɛ woamfa anigyeɛ ne akoma pa ansom AWURADE wo Nyankopɔn w’ahonya mu nti, wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo soɔ no, ɛkɔm ne sukɔm ne adagya ne nnoɔma nyinaa mu hia mu; na ɔde dadeɛ kɔnnua bɛto wo kɔn mu akɔsi sɛ ɔbɛsɛe woɔ. AWURADE de ɔman bi bɛfiri akyirikyiri afiri asase ano aba wo so, ɔherɛ so, sɛdeɛ ɔkɔdeɛ tuo; ɔman a wonte wɔn kasa, ɔman a wɔn ani yɛ den a wɔnhwɛ akɔkoraa anim na aberanteɛ nyɛ wɔn mmɔbɔ. Na wɔbɛdi wo mmoa mma ne w’asase so aba akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ, na wɔrennya w’aburoo, nsa anaa ngo, w’anantwie mma anaa wo nnwan mma, kɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ. Na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu akɔsi sɛ w’afasuo atentene a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no bɛdwiri aguo, w’asase nyinaa so, na wɔbɛka wo ahyɛ mu wo nkuro apono nyinaa mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de ama woɔ no nyinaa so. Na wobɛdi wo yafunu mu aba, wo mmammarima ne wo mma mmaa a AWURADE wo Nyankopɔn ama woɔ no nam, ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ no mu. Ɔbarima a ɔdwoɔ na ɔwɔ tema wɔ wo mu bɛnya ne nua ne ne kokom yerɛ ne ne mma nkaeɛ a wama no aka no ho anibɔne, sɛ ɔremma wɔn mu biara ne mma nam a ɔredie no bie, ɛfiri sɛ hwee nkae wɔ ne ho bio, — ahohiahia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere woɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no mu. Wo mu ɔbaa nso a ɔdwoɔ na ahodɔ ne mmerɛyɛ nti ɔnsɔ nhwɛɛ pɛn sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no bɛnya ne kokom kunu ne ne babarima ne ne babaa ho anibɔne, na ɔbɛdi ne mma a wawo wɔn ne akyiriadeɛ wɔ kokoam, ɛsiane ahohiahia ne ahokyere a wo tamfo bɛma aba wo soɔ, wo nkuro apono nyinaa mu no nti. Sɛ worenhwɛ nyɛ mmara yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa na worensuro din a ɛwɔ animuonyam na ɛho yɛ hu yi a ɛne AWURADE wo Nyankopɔn no a, ɛnneɛ AWURADE bɛma wo haw ne w’asefoɔ haw ayɛ nwanwa, ɔhaw akɛseɛ a ɛkyɛreɛ ne nyarewa bɔne a ɛkyɛreɛ; na ɔde Misraim nyarewa a wosuro no nyinaa no bɛba wo so, na abɛfemfam wo ho; nso yadeɛ biara ne ɔhaw biara a wɔntwerɛɛ no mmara yi nwoma mu no, AWURADE de bɛba wo so akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ. Na mobɛka nnipa kakraa bi, nanso kane no na mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma, ɛfiri sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne. Na sɛdeɛ AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yie na wama moadɔre no, saa ara nso na AWURADE ani bɛgye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛ mo; na wɔbɛtutu mo afiri asase a morekɔ hɔ akɔdi soɔ no so. Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ; na amanaman no mu nso worennya ahodwoɔ, na w’anammɔn rennya home; ɛhɔ na AWURADE bɛma wo akoma a ɛtuo ne ani a ɛyɛ siamoo ne ɔkra a ɛkusa; na wo nkwa bɛsɛne w’anim ahinhim, na wobɛsuro anadwo ne awia, na worennye wo nkwa nni. Na w’akoma mu suro a wobɛsuro ne w’ani so adeɛ a wobɛhunu nti, anɔpa wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anwummerɛ ɛ, na anwummerɛ nso wobɛka sɛ: Sɛ ɛyɛ anɔpa ɛ! Na AWURADE de wo bɛsane afa ahyɛn mu akɔ Misraim wɔ ɔkwan a mekaa wo ɛho asɛm sɛ worenhunu bio no so; na ɛhɔ na mobɛtontɔn mo ho ama mo atamfoɔ sɛ nkoa ne mfenaa, na obiara rentɔ mo mpo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho. Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa, nsɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ no. Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo saa akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm. Na mama moanante ɛserɛ so mfirinhyia aduanan; mo ntoma nsuu mo ho, na wo mpaboa ntetee wo nan ase; moanni paanoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na moduruu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene Og firi ne yɛn bɛkoe, na yɛkumm wɔn; na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusuakuo fa sɛ wɔnni so. Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm nni so, na deɛ moyɛ nyinaa awie mo yie. Ɛnnɛ mo nyinaa mogyina AWURADE mo Nyankopɔn anim; mo atitire, mo mmusuakuo, mo mpanimfoɔ ne mo ahwɛfoɔ, Israel mmarima nyinaa; mo mma, mo yerenom ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nsraban mu, ɛfiri duabuni so kɔsi wo nsusafoɔ soɔ, sɛ wobɛhyɛne AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nseɛ a ɔne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu, sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Nyankopɔn, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ ne sɛdeɛ ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam no. Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam yi na meredi nseɛ yi, na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi. Na mo ara monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim asase soɔ, ne sɛdeɛ yɛtwaa amanaman a mofaa wɔn mu baeɛ no mu; na mohunuu wɔn akyiwadeɛ ne wɔn nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no; na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono; na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom. AWURADE rempene mfa nkyɛ no, na ɛno de AWURADE abufuo ne ne ninkuntwe bɛpunu onipa ko no, na nseɛ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no nyinaa bɛduru no, na AWURADE bɛpepa ne din afiri asase so. Na AWURADE bɛyi no afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu ama bɔne, sɛdeɛ apam a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no mu nseɛ no nyinaa teɛ. Na sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyire, ne ɔnanani a ɔfiri akyirikyiri asase so bɛba no hunu asase yi haw ahodoɔ ne nyarewa a AWURADE de aba soɔ, sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm, na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Adɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi seyie? Abufuo kɛseɛ hyehyeɛ yi yɛ deɛn? Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no, na wɔakɔ akɔsom anyame foforɔ na wɔasɔre wɔn, anyame a wɔnni wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn. Na AWURADE abufuo dɛre tiaa asase yi maa no de nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa baa so; enti na watutu wɔn afiri wɔn asase soɔ abufuo ne aboɔhyeɛ ne abohuro kɛseɛ mu na wato wɔn agu asase bi soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apamo wo akɔ hɔ no nyinaa mu, na wosane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na wo ne wo mma tie ne nne sɛdeɛ merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa, mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu a, ɛnneɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɛdane wo dommum no, na ne yam ahyehye no ama wo, na wasane aboa wo ano afiri aman a AWURADE wo Nyankopɔn apansam wo akɔ hɔ no nyinaa mu. Sɛ wo nnipa a wapamo wɔn no wɔ ɔsoro ano mpo a, ɛfiri hɔ na AWURADE wo Nyankopɔn bɛboa wo ano, na ɛfiri hɔ na ɔbɛfa woɔ. Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo bɛba asase a wo nananom dii soɔ no so, na woadi so, na wayɛ wo yie, na wama woadɔre akyɛne wo nananom. Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa. Na AWURADE wo Nyankopɔn de nnome yi nyinaa bɛgu w’atamfo ne wɔn a wɔkyiri woɔ a wɔtaa woɔ no so. Na wo deɛ, wobɛsane abɛtie AWURADE nne, na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so. Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma woadi yie ama biribiara abu wo so, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wo yafunu mu aba mu ne wo mmoa mma mu ne w’asase so aba mu, ɛfiri sɛ AWURADE ani bɛgye wo ho bio, ama woadi yie sɛdeɛ n’ani gyee wo nananom ho no; sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na wodi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ no mmara nwoma yi mu no so, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa sane ba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn a! Na mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nnyɛ den mma wo, nanso ɛnni akyirikyiri; ɛnni ɔsoro na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ? Na ɛnni po agya nso na woaka sɛ: Hwan na ɔbɛtwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ? Na asɛm no bɛn wo papaapa, ɛwɔ w’anomu ne w’akoma mu sɛ di so. Hwɛ, ɛnnɛ mede nkwa ne papa ɛne owuo ne bɔne masi w’anim, na merehyɛ wo nnɛ sɛ: Dɔ AWURADE wo Nyankopɔn, nante n’akwan so, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ so, na woanya nkwa, na woadɔre, na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, asase a worekɔ so akɔdi soɔ no so. Na sɛ w’akoma dane na woantie, na woma wɔtwe wo kɔsɔre anyame foforɔ na wosom wɔn a, mepae mu mekyerɛ mo nnɛ sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, wo nna renkyɛre asase a woretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so. Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase medi mo adanseɛ, sɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefoɔ nnya nkwa, na dɔ AWURADE wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, ɛfiri sɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodoɔ, na woatena asase a AWURADE kaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose kɔ kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi. AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afiri w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛdeɛ AWURADE aka no. Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase. Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛdeɛ mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa teɛ. Monyɛ den na monyɛ nnam, monnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennya wo. Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na ɔbɛdi w’akyire, ɔrempa wo na ɔrennya wo; nsuro na mma w’akoma nntu. Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirinhyia nson awieeɛ, Adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu a Israel nyinaa aba rebɛpue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn aso mu. Na ɔman no mmarima ne mmaa, mmɔfra ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nkuro apono mu mmɔ dwa na wɔntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so: Na wɔn mma a wɔnnim no ntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so no nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na memfa n’adwuma nhyɛ ne nsa. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu. Na AWURADE de mununkum dum bɛyii ne ho adi ntomadan no mu, na mununkum dum no bɛgyinaa ntomadan no ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no. Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa? Na me deɛ, bɔne a wɔayɛ no nyinaa sɛ wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn nti, da no hunta na mede m’anim bɛhunta. Na afei montwerɛ dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfoɔ; fa hyɛ wɔn anomu, na dwom yi nni me adanseɛ, Israelfoɔ mu. Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam. Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so. Na Mose twerɛɛ dwom yi da no ara, na ɔde kyerɛkyerɛɛ Israelfoɔ no. Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no soɔ: Na mɛdi w’akyi. Na Mose twerɛɛ mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nwoma mu wiee koraa no, ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ: Momfa mmara nwoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanseɛ. Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ! Momma mo mmusuakuo mu mpanimfoɔ nyinaa ne mo ahwɛfoɔ mmɛbɔ me nkyɛn dwa, na menka nsɛm yi nyinaa ngu wɔn aso mu, na memfrɛ ɔsoro ne asase nni wɔn adanseɛ. Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo. Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel badwa no nyinaa aso mu de kɔsii sɛ ɔwieeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anomu nsɛm! Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo. Na AWURADE din na mɛbɔ. Momfa anidie mma yɛn Nyankopɔn. Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no. Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekaeɛ nti wɔnna so nyɛ ne mma, awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye a wɔakyea. AWURADE na motua no ka seyie yi? Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire! Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ? Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ. Kae tete nteredee nna, hwɛ awoɔ ntoatoasoɔ dodoɔ no mfeɛ; bisa w’agya na ɔnkyerɛ wo, wo mpanimfoɔ, na wɔnka nkyerɛ wo. Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ sɛ Israelfoɔ ano sie. Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no. Ɔhunuu no anwea pradada asase so ne nkyɛkyerɛ so, ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi. Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne buo na ɔtu bɔ ne mma ho mpɛmpɛ no, ɔtrɛɛ ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so. AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan, na anyame foforɔ biara anka ne ho. Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na ɔdii asase so nnɔbaeɛ; na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu, ne ngo firii abohemmaa mu, anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo, nnwammuruwa sradeɛ, ne Basan adwennini mpapo deɛ, ne ayuo sawa mu sradeɛ, na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene. Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa. Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu, wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo. Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wɔnni wɔn, afoforɔ a ɛbaa akyire yi na wɔn nananom amfɛre wɔn. Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho, na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no. Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn, na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn, mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie, na awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokorɛ nni wɔn mu. Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo. Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo. Na ogya asɔ m’abufuo mu, na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ, na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ, na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu. Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so, mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so. Ɛkɔm bɛfɔn wɔn, na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya bɛmene wɔn; na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu, ne mfuturo mu awɔ borɔ. Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so, na ehu aku wɔn mpia mu, aberanteɛ ne ababaa, akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa. Anka mese: Mɛhu wɔn agu, mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu, sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a, na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani, na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa. Na wɔyɛ ɔman a afotuo abɔ wɔn, na nhunumu bi nni wɔn mu. Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase, na wɔahunu wɔn awiekyire. Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem, na baanu ama mpemdu adwane? Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan, na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa. Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fire, ɛne Gomora mfofowa so; wɔn aba yɛ ɛborɔ aba, wɔso esia, esia a ɛyɛ nwono; wɔn nsa yɛ atweaseɛ borɔ ne nhuritia borɔ a ano yɛ den. Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn, na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea? Me na aweretɔ ne akatua wɔ me, ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no. Na wɔn dwɛreɛ da abɛn, na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm. Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio. Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ, ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no? Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ, na wɔnom wɔn ahwiesa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo, ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ. Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ. Na mema me nsa so mekɔ soro, na mese: Sɛ mete ase daa yi! Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no na me nsa sɔ atemmuo mu a, mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were, na matua m’atamfoɔ ka. Mɛma m’agyan aboro mogya, na me nkrantɛ adi nam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no. Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man. Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua. Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so. Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so. Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ: Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no. Na wu wɔ bepɔ a woreforɔ akɔ soɔ no so, na ti wo nananom wɔ asamando, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Hor bepɔ soɔ na ɔkɔkaa ne nananom ho no, ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu. Na wobɛhunu asase no w’anim, na korɔ deɛ, worenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ: AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu. Aane, ɔdɔ ne man, n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase na wɔtie w’asɛm. Mmara na Mose hyɛɛ yɛn, Yakob badwa agyapadeɛ; na ɔyɛɛ Yesurun mu hene, ɛda a ɔman no atitire hyiaeɛ na Israel mmusuakuo nyinaa hyiaa faako no. Ruben nnya nkwa na ɔnnwu, na ne mmarima nso mma wɔn ase nhye. Na Yuda nso deɛ nie, ɔse: O AWURADE, tie Yuda nne, na fa no kɔ ne man nkyɛn; ma wo nsa nko mma no, na yɛ no ɔboafoɔ firi n’ahohiahiafoɔ nsam. Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ: Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no, deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ na wo ne no ham Meriba asuo ho no. Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Menni wɔn! Na wammu ne nuanom, na ɔpoo ne mma. Na wɔdi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam; wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob, na wɔde wo mmara akyerɛ Israel; wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano, na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so. AWURADE, hyira n’ahonyadeɛ so, ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani; bobɔ wɔn a wɔsɔre tia no no dwonku, ne wɔn a wɔtane no, na wɔansɔre bio. Benyamin ho nso, ɔkaa sɛ: AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo; ɔkata ne so daa nyinaa, na ɔbɛtena ne mmatiri so. Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ: AWURADE nhyira n’asase; ɔmma no ɔsoro nnepa, obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ, ne owia mu nnɔbaeɛ nnepa, ne deɛ asrane ma no fifire mu nnepa, ne tete mmepɔ atifi ne daapem nkokoɔ nnepa, ne asase ne ne mayɛ mu nnepa, na deɛ ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ; ɔmma no mmra Yosef atifi, ne ne nuanom mu hotuafoɔ no mpampam. Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no. Na Sebulon ho nso, ɔkaa sɛ: Sebulon, ma w’ani nnye w’adifire mu, ne Isakar, wo ntomadan mu. Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔ no so, ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ; na wɔbɛfefe ɛpo mu mmorosoɔ ne anwea mu ademudeɛ a ahunta. Na Gad ho nso, ɔkaa sɛ: Nhyira ne deɛ ɔtrɛ Gad mu; ɔbutu hɔ sɛ gyatabereɛ, ɔtete basa ne mpampam; ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ, na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa; na ɔnam di ɔman no atitire mu, ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ ne n’atemmudeɛ wɔ Israel. Na Dan ho nso, ɔkaa sɛ: Dan yɛ gyataburuwa, ɔhuri firi Basan. Na Naftali ho nso, ɔkaa sɛ: Naftali a anisɔ amee no na AWURADE nhyira ayɛ no ma, fa ɛpo ne ahuhuro asase no di so. Na Aser ho nso, ɔkaa sɛ: Ma wɔmfa mma nhyira Aser, ɔnyɛ deɛ ɔsɔ ani ne nuanom mu, na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu. Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nyɛ w’adaban, sɛ wo nna teɛ no, saa na w’ahoɔden nyɛ. Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu. Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na aseɛ na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim, na waka sɛ: Dwɛre wɔn. Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo, Yakob asubura no nkutoo, ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so; ne soro nso bɛsosɔ obosuo. Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Mose firii Moab mpaperɛ mu foro kɔɔ Nebo bepɔ so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentensoɔ, na AWURADE maa no hunuu Gilead asase nyinaa de kɔsii Dan, ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase asase ne Yuda asase nyinaa de kɔsii akyiri po no ho; ne Negeb asase ne mpaperɛ a ɛyɛ, nkyiresua kuro Yeriko bonhwa no de kɔsii Soar. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Yei ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no. Mama wode w’ani ahunu, na ɛkorɔ deɛ, worenkɔ hɔ. Na AWURADE akoa Mose wuu wɔ hɔ, Moab asase so sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Na ɔsiee no bonhwa mu Moab asase so, Bet-peor ntentensoɔ. Na obiara nnim ne damena de bɛsi nnɛ. Na Mose wuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu. N’ani anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhwan. Na Israelfoɔ suu Mose, Moab mpaperɛ mu adaduasa, na wɔdii Mose su ne ne gyam nna no wiee. Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ Mose de ne nsa guu ne so; na Israelfoɔ tiee no, na wɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie. Saa Mose yi na AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ Misraim asase soɔ. Afei nso ɛnam Mose so na ahudeɛ akɛseɛ nyinaa da adi wɔ Israel nyinaa anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn, sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo. Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔreɛ a ɔfiri awufoɔ mu sɔreeɛ no so awo yɛn foforɔ kɔ anidasoɔ a emu wɔ nkwa mu, ne apɛgyadeɛ a ɛmporɔ, na ɛho nni dɛm, na ɛmpa mu, a wɔde asie ɔsoro ama mo a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu. Ɛno mu na mo ho siane mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔho mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu, na wɔahunu mo gyidie tɔtorɔtɔɔ sɛ ne boɔ yɛ den pii sene sika, a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛeɛ, ama ayeyie ne anidie ne animuonyam, Yesu Kristo ahoyie mu. Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu, sɛ monya mo gyidie akatua a ɛne mo kra nkwagyeɛ no. Saa nkwagyeɛ no na adiyifoɔ a wɔhyɛɛ adom a ɛbɛba mo soɔ no ho nkɔm de too hɔ no, pɛeɛ na wɔpeepee mu. Wɔhwehwɛɛ berɛ ko ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɛbɛba no ho. Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu. Enti mommɔ mo adwene mu abɔsoɔ, mo ani nna hɔ, na momma mo ani nna adom a wɔde rebrɛ mo Yesu Kristo ahoyie mu no so koraa. Monyɛ sɛ asoɔmmerɛ mma, na monnyɛ mo ho sɛdeɛ kane a monnim biribiara no na mo akɔnnɔ teɛ no, na mmom te sɛ deɛ ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔatwerɛ sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, meyɛ kronkron. Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tenabea yi mu, sɛ monim sɛ wɔamfa nnoɔma a ɛporɔ, dwetɛ anaa sika annye mo amfiri mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu, na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo. Ɔno na wɔyii no sieeɛ ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, na wɔayi no akyerɛ, berɛ a ɛdi akyire yi mu ama mo a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu. Monte mo kra ho, nokorɛ setie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na momfiri akoma mu nnodɔ mo ho mo ho denden. Na wɔamfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom wɔfiri deɛ ɛmporɔ mu, ɛne sɛ wɔnam Nyankopɔn asɛm a ɛte aseɛ na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforɔ. Ɛfiri sɛ honam nyinaa te sɛ wira, na onipa animuonyam nyinaa te sɛ wira nhwiren. Wira hye, na ne nhwiren po; na Awurade asɛm deɛ, ɛte hɔ daa. Na yei ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu, na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu, berɛ a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam yɛ. Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔboɔ a nkwa wɔ mu a nnipa apa no na Onyankopɔn deɛ, wafa no na ne boɔ yɛ den a, mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani. Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tiboɔ a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion, na deɛ ɔgye no die no ani renwu. Enti mo a mogye no die no, deɛ ɔsom boɔ no yɛ mo dea. Na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, ɔboɔ a abantofoɔ apa no na ayɛ tweaso tiboɔ ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ. Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ. Mo a kane no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Nyankopɔn man, mo a monnyaa mmɔborɔhunu, na afei deɛ, moanya mmɔborɔhunu. Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho, na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no. Mommrɛ mo ho ase mma nnipa tumidie nyinaa, Awurade nti: Ɔhene a ɔyɛ pumpuni oo, amradofoɔ a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfoɔ asotwe ne papayɛfoɔ ayeyie ho oo. Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ si nnipa a wɔnni adwene no nkwaseasɛm ano, sɛ nnipa a wɔde wɔn ho, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔde ahofadie no ayɛ bɔnepɛ so nkatasoɔ, na mmom sɛ Nyankopɔn nkoa. Monni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Monsuro Onyankopɔn! Monni ɔhene ni! Nkoa, momfa suro nyinaa mmrɛ mo ho ase mma mo wuranom, ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ na wɔdwoɔ nko, na wɔn a wɔhyɛ mo soɔ no nso bi. Na yei yɛ animuonyam, sɛ Nyankopɔn ho ahonim nti, obi de awerɛhoɔ hunu amane a ɛmfata no, nanso ɔgyina hɔ pintinn. Na ɛyɛ animuonyam bɛn, sɛ mofom, na wɔbobɔ mo akuturuku, na moto mo bo ase gyeɛ? Na mmom sɛ moyɛ papa, na mohunu amane, na moto mo bo ase a, yei na ɛyɛ animuonyam, Nyankopɔn anim. Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi. Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu. Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa. Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ. Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Saa ara na mo, ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɛyerenom abrabɔ a asɛm nni ho so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho teɛ wɔ osuro mu. Mommma mo ahyehyɛdeɛ nnyɛ honam ani deɛ, mmɛsawɔ ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma no nyɛ akoma mu nipa a wahunta no, honhom a ɛdwoɔ, na ɛyɛ komm adeɛ a ɛmporɔ mu. Ɛno na ne boɔ yɛ den Nyankopɔn anim. Na saa na tete no mmaa kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn soɔ no hyehyɛɛ wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ara wɔn kununom, sɛdeɛ Sara tiee Abraham, frɛɛ no owura no. Ɔno na, sɛ moyɛ papa na monsuro ahudeɛ biara a, moyɛ ne mma. Okununom, mo ne wɔn ntena nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne adeɛ a ne ho nyɛ den, na monni wɔn ni, sɛ wɔn nso ne mo yɛ nkwa adom no adedifoɔ bi, na mo mpaebɔ kwan ansi. N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene. Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira. Na deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna pa no, ma no nyi ne tɛkyerɛma mfiri bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm. Ma no nkyiri bɔne na ɔnyɛ papa, ma no nhwehwɛ asomdwoeɛ na ɔnni akyire. Ɛfiri sɛ Awurade ani wɔ wɔn a wɔtene so, na n’aso abue ama wɔn mpaebɔ, na Awurade ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne. Na sɛ modi papa akyiri a, hwan na ɔbɛha mo? Na sɛ tenenee nti mohunu amane nso a, nhyira ne mo. Na monnsuro wɔn ho hu, na mommma mo akoma nntu. Na mommu Awurade Kristo kronkron wɔ mo akoma mu. Nso monsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a ɔbisa mo anidasoɔ a ɛwɔ mo mu no aseɛ, ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu. Na sɛ ɔpɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ mohunu amane sɛ papayɛfoɔ a, ɛyɛ kyɛne sɛ mohunu sɛ bɔneyɛfoɔ. Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu. Ɛno mu nso na ɔkɔ kɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase a tete no wɔyɛ asoɔdenfoɔ, ɛberɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa bi a wɔn ano si baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu. Ɛno na afei ne nsɛsoɔ a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ. Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,) na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Nyankopɔn apɛdeɛ. Yɛn asetena berɛ a atwa mu no, yɛsɛe berɛ yɛɛ deɛ amanaman mufoɔ no pɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaborɔ, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a wɔkyire mu. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka pɔtɔɔ no mu, na wɔka mo ho nsɛmmɔne. Wɔn na wɔbɛyi ano akyerɛ deɛ wasiesie ne ho sɛ ɔrebɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. Na yei nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ nso, na wɔabu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔwɔ honam mu, na wɔatena ase wɔ honhom mu sɛ Onyankopɔn. Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ. Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so. Monnyegye mo ho ahɔhoɔ a anwiinwii biara nni mu. Sɛdeɛ mo nyinaa nyinyaa adom akyɛdeɛ no, momfa nsom mo ho mo ho sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ no ho fieahwɛfoɔ pa. Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen. Adɔfo, mommma amanehunu gya a asɔ wɔ mo mu sɛ wɔde resɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo sɛ ade foforɔ, te sɛ ade foforɔ bi na ɛreyɛ mo; na mmom, sɛdeɛ moayɛ Kristo amanehunu no fafafoɔ no, momma mo ani nnye, na sɛ wɔyi n’animuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso. Sɛ wɔya mo Kristo din nti a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ animuonyam ne Nyankopɔn honhom wɔ mo so. Na mommma mo mu bi nnhunu amane sɛ owudifoɔ anaa owifoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa ɔsɛmpɛfoɔ ebinom nsɛm mu. Na sɛ ɔhunu amane sɛ okristoni a, ɔmmma n’ani nnwu, na ma no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ din yi mu. Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛmpa no sɛn? Na sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye onipa tenenee a, ɛhe na deɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ne ɔdebɔneyɛfoɔ bɛgyina? Enti nso wɔn a wɔhunu amaneɛ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ, na wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me a meyɛ ɔpanin bi ne Kristo amanehunu ho dansefoɔ ne animuonyam a wɔrebɛyi no adie no fafafoɔ nso, metu mpanimfoɔ a ɛwɔ mo mu no fo sɛ: Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔdi asafotoɔ no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no. Na odwanhwɛfoɔ panin no yi ne ho adi a, moanya animuonyam abotire a ɛrensɛe da no. Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ. Enti mommrɛ mo ho ase Nyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, berɛ a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwene ne haw nyinaa nto ne so, ɛfiri sɛ ɔdwene mo ho. Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene. Ɔno na momfa gyidie nnyina hɔ pintinn nsi no kwan, ɛfiri sɛ monim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase soɔ sɛ wɔnhunu. Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛhyɛ mo den, ɔbɛma moanya nnyinasoɔ. Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. Menam onua nokwafoɔ Silwano so, sɛdeɛ mebu no no, matwerɛ nsɛm tiawa yi mabrɛ mo, mede metu mo fo, na medi adanseɛ sɛ, yei ne Nyankopɔn nokorɛ adom a moabɛgyina mu yi. Asafo a ɛwɔ Babel a wɔayi wɔn sɛ mo no, ne me ba Marko kyea mo. Momfa ɔdɔ mfeano nkyeakyea mo ho mo ho. Asomdwoeɛ nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Meda me Nyankopɔn ase nkaeɛ a mede mekae mo no nyinaa mu. Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigyeɛ mesrɛ mema mo nyinaa, mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti; na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no. Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no. Na Onyankopɔn ne me danseni sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa. Na mebɔ yei ho mpaeɛ sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu, na moasɔ nnoɔma a ɛyɛ koraa no ahwɛ, na moayɛ korɔgyenn ne nnipa a suntiduatoɔ nni wɔn mu de akɔsi Kristo da no, na tenenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie. Na anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ deɛ ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom, ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufoɔ nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu, na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a, sɛ wɔka Nyankopɔn asɛm no a, wɔnsuro. Ɛwom sɛ, ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm deɛ, nanso afoforɔ wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka. Ebinom firi ɔdɔ mu, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ asɛmpa no ho anoyie nti na meda ha, nanso ebinom firi ntɔkwapɛ mu na wɔbɔ Kristo din, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne nokorɛ so, na mmom wɔsusu sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho. Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara. Ɛfiri sɛ menim sɛ ɛnam mo nkotosrɛ ne Yesu Kristo honhom mmoa no so na yei bɛdane nkwagyeɛ, mewɔ anidasoɔ na mehwɛ kwan dendeenden sɛ, m’anim rengu ase wɔ biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛseɛ nti, sɛdeɛ ɛte daa no, seesei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owuo mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu. Na me deɛ, m’ase a meteɛ ne Kristo, na owuo yɛ me mfasoɔ. Nanso sɛ honam mu asetena yi bɛma m’adwuma akɔ so deɛ a, ɛnneɛ na menhunu emu deɛ memfa. Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara; nanso mekɔ so ara tena ase a, ɛho wɔ mfasoɔ kɛse ɛsiane mo nti. Na mewɔ saa ahotosoɔ yi, menim sɛ, mɛtena ase, na me ne mo nyinaa atena hɔ ama mo gyidie mu anigyeɛ akɔso, na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, ɛsiane meba a mereba mo nkyɛn bio no. Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu, na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn, ɛfiri sɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mogye no die nko, na mmom sɛ ne nti mohunu amaneɛ nso, ɛfiri sɛ, mowɔ akodie korɔ no ara a mohunuu no me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a, momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ. Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho. Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara adeɛ, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfoɔ deɛ bi. Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ, na mmom ɔtoo ne ho mpan faa akoa tebea too ne ho so, danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no, wɔhunuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kɔsii owuo mu, aane, asɛnnua ho wuo mu mpo. Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wama no din a ɛboro din nyinaa soɔ, sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotoɔ, deɛ ɛwɔ soro, deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase, na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam. Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie; na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani. Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegyeɛ nyɛ ade nyinaa, na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakonton na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase, sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa. Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie. Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnyeɛ, na mo ne me nni ahurisie. Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me. Na menni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ. Na ɔno deɛ, sɛdeɛ monim no, monim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔba ne n’agya ntam. Ɔno na m’ani da no so sɛ, sɛ menya mehunu sɛdeɛ m’asɛm bɛwie ara pɛ a, mɛsoma no. Na mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ, ɛrenkyɛ biara mɛba. Nanso masusu ho sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfoɔ ne yɔnko sraani ne mo somafoɔ ne me dɛɛfoɔ, ma no ba mo nkyɛn; ɛfiri sɛ n’ani agyina mo nyinaa, na ne ho yera no, ɛfiri sɛ motee sɛ ɔyare. Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyadeɛ deɛ, nanso Onyankopɔn hunuu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko ara, na me nso bi, na m’awerɛhoɔ annɔɔso. Ɛno nti na mabɔ mmɔden masoma no, na sɛ mohunu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhoɔ so ahwan. Enti momfa anigyeɛ nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, monkura wɔn wɔ anidie mu! Ɛfiri sɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owuo, na ɔde ne nkwa too hɔ sɛ ɔbɛsi mo ananmu asom me wɔ nnoɔma nyinaa mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim. Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho! Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ. Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ honam mu biribi a mede me ho bɛto soɔ. Sɛ ɔfoforɔ bi susu sɛ ɔwɔ honam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bie. Hwɛ, wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe, mefiri Israel asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu, Hebrifoɔ mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini, mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu tenenee fam, wɔannya me ho asɛm. Nanso nnoɔma a anka ɛyɛ me mfasoɔ no, Kristo nti mebuu no adehwereɛ. Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ, na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so. Na anka mahu no yie, ne ne wusɔreɛ tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wuo no, sɛ ebia mɛnya awufoɔ mu sɔreɛ no. Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛdeɛ Kristo nso nsa aka me no. Anuanom, me deɛ, mensusu sɛ me nsa anya aka biribi; nanso adeɛ baako pɛ na meyɛ, mema me werɛ firi deɛ atwa mu no, na metwe me mu mepɛ deɛ ɛwɔ anim no. Mepem kɔ m’anim sɛ mɛduru botaeɛ no ho, na makɔnya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no mu nkonimboɔ no. Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛyɛ pɛ no nnwene saa; na sɛ biribi wɔ hɔ a modwene no foforɔ a, ɛno nso Onyankopɔn bɛyi no adi akyerɛ mo. Nanso deɛ yɛanya dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu. Anuanom, monsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛdeɛ mowɔ yɛn sɛ nhwɛsoɔ no. Na nnipa bebree wɔ hɔ a metaa ka wɔn nanteɛ ho asɛm kyerɛ mo, na seesei nso mede nisuo mereka bio sɛ, wɔyɛ Kristo asɛnnua no atamfoɔ; wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene. Na yɛn deɛ, yɛn man a yɛfiri mu ankasa ne ɔsoro. Ɛfiri hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ. Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnya adwene korɔ Awurade mu. Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no. Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye! Momma nnipa nyinaa nhunu mo abodwokyerɛ! Awurade abɛn. Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu; na Nyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra nteaseɛ nyinaa soɔ no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so Kristo Yesu mu. Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene; deɛ moasua nso na moagyeɛ na moateɛ na moahunu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo bɛtena. Nso m’ani gye kɛseɛ wɔ Awurade mu sɛ moafiri aseɛ redwene me ho bio; modwene me ho deɛ, nanso moannya ho kwan. Ɛnyɛ sɛ ohia nti na mereka yei; ɛfiri sɛ me deɛ, masua sɛ asetena biara a mewɔ mu no, mepene ma no dɔɔso ma me. Menim ahokyere, na menim ahonya nso. Biribiara ne nnoɔma nyinaa akokwa me, ɔmeeɛ ne ɛkɔm ne akonkosɛm ne hiadie; metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu. Nanso moyɛɛ no yie sɛ moboaa me wɔ m’ahohia no mu. Na mo Filipifoɔ nso monim sɛ asɛmpa no mfitiaseɛ mu a mefiri Makedonia mekɔeɛ no, asafo biara ammoa me ɔma ne ɔgyeɛ nkontabuo ho, sɛ mo nko ara. Na Tesalonika nso mosomaa prɛko ne ne mprenu so de deɛ ɛhia me brɛɛ me. Ɛnyɛ sɛ merehwehwɛ akyɛdeɛ, na mmom merehwehwɛ aba a ɛma mo nkonta dɔɔso. Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani. Na me Nyankopɔn bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa, sɛdeɛ n’ahonya no teɛ, animuonyam mu, Kristo Yesu mu. Yɛn Agya Nyankopɔn na wɔmfa animuonyam mma no daa daa. Amen. Monkyeakyea ahotefoɔ no nyinaa mmaako mmaako Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔka me ho no kyeakyea mo. Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo, ne titire no, wɔn a wɔfiri Kaesare fie. Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ahab wuo akyiri no Moab tee Israel so atua. Na Ahasia firii n’abansoro dan a ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa? Na AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ: Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ yi anaa? Enti AWURADE se: Mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo! Na Elia kɔeɛ. Ɛnna abɔfoɔ no sane baa ne nkyɛn, na ɔbisaa wɔn sɛ: Adɛn na moasane aba yi? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Enti onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Yei nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɔbarima a ɔforo ba bɛhyiaa mo na ɔkaa mo nsɛm yi no te sɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atadeɛ a ɔhyɛ no yɛ aboa nwi, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene. Na ɔse: Ɛyɛ Tisbini Elia. Na ɔsomaa aduonum so safohene ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔforo kɔɔ Elia nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔ no atifi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa, ɔhene se: Siane bra. Na Elia bua see aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum no! Na ogya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no. Na ɔsane somaa aduonum so safohene foforɔ ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔsee no sɛ, Nyankopɔn nipa, ɔhene ahyɛ sɛ: Yɛ ntɛm siane bra. Na Elia bua see wɔn sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum! Na Nyankopɔn gya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no. Na ɔhene somaa aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa no foro kɔe, na ɔkɔkotoo ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw sɛ: Nyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra boɔ nyɛ den w’ani so. Hwɛ, ogya afiri ɔsoro aduru abɛhye akane aduonum so asafohene baanu no ne wɔn aduonum aduonum no, na afei ma me kra boɔ nyɛ den w’ani so. Ɛnna AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ: Ɛne no nsiane nkɔ, nsuro n’anim. Na ɔsɔree ne no siane kɔɔ ɔhene no nkyɛn. Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woasoma abɔfoɔ sɛ wɔnkɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ, sɛdeɛ onyame bi nni Israel a wɔkɔbisa no asɛm nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo. Na ɔwui, sɛ AWURADE asɛm a Elia kaeɛ no teɛ. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yudahene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛtɔ so mmienu so, ɛfiri sɛ na ɔnni ɔbabarima. Na Ahasia ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔntwerɛɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu anaa?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛbaa sɛ, AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ. Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Mesrɛ wo tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na Elisa kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔsii mu kɔɔ Betel. Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Betel no firii adi baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm! Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko. Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no twe baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afiri wo nkyɛn? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm! Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe. Na adiyifoɔ mma no mu aduonum kɔ kɔgyinagyinaa wɔn ntentensoɔ akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano. Na Elia faa ne ngusoɔ bobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase pɛsɛɛ so twae. Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me so. Na ɔkaa sɛ: Woabisa adeɛ a ɛyɛ den; sɛ wohu me sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ anyɛ saa a, ɛrenyɛ. Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro. Na Elisa hwɛe na ɔteaa mu sɛ: M’agya, m’agya! Israel teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ na ɔrekorɔ no! Na wanhu no bio. Na ɔsɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu mmienu. Na ɔmaa Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no so, na ɔsane bɛgyinaa Yordan ano. Na ɔde Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no ara wɔ? Na ɔbɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae. Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko a wɔwɔ ntentensoɔ no hunuu no, na wɔkaa sɛ: Elia honhom abɛsi Elisa so. Na wɔba bɛhyiaa no, na wɔkotoo no butuu fam. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima aduonum a wɔn ho yɛ den wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sɛsɛɛ AWURADE honhom ama ne so kɔ de no akɔto mmepɔ no bi so, anaa mmonhwa no bi mu. Na ɔse: Monnsoma! Na wɔhyɛɛ no ara maa no yɛɛ no ahometeɛ no, ɔkaa sɛ: Monsoma! Na wɔsomaa mmarima aduonum, na wɔkɔhwehwɛ no nnansa, nanso wɔanhu no. Na wɔsane baa ne nkyɛn berɛ a ɔretwɛn wɔ Yeriko. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ monnkɔ anaa? Na kuro no mufoɔ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kuro yi dabea yɛ fɛ, sɛdeɛ me wura hunu yi; nanso nsuo no nyɛ, na asase no nso awu. Na ɔse: Mommrɛ me ayowa foforɔ, na momfa nkyene ngu mu. Na wɔde brɛɛ no. Na ɔfirii adi kɔɔ nsuo aniwa no ho, na ɔkɔhwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masa nsuo yi yadeɛ, owuo anaa apɔn biara remfiri mu hɔ mma bio. Na nsuo no yɛɛ yie de bɛsi nnɛ da yi, sɛdeɛ Elisa kaeɛ no. Na ɔfirii hɔ foro kɔɔ Betel; na ɔreforo akɔ ɔkwan no soɔ no, mmɔfra nketewa bi firii kuro no mu ba bɛgoroo ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Atipa, foro bra ɛ, atipa, foro bra ɛ! Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu. Na ɔfiri hɔ kɔɔ Bepɔ Karmel ho, na ɔfirii hɔ nso sane baa Samaria.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ahab ba Yehoram bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so; na ɔdii hene mfeɛ dummienu. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne deɛ, nanso na ɛnte sɛ n’agya ne ne na deɛ no; na ɔyii Baal honi a n’agya yɛeɛ no hɔ. Nanso ɔbataa Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho, na wansane amfiri ho. Na Moabhene Mesa yɛ nnwanyɛnfoɔ, na ɔmaa Israel hene nnwanten mma mpemha ne adwennini mpemha ho nwi. Na Ahab wuiɛ no, Moabhene tee Israel hene anim atua. Na Ɔhene Yehoram firii Samaria da no ara, na ɔkɔkanee Israel nyinaa. Na ɔkɔe, na ɔsoma ma wɔkɔɔ Yudahene Yehosafat nkyɛn sɛ: Moabhene ate m’anim atua, na wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa? Na ɔse: Mɛkɔ, mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ. Na ɔkaa sɛ: Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akorɔ? Na ɔse: Edom serɛ so kwan no. Ɛnna Israel hene, Yuda hene ne Edomhene sii mu kɔeɛ; na wɔtwaa nnanson kwan, na nsuo nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyire. Na Israel hene kaa sɛ: Ao, AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa. Na Yehosafat se: AWURADE diyifoɔ bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu baako buaa sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ɔhwiee nsuo guu Elia nsa soɔ no wɔ. Na Yehosafat kaa sɛ: Ampa, ɔyɛ AWURADE diyifoɔ kɛseɛ. Ɛnna Israel hene ne Yehosafat ne Edomhene siane kɔɔ ne nkyɛn. Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifoɔ ne wo na adiyifoɔ no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa. Na Elisa kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat anim na mehwɛ a, anka merenhwɛ wo na mahu wo. Na afei momfa sankubɔni mmrɛ me. Na sankubɔni no rebɔ no, AWURADE nsa baa ne so, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mɛma nsuo ahyɛ amena a emu aweɛ yi ma. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Morenhunu mframa na morenhunu osuo, nanso nsuo bɛyɛ bonhwa yi ma; na moanom, mo ne mo nantwikuo ne mo mmoa. Na yei nso yɛ mmrɛ wɔ AWURADE ani so, na ɔbɛyi Moab nso ahyɛ mo nsa. Na mobɛbubu wɔn nkuro akɛseɛ ho afasuo, na moafa nkuro a ɛyɛ fɛ nyinaa, na moabubu wɔn nkuro akɛseɛ nyinaa, na moasisi nsuo aniwa nyinaa, na mode aboɔ asɛe mfu pa nyinaa. Na anɔpa a wɔrebɔ aduane afɔdeɛ no, hwɛ, nsuo firii Edom kwan so bae, na nsuo no yɛɛ asase no ma. Na Moabfoɔ nyinaa tee sɛ ahemfo no reforo aba ne wɔn abɛko no, wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔbɛtumi amia amiadeɛ nyinaa, ɛfiri mmɔfra so de kɔsi mpanimfoɔ so, na wɔbɛgyinaa ɛhyeɛ so. Na wɔsɔree anɔpatutu a owia repue nsuo no soɔ no, Moabfoɔ hunuu nsuo no agya nohoa sɛ ɛbere sɛ mogya, na wɔkaa sɛ: Mogya nie! Ahemfo no ne wɔn ho adi nnɔmmata akunkum wɔn ho, na afei, Moabfoɔ, monkɔfa asadeɛ! Na wɔbaa Israel nsraban mu no, Israel sɔre kunkumm Moabfoɔ, na wɔdwanee wɔn anim, na wɔtaa wɔn kɔkunkumm Moabfoɔ. Na nkuro no, wɔdwirii, na mfu pa nyinaa, wɔtotoo aboɔ guguu so mmaako mmaako kɔsii sɛ ɛso kataeɛ, na wɔsisii nsuo aniwa nyinaa, na wɔbubuu nnua pa nyinaa; gye Kir-haraset na wɔgyaa n’aboɔ, na ntɔmmoɔtofoɔ kɔtwaa ho hyiae bɔɔ no. Na Moabhene hunuu sɛ ɛdɔm no ano ayɛ den papa ama no no, ɔfaa mmarima ahanson a wɔtwe nkrantɛ kaa ne ho, sɛ ɔrete mu akɔ Edomhene ho, nanso wɔantumi. Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka ɔbɛsi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔfasuo no so. Na abufuo kɛseɛ baa Israel mu, na wɔfirii ne ho sane baa wɔn asase so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa. Na Elisa bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ memma woɔ? Kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn na wowɔ wɔ efie? Na ɔbuaa sɛ: W’afenaa nni hwee fie, gye ngo ahina baako pɛ. Na Elisa kaa sɛ: Firi adi kɔfemfɛm nhina wɔ wɔn a wɔtete bɛn woɔ nyinaa nkyɛn, nhina hunu, ma no nnɔɔso. Na sɛ woba mu a, to wo ne wo mma no pono mu, na hwiehwie gu nhina no nyinaa mu, na fa deɛ ayɛ ma no sisi nkyɛn. Na ɔfirii ne nkyɛn kɔe, na ɔkɔtoo ne ho ne ne mma pono mu. Wɔn deɛ, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guguu mu. Na ɛbaa sɛ nhina no yeyɛɛ amaama no, ɔka kyerɛɛ ne ba sɛ: Fa ahina bi brɛ me bio! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ahina biara nni hɔ bio; na ngo no twae. Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔkaa sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni deɛ aka no ntena ase. Na da bi Elisa sene kɔɔ Sunem. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no ma ɔdidiiɛ. Na daa ɔretwam a, ɔmane hɔ kɔdidi. Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Nyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsene yɛn nkyɛn daa yi; ma yɛnyɛ abansoro fasuo mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua, ɛpono, adwa ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, wamane akɔ hɔ. Na da bi ɔbaa hɔ, na ɔmane kɔɔ abansoro pia no mu kɔdaa hɔ. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra Gehasi sɛ: Kɔfrɛ Sunemni no bra! Na ɔkɔfrɛɛ no bae, na ɔbɛgyinaa n’anim. Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bisa no sɛ: Hwɛ, wode ɔhaw yi nyinaa aha wo ho ama yɛn: Ɛdeɛn na yɛnyɛ mma woɔ? Wowɔ asɛm bi a wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene anaa ɔsafohene? Na ɔse: Me deɛ, mete me nkurɔfoɔ mu. Na ɔbisaa sɛ: Gehasi, ɛdeɛn na wɔnyɛ mma no? Na Gehasi kaa sɛ: Ampa, ɔnni ba, na ne kunu nso anyini. Na Elisa kaa sɛ: Frɛ no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ɛpono ano. Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ɔse: Nyɛ saa, me wura, Nyankopɔn nipa, nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa. Nanso ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima afeda no mu, berɛ a Elisa ka kyerɛɛ no no mu. Na abɔfra no nyinii. Na da bi ɔfirii adi kɔɔ n’agya nkyɛn wɔ ayutwafoɔ nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Me ti, me ti! Na agya no ka kyerɛɛ aberanteɛ bi sɛ: Ma no so kɔma ne na. Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne srɛ so kɔsii awigyina, na ɔwui. Na ɔforo de no kɔtoo Nyankopɔn nipa no mpa no so, na ɔtoo ɛpono no mu na ɔfirii adi. Na ɔkɔfrɛɛ ne kunu sɛ: Mesrɛ wo, soma mmeranteɛ no mu baako ne mfunumu abereɛ no mu baako brɛ me, na mentutu mmirika menkɔ Nyankopɔn nipa no nkyɛn na memmra. Na ɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsrane foforɔ, na ɛnyɛ homeda. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɛnyɛ hwee. Na ɔhyehyɛɛ afunumubereɛ no, na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ka no kɔ ara, ngo ammirikatuo no mu, gye sɛ meka mekyerɛ wo ansa. Na ɔsii mu, na ɔbɛduruu Nyankopɔn nipa no nkyɛn Karmel bepɔ so. Na ɛbaa sɛ, Nyankopɔn nipa no hunuu no akyirikyiri no, ɔka kyerɛɛ n’abɔfra Gehasi sɛ: Hwɛ, Sunemni no nie. Afei tu mmirika kɔhyia no, na bisa no sɛ: Wo ho yɛ anaa? Wo kunu ho yɛ anaa? Abɔfra no nso ho yɛ anaa? Na ɔbuaa sɛ: Ɛyɛ. Na ɔduruu Nyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔ no soɔ no, ɔbɛsosɔɔ ne nan. Na Gehasi twe pinii sɛ ɔrebɛsum no. Na Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ aho wɔ ne mu, nanso AWURADE de ahunta me, na wanka ankyerɛ me. Na ɔbaa no kaa sɛ: Mebɛsrɛɛ me wura hɔ ɔba? Manka sɛ: Nnaadaa me anaa! Ɛnna ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa me poma kura na kɔ; woto obi a, nkyea no, nso obiara kyea wo a, nnye no so; na fa me poma yi kɔto abɔfra no anim. Na abɔfra no na kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Ɛnna ɔsɔre dii n’akyi. Na Gehasi dii wɔn anim kɔe, na ɔde poma no kɔtoo abɔfra no anim; nanso wante nne biara, na wanhunu nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara. Na ɔsane kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abɔfra no nnyaneeɛ. Na Elisa duruu fie hɔ no, ɔhunuu sɛ, abɔfra no awu da ne mpa so. Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pono mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ. Na ɔforo kɔbutuu abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abɔfra no so, na abɔfra no honam yɛɛ hye. Ɛnna ɔsane ba bɛnantee ɛdan no mu dii hɔ akɔneaba. Na ɔforo kɔɔ bio kɔponoo ne mu wɔ ne so: Ɛnna abɔfra no nwansii mprɛnson, na abɔfra no buee n’ani. Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba no! Ɛnna ɔba bɛhwee ne nan ase kotoo no butuu fam, na ɔfaa ne ba no firii adi. Na Elisa sane baa Gilgal. Na ɛkɔm aba asase no so, na adiyifoɔ mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Fa ɛsɛnkɛseɛ si so na noa aduane ma adiyifoɔ mma no. Na ɔbaako firi kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtete fan, na ɔkɔhunuu wiram homa bi, na ɔtetee so wiram ɛferɛ ne ntoma ma, na ɔba bɛtwitwaa mu guu ɛsɛn a aduane wɔ mu no mu; nso na ɔnnim n’adeban. Ɛnna wɔhwie maa nnipa no sɛ wɔnni. Na wɔredi aduane no bie no, wɔteaa mu sɛ: Awuduro wɔ ɛsɛne no mu, Onyame nipa! Na wɔantumi anni. Na ɔkaa sɛ: Ɛnneɛ momfa esiam mmra. Na ɔde guu ɛsɛn no mu, na ɔkaa sɛ: Hwie ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na biribi bɔne bi nni ɛsɛn no mu bio. Na ɔbarima bi nso firi Baal-salisa bae, na ɔbrɛɛ Nyankopɔn nipa no aba a ɛdi kan paanoo, atokoɔ paanoo aduonu ne ayuo foforɔ a wɔnhwaneeɛ. Na ɔkaa sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na ne somfoɔ no bisaa sɛ: Ɛdeɛn? Memfa yei mensi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkaa bio sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔbɛdi na wɔagya bi. Ɛnna ɔde sii wɔn anim; na wɔdii, na wɔgyaa bi, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata. Na Siria asafo no mu bi akɔto ahyɛ Israelfoɔ so afa abaayewa kumaa bi dommum aba; na ɔsom Naaman yere. Na ɔka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: Aa, sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnneɛ anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no. Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaayewa a ɔfiri Israel asase soɔ no ka. Na Siriahene no kaa sɛ: Kɔ na bra, na mɛtwerɛ Israel hene no nwoma. Na ɔsii mu kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika nnwetɛbena mpemnsia ne ntadeɛ nsakyeraho du kurae. Na ɔde nwoma no brɛɛ Israel hene sɛ: Sɛ nwoma yi ka wo nsa a, hwɛ, masoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn sɛ sa ne kwata no ma no. Na ɛbaa sɛ, Israel hene kenkan nwoma no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Onyankopɔn ne me na makum na mama nkwa, sɛ oyi resoma ama wɔaba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhunu sɛ, asɛm na ɔrepɛ me. Na Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntadeɛ mu no, ɔsoma maa wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Adɛn nti na woasunsuane wo ntadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel. Ɛnna Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ba bɛgyinaa Elisa fie pono akyi. Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔdware Yordan mu mprɛnson, na wo honam bɛsane aba wo ho, na wo ho afi. Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no. Damasko nsubɔntene Abana ne Parpar nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa? Anka merennware mu na me ho mfi anaa? Na ɔdanee ne ho de abufuo sii mu. Na ne nkoa twe pinii bɛka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Na nkantom sɛ waka akyerɛ wo sɛ: Kɔdware na wo ho mfi! Ɛnna ɔsiane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne honam sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ. Na ɔsane baa Nyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na ɔba bɛgyinaa n’anim kaa sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Onyankopɔn bi nni asase biara so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛdeɛ yi w’akoa nsam. Na ɔse: Sɛ AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee. Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, nanso wampene. Na Naaman kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmfa dɔteɛ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa mma w’akoa, na w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame biara bio sɛ AWURADE nko. Asɛm yi mu nko na AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, sɛ me wura rekɔ Rimon fie akɔsɔre hɔ, na ɔtwere me nsa soɔ, na mekoto Rimon fie. Sɛ mekoto Rimon fie a, AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, asɛm yi mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Na Naaman firii ne nkyɛn kɔɔ kwantiaa bi. Na Nyankopɔn nipa Elisa abɔfra Gehasi kaa sɛ: Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman yi, sɛ wannye deɛ ɔde baeɛ no ne nsam; sɛ AWURADE te aseɛ yi, mɛtu mmirika mati no makɔgye ne hɔ biribi. Na Gehasi tii Naaman. Na Naaman hunuu sɛ obi de mmirika di n’akyire no, ɔfiri teaseɛnam no mu sii fam bɛhyiaa no kaa sɛ: Asomdwoeɛ mu anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ mu. Me wura asoma me sɛ: Hwɛ, seesei mmeranteɛ baanu a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim bepɔ so aba me nkyɛn, mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ talente baako ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu. Na Naaman kaa sɛ: Pene na gye talente mmienu. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree dwetɛ talente mmienu no mmoa mmienu ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu no, na ɔde soaa ne mmeranteɛ mu baanu, na wɔsoa dii n’anim. Na ɔduruu kokoɔ no ho no, ɔgyee wɔn nsam, na ɔde kɔguu fie, na ɔgyaa mmarima no kwan maa wɔkɔe. Na ɔno deɛ, ɔba bɛgyinaa ne wura anim. Na Elisa bisaa no sɛ: Gehasi, ɛhe na wofiri reba? Na ɔse: W’akoa nkɔɔ baabiara! Na ɔbisaa no sɛ: M’akoma ne wo ankɔ berɛ a ɔbarima no danee ne ho firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa woɔ no anaa? Berɛ a wɔgye dwetɛ na wɔgye ntadeɛ ne ngo nnua ne bobe nturo ne nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa nie? Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa. Na ɔfirii n’anim firii adie, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na adiyifoɔ mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛteɛ yi yɛ hiahiaa papa ma yɛn. Ma yɛnkɔ Yordan ano na yɛnkɔfa mpuna mmaako mmaako mfiri hɔ, na yɛnsiesie baabi wɔ hɔ ntena hɔ. Na ɔse: Monkɔ ɛ! Na ɔbaako kaa sɛ: Pene na ɛne wo nkoa nkɔ. Na ɔbuaa sɛ: Me nso mɛkɔ. Na ɔne wɔn sii mu kɔe. Na wɔduruu Yordan ano no, wɔbubuu nnua no. Na ɔbaako rebu dua no, n’akuma no ti firi tɔɔ nsuo mu. Na ɔteaa mu sɛ: Ao, me wura! Wɔkɔfɛmee oo. Na Nyankopɔn nipa no bisaa sɛ: Ɛhe na ɛtɔeɛ? Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Na ɔtwaa dua bi too hɔ, na dadeɛ no bɛtɛɛ ani. Na ɔkaa sɛ: Ma so fa! Na ɔtenee ne nsa fae. Na Siriahene ne Israel bɛdii ako; na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: Ɛha ne ha na mɛbɔ me nsraban. Na Nyankopɔn nipa no soma maa wɔkɔɔ Israel hene nkyɛn sɛ: Hwɛ yie, na wɔamfa saa bea yi so, ɛfiri sɛ ɛhɔ na Siriafoɔ nam reba. Na Israel hene soma maa wɔkɔɔ faako a Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no na ɔtuu no ɛho foɔ no hɔ, na ɔsraa hɔ, ɛnyɛ prɛko na ɛnyɛ mprenu nso. Ɛnna Siriahene akoma peree no asɛm yi ho; na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Morenkyerɛ me yɛn mu deɛ ɔwɔ Israel hene afa? Na ne nkoa no mu baako kaa sɛ: Me wura Ɔhene, ɛnte saa, na mmom Odiyifoɔ Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka no wo dabekyire no kyerɛ Israel hene. Na ɔse: Monkɔ nkɔsra baabi a ɔwɔ, na mensoma mma wɔnkɔfa no mmra. Na wɔkyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Dotan. Ɛnna ɔsomaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm kɛseɛ kɔɔ hɔ, na wɔduruu anadwo, na wɔbɛtwaa kuro no ho hyiae. Na Nyankopɔn nipa no somfoɔ tuaa nhema sɛ ɔresɔre afiri adie no, na hwɛ, ɛdɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia. Na n’abɔfra no ka kyerɛɛ no sɛ: Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn? Na ɔse: Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho no. Na Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue n’ani na ɔnhunu! Na AWURADE buee aberanteɛ no ani, no ɔhunui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔ no so ma atwa Elisa ho ahyia. Ɛnna Siriafoɔ siane baa ne so, na Elisa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Mesrɛ wo, fa anifira bɔ dɔm yi; na ɔde anifira bɔɔ wɔn, sɛdeɛ Elisa asɛm no teɛ no. Na Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan nie, na ɛnyɛ kuro no nie, monni m’akyi, na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no nkyɛn. Na ɔde wɔn kɔɔ Samaria. Na ɛbaa sɛ wɔduruu Samaria no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue wɔn ani, na wɔnhunu; na AWURADE buee wɔn ani, na wɔhunui, na hwɛ, na wɔwɔ Samaria mfimfini. Na Israel hene hunuu wɔn no, ɔbisaa Elisa sɛ: M’agya, memmobɔ wɔn anaa? Na ɔbuaa sɛ: Dabi, mmobɔ wɔn. Deɛ wode wo nkrantɛ ne wo tadua afa no dommum no na wobɔ no. Fa aduane ne nsuo sisi wɔn anim na wɔnni na wɔnnom, na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn. Na ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa wɔn; na wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ no, ɔgyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔɔ wɔn wura nkyɛn. Na Siria fomfafoɔ asafo no antoa so amma Israel asase so bio. Na ɛno akyiri no Siriahene Ben-hadad boaa ne dɔm nyinaa ano hyiae, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria. Na ɛkɔm kɛseɛ baa Samaria, na hwɛ, wɔkaa wɔn hyɛɛ mu ara de kɔsii sɛ wɔtɔn afunumu ti gyee nnwetɛbena aduɔwɔtwe, na mmuruburo bini kab abupɛn nnan mu baako gyee nnwetɛbena nnum Na Israel hene retwam ɔfasuo no soɔ no, ɔbaa bi bɔn no sɛ: Owura Ɔhene, boa me! Na ɔse: Sɛ AWURADE ammoa wo a, mɛfiri he na maboa woɔ? Ɛmfiri ayuporebea anaa nsa-kyi-amena mu? Na Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ɔbaa yi ka kyerɛɛ me sɛ: Fa wo ba ma yɛnni ne nam nnɛ, na yɛadi me ba nam ɔkyena. Na yɛnoaa me ba no weeɛ; na adeɛ kyeeɛ no, mesee no sɛ: Fa wo ba bra ma yɛnwe; na ɔde ne ba no ahunta. Na ɔhene tee ɔbaa no nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔretwam ɔfasuo no soɔ no, nkurɔfoɔ no hwɛe, na ɔfira ayitoma wɔ aseɛ de akata ne honam ani. Ɛnna ɔkaa sɛ: Sɛ wɔankum Safat ba Elisa nnɛ da yi a, Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnto so sei. Nanso na Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ moahunu sɛ owudini ba yi asoma sɛ wɔmmɛtwa me tire? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no ba a, monto pono mu, na mompia no nkɔ pono ano. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na ɛdi n’akyire yi? Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfoɔ no resiane aba ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, bɔne yi firi AWURADE nkyɛn, ɛdeɛn na mentwɛn AWURADE mennye bio?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Elisa kaa sɛ: Montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔkyena sɛsɛɛ ayuosiam susuo adeɛ baako bɛdi dwetɛbena, na atokoɔ susuo adeɛ mmienu bɛdi dwetɛbena Samaria kuro pono ano. Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi. Na mmarima akwatafoɔ baanan wɔ kuro no pono ano, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Adɛn na yɛtete ha kɔsi sɛ yɛbɛwuwuo? Sɛ yɛse: Yɛbɛhyɛne kuro no mu a, ɛnneɛ ɛkɔm wɔ kuro no mu na yɛbɛwuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yɛbɛwuwu; na afei mommra mma yɛnkɔhwɛ Siriafoɔ nsraban no mu, sɛ wɔgye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wɔku yɛn nso a, yɛawu. Na wɔsɔree anwummerɛ fɔmm sɛ wɔrekɔ Siriafoɔ nsraban mu: Na wɔduruu Siriafoɔ nsraban no ano, na hwɛ, onipa biara nni hɔ. Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so. Enti anwummerɛ no wɔasɔre adwane, na wɔagyigya wɔn ntomadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfunumu ne nsraban no sɛdeɛ ɛteɛ no, na wɔn nkwa nti wɔadwane. Na akwatafoɔ no duruu nsraban no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu kɔdidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntoma firii hɔ kɔe de kɔhuntae, na wɔsane ba bɛhyɛnee ntomadan foforɔ mu, na wɔfaa hɔ adeɛ nso, na wɔde kɔ kɔhuntae. Ɛnna wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn deɛ, yɛayɛ komm yi; na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, asotwe bi bɛda yɛn so; na afei momma yɛnkɔ ahemfie nkɔka! Na wɔba bɛfrɛɛ kuro no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafoɔ nsraban mu, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne mfunumu a wɔasesa wɔn ne ntomadan no, sɛdeɛ ɛteɛ. Na ɛpono ano ahwɛfoɔ no frɛe maa wɔkɔkaa no ahemfie. Ɛnna ɔhene sɔree anadwo no, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mɛkyerɛ mo deɛ Siriafoɔ ayɛ yɛn yi: Wɔnim sɛ ɛkɔm de yɛn, enti na wɔafiri nsram hɔ korɔ sɛ wɔrekɔhunta wiram, na sɛ wɔfiri kuro no mu ba a, yɛakye wɔn animono, na yɛakɔhyɛne kuro no mu. Na ne nkoa no mu baako buaa sɛ: Ɛnneɛ ma wɔmfa apɔnkɔ nkaeɛ a wɔaka kurom ha no mu nnum, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodoɔ a wɔaka mu no, hwɛ wɔte sɛ Israel dodoɔ a wɔahyeɛ no, na ma yɛnsoma wɔn na yɛnhwɛ. Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam mmienu na ɔhene somaa wɔn maa wɔdii Siriafoɔ dɔm no akyiri sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ! Na wɔdii wɔn akyi de kɔduruu Yordan ano, na hwɛ, ntadeɛ ne nnoɔma nnoɔma a Siriafoɔ atoto agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfoɔ no sane ba bɛka kyerɛɛ Ɔhene. Ɛnna nkurɔfoɔ no firii adie kɔfom Siriafoɔ nsraban no. Na esiam susuo adeɛ baako tiriboɔ bɛyɛɛ dwetɛbena, na ɛmo susuo adeɛ mmienu nso yɛɛ dwetɛbena, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Na ɔhene yii okunini a ɔtwere ne nsa soɔ no sɛ ɔnhwɛ ɛpono ano; na nkurɔfoɔ no tiatiaa ne so ɛpono no mu, na ɔwui, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no kasa a ɔhene siane baa ne nkyɛn no, ɔkaeɛ no. Na ɛbaa mu sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Atokoɔ susuo adeɛ bɛyɛ dwetɛbena, na ayuosiam susuo adeɛ baako nso ayɛ dwetɛbena ɔkyena sɛsɛɛ Samaria kuro pono ano. Na ɔsafohene no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi anaa? Na ɔse: Hwɛ, wo deɛ, wode w’ani bɛhunu, na worenni bi. Na ɛyɛɛ no saa ara, na nkurɔfoɔ no tiatiaa no kuro pono no mu, na ɔwui.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson. Na ɔbaa no sɔree yɛɛ sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no asɛm no teɛ no, na ɔne ne fiefoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ ahɔhoɔ Filistifoɔ asase so mfeɛ nson. Na ɛbaa sɛ mfeɛ nson no awieeɛ no, ɔbaa no sane firii Filistifoɔ asase so bae, na ɔfiri adi kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fie ne n’asase. Nso na ɔhene ne Nyankopɔn nipa no abɔfra Gehasi rekasa sɛ: Ka me nnoɔma akɛseɛ a Elisa ayɛ no ɛ! Na ɔgu so reka kyerɛ ɔhene sɛdeɛ Elisa nyanee owufoɔ no, hwɛ, ɔbaa a ɔnyanee ne ba maa no no bɛsrɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fie ne n’asase. Na Gehasi kaa sɛ: Me wura Ɔhene, ɔbaa no nie, na ne ba a Elisa maa no nyaa nkwa no nie. Na ɔhene bisaa ɔbaa no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Hwehwɛ deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa, ne n’afuo no aba nyinaa, ɛfiri da a ɔgyaa asase yi hɔ de bɛsi nnɛ ma no. Na Elisa kɔɔ Damasko; nso na Siriahene Ben-hadad yare; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa no aba ha. Na ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael sɛ: Fa ayɛyɛdeɛ kura wo nsam, na kɔ kɔhyia Nyankopɔn nipa no, na kɔbisa AWURADE adeɛ ne hɔ sɛ: Mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa? Na Hasael ba bɛhyiaa no, na ɔfaa ayɛyɛdeɛ kurae, ɛyɛ Damasko nnoɔma pa nyinaa mu bi, yoma aduanan na ɛsoso wɔn. Na ɔba bɛgyinaa n’anim sɛ: Wo ba Ben-hadad, Siriahene na ɔsomaa me wo nkyɛn sɛ: Mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa? Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ kɔka kyerɛ no sɛ: Nkwa deɛ, wobɛnya, na AWURADE akyerɛ me sɛ wobɛwu ara. Na ɔgyenee n’ani hwɛɛ no dinn kɔsii sɛ n’ani wuiɛ, na Nyankopɔn nipa no sui. Na Hasael bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura resu? Na ɔse: Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wɔn nkuro a ɛyɛ den no, wobɛtoto mu gya, na wode nkrantɛ bɛkunkum wɔn mmeranteɛ, na woatete wɔn nkɔkoaa ahwehwe fam, na woapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu. Na Hasael kaa sɛ: Na w’akoa ne deɛn, ɔkraman yi a, sɛ ɔbɛyɛ adeɛ kɛseɛ yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu wo sɛ Siriahene. Na ɔfirii Elisa nkyɛn kɔ kɔduruu ne wura nkyɛn. Na ɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na Elisa ka kyerɛɛ woɔ? Na ɔse: Ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nkwa deɛ, wobɛnya. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfaa mmuatoma no bɔɔ nsuo mu de kataa n’anim, na ɔwui. Na Hasael sii n’ananmu dii hene. Na Israelhene Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so nnum mu berɛ a Yehosafat dii Yuda hene no, na Yudahene Yehosafat ba Yehoram bɛdii hene. Ɔbɛdii hene no na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ, ɛfiri sɛ na ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Nanso n’akoa Dawid nti AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no ne ne mma nna nyinaa. Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene. Na Yoram twaa mu kɔɔ Sair, ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo, kɔkunkumm Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfoɔ no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Edom tee atua firii Yuda nsa ase de bɛsi nnɛ. Ɛnna Libna nso tee atua berɛ no ara mu. Na Yoram ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na Yoram tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Ahasia sii n’ananmu dii hene. Na Israelhene Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so dummienu mu na Yudahene Yehoram ba Ahasia bɛdii hene. Ahasia dii mfeɛ aduonu mmienu na ɔbɛdii hene no, na ɔdii hene afe baako Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri ba. Na ɔfaa Ahab fiefoɔ kwan so, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ na Ahab ase ne no. Na ɔne Ahab ba Yoram ne Siriahene Hasael kɔkoeɛ wɔ Ramot-gilead. Na Siriafoɔ piraa Yoram. Na Ɔhene Yoram sane baa sɛ ɔrebɛsa pira a Siriafoɔ piraa no Rama, berɛ a ɔne Siriahene Hasael reko no wɔ Yesreel. Na Yudahene Yehoram ba Ahasia siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yoram wɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa ngo toa yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-gilead. Na sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu hɔ, na kɔ mu, na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ mpiakyire pia mu, na fa ngo toa no hwie gu n’atifi, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo asi Israel so hene; na hini ɛpono no na dwane, na nnyina. Ɛnna aberanteɛ a ɔyɛ odiyifoɔ aberanteɛ no sii mu kɔɔ Ramot-gilead. Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, ɛdɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi mese wo, ɔsafohene. Na Yehu bisaa sɛ: Wone yɛn nyinaa mu hwan? Na ɔse: Mene wo, ɔsafohene. Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɛdan no mu, na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene. Na wobɛbɔ wo wura Ahab fie, na matɔ me nkoa adiyifoɔ no mogya ne AWURADE nkoa nyinaa mogya so were Isebel nsam; na Ahab fie nyinaa asɛe, na matwa Ahabni barima biara atwene, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, Israel mu. Na mɛyɛ Ahab fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie. Na akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel asase so, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie no. Na ɔhinii ɛpono no dwanee. Na Yehu firii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi bisaa no sɛ: Ɛyɛ anaa? Adɛn nti na ɔbɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim ɔbarima no ne ne nsɛnkeka. Na wɔse: Atorɔ! Ka kyerɛ yɛn ɛ! Na ɔse: Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo masi wo Israel so hene. Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntadeɛ de hyehyɛɛ n’ase wɔn nan ase wɔ ntwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yehu adi hene! Na Nimsi ba Yehosafat ba Yehu pam Yoram tiri so; nso na Yoram ne Israel nyinaa rewɛn wɔ Ramot-gilead, Siriahene Hasael nti; na Ɔhene Yehoram deɛ, na wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, Siriafoɔ piraa no no. Na Yehu kaa sɛ: Sɛ sei ne w’adwene a, ɛnneɛ mommma obiara mmfiri adi nnnwane mmfiri kuro yi mu nnkɔka no wɔ Yesreel. Na Yehu tenaa teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Na ɛhɔ na na Yoram da, na Yudahene Ahasia asiane aba sɛ ɔrebɛhwɛ Yoram. Na ɔwɛmfoɔ gyina Yesreel abantenten so; na ɔhunuu Yehu asafokuo no sɛ wɔreba, na ɔkaa sɛ: Mehunu asafokuo bi. Na Yehoram se: Fa ɔpɔnkɔsoteni soma no ma no nkɔhyia wɔn, na ɔmmisa sɛ: Asomdwoeɛ anaa? Na ɔpɔnkɔsoteni bi kɔ kɔhyiaa no, na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Wo ne asomdwoeɛ wɔ deɛn na ɛyɛ? Bra bɛdi m’akyi! Na ɔwɛmfoɔ no de nkra kɔmaa ɔhene sɛ: Ɔbɔfoɔ no aduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma. Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsoteni a ɔtɔ so mmienu; na ɔkɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Asomdwoeɛ fa wo ho bɛn? Bra bɛdi m’akyi! Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: Waduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma. Na ɔka pɔnkɔ no sɛdeɛ Nimsi ba Yehu ka no, na ɔka no denden pa ara. Ɛnna Yehoram kaa sɛ: Monsiesie! Na wɔsiesiee ne teaseɛnam no. Na Israelhene Yehoram ne Yudahene Ahasia firii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wɔfiri kɔhyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so. Na Yehoram hunuu Yehu no, ɔbisaa sɛ: Yehu, asomdwoeɛ anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ bɛyɛ dɛn aba, berɛ a wo na Isebel adwamammɔ ne n’abayigorɔ bebree no rekɔ soɔ yi? Ɛnna Yehoram danee ne ho dwaneeɛ, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: Atirisopamsɛm nie, Ahasia! Na Yehu de n’ahoɔden nyinaa twee n’agyan mu to bɔɔ Yehoram abasa ntam, na agyan no hwiree n’akoma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ: Ma no so to no twene Yesreelni Nabot asase no so! Na kae sɛ me ne wo te apɔnkɔ so bɔɔ anan dii n’agya Ahab akyiri no, AWURADE de atemmusɛm yi too ne so sɛ: Ampa ara, mehunuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnora! AWURADE na ɔseɛ: Na mɛtua wo ɛso ka, asase yi so! AWURADE na ɔseɛ. Na afei ma no so to no twene asase yi so, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Na Yudahene Ahasia hunuiɛ no, ɔfaa turom dan kwan so dwanee. Na Yehu tii no, na ɔkaa sɛ: Mommɔ ɔno nso teaseɛnam no mu. Wɔyɛɛ saa Gur aforoeɛ a ɛwɔ Yibleam ho no; na ɔdwane kɔɔ Megido, na ɔkɔwuu wɔ hɔ. Na ne nkoa de no nam teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem; na wɔsiee no n’asieeɛ kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu. Na Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so dubaako mu na Ahasia bɛdii Yuda so hene. Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu. Na Yehu duruu ɛpono no ano no, ɔbisaa sɛ: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa, wo Simri a, wokumm wo wura? Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mpomma no, na ɔbisaa sɛ: Hwan na ɔwɔ m’afa, hwan? Ɛnna pia mufoɔ baanu anaa baasa firi bɔɔ wɔn ani kyerɛɛ no. Na ɔkaa sɛ: Monto no nhwe fam! Ɛnna wɔtoo no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasuo ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde teaseɛnam faa ne so. Na ɔhyɛnee mu; na ɔdidiiɛ na ɔnomeeɛ no, ɔkaa sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ ɔbaa a wɔadome no no, na monsie no, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔhene babaa. Na wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no, na wɔanhunu ne ho biribiara gye ne tikwankoraa ne ne nan ne ne nsayam. Na wɔsane bɛka kyerɛɛ no; na ɔkaa sɛ: AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Elia Tisbini no so kaeɛ no nie sɛ: Yesreel asase so na akraman bɛwe Isebel nam, na Isebel funu bɛhwete ayɛ sɛ sɛbeɛ wɔ wiram, Yesreel asase no so, na obiara anhunu anka sɛ: Isebel nie!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson wɔ Samaria. Na Yehu twerɛtwerɛɛ nwoma na ɔsoma maa wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanimfoɔ ne Ahab mmagyegyefoɔ no sɛ: Sɛ nwoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne nkuro a wɔato ho afasuo ne akodeɛ nso wɔ mo nkyɛn yi; monhwehwɛ mo wura mma no mu deɛ ɔyɛ, ne deɛ ɔtene, na momfa no ntena n’agya adwa so, na monko mma mo wura fie. Na wɔsuroo pa ara kaa sɛ: Hwɛ, ahemfo baanu no annyina n’anim, na yɛn deɛ, yɛbɛgyina sɛn? Na deɛ ɔhwɛ ahemfie no soɔ, ne deɛ ɔdi kuro no soɔ no, mpanimfoɔ ne mmagyegyefoɔ no soma maa wɔkɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ deɛ wopɛ. Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn nwoma a ɛtɔ so mmienu sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobɛtie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no tiri mmra me nkyɛn ɔkyena sɛsɛɛ wɔ Yesreel. Nso na ɔhene mma no yɛ mmarima aduɔson; kuro no mu nnipa akɛseɛ no nkyɛn na wɔyɛnee wɔn. Na ɛbaa sɛ nwoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkumm nnipa aduɔson no, na wɔde wɔn tiri guu nkɛntɛn mu, na wɔsoma maa wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel. Na ɔbɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde ɔhene mma no tiri no aba. Na ɔse: Monhɔre no akuo mmienu ɛpono no ano nkɔsi anɔpa. Na anɔpa no, ɔfirii adi kɔgyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Modi bem, hwɛ, me na mepamm me wura tiri soɔ na mekumm no; na hwan na ɔkunkumm yeinom nyinaa? Monhunu afei, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Ahab fie ho no mu biara bɛba mu, na AWURADE ayɛ deɛ ɔnam n’akoa Elia so kaeɛ no. Na Yehu kumm Ahab fie nnipa a wɔkaa wɔ Yesreel no nyinaa ne ne nnipa akɛseɛ ne n’amannifoɔ ne n’asɔfoɔ nyinaa kɔsii sɛ wannya no obiara amma wamfiri mu amfire. Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Samaria; na ɔduruu Bet-eked nnwanhwɛfoɔ nsraban mu, ɔkwan mu no, Yehu hyiaa Yudahene Ahasia nuanom, na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwannom ne mo? Na wɔse: Ahasia nuanom ne yɛn, na yɛresiane akɔ akɔhwɛ ɔhene mma ne ɔhemmaa mma no sɛ wɔte sɛn. Na ɔkaa sɛ: Monkye wɔn anikan so! Na wɔkyeree wɔn anikan, na wɔkunkumm wɔn wɔ Bet-eked amena ho, nnipa aduanan mmienu, na wɔannyae wɔn mu biara. Na ɔfiri hɔ rekorɔ no, ɔhunuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abɛhyia no; na ɔkyeaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Wodɔ me sɛdeɛ medɔ woɔ no? Na Yehonadab se: Medɔ wo! Na sɛ ɛte saa a, sɔ me nsa mu ɛ! Na ɔsɔɔ mu; na ɔmaa no foro kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu. Na ɔkaa sɛ: Ɛne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam no mu. Na ɔduruu Samaria no, ɔkumm nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no. Na Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ahab somm Baal kakraa bi, na Yehu deɛ, ɔbɛsom no bebree. Na afei, Baal adiyifoɔ nyinaa, ne n’asomfoɔ nyinaa ne n’asɔfoɔ nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔdeɛ kɛseɛ bi bɔ mema Baal; obiara a ɔremma no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no aniteɛ mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfoɔ. Na Yehu kaa sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee. Na Yehu soma maa wɔkɔkyinii Israel nyinaa, na Baal nkoa nyinaa bae, wɔannya obiara a wamma. Na wɔbaa Baal fie, na Baal fie yɛɛ ma firi ano kɔpem ano. Na ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadeɛ dan soɔ no sɛ: Yiyi ntadeɛ brɛ Baal nkoa nyinaa. Na ɔkɔyii ntadeɛ no de brɛɛ wɔn. Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fie, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompeepee mu nhunu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko. Na ɔkɔɔ mu sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adihɔ sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara firi mu kɔ a, deɛ ɔmaa no kɔeɛ no kra bɛsi ne kra ananmu. Na ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ ne akunini no sɛ: Monkɔ nkɔkunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na awɛmfoɔ ne akunini no de nkrantɛ ano kunkumm wɔn totoo wɔn gui. Na wɔkɔɔ Baal fie ban no mu, na wɔyii Baal fie adum no, na wɔhyeeɛ; na wɔbubuu Baal dum no, na wɔdwirii Baal fie no gui, na wɔde yɛɛ tiafi de bɛsi nnɛ. Saa na Yehu sɛee Baal firii Israel. Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyiri deɛ, Yehu amfi, ɛne sika nantwie mma a ɛwɔ Betel ne Dan no. Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ: Ɛsiane sɛ woayɛ yei, sɛ woayɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, na woayɛ Ahab fie sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu nyinaa nti, wo mma a wɔbɛtɔ so nnan no bɛtena Israel adwa so. Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so; wamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. Nna no mu na AWURADE firii aseɛ twitwaa Israel soɔ, na Hasael dii wɔn so Israel ahyeɛ nyinaa so, ɛfiri Yordan owiapueeɛ, Gilead asase nyinaa, Gadfoɔ ne Rubenfoɔ ne Manasefoɔ deɛ, firi Aroer a ɛwɔ Arnon subonhwa ano ne Gilead ne Basan. Na Yehu ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu anaa? Na Yehu tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria; na ne ba Yehoahas sii n’ananmu dii hene. Na nna a Yehu de dii Israel so hene Samaria no yɛ mfirinhyia aduonu nwɔtwe.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ahasia ne na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔree na ɔsɛee adehyeɛ abusua no nyinaa. Na Ɔhene Yoram babaa Yehoseba, Ahasia nuabaa, faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu de no ne ne bagyegyefoɔ kɔɔ pia mu, na ɔde no hunta firii Atalia anim na wɔanku no. Na ɔne no huntaa AWURADE fie mfeɛ nsia. Na Atalia dii asase no so hemmaa. Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma maa wɔkɔfaa Karifoɔ ne awɛmfoɔ no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fie, na ɔne wɔn pamee, na ɔmaa wɔkekaa ntam AWURADE fie, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn. Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmra adwuma homeda, na mommɛwɛn ɔhene fie, (na nkyɛmu baako ntena Sur pono ano, na nkyɛmu baako nso ntena awɛmfoɔ akyiri pono no ano); na monwɛn efie no mmɔ ho ban. Na mo mu asafokuo mmienu, wɔn a homeda wɔwɛn AWURADE fie no nkɔwɛn ɔhene no. Na montwa ɔhene no ho nhyia, monkurakura mo akodeɛ mo nsam; na deɛ ɔbɛba mo kuo no mu no, monku no; na montena ɔhene ho, n’adifire ne ne muba mu. Na asafohene no yɛɛ sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa, na wɔfaa wɔn nnipa a wɔba adwuma homeda ne wɔn a wɔmma homeda no, na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn. Na ɔsɔfoɔ no de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm a ɛwɔ AWURADE fie no maa ɔha asafohene no. Na awɛmfoɔ no gyinagyina ho kurakura wɔn akodeɛ wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no anafoɔ fam ntwea so kɔsi ɛdan no atifi fam ntwea so, afɔrebukyia no ho ne ɛdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia. Na ɔyii ɔhene ba no firii adi, na ɔde ahemmotire no bɔɔ ne ti, na ɔde adanseɛ nwoma no hyɛɛ ne nsa, na wɔsii no hene, na wɔsraa no ngo, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa! Ɛnna Atalia tee awɛmfoɔ ne ɔman no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie; na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina simpie no so sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no, na asafohene no ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔteaa mu sɛ: Atirisopam, atirisopam! Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfa mo mu mfi, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, momfa nkrantɛ nku no. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Wɔnnku no AWURADE fie. Enti wɔsɔɔ ne mu de no kɔfaa kwan a apɔnkɔ nam so ba ahemfie no so; na wɔkumm no hɔ. Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnyɛ AWURADE man; na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam. Ɛnna asase no so nkurɔfoɔ nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubuu no pasaa, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no afɔrebukyia no anim. Na ɔsɔfoɔ no de awɛmfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie no ho. Na ɔfaa asafohene ne Karifoɔ ne awɛmfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ nyinaa, na wɔde ɔhene no firii AWURADE fie siane bɛfaa awɛmfoɔ pono ano kwan so baa ahemfie, na ɔtenaa ahennwa no so. Na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe; na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no ɔhene fie hɔ. Yehoas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nson.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yehu afe a ɛtɔ so nson so na Yehoas bɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan wɔ Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba. Na Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada na ɔkyerɛkyerɛɛ no. Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so. Na Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Akronkronneɛ sika a wɔde ba AWURADE fie nyinaa ne obiara kra tiri sika sɛ wɔbɔ no boɔ no, ne sika biara nso a ɛba obi akoma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fie no, asɔfoɔ no nnyegye no wɔn amannifoɔ nkyɛn, na wɔmfa nsiesiee efie no baabi a ayɛ agoɔ no ne baabiara a wɔbɛhunu sɛ agoɔ bi wɔ hɔ. Na Ɔhene Yehoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa soɔ no, na asɔfoɔ no nnya nsiesiee efie no mu adango no. Ɛnna Ɔhene Yehoas frɛɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada ne asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na monsiesiee efie no mu adango no? Afei monnnyegye sika amannifoɔ nkyɛn bio, na monyi mma na wɔmfa nyɛ efie no adango no. Na asɔfoɔ no penee sɛ wɔrennye ɔman no hɔ sika, na wɔrenyɛ efie no mu adango no bio. Ɛnna Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka bi, na ɔtuu ne mmuasoɔ mu tokuro, na ɔde sii afɔrebukyia ho, deɛ wɔfa ba AWURADE fie no nifa; na asɔfoɔ a wɔhwɛ ɛpono no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fie no nyinaa guu mu. Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene atwerɛfoɔ ne ɔsɔfoɔ panin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔhu no AWURADE fie no. Na wɔde sika a wɔakarie no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii AWURADE fie so ahwɛfoɔ no nsa, na wɔyi maa nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ a wɔyɛ AWURADE fie no, ne abantofoɔ, ne abotwafoɔ, ne sɛ wɔde bɛtɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, sɛ wɔde bɛpempam AWURADE fie adango no, ne sɛ wɔde bɛtua efie no adango no bɛsiesie ho adeɛ a wɔhwereɛ nyinaa ka. Nanso wɔamfa sika a wɔde ba AWURADE fie no mu bi anyɛ AWURADE fie dwetɛ nyowaa, adumgya, nkoraa, ntotorobɛnto anaa sika ne dwetɛ adeɛ biara. Na wɔde maa wɔn a wɔyɛ adwuma no, na wɔde siesie AWURADE fie no. Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfoɔ no ammu nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ no nokorɛ mu. Asodie afɔdeɛ sika ne bɔne ho afɔdeɛ sika deɛ, wɔamfa amma AWURADE fie; ɛyɛ asɔfoɔ no dea. Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem. Ɛnna Yudahene Yehoas faa akronkronneɛ nyinaa a n’agyanom Yuda ahemfo Yehosafat, Yehoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no ne n’akronkronneɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu nyinaa, na ɔsoma maa wɔde kɔmaa Siriahene Hasael; ɛnna ɔfirii Yerusalem hɔ kɔeɛ. Na Yehoas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu. Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wɔkumm Yehoas wɔ Milo dan a ɛwɔ kwan a ɛde rekɔ Sila no mu. Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad bɔɔ no na ɔwui; na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu; na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yudahene Ahasia ba Yoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa so na Yehu ba Yehoahas bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ dunson. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔdii Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi; wamfiri ho. Na AWURADE bo fu tiaa Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siriahene Hasael nsa ne Hasael ba Ben-hadad nsa wɔn nna nyinaa. Na Yehoahas koto srɛɛ AWURADE, na AWURADE tiee no, ɛfiri sɛ ɔhunuu ɔhaw a Siriahene de reha Israel no. Na AWURADE maa Israel ɔgyefoɔ, na wɔfirii Siriafoɔ nsa ase, na Israel mma tenaa wɔn ntomadan mu sɛ akane no. Nanso wɔamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no fie bɔne ho; emu na wɔnanteeɛ. Na Asera nnua no nso sisii Samaria. Na wɔannya dɔm biara amma Yehoahas gye apɔnkɔsotefoɔ aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufoɔ mpem du, ɛfiri sɛ na Siriahene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfuturo a wɔtiatia soɔ. Na Yehoahas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na Yehoahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria; na ne ba Yoas bɛdii n’adeɛ. Yudahene Yoas afe a ɛtɔ so aduasa nson so na Yehoahas ba Yehoas bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ dunsia. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; emu na ɔnanteeɛ. Na Yoas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛ ɔne Yudahene Amasia dii ako no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na Yoas tii n’agyanom wɔ asamando, na Yeroboam bɛtenaa n’adwa so; na wɔsiee Yoas Samaria kaa Israel ahemfo ho. Nso na Elisa yare ne yadeɛ a ɔde wuiɛ no. Na Israelhene Yoas siane baa ne nkyɛn bɛsuu n’anim, na ɔkaa sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ! Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔfa tadua ne agyan! Na ɔde tadua ne agyan brɛɛ no. Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Fa wo nsa sɔ tadua no mu. Na ɔde ne nsa sɔɔ mu; na Elisa de ne nsa guu ɔhene no nsa so. Na ɔkaa sɛ: Hini apueeɛ mpomma no! Na ɔhiniiɛ. Na Elisa se: To! Na ɔtoe. Na ɔse: AWURADE nkonimdie agyan, Siria so nkonimdie agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn. Na ɔkaa sɛ: Fa agyan no! Na ɔtasee. Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: To bɔ fam! Na ɔto bɔɔ fam mprɛnsa, na ɔgyaeɛ. Ɛnna Nyankopɔn nipa no bo fuu no kaa sɛ: Anka ɛsɛ sɛ woto no mprɛnnum anaa nsia; ɛno na anka wobɛbɔ Siria akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn; enti nso mprɛnsa pɛ na wobɛbɔ Siria. Na Elisa wui, na wɔsiee no. Na afe no baeɛ no, Moabfoɔ afomfafoɔ asafo baa asase no so. Na wɔrekɔsie onipa bi, na hwɛ, wɔhunuu asafokuo no, wɔtoo onipa no twenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, ɔnyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so. Na Siriahene Hasael haa Israel, Yehoahas nna nyinaa. Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei. Na Siriahene Hasael wuiɛ; na ne ba Ben-hadad bɛdii n’adeɛ. Na Yehoahas ba Yehoas sane kɔgyee Hasael ba Ben-hadad nsam nkuro a ɔde ɔko bɛgyee no n’agya Yehoahas nsam no; mprɛnsa na Yoas bɔɔ no, na ɔgyee Israel nkuro no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israelhene Yoahas ba Yoas afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Yoas ba Amasia bɛdii hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadin a ɔfiri Yerusalem. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso na ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛdeɛ n’agya Yoas yɛeɛ no nyinaa na ɔno nso yɛeɛ, nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so. Na ahennie no timm ne nsam no, ɔkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya ɔhene no. Na awudifoɔ no mma no deɛ, wanku wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ sɛ: Wɔnnkum agyanom mma nti a, nso wɔnkum mma agyanom nti, na mmom obiara bɔne so na wɔnkum no. Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ. Ɛberɛ no mu na Amasia somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Israelhene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn sɛ: Bra, ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ. Na Israelhene Yehoas soma maa wɔbaa Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babaa ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so. Kum deɛ woakum Edom, na w’akoma ama wo so. Ma w’animuonyam nnɔɔso mma wo na tena wo fie, na adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa? Na Amasia antie. Ɛnna Israelhene Yehoas foro baeɛ, na wɔbɛhyiaam koe, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea hɔ. Na Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim, na wɔdwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Israelhene Yoas kyeree Ahasia ba Yehoas ba Yudahene Amasia wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem bɛdwirii Yerusalem fasuo firi Efraim pono no ho de kɔsii ntwea pono no ho basafa ahanan. Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a ɔhunuu no AWURADE fie, ne ahemfie akoradeɛ mu, ne nnommum pii, na ɔsane kɔɔ Samaria. Na Yoas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ ne sɛdeɛ ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu? Na Yehoas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam bɛdii n’adeɛ. Yoas ba Yudahene Amasia tenaa ase Yehoahas ba Israelhene Yehoas wuo akyi mfirinhyia dunum. Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu. Na wɔpam ne tiri so Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis; na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis, na wɔkɔkumm no wɔ hɔ. Na wɔde no too apɔnkɔ so bae, na wɔsiee no Yerusalem kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu. Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria a wadi mfeɛ dunsia no na wɔsii no hene sii n’agya Amasia ananmu. Ɔno na ɔkyekyeree Elat na ɔdane maa Yuda, na akyire yi no ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando. Yudahene Amasia, Yoas ba, afe a ɛtɔ so dunum so na Israelhene Yeroboam, Yoas ba, bɛdii hene, Samaria, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduanan baako. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho. Ɔno na ɔkɔgyee Israel hyeɛ sane maa wɔn de firi Hamat de bɛsi Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔnam n’akoa Amitai ba Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-hefer so kaeɛ no. Na AWURADE hunuu Israel amanehunu, sɛ ɛyɛ nwono papa, na ɔdehyeɛ ne akoa nyinaa kɔ a Israel nni ɔboafoɔ biara. Nso na AWURADE nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din afiri ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn. Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛdeɛ ɔkoeɛ, ne sɛdeɛ ɔdanee Damasko ne Hamat a na ɛyɛ Yuda dea no maa Israel no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu? Na Yeroboam tii n’agyanom Israel ahemfo wɔ asamando, na ne ba Sakaria bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Yudahene Amasia ba Asaria bɛdii hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfirinhyia aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ɔfiri Yerusalem. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no nyinaa; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyie; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam wɔ sorɔnsorɔmmea no so. Na AWURADE bɔɔ ɔhene no maa no yaree kwata de kɔsii ne wuda; na ɔkɔtenaa fie foforɔ a obiara nte mu, na ɔhene ba Yotam na ɔdii efie no soɔ na ɔbuu asase no sofoɔ atɛn. Na Asaria ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu? Na Asaria tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ. Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu na Yeroboam ba Sakaria bɛdii Israel so hene Samaria. Ɔdii hene abosome nsia. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no; wamfiri Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛeɛ no ho. Na Yabes ba Salum pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Ibleam kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene. Na Sakaria ho nsɛm nkaeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu. (Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu mma bɛtena Israel adwa so no baa mu.) Yabes ba Salum bɛdii hene, Yudahene Usia afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu; na ɔdii hene bosome wɔ Samaria. Na Gadi ba Menahem firii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum wɔ Samaria kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene. Na Salum ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔpameeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu. Ɛberɛ no mu no Menahem firii Tirsa kɔkum Tifsa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, ɛfiri sɛ wɔanhini no nti, ɔkumm wɔn, na ɔpaepaee emu anyinsɛnfoɔ nyinaa mu. Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu na Gadi ba Menahem bɛdii Israel so hene mfeɛ du wɔ Samaria. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa. Asiriahene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n’ahennie no mu. Na Menahem gyegyee Israel hɔ toɔ, mmarima a wɔbɛtumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbena aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asiriahene. Ɛnna Asiriahene nsa kaeɛ no ɔsaneeɛ, na wannyina asase no so hɔ. Na Menahem ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu? Na Menahem tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Pekahia bɛdii n’adeɛ. Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ mmienu. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfie aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfoɔ mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na ɔkumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ. Na Pekahia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma mu. Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu na Remalia ba Peka bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ aduonu. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho. Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria. Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ Usia ba Yotam afe a ɛtɔ so aduonu mu. Na Peka ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu. Israelhene Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Usia ba Yotam bɛdii hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na mfirinhyia dunsia na ɔdii hene Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babaa. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ nyinaa na ɔyɛeɛ; gye sorɔnsorɔmmea na wanyiyie, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ so. Ɔno na ɔsii AWURADE fie pono a ɛkorɔn no. Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Nna no mu na AWURADE firii aseɛ somaa Siriahene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda soɔ. Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so dunson mu na Yudahene Yotam ba Ahas bɛdii hene. Ahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu, na ɔdii hene mfirinhyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE, ne Nyankopɔn, ani so sɛ n’agya Dawid. Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so, na ne ba mpo ɔde no bɔɔ afɔdeɛ sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no akyiwadeɛ a na wɔyɛ. Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase. Ɛberɛ no mu na Siriahene Resin ne Israelhene Remalia ba Peka foro baa Yerusalem bɛkoeɛ; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni ne so. Ɛberɛ no mu ara na Siriahene Resin gyee Elat sane maa Siria, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat, na Edomfoɔ baa Elat bɛtenaa hɔ de bɛsi nnɛ. Na Ahas somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Asiriahene Tiglat- pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra bɛgye me Siriahene ne Israel hene a wɔasɔre atia me yi nsam. Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no soma maa wɔde kɔmaa Asiriahene sɛ ayɛyɛdeɛ. Na Asiriahene tiee no, na Asiriahene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na ɔtuu wɔn kɔduaa Kir, na ɔkum Resin. Na Ɔhene Ahas sii mu kɔhyiaa Asiriahene Tiglat- pileser wɔ Damasko; na ɔkɔhunuu afɔrebukyia a ɛwɔ Damasko no, na Ɔhene Ahas de afɔrebukyia no nsɛsoɔ ne nsususoɔ sɛdeɛ ne yɛbea nyinaa teɛ soma maa wɔde brɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria. Na Ɔsɔfoɔ Uria sii afɔrebukyia no sɛdeɛ Ɔhene Ahas soma firii Damasko de brɛɛ no no, saa na Ɔsɔfoɔ Uria yɛ twɛnee ba a Ɔhene Ahas firi Damasko baeɛ. Na ɔhene firi Damasko baeɛ no, ɔhene bɛhunuu afɔrebukyia no, na ɔhene twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyee ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ, na ɔhwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya petee afɔrebukyia no so. Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no, ɔtwe firii asɔredan no anim, afɔrebukyia foforɔ no ne AWURADE dan no ntam de kɔsii afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam. Na Ɔhene Ahas hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria sɛ: Afɔrebukyia kɛseɛ no so na hye anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhene hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ ne asase yi sofoɔ nyinaa hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn aduane afɔdeɛ ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyeɛ afɔdeɛ mogya nyinaa ne okum afɔdeɛ nyinaa mogya pete so; na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no nsi me hɔ na makɔ so abisa. Na Ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ sɛdeɛ Ɔhene Ahas hyɛɛ no no nyinaa. Na Ɔhene Ahas twitwaa nnaka no nhyehyɛmu no, na ɔyiyii so nnwaresɛn no, na ɔyii dwaresɛn no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie a ɛwɔ aseɛ no so, na ɔde sii mmoseaa bi so. Na ɔkwan a wɔakata soɔ a wɔfa so homeda a wɔyɛɛ no efie no mu, ne ɔhene mfikyikwan no, Asiriahene nti ɔyi kɔtoo AWURADE fie. Na Ahas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu? Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yudahene Ahas afe a ɛtɔ so dummienu mu na Ela ba Hosea bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ nkron. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso na ɛnte sɛ Israel ahemfo a wɔdii n’anim no. Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no. Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu. Na Asiriahene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfeɛ mmiɛnsa. Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu. Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ, na wɔanante amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no amammerɛ ne Israel ahemfo deɛ a wɔhyehyɛeɛ no mu. Na Israelfoɔ no nam aseɛ dii nsɛm a ɛmfata, na ɛne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asie, na wɔsisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkuro nyinaa mu, ɛfiri awɛmfoɔ abantenten so kɔsi afasuo nkuro so, na wɔyeyɛɛ adum ne Asera nnua, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn ho. Na ɛhɔ na wɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii wɔn anim no, na wɔdii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo. Na wɔsonsom ahonihuhuo a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Monnni saa asɛm yi, no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa. Nanso wɔantie, na wɔsensenee wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn annie no kɔn. Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi. Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal. Na wɔmemaa wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa fefaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa adeɛ, na wɔtontɔn wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo. Enti na AWURADE faa Israel abufuo sɛɛ, na ɔyii wɔn firii n’anim, wannya obiara sɛ Yuda abusuakuo nko. Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantee Israel ahyɛdeɛ a wɔyɛeɛ no mu. Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ. Na Israel te firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel firii AWURADE akyiridie ho, maa wɔyɛɛ bɔne kɛse. Na Israelfoɔ kɔnantee Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa mu; wɔamfiri ho de kɔsii sɛ AWURADE yii Israel firii n’anim, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no. Ɛno na wɔtuu Israel firii n’asase so kɔɔ Asiria de bɛsi nnɛ. Na Asiriahene kɔfaa nnipa firii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu sii Israelfoɔ no ananmu, na wɔdii Samaria so na wɔtenaa ne nkuro mu. Na ɛbaa sɛ wɔn hɔ tena mfitiaseɛ mu no na wɔnsuro AWURADE, na AWURADE somaa agyata maa wɔbaa wɔn mu a wɔkunkumm wɔn mu binom. Na wɔkɔka kyerɛɛ Asiriahene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abɛdua Samaria nkuro mu yi, wɔnnim asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ, enti wasoma agyata ama wɔaba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, ɛsiane sɛ wɔnnim asase no so Nyankopɔn atemmudeɛ. Ɛnna Asiriahene no hyɛɛ sɛ: Momma asɔfoɔ a moatu wɔn hɔ no mu baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔ nkɔtena hɔ, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ. Na asɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii Samaria no mu baako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsuro AWURADE. Nanso amanaman no yeyɛɛ wɔn anyame, na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea adan a Samariafoɔ yeyɛeɛ no mu; ɔman biara, wɔn nkuro a wɔte mu no mu. Na Babelfoɔ no yɛɛ Sukot Benot, na Kutfoɔ no yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ no yɛɛ Asima, na Awifoɔ no yɛɛ Nibhas ne Tartak. Na Sefarwifoɔ de ogya hyehyee wɔn mma maa Adramelek ne Anamelek, Sefarwaim anyame no. Na wɔsuroo AWURADE nso, na kuro biara yii nipa yɛɛ no sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ, wɔn na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sorɔnsorɔmmea afie no mu. Wɔsuroo AWURADE deɛ, nanso wɔsonsom wɔn ara wɔn anyame, sɛ amanaman a wɔtuu wɔn firii hɔ baeɛ no amanneɛ teɛ. Ɛde bɛsi nnɛ yi ara, wɔyɛ sɛ kane nneyɛɛ no. Wɔnsuro AWURADE, nso wɔnyɛ sɛdeɛ wɔn ahyɛdeɛ, anaa wɔn atemmudeɛ, anaa mmara, anaa ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no. Wɔn na AWURADE ne wɔn pameeɛ, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro anyame foforɔ, na monnsɔre wɔn na monnsom wɔn, na mommmɔ wɔn afɔdeɛ, na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛseɛ ne basa a watene mu kɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no, ɔno na monsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔdeɛ. Na ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara ne ɛmom a ɔtwerɛ maa mo no, monni so nyɛ no mo nna nyinaa, na monnsuro anyame foforɔ. Na apam a me ne mo pameeɛ no, mommma mo werɛ mmfi, na monnsuro anyame foforɔ, na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na monsuro no, na ɔno na ɔbɛyi mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam. Nanso wɔantie, na mmom sɛ wɔn kane yɛbea teɛ no ara na wɔyɛeɛ. Sɛɛ na amanaman yi suro AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasensene no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de bɛsi nnɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Yudahene Ahas ba Hesekia bɛdii hene. Ɔbɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abi a ɔyɛ Sakaria babaa. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ nyinaa. Ɔyiyii sorɔnsorɔmmea no, na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no guiɛ, na ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose yɛeɛ no; ɛfiri sɛ saa berɛ no, na Israelfoɔ hye aduhwam ma no, na wɔfrɛ no Nehustan. AWURADE Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toeɛ, na n’akyiri no, obiara amma sɛ ɔno Yuda ahemfo nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa. Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so. Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a na ɔfiri korɔ no, ɔnya siadeɛ; na ɔtee Asiriahene so atua, na wansom no. Ɔno na ɔkunkumm Filistifoɔ kɔduruu Gasa ne ɛho asase so, de firi awɛmfoɔ abantenten so kɔsii kuro a afasuo atwa ho ahyia no so. Na ɛbaa sɛ, Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so nnan a ɛyɛ Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so nson mu no, Asiriahene Salmaneser foro baa Samaria so bɛkaa no hyɛɛ mu, na mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no wɔfae. Hesekia afe a ɛtɔ so nsia a ɛne Israelhene Hosea afe a ɛtɔ so nkron no mu na wɔfaa Samaria. Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ. Na Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu na Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfaeɛ. Na Yudahene Hesekia soma maa wɔkɔɔ Asiriahene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; sane firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ no, mɛsoa. Na Asiriahene hyɛɛ sɛ Yudahene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa. Na Hesekia de dwetɛ a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no nyinaa mae. Ɛberɛ no mu na Hesekia twitwaa AWURADE aban apono ne adum ho sika a Yudahene Hesekia de duraduraa ho no, na ɔde maa Asiriahene. Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho. Na wɔbɛfrɛɛ ɔhene. Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Ɔsɛnkaefoɔ Asaf ba Yoa firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn. Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛseɛ no, Asiria hene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi? Wosusu sɛ anosɛm nko yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ! Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ a enti wote me so atua yi? Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abuo yi so, ɛne Misraim a sɛ obi twere no a, ɛwɔ ne nsam hwire mu! Saa na Misraimhene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa. Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem yi anim na monsɔreɛ? Na afei bra na ɛne me wura Asiriahene nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpem mmienu, sɛ wobɛtumi anya nnipa atenatena wɔn so anaa. Na nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woadane me wura nkoa nketewa mu safohene baako ani? Afei, mekwatii AWURADE na mebaa ha yi sɛ merebɛsɛe ha anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no. Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Ɛne wo nkoa nka Aramaik kasa, na yɛn deɛ, yɛte, na ɛne yɛn nnka Yuda kasa a nkurɔfoɔ a wɔreboa ɔfasuo no toɔ no teɛ mu. Na Rabsake no bisaa wɔn sɛ: Wo wura ne wo nkyɛn na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi nkyɛn sɛ wɔnni wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔnnom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara? Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ na ɔde ɛnne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu kaa sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ no, Asiriahene no asɛm: Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfiri ne nsam, nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ na AWURADE bɛgye yɛn, na wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa. Monntie Hesekia, na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn, na monni mo bobe ne mo borɔdɔma no bi, na monnom mo mmura mu nsuo nkɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwoɔ asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn a, monntie. Amanaman anyame no mu bi agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn? Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame no wɔ? Wɔagye Samaria me nsam? Nsase no so anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn nsase afiri me nsam, na AWURADE bɛgye Yerusalem afiri me nsam anaa? Na ɔman no muaa wɔn ano, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛɛ sɛ: Mommmua no! Ɛnna Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu na ɔfiraa ayitoma na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie. Na ɔsomaa Eliakim a na ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn. Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nnipa nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no. Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn. Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no anim. Hwɛ, mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate nsɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano n’asase so. Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, ɛfiri sɛ na wate sɛ watu afiri Lakis. Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsane somaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn bio sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Yudahene Hesekia nie: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne soɔ no nnaadaa wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiriahene nsa. Hwɛ, wo ara woate deɛ Asiria ahemfo ayeyɛ nsase nyinaa, asɛe no pasapasa no, na wo na wɔbɛgye woɔ anaa? Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn, Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Telasar no anyame no gyee wɔn anaa? Ɛhe na Hamathene, Arpadhene, Sefarwaim kuro, Hena ne Iwahene no wɔ? Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fie, na Hesekia trɛɛ mu too AWURADE anim. Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpaeɛ sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko wone Onyankopɔn asase so ahennie nyinaa mu; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase. Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! Na tie Sanaherib nsɛm a wasoma sɛ wɔmfa mmɛsopa wo, Onyankopɔn teasefoɔ no. Ɛwom, AWURADE, Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsase, na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko ara, na wɔasɛe wɔn. Enti afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo, AWURADE, ne Onyankopɔn, wo nkutoo ara nko! Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ Asiriahene Sanaherib ho no, mate. Yei ne asɛm a AWURADE aka agu ne soɔ no: Ɔbaabunu Sion babaa no bu wo animtia yi wo ahi, Yerusalem babaa rewoso ne ti wɔ w’akyiri. Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na woama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no. W’abɔfoɔ so na wonam asopa AWURADE, na woaka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ no maforo kɔ mmepɔ atifi Lebanon mu nohoa tɔnn; na mɛtwitwa ne ntweneduro atentene ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu na makɔduru, n’atenaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne kwaeɛbirentuo mu. Me na matutu mmura manom amannɔne nsuo, na mede me nammuromu mawe Misraim nsubɔntene nyinaa. Adɛn wontee, sɛ mefiri meyɛeɛ akyɛreɛ? Na mefiri tete mmerɛ mu na mehyɛɛ no saa, na mama no aba mu, sɛ wɔnsɛe nkuro a afasuo atwa ho ahyia mma no nnanedane akurofo akuakuo, na emufoɔ no, wɔn nsa anso hwee yɛ, wɔn akoma tui na wɔn ani wui, wɔdanedanee mfofowa so ahahan ne wira mono, adan atifi wira ne ayuo a amma ne ho soɔ na ahoa. Na menim w’asetena, ne w’adifire ne wo muba no, ɛne wo dam a wobɔ no me soɔ no. Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam, na w’ahantan aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kawa bɛhyɛ wo hwenem na mede me nnareka bɛto w’ano mu, na masane wo afa ɔkwan a wonam so baeɛ no so akɔ. Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu, deɛ ɛbɛdi akyire aba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba. Na Yuda fie mu wɔn a wɔagye wɔn afiri mu a wɔaka no, wɔn ase bɛgye nhini bio, na wɔaso aba wɔ soro. Na Yerusalem na nnipa nkaeɛ bi bɛfire, na nnipa a wɔafiri mu anya nkwa nso afiri Sion bepɔ so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei. Enti sɛ AWURADE se Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre pie ntia no. Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔremma mu, AWURADE na ɔseɛ. Na mɛbɔ kuro yi ho ban na magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti! Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu. Ɛnna Asiriahene Sanaherib sii mu saneeɛ, na ɔkɔtenaa Ninewe. Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfiri hɔ dwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne ba Esarhadon bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Nna no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ. Na Amos ba, Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu na worennya nkwa. Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ. Na ɛbaa sɛ, Yesaia nnya mfirii mfimfini abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Sane kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo, hwɛ, me na mɛsa wo yadeɛ. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wobɛforo akɔ AWURADE fie. Na mede mfirinhyia dunum bɛto wo nna so, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti. Na Yesaia se: Momfa borɔdɔma a wɔabɔ no ɛtoa mmra. Na momfa ntare mpɔmpɔ no so na ɔnya nkwa. Na Hesekia bisaa Yesaia sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛsa me yadeɛ, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mɛkɔ AWURADE fie? Na Yesaia se: Yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: Sunsum no nkɔ anim ntwedeɛ du anaasɛ ɛnsane n’akyi ntwedeɛ du? Na Hesekia se: Ɛyɛ mmerɛ ma sunsum sɛ ɛsiane ntwedeɛ du, dabi, na ma sunsum no nsane n’akyi ntwedeɛ du. Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsum no sane n’akyi ntwedeɛ du, Ahas owia dɔn so ntwedeɛ a asiane dada no so. Ɛberɛ no mu no, Babelhene Baladan ba Merodak-baladan soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ. Na Hesekia tiee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradeɛ dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhwam ne ngo pa ne n’akodeɛ dan nyinaa ne deɛ wɔhunu n’akoradeɛ mu nyinaa. Biribiara nni ne fie ne deɛ ɔdi soɔ nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Nnipa yi se sɛn, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na ɛbaeɛ, wɔfiri Babel. Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahunu wɔ wo fie? Na Hesekia buaa sɛ: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu; biribiara nni m’akoradeɛ mu a mamfa mankyerɛ wɔn. Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm: Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛsi nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ. Na wo mma a wɔfiri wo mu a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafoɔ. Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ na ɛbɛwɔ hɔ me nna mu? Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ tareɛ ne suka na ɔde nsuo no baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu. Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Manase bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dummienu, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hefsibah. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ. Na ɔsane sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia sɛesɛee no na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal, na ɔyɛɛ Asera nnua sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn. Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie a AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Yerusalem na mede me din bɛto hɔ, no mu. Na ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa AWURADE fie abannwa mmienu no so. Na ɔmaa ne babarima faa ogya mu de bɔɔ afɔdeɛ, na ɔyɛɛ abayideɛ ne adebisadeɛ, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, ɔmaa bɔne a ɔyɛeɛ no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo. Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛeɛ no sii efie no mu, efie a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo no sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mayi Israel mmusuakuo nyinaa mu na mede me din bɛto daa. Nanso meremma Israel nan ntu nkyini mfiri asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na deɛ wɔnyɛ nkutoo ne sɛ wɔhwɛ yɛ sɛdeɛ mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛdeɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa teɛ. Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no. Na AWURADE nam ne nkoa adiyifoɔ no so kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo. Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo; na mɛpo m’agyapadeɛ nkaeɛ no, na mede wɔn ahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔayɛ fonam ne fomfa adeɛ ama wɔn atamfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo firi da a wɔn agyanom firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ. Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛeɛ, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani soɔ no. Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu. Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie turo a ɛne Usa turo no mu; na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ. Amon bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii hene mfeɛ mmienu Yerusalem. Na ne na din de Mesulemet a ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no, na ɔnantee ɔkwan a n’agya nantee mu no nyinaa mu, na ɔsom abosonhuhuo a n’agya someeɛ no, na ɔsɔree wɔn; na ɔgyaa AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, na wannante AWURADE kwan mu. Na Amon nkoa pam ne tiri so, na wɔkumm ɔhene no wɔ ne fie. Na asase no sofoɔ no kunkumm wɔn a wɔpamm Ɔhene Amon tiri soɔ no nyinaa, na asase no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu. Na Amon ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na wɔsiee no ne da mu, Usa turom, na ne ba Yosia bɛdii n’adeɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yosia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii hene mfeɛ aduasa baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat ba. Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wammane ankɔ nifa anaa benkum. Na Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba Ɔtwerɛfoɔ Safan maa no kɔɔ AWURADE fie sɛ: Kɔ ɔsɔfo panin Hilkia nkyɛn, na ɔmmu sika a wɔde baa AWURADE fie a ɛpono ano ahwɛfoɔ aboa ano afiri ɔman no nsam no ho nkonta mma wo, na wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsam, na wɔmfa mma AWURADE fie mu adwumayɛfoɔ no sɛ wɔnsiesie efie no mu adango no, ne nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ ne abantofoɔ no, na wɔmfa ntotɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, na wɔmfa nsiesie efie no; nanso wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu. Na Ɔsɔfo panin Hilkia ka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mahunu mmara nwoma no AWURADE fie. Na Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔkenkanee. Na Ɔtwerɛfoɔ Safan baa ɔhene nkyɛn, na ɔde mu asɛm brɛɛ ɔhene sɛ: Wo nkoa ahwie sika a wɔhunuu no efie no mu no agu hɔ, na wɔde ahyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsa. Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na Safan kenkanee no ɔhene anim. Na ɛbaa sɛ ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔhene hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mikaia ba Akbor ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ɔhene akoa Asaia sɛ: Monkɔ nkɔbisa AWURADE mma me, ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nwoma a moahunu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyeɛ a adɛre atia yɛn no yɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm no, sɛ wɔbɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no yɛn ho no. Na Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba, ntadeɛ sohwɛfoɔ Salum yere nkyɛn, (nso na ɔte Yerusalem Fa a ɛtɔ so Mmienu mu), na wɔne no kasae. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne bɛba ha ne ɛhafoɔ so, sɛdeɛ nwoma a Yuda hene akenkan no mu nsɛm nyinaa teɛ, ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa rehuru me bo, enti m’abufuhyeɛ bɛdɛre atia ha yi, na ɛrennum. Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa AWURADE no deɛ, sɛ monka nkyerɛ no nie: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsɛm a woateɛ no deɛ, ɛsiane sɛ w’akoma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee deɛ maka no, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, sɛ wɔbɛdane amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntadeɛ mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ. Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhunu ɔhaw a mede reba ha yi soɔ no nyinaa. Na wɔde asɛm no bɛsee ɔhene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano baa ne nkyɛn. Na ɔhene kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman mu no nyinaa, ɛfiri nketewa so kɔsi akɛseɛ soɔ ka ne ho. Na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa aso mu. Na ɔhene gyinaa simpie no so, na ɔyɛɛ apam wɔ AWURADE anim, sɛ ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa bɛdi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa gyinaa apam no so hyɛɛ bɔ. Na ɔhene hyɛɛ Ɔsɔfo panin Hilkia ne asɔfoɔ a wɔdi soɔ no ne apono ano hwɛfoɔ no sɛ wɔnyi nnoɔma a wɔayɛ ama Baal ne Asera no nyinaa ne ɔsoro asafo nyinaa mfiri AWURADE fie no mu. Na ɔde firii Yerusalem kɔhyee, Kidron ho mfofowa mu, na ɔde ɛho nso no kɔɔ Betel. Na ɔtutuu asɔfoɔ hunu a Yuda ahemfo sisiiɛ a wɔhyee nnuhwam Yuda nkuro mu, ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea soɔ, ne wɔn a wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia ne ɔsrane ne ɔsoro-nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa. Na ɔyii Asera no firii AWURADE fie de firii Yerusalem kɔɔ Kidron subonhwa ho, na ɔhyee no Kidron subonhwa mu, na ɔyam no sɛ mfuturo na ɔde ne mfuturo no guu nkurɔfoɔ mma adamena so. Na ɔbubuu nnwaman adan a ɛwɔ AWURADE fie, a mmaa nwonoo ntwamutam maa Asera wɔ mu no. Na ɔkɔfaa asɔfoɔ no nyinaa firii Yuda nkuro mu bae, na ɔguu sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ no hyee hɔ nnuhwam no ho fi, firi Geba kɔsii Beer-seba, na ɔdwirii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ deɛ wɔfa hyɛne Kuro no so hwɛfoɔ Yosua pono a ɛwɔ kuro pono no mu benkum soɔ no. Nanso sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no ammɔ AWURADE afɔrebukyia so afɔdeɛ Yerusalem, na wɔdii apiti no bi, wɔn nuanom mu. Na ɔguu Tofet a ɛwɔ Hinom mma bonhwa mu no ho fi, na obiara amma ne babarima anaa ne babaa amfa ogya mu amma Molek bio. Na ɔyii apɔnkɔ a Yuda ahemfo de ama owia no, AWURADE fie no ano, de kɔɔ opiani Natan-melek da a ɛwɔ akyire abannwa mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee. Na afɔrebukyia a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahemfo sisiiɛ ne afɔrebukyia a Manase sisii no AWURADE fie abannwa mmienu no soɔ no, ɔhene dwirii, na ɔyi firii hɔ, na ɔde ne mfuturo kɔguu Kidron subonhwa mu. Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛeɛ bepɔ nifa soɔ a Israelhene Salomo si maa Sidonfoɔ Astoret a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Moabfoɔ Kemos, a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Amon mma Milkom a ɛyɛ atantanneɛ no, ɔhene guu ho fi. Na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu. Bio nso afɔrebukyia a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, afɔrebukyia no nso ne sorɔnsorɔmmea no, ɔdwirii, na ɔhyee sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ maa ɛyɛɛ mfuturo, na ɔhyee Asera nnua no. Na Yosia danee ne ho na ɔhunuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so hɔ no, na ɔsoma maa wɔkɔfaa nna no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Nyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kaeɛ no teɛ. Ɛnna ɔbisaa sɛ: Nkaeɛ boɔ bɛn na ɛwɔ hɔ a mehunu yi? Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Nyankopɔn nipa a ɔfirii Yuda baeɛ, na ɔbɛkaa adeɛ a woayɛ Betel afɔrebukyia yi no damena. Na ɔse: Momma no nna hɔ, mma obiara nnhwanyan ne nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifoɔ a ɔfiri Samaria no nnompe. Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkuro mu a Israel ahemfo yeyɛeɛ sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ no Betel no ara. Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔrebukyia no so afɔdeɛ, na ɔhyehyee nnipa nnompe wɔ wɔn so na ɔsane baa Yerusalem. Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no. Na ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu Israel atɛn no berɛ so, ne Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nna nyinaa na wɔnnii Twam bi sɛ yei, gye Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu na wɔdii Twam yi maa AWURADE wɔ Yerusalem. Nanso asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ ne efie ahoni ne abosom ahoni ne akyiwadeɛ a wɔhunuu no Yuda asase soɔ ne Yerusalem no nyinaa Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma a Ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu no AWURADE fie no mu no atim. Na ne nsɛso hene bi anni n’anim a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dane baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyiri nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno. Nanso AWURADE annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ a ɛdɛre tiaa Yuda, abohuro a Manase de huruu ne boɔ no nyinaa nti no mu. Na AWURADE kaa sɛ: Mɛyi Yuda nso afiri m’anim, sɛdeɛ meyii Israel no, na mapo Yerusalem kuro a mafa yi ne efie a mekaa sɛ: Me din bɛtena hɔ, no. Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu. Ne berɛ so na Misraimhene Farao Neko tu ba bɛnee Asiriahene koeɛ Eufrate asubɔnten ho. Na Ɔhene Yosia sii mu kɔhyiaa no. Na Yosia bɛtoo no no, Asiria hene kumm no Megido. Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu firi Megido de no baa Yerusalem, na wɔsiee no ne da mu. Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu. Yehoahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara. Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so sɛ ɔnnni Yerusalem so hene, na ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ha ne sika dwetikɛseɛ baako toɔ too asase no so. Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n’agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ. Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no boɔ sɛ wɔmma sika no sɛdeɛ Farao kaeɛ no, obiara sɛdeɛ ne boɔbɔ teɛ no, ɔgyee dwetɛ ne sika no firii asase no so nkurɔfoɔ no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko. Yehoiakim bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yehoiakim berɛ so na Babelhene Nebukadnessar tu baeɛ, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfeɛ mmiɛnsa; na ɔdanee ne ho tee Nebukadnessar so atua. Na AWURADE somaa Kaldeafoɔ asafo ne Siriafoɔ asafo ne Moabfoɔ asafo ne Amon asafo baa ne so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ so kaeɛ no teɛ no. AWURADE anomu asɛm nko so na yei nam baa Yuda soɔ, sɛ ɔbɛyi wɔn afiri n’anim, Manase bɔne nti, sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ. Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na Yehoiakim tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ. Na Misraimhene amfiri n’asase so amma bio, ɛfiri sɛ na Babel hene agye deɛ ɛyɛ Misraimhene dea nyinaa afiri Misraim subonhwa ano kɔsi Eufrate asubɔnten ho. Yehoiakyin bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem babaa. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara. Ɛberɛ no mu na Babelhene Nebukadnessar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔtuaa kuro no. Na Babelhene Nebukadnessar baa kuro no so, nso na ne nkoa aka no ahyɛ mu. Ɛnna Yudahene Yehoiakyin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma, ne n’apiafoɔ. Na Babel hene faa no, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu. Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. Na ɔtuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wɔbɛtumi nyinaa kɔe, nnipa mpem du na ɔde wɔn kɔeɛ; adwumfoɔ ne atomfoɔ nyinaa ka ho, na wɔannya obiara, gye asase no so nkurɔfoɔ ahiafoɔ nko. Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n’apiafoɔ ne asase no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel, ne mmarima akofoɔ nyinaa, mpemnson, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ apem, wɔn nyinaa mmarima a wɔtumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel. Na Babel hene tuu Yehoiakyin adeɛ so, na ɔde n’agya nuabarima Matania a ɔsakyeraa ne din frɛɛ no Sedekia no sii n’anan. Sedekia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara. Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene so atua.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho pie hyiae. Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu. Bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron no, na ɛkɔm no mu ayɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfoɔ no. Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu tokuro, na ɔhene ne mmarima akofoɔ no nyinaa dwanee anadwo faa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pono mu kɔe; nso na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia; na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe. Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa firii ne ho hwetee. Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. Na wɔkunkumm Sedekia mmammarima n’anim, na wɔtutuu Sedekia ani, na wɔguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn na wɔde no kɔɔ Babel. Na bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so nson a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babelhene akoa no baa Yerusalem, na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa. Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no dwirii Yerusalem afasuo no hyiae. Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne wɔn a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn kɔe. Na asase no so ahiafoɔ no bi deɛ, ankɔbeahene no gyaa wɔn hɔ, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ. Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwɔ AWURADE fie no ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ bubui, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no kɔɔ Babel. Na nkukuo ne sesa adeɛ ne adumgya ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae. Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ. Adum mmienu no, ɛpo baako no ne nsugyeɛ nnaka a Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔankari. Adum no baako korɔn yɛ basafa dunwɔtwe, na ɛso duntire no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na duntire no korɔn yɛ basafa mmiɛnsa na ntentan ne atoaa aba nsɛsoɔ wowɔ duntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na saa na odum a ɛtɔ so mmienu no nso teɛ, ntentan no ho. Na awɛmfoɔ panin no faa Ɔsɔfoɔ panin Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ, Sefania, ne apono ano hwɛfoɔ baasa, na kuro no mu nso ɔfaa opiani baako a wɔde no sii akofoɔ no soɔ, ne ɔhene afotufoɔ mu mmarima baanum a wɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔtwerɛfoɔ, ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a wɔhunuu wɔn kuro no mu, na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene anim wɔ Ribla. Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wɔtuu Yuda firii wɔn asase soɔ. Na nkurɔfoɔ a wɔkaa Yuda asase soɔ a Babelhene Nebukadnessar maa wɔkaeɛ no, ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado. Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfoɔ no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, Netania ba Ismael ne Karea ba Yohanan ne Netofani Tanhumet ba Seraia ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima. Na Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima ntam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro Kaldeafoɔ nkoa no, montena asase yi so, na monsom Babel hene, na ɛbɛwie mo yie. Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ahemfo abusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛkum Gedalia ne Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho Mispa no nso. Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, ne dɔm so asafohene no, sɔre kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ na wɔsuro Kaldeafoɔ no. Na ɛbaa sɛ Yuda hene tukorɔ afe a ɛtɔ so aduasa nson bosome a ɛtɔ so dummienu da a ɛtɔ so aduonu nson, ɛne afe a Babelhene Ewil-merodak dii mu hene no, nam adom so yii Yudahene Yehoiakyin firii nneduadan mu, na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa so maa no kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa, na ɔmaa no yii n’afiase ntadeɛ, na ɔdidii n’anim daa ne nkwa nna nyinaa. Na nnoɔma a ɛfiri ɔhene nkyɛn a wɔde ma no no, da biara no, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho. Na ɔwoo mmammarima baason ne mmammaa baasa. Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu. Na ne mmammarima no kɔto pono wɔ ɔbaako biara fie, obiara ne ne da, na wɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ wɔn nua mmaanom baasa no baa sɛ wɔne wɔn mmɛdidi na wɔnnom. Na apontoɔ nna no fa wɔn so hyia a, Hiob soma kɔdwira wɔn, na ɔtua nhema kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔn nyinaa dodoɔ teɛ, ɛfiri sɛ Hiob kaa sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn akoma mu. Saa na na Hiob yɛ daa. Na ɛbaa sɛ da bi Ɔsoro dɔm no ba bɛgyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae. Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba. Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no soɔ, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho. Na Satan buaa AWURADE sɛ: Ɛnyɛ biribi nti na Hiob suro Onyankopɔn no anaa? Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so. Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa! Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, ɔno ara deɛ, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ. Na da bi, na Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panin fie. Na ɔbɔfoɔ bi baa Hiob nkyɛn bɛkaa sɛ: Berɛ a anantwie no refɛntɛm na mfunumu bereɛ no nso redidi wɔn nkyɛn mu, ɛnna Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no, wɔde nkrantɛ ano akukum wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɔno da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Nyankopɔn gya firi soro atɔ abɛhye nnwan ne mmeranteɛ no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɔno da so rekasa no, obi ba bɛkaa sɛ: Kaldeafoɔ abɔ kyenku mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no so, wɔakukum wɔn nkrantɛ ano, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɔno nso da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panin fie no, hwɛ, mframa kɛseɛ firi ɛserɛ so aba abɛbɔ ɛdan no ntwea nnan no, na adwiri agu wɔn so ama wɔawuwu, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo. Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn, na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din. Yei nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn soboɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi. Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso anantenanteɛ na mereba. Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa. Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde wedeɛ pere wedeɛ, na deɛ onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra. Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa! Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, ɔni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kora. Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ, na ɔde akuro bɔne kɔtutuu Hiob firi ne nan ase kɔsii n’apampam. Na ɔfaa kyɛmferɛ bi sɛ ɔde redwi ne ho na ɔtenaa nso mu. Na ne yere bisaa no sɛ: Woda so kura wo mudie no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu! Na ɔbuaa no sɛ: Sɛdeɛ mmaa agyegyentwie no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Nyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Yei nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne. Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba ne soɔ yi nyinaa no, wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wɔbɛhyiaa sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ. Na wɔfiri akyirikyiri memaa wɔn ani so, na wɔhunuu no no, wɔanhu no. Na wɔmemaa wɔn nne so sui, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔtoo mfuturo kɔɔ soro guu wɔn atifi. Na wɔne no tenatenaa fam nnanson adekyeeɛ ne adesaeɛ, na obiara ne no ankasa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ n’amanehunu no so pa ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Yei akyiri no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda. Na Hiob kaa sɛ: Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera, ne anadwo a ɛse: Wɔanyinsɛn ɔbabanin no. Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfiri soro mmmisa akyiri kwan, na hann biara nnhyerɛn so. Esum ne sunsum nnye no, mununkum ntena so, deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nyi no hu. Anadwo no, esum kabii nkuta no, wɔmmma no nnnya anigyeɛ biara afe nna no mu, wɔmmma no mmma abosome dodoɔ no mu. Hwɛ, anadwo no nyɛ kwawee, ahurisie dwom biara mma mu. Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua, wɔn a wɔtumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn mpo no. N’ahemadakye nsoromma bɛduru sum, ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma, na ɛrenhunu adekyeeɛ anisuatɛtɛ. Ɛfiri sɛ anto m’awoɔ apono mu, na anyi ɔhaw anhunta m’ani. Adɛn nti na manwu yafunu mu, na mannyaa mu, awoeɛ? Adɛn nti na anankoroma sɔɔ me, na adɛn nti na metoo nufoɔ menumiiɛ? Anka sɛsɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno deɛ anka manya ahomegyeɛ, me ne ahemfo ne asase so afotufoɔ a wɔkyekyeree amamfo faeɛ no, anaasɛ me ne mmapɔmma a wɔwɔ sika, wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛɛ wɔn afie amaama no. Anaasɛ menni hɔ sɛ ɛpɔn ba a wɔakora no, anaa nkɔkoaa a wɔanhunu hann da. Ɛhɔ na abɔnefoɔ nha obiara bio, na abrɛfoɔ gye wɔn ahome. Ɛhɔ ara na nneduafoɔ te dwoodwoo, wɔnte apiafoɔ nne. Ɛhɔ na onipa ketewa ne onipa kɛseɛ wɔ, na akoa afiri ne wura nsa. Adɛn nti na ɔma mmɔborɔni hann, na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra werɛ ahoɔ, wɔn a wɔtwɛn owuo, na ɛmma, na wɔbɔre hwehwɛ no sene akoradeɛ, wɔn a wɔn ani gye mmorosoɔ, na wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ anka wɔbɛnya damena, ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahunta, na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia? Na m’apinisie abɛsi m’aduane ananmu, na mesu gu sɛ nsuo. Na deɛ mesuro no, ɛno ara na ɛto me, na deɛ m’akoma tutu ho no, ɛba me so. Mennya ahodwoɔ ne kommyɛ ne ɔhome, na ahodwan ara na ɛba.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Temanni Elifas bua see sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahomete anaa? Nanso mpo twa ara na ɛtwa sɛ ɔka? Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree, na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den; wo nsɛm ama deɛ ɔrebɛhwe ase agyina, na nankoroma a ahodwo no, wɔahyɛ no den. Na afei ɛtoo woɔ yi, woagyigya, ɛkaa woɔ yi, woabɔ nnyinnyen. Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ, na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa? Kae ɛ, hwan na ɔnyɛɛ bɔne biara na wɔasɛe no pɛn, anaa ɛhe na wɔatwa ateneneefoɔ atwene pɛn? Manya nhunui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumuyɛ na wɔgu mmusuo no, ɛno ara na wɔtwa. Nyankopɔn home sɛe wɔn, na wɔhye, n’abufuo mframa ano. Wote sɛ gyata mmobɔmu ne ɔsebɔ nne a ɛgyae, na gyataburuwa sebɔmmɔfoɔ tutu no. Ɛno na hanam bɛbɔ ɛserɛ-mu-sɛe ama no awu, na gyatabereɛ mma abɔ pete. Na me deɛ, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn, na m’aso tee ɛho asomusɛm bi. Ɔdadwene a ɛfiri anadwo adehunu mu mu, berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ no, ehu ne ahopopoɔ kaa me, na ɛmaa me nnompe nyinaa wosoe. Na honhom bi twaa mu faa m’ani so, me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae, ɛgyinae, nanso manhunu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi sɛ: Ɔdasani tene sene Onyankopɔn, anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ? Hwɛ, ne nkoa mpo, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfoɔ no, ɔbu wɔn sɛ wɔtɔ mu; na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu, na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu, na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa. Ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ na wɔaposa wɔn; wɔyera korakora a obi nnwene ho. Sɛ wɔtete wɔn ho ntomadan homa a, ɛnyɛ wuo na wɔwuo a wɔanhunu nyansa biara?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Frɛ ɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛbua woɔ? Na akronkronfoɔ mu hwan na wode bɛdan no? Na ahisɛm kum agyimifoɔ, na ninkuntwe kum atetekwaa. Me deɛ, mahunu ogyimifoɔ a ɔgyee nhini, nanso amonom hɔ ara na medomee ne tenabea; ne mma ne nkwagyeɛ ntam twe, na wɔpɛkyɛ wɔn wɔ kuro pono mu a ɔgyefoɔ nni hɔ. Wɔn a wɔdi kɔm bɛdi ne nnɔbaeɛ, na nsɔeɛ mu mpo na wɔbɛfa, na adufudepɛfoɔ amene wɔn adedodoɔ. Ɛfiri sɛ mmusuo mfifiri mfiri mfuturo mu, na ɔhaw nso mfu mfiri fam. Na wɔwoo onipa maa ɔhaw, sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no. Na me a, anka mɛhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, na mede m’asɛm mahyɛ ne nsa, deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu, anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan. Deɛ ɔma osuo tɔ asase soɔ, na ɔma nsuo ba wira mu, ɔde ahobrɛasefoɔ tena deɛ ɛkorɔn, na ɔma abooboodifoɔ so kɔ yiedie mu. Ɔsɛe anitefoɔ atirimpɔ, na wɔn nsa antumi anyɛ adepa biara. Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu, na ɔbutu akontonkyifoɔ agyina. Wɔtɔ sum mu awia, na awia ketee wɔkeka sɛ anadwo. Na ɔgye ohiani firi afena a ɛfiri wɔn anomu no ano, ne ɔhoɔdenfoɔ nsam. Na mmɔborɔni nya anidasoɔ, na amumuyɛ mua n’ano. Hwɛ, nhyira ne ɔdasani a Onyankopɔn ka n’anim, enti, mpo Otumfoɔ atenetene no. Na ɔno na ɔpira, na ɔkyekyere soɔ, ɔpɛkyɛ, na ne nsa nso sa. Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu, aane, na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo. Ɛkɔm berɛ ɔbɛgye wo afiri owuo mu, na akodie mu nso wagye wo afiri afena ano. Ɔbɛkora wo afiri tɛkyerɛma mpire ano, na wɔrensuro sɛeɛ a ɛbɛba. Wobɛsere sɛeɛ ne ɛkɔm, na asase so mmoadoma nso, worensuro wɔn. Ɛfiri sɛ wo ne wiram aboɔ mpo bɛyɛ apam, na wiram mmoadoma bɛdwo ama wo. Na wobɛhunu sɛ wo ntomadan si hɔ dwoodwoo, na wohwɛ wo tenabea a, worenhunu sɛ atɔ mu. Na wobɛhunu nso sɛ w’asefoɔ bɛdɔɔso pii, na wɔn a wɔfiri wo mu bɛyɛ sɛ asase so nhahan, wode onyinkyerɛ na ɛbɛkɔ damena mu, sɛ wɔde ayuo afiafi ba mu ne berɛ mu no. Hwɛ, yei na yɛahwehwɛ ahunu, sɛ ɛteɛ nie; tie, na wo nso, hunu fa!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: O, sɛ anka wɔrekari m’awerɛhoɔ, na wɔde me yea nso agu nsania mu susu ɛ! Ɛno deɛ anka ɛbɛsene mpoano anwea duru, enti na me nsɛm ayɛ hatuhatu yi, na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me honhom renom emu borɔ, Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua. Ɔtorɔmo nya ɛserɛ mono a, ɔteateam? Anaa ɔnantwie su n’aduane ho? Wɔdi aduane hunu a nkyene nni mu? Ɛdɛ bi wɔ kosua mu fufuo mu? Adeɛ a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no, ɛno ara na ayɛ me aduane a ɛyɛ me nwunu. O, sɛ anka merenya m’abisadeɛ, na Onyankopɔn ama me m’anigyinadeɛ no ɛ! Sɛ Onyankopɔn pene na ɔpɛkyɛ me, na ɔgya ne nsa kwan na ɛtwa me ɛ! Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekyerɛ ara na madi ahurisie, ɛyea a ɛnni adɔna me soɔ no mu, ɛfiri sɛ mensane Ɔkronkronni no nsɛm no! M’ahoɔden ne deɛn, sɛ mede bɛtɔ me bo aseɛ, na m’awieeɛ ne deɛn, sɛ me kra bɛkyɛre ho? M’ahoɔden yɛ aboɔ ahoɔden, me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ? Ɛnyɛ mmoa bi na ɛnni me mu, na wɔatu ahoɔden afiri me ho? Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ; anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro. Me nuanom twa nkontompo sɛ asusɔsuwa, sɛ subonhwa a emu nsuwansuwa resene korɔ. Nsukyeneeɛ nti ani fono, sukyerɛmma hyɛne mu hunta. Sɛ hyehyeɛ ka no a, ɛtwitwa, ahuhuro mu ɛyera firi n’afa. N’akwantemfoɔ no kwan kontonkonton, ɛdane huruhuro kɔ soro na ɛyera. Tema akwantemfoɔ asafo no hwɛe, Seba anantefoɔ ani daa so, wɔn ani wuu sɛ wɔde wɔn ani too soɔ, wɔkɔduruu ho, na wɔn anim guu ase. Na afei saa ara na mo nso moteɛ, moahunu m’amanehunu yi, moannya tema biara amma me. Maka sɛ mommrɛ me biribi, na me nti momfa mo adeɛ bi nkyɛ, na monyi me ɔhohiahiafoɔ nsam, na monnye me mfiri nhyɛsofoɔ nsam anaa? Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm, na deɛ mafom wɔ mu no, momma menhunu. Sɛdeɛ atɛntenenee si yɛ den fa! Na mo atɛnyie yi deɛ, animka bɛn na ɛwɔ mu? Nsɛm ho animka na modwene? Ɔwerɛhoni deɛ, ne nsɛm yɛ mframa. Awisiaa so mpo moretwe ntonto, na mo yɔnko tiri nso moredi ano. Na afei mompɛ ani pa nhwɛ me, na merenni torɔ mo anim ha. Mompɛ mu bio ɛ, na mommmu ntɛnkyea; na monsane mpɛ mu, na m’asɛm wom ara. Deɛ ɛntene bi wɔ me tɛkyerɛma so, anaasɛ me dodom nhunu abusudeɛ?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna? Sɛ akoa pere onwunu ho ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no, saa ara na wɔama madi abosome hunu, na wɔabu ɔhaw anadwo ama me. Sɛ mekɔda a, meka sɛ: Da bɛn na mɛsɔreɛ na anadwo atwam akorɔ? Ɔdafatwa fono me kɔsi ahemadakye. Me honam fira mmoaa ne dɔteɛ abon, me wedeɛ ayɛ twann, na ɛrefiri nsuo. Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ. Kae sɛ me nkwa yɛ mframa, m’ani rensane nhunu papa. Deɛ ɔhu me anisoɔ renhu me bio, w’ani tua me, nso na menni hɔ. Sɛdeɛ mununkum sa na ɛkorɔ no, saa ara na deɛ ɔsiane kɔ Asamando no remforo mma bio. Ɔrensane mma ne fie bio, na ne tenabea renhu no bio. Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohiahia mu, mɛsi apini m’awerɛhoɔ mu. Meyɛ ɛpo anaa asuo mu bɔpɔn, na ɛma wode awɛmfoɔ sisi me ho yi? Sɛ mese: Me mpa bɛkyekyere me werɛ, na me daberɛ bɛdwodwo m’apinisie no a, ɛnneɛ wode daeɛso hyɛ me yea, na anisoadehunu mu na woma mebɔ binim. Na ɛma me kra yi menebɔ ne owuo mmom sene me nnompe yi. Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro. Ɔdasani ne hwan a wobu no ɔkɛseɛ, na wodwene ne ho? Na wohwɛ no daa anɔpa, na wotaa sɔ no hwɛ ara? Worenyi w’ani mfiri me so de rekɔsi da bɛn? Wonnya me kwan na memmene me ntasuo mpo? Mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, nnipa hwɛfoɔ, adɛn na wode me ayɛ w’adeɛ a wo ne no anya na madane adesoa ama me ho yi? Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ: Ɛnkɔsi berɛ bɛn na wobɛka yeinom, na w’anomu nsɛm bɛyɛ sɛ mframa denden yi? Onyankopɔn bɛkyea atemmuo anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee? Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a, wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam. Sɛ wo ara wohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, na wokoto srɛ Otumfoɔ no, sɛ wo ho te na wotene a, ampa ara ɔbɛkanyan ne ho ama wo, na wama wo tenenee tenabea no adi yie. Na sɛ mpo wo mfitiaseɛ yɛ ketewa a, w’awieeɛ bɛso kokuroo. Mesrɛ wo, bisa awoɔ ntoatoasoɔ ɛ, na ma w’akoma mmra deɛ wɔn agyanom ahwehwɛ ahunu no so. Na yɛn deɛ, nnora nko ara na yɛfiri hɔnom, na yɛnnim hwee, ɛfiri sɛ yɛn nna te sɛ sunsum asase so. Ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ woɔ anaa, na wɔayiyi nsɛm afiri wɔn akoma mu? Nkyɛkyerɛ fifiri deɛ ɔwora nnie, anaasɛ mmɛwa bɛma ne ho so deɛ nsuo nnie? Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wɔntwaeɛ no, ɛdi wura nyinaa anim kusa. Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ, na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera, ɛfiri sɛ wɔtwa deɛ ɔde ne ho to soɔ, na n’anidasoɔ yɛ ananse ntentan. Ɔtwere ne dan, na ɛrennyina, ɔkura mu, nso ɛrentena hɔ. Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano, na ne mman yiyi kata ne turo so, ne nhini mantammantam aboɔkuo ho, ɔhyɛne aboɔ ntam. Sɛ wɔsɛe no firi ne tenabea a, ɛpa no ka sɛ: Menhunuu wo da. Hwɛ, sɛdeɛ ne kwan ho ahosɛpɛ teɛ ne no, na mfuturo no mu na afoforɔ fifire. Hwɛ, Onyankopɔn mpo deɛ ɔdi mu, na abɔnefoɔ nso, ɔnsɔ wɔn nsa. Ɔde sereɛ bɛhyɛ w’anomu ma, na wama ahurisie nne afa w’anofafa mu. W’atamfo bɛfira aniwuo, na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: Ampa ara, menim sɛ ɛte saa, na ɔdasani bɛtene wɔ Nyankopɔn anim sɛn? Sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no yiyi ano a, ɔntumi mmua no apem mu baako mpo. Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no, hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie? Ɔtutu mmepɔ mpatuo mu, ɔbutu no n’abufuo mu. Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ, na ne nnyinasoɔ popo. Ɔhyɛ owia, na ɛmpue; na ɔsosɔ nsoromma ano. Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so; ɔyɛ Nsorommason, Nwenwenente ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne anafoɔ fam mpiakyire. Ɔyɛ ade akɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu ne anwanwadeɛ a wɔntumi nkan. Hwɛ, ɔnam me ho, nso menhu no, ɔsene, nso menhu no. Hwɛ, ɔhwim kɔ, hwan na ɔbɛsane no? Hwan na ɔbɛbisa no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi? Onyankopɔn rensianka n’abufuo, Rahab aboafoɔ brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase. Na nkantom sɛ me na mɛbua no, anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu, na me ne no ayiyie. Ɔno na sɛ metene mpo a, meremmua no, mɛkoto no sɛ me temmufoɔ. Sɛ mefrɛ na ɔgye me so a, merennye menni sɛ wayɛ aso ama me nne. Ɔno a ɔde ahum posa me, na ɔma m’akuro dɔɔso kwa no, ɔmmma mennya ahomegyeɛ, na ɔde awerɛhoɔ hyɛ me ma tɔ. Sɛ wɔdi no ɔhoɔdenfoɔ tumi so a, anka: Ɔnnie! Na sɛ atemmuo nso a, anka: Hwan na ɔbɛsane no? Sɛ metene mpo a, anka m’ano bɛbu me fɔ, na medi mu mpo a, ɔbɛma makyea. Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho; me nkwa afono me. Ne nyinaa yɛ bafua; enti na mese: Deɛ ɔdi mu ne ɔbɔnefoɔ nyinaa na ɔsɛe wɔn. Sɛ atoyerɛnkyɛm kum obi mpofirim a, ɔseresere wɔn a wɔdi bem amaneɛ. Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa, ɔkata n’atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan a? Na me nna ho yɛ hare sene mmirikatuni; ɛdwane kɔ, ɛnhunu adepa biara. Ɛsene kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn, sɛ ɔkɔdeɛ a ɔsi aduane soɔ. Sɛ mese: Me werɛ bɛfiri m’apinisie, mɛgyae mosooyɛ na mate m’anim a, me yea nyinaa yɛ me hu, ɛfiri sɛ mehunu sɛ woremmu me bem. Na sɛ wɔbɛbu me fɔ a, adɛn nti na memmrɛ nguo? Sɛ medware sukyerɛmma nsuo na mede dɔw mehohoro me nsa a, ɛno nso wode me bɛto amena mu, na me ho ayɛ me ntadeɛ mpo nwunu. Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no, na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro. Nso ntamgyinafoɔ bi nni yɛn ntam a ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu soɔ. Ma no nyi n’abaa mfiri me so, na ne ho hu ankuta me. Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no, nanso mentumi nyɛ saa wɔ me ara m’afam.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu. Mɛse Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma menhunu adekodeɛ a enti wo ne me ham yi. Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ? Wowɔ honam aniwa anaasɛ wohunu adeɛ sɛ ɔdasani hu no? Wo nna te sɛ ɔdasani nna anaa wo mfeɛ te sɛ onipa nna anaa? Sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ akyiri kwan na wodi me bɔne akyire? Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ, na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam. Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛyɛɛ me, me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi. Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ, na wobɛma madane mfuturo bio anaa? Anaa woanhwie me angu sɛ nufosuo na womaa mepii sɛ nufosuo a akyenkyen ɛtoa? Wode wedeɛ ne nam na ɛhyɛɛ me, na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu. Nkwa ne adɔeɛ na wode ayɛ me, na wo hwɛ nso wɛn me honhom. Na yeinom na wode siee w’akomam; na mahunu sɛ yei na wowɔ tia me. Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me, na woremmu me bem me mfomsoɔ ho. Sɛ medi abɔnefosɛm a, mennue, na sɛ metene nso a, meremma me tiri so; ɛfiri sɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu. Na sɛ mema me ho so a, wobɛti me sɛ gyata na woasane ne me adi anwanwasɛm. Na wode w’adansefoɔ afoforɔ ara abɛgyina m’anim, na woama w’abufuo adɔɔso me so, na ɛdɔm a ɛto dɔm agu me so. Adɛn nti na woyii me firii yafunu mu? Anka menya megyaa mu na ani biara anhu me ɛ! Sɛ menya meyɛɛ sɛ adeɛ a ɛnni hɔ ɛ! Mefirii yafunu mu no, ɛnna anka wɔkɔgyaa me ɛda mu ɛ! Me nna nyɛ kakraa bi? Ma no nnyaa me, ɔnyi n’ani mfiri me so, na me ho nsane me kakra, ansa na makɔ deɛ merensane memma, na makɔ sum ne sunsum asase so, esum kabii a ɛte sɛ ɔdasuom tumm asase, sunsum ne sakasaka asase a hann te sɛ ɔdasuom tumm no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ: Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi, anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa? Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano anaa? Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa? Na woaka sɛ: Me nkyerɛkyerɛ yɛ gyenegyene, na me ho te wɔ Onyankopɔn anim. O, anka ma Onyankopɔn nkasa na ɔmmue n’ano nkyerɛ wo; na ɔnka wo nyansa ahuntasɛm, sɛ emu dɔ yie, na hunu sɛ Onyankopɔn yi n’ani firi w’amumuyɛ no bi so. Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa? Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim? Ne nsusuiɛ ware sene asase, na ɛtrɛ sene ɛpo. Sɛ ɔtwam ba na ɔde nnipa gu nnua mu na ɔhyia asennie a, ɛnneɛ hwan na ɔbɛsianka no? Na ɔno na ɔnim nnipa ahuhufoɔ, na ɔhunu abusudeɛ, nanso ɔmmu. Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a, na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa. Sɛ wo deɛ, wosiesie w’akoma, na wotrɛ wo nsam kyerɛ no a, sɛ amumuyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri, na mma abusudeɛ nntena wo ntomadan mu. Ɛno na wobɛma w’ani so a wonni dɛm, na wobɛtim pintinn a worensuro. Na wo werɛ bɛfiri wo haw, wobɛkae no sɛ nsuo a asene. Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee, esum bɛdane sɛ adekyeeɛ. Na wobɛnya abotɔyam sɛ anidasoɔ wɔ hɔ, na wobɛhwɛ wo ho ahyia na woada dwoodwoo. Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu, na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ adom. Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi na dwanekɔbea abɔ wɔn, na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: Yoo! Mone ɔman no nne, na mowu a, nyansa bɛwu. Me nso, mewɔ nteaseɛ sɛ mo ara, me deɛ, mentɔ mu mo anim. Na hwan na ɔnnim nnoɔma a ɛte sɛɛ yi? Deɛ ne yɔnko sere no ne me, deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ, wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no. Deɛ ɔte hɔ dwoodwoo no tirim deɛ, animtiabuo na ɛfata amanehunu, ɛne deɛ wasiesie ama wɔn a wɔn nan watirie. Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm, wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no. Na yei deɛ, bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka nkyerɛ wo. Anaasɛ bisa asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo, na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo. Hwan na ɔrenhunu yei nyinaa mu sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ yeinom? Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom. Ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduane hwɛ? Nkɔkoraayɛ mu na nyansa wɔ, na onyinkyerɛ ma nhunumu. Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninneɛ wɔ, ɔno na afotuo ne nhunumu wɔ no. Hwɛ, ɔdwiri, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue. Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we, nanso ɔgyaa mu ma no butu asase. Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ, deɛ wɔdaadaa no ne ɔdaadaafoɔ nyinaa yɛ ne dea. Ɔpa apamfoɔ ho de wɔn kɔ, na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ; ɔsane ahemfo nkyehoma, na ɔde nhoma kyekyere wɔn asene. Ɔpa asɔfoɔ ho de wɔn kɔ, na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam; ɔma anotefoɔ gyae kasa na ɔgye mpanimfoɔ nimdeɛ; ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so, na ɔhodwo nnɔmmarima abɔsoɔ mu. Ɔyi adeɛ kuronkuron adi firi sum mu; na ɔde sum kabii firi ba hann mu; ɔma aman dɔɔso, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ amanaman mu, na ɔtu wɔn kɔ, ɔgye asase so aman mu atitire akoma. Na ɔma wɔkyini asasesofoɔ a ɔkwan nni hɔ so. Wɔkeka sum a hann nni hɔ mu, na ɔma wɔkyini sɛ nsaboni.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ; deɛ monim no, me nso menim. Mentɔ mu wɔ mo mu. Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano. Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa, ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa. Sɛ momua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ mo nyansa. Montie me nkurobɔ, na monyɛ aso mma m’anoyie. Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no anaa? Mobɛgye ne ti, anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn? Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani? Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoa mu a, ɔbɛka mo anim ampa. Ne kɛseyɛ rentu mo akoma, na ne ho hu mma mo so? Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm, mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie. Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa, na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra. Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano, na memfa me kra mento me nsam? Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara; mede me nsɛm bɛto n’anim. Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim. Montie, montie deɛ mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu. Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ, menim sɛ me na mɛdi bem. Hwan ne deɛ ɔne me bɛham? Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu. Ao! AWURADE, sɛ woreyɛ adeɛ mmienu yi pɛ ama me a, ɛno na meremfa me ho menhunta mfiri w’anim: Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu nnkuta me; ɛno na frɛ me, na me nso mɛgye so, anaasɛ mɛkasa, na woabua me. Me bɔne ne me mfomsoɔ yɛ ahe ara? Ma menhunu me mmarato ne me bɔne. Adɛn nti na wode w’ani hunta, na wobu me wo tamfo? Wobɛyi ahahan a mframa de rekorɔ ahi, na wobɛti nkraadua a adwan? Na wotwerɛɛ me ho nsɛm yaya, na woma medi me mmeranteberɛ mu bɔne so adeɛ. Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wotwa m’anammɔn ho hyeɛ. Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ, sɛ ntoma a nweweboaa redie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma. Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa. Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔnnyina. Na yei so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmuo mu w’anim? Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ. Sɛ wɔahyɛ me nna ato hɔ, na n’abosome dodoɔ wɔ wo tirim, na woatwa hyeɛ a ɔrensiane ho ama no a, ɛnneɛ yi w’ani firi ne so na ɔnhome nkɔsi sɛ ɔbɛwie ne da sɛ ɔpaani. Na dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no, sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ, na ne nnubaa remmɔ no: Sɛ ne nhini kyenkyen ɛfam, na ne dunsini wu dɔteɛ mu a, nsuo hwa nti ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ. Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he? Na sɛdeɛ nsuo firi ɔtadeɛ mu na ɛdɔ mpumpunadeɛ, na asuo nso mem na ɛweɛ no, saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔreɛ. Ɔsoro nnya ntwaa mu yi, wɔrennyane, na wɔrempusu wɔn mfiri wɔn nna mu. O, sɛ wode me resie Asamando ɛ, sɛ wode me rehunta akɔsi sɛ w’abufuo bɛsane akorɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodie nna nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me nsakyera bɛba. Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma no. Nanso afei deɛ, wokan m’anammɔn, na wonyi w’ani mfiri me bɔne so. Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotokuo mu, na woakyekyere me bɔne ano. Ampa ara bepɔ mpo hwe ase yera, na ɔbotan nso twe firi n’afa. Na sɛdeɛ aboɔ nso, nsuo hono no, na ne yire pra fam dɔteɛ kɔ, saa ara na ɔdasani anidasoɔ nso woma no yera. Wotintim ne so ma no twam kɔ, wosakyera n’anim na wosum no kɔ. Ne mma nya animuonyam mpo a, ɔnnim, wɔbrɛ wɔn ase nso a, ɔnhunu mma wɔn. Ɔno ara ne honam yea nko na ɔteɛ, na ne kra di ɔno ara ne ho abooboo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ: Onyansafoɔ de nimdeɛ huuhuu bɛbua, na ɔde apueeɛ mframa ahyɛ n’afuru ma anaa? Ɔde nsɛm a ɛmfra bɛyi atɛn ne nsɛnkeka a mfasoɔ nni mu anaa? Nso woto nyamesuro twene, na wosi Nyankopɔn anim nsusuiɛ ho kwan. Na w’ano nsɛm kyerɛ wo bɔne, na woafa aniteɛ tɛkyerɛma. Wo ara w’ano na ɛbu wo fɔ, na ɛnyɛ me, aane, wo ara ankasa w’ano na ɛdi adanseɛ tia woɔ. Wone deɛ ɔdi kan a wɔwoo no onipa, na wɔnyinsɛn wo ansa na wɔreyɛ nkokoɔ? Wokɔtiee Nyankopɔn agyinatuo, na woasi nyansa ano afa? Ɛdeɛn na wonim a yɛnnim, na wohunu mu a ɛnni yɛn nkyɛn? Hwɛ, wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn mu, deɛ ɔsene w’agya panin mpo. Nyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne n’asɛm a wɔne woka no brɛɛ no sua w’ani so anaa? Adɛn na w’akoma twe wo korɔ, na adɛn na w’ani pa anyinam, na wodane wo honhom tia Onyankopɔn na woma nsɛnkeka firi w’anomu? Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene? Hwɛ, n’akronkronfoɔ so mpo ɔmfa ne ho nto, na ɔsoro ho nso nte n’ani so: Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ, onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo! Mɛkyerɛ wo, na tie me; na deɛ mahunu yi, mɛka akyerɛ wo. Deɛ anyansafoɔ aka akyerɛ na wɔansi so firi wɔn agyanom berɛ soɔ; wɔn nko na wɔde asase no maa wɔn, na ɔhɔhoɔ biara antwam wɔn mu. Ɔbɔnefoɔ ho yera no, ne nna nyinaa, na wɔde mfeɛ a wɔakan asie otirimuɔdenfoɔ. Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ. Ɔnnye nni sɛ ɔbɛsane afiri sum mu, na wɔayi no ama afena. Ɔkyini hwehwɛ aduane, ka sɛ: Ɛhe na ɛwɔ? Ɔnim sɛ esum da abɛn no. Ahohiahia ne ahokyere yi no hu, ɛtintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu. Ɛfiri sɛ watene ne nsa atia Onyankopɔn, na wate Otumfoɔ so atua. Ɔde kɔn a asene ato aba ne so, ne n’akyɛm akyi apɔapɔ a emu yɛ duro no; ɛfiri sɛ wama ne sradeɛ akata n’anim, na wama ne mfe mu adɔre sradeɛ, na wakɔtena nkuro a aguo so, afie a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituo mu: Ɔrennya ne ho, na n’adedodoɔ nso rennyina, na ne nnɔbaeɛ renkonkom mma fam; Ɔremfiri sum mu mfi, ogyaframa bɛma ne nnuaban adwan, na n’anomu mframa bɛpra ne nhyerɛne akɔ; mma no mmfa ne ho nnto ahuhudeɛ so nnnaadaa ne ho, na ahuhudeɛ ara na ɛbɛyɛ n’akatua. Ne da nnya nnuruiɛ no na akatua no bɛba, na ne duban renyɛ frɔmfrɔm; ɔbɛpore n’asia abunu sɛ obobe deɛ, na wawoso ne nhyerɛne agu sɛ ngodua deɛ; na abɔnefoɔ fekuo bɛyɛ abonini, na ogya bɛhye adanmudegyeɛ ntomadan. Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo, na wɔn yafunu siesie nnaadaa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree; mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ. Nsɛnhuuhuu yi awieeɛ nie? Anaasɛ ɛdeɛn na ɛhwanyan wo ma wobua? Sɛ mowɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawoso me ti magu mo so; aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto. Sɛ mekasa a, me yea no mmoto, na sɛ megyae nso a, ɛdeɛn na ɛfiri me ho korɔ? Na afei deɛ, Onyankopɔn ahodwo me; woama me ho nnipa nyinaa agu; woapompono me ama no adane adanseɛ, na me fɔn asɔre atia me atoto m’ano wɔ m’anim. Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me; ɔtwɛre ne se gu me so. M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me. Wɔhaahaa wɔn anomu tia me, wɔde ahohorabɔ bobɔ m’aso mu, wɔn nyinaa boaboa wɔn ano tia me. Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufoɔ nsa, na wasum me ato abɔnefoɔ nsam. Anka medi yie, na ɔbubuu me. Ɔsɔɔ me kɔn na ɔbubuu me pasaa, na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botaeɛ; n’agyan dii me so ntwaguo, ɔpaee me sawa mu, na wannodo ho, ɔhwiee me bɔnwoma guu fam; Ɔbubuu me mprɛ bebree, ɔto baa me so sɛ ɔdɔmmanin. Mepam ayitoma mekataa me wedeɛ so, na mede m’ahoɔden too mfuturo mu. Esu nti m’ani abere kɔkɔkɔkɔ, na owuo sunsum da m’anisuatɛtɛ so. Nanso amim biara nni me nsam, na me mpaebɔ ho te. O! Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnnya homebea! Seesei mpo, hwɛ, ɔsoro na me danseni wɔ, na me dimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn. Me nnamfo mpo di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’ani porepore nisuo ma no. Sɛ ɔnni mma onipa wɔ Nyankopɔn anim, sɛdeɛ onipa ba di ma ne yɔnko no. Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu na makɔ kwan a merensane memma.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
M’ahome asa, me nna ahi, damena na ɛwɔ hɔ ma me. Ampa ara ahiyifoɔ na wɔne me wɔ hɔ, na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ. Si awowa ɛ, di me agyinamu wo ara w’anim. Hwan na ɔbɛgyina m’akyire? Na wode nimdeɛ ahunta wɔn akoma, enti woremma wɔn so. Deɛ ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bie no, ne mma bɛhwere saa kyɛfa no. Na ɔde me ayɛ aman akasabebuo, na wɔahinam m’ani so ntasuo. M’awerɛhoɔ nti m’ani so asi, na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsum. Teefoɔ ho dwiri wɔn yei ho, na deɛ ɔdi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani. Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden. Na mo nyinaa, monsane mmra ɛ! Nanso merenhunu mo mu nyansafoɔ biara. Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimpɔ mu, m’akoma adeɛ a ɛpɛ no mu. Wɔde anadwo yɛ awia; wɔse: Hann bɛn deɛ esum wɔ. Sɛ mede Asamando yɛ me fie, na meto me mpa esum mu, na mese Amena sɛ: M’agya ne wo, ne mmoaa sɛ: Me na ne me nuabaa ne mo, a, na afei, ɛhe na m’anidasoɔ wɔ? Na deɛ m’ani da soɔ no, hwan na ɔbɛhunu? Ɛbɛsiane akɔ Asamando adaban mu berɛ a yɛn nyinaa home wɔ mfuturo mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ: Mobɛkɔ nsɛnkeka so akɔsi da bɛn? Monnwene ho, na ɛno akyiri no, yɛakasa. Adɛn na wɔbu yɛn sɛ anantwie, na yɛyɛ mo ani so sɛ tibɔnkɔso anaa? Wo a wotete wo ho w’abufuo mu. Wo nti na wɔbɛgya asase, na wɔatu ɔbotan afiri ne sibea anaa? Nanso ɔbɔnefoɔ kanea bɛdum, na ne gyaframa renhyerɛn. Hann bɛduru sum, ne ntomadan mu, na ne kanea adum wɔ ne so; n’ahoɔden anammɔn ano bɛmoa, na n’agyinatuo ahwe no ase. Na ɔno ara ne nan bɛka no ato atena mu, na wanante mfidie so. Nsɛmma bɛsɔ ne nantin, na nkyehoma akyekyere no. Wɔde kantankoraa bɛhunta fam ama no, na wɔasum no fidie ɔkwan so. Ehu bɛkuta no mmaa nyinaa ahyia, na ati no n’anammɔn mu. Ɛkɔm bɛsɛe n’ahoɔden, na mmusuo rebɛma no asunti. Ɛbɛdi ne honam akwaa, aane, owuo abakan bɛdi n’akwaa. Wɔbɛtu n’anidasoɔ afiri ne ntomadan mu, na wɔde no akɔ ahudeɛ mu hene no nkyɛn. Deɛ ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntomadan mu, wɔbɛbɔ sɔfe apete ne tenabea. Ne nhini bɛwuwu wɔ aseɛ, na ne mman adwinnwan wɔ soro. Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so, na ɔrennya din asase ani. Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afiri wiase. Ɔrennya mma anaa mmanana ne man mu, n’aseni biara renka n’atenaeɛ. Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔeɛ ahodwiri, sɛdeɛ ehu kutaa wɔn a wɔwɔ apueeɛ no. Ampa ara sɛdeɛ amumuyɛfoɔ tenabea teɛ ne no, ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no nso kyɛfa nie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: Mobɛha me kra akɔsi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa? Mprɛdu nie a moasopa me, mo ani nwu mpo sɛ moho me werɛ? Na mpo, sɛ ampa sɛ mafom a, me so na mfomsoɔ no da. Sɛ ampa sɛ moma mo ho so tia me, na moyi me m’ahohora ho atɛn a, ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asau atwa me ho ahyia. Hwɛ, ayayadeɛ nti, meteam, nso wɔnnye me so. Mesu mefrɛ mmoa, nanso ɔgyeɛ biara mma. Ɔde ban atwa me kwan mu, na mentumi mensene, na me kwan so aduru sum. Wayi m’animuonyam afiri me so, na wahotiri me tiri so abotire. Wabubu me afa nyinaa a menni hɔ bio, na watu m’anidasoɔ ase sɛ dua. Wama n’abufuo afram me so, na ɔbu me sɛ n’atamfo mu baako. N’asafo ahodoɔ bɔɔ mu bae, na wɔbɔɔ wɔn akwan wɔ me so, na wɔkyeree nsraban twaa me ntomadan ho hyiae. Wayi me nuanom afiri me ho kɔ akyirikyiri, na wɔn a wɔni me adanedane me ahɔhoɔ koraa; m’abusuafoɔ atwe wɔn ho kɔ, na wɔn a meni wɔn werɛ afiri me; wɔn a wɔbɛtena me fie ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔhoɔ, madane wɔn ani so ɔnanani; mefrɛ m’akoa, na ɔmmua me, mede m’ano mepa no kyɛw mpo. Me yere mpo kyiri me home, na me yafumma mpo mpɛ m’ahomeguo. Ntɔtɔfefewa mpo bu me animtia, mese meresɔre a, wɔkasa tia me. Me ho yɛ me nnamfo pa nyinaa nwunu, na m’adɔfo adane wɔn ani atia me. Me nnompe femfam me wedeɛ ne me nam ho, na me se ho wedeɛ nko na mede afiri mu afire. Monhu me mmɔbɔ, monhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Nyankopɔn nsa aka me. Adɛn nti na moti me sɛ Onyankopɔn, na me nam nso mmee mo? O, sɛ anka wɔretwerɛ me nsɛm ɛ! Sɛ wɔde rehyɛ nwoma mu ɛ! Sɛ wɔde dadeɛ adetwerɛdeɛ ne sumpii rekurukyire ɔbotan mu na atena hɔ daa ɛ! Na me deɛ, menim sɛ me gyefoɔ te ase, na awieeɛ no ɔbɛdi m’asɛm ama me wɔ asase so. Na wɔasɛe me wedeɛ seyie akyiri no, na mɛfiri me honam mu afi ahunu Onyankopɔn; Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa, na m’aniwa bɛhunu, na ɛnyɛ ɔhɔhoɔ bi. Me sawa resa wɔ me mu. Sɛ mose: Sɛdeɛ yɛbɛsi apamo no afa! Ne, yɛahunu asɛm no ase wɔ ne hɔ, a, monsuro afena, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ de afena asotwe ba, na moahunu sɛ atemmuo wɔ hɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Naamani Sofar buaa sɛ: Me ho pere me nti, m’adwene yɛ me sɛ memmua. Mate atenetene a asopa me, nanso honhom firi me nhunumu mu bua me. Wonnim yei a ɛfiri tete, ɛfirii sɛ wɔde nnipa sii asase soɔ no, sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi? Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro, na ne tiri kɔka mununkum a, ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbeɛ; wɔn a wɔhu no no bɛbisa sɛ: Ɔwɔ he? Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no, na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu. Aniwa a ahu no renhu no bio, na ne tenabea renhu no bio. Ne mma bɛpata mmɔborɔfoɔ, na ne nsa adane n’ahodeɛ ama. Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama, na afei ɛne no abɛda dɔteɛ mu. Sɛ adebɔne yɛɛ n’anomu fremfrem, na ɔde siee ne tɛkyerɛma ase, na ɔdii adɔna na wannyaa mu, na ɔmaa no kaa ne dodom a, afei deɛ n’aduane asakyera ne nsono mu, nhuritia borɔ wɔ ne yam. Wamene adedodoɔ, na ɔbɛfe bio, Onyankopɔn bɛtu afiri ne yam. Ɔbɛfefe ahuritia borɔ, na ɔprammire tɛkyerɛma bɛku no. N’ani rennye nsuwansuwa ho, ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ asuasu nsubɔntene ho. Ɔbɛdane deɛ wabrɛ ho ama, na ɔremmene, n’adeɛ a wanya no, ɔrenni ho ahurisie, sɛdeɛ ne dodoɔ teɛ no. Ɛfiri sɛ wapɛkyɛ mmɔborɔfoɔ apo wɔn, na wafa efie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ. Ɛnam sɛ ne yafunu ammee da nti, ɔrenkora deɛ n’ani gye ho no biara. Wannidi annya bi da, enti n’ahonyadeɛ rentena hɔ. N’adedodoɔ mayɛ mu ne ho bɛhiahia no, amanehunufoɔ nyinaa nsa bɛba ne so. Ɔbɛma n’abufuhyeɛ aba ne so ama no de ahyɛ n’afuru ma, na ɔbɛma no atɔ agu ne so de ayɛ n’aduane. Ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano a, kɔbere mfrafraeɛ agyan bɛwɔ no ahwire ne mu; ɔtu firi ne honam mu na agyan no firi ne bɔnwoma mu a, owuo ho hu bɛtɔ ne so. Wɔde sum nyinaa asie n’akoradeɛ, ogya a obi mfite mu bɛhye no, ɛbɛhye deɛ aka ne ntomadan mu. Ɔsoro bɛyi n’amumuyɛ adi, na asase bɛsɔre atia no. Wɔbɛsoa ne fie ahonyadeɛ akɔ, wɔbɛtwe akɔ, n’abufuo da no. Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn, ne n’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: Tie na montie me kasa, na yei nyɛ mo awerɛkyekyerɛ. Monnyaa me mma me nso menkasa, na mekasa mewie a, afei moadi fɛw. Me deɛ, onipa na medi abooboo mekyerɛ no anaa? Na adɛn nti na me home rente me? Monnane mo ani nhwɛ me, na mo ho nnwiri mo, na momfa mo nsa ntuatua mo ano. Sɛ mekae a, mebɔ binim, na nketenkete kuta me honam. Adɛn nti na abɔnefoɔ nya nkwa, wɔnyini kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ akɛseɛ nso? Wɔn mma si wɔn anim pintinn ka wɔn ho, aane, mekyerɛ wɔn asefoɔ. Wɔn afie mu dwo, ehu biara nni mu, na Nyankopɔn ntea bi nni wɔn so. Ne nantwinini wo, na ɔnyɛ krawa, ne nantwibereɛ yɛ awoyie, na ɔmpɔn. Wɔyi wɔn ntɔtɔfefewa adi sɛ nnwankuo, na wɔn mmotafowa nso hurihuri. Wɔn nne di atweneka ne sankubɔ mu, na wɔn ani gye abɛnhyɛne ho. Wɔhwere wɔn nna nnepa mu, na wɔsiane kɔ Asamando ntɛm so. Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so, na yɛnhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ. Ɛdeɛn ne Otumfoɔ no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a, mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya? Nanso hwɛ, ɛnyɛ wɔn ara wɔn nsam na wɔn nnepa wɔ, abɔnefoɔ agyinatuo mpare me! Mprɛ ahe na abɔnefoɔ kanea dum, na wɔn mmusuo nso ka wɔn, na Onyankopɔn kyekyɛ awerɛhoɔ n’abufuo mu? Wɔte sɛ nkyɛnkyɛmma, mframa ano, ne ntɛtɛ a ahum soa korɔ. Moka sɛ: Onyankopɔn kora n’amumuyɛ adeɛ ma ne mma; ma no ntua ɔno ara ne ka na ɔnhunu. Ma n’ani nhunu ne mmusuo, na ɔnnom Otumfoɔ no abufuhyeɛ no bi. Na efie a ɔgya no n’akyire no mfa ne ho hwee bio, berɛ a n’abosome dodoɔ to atwa no. Obi bɛkyerɛ Onyankopɔn nhunumu anaa? Ɔno a ɔbu ɔsorofoɔ no atɛn no. Obi wɔ ahoɔden pintinn nanso ɔwu, berɛ a ne ho tɔ no, na n’aso mu dwo no. Nufosuo ahyɛ ne nhina amaama, na ne nnompe mu hon yɛ sɔɔsɔɔ. Na ɔfoforɔ nso de ne kra awerɛhoɔ wu a wanni nnepa no bie. Faako ara dɔteɛ mu na wɔdeda, na mmoaa kata wɔn so. Hwɛ, menim mo adwene ne adwemmɔne a mowɔ no me ho no, sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fie wɔ? Na ɛhe na ntomadan a abɔnefoɔ tenaa mu no wɔ? Mommisaa wɔn a wɔfa ɔkwan no soɔ, na wɔn nsɛnkyerɛnneɛ nso, monkarii? Na wɔakora onipa bɔne de kɔsi sɛeɛ da, wɔde wɔn kɔ aweretɔ da. Hwan na ɔbɛka n’anim, n’abrabɔ ho? Na deɛ wayɛ no, hwan na ɔbɛtua no ɛso ka? Na ɔno deɛ, wɔkɔgya no damena mu, na wɔwɛn ne damena so ara. Bonhwa mu dɔtetoa yɛ no dɛ, na nnipa nyinaa twe wɔn ho di n’akyi, na n’anim nso wɔnnim wɔn dodoɔ. Na adɛn na mokyekyere me werɛ kwa, na mo mmuaeɛ yɛ nkontompo ara yi?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ: Ɔdasani bi bɛtumi adi mu wɔ Onyankopɔn anim anaa? Hwɛ, onimdefoɔ mpo, ɔdi mu wɔ n’ankasa n’ani so. Otumfoɔ nya ho biribi sɛ wotene, anaasɛ ɔnya mfasoɔ sɛ w’akwan di mu? Wo suro nti na ɔbɛka w’anim, na ɔde wo akɔ atemmuo mu anaa? Ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso? Na w’amumuyɛ nni awieeɛ. Sɛ woagye wo nuanom awowa ɔkwa, na woapa adagyafoɔ ho ntoma. Woamma opititɔfoɔ nsuo annom, na woakame deɛ ɔdi kɔm aduane. Na onipa a ne basa mu yɛ den no, ɔno na asase wɔ no, na deɛ ɔwɔ animuonyam no na ɔtena soɔ. Woama mmaa akunafoɔ de nsapan kɔ, na nwisiaa abasa nso, wɔabubu. Enti na afidie atwa wo ho ahyia, na nketenkete yi wo hu mpofirim. Anaasɛ wonhunu sum ne nsuo pii a akata wo soɔ? Ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛdeɛ ɛkorɔn fa! Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn? Mununkum yɛ no nkataho, na ɔnhunu adeɛ, na ɔsoro kɔntɔnkrɔn so na ɔnanteɛ. Wobɛfa tete tempɔn no a mma busufoɔ nantee soɔ no so anaa? Wɔn a wɔpraa wɔn kɔeɛ ansa na ɛberɛ reduro, na wɔn nnyinasoɔ sene kɔɔ sɛ asuo no. Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so! Na ɛdeɛn nso na Otumfoɔ bɛyɛ wɔn? Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afie amaama na abɔnefoɔ agyinatuo mpare me! Ateneneefoɔ hunu, na wɔn ani gye; na deɛ ɔdi bem no di wɔn ho fɛw, ka sɛ: Ampa ara, wɔn a wɔsɔre tiaa yɛn no ayera, na wɔn nnikaeɛ no, ogya ahye! Fa wo ho bɔ Nyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo; yei mu na adepa bɛba ama woɔ. Gye n’anomu mmara, na fa ne nsɛm sie w’akomam. Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ nkyɛn a, wɔde wo bɛsi hɔ, sɛ woyi wo ntomadan mu abusudeɛ kɔ akyirikyiri a, — fa sika amapa gu mfuturo mu, na Ofir sika nso, fa gu asubɔnten mu mmoseaa mu. Na Otumfoɔ bɛyɛ wo sika amapa bebree ne dwetɛ a wɔahɔre ama woɔ. Ɛno na wo ho bɛsɛpɛ wo Otumfoɔ ho, na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn. Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboadeɛ ka no, woatua. Wobɛbɔ wo tirim, na ɛbɛgyina ama wo, na hann bɛhyerɛn w’akwan so. Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛno deɛ, ahomasoɔ ntira. Ɛfiri sɛ ɔhobrɛaseni deɛ, ɔbɛma no adi yie. Sɛ deɛ ɔnnii bem mpo, ɔbɛgye no a, ɛnneɛ w’ahoteɛ so na wɔbɛgye wo.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: Ɛnnɛ na m’abooboodie mu ayɛ den, na me pira ayɛ den asene m’apinisie. O, sɛ anka menya mehunu deɛ mɛhunu no, na mekɔduru ne tenaberɛ ɛ! Anka mɛsiesie n’anim asɛnnie, na mɛbisabisa no nsɛm ara yie. Anka mɛhunu nsɛm a ɔde bɛbua me, na mahunu deɛ ɔbɛka akyerɛ me no mu. Tumi dodoɔ na ɔde ne me bɛham anaa? Dabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me. Ɛhɔ na ɔteefoɔ ne no bɛyiyi no, na mafiri me temmufoɔ nsam korakora. Hwɛ, mekɔ m’anim, nso ɔnni hɔ, ne m’akyi, nso menhu no. Na ɔyɛ n’adeɛ benkum a, m’ani mmɔ no so, ɔmane nifa a, menhu no. Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu. N’anammɔn mu na me nan tintimiiɛ, mahwɛ ne kwan, na mammane. N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me. Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no? Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ. Deɛ wahyɛ ama me na ɔbɛma no aba, na adeɛ a ɛte seyie pii na ɛwɔ ne tirim. Enti ehu ka me n’anim, medwene me tirim, na me ho popo wɔ ne ho. Na Onyankopɔn ama m’akoma abubu, na Otumfoɔ ayi me hu, ɛfiri sɛ manyera esum no mu, na wankata esum kabii no so m’anim.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka, na wɔn a wɔni no no nhunu saa berɛ no? Ebinom deɛ wɔtwe ɛhyeɛ, wɔfom mmoakuo fa yɛne wɔn. Wɔka nwisiaa afunumu kɔ, wɔgye akunafoɔ nantwie awowa. Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so amanehunufoɔ bom hunta. Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no, saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadie so kɔpɛ aduane, ɛserɛ so na wɔnya aduane ma mmɔfra. Mfuo so na wɔtwa mmoa aduane, na wɔdi ɔbɔnefoɔ bobe turo mu mpɛpɛ. Wɔde adagya na ɛda, wɔnni ntoma, na wɔnni nkataho awɔ mu. Mmepɔ so sutorɔ fɔ wɔn, na ɛnam sɛ wɔnni dwanekɔbea nti, wɔyɛ ɔbotan atuu. Wɔte agyanka firi nufoɔ ano, na wɔgye mmɔborɔni hɔ awowa. Wɔma wɔnenam adagya a wɔnni ntoma, na wɔde ɛkɔm soasoa ayuo afiafi. Wɔkyi ngo wɔn afasuo mu, wɔtiatia nsa-kyi-amena so, nso wɔdi sukɔm. Nkuro mu nso na mmarima apinisie fire, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari amumuyɛsɛm no. Ebinom ayɛ hann anim atuatefoɔ, wɔnhwɛ n’akwan, na wɔntena n’atempɔn mu. Nhema na owudini sɔreɛ, ɔkum ɔmanehunufoɔ ne ohiani, na anadwo ɔyɛ sɛ owifoɔ. Na ɔwaresɛefoɔ ani twɛn sum berɛ, ɔka sɛ: Ani biara renhu me. Na ɔde nkataho kata n’anim. Esum mu na wɔhwirehwire adan mu; wɔto wɔn ho pono mu awia, wɔnnim hann. Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, ɛfiri sɛ wɔne esum kabii mu ahuyideɛ yɛ nnamfo. Ne ho yɛ hare wɔ nsuo ani; wɔadome ne kyɛfa asase so, ɔnnane n’ani nkɔ bobe nturo kwan so. Ɔhyeɛ ne ahuhuro na ɛnane sukyerɛmma nsuo, saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ. Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ firi no, mmoaa fefe no. Wɔnkae no koraa bio, na wɔbɛbubu amumuyɛ sɛ dua. Ɔdidii obonini a ɔnwoɔ mpo ho, na wanyɛ ɔbaa kunafoɔ yie. Nanso Onyankopɔn de ne tumi yi atumfoɔ firi hɔ; wɔtumi nya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho anidasoɔ biara. Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan. Wɔduru deɛ ɛkorɔn, nso kakraa bi pɛ, na wɔnni hɔ; wɔgyaa mu na wɔsie wɔn sɛ nnipa nyinaa, na wɔtwitwa wɔn sɛ ayuo mmɛtem. Sɛ ɛnte saa a, hwan na ɔbɛyi me ɔtorofoɔ, na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ: Tumidie ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoeɛ ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ. N’asafo ano wɔ abuyɛ anaa? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ? Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ? Hwɛ, ɔsrane mpo; ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim na nsoromma nso ho nte wɔ n’ani so. Na nkantom ɔdasani, nsammaa yi, ne onipa ba, aboaa yi!
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob gyee so sɛ: Woaboa deɛ ɔnni tumi sɛn? Ɛdeɛn na woayɛ de agye basa a ɛnni ahoɔden? Afotuo bɛn na woatu deɛ ɔnni nyansa, na woaka nimdeɛsɛm pa a ɛdɔɔso anaa? Hwan na woaka nsɛm akyerɛ no, na hwan ahome na afiri wo mu yi? Nsamanfoɔ ho popo nsuo ne wɔn a wɔte mu no ase. Asamando da adagya n’anim, na nkatasoɔ biara nni hɔ mma Ɔsɛeɛ Amena. Ɔno na ɔtrɛ ɔsoro a ɛbirie no mu ahunumu, na ɔde asase sɛne deɛ biribi nnie. Ɔkyekyere nsuo hyɛ mununkum mu, na mununkum no mpae wɔ aseɛ. Ɔbram n’ahennwa anim de ne mununkum katakata ho. Ɔtwa nsuo ani hyeɛ de kɔsi deɛ hann ne sum awieeɛ hyia hɔ. Ɔsoro nnyinasoɔ hinhim, na wɔn ho dwiri wɔn, n’ateatea ano. Ɔde ne tumi nu ɛpo mu, na ɔde ne nhunumu brɛ Ɛpobɔpɔn ase. Ne honhom ano na ɔsoro teɛ, ne nsa na ɛhwire ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ no mu. Hwɛ, yeinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asomusɛm bi nko na yɛteɛ, na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no, hwan na ɔbɛhunu mu?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem korɔ ne Otumfoɔ a ɔhyɛ me kra awerɛhoɔ no te aseɛ yi, — na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi, ampa ara, m’ano renka amumuyɛsɛm, na me tɛkyerɛma renka nnaadaasɛm! Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem; meremma wɔnyi me mudie mfiri me ho de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛgyaa mu. Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu; m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho. Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefoɔ, na deɛ ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumuyɛfoɔ. Na ɛdeɛn ne ɔbɔnefoɔ anidasoɔ berɛ a wɔtwa ne nkwa soɔ, berɛ a Onyankopɔn twe ne kra korɔ no? Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ berɛ a ahohiahia bɛba ne soɔ no anaa? Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa? Mɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsa ho asɛm, deɛ ɛwɔ Otumfoɔ hɔ no, merensi so. Hwɛ, mo deɛ, mo nyinaa moahunu, na adɛn na moda so di ahuhusɛm yi? Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɔnya no Onyankopɔn hɔ, ne nhyɛsofoɔ agyapadeɛ a wɔnya no Otumfoɔ nsam: Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afena, na wɔn a wɔfiri ne mu no aduane remmee wɔn. Ne nnipa a wɔbɛka no, owuyadeɛ mu na wɔbɛsie wɔn, na n’akunafoɔ rensu. Sɛ ɔboa dwetɛ ano sɛ mfuturo, na ɔsiesie ntadeɛ sɛ dɔteɛ a, ɔsiesie deɛ, nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ, na dwetɛ no, deɛ ɔdi bem na ɔbɛkyɛ mu. Ɔsi ne dan sɛ abubummabaa, na ɛte sɛ sese a ɔwɛmfoɔ yɛ. Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefoɔ, nso ɔrenna so nyɛ saa bio; ɔbɛbue n’ani na ɔnni hɔ bio. Ahuyideɛ fa no sɛ nsuo, anadwo na ahum wia no korɔ. Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɛhwim no firi ne tenabea. Na ɔto gu ne so, na ɔnni ne ho adɔna, dwane ara na ɔrepɛ adwane afiri ne nsam. Wɔbɛbobɔ nsam agu ne so, na wɔabɔ ne so hwerɛma de no afiri ne tenabea akɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ. Dadeɛ nso wɔtu no fam, na wɔnane aboɔ yɛ kɔbere. Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kɔduru akyirikyiri pɛ sum kabii ne sunsum mu aboɔ. Ɔtu nkoron deɛ obi nteɛ hɔ, anammɔn a ɛtwam werɛ firi no, ɔsensɛne hɔ, ɔdi ahim deɛ ɔdasani biara nnie hɔ. Asase wɔ hɔ yi, aduane firi mu ba, na n’ase nso, ɔdane ani sɛ ogya. Hoaboɔ dabea ne n’aboɔ no mu, na sikafuturo nso wɔ hɔ. Ɛyɛ ɔkwan a ɔkɔdeɛ nnim, na akorɔma ani nhunuu da, anworanwora mmoa ntiatiaa soɔ, na gyatabire mfaa hɔ. Ɔtene ne nsa ka ɔbohemmaa, ɔbutu mmepɔ wɔ ne nhini mu. Ɔtwitwa aka abotan mu, na n’ani hwɛ aboɔdenneɛ nyinaa. Ɔsisi asuasu kwan na ansosɔ, na adeɛ a ahunta no, ɔyi ba hann mu. Na nyansa deɛ, ɛhe na wɔbɛhu no, na ɛhe na nhunumu afa wɔ? Ɔdasani nnim ne boɔ, na wɔnhu no ateasefoɔ asase so. Ebunu donkodonko ka sɛ: Ɛnni me mu. Na ɛpo ka sɛ: Ɛnni me hɔ. Wɔmfa sika amapa nsi ananmu nnye, na wɔnkari dwetɛ ntua ne tiri boɔ. Wɔnkari no Ofir sika so ntɔ, wɔmfa apopobibireboɔ a ne boɔ yɛ den ne hoaboɔ ntɔ. Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho, na wɔmfa sika nnwinneɛ nsesa. Wɔmmɔ nhwene panin ne aboɔ a ɛhyerɛn din, na nyansa boɔ sene nhwene pa deɛ. Etiopia asase so akrateboɔ ne no nsɛ, na wɔmfa sika amapa nkyerɛ ne boɔ. Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firi ba? Na ɛhe na nhunumu tenabea wɔ? Wɔde ahunta ateasefoɔ nyinaa aniwa, wɔakata so ɔsoro nnomaa anim. Ɔyera amena ne owuo ka sɛ: Yɛde yɛn aso ate ne nka. Onyankopɔn na ɔhunu ne kwan mu, na ɔno na ɔnim ne tenabea; na ɔno na ɔhwɛ asase awieeɛ, ɔsoro ase nyinaa nso, ɔhunu. Ɔhyɛɛ mframa duro too hɔ, na ɔhyɛɛ nsuo sɛ ne nsusuiɛ teɛ no, berɛ a ɔhyɛɛ osuo ahyɛdeɛ, na ɔyɛɛ ɔkwan maa n’aprannaa asraman no, ɛno na ɔhunuiɛ na ɔyii no adie; ɔde sii hɔ na ɔpeepee mu. Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ: O, sɛ anka mereyɛ sɛdeɛ na meteɛ akane abosome no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no ɛ! Berɛ a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantee sum mu no! Sɛdeɛ na meteɛ wɔ me twaberɛ nna mu, berɛ a Nyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntomadan soɔ no; berɛ a Otumfoɔ ne me da so wɔ hɔ, na me mmɔfra nso atwa me ho ahyia, berɛ a me nan ho fɔɔ nufosuo mu sradeɛ mu, na abotan maa ngo asubɔnten senee me hɔ no. Mefiri adi mekɔ kuro pono ano, na mede m’adwa mesi mpraeɛ so a, mmeranteɛ hu me, na wɔhunta, na nkɔkoraa sɔre gyinagyina. Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butu wɔn ano. Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkyerɛma fam wɔn dodom. Na aso te a, ɛhyira me, na ani hu me a, ɛdi me adanseɛ. Ɛfiri sɛ na meyi ɔmanehunufoɔ a ɔsu frɛ ɔboafoɔ ne awisiaa a ɔnni boafoɔ. Deɛ ɔreyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbaa kunafoɔ nya abotɔyam. Mefira tenenee na ɛfira me, m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire: Meyɛɛ aniwa maa onifirani, na meyɛɛ ɛnan nso maa apakye; meyɛɛ agya maa ahiafoɔ, na deɛ menni no no mpo asɛm, mehwehwɛ mu maa no; na mebubuu omumuyɛfoɔ sebɔmmɔfoɔ, na mehwim fomfa adeɛ mefirii ne se mu. Na mekaa sɛ: Me pirebuo ara mu na mɛgyaa mu, na mama me nna adɔɔso sɛ anwea. Me nhini mu bɛbue ama nsuo, na obosuo nso atena me mman so. M’animuonyam yɛ foforɔ ma me, na me tadua anya denyɛ foforɔ me nsam. Me na wɔtie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotuo; me kasa akyi wɔnsane nkasa, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so: Na wɔtwɛn me sɛdeɛ wɔtwɛn osutorɔ, na wɔtrɛ wɔn anomu sɛdeɛ wɔde regye bereamporɔsuo. Mesere mekyerɛ wɔn a anidasoɔ abɔ wɔn, na m’anim a ɛteɛ no, wɔmma no ngu ase. Meyii wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitire, na metenaa hɔ sɛ ɔhene, asafo mu, sɛdeɛ ɔkyekyere abooboodifoɔ werɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei wɔn a mekyɛne wɔn panin koraa sere me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn bɛhyɛ me nkraman a wɔhwɛ me nnwankuo so mu, wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa? Ohia ne ɛkɔm nti wɔatwintwam, wɔwewe nkyɛkyerɛ so deɛ ɛhɔ yɛ sakasaka, kusuu ne basabasa. Wɔtete nkyenhahan wɔ nnuaa so, na ɛserɛ so nnuaa nhini ne wɔn aduane. Wɔatu wɔn afiri nnipa mu, wɔhuro wɔn sɛ owifoɔ. Mmonhwa a ɛhɔ yɛ hu mu na wɔteteɛ, ɛfam ne abotan mu ntokuro mu. Nnua ntam na wɔbobom, nsansono ase na wɔsam. Agyegyentwie mma ne wɔn, wɔn a wɔnni din mma nso, wɔapam wɔn afiri asase so. Na afei madane wɔn sankuo dwom, na mayɛ wɔn sɛmɔdɛ. Wɔkyiri me, wɔma me ne wɔn ntam twe, na wɔnkame sɛ wɔtoto ntasuo gu m’ani soɔ. Na ɛnam sɛ Onyankopɔn asane me homa, na wabrɛ me aseɛ nti, wɔn nso ato ahohyɛsoɔ atwene wɔ m’anim. Me nifa so na ahuhufoɔ no asɔreɛ, wɔsum me fidie, na wɔdane wɔn sɛeɛ akwan ba me so. Wɔdwiri me kwan, wɔboa me sɛeɛ, nso obiara biara nsianka wɔn. Wɔba sɛ obuba a emu trɛ, wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba. Ahuyideɛ adane hwɛ me so, wɔpamo me bakomadie sɛ mframa, na me yiedie asene kɔ sɛ mununkum. Na afei me kra nane gu me mu, amanehunu nna asosɔ me mu. Anadwo hodwo me nnompe wɔ me mu, na yea a ɛwe me no nnyae. Emu den nko ara nti m’atadeɛ asakyera, ɛmia me sɛ me kamisaa kɔn. Wato me atwene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔteɛ ne nso. Mesu mefrɛ wo, na wonnye me so, megyina hɔ, na wohwɛ me haa. Woadane ayɛ sɛ otirimuɔdenfoɔ ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asie. Woma me so ma metena mframa so kɔ, na woma menane huuyɛ mu. Na menim sɛ wode me bɛsane ama owuo ne efie a ateasefoɔ hyia mu no. Nanso obi ntene ne nsa nhwehwɛ ɔgyeɛ nkunkumaboɔkuo mu, na sɛ obi reyera a, ɔnsu mfrɛ ɔboafoɔ anaa? Mansu mamma deɛ ɔwɔ amaneɛ mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa? Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba. Me yamuadeɛ huru, na ɛnnyae, amanehunu nna ato me. Mabiri tumm na menenam, nso ɛmfiri awia; mesɔre badwa mu na meteam. Madane ɛserɛ so akraman nua ne sohoribereɛ adamfo. Me wedeɛ abiri rewae afiri me ho, na ahuhuro nti me nnompe ahye. Na me sankuo adane abooboo, na me tɛntɛbɛn adane asufoɔ nne.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu? Na anka ɛdeɛn ne Nyankopɔn kyɛfa a ɛfiri soro, ne Otumfoɔ agyapadeɛ a ɛfiri sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ, na akatua denden ne amumuyɛfoɔ kyɛfa anaa? Ɛnyɛ ɔno na ɔhunu m’akwan, na ɔkan m’anammɔn tutuo nyinaa? Sɛ medii ahuhudeɛ akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a, ɔnkari me nsaniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhunu me mudie no. Sɛ me nan mane firii ɔkwan no so, na m’akoma dii m’ani akyi, na nkekaeɛ wɔ me nsam a, ɛnneɛ wɔmma mennua na obi nni, na wɔntutu me nnɔbaeɛ ngu. Sɛ wɔdaadaa m’akoma ɔbaa bi ho, na metɛɛ me yɔnko pono ano a, ɛnneɛ ma me yere nyam mma obi, na ebinom nkom ne so, na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm, na ɛno ne asɛnnifoɔ anim amumuyɛ. Na ɛno ne ogya a ɛhye kɔ ɔyera amena mu, na anka ɛbɛtutu me nnɔbaeɛ nyinaa. Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmuo hwee berɛ a wɔne me wɔ ɛham bi a, ɛnneɛ sɛ Onyankopɔn sɔre a, ɛdeɛn na mɛyɛ? Na sɛ ɔbisa a, ɛdeɛn na mede bɛbua no? Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na ɔbaakofoɔ na ɔsiesiee yɛn nyinaa ɛna yam? Sɛ masianka mmɔborɔfoɔ afiri deɛ wɔhwehwɛ ho, na mama akunafoɔ ani abu, na me nkutoo madi m’aduane, na awisiaa anni mu bi a, mmom ɛfiri ne mmɔfraase na meyɛnee no sɛ agya, na ɛfiri ne na yam na mekyerɛɛ no kwan, sɛ mahunu obi a ntoma abɔ no nti ɔreyera na nkataho bi nni ohiani nsam, na sɛ n’asenem anhyira me, na wamfa me nnwan nwi anhyɛ ne ho hye, na sɛ mama me nsa so awisiaa so, ɛfiri sɛ mehunuu me boa kuro pono mu a, ɛnneɛ me mmatiri nhwan mfiri ne dompe so, na me nsa mmubu mfiri ne dompe so. Ɛfiri sɛ mmusuo a ɛfiri Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee. Sɛ mede sika mayɛ m’ahotosoɔ, na maka makyerɛ sika amapa sɛ m’anidasoɔ ne no, na sɛ m’ani gyee sɛ m’ahodeɛ dɔɔso, ne sɛ me nsa aka adeɛ bebree, na sɛ mehunuu owia hann sɛ ɛhyerɛn, na ɔsrane nam ne haran mu, na ɛdaadaa m’akoma kokoam, na m’ano fee me nsa ho de mae a, na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi, ɛno nso ne ɔtemmufoɔ anim amumuyɛ bi. Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho sanee me sɛ bɔne ato no, nso mamma m’ano anyɛ bɔne, sɛ mede nnome bɛsrɛ ne wuo; ampa ara me ntomadan mufoɔ anka sɛ: Hwan na Hiob maa no nam a ammee no? Ɔhɔhoɔ biara ansoɛ abɔntene so, mebuee me pono mekyerɛɛ akwantufoɔ, sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumuyɛ mesiee me kokom, ɛfiri sɛ mesuroo nkurɔfoɔ dodoɔ na abusuafoɔ ahohorabɔ yii me hu, na ɛmaa meyɛɛ komm, mamfiri me pono ano amfiri adi a. O, sɛ anka merenya obi a ɔbɛtie me ɛ! (Hwɛ, m’agyiraeɛ nie! Otumfoɔ mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no retwerɛ asɛm a ɔne me wɔ no ɛ! Anka ampa ara mede bɛto me mmati, mede bɛbɔ me ti sɛ abotire, anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutuo dodoɔ, mɛtwe apini no sɛ ɔhene. Sɛ m’asase team tia me, na n’akofie de nne korɔ su, na sɛ medii n’aba na mamma sika, na memaa ɔdenadeɛ hweree ne kra, a, ɛnneɛ ma nkasɛɛ mmɛsi ayuo ananmu mfifi, na nnɛnkyɛnse mmɛsi atokoɔ ananmu. Hiob nsɛm no asi.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni. Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, ɛfiri sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn. Na ne bo fuu ne mfɛfoɔ baasa no nso, sɛ wɔnnya mmuaeɛ bi bio, nanso wɔbuu Hiob fɔ. Na Elihu twɛn maa Hiob kasae ansa, ɛfiri sɛ wɔsene no panin. Na Elihu hunuu sɛ mmuaeɛ biara nni mmarima baasa no anomu bio no, ne bo fui. Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buaa sɛ: Me deɛ, meyɛ abɔfra, na mo deɛ moyɛ nkɔkoraa, enti na metɔɔ me bo aseɛ, na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim makyerɛ mo. Mekaa sɛ: Wɔmma onyinkyerɛ nkasa, aane, na mfeɛ dodoɔ nkyerɛ nyansa. Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdasani mu ne Otumfoɔ ahome na ɛma no nhunumu. Ɛnyɛ wɔn a wɔanyini pii na wɔnim nyansa, na ɛnyɛ mpanin na wɔhunu atemmuo mu. Enti na mese: Montie me; me nso mɛkyerɛ deɛ menim. Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie, mayɛ aso mama mo nhunumusɛm, sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm. Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo, na hwɛ, obiara nni mo mu a n’asɛm tɔɔ Hiob aso mu, na ɔtumi buaa ne nsɛm no. Na monnka sɛ: Yɛahunu nyansa; Onyankopɔn na ɔnha no, na ɛnyɛ onipa. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me, na me nso, meremfa mo nsɛm no memmua no. Wɔn abam abu, wɔremmua bio, na wɔn anomu nsɛm nso asa. Na sɛ wɔnkasa bio, na wɔgyina hɔ, na wɔmmua bio nti, mentwɛn anaa? Me nso mɛbua me fam deɛ, me nso, mɛkyerɛ deɛ menim. Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me. Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wɔntuu ano, sɛ nsa kotokuo foforɔ a ɛrepɛ apaeɛ. Mɛkasa, na manya ahomeyɛ; mɛbue m’ano, na mabua. Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa, na mennim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfoɔ afa me akɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ, na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa. Hwɛ, mabue m’ano, me tɛkyerɛma rekasa me dodom. M’akomam teeyɛ ne me nsɛm, m’ano ka nimdeɛ kronkron. Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa. Sɛ wobɛtumi a, yi ano kyerɛ me; Siesie wo ho m’anim, sɔre gyina. Hwɛ, me nso meyɛ Nyankopɔn deɛ sɛ wo ara, anwommoɔ mu na wɔtii me nso firiiɛ. Hwɛ, me ho hu rentu w’akoma, na me nhyɛsoɔ renyɛ wo so duru. Ampa, woaka no m’aso mu, na nsɛm nne na metee sɛ wose: Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho. Hwɛ, ɔhunu ntɔkwa nsɛm wɔ me ho, ɔbu me sɛ ne tamfo. Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu, ɔkari m’akwan nyinaa. Hwɛ, yei mu na wontene, merebua wo; na Onyankopɔn so sene ɔdasani. Adɛn nti na wo ne no ham, sɛ ɔmmua ne nsɛm nyinaa ho? Nso Onyankopɔn kasa prɛko ne deɛ ɛtia mprenu, nanso onipa nnwene ho. Daeɛ mu, anadwo adehunu mu, nnahɔɔ a atɔ nnipa soɔ mu, mpa so nnaeɛ mu, emu na ɔbue nnipa aso, na ɔsɔ wɔn atenetene ano, sɛ ɔbɛsane onipa afiri ne nneyɛɛ ho, na wayi ahantan ahunta onipa, na watwe ne kra afiri Amena mu, ne ne nkwa nso na antɔ afena ano. Na wɔde yea twe n’aso ne mpa so ne ne nnompe mu daa aperedie. Na ne nkwa ma aduane fono no, na ne kra po akɔnnɔduane. Ne honam afɔn ama no ayɛ hununa, na ne nnompe a anka wɔnhunu mpo ada adi. Na ne kra bɛn ɔsɛeɛ Amena, na ne nkwa nso bɛn akumfoɔ. Sɛ ɔbɔfoɔ dimafoɔ wɔ hɔ ma no, apem no mu ɔbaako, sɛ ɔrekyerɛ onipa deɛ ɛtene ma no a, ɛno na ɔhu no mmɔbɔ ka sɛ: Kɔgye no, na wankɔ ɔsɛeɛ Amena no mu, na manya agyedeɛ, a, ɛnneɛ ne honam yɛ sɔɔsɔɔ sɛ mmɔfra deɛ, ɔsane kɔ ne mmeranteberɛ mu. Ɔkoto Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ɔhunu n’anim anigyeɛ mu, na ɔdane ɔdasani tenenee ma no, na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no, nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me. Wagye me kra na ankɔ ɔsɛeɛ Amena mu, na me nkwa rehunu hann no. Hwɛ, yeinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho, sɛ ɔbɛsane ne kra afiri ɔsɛeɛ Amena ho, na wanya hann, nkwa hann no mu. Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ komm, na menkasa. Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me, kasa, na wo bemdie bɛyɛ me fɛ. Sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ tie me ara, yɛ komm, na menkyerɛ wo nyansa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Elihu toaa so sɛ: Anyansafoɔ, montie me nsɛm, na mo, animdefoɔ, monyɛ aso mma me. Na aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na ano ka aduane hwɛ. Yɛbɛsɔ atemmuo ahwɛ afa, na yɛahunu deɛ ɛyɛ yɛn ntam. Na Hiob aka sɛ: Metene, nanso Onyankopɔn afa me bem kɔ. Me bem mu ara na wɔbu me torofoɔ, m’agyan kuro mu ayɛ den, nanso mmarato nni me mu. Ɔbarima bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom mmusubɔ sɛ nsuo, na ɔhyɛne amumuyɛfoɔ ayɔnkofa mu, na ɔne nnipa abɔnefoɔ ananteɛ? Na ɔka sɛ: Ɛnyɛ mfasoɔ mma onipa sɛ ɔne Onyankopɔn bɔ. Enti mo a mowɔ tire, montie me, ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛdi asɛmmɔne, na Otumfoɔ bɛdi amumuyɛsɛm, na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no, na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no. Ampa ara, Onyankopɔn nni asɛmmɔne, na Otumfoɔ nkyea atemmuo. Hwan na ɔde asase hyɛɛ ne nsa, na hwan na ɔsiesiee wiase nyinaa? Sɛ ɔgye ne home fa na ɔtwe ne honhom ne n’ahome ba ne nkyɛn a, anka honam nyinaa bɛgyaa mu prɛko, na onipa bɛsane akɔ dɔteɛ mu. Na sɛ wowɔ nhunumu a, tie yei, yɛ aso ma me nsɛm. Deɛ ɔkyiri atɛntenenee bɛnya aman adi so anaa? Anaasɛ wobɛbu ɔteneneeni tumfoɔ no fɔ? Deɛ ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni! Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefoɔ! Deɛ ɔnhwɛ atitire anim, na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni; ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa. Mpofirim na wɔwuo, na adasuo mu na aman hinhim na wɔsene korɔ, na wɔpra aberempɔn kɔ, nso ɛnnam onipa nsa so. Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ɔhunu n’anammɔntutuo nyinaa. Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ. Na ɛnhia sɛ ɔhwɛ onipa ma no kyɛ ansa na wakɔ Nyankopɔn nkyɛn, atemmuo mu. Ɔbubu aberempɔn a ɔnhwehwɛ wɔn asɛm mu, na ɔde afoforɔ si wɔn ananmu. Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛɛ, na ɔbutu wɔn anadwo ma wɔdwerɛ wɔn. Ɔhwe wɔn sɛ abɔnefoɔ ma nnipa nyinaa hunu. Ɛfiri sɛ wɔmane firii n’akyiri kɔe, na wɔannwene n’akwan no biara ho, sɛ wɔbɛma mmɔborɔni sufrɛ aduru ne nkyɛn, na wate amanehunufoɔ sufrɛ. Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ, na onipa kɔnkɔnsani anni hene, na wɔansum ɔman fidie. Na obi bɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mahunu amane, merenyɛ amumuyɛ bio, deɛ mennya menhunuiɛ, wo na kyerɛ me, sɛ madi amumuyɛsɛm a, merenni bio? Na worepo ne nneyɛɛ yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛdeɛ wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ woyi, na ɛnyɛ me, na deɛ wonim no, ka ɛ! Nnipa a wɔwɔ tire bɛka akyerɛ me, na ɔbarima nyansafoɔ bɛtie ama me, Hiob deɛ, ɛnyɛ nimdeɛ so na ɔkasa, na ne nsɛm mu nni nhunumu. Sɛ anka wɔresɔ Hiob ahwɛ akɔsi awieeɛ ɛ, ɛfiri sɛ ne mmuaeɛ te sɛ amumuyɛfoɔ mmuaeɛ. Na ɔde mmusubɔ ka ne bɔne ho, yɛn mu mpo ɔbɔ ne nsam, na ɔma ne nsɛm a ɔne Onyankopɔn de di asie no dɔɔso.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Elihu kɔɔ so ara kaa sɛ: Wobu no sɛ ɛtene, anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ, sɛ woka sɛ: Ɛbɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Na mfasoɔ bɛn na mɛnya asene sɛ anka meyɛɛ bɔne? Me deɛ, mede nsɛm bɛbua wo ne wo mfɛfoɔ a wɔka wo ho no. Hwɛ ɔsoro, na hunu, na hwɛ mununkum a ɛkorɔn sene woɔ no. Sɛ woyɛ bɔne a, ɛdeɛn na wode yɛ no, na sɛ wo mmarato dɔɔso a, ɛdeɛn na woyɛ no? Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma no, anaasɛ wo nsam ɛdeɛn na ɔgyeɛ? Onipa a ɔte sɛ woɔ na w’abɔnefosɛm pira no, na onipa ba bi na wo tenenee bɛma no anya mfasoɔ. Nhyɛsoɔ bebrebe nti na ɛma wɔteam, wɔsu frɛ ɔboafoɔ, nnipa akɛseɛ nsa ase. Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfoɔ no wɔ? Deɛ ɔma nnwom anadwo, deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sene asase so mmoa, na ɔkyerɛ yɛn nyansa sene ɔsoro nnomaa no. Ɛhɔ na wɔteam, na ɔmmua, abɔnefoɔ ahantan nti. Ampa ara Onyankopɔn rentie ahuhusɛm, na Otumfoɔ remmu. Na nkantom sɛ wose: Wonhu no deɛ nanso asɛm no da n’anim, na wotwɛn no ara! Na afei ɛnam sɛ ɔmmɛtwee aso, n’abufuo mu, na ɔnni amumuyɛ akyiri pii nti, Hiob bue n’ano kwa, na nimdeɛ a ɔnnie mu, ɔma nsɛm dɔɔso.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na Elihu kɔɔ so sɛ: Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo, na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn. Mɛfa me nimdeɛ afiri akyirikyiri, na mede me yɛfoɔ no bem ama no. Na ampa, me nsɛm nyɛ atorɔ, deɛ ɔdi mu nimdeɛ mu na ɔne wo wɔ hɔ yi. Hwɛ, Onyankopɔn yɛ ɔkɛseɛ, na ɔmmu obi animtia, ɔyɛ ɔkɛseɛ, nteaseɛ tumi mu. Ɔmma ɔbɔnefoɔ nnya nkwa, na ɔde amanehunufoɔ bem ma wɔn. Ɔnyi n’ani mfiri ɔteneneeni so, na ɔma wɔne ahemfo tena adwa so daa, na wɔma wɔn so. Na sɛ wɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔde amaneɛ nhoma kye wɔn a, ɛnna ɔka wɔn nneyɛɛ kyerɛ wɔn, ne wɔn mmarato, sɛ wɔama wɔn ho soɔ, na ɔbue wɔn aso ma atenetene, na ɔka sɛ wɔnsane mfiri abusudeɛ ho. Sɛ wɔtie na wɔsom no a, wɔwie wɔn nna di yiedie mu, ne wɔn mfeɛ nso deɛ ɛyɛ wɔn dɛ mu. Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dadeɛ ano, na wɔgyaa mu nimdeɛ a abɔ wɔn no mu. Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ. Wɔn kra wu mmeranteberɛ mu, na wɔn nkwa sɛe sɛ nnwamamfoɔ deɛ no. Ɔyi ɔmanehunufoɔ n’amaneɛ mu, na ɔbue wɔn aso ahodwan no mu. Anka ɔbɛgye wo nso afiri ahohiahia mu akɔ deɛ ɛhɔ trɛ a ahokyere nnie hɔ, na sradeɛ ayɛ wo pono so aduane ma. Nanso ɔbɔnefoɔ atemmuo ayɛ wo ma, atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu. Na mma abufuo nnnyegye wo nnkɔ ahiyie mu, na mma agyedeɛ no dodoɔ nnhima w’ani. W’ahonyadeɛ anaa wo tumi ahoɔdenneɛ nyinaa de wo bɛsi deɛ ahohiahia nnie hɔ anaa? Mpere anadwo ho, sɛ ɛmmɛpra aman mfiri wɔn afa. Hwɛ yie, nnane w’ani nkɔ ahuhudeɛ so, ɛfiri sɛ wopɛ ɛno mmom sene amanehunu. Hwɛ, Onyankopɔn di ne tumi mu asɛnkɛseɛ, hwan ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno? Hwan na ɔhyɛɛ no sɛdeɛ ɔnyɛ n’adeɛ mfa, na hwan na ɔbɛka sɛ: Woadi asɛmmɔne? Kae sɛdeɛ wobɛkamfo ne nneyɛɛ a adasa ato ho dwom no. Nnipa nyinaa hwɛ ara; ɔdasani firi akyirikyiri hwɛ. Hwɛ, Onyankopɔn so, na yɛnni no; ne mfeɛ dodoɔ nso mu nni hwehwɛbea. Ɔno na ɔtwe nsuo ntoantoa a ɛsosɔ tɔ ne mununkum mu nsuo, na ɛfiri mununkum mu tɔ gu fam, ɛtɔ pii gu nnipa so. Obi bɛtumi ate mununkum mu trɛ ne ne ntomadan mu kurududuyɛ no ase anaa? Hwɛ, ɔtrɛ ne hann mu wɔ ne so, na ɔkata ɛpo nhini so. Na ɛno na ɔde di aman asɛm, ɔde aduane bebree nso ma. Ɔde hann katakata ne nsa ho, na ɔhyɛ ma no kɔsi botaeɛ bi mu. Ne mmobom ka ne ho asɛm, mmoakuo mpo ka asɛm fa ahum a ɛreba ho.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Aane, yei ho na m’akoma tutuo, na ɛpopo firi n’afa. Tie na montie ne nne huuyɛ, ne mmobom a ɛfiri n’anomu no. Ɔgyaa mu ɔsoro ase nyinaa, na ne hann kɔduru asase anoano. Aprannaa bobom di akyire, ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom. Sɛ wɔte ne nne a, ɔrensianka wɔn. Onyankopɔn de ne nne prannaa bobom ma no yɛ nwanwa, ɔyɛ adeɛ akɛseɛ a yɛnhunu mu, na ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ: Tɔ gu asase so! ne osukɛseɛ nso saa ara sɛ: Tue! ne n’ahoɔden suo akɛseɛ no. Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano, sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhunu de. Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu, na wɔtenatena wɔn tenabea. Ahum firi mpiakyire hɔ ba, na awɔ nso firi atifi fam. Nyankopɔn home na ɛma nsuo nkyenkyeneeɛ, na ɛma nsuo a ɛtrɛ nso da. Nsuo ara nko na ɔde soa mununkum, ɔtrɛ ne hann mununkum no mu. Na ɔma no di kyinhyia sɛdeɛ n’akwankyerɛ teɛ, sɛ ɛnkɔyɛ deɛ ɔhyɛ no nyinaa, wiase nyinaa ne asase ani; sɛ ɛyɛ atenetene nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo, sɛ ɛyɛ n’adɔeɛ so oo, ɔma no ba ara. Hiob, yɛ aso wɔ yei ho, gyina hɔ dwene Nyankopɔn anwanwadeɛ ho. Wonim berɛ a Onyankopɔn susuo ho, na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn? Wonim mununkum nkariiɛ, nimdeɛ mu mudifoɔ no anwanwadeɛ no? Sɛdeɛ wo ntadeɛ mu hyeɛ, berɛ a anafoɔ mframa ma asase yɛ dinn no? Wo ne no na ɛde ewiem tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn sɛ ahwehwɛ a wɔaguo no trɛɛ hɔ? Ma yɛnhunu deɛ yɛnka nkyerɛ no; esum nti yɛrenhunu deɛ yɛnka. Wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa? Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no? Na afei wɔnhunu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewiem tɔnn, na mframa twam a, ɛma ewiem hɔ te. Atifi fam asase so na sika firi ba, Nyankopɔn ho na animuonyam a ɛyɛ hu wɔ. Otumfoɔ deɛ, yɛnhu no; ɔyɛ tumi mu ɔkɛseɛ, na ɔrenkyea atemmuo ne tenenee a ɛdɔɔso. Enti nnipa suro no, ɔmmu akoma mu nyansafoɔ biara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ: Hwan ne deɛ ɔbiri afotuo ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi? Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ, na memmisa wo, na kyerɛ me. Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ! Hwan na ɔde ne nsusuiɛ too hɔ, wonim anaa? Anaasɛ hwan na ɔsaa so homa? Ɛdeɛn so na wɔde ne nnyinasoɔ siiɛ, anaa hwan na ɔde ne tweatiboɔ toeɛ, berɛ a adekyeeɛ nsoromma boom too ahurisie dwom, na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no? Na hwan na ɔkaa ɛpo hyehyɛɛ apono mu, berɛ a ɛfiri asaseyam pueeɛ, na mede mununkum meyɛɛ ne nkataho, ne sum kabii nso meyɛɛ n’aboomu, na metwaa ne so hyeɛ, na mesisii adaban ne apono, na mekaa sɛ: Ɛha yi na bra bɛduro, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkyeɛ ahantan mmeso no? Ɛfiri wo nna mfitiaseɛ woahyɛ anɔpa so pɛn, woakyerɛ adekyeeɛ nso ne diberɛ, sɛ ɛnsɔ asase mmuano mu, na wɔmporepore abɔnefoɔ mfiri so? Sɛ ɛnnane sɛ daagyere nsɔano ase na ɛnyɛ sɛ atadeɛ a wɔahyɛ no aduro, na wɔde abɔnefoɔ hann akame wɔn, na nsa a wɔama soɔ no, wɔabu mu? Woakɔ ɛpo aniwa ho, na woanante bunu donkodonko ase? Wɔayi owuo aponkɛseɛ adi akyerɛ wo, anaasɛ woahunu esum kabii aboboɔ no? Woahunu asase trɛ mu anaa? Sɛ wonim ne nyinaa a, ka ɛ! Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ, na esum nso, n’afa wɔ he? Na wode akɔ ne hyeɛ so, na woahunu ne fie akwan no. Wonim, aane, ɛfiri sɛ saa berɛ no na wɔawo wo, na woadi nna bebree! Woakɔ sukyerɛmma korabea, anaa woahunu asukɔtweaa akoradeɛ no, adeɛ a makora asie ahohiahia berɛ ne ɔko ne akodie da no? Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ, ne deɛ apueeɛ mframa fa so bɔ asase soɔ no nso wɔ? Hwan na ɔyiyi aka ma osuo ne ɔkwan ma aprannaa asraman no, sɛ ɔbɛma osuo atɔ asase a obi nni hɔ soɔ, ne anwea pradada a onipa bi nni soɔ so, na wama amamfo ne asase hunu ameeɛ, na wama wira a ɛfuo no afefɛ? Osuo wɔ agya, anaasɛ hwan na ɔwo obosuo a ɛsosɔ? Hwan yam na nsuo nkyenkyeneeɛ fire, na ɔsoro bosuo a akyenkyen no, hwan na ɔwoeɛ? Nsuo kyenkyen sɛ ɔboɔ, na ebunu donkodonko ani pam. Wobɛtumi akyekyere Akokɔbaatan-ne-ne-mma homa mu, anaasɛ wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma? Wobɛtumi ayi Owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne berɛ mu, anaasɛ wobɛtumi akyerɛ Sisire nsoromma ne ne mma kwan? Wonim ɔsoro nhyehyɛɛ, anaa wobɛtumi ahyehyɛ sɛdeɛ ɛnni asase soɔ? Woma wo nne so kɔ mununkum mu sɛ nsuo pii mmɛkata wo ho anaa? Wobɛtumi asoma anyinam ama no akɔ, na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn nie! anaa? Hwan na ɔde nyansa siee ayamdeɛ mu, anaasɛ hwan na ɔde nhunumu maa adwene? Hwan na ɔde nyansa kan mununkum, na ɔsoro nkotokuo no, hwan na ɔdane no ma mfuturo pia kɔbɔ dosie, na dɔteɛ bɔ ntoantoa? Wo na woyɛ ha ma gyatabereɛ nya nam, anaa woma agyataburuwa meeɛ, ɛberɛ a wɔbutubutu wɔn atu mu, na wɔtete adɔtɔ mu retɛ? Hwan na ɔsiesie aduane ma anene, ɛberɛ a ne mma su frɛ Onyankopɔn, wɔkyini na wɔnni aduane no?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ, na aforoteɛ awoko nso, wowɛn? Wokan abosome a wɔn afuru de nyini, na wonim berɛ a wɔde woɔ anaa? Wɔkoto wowo wɔn mma, wɔto wɔn awoɔyea twene, wɔn mma ho kokwa, wɔnyini wiram, wɔfiri kɔ, na wɔnsane mma wɔn nkyɛn. Hwan na ɔgyaa ɛserɛ so afunumu sɛ ɔnne ne ho, na afunumu prakaateni nhoma, hwan na ɔsane? Deɛ mede ɛserɛ pradada mayɛ ne fie, na mede nkyene asase ayɛ ne tenabea. Ɔmmu kuro mu gyegyeegyeyɛ, ɔnte ɔkafoɔ ateatea. Deɛ ɔnya no mmepɔ soɔ no ne n’aduane, na ɔpɛ adeɛ biara a ɛyɛ frɔmfrɔm. Okoo bɛpene sɛ ɔsom woɔ, anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho? Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho, anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi? N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so, na woagya w’adwuma ama no anaa? Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba w’asan so? Sohori bɔ ne ntaban mu ahurisidie mu, ɛne asukɔnkɔn ntaban ne ne ntakra na ɛsɛ anaa? Mmom ɔgya ne nkosua ma asase, na mfuturo so na ɔma ɛho dɔ, na ne werɛ firi sɛ ɛnan bɛpɛkyɛ, anaasɛ wiram mmoadoma bɛbobɔ. Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnyɛ ne deɛ, ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso ɔnsuro, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no, na wankyɛ no nhunumu. Na sɛ ɔyere ne ho tu a, ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ. Wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ? Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn? Wo na woma no huri sɛ ntutummɛ? Ne home foofoo denyɛ yɛ hu. Ɔwerɛwerɛ bonhwa mu, na ɔdi n’ahoɔden ho ahurisie, ɔfiri kɔhyia akofoɔ a wɔamia. Ɔsere ehu, na ne ho mpopo, na ɔnsane mfiri afena anim. Agyan boha woso ne so, pea ne pɛmɛ a ɛtwa nyinamnyinam nso. Ɔde anibereɛ ne abufuo werɛwerɛ asase, na totorobɛnto hyɛne a, ɔnnyina bio. Totorobɛnto hyɛne a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hwa wɔ akyirikyiri, asafohene nteam ne osebɔ no. Wo nhunumu so na asansa nam tuo? Ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anafoɔ asase. Anaasɛ w’anomu asɛm so na ɔkɔdeɛ ma ne ho soɔ, na ɔyɛ ne pirebuo deɛ ɛkorɔn? Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɔda, ɔbotan ano hwerɛmhwerɛm ne ahwɛeɛ sorɔnsorɔn so, ɛhɔ na ɔfiri hwehwɛ aduane, n’ani hunu adeɛ akyirikyiri. Na ne mma fe mogya, na deɛ atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na AWURADE buaa Hiob sɛ: Ɔtɛnyifoɔ bi ne Otumfoɔ no bɛham anaa? Deɛ ɔne Onyankopɔn gye akyinnyeɛ no, ɔmmua ɛ! Na Hiob gyee AWURADE so sɛ: Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ? Me nsa na mede meto m’ano. Makasa prɛko, na merentia so; ne mprenu, na merenkɔ so bio. Ɛnna AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ: Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ, mɛbisa wo, na woakyerɛ me. Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem? Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom? Ɛnneɛ fa tumidie ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho, na fira ɔhyerɛn ne animuonyam, hwie w’abufuo mmorosoɔ no gu, na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase. Hwɛ ahantanfoɔ nyinaa na brɛ wɔn ase, na tiatia abɔnefoɔ so wɔ wɔn tenabea hɔ. Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu, na ma wɔn anim ntintim ahuntaeɛm, ɛnneɛ na me nso mɛkamfo wo sɛ wo ara wo nifa na agye woɔ. Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo, ewira na ɔdi no sɛ nantwie. Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asene mu ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu. Ɔkoa ne dua sɛ tweneduro, ne srɛ mu nhoma nso toatoa mu. Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ dorobɛn, ne nkasɛɛ te sɛ adaban. Ɔno ne Nyankopɔn akwan mfitiaseɛ, ne yɛfoɔ nko ara na ɔtumi de afena ka no. Na mmepɔ so aduane ma no, na wiram mmoadoma nyinaa goro hɔnom. Nkasɛɛnkasɛɛ nnua ase na ɔda, demmire ne ɔwora ahuntaeɛm. Nkasɛɛnkasɛɛ nnua nwunu kata ne so, nsunoa nnua twa ne ho hyia. Hwɛ, asuo ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo; sɛ Yordan bu ba n’ano mpo a, ne bo da ne yam ara. Wɔbɛtumi akye no animono, na wɔde fidie ahwire ne hwenem?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wobɛtumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano, na wode homa akyekyere ne tɛkyerɛma anaa? Wode kaa bɛhyɛ ne hwenem, na wode nkɔtɔkorɔ ahwire n’afono mu? Ɔbɛkoto asrɛ wo pii, anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo? Ɔne wo bɛpam apam sɛ fa no yɛ akoa daa? Wo ne no bɛgoro sɛ anomaa, na woasa no ahoma ama wo mmabaa anaa? Apofofoɔ asafo bɛsi no koso, na wɔakyɛ ne mu adwadifoɔ mu? Wode mpea bɛhyɛ ne wedeɛ mu ma, na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim? Fa wo nsa ka no hwɛ, na deɛ wobɛhunu no, woremmɛn no bio! Hwɛ onipa anidasoɔ yɛ ohunu. Ɛnyɛ ne hwɛ mpo na ɛma obi hwe aseɛ? Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim? Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu? Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me. Merennyae ne honam adeɛ, ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka. Hwan na ɔbɛyi ne ho abon? Ne se kyerɛpɛn mmienu no, hwan na ɔbɛkɔ anim? N’anim apono nso, hwan na ɔbɛhini? Ne se ho yɛ hu. N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ, wɔatotom sɛ adeɛ a wɔasɔ ano. Ɛpempam so pɛpɛɛpɛ a mframa nnya mu kwan; ɛfemfam ho, ɛdi nsosɔmu na emu nni ateyɛ. Ne nwansi ma hann hyerɛn, na n’ani te sɛ adekyeeɛ anisuatɛtɛ. Agyatɛnee firi n’anomu, ogya nturituriiɛ fifiri mu. Wisie firi ne hwene mu tokuro mu, sɛ ɛsɛn a emu rehuro ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyeɛ mu. N’ahome sɔ nsramma, na ogyaframa firi n’anomu. Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ, na akomatuo sa wɔ n’anim. Ne honam a ɛsensɛne hɔ femfam ho pintinn, wɔguu no ne ho, na ɛntwe. N’akoma yɛ den sɛ ɔboɔ, ɛyɛ den sɛ oyuyammoɔ. Sɛ ɔma ne ho so a, atumfoɔ ho popo, na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra. Wɔde nkrantɛ ka no a, ɛnka, pea ne pɛmɛ a wɔtoɔ ne dadeɛ akodeɛ mpo; ɔbu dadeɛ sɛ ntɛtɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ sɛ duawuiɛ; agyan nka no ngu, ntɔmmoɔ mu aboɔ yɛ no sɛ nkyɛnkyɛmma; ɔbu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛmma, na ɔsere pea a wɔtoɔ huuyɛ. N’ase yɛ abono hwetahweta, ɔbua atɛkyɛ so sɛ poreɛ adeɛ. Ɔma ebunu mu huru sɛ ɛsɛn mu, ɔyɛ po sɛ sradeɛ; Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi, ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono. Ne nsɛsoɔ nni asase so; wɔyɛɛ no sɛ n’akoma nntu; ɔhwɛ adeɛ a ɛkorɔn nyinaa; ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ: Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan. Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ, na ɔhono afotuo ani yi? Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim. Tie ɛ, na menkasa. Mɛbisa wo, na woakyerɛ me. Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka, na afei deɛ, m’ani nso ahu wo. Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu. Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob. Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob. Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ. Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no. Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmaa nyinaa ne wɔn a wɔni no kane nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie, na wɔgyam no, na wɔkyekyeree ne werɛ, amaneɛ a AWURADE maa no baa ne soɔ nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbena baako ne sika kaa baako. Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem. Na ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa. Ne mmammaa no, ɔtoo ɔbaako din Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no de Kesia, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-hapuk. Na wɔanhunu mmaa a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no asase no nyinaa so; na wɔn agya memaa wɔn agyapadeɛ wɔn nuanom mu. Na yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan, na ɔhunuu ne mma ne ne mma mma awoɔ ntoatoasoɔ nnan. Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no; adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Nyankopɔn adom a wɔde adom mo wɔ Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho, sɛ nnoɔma nyinaa mu, moanya mo ho wɔ ne mu, asɛnka ne nimdeɛ nyinaa mu sɛdeɛ Kristo adanseɛ no atim mo mu amma adom akyɛdeɛ biara ammɔ mo, berɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyie no; ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no. Onyankopɔn a wɔnam ne so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ. Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu. Na me nuanom, Kloe fiefoɔ abɛyi me mo ho asotire sɛ, aperepereɛ wɔ mo mu. Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kefa afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kristo afa. Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu anaa? Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu gye Krispo ne Gaio, na obi anka sɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ mankasa me din mu. (Ɛhee, afei nso mebɔɔ Stefana fiefoɔ asu; na nkaeɛ no deɛ, sɛ mebɔɔ obi asu a, mennim.) Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ kwa. Na asɛnnua no ho asɛm yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi. Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa. Onyansafoɔ wɔ he? Ɔtwerɛfoɔ wɔ he? Wiase kyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn nnanee wiase yi nyansa nkwaseasɛm anaa? Na wiase amfa nyansa so anhunu Onyankopɔn wɔ Nyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa. Ɛfiri sɛ Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnneɛ, na Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa; na yɛn deɛ, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm; ɔyɛ suntidua ma Yudafoɔ, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufoɔ. Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, saa Kristo yi yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa. Ɛfiri sɛ Nyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛne nnipa, na Nyankopɔn mmerɛyɛ yɛ den sene nnipa. Na, anuanom, mpo monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafoɔ bebree, ɛnyɛ atumfoɔ bebree, ɛnyɛ adehyeɛ bebree na wɔafrɛ wɔn, na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo. Na wiase nnoɔma a ɛmfra ne deɛ wɔmmuo na Onyankopɔn ahwɛ mu ayie, ne deɛ ɛnni hɔ, sɛ ɔde bɛtu deɛ ɛwɔ hɔ, na honam biara anhoahoa ne ho n’anim. Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Awurade mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ mammɛka Nyankopɔn adansesɛm no. Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Na me deɛ, mmerɛyɛ ne ehu ne ahopopoɔ bebree mu na me ne mo tenaeɛ. Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, na mo gyidie annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Nyankopɔn tumi so. Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ, na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ. Deɛ wiase yi atumfoɔ mu biara anhunu, na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔammɔ animuonyam Wura no asɛnnua mu, na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ na ɛmmaa onipa akoma mu da ne nnoɔma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no. Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu. Na nnipa mu hwan na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ara honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Nyankopɔn honhom. Na yɛn deɛ, ɛnyɛ wiase honhom na yɛnyaeɛ, na mmom honhom a ɔfiri Nyankopɔn mu, na yɛahunu deɛ Onyankopɔn de adom yɛn kwa no. Nso deɛ yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom deɛ Honhom no kyerɛkyerɛ na yɛde honhom adeɛ to honhom adeɛ ho. Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu. Na onipa a ɔwɔ honhom mu no deɛ, ɔbu adeɛ nyinaa atɛn, na ɔno deɛ obiara mmu no atɛn. Na hwan na wahunu Awurade adwene a ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na me nso, anuanom, mantumi ne mo ankasa sɛ honhom mufoɔ, na mmom sɛ honam mufoɔ, sɛ Kristo mu nkɔkoaa. Nufoɔ na mede memaa monomeeɛ na nyɛ aduane, ɛfiri sɛ na montumi nnye, na seesei ara mpo, montumi. Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. Na ɛberɛ a ahoɔyea ne aperepereɛ wɔ mo mu yi, monyɛ honam mufoɔ, na ɛnyɛ nnipasɛm na moredi yi anaa? Na sɛ obi se: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa a, na monyɛ honam mufoɔ anaa? Na Apolo ne hwan? Paulo ne hwan? Wɔyɛ asomfoɔ a monam wɔn so agye adie, na wɔn mu biara wɔ deɛ Awurade de ama no. Me deɛ, meduae, Apolo guguu so nsuo, nanso Onyankopɔn na ɔmaa no nyiniiɛ. Enti ɛnyɛ deɛ ɔdua, na ɛnyɛ deɛ ɔgugu so nsuo na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma no nyini no a. Na deɛ ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo yɛ baako, na wɔn mu biara bɛnya n’akatua sɛdeɛ ɔno ara n’adwuma teɛ. Na yɛyɛ Nyankopɔn adwumayɛfoɔ, a yɛne no bom yɛ adwuma; moyɛ Nyankopɔn afuo, Nyankopɔn dan. Nyankopɔn adom a ɔde adom me no so na menam meto fapem sɛ ɔdansifoɔ nyansafoɔ, na obi to so; na obiara a ɔto soɔ no nhwɛ sɛdeɛ ɔto so fa. Na fapem foforɔ deɛ, obiara rentumi nto nka deɛ ɛhyɛ hɔ dada a, ɛne Yesu Kristo no ho. Nanso sɛ obi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, abohene, nnua, ɛserɛ, aburoodua to fapem yi so a, obiara adwuma bɛda adi, na Ɛda no bɛyi no adi, ɛfiri sɛ ogya mu na ɛbɛda adie, na sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no ogya no bɛsɔ ahwɛ; sɛ obi adwuma a wato asi soɔ gyina a, ɔbɛnya akatua. Sɛ obi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ; ɔno ara deɛ wɔbɛgye no nkwa, nanso ɛte sɛ deɛ ɛnam ogya mu. Monnim sɛ moyɛ Nyankopɔn asɔredan na Nyankopɔn honhom te mo mu anaa? Sɛ obi sɛe Nyankopɔn asɔredan a, sɛeɛ na Onyankopɔn bɛsɛe no; ɛfiri sɛ Nyankopɔn asɔredan ho te, na ɛne mo ara. Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obiara susu sɛ ɔyɛ onyansafoɔ mo mu, wiase a, ma no nyɛ kwasea na wayɛ onyansafoɔ. Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Nyankopɔn anim; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu. Na bio: Awurade nim anyansafoɔ nsusuiɛ sɛ ɛyɛ nsusuiɛ hunu. Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam; na nnoɔma nyinaa wɔ mo, Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owuo oo, ɛnnɛ deɛ oo, daakye oo, nnoɔma nyinaa wɔ mo, na mo nso mowɔ Kristo, na Kristo nso wɔ Onyankopɔn.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahuntasɛm so ahwɛfoɔ. Na afei, deɛ wɔhwehwɛ firi efiehwɛfoɔ hɔ ne sɛ obiara bɛhunu sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. Na me deɛ, ɛyɛ me adeɛ ketewa bi sɛ mo anaa nnipa bi hyɛ da bu me atɛn, nso memmu me ho atɛn. Ɛfiri sɛ me deɛ menhunu biribiara wɔ me ho, nanso ɛnyɛ yei ho na medi bem; na deɛ ɔbu me atɛn ne Awurade. Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no. Na anuanom, mo nti na mede asɛm yi metoo me ne Apolo ho mekyerɛɛ mo, na moasua yɛn sɛ morennwene ntra deɛ wɔatwerɛ no, na mo mu bi anhoahoa ne ho ne obi anni asie. Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ? Moawie mee dada, aane moawie mo ho nya, moakwati yɛn adi ahene. Sɛ modii ahene ampa a, anka ɛyɛ, na yɛn nso yɛne mo adi bi. Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn asomafoɔ adi akyire sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owuo, ɛfiri sɛ yɛayɛ ahwɛdeɛ ama wiase ne abɔfoɔ ne nnipa. Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ, na mo deɛ, moyɛ anyansafoɔ, Kristo mu; yɛyɛ mmerɛ, na mo deɛ, mo ho yɛ den. Mo deɛ, moyɛ animuonyamfoɔ, na yɛn deɛ yɛyɛ ahohorafoɔ. Ɛde bɛsi dɔn yi mu, ɛkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagya, na wɔhwe yɛn, na yɛnni baabi te, na yɛbrɛ de yɛn ara yɛn nsa yɛ adwuma. Wɔya yɛn a, yɛhyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so, wɔsɛe yɛn din a, yɛka abodwosɛm. Yɛayɛ sɛ wiase fi, nnipa nyinaa mu sumina de bɛsi nnɛ. Mentwerɛ yei memmɛgu mo anim ase, na mmom mede rebɛtu mo fo sɛ me mma adɔfo. Na sɛ mowɔ ahwɛfoɔ ɔpedu wɔ Kristo mu mpo a, monni agyanom bebree; na me na menam asɛmpa no so mewoo mo Kristo Yesu mu. Enti metu mo fo sɛ: Monhwɛ me nsua me. Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa. Na ebinom rehoahoa wɔn ho sɛdeɛ meremma mo nkyɛn. Nso sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ na maba mo nkyɛn, na mabɛhunu wɔn a wɔrehoahoa wɔn ho no tumi, na ɛnyɛ wɔn nsɛm a. Na Onyankopɔn ahennie nni kasa ara kɛkɛ mu, na mmom tumi mu. Deɛ ɛwɔ he na mopɛ? Memfa abaa mmra mo so, anaa ɔdɔ ne ɔdwoɔ honhom?
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da. Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anho amma wɔanyi deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ no amfiri mo mu. Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ. Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a, momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na honam no nsɛe, na ebia wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no. Mo ahohoahoa no nyɛ fɛ. Monnim sɛ mmɔreka kakra na ɛka mmɔre no nyinaa? Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso. Enti momma yɛnhyɛ fa; ɛnyɛ mmɔreka dada no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumuyɛ mmɔreka mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokorɛ apiti mu. Metwerɛɛ wɔ me krataa no mu sɛ mo ne adwamammɔfoɔ nnni afra. Ɛnyɛ wiase adwamammɔfoɔ anaa aniberefoɔ ne amimfoɔ anaa abosonsomfoɔ ho asɛm koraa na mereka; ɛnneɛ na anka ɛsɛ sɛ mofiri wiase fire. Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo. Na ɛfa me ho bɛn na merebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bie? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mobu wɔn atɛn? Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Monyi deɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, ɔnsi ne bo nkɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔntene anim, na ɛnyɛ ahotefoɔ anim anaa? Monnim sɛ ahotefoɔ na wɔbɛbu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mobɛbu wiase atɛn a, ɛmfata mo sɛ modi nsɛm nketewa anaa? Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Na kampɛsɛ asetena yi mu nnoɔma? Na sɛ mowɔ asetena yi mu nnoɔma ho nsɛm a, wɔn a wɔmmu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ badwafoɔ? Meka yei mehyɛ mo aniwuo. Onyansafoɔ baako mpo nni mo mu a ɔbɛtumi abu onua ne onua ntam atɛn anaa? Adɛn na onua de onua kɔ asɛnniiɛ wɔn a wɔnnye nnie anim yi? Mfomsoɔ anya aba mo mu sɛ mone mo ho mo ho wowɔ nsɛmnsɛm. Adɛn na mommma wɔnni mo amim mmom? Adɛn na mommma wɔnsisi mo mmom? Mo mmom na modi amim na mosisie, na mode yɛ anuanom mpo. Anaasɛ monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Nyankopɔn ahennie no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmarima ahohwifoɔ, mmarima a wɔne mmarima da, awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no. Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu. Mewɔ nnoɔma nyinaa ho kwan, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ; mewɔ nnoɔma nyinaa ho kwan, nanso memma biribiara nhyɛ me so. Aduane yɛ yafunu dea, na yafunu nso yɛ aduane dea; na Onyankopɔn bɛma ne mmienu ayɛ kwa. Na nipadua nyɛ adwamammɔ dea, na ɛyɛ Awurade dea, na Awurade yɛ nipadua dea. Na Onyankopɔn anyane Awurade, na ɔnam ne tumi so bɛnyane yɛn bi. Monnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo akwaa bi? Memfa Kristo akwaa menkɔyɛ no odwamamfoɔ akwaa? Ɛmpare me! Anaasɛ monnim sɛ deɛ ɔde ne ho bɔ odwamamfoɔ ho no, na ɔne no ayɛ nipadua baako anaa? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ honam baako. Na deɛ ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom baako. Monnwane adwamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ nni nipadua mu, na deɛ ɔbɔ adwaman no deɛ, ɔyɛ ɔno ara ne nipadua bɔne. Anaasɛ monnim sɛ mo nipadua yɛ Honhom Kronkron a ɔwɔ mo mu, a monya firii Nyankopɔn hɔ no asɔredan, na monne mo ho? Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na ɛfa deɛ motwerɛeɛ no ho, sɛ: Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka ɔbaa. Anka ɛyɛ deɛ, nanso adwamammɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere, na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu. Okunu mma ɔyere deɛ ɛsɛ na ɔyere nso mma okunu saa ara. Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere. Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ ɛberɛ kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasane ahyia mu bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛ so ansɔ mo anhwɛ. Na yei deɛ meka no ɔkwanma fam na ɛnyɛ ɔhyɛ so. Na mepɛ sɛ anka nnipa nyinaa yɛ te sɛdeɛ meteɛ yi; nanso obiara wɔ ɔno ara n’adom akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn, obi deɛ te sei, obi nso deɛ yɛ adeɛ foforɔ. Na meka mekyerɛ asugyafoɔ ne akunafoɔ sɛ, ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔtena hɔ sɛ me; na sɛ wɔntumi nhyɛ wɔn ho so a, wɔnware; na ɛyɛ sɛ wɔbɛwareɛ sene sɛ wɔbɛnya akɔnnɔ bɔne. Na wɔn a wɔawareɛ no deɛ, mehyɛ wɔn, ɛnyɛ me, na mmom ɛyɛ Awurade, sɛ ɔbaa nnnyae ne kunu, (na sɛ ɔgyae no a, ɔnnware bio; anyɛ saa a, ɔnsane ne ne kunu nkɔbɔ mu); na mma okunu nso nnnyae ne yere. Na wɔn a aka no, me na meka mekyerɛɛ wɔn na ɛnyɛ Awurade, sɛ onua bi wɔ yere a ɔnnye nnie, na ɔbaa no pene so sɛ ɔne no tena a, ɔnnnyae no. Na sɛ ɔbaa bi nso wɔ kunu a ɔnnye nnie, na ɔbarima no pene sɛ ɔne no tena a, ɔnnnyae no. Na okunu a ɔnnye nnie no ho ate wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a ɔnnye nnie no ho ate okunu no mu; anyɛ saa deɛ a, na mo mma ho wɔ fi; na afei deɛ wɔn ho ate. Na deɛ ɔnnye nnie no pɛ sɛ ɔgyae kɔ a, ma no nkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuabaa ko no so, sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoeɛ mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn. Na ɔyere, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo kunu nkwa? Anaasɛ, okunu, wonim sɛ, ebia wo na wobɛgye wo yere nkwa? Na sɛdeɛ Awurade akyɛ ama obiara ne sɛdeɛ Onyankopɔn afrɛ no no, saa ara na ɔmmɔ ne bra; na sɛdeɛ mehyehyɛ no asafo nyinaa mu ne no. Wɔfrɛɛ obi na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma no nnnane momonotoni. Wɔfrɛ obi na ɔyɛ momonotoni anaa? Mma wɔnntwa no twetia. Twetia nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom Nyankopɔn ahyɛdeɛ sodie na ɛhia. Frɛ ko a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ma no ntena mu. Wɔfrɛɛ woɔ na woyɛ akoa anaa? Mma no nnha wo. Na sɛ wobɛtumi anya wo fawohodie nso a, fa no saa mmom. Na deɛ wɔafrɛ no Awurade mu, na ɔyɛ akoa no yɛ Awurade dehyeɛ; saa ara na ɔdehyeɛ nso a wɔafrɛ Kristo mu no yɛ Kristo akoa. Wɔtɔɔ mo aboɔden. Monnyɛ nnipa nkoa. Anuanom, biribiara a wɔafrɛ obi wɔ mu no, ɛno ara mu na ɔne Onyankopɔn ntena. Na wɔn a wɔnwareeɛ ho deɛ, menni Awurade ahyɛdeɛ biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborɔhunu ama no ayɛ ɔnokwafoɔ. Na afei, mesusu sɛ deɛ ɛyɛ ne sɛ: Seesei ahohia yi nti, ɛyɛ ma onipa sɛ ɔtena hɔ saa. Wobata ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ sɛ wobɛgyae awadeɛ. Wɔasane wo ho afiri ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ yere. Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne; na sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne; na wɔn a wɔyɛ saa no ho bɛhiahia wɔn honam mu; na me deɛ, anka mepɛ sɛ meyi ahohia no firi mo soɔ. Na deɛ mereka ni, anuanom, sɛ wɔatwa ɛberɛ no so tia nti, ma wɔn a wɔwɔ yerenom nyɛ sɛdeɛ wɔnni bie, na wɔn a wɔresu nyɛ sɛdeɛ wɔnsu, na wɔn a wɔn ani agyeɛ nyɛ sɛdeɛ wɔn ani nnyeɛ, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛdeɛ wɔnni hwee, na wɔn a wɔredi dwuma wɔ wiase nyɛ sɛdeɛ wɔnnie; ɛfiri sɛ wiase su retwa mu. Na mepɛ sɛ anka moyi adwennwene firi mo soɔ. Deɛ ɔnwareeɛ dwennwene Awurade fam nnoɔma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani, na ɔwarefoɔ dwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne yere ani, na ɛma n’adwene yɛ no ntanta. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu dwennwene Awurade deɛ ho, na ne ho ate nipadua ne honhom mu; na ɔbaa warefoɔ deɛ ɔdwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani. Mo ara mo yiedie nti na mereka yei; ɛnyɛ sɛ merehyɛ mo so, na mmom ɛfɛ a ɛyɛ, ne tena a mone Awurade bɛtena yie, na biribiara renha mo adwene ntira. Na sɛ obi dwene sɛ ne nneyɛɛ wɔ n’asiwa bi a waso awadeɛ soɔ mfata, nanso ɛhia a, ɔnyɛ deɛ ɔpɛ, ɛnyɛ bɔne, ma wɔnware. Na deɛ ɔgyina pintinn, n’akoma mu, na biribiara nhyɛ no, na ɔwɔ ne pɛ so tumi, na wahyɛ n’akoma mu sɛ ɔbɛma ne baabunu atena hɔ no, wayɛ no yie. Enti deɛ ɔware n’asiwa no yɛ no yie, na deɛ ɔnwareɛ no yɛ no yie kɛseɛ. Ɔbaa kunu te aseɛ no, na mmara akyekyere ɔbaa no, na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ kwan sɛ ɔwareɛ, na mmom Awurade mu nko ara. Na sɛ ɔtena hɔ saa ara a, m’adwene ne sɛ, ɛyɛ mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Nyankopɔn honhom.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na abosom afɔrebɔdeɛ ho deɛ, yɛnim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahomasoɔ, na ɔdɔ deɛ ɛma nkɔsoɔ. Na sɛ ɛyɛ obi sɛ ɔnim biribi a, ɔnnya nhunuu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔhunu. Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no. Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara. Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nnoɔma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame bebree ne awurade bebree wɔ hɔ no a, yɛn deɛ, Onyankopɔn baako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nnoɔma nyinaa firi ne mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade baako, Yesu Kristo a wɔnam ne so yɛ nnoɔma nyinaa, na yɛn nso yɛnam ne so wɔ hɔ no. Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de wedare a wɔawedare wɔ abosonsɛm ho bɛsi nnɛ no di no sɛ abosom afɔrebɔdeɛ, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛ nti, efi ka no. Na aduane nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yɛdi a, yɛbɛyɛ ma, anaa sɛ yɛanni a, yɛbɛtɔ sini. Na monhwɛ yie na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛ no suntidua. Na sɛ obi hunu wo a wowɔ nimdeɛ no sɛ wote abosonnan mu adidiiɛ a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛ no nnya nnyinasoɔ nkɔdi abosom afɔrebɔdeɛ anaa? Ɛnneɛ na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛ, a ne nti Kristo wuiɛ no bɛyera. Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ no a, na moreyɛ Kristo bɔne. Enti sɛ nam die to me nua suntidua a, ɛnneɛ merenni ara da na manto me nua suntidua.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu yɛn Awurade Yesu anaa? Ɛnyɛ m’adwuma Awurade mu ne mo anaa? Sɛ menyɛ ɔsomafoɔ mma ebinom a, mo deɛ meyɛ ɔsomafoɔ ma mo; ɛfiri sɛ me somafoyɛ nsɔano ne mo, Awurade mu. M’anoyie a meyi mekyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ me dwumadie mu nie. Yɛnni ho kwan sɛ yɛdidi na yɛnom? Yɛnni ho kwan sɛ yɛde onuabaa a ɔyɛ ɔyere kyini sɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa? Anaasɛ mene Barnaba nko ara na yɛnni ho kwan sɛ yɛgyae adwumayɛ? Hwan na ɔkɔ sa na ɔno ara na ɔtua ne ho ka? Hwan na ɔyɛ bobeturo na ɔnni n’aba bie? Anaasɛ hwan na ɔhwɛ mmoakuo na ɔnnom wɔn nufosuo no bie? Meka yei nnipa fam, na mmara no nso nka saa? Na wɔatwerɛ Mose mmara no mu sɛ: Nkyekyere nantwie a ɔrepore aburoo no ano. Ɔnantwie no na ne ho hia Onyankopɔn, anaasɛ yɛn nti na ɔkaa saa? Na yɛn nti na wɔatwerɛ sɛ ɛsɛ deɛ ɔfuntum asase no sɛ ɔfuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔpore aburoo no pore no anidasoɔ mu sɛ ɔbɛnya mu bi. Sɛ yɛduaa honhom fam nnoɔma maa mo a, ɛyɛ adeɛ a ɛso, sɛ yɛbɛbu honam fam nnoɔma afiri mo hɔ? Sɛ nnipa bi wɔ mo so tumi yi bi a, yɛnni nsene wɔn anaa? Nanso yɛamfa saa tumi yi anyɛ deɛ yɛn ara yɛpɛ, na mmom yɛpene nnoɔma nyinaa so na yɛansi Kristo asɛmpa no kwan. Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ asɔredan mu adwuma no di asɔredan adeɛ no bie, na wɔn a wɔte afɔrebukyia ho no nso didi afɔrebukyia no ho? Saa ara na Awurade nso ahyehyɛ sɛ, wɔn a wɔka n’asɛmpa no nnidi asɛmpa no ho. Na me deɛ, mamfa yeinom biara anyɛ hwee. Na mantwerɛ yeinom sɛ wɔnyɛ no saa mma me; na ɛyɛ ma me sɛ anka mɛwuo kyɛne sɛ obi bɛma m’ahohoahoa ayɛ kwa. Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ adeɛ a mede hoahoa me ho, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ meka, na sɛ manka asɛmpa no a, mennue! Na sɛ meyɛ no anigyeɛ so a, mewɔ akatua, sɛ nso manyɛ no anigyeɛ so a, wɔde efiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara. Na afei m’akatua ne deɛ ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi. Na mede me ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nanso mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa na manya dodoɔ. Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafoɔ, na manya Yudafoɔ; wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no, (ɛwom sɛ menhyɛ mmara ase deɛ,) nanso meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔwɔ mmara aseɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no. Wɔn a wɔnhyɛ mmara no aseɛ no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ obi a ɔnhyɛ mmara no ase, (ɛnyɛ sɛ menni mmara wɔ Nyankopɔn anim, mmom mewɔ Kristo mmara mu,) na manya wɔn a wɔnni mmara no. Wɔn a wɔyɛ mmerɛ no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔyɛ mmerɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛ no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ deɛn ara a, magye ebinom nkwa. Na yei nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu nhyira no bi. Monnim sɛ wɔn a wɔsi ammirika kan no, wɔn nyinaa tu ammirika no deɛ, nanso ɔbaako na ɔnya nkonim boɔ no anaa? Saa ara na montu ammirika, na moanya bi. Na obiara a ɔsi agodie kan no, ɔsɔn ne ho nnoɔma nyinaa mu; na wɔn deɛ, wɔyɛ na wɔanya abotire a ɛsɛeɛ, na yɛn deɛ, deɛ ɛnsɛeɛ. Saa nti, me deɛ, ammirika a metuo yi, mentu no asunsumabo, kuturukuo a mebɔ yi, memmɔ no sɛ deɛ ɔreboro mframa, na mmom mehyɛ me nipadua yea, na medi no nya, na mereka asɛm makyerɛ binom yi, me ara wɔanyi me totwene.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Anuanom, mempɛ sɛ mede sie mo sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ mununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu, na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, mununkum ne ɛpo no mu, na wɔn nyinaa dii honhom fam aduane korɔ, na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ, na wɔnom firii honhom fam botan a na ɛdi wɔn akyire no mu; na ɔbotan no ne Kristo. Nanso wɔn mu fa kɛseɛ no ara ansɔ Nyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn serɛ so hɔ. Na wɔde yeinom ayɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ no. Afei monnyɛ abosonsomfoɔ sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Nkurɔfoɔ no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre goroe. Nso mommma yɛmmmɔ adwaman sɛdeɛ wɔn mu binom bɔeɛ na wɔn mu mpem aduonu mmiɛnsa totɔɔ da koro no. Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no. Nso monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu binom nwiinwiiɛ na ɔsɛefoɔ no bɛsɛee wɔn no. Na yeinom nyinaa siiɛ, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔatwerɛ no sɛ afotuo ama yɛn a wiase berɛ awieeɛ ato yɛn yi. Enti deɛ ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase. Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛyɛ nipa deɛ; na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro deɛ mobɛtumi soɔ, na mmom ɔbɛma kwan a mode bɛfiri sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina. Enti, m’adɔfo, monnwane mfiri abosonsom ho, Mene mo kasa sɛ animdefoɔ. Mommu deɛ mereka yi ho atɛn. Nhyira kuruwa a yɛhyira soɔ no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkoyɛ anaa? Paanoo a yɛbubuo no nyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ anaa? Ɛnam sɛ paanoo no yɛ baako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako; na yɛn nyinaa di paanoo baako no bi. Monhwɛ honam fam Israel; ɛnyɛ wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no na wɔne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ anaa? Afei mese deɛn? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ biribie anaasɛ ɔbosom yɛ biribie? Dabi, na mmom mese, afɔdeɛ a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne nya ayɔnkoyɛ. Montumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; montumi nnidi Awurade pono so ne ahonhommɔne pono so. Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den kyɛne no anaa? Nnoɔma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛboa; nnoɔma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔsoɔ. Obiara nnhwehwɛ ɔno ara ne yiedie, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko yiedie. Deɛ wɔtɔn no namdwa ase nyinaa, monni, na ahonim nti mommmisabisa ho asɛm! Na asase ne deɛ ahyɛ so ma nyinaa yɛ Awurade dea. Na sɛ wɔn a wɔnnye nnie no mu bi hyia mo adidi, na mopɛ sɛ mokorɔ a, deɛ wɔde bɛsi mo anim biara, monni, na ahonim nti, mommmisabisa ho asɛm! Na sɛ obi se mo sɛ: Yei yɛ ɔbosom afɔdeɛ a, deɛ ɔkyerɛeɛ no ne ahonim nti, monnni. Sɛ meka sɛ ahonim a, nyɛ wo deɛ, na mene onii no deɛ; na adɛn na obi ahonim bɛbu me ahofadie atɛn? Na sɛ mede aseda medi a, adɛn nti na wɔbɛbɔ me dimmɔne deɛ meda ɛso aseɛ ho? Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam. Monnyɛ deɛ ɛto Yudafoɔ anaa Helafoɔ anaa Nyankopɔn asafo suntidua; sɛdeɛ me nso mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa nyinaa ani, nnoɔma nyinaa mu, na menhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma me nko ara, na mmom deɛ ɛyɛ ma dodoɔ no, na ebia wɔagye wɔn nkwa.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Monhwɛ me nsua me, sɛdeɛ me nso mehwɛ Kristo mesua no no. Na meyi mo ayɛ sɛ mokae me adeɛ nyinaa mu, na mokura atetesɛm a mede mehyɛɛ mo nsa no mu. Na mepɛ sɛ mohunu sɛ ɔbarima biara tiri ne Kristo, na ɔbaa tiri ne ɔbarima, na Kristo tiri ne Onyankopɔn. Ɔbarima biara a ɔrebɔ mpaeɛ, anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na wakata ne tiri soɔ no, ɔnni ne tiri ni. Na ɔbaa biara a ɔrebɔ mpaeɛ, anaasɛ ɔrehyɛ nkɔm na ne tiri so da hɔ no, ɔnni ne tiri ni; na ɛte sɛ wabɔ tikwa. Na sɛ ɔbaa ankata ne tiri so a, ma no mmɔ tikwa nso; na sɛ ɛyɛ ɔbaa aniwu sɛ ɔtwitwa ne tiri so anaasɛ ɔyi a, ɛnneɛ na ɔnkata ne tiri so. Na ɔbarima deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔkata ne tiri soɔ, ɛfiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn suban ne n’animuonyam; na ɔbaa deɛ ɔyɛ ɔbarima animuonyam. Na ɔbarima mfiri ɔbaa mu, na mmom ɔbaa na ɔfiri ɔbarima mu; na ɛnyɛ ɔbaa nti na wɔbɔɔ ɔbarima, na mmom ɔbarima nti na wɔbɔɔ ɔbaa. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔbaa nya ne tiri so tumi a ɛyɛ nkatasoɔ, abɔfoɔ nti. Nso ɔbarima nkwati ɔbaa, na ɔbaa nkwati ɔbarima, Awurade mu. Na sɛdeɛ ɔbaa firi ɔbarima mu no, sɛ nso ɔbarima nam ɔbaa so ba ne no; na ne nyinaa firi Nyankopɔn mu. Mo ara mommu atɛn mo mu: Ɛyɛ fɛ sɛ ɔbaa rebɔ mpaeɛ na ɔnkata ne tiri so anaa? Ɔbrasuo no ara nkyerɛ mo sɛ ɔbarima gyina ne tiri kusuu a, ɛnhyɛ no animuonyam, na ɔbaa deɛ ɔgyina ne tiri kusuu a, ɛhyɛ no animuonyam? Ɛfiri sɛ wɔde nwi no ama no sɛ akatasoɔ. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔgye yei ho akyinnyeɛ a, yɛn deɛ yɛmmu saa bra no, na Nyankopɔn asafo ahodoɔ no nso nyɛ saa. Yei a merehyɛ mo yi, menyi mo ayɛ, ɛfiri sɛ monhyia mu nyɛ adepa, na mmom adebɔne. Na deɛ ɛdi kan no, mohyia mu asafo no mu a, mete sɛ mpaepaemu wɔ mo mu; na megye emu bi medi. Wiɛ, ɛtwa sɛ fekuo ahodoɔ ba mo mu na wɔn a wɔfra no ada adi mo mu. Enti sɛ mobɛhyia faako a mokɔ Awurade adidie a, ɛnyɛ yie, ɛfiri sɛ obiara di ɔno ara n’aduane ansa, na ɛkɔm de binom, na ebinom nso aboboro nsa. Na monni afie a modidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ animtia na mobu Nyankopɔn asafo no na mogu wɔn a wɔnni bie no anim aseɛ? Mense mo sɛn? Menyi mo ayɛ anaa? Yei ho deɛ, menyi mo ayɛ. Na me deɛ, deɛ menya mefirii Awurade hɔ no ara na mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa paanoo, na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkaa sɛ: Yei ne me nipadua a wɔrebubu ama mo no; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ! Saa ara nso na adidie no akyiri no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforɔ me ara me mogya mu; da biara a mobɛnom no monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ. Na da biara a mobɛdi paanoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wuo no mu ka kɔsi sɛ ɔbɛba. Enti deɛ ɔbɛdi paanoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛdeɛ ɛnsɛ no, ɔbɛdi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ. Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ na wadi paanoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi. Na deɛ ɔdi na ɔnom sɛdeɛ ɛnsɛ no, ɔdi nom de atemmuo ba ɔno ara ne so, ɛfiri sɛ wammu nipadua no yie. Yei nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛ na wɔyareyare pii wɔ mo mu, na bebree nso awuwu. Na sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu yie a, anka wɔmmu yɛn atɛn; na sɛ wɔbu yɛn atɛn a, Awurade twe yɛn aso, na wɔammu yɛn ne wiase fɔ. Enti, me nuanom, mohyia mu sɛ morebɛdidi a montwɛn mo ho mo ho. Na sɛ ɛkɔm de obi a, ma no nnidi ne fie, na moammɛhyia mu ammɛnya atemmuo. Na deɛ aka no deɛ, meba a mabɛtoto no yie.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Na deɛ ɛfa honhom fam nsɛm ho deɛ, anuanom, mempɛ sɛ mede biribiara mesie mo. Monim sɛ akane no a na moyɛ abosonsomfoɔ no, momaa wɔde mo faa ɔkwan biara so kɔɔ abosom mum nkyɛn. Enti merema mo ahunu sɛ, obiara a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusudeɛ; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so. Na adom akyɛdeɛ gu ahodoɔ, nanso Honhom korɔ no ara a. Na ɔsom nnwuma nso gu ahodoɔ, nanso Awurade korɔ no ara a. Na dwumadie nso gu ahodoɔ, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔdi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu. Nanso wɔma Honhom no yi ne ho adi wɔn mu biara mu, na ayɛ yie. Na wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛdeɛ Honhom korɔ no ara pɛ. Ɔfoforɔ nso wɔma no gyidie, Honhom korɔ no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa adom akyɛdeɛ, Honhom korɔ no ara mu. Obi nso wɔma no tumideɛyɛ; obi nso wɔma no nkɔmhyɛ. Obi nso wɔma no honhom ahodoɔ mu nhunumu, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ, obi nso wɔma no kasa ahodoɔ nkyerɛaseɛ. Na yeinom nyinaa Honhom korɔ no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ ɔpɛ. Na sɛdeɛ nipadua yɛ baako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua baako no, saa ara na Kristo nso teɛ. Na yɛn nyinaa nso, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom baako mu maa yɛbɛyɛɛ nipadua baako, na wɔmaa yɛn nyinaa nomm honhom baako. Na nipadua nso nyɛ akwaa baako, na ɛyɛ bebree. Sɛ ɛnan ka sɛ: Menyɛ nsa, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa? Na sɛ aso ka sɛ: Menyɛ ani, enti menka nipadua no ho a, na ɛnka nipadua no ho anaa? Sɛ nipadua nyinaa yɛɛ ani a, anka ɔteɛ wɔ he? Sɛ ne nyinaa yɛɛ ɔteɛ a, anka ohua wɔ he? Na Onyankopɔn de akwaa no asisi nipadua ho mmaako mmaako, sɛdeɛ ɔpɛ. Na sɛ ne nyinaa yɛɛ kwaa baako a, anka nipadua wɔ he? Na akwaa no dɔɔso deɛ, nanso nipadua no yɛ baako. Ani ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ: Wo ho nhia me; afei etire ntumi nka nkyerɛ ɛnan sɛ: Mo ho nhia me. Na mmom nipadua ho akwaa a ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ mmerɛ koraa no, ɛno na ɛho hia. Na nipadua ho adeɛ a ɛyɛ yɛn sɛ ɛnni anidie koraa no, ɛno na yɛhyehyɛ di no ni bebree, na deɛ ɛnyɛ fɛ wɔ yɛn ho no nya ahokeka pii; ɛfiri sɛ deɛ ɛyɛ fɛ wɔ yɛn ho no, ɛnhia no saa. Na Onyankopɔn de nipadua no atoatoa mu na akwaa a wɔmmuo no, wɔama no anidie bebrebe, na mpaepaemu amma nipadua mu, na mmom akwaa no adwennwene ade korɔ ama wɔn ho wɔn ho. Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye. Na mo nso moyɛ Kristo nipadua ne akwaa mmaako mmaako. Na Onyankopɔn de ebinom asi asafo no mu, deɛ ɛdi kan, sɛ asomafoɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu, adiyifoɔ, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa, akyerɛkyerɛfoɔ, bio nso tumideɛ, ne ayaresa adom akyɛdeɛ, aboafoɔ, mpaninnie, kasa ahodoɔ. Wɔn nyinaa yɛ asomafoɔ? Wɔn nyinaa yɛ adiyifoɔ? Wɔn nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfoɔ? Wɔn nyinaa wɔ tumideɛ? Wɔn nyinaa wɔ ayaresa adom akyɛdeɛ? Wɔn nyinaa kasa kasa ahodoɔ? Wɔn nyinaa kyerɛ kasa ase? Na mommɔ adom akyɛdeɛ titire no ho mmɔden, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a ɛyɛ kyɛne biribiara.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkyerɛma mekasa, na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaa a ɛrewosoɔ. Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ mpo, na menni dɔ a, mensɛ hwee. Na sɛ mepore m’ahodeɛ nyinaa mema ahiafoɔ, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhye, na menni dɔ a, merennya ho mfasoɔ biara. Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam yɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so, ɛnyɛ ne ho deɛ ɛmfata, ɛnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ɔno nko ara ne deɛ, ne bo nha no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye deɛ ɛntene ho, na mmom ɛdi ahurisie wɔ nokorɛ mu. Ɛtie ade nyinaa, ɛgye ade nyinaa di, ɛnya ade nyinaa mu anidasoɔ, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ deɛ, wɔbɛgu; kasa ahodoɔ deɛ, ɛbɛgyae; nimdeɛ deɛ, ɛbɛsa. Na yɛhunu adeɛ fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fanefa. Na sɛ deɛ ɛwie pɛyɛ no nya ba a, ɛno na wɔbɛgu deɛ ɛyɛ fa-ne-fa no. Meyɛ abɔfra no, mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, metee asɛm ase sɛ abɔfra; na mebɛyɛɛ panin yi, magyae mmɔfraasɛm no. Na seesei deɛ, yɛnam ahwehwɛ mu hunu adeɛ wɔ bɛ mu, na daakye deɛ, anim ne anim; seesei deɛ, mehunu adeɛ fa-ne-fa, na daakye deɛ, mɛhunu adeɛ mua sɛdeɛ wɔahunu me nso yi. Na afei gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, adeɛ mmiɛnsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛseɛ.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Mompɛ ɔdɔ akyiri kwan, na mommɔ honhom fam nnoɔma no ho mmɔden, ne titire sɛ mobɛhyɛ nkɔm. Deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte aseɛ, na honhom mu na ɔka ahuntasɛm. Na deɛ ɔhyɛ nkɔm deɛ, ɔka nkɔsosɛm ne afotuo ne awerɛkyekyerɛ kyerɛ nnipa. Deɛ ɔkasa kasa bie no ma ɔno ara ne ho nkɔsoɔ, na deɛ ɔhyɛ nkɔm no ma asafo no nkɔsoɔ. Mepɛ sɛ anka mo nyinaa kasa kasa ahodoɔ, nanso deɛ mepɛ mmom ne sɛ anka mobɛhyɛ nkɔm; na deɛ ɔhyɛ nkɔm so sene deɛ ɔkasa kasa ahodoɔ, gye sɛ obi kyerɛ aseɛ ma asafo no nya nkɔsoɔ. Na afei, anuanom, sɛ meba mo nkyɛn mebɛkasa kasa ahodoɔ, na me ne mo ankasa adiyie anaa nimdeɛ anaa nkɔmhyɛ anaa nkyerɛkyerɛ mu a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya no me ho? Saa nso na sɛ nnoɔma a nkwa nni mu a ɛgyegyeɛ, te sɛ abɛn, anaa sankuo, sɛ ankyerɛ nnyegyeeɛ ahodoɔ no a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte deɛ wɔhyɛneeɛ anaasɛ wɔbɔeɛ ase? Na sɛ totorobɛnto no annyegye yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔsa? Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkyerɛma ka asɛm a emu nteɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu deɛ moreka? Na ɛbɛyɛ sɛ morekasa gu mframa mu kwa. Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a wɔnte aseɛ; na sɛ mente kasa no ase a, mebu deɛ ɔkasa no sɛ ɔpɔtɔni, na deɛ ɔkasa no nso abu me sɛ ɔpɔtɔni. Na mo nso, mobɔ honhom fam nnoɔma ho mmɔden yi, monhwehwɛ sɛ asafo no nkɔsoɔ nti, mobɛboro soɔ. Enti deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔmmɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ. Na sɛ mebɔ mpaeɛ kasa bi mu a, me honhom na ɛbɔ mpaeɛ, na m’adwene deɛ, ɛnte aseɛ. Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom. Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔnte aseɛ no agye w’aseda no so sɛ Amen, ɛberɛ a ɔnnim deɛ woreka? Wo deɛ, woda ase yie deɛ, nanso ɔno deɛ ɔnnya nkɔsoɔ. Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa kasa ahodoɔ bebree sene mo nyinaa; nanso asafo mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm nnum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sene sɛ mɛka nsɛm ɔpedu kasa bi mu. Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini. Wɔatwerɛ no mmara no mu sɛ: Kasa foforɔ ne ano foforɔ na me ne ɔman yi de bɛkasa, na ne saa mpo wɔrentie me, Awurade na ɔseɛ. Enti kasa ahodoɔ no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma gyidifoɔ, na mmom ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn a wɔnnye nnie; na nkɔmhyɛ deɛ ɛnyɛ wɔn a wɔnnye nnie dea, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔgye die dea. Na sɛ asafo mu no bɛhyia faako, na wɔn nyinaa kasa kasa ahodoɔ, na wɔn a wɔnnim, anaasɛ wɔn a wɔnnye nnie ba mu a, wɔrenka sɛ moabobɔ dam anaa? Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a ɔnnye nnie anaa ɔnnim biribie ba mu a, wɔn nyinaa twi n’anim, wɔn nyinaa bu no atɛn, na n’akoma mu ahuntasɛm ada adi, na ɔde saa akoto, de n’anim abutu fam, asɔre Onyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa. Na afei ɛdeɛn, anuanom? Sɛ mohyia mu a, mo mu bi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ kasa bi, obi wɔ adiyie anaasɛ obi wɔ nkyerɛaseɛ. Momma ne nyinaa nyɛ deɛ ɛma nkɔsoɔ. Sɛ obi kasa kasa bi a, ma no nyɛ nnipa baanu, atra soɔ no, baasa, na wɔnka no mmaako, mmaako, na onipa baako nkyerɛ aseɛ. Na sɛ asekyerɛni nni hɔ a, ɔmmua n’ano asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. Adiyifoɔ no deɛ, baanu anaa baasa nkasa, na wɔn a aka no mmu ho atɛn. Na sɛ obi a ɔte hɔ nya adiyie a, deɛ ɔdii kan no mmua n’ano. Na mo nyinaa bɛtumi aka adiyisɛm mmaako mmaako na wɔn nyinaa anya mu adesuadeɛ na wɔn nyinaa afa mu afotuo. Na adiyifoɔ ahonhom no hyɛ adiyifoɔ no ase; ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoeɛ Nyankopɔn, sɛdeɛ ɛteɛ ahotefoɔ asafo nyinaa mu no. Momma mmaa mmua wɔn ano asafo mu; na wɔmmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase sɛdeɛ mmara no nso ka no. Na sɛ wɔpɛ sɛ wɔsua biribi a, wɔmmisa wɔn ara wɔn kununom efie; ɛfiri sɛ ɛyɛ fɛre ma ɔbaa sɛ ɔbɛkasa asafo mu. Ɛdeɛn a! Mo mu na Nyankopɔn asɛm no firi baeɛ, anaasɛ mo nko ara na abɛto mo? Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa honhom muni a, ɔnhunu sɛ deɛ meretwerɛ mabrɛ mo yi yɛ Awurade ahyɛdeɛ; na sɛ obi nnim adeɛ a, ɛmma no nnnim de nso. Enti, me nuanom, mommɔ adiyisɛnka ho mmɔden, na monnsi kasa ahodoɔ ka ho kwan. Na monyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.
https://audio-bible-cdn.…?version_id=1861
Anuanom, afei merekae mo asɛmpa a mekaa mo, na mogyeeɛ nso, na mogyina mu nso, na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ mosɔ mu den sɛdeɛ mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ saa deɛ a, na moagye adi kwa. Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no. Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no. Na ɔmaa Kefa hunuu no, ansa na dummienu no rehu no. Ɛno akyiri no, ɔmaa anuanom bɛboro ahanum hunuu no prɛko; wɔn mu pii da so te ase, na ebinom adeda. Ɛno akyiri no, ɔmaa Yakobo hunuu no ansa na asomafoɔ no nyinaa rehu no. Wɔn nyinaa akyiri na ɔmaa me a mete sɛ deɛ wɔapatu awo no nso hunuu no. Na mene asomafoɔ no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ mpo, ɛfiri sɛ metaa Nyankopɔn asafo no; nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a. Enti sɛ me oo, sɛ wɔn oo, saa na yɛka, na saa na mogye diiɛ. Na sɛ wɔka no Kristo ho sɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufoɔ sɔreɛ nni hɔ? Na sɛ awufoɔ sɔreɛ nni hɔ a, na wɔannyane Kristo nso; na sɛ wɔannyane Kristo a, na yɛn asɛnka yɛ ɔkwa, na mo gyidie nso yɛ hunu. Na wɔbɛhu yɛn sɛ Nyankopɔn ho adansekurumfoɔ, ɛfiri sɛ yɛdii Onyankopɔn adanseɛ sɛ, ɔnyanee Kristo, na sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ na wannyane ɔno nso. Na sɛ awufoɔ nnyane a, na wɔannyane Kristo nso. Na sɛ wɔannyane Kristo a, na mo gyidie yɛ hunu, na moda so wɔ mo bɔne mu. Ɛno deɛ na wɔn a wɔdedaa Kristo mu no ayera. Sɛ nkwa yi mu nko ara na yɛwɔ Kristo mu anidasoɔ a, ɛnneɛ na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfoɔ. Nanso afei deɛ, wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aduaba a ɛdi kan. Na sɛdeɛ ɛnam onipa so na owuo baeɛ no, sɛ nso awufoɔ sɔreɛ nam onipa so baeɛ ne no. Na sɛdeɛ wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa bɛnya nkwa Kristo mu ne no. Na obiara wɔ ne diberɛ; Kristo ne aduaba a ɛdi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ, ansa na awieeɛ no di hɔ, ɛberɛ a ɔde ahennie no bɛhyɛ Agya Nyankopɔn nsa, na watu ahennie ne ahoɔden ne tumi nyinaa aguo no. Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase. Ɔtamfoɔ a ɔdi akyire a ɔbɛtu no aguo no ne owuo. Na ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde nnoɔma nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no nka ho. Na sɛ ɔnya de nnoɔma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no aseɛ, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa. Na anka wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufoɔ no, wɔyɛ de gye deɛn? Sɛ awufoɔ nnyane koraa a, adɛn nti nso na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn? Adɛn nti na yɛn nso amaneɛ di yɛn akyi dɔn biara yi? Meka mo ho ahohoahoa a mewɔ no yɛn Awurade Kristo Yesu mu sɛ, mewu da biara. Ɔko a mene mmoa koo no Efeso no, mekoo no nnipam a, anka ɛyɛ me mfasoɔ bɛn? Sɛ awufoɔ nnyane a, ɛnneɛ momma yɛnnidi, na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu! Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa. Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka yei mehyɛ mo aniwuo. Na ebia obi bɛka sɛ: Wɔbɛyɛ dɛn anyane awufoɔ? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba? Ɔkwasea! Deɛ wodua no rennya nkwa, gye sɛ ɛwu ansa. Na deɛ wodua no, ɛnyɛ dua a ɛbɛba na wodua, na mmom ɛyɛ aburoofua kwa, ebia ayuo anaa deɛ ɛkeka ho no bi. Na Onyankopɔn ma no dua ko a ɔpɛ, na ɔma aba biara ɛno ara ne dua. Ɛnam nyinaa nyɛ pɛ; ɛsono nnipa nam, ɛsono ntɔteboa nam, ɛsono nnomaa nam, na ɛsono mpataa deɛ. Afei ɔsoro nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ, na fam nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro deɛ no animuonyam, na ɛsono fam deɛ no deɛ. Owia animuonyam nko, ɔsrane animuonyam nko, nsoromma animuonyam nko; na afei ɛsono nsoromma mmaako mmaako animuonyam. Sɛ nso awufoɔ sɔreɛ teɛ ne no. Wɔdua no porɔeɛ mu, ɛbɛnyane deɛ ɛmporɔ mu. Wɔdua no deɛ ɛnni anidie mu, ɛbɛnyane animuonyam mu. Wɔdua no mmerɛyɛ mu, ɛbɛnyane tumi mu. Wɔdua no ɔkra nipadua, ɛbɛnyane honhom nipadua. Sɛdeɛ ɔkra nipadua wɔ hɔ no, saa ara nso na honhom nipadua nso wɔ hɔ. Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa. Na ɛnyɛ honhom deɛ no na ɛdi kan, na mmom ɔkra deɛ no, ansa na honhom deɛ no reba. Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro. Sɛdeɛ famni no teɛ no, sɛ nso famfoɔ no teɛ ne no; na sɛdeɛ ɔsoroni no teɛ no, sɛ nso ɔsorofoɔ no teɛ ne no. Na sɛdeɛ yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no. Anuanom, deɛ mereka ne sɛ: Honam ne mogya ntumi nnya Nyankopɔn ahennie, na deɛ ɛporɔ no nso ntumi nnye deɛ ɛmporɔ. Hwɛ, mereka mo ahuntasɛm: Yɛn nyinaa renna, na yɛn nyinaa bɛsakyera ntɛm so, mpofirim, totorobɛnto a ɛdi akyire no hyɛn mu; na wɔbɛhyɛn totorobɛnto na awufoɔ no anyane sɛ wɔn a wɔmporɔɔ da, na yɛn deɛ yɛbɛsakyera. Na ɛtwa sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi hyɛ deɛ ɛnwuo no. Na sɛ deɛ ɛporɔ yi nya hyɛ deɛ ɛmporɔ no, na deɛ ɛwuo yi nya hyɛ deɛ ɛnwuo no a, ɛno na asɛm a wɔatwerɛ no bɛba mu sɛ: Wɔamene owuo nkonim mu. O, owuo, wo nkonim wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he? Owuo nwowɔeɛ ne bɔne; na bɔne tumi ne mmara. Nanso aseda nka Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ama yɛn. Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.